Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Momma Yesu Nsɛm Nka Mo Suban

Momma Yesu Nsɛm Nka Mo Suban

Momma Yesu Nsɛm Nka Mo Suban

“Nea Onyankopɔn asoma no no ka Onyankopɔn nsɛm.”—YOH. 3:34.

1, 2. Dɛn na yebetumi de nsɛm a Yesu kae wɔ ne Bepɔw so Asɛnka no mu no atoto ho, na dɛn nti na yebetumi aka sɛ na egyina “Onyankopɔn nsɛm” so?

DƐNKYƐMMO a ɛso sen biara a wɔahu no nnɛ no mu biako ne nea wɔato din Star of Africa a emu duru yɛ carat 530 no. Ɛyɛ aboɔden bo ampa! Nanso, nsɛm a Yesu kae a ɛte sɛ aboɔden abo a ɛwɔ ne Bepɔw so Asɛnka no mu no som bo sen ɛno koraa. Ɛnyɛ nwonwa, efisɛ Yehowa na nsɛm a Kristo kae no fi no! Bible kaa Yesu ho asɛm sɛ: “Nea Onyankopɔn asoma no no ka Onyankopɔn nsɛm.”—Yoh. 3:34-36.

2 Ɛwom sɛ ebia ɛbere a Yesu de maa ɔkasa a ɛne Bepɔw so Asɛnka no nnu simma aduasa de, nanso ɔfaa Hebri Kyerɛwnsɛm no mu nhoma awotwe mu nsɛm 21 kae wɔ ne kasa no mu. Enti, na ɔkasa no gyina “Onyankopɔn nsɛm” so ankasa. Afei, ma yɛnhwɛ sɛnea yebetumi de nsɛm pii a ɛsom bo a ɛwɔ Onyankopɔn Dɔba no kasa a ɛka koma no mu bi ayɛ adwuma.

“Di Kan ne Wo Nua no Nkosiesie Mo Ntam”

3. Bere a Yesu bɔɔ n’asuafo no kɔkɔ wɔ nea efi abufuw mu ba ho wiei no, afotu bɛn na ɔde mae?

3 Sɛ́ Kristofo no, yɛwɔ anigye ne asomdwoe efisɛ yɛwɔ Onyankopɔn honhom kronkron, na honhom no aba no bi ne anigye ne asomdwoe. (Gal. 5:22, 23) Ná Yesu mpɛ sɛ anigye ne asomdwoe a n’asuafo no wɔ no bɛsɛe, enti ɔbɔɔ wɔn kɔkɔ wɔ sɛnea sɛ obi ma ne bo fuw kyɛ a, etumi di no awu no ho. (Monkenkan Mateo 5:21, 22.) Ɔtoaa so kae sɛ: “Afei sɛ wode w’akyɛde reba afɔremuka ho na wokae wɔ hɔ sɛ wo nua wɔ biribi tia wo a, gyaw w’akyɛde no afɔremuka no anim na kɔ; di kan ne wo nua no nkosiesie mo ntam, na sɛ wosan ba a, woabɛbɔ w’afɔre.”Mat. 5:23, 24.

4, 5. (a) ‘Akyɛde’ bɛn na Yesu kaa ho asɛm wɔ Mateo 5:23, 24 no? (b) Yɛn nua a yɛafom no a yɛne no besiesie yɛn ntam no ho hia dɛn?

4 Ná ‘akyɛde’ a Yesu kaa ho asɛm no fa afɔrebɔde biara a na wɔde kɔ Yerusalem asɔrefie hɔ no ho. Sɛ nhwɛso no, na afɔre ahorow a wɔde mmoa bɔ no ho hia paa, efisɛ saa bere no, na afɔrebɔ ka ɔsom a Yehowa nkurɔfo de ma no no ho. Nanso, Yesu sii biribi a ɛho hia kɛse koraa so dua—ná ɛsɛ sɛ obi a wafom ne nua no kɔ na ɔne no kosiesie wɔn ntam ansa na ɔde n’afɔrebɔde no akɔ Onyankopɔn anim.

5 Asɛm a ɛne “nkosiesie mo ntam” no kyerɛ ‘biakoyɛ a wɔbɛma aba wɔn ntam.’ Enti asuade bɛn na yebetumi anya afi asɛm a Yesu kae yi mu? Akyinnye biara nni ho sɛ sɛnea yɛne afoforo di no ka yɛne Yehowa ntam abusuabɔ ankasa. (1 Yoh. 4:20) Nokwarem no, sɛ na obi a ɔrekɔbɔ afɔre ama Onyankopɔn wɔ tete mmere mu no ne ne mfɛfo nnipa nni no yiye a, na mfaso biara nni n’afɔrebɔ no so.—Monkenkan Mika 6:6-8.

Ehia sɛ Yenya Ahobrɛase

6, 7. Dɛn nti na ahobrɛase ho hia bere a yɛpɛ sɛ asomdwoe san ba yɛne yɛn nua a yɛafom no no ntam no?

6 Yɛn nua a yɛafom no no a yɛne no besiesie yɛn ntam no betumi asɔ yɛn ahobrɛase ahwɛ. Nnipa a wɔbrɛ wɔn ho ase ne wɔn mfɛfo gyidifo nnye akyinnye anaasɛ wɔne wɔn nham mfa nkyerɛ sɛ wɔn na wɔn asɛm yɛ dɛ. Sɛ wɔyɛ saa a, ɛbɛma asɛm no asɛe koraa te sɛ nea ɛkɔɔ so wɔ Kristofo a na wɔwɔ tete Korinto mu no. Ɔsomafo Paulo kaa asɛm bi faa saa asɛm yi ho a ɛma yedwen kɔ akyiri sɛ: “Ɛyɛ nkogudi koraa ma mo sɛ mode mo ho mo ho bɛkɔ asɛnnii. Adɛn na momma wɔnyɛ mo bɔne mmom? Adɛn na momma wonsisi mo mmom?”—1 Kor. 6:7.

7 Yesu anka sɛ ɛsɛ sɛ yɛkɔ yɛn nua no hɔ na yɛma ohu sɛ yɛn na yɛn asɛm yɛ dɛ, na ɔno na n’asɛm nyɛ dɛ. Nea enti a yɛkɔ ne nkyɛn ne sɛ yɛbɛma asomdwoe asan aba yɛne no ntam. Sɛ yebetumi asiesie yɛn ntam a, ɛsɛ sɛ yefi yɛn komam ka sɛnea yɛte nka no ho asɛm. Ɛsɛ sɛ yɛn nso yegye tom sɛ yɛayɛ biribi ama ayɛ onipa foforo no yaw. Na sɛ yɛadi mfomso a, ɛsɛ sɛ yefi ahobrɛase mu pa kyɛw.

‘Sɛ W’aniwa Nifa To Wo Hintidua A’

8. Ka asɛm a Yesu kae a ɛwɔ Mateo 5:29, 30 no ho asɛm tiawa.

8 Yesu de abrabɔ ho afotu pa mae wɔ ne Bepɔw so Asɛnka no mu. Ná onim sɛ yɛn nipadua akwaa a ɛnyɛ pɛ no betumi adi yɛn awu. Enti, Yesu kae sɛ: “Sɛ w’aniwa nifa reto wo hintidua a, tu na tow kyene. Efisɛ eye ma wo sɛ wobɛhwere wo honam akwaa biako sen sɛ wɔbɛtow wo nipadua mũ no nyinaa ato Gehenna. Afei nso sɛ wo nsa nifa reto wo hintidua a, twa na tow kyene. Efisɛ eye ma wo sɛ wobɛhwere wo honam akwaa biako sen sɛ wo nipadua mũ no nyinaa bɛkɔ akowie Gehenna.” Mat. 5:29, 30.

9. Ɔkwan bɛn so na yɛn “aniwa” anaa yɛn “nsa” betumi ato yɛn “hintidua”?

9 ‘Aniwa’ a Yesu kaa ho asɛm no gyina hɔ ma sɛnea yetumi de yɛn ani si biribi so, na “nsa” no nso gyina hɔ ma nneɛma a yɛde yɛn nsa yɛ. Sɛ yɛanhwɛ yiye a, saa nipadua akwaa yi betumi ato yɛn “hintidua” ma yɛrentumi ne ‘Onyankopɔn nnantew’ bio. (Ge 5:22; 6:9) Sɛ ɛyɛ yɛn sɛ yɛnyɛ Yehowa so asoɔden a, ɛnde, ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden paa yɛ ho biribi, te sɛ nea yɛretu yɛn aniwa anaa yɛretwa yɛn nsa afi hɔ wɔ sɛnkyerɛnne kwan so no.

10, 11. Dɛn na ebetumi aboa yɛn ma yɛatwe yɛn ho afi nna mu ɔbrasɛe ho?

10 Yɛbɛyɛ dɛn atumi adi yɛn ho so na yɛamfa yɛn aniwa anhwɛ nneɛma bɔne? Ɔbarima Hiob a na osuro Onyankopɔn no kae sɛ: “Apam na me ne m’aniwa ayɛ. Enti ɛbɛyɛ dɛn na matumi de m’adwene akɔ ɔbaabun so?” (Hiob 31:1) Ná Hiob yɛ ɔbarima warefo a osii ne bo sɛ ɔremmu Onyankopɔn mmara a ɛfa abrabɔ ho no so. Sɛ́ yɛaware anaasɛ yɛnwaree no, saa ara na ɛsɛ sɛ yɛyɛ. Sɛ yebetumi atwe yɛn ho afi nna mu ɔbrasɛe ho a, ɛsɛ sɛ yɛma Onyankopɔn honhom kronkron a ɛma wɔn a wɔdɔ Onyankopɔn nya ahosodi no kyerɛ yɛn kwan.—Gal. 5:22-25.

11 Nea ɛbɛyɛ na yɛatwe yɛn ho afi nna mu ɔbrasɛe ho no, ɛsɛ sɛ yebisa yɛn ho sɛ: ‘So mema m’aniwa twetwe me ma minya ɔbrasɛe ho akɔnnɔ denam nhoma a mekenkan, television a mehwɛ, anaa Intanɛt so a mekɔ so?’ Momma yɛnkae asɛm a osuani Yakobo nso kae yi sɛ: “Nea ɛsɔ obi hwɛ ne n’ankasa akɔnnɔ a ɛtwetwe no na ɛto no brada. Afei sɛ akɔnnɔ no nyinsɛn a, ɛwo bɔne; na bɔne no nso nyin a, ɛwo owu.” (Yak. 1:14, 15) Nokwarem no, sɛ obi a wahyira ne ho so ama Onyankopɔn ‘kɔ so’ de adwemmɔne ‘hwɛ’ obi a ɛsono ne bɔbeasu a, ɛsɛ sɛ ɔbɔ mmɔden yɛ nsakrae ntɛm ara, te sɛ nea ɔretu n’aniwa akyene no.—Monkenkan Mateo 5:27, 28.

12. Paulo afotu bɛn na ebetumi aboa yɛn ma yɛako atia akɔnnɔ bɔne?

12 Esiane sɛ sɛ yɛamfa yɛn nsa anni dwuma wɔ ɔkwampa so a ebetumi ama yɛabu Yehowa abrabɔ ho gyinapɛn so anibere so nti, ɛsɛ sɛ yesi yɛn bo denneennen sɛ yɛbɛma yɛn ho akɔ so atew wɔ abrabɔ fam. Enti, ɛsɛ sɛ yetie Paulo afotu a edi so yi: “Munkum mo nipadua akwaa a ɛwɔ asase so no wɔ aguamammɔ, afide, nna ho akɔnnɔ, nkate bɔne, ne anibere a ɛyɛ abosonsom ho.” (Kol. 3:5) Asɛmfua “munkum” no si mmɔden a ɛsɛ sɛ yɛbɔ de ko tia ɔhonam akɔnnɔ bɔne biara a yebenya no so dua denneennen.

13, 14. Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ yedwinnwen ɔbrasɛe ho na yɛde yɛn ho hyɛ mu?

13 Ɛda adi sɛ obi bɛpene so ma wɔayɛ no oprehyɛn atwa ne nsa anaa ne nan sɛnea ɛbɛyɛ a obenya nkwa. Yɛn aniwa a yebetu anaa yɛn nsa a yebetwa ‘akyene’ wɔ sɛnkyerɛnne kwan so no ho hia na amma yɛannya ɔbrasɛe ho adwene na yɛanyɛ nneɛma bi a ebetumi ama yɛahwere Yehowa anim dom. Yɛn ho a yɛbɛma akɔ so atew wɔ adwenem, abrabɔ mu, ne Onyankopɔn som mu nkutoo ne ɔkwan a yebetumi afa so akwati Gehenna a ɛyɛ daa ɔsɛe ho sɛnkyerɛnne no.

14 Esiane bɔne ne sintɔ a yenya fii awo mu nti, egye mmɔdenbɔ na ama yɛn ho akɔ so atew wɔ abrabɔ fam. Paulo kae sɛ: “Midi me nipadua nya, na mehyɛ no sɛ akoa, na bere a maka asɛm no akyerɛ afoforo no, m’ankasa manyɛ obi a ɔmfata ɔkwan bi so.” (1 Kor. 9:27) Enti, momma yensi yɛn bo mfa Yesu afotu a ɛfa abrabɔ ho no nyɛ adwuma, na mommma yɛnnyɛ yɛn ade wɔ akwan a ɛkyerɛ sɛ yɛn ani nsɔ agyede afɔre no da.—Mat. 20:28; Heb. 6:4-6.

“Monkɔ so Mma”

15, 16. (a) Ɔkwan bɛn so na Yesu yɛɛ ɔma ho nhwɛso maa yɛn? (b) Yesu asɛm a ɛwɔ Luka 6:38 no kyerɛ dɛn?

15 Yesu nsɛm ne nhwɛso a ɛkyɛn so a ɔyɛe no hyɛ ɔma ho nkuran. Ɔdaa ayamye kɛse adi sɛ ɔbaa asase so sɛnea ɛbɛyɛ a nnipa a wɔnyɛ pɛ benya so mfaso. (Monkenkan 2 Korintofo 8:9.) Yesu fi ne pɛ mu gyaw anuonyam a na ɔwɔ wɔ soro no hɔ bɛyɛɛ onipa, na ɔde ne nkwa too hɔ maa nnipa abɔnefo a wɔn mu binom bɛyɛ adefo wɔ soro sɛ ne mfɛfo adedifo wɔ Ahenni no mu. (Rom. 8:16, 17) Akyinnye biara nni ho sɛ Yesu hyɛɛ yɛn nkuran sɛ yɛnna ayamye adi bere a ɔkae sɛ:

16 “Monkɔ so mma na nkurɔfo ama mo. Susukora pa a wɔamia so, awosow no ma abu so na wɔde begu mo ntama mu. Na susukora a mode susuw ma nkurɔfo no, ɛno ara na wɔde besusuw ama mo.” (Luka 6:38) Asɛm a ɛne “wɔde begu mo ntama mu” no fa biribi a na adetɔnfo binom taa yɛ ho. Ná wɔde nneɛma gu adetɔfo soro atade a abɔso bɔ so a wotumi bu gu so mu ma ɛyɛ ma. Enti sɛ yefi yɛn pɛ mu da ayamye adi a, ebia afoforo nso bɛyɛ saa ara ama yɛn bere a yehia mmoa no.—Ɔsɛnk. 11:2.

17. Ɔkwan bɛn so na Yehowa yɛɛ nhwɛso a ɛkyɛn so wɔ ɔma mu, na ɔma bɛn na ebetumi ama yɛanya anigye?

17 Yehowa dɔ wɔn a wɔtew wɔn anim ma ade no, na ohyira wɔn. Ɔno ankasa yɛɛ nhwɛso a ɛkyɛn so de ne Ba a ɔwoo no koro no mae “na obiara a ɔkyerɛ no mu gyidi no ansɛe na mmom wanya daa nkwa.” (Yoh. 3:16) Paulo kyerɛwee sɛ: “Nea ogu pii no betwa pii. Obiara nyɛ no sɛnea wasusuw wɔ ne komam, ɛnyɛ amemenemfe anaa ɔhyɛ so, efisɛ Onyankopɔn dɔ nea ɔtew n’anim ma.” (2 Kor. 9:6, 7) Akyinnye biara nni ho sɛ sɛ yɛde yɛn bere, yɛn ahoɔden, ne yɛn honam fam nneɛma boa ma nokware som nya nkɔso a, ɛbɛma yɛn ani agye, na wobehyira yɛn pii.—Monkenkan Mmebusɛm 19:17; Luka 16:9.

“Nhyɛn Torobɛnto Nni W’anim”

18. Dɛn na sɛ yɛyɛ a ‘yɛrennya akatua biara’ mfi yɛn soro Agya no hɔ?

18 “Monhwɛ yiye na moanyɛ mo trenee wɔ nnipa anim sɛnea wobehu mo; anyɛ saa a morennya akatua biara mfi mo Agya a ɔwɔ soro no nkyɛn.” (Mat. 6:1) Ná Yesu de “trenee” ho asɛm a ɔkae no rekyerɛ nneyɛe a ɛne Onyankopɔn apɛde hyia. Ɛnyɛ nea na Yesu rekyerɛ ne sɛ ɛnsɛ sɛ yɛyɛ nneɛma a ɛsɔ Onyankopɔn ani wɔ baguam da, efisɛ na wadi kan aka akyerɛ asuafo no sɛ ‘wɔmma wɔn kanea nhyerɛn wɔ nnipa anim.’ (Mat. 5:14-16) Nanso, sɛ yɛyɛ yɛn ade ‘sɛnea afoforo behu yɛn’ na wɔahoahoa yɛn te sɛ nea wɔyɛ agofomma a wɔregye nkurɔfo ani wɔ agodibea no a, ‘yɛrennya akatua biara’ mfi yɛn soro Agya no hɔ. Sɛ yɛwɔ adwene a ɛte saa a, yɛne Onyankopɔn rennya abusuabɔ a emu yɛ den anaa yɛrennya Ahenni nniso no mu nhyira a ɛtena hɔ daa no.

19, 20. (a) Dɛn na na Yesu kyerɛ bere a ɔkae sɛ sɛ yɛreyɛ “adɔe” a ɛnsɛ sɛ ‘yɛhyɛn torobɛnto’ di yɛn anim no? (b) Ɔkwan bɛn so na yɛremma yɛn nsa benkum nhu nea yɛn nsa nifa reyɛ?

19 Sɛ yɛwɔ adwempa a, yebetie Yesu afotu yi: “Enti sɛ worekɔyɛ adɔe a, nhyɛn torobɛnto nni w’anim, sɛnea nyaatwomfo no yɛ wɔ hyiadan ne mmɔnten so na ama nnipa ahyɛ wɔn anuonyam no. Nokwarem mise mo sɛ, Wɔanya wɔn akatua nyinaa awie.” (Mat. 6:2) Ná wɔyɛ “adɔe” de boa ahiafo. (Monkenkan Yesaia 58:6, 7.) Ná Yesu ne n’asomafo no abɔ foto bi a wɔde emu sika boa ahiafo. (Yoh. 12:5-8; 13:29) Esiane sɛ sɛ na wɔrekɔyɛ ahiafo adɔe a na wɔnhyɛn ntorobɛnto nni wɔn anim ankasa nti, ɛda adi sɛ Yesu kaa asɛm no guguu mu bere a ɔkae sɛ sɛ yɛrekɔyɛ “adɔe” a ɛnsɛ sɛ ‘yɛhyɛn torobɛnto’ di yɛn anim no. Ɛnsɛ sɛ yɛbɔ adɔe a ɛte saa ho dawuru te sɛ nea Yudafo a wɔyɛ Farisifo no yɛe no. Yesu frɛɛ wɔn nyaatwomfo efisɛ wɔbɔɔ adɔe a wɔyɛe wɔ “hyiadan ne mmɔnten so” no ho dawuru. Ná saa nyaatwomfo no ‘anya wɔn akatua nyinaa awie.’ Ná ayeyi a nnipa de bɛma wɔn ne ebia hyiadan mu nkongua a ɛwɔ anim a wɔne rabifo a wɔagye din bɛtenatena so no ara ne akatua a wobenya, efisɛ na Yehowa remma wɔn hwee. (Mat. 23:6) Nanso, na ɛsɛ sɛ Kristo asuafo no yɛ wɔn ade dɛn? Yesu ka kyerɛɛ wɔne yɛn sɛ:

20 “Na wo de, sɛ woreyɛ adɔe a, mma wo nsa benkum nnhu nea wo nsa nifa reyɛ, na ama w’adɔe ayɛ kokoam de; ɛno na w’Agya a ɔrehwɛ wɔ kokoam no betua wo ka.” (Mat. 6:3, 4) Yɛtaa de yɛn nsa abien no nyinaa bom yɛ adwuma. Enti, nea yɛn nsa nifa reyɛ a ɛnsɛ sɛ yɛma yɛn nsa benkum hu no kyerɛ sɛ sɛ yɛreyɛ adɔe a, ɛnsɛ sɛ yɛbɔ ho dawuru, na ɛnsɛ sɛ yɛma wɔn a wɔbɛn yɛn paa te sɛ nea yɛn nsa bekum bɛn yɛn nsa nifa no mpo hu.

21. Akatua a Onii a “ɔrehwɛ wɔ kokoam” no de bɛma yɛn no bi ne dɛn?

21 Sɛ yɛkyɛ afoforo ade na yɛamfa anhoahoa yɛn ho a, yɛn “adɔe” bɛyɛ kokoam de. Sɛ yɛyɛ saa a, yɛn soro Agya a “ɔrehwɛ wɔ kokoam” no betua yɛn ka. Wɔ nnipa ani so no, yɛn soro Agya a ɔte soro a nnipa aniwa nhu no no wɔ “kokoam.” (Yoh. 1:18) Akatua a Yehowa a “ɔrehwɛ wɔ kokoam” no de ma yɛn no bi ne abusuabɔ a emu yɛn den a yɛne no nya, yɛn bɔne a ɔde firi yɛn, ne daa nkwa a ɔde bɛma yɛn. (Mmeb. 3:32; Yoh. 17:3; Efe. 1:7) Saa nhyira yi som bo koraa sen ayeyi biara a yebenya afi nnipa hɔ!

Nsɛm a Ɛsom Bo a Ɛsɛ sɛ Yɛn Ani Gye Ho

22, 23. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani gye Yesu nsɛm no ho?

22 Akyinnye biara nni ho sɛ nsɛm a ɛte sɛ aboɔden abo a ɛyɛ anigye a egu ahorow pii wɔ Bepɔw so Asɛnka no mu. Ɛda adi paa sɛ nsɛm a ɛsom bo a ebetumi ama yɛn ani agye wɔ wiase a amanehunu wom yi mpo mu no wɔ Bepɔw so Asɛnka no mu. Nokwarem no, sɛ yɛma yɛn ani gye Yesu nsɛm no ho na yɛma ɛka yɛn suban ne yɛn abrabɔ a, yɛn ani begye.

23 Wobehyira obiara a “ɔte” Yesu nsɛm na “ɔyɛ” no. (Monkenkan Mateo 7:24, 25.) Enti, momma yensi yɛn bo sɛ yɛde Yesu afotu no bɛbɔ yɛn bra. Yebesusuw Yesu nsɛm a ɛwɔ ne Bepɔw so Asɛnka no mu pii ho wɔ adesua asɛm a ɛto so abiɛsa no mu.

Wubebua Dɛn?

• Dɛn nti na ɛho hia sɛ yɛne onua bi a yɛafom no kosiesie yɛn ntam?

• Dɛn na yebetumi ayɛ na yɛn ‘aniwa nifa’ anto yɛn hintidua?

• Su bɛn na ɛsɛ sɛ yɛda no adi wɔ adema ho?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 11]

Hwɛ sɛnea eye sɛ yɛne yɛn yɔnko gyidini bi a yɛafom no ‘kosiesie yɛn ntam’!

[Mfonini wɔ kratafa 13]

Yehowa hyira wɔn a wɔtew wɔn anim ma