Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Adiyisɛm Nhoma no Mu Nsɛntitiriw—II

Adiyisɛm Nhoma no Mu Nsɛntitiriw—II

Yehowa Asɛm Wɔ Nkwa

Adiyisɛm Nhoma no Mu Nsɛntitiriw—II

DƐN na wɔn a wɔsom Yehowa Nyankopɔn no rebenya, na dɛn na ɛreba wɔn a wɔnsom no no so? Dɛn na ɛbɛba Satan ne n’adaemone no so? Nhyira bɛn na adesamma asoɔmmerɛwfo benya wɔ Kristo Mfirihyia Apem Nniso no mu? Wɔama saa nsɛmmisa yi ne nsɛmmisa foforo a ɛho hia ho mmuae wɔ Adiyisɛm 13:1–22:21. * Anisoadehu 16 a ɔsomafo Yohane nyae bere a afeha a edi kan Y.B. mu rekɔ awiei no mu 9 a edi akyiri no wɔ saa ti ahorow yi mu.

Yohane kyerɛwee sɛ: “Anigye ne nea ɔkenkan nkɔmhyɛ yi mu nsɛm no den ne wɔn a wotie na wodi nea wɔakyerɛw wom no so.” (Adi. 1:3; 22:7) Sɛ yɛkenkan Adiyisɛm nhoma no, na yɛde nea yesua fi mu no yɛ adwuma a, ebetumi aka yɛn koma, na ahyɛ Onyankopɔn ne ne Ba Yesu Kristo mu gyidi a yɛwɔ no mu den, na ama yɛanya daakye ho anidaso a ɛyɛ anigye. *Heb. 4:12.

WOHWIE ONYANKOPƆN ABUFUW NKURUWA ASON NO GU

(Adi. 13:1–16:21)

Adiyisɛm 11:18 ka sɛ: ‘Amanaman no bo fuwii, na Onyankopɔn ankasa abufuw bae, ne bere a wode bɛsɛe wɔn a wɔresɛe asase no.’ Bere a wɔrekyerɛw anisoadehu a ɛto so awotwe no na wɔma yehuu nea enti a Onyankopɔn abufuw no bae, ne dwuma a ‘akekaboa bi a ɔwɔ mmɛn du ne ti ason’ no di.—Adi. 13:1.

Wɔ anisoadehu a ɛto so akron no mu no, Yohane hui sɛ “Oguammaa no gyina Sion Bepɔw so,” na “mpem ɔha aduanan anan” no ka ne ho. ‘Wɔatɔ wɔn afi adesamma mu.’ (Adi. 14:1, 4) Eyi akyi no, abɔfo de amanneɛbɔ ahorow too gua. Wɔ anisoadehu a edi hɔ mu no, Yohane huu “abɔfo baason a wokurakura ɔhaw ason.” Ɛda adi sɛ Yehowa ankasa na ɔka kyerɛɛ saa abɔfo yi sɛ wonhwie “Onyankopɔn abufuw nkuruwa ason no ngu” Satan wiase no afã horow so. Atemmu a Onyankopɔn de reba ne ɛho kɔkɔbɔ nsɛm na ɛwɔ nkuruwa no mu. (Adi. 15:1; 16:1) Saa anisoadehu abien yi ma yenya atemmu foforo a Ahenni no de bɛba a ɛfa mmusu a ɛto so abiɛsa ne ntorobɛnto ason no hyɛn ho no ho nkyerɛkyerɛmu.—Adi. 11:14, 15.

Kyerɛwnsɛm mu Nsɛmmisa a Wɔabua:

13:8—Dɛn ne ‘Oguammaa no nkwa nhoma’ no? Eyi yɛ sɛnkyerɛnne kwan so nhoma a wɔn a wɔne Yesu Kristo bedi ade wɔ ɔsoro Ahenni no mu nkutoo na wɔn din wom. Kristofo a wɔasra wɔn a wɔda so ara wɔ asase so a wɔwɔ anidaso sɛ wobenya nkwa wɔ soro no din wom bi.

13:11-13—Ɔkwan bɛn so na aboa a ɔwɔ mmɛn abien no yɛ n’ade te sɛ ɔtweaseɛ na ɔma ogya fi soro ba? Aboa a ɔwɔ mmɛn abien a ɔno ne Anglo-Amerika Wiase Tumidi no kasa te sɛ ɔtweaseɛ, na ɛno kyerɛ sɛ ɔde ahunahuna, nhyɛso, ne basabasayɛ na ɛma nkurɔfo gye ne nniso tom. Ɔma ogya fi soro ba a nea ɛkyerɛ ne sɛ ɔyɛ ne ho te sɛ odiyifo. Na ɔka sɛ wadi atumfoɔ a wodii tumi ɔkwammɔne so wɔ wiase akodi abien a ɛkɔɔ so wɔ afeha a ɛto so 20 no mu ne Komunis nniso so nkonim.

16:17—Dɛn ne “mframa” a wohwiee kuruwa a ɛto so ason no guu so no? “Mframa” no gyina hɔ ma Satan nsusuwii, “honhom [anaa adwene] a seesei ɛyɛ adwuma wɔ asoɔden mma mu no.” Satan wiase bɔne no mufo nyinaa home mframa a edi awu yi bi.—Efe. 2:2.

Asuade a Ɛwom ma Yɛn:

13:1-4, 18. “Akekaboa” a ogyina hɔ ma nnipa nniso no ‘fi po mu na epuei,’ na nea ɛkyerɛ ne sɛ ofi adesamma a wɔyɛ bagyabagya no mu na ɛbae. (Yes. 17:12, 13; Dan. 7:2-8, 17) Saa aboa yi a Satan na ɔma ɔbae na ɔmaa no tumi no wɔ akontaahyɛde 666, na nea ɛkyerɛ ne sɛ ɛtɔ sin koraa. Sɛ yehu dekode a aboa no gyina hɔ ma a, ɛbɛboa yɛn ma yɛrennya ne ho anigye na yennni n’akyi, na yɛrensom no sɛnea adesamma dodow no ara reyɛ no.—Yoh. 12:31; 15:19.

13:16, 17. Ɛmfa ho ahokyere a yebetumi ahyia wɔ yɛn da biara da dwumadi ahorow te sɛ ‘adetɔ anaa adetɔn’ mu no, ɛnsɛ sɛ yɛma kwan ma wɔhyɛ yɛn na yɛma akekaboa no di yɛn so. Sɛ yɛma kwan ma wɔma yɛn ‘akekaboa no agyiraehyɛde wɔ yɛn nsa nifa ho anaa yɛn moma so’ a, ɛbɛkyerɛ sɛ yɛrema akekaboa no adi yɛn nneyɛe ne yɛn nsusuwii so.

14:6, 7. Asɛm a ɔbɔfo no kae no ma yehu sɛ ɛsɛ sɛ yɛka Onyankopɔn Ahenni a wɔde asi hɔ no ho asɛmpa ntɛm so. Ɛsɛ sɛ yɛboa yɛn Bible asuafo ma wonya Onyankopɔn ho osuro pa, na wɔhyɛ Yehowa anuonyam.

14:14-20. Sɛ ‘wotwa asase so nneɛma,’ a nea ɛkyerɛ ne sɛ sɛ wɔboaboa wɔn a wobegye wɔn nkwa no ano wie a, na bere adu sɛ ɔbɔfo no tow “asase so bobe” a wɔaboaboa ano no ‘gu Onyankopɔn abufuw nsã-kyi-amoa kɛse no mu.’ Afei, wɔbɛsɛe saa bobe no—Satan nhyehyɛe no mu nniso bɔne a aniwa hu a edi adesamma so ne n’aba bɔne “asiaw” no—afebɔɔ. Ɛsɛ sɛ yesi yɛn bo sɛ yɛremma asase so bobe no nni yɛn so.

16:13-16. “Honhom mu nsɛm a ɛho ntew” no gyina hɔ ma adaemone nnaadaasɛm, na ɛno na ɛmma asase so ahemfo ntie kɔkɔbɔ a ɛwɔ Onyankopɔn abufuw nkuruwa ason a wohwie gu no mu no, na mmom epiapia wɔn ma wɔkɔ so sɔre tia Yehowa.—Mat. 24:42, 44.

16:21. Bere a wiase yi awiei rebɛn no, ebia Yehowa atemmusɛm a yɛbɛka atia Satan nhyehyɛe bɔne no betumi ayɛ Onyankopɔn atemmusɛm a emu yɛ den, na ɛda adi sɛ ɛno na wɔde nsukyenee yɛɛ ho sɛnkyerɛnne no. Nanso, adesamma mu dodow no ara bɛkɔ so aka Onyankopɔn ho abususɛm.

ƆHENE A WADI NKONIM NO DI TUMI

(Adi. 17:1–22:21)

“Babilon Kɛse” no a ɛne wiase atoro som ahemman no yɛ Satan wiase bɔne no fã a ɛyɛ akyide. Wɔ anisoadehu a ɛto so 11 no mu no, wɔfrɛ Babilon Kɛse no “aguaman kɛse”—ɔbea aguaman—a “ɔte akekaboa kɔkɔɔ” bi so. Aboa a ɔbea no te no so no “mmɛn du” no na wɔbɛsɛe ɔbea no pasaa. (Adi. 17:1, 3, 5, 16) Bere a wɔde aguaman no retoto “kurow kɛse” no ho wɔ anisoadehu a edi hɔ mu no, ɛkaa n’ahwease ho asɛm, na ɛkaa no denneennen sɛ Onyankopɔn nkurɔfo ‘mfi ne mu.’ Nnipa pii di kurow kɛse no ahwease no ho awerɛhow. Nanso, esiane “Oguammaa no ayeforohyia” no nti, wodi ahurusi wɔ soro. (Adi. 18:4, 9, 10, 15-19; 19:7) Wɔ anisoadehu a ɛto so 13 no mu no, nea ɔte “ɔpɔnkɔ fitaa bi” so no ne amanaman no kodii ako. Na ɔsɛee Satan wiase bɔne no.—Adi. 19:11-16.

Na “ɔtweaseɛ no, ɔwɔ dedaw a ɔne Ɔbonsam ne Satan no” nso ɛ? Bere bɛn na ‘wɔbɛtow no ato ogya tare a sufre wom no mu’? Ɛno ka nneɛma a wɔaka ho asɛm wɔ anisoadehu a ɛto so 14 no mu no ho. (Adi. 20:2, 10) Anisoadehu abien a etwa to no ma yehu sɛnea asetena bɛyɛ wɔ Mfirihyia Apem no mu. Bere a “adiyisɛm” no baa awiei no, Yohane hui sɛ ‘nkwa nsu asubɔnten resen fi kwantempɔn mfinimfini,’ na wɔto nsa frɛ “nea osukɔm de no biara” anigye so.—Adi. 1:1; 22:1, 2, 17.

Kyerɛwnsɛm mu Nsɛmmisa a Wɔabua:

17:16; 18:9, 10—Dɛn nti na “asase so ahene” di asase so ahyehyɛde a wɔn ankasa na wɔsɛe no no ho awerɛhow? Pɛsɛmenkominya ankasa nti na wodi awerɛhow no. Sɛ asase so ahene no sɛe Babilon Kɛse no wie a, wobehu sɛ sɛɛ na Babilon Kɛse no ho wɔ mfaso ma wɔn. Babilon Kɛse no na ɛmaa wɔn nniso a nhyɛso wom no bɛyɛɛ te sɛ nea ɛfata. Babilon Kɛse no san boaa wiase ahene no ma wɔboaboaa mmerante ne mmabaa ano ma wɔkɔɔ akono. Afei nso, odii dwuma bi a ɛho hia de maa wiase ahene nyaa nkurɔfo dii wɔn so tumi.

19:12Dɛn nti na obiara nnim Yesu din a wɔmmɔe no gye sɛ ɔno nkutoo? Ɛte sɛ nea saa din no gyina hɔ ma dibea ne nnwuma atitiriw a Yesu yɛ wɔ Awurade da no mu te sɛ nea wɔaka ho asɛm wɔ Yesaia 6:9 no. Obiara nnim saa din yi gye ɔno nkutoo a nea ɛkyerɛ ne sɛ saa nnwuma a ɔyɛ no yɛ soronko, na ɔno nkutoo na obetumi anya saa dibea a ɛkorɔn no. Nanso, Yesu ma ayeforo kuw a ‘wɔakyerɛw ne din foforo no wɔ wɔn so’ no yɛ saa nnwuma no bi.—Adi. 3:12.

19:14—Henanom na wɔne Yesu bɛtena mpɔnkɔ so wɔ Harmagedon no? “Asafodɔm a wɔwɔ ɔsoro” a wɔbɛka Yesu ho anya Onyankopɔn ko no mu kyɛfa no bɛyɛ abɔfo ne wɔn a wɔasra wɔn a wɔadi nkonim na wɔanya wɔn soro akatua dedaw no.—Mat. 25:31, 32; Adi. 2:26, 27.

20:11-15Henanom na wɔakyerɛw wɔn din wɔ “nkwa nhoma no” mu no? Wɔn a wɔn din wɔ saa nhoma no mu no ne wɔn a wobenya daa nkwa nyinaa—Kristofo a wɔasra wɔn no, nnipakuw kɛse no mufo, ne Onyankopɔn asomfo anokwafo a wɔbɛka ‘wɔn a wɔteɛ a wɔbɛsɔre afi awufo mu’ ho no. (Aso. 24:15; Adi. 2:10; 7:9) Sɛ ‘wɔn a wɔnteɛ a wɔbɛsɔre afi awufo mu’ no de “nsɛm a wɔakyerɛw wɔ nhoma ahorow no” a wobebuebue mu de akyerɛkyerɛ wɔn wɔ Mfirihyia Apem no mu no bɔ wɔn bra nkutoo a, ɛnna wɔn din bɛkɔ “nkwa nhoma” no mu. Nanso, sɛ wɔkyerɛw obi din wɔ nkwa nhoma no mu a, wotumi san popa. Sɛ wɔn a wɔasra wɔn no di nokware kosi owu mu a, wɔbɛkyerɛw wɔn din wɔ nkwa nhoma no mu afebɔɔ. (Adi. 3:5) Sɛ wɔn a wobenya nkwa wɔ asase so no di nkonim wɔ sɔhwɛ a etwa to no mu wɔ Mfirihyia Apem no awiei a, ɛnna wɔbɛkyerɛw wɔn nso din wɔ nkwa nhoma no mu afebɔɔ.—Adi. 20:7, 8.

Asuade a Ɛwom ma Yɛn:

17:3, 5, 7, 16. “Nyansa a efi soro no” boa yɛn ma yɛte ‘ɔbea a ɔte akekaboa kɔkɔɔ no so ho ahintasɛm’ no ase. (Yak. 3:17) Wodii kan hyehyɛɛ saa sɛnkyerɛnne kwan so akekaboa yi sɛ Amanaman Apam, na akyiri yi, wɔsan hyehyɛɛ no foforo, na wɔfrɛɛ no Amanaman Nkabom. So ɛnsɛ sɛ ahintasɛm yi a yɛate ase no kanyan yɛn ma yɛde nsi ka Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no ne Yehowa atemmu da no ho asɛm?

21:1-6. Yebetumi anya ahotoso koraa sɛ nhyira a wɔaka ho asɛm sɛ ɛbɛba wɔ Ahenni nniso no ase no bɛba mu ampa. Dɛn ntia? Efisɛ wɔaka ho asɛm sɛ: “Anya aba mu!”

22:1, 17. “Nkwa nsu asubɔnten” no gyina hɔ ma nsiesiei a Yehowa ayɛ a ɔde begye nnipa asoɔmmerɛwfo afi bɔne ne owu mu. Saa nsu yi bi wɔ hɔ nnɛ. Ɛmmra sɛ yɛde anigye begye nsa a wɔato afrɛ yɛn sɛ ‘yemmegye nkwa nsu kwa’ no so, na yɛmfa anigye nto nsa mfrɛ afoforo nso sɛ wɔmmɛnom bi!

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 2 Sɛ wopɛ sɛ wuhu sɛnea wɔakyerɛkyerɛ Adiyisɛm nhoma no mu nkyekyɛm ahorow no mu mmiako mmiako a, hwɛ Adiyisɛm—N’awiei Koraa Abɛn! nhoma no mu.

[Mfonini wɔ kratafa 5]

Hwɛ nhyira a ɛyɛ anigye ara a nnipa asoɔmmerɛwfo benya wɔ Ahenni nniso no ase!