Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Sɛnea Yesu Nsɛm Ma Yenya Anigye

Sɛnea Yesu Nsɛm Ma Yenya Anigye

Sɛnea Yesu Nsɛm Ma Yenya Anigye

‘Yesu foro kɔɔ bepɔw no so; n’asuafo no baa ne nkyɛn; na ofii ase kyerɛkyerɛɛ wɔn.’—MAT. 5:1, 2.

1, 2. (a) Tebea ahorow bɛn mu na Yesu maa ne kasa a wɔato din Bepɔw so Asɛnka no? (b) Yesu fii ne kasa no ase dɛn?

NÁ ƐYƐ afe 31 Y.B. mu. Yesu twaa n’akwantu a ɔde kɔkaa asɛmpa no wɔ Galilea no so kodii Twam afahyɛ no wɔ Yerusalem. (Yoh. 5:1) Bere a ɔsan kɔɔ Galilea no, ɔbɔɔ mpae anadwo mũ no nyinaa hwehwɛɛ Onyankopɔn akwankyerɛ de paw asomafo 12 no. Ɛda a edi hɔ no, nnipakuw bi hyiaam, na Yesu saa ayarefo a na wɔwɔ wɔn mu no yare. Bere a na Yesu ne n’asuafo no ne afoforo wɔ hɔ no, ɔtenaa ase wɔ bepɔw no so, na ofii ase kyerɛkyerɛɛ wɔn.—Mat. 4:23–5:2; Luka 6:12-19.

2 Bere a Yesu refi ne kasa a wɔato din Bepɔw so Asɛnka no ase no, ɔma wohui sɛ sɛ obi ne Onyankopɔn wɔ abusuabɔ pa a, ɛnna ɛma onya anigye. (Monkenkan Mateo 5:1-12.) Sɛ obi wɔ ‘asetena pa ne abotɔyam, na ɔwɔ ahotɔ paa a,’ ɛnna yɛka sɛ ɔwɔ anigye. Anigye ahorow akron a Yesu kaa ho asɛm wɔ ne kasa no mu no ma yehu nea enti a Kristofo wɔ anigye no, na mfaso wɔ saa nsɛm no so nnɛ te sɛ nea na mfaso wɔ so wɔ bɛyɛ mfe 2,000 a atwam no mu no ara pɛ. Afei, ma yensusuw emu biara ho nhwɛ.

“Wɔn a Wonim Wɔn Honhom mu Ahiade”

3. Dɛn na yɛn honhom mu ahiade a yenim no kyerɛ?

3 “Anigye ne wɔn a wonim wɔn honhom mu ahiade, efisɛ ɔsoro ahenni no yɛ wɔn dea.” (Mat. 5:3) “Wɔn a wonim wɔn honhom mu ahiade” no nim sɛ ahia wɔn buruburoo wɔ honhom fam, na wohia Onyankopɔn akwankyerɛ ne ne mmɔborɔhunu.

4, 5. (a) Dɛn nti na wɔn a wonim wɔn honhom mu ahiade no wɔ anigye? (b) Nneɛma bɛn na yebetumi ayɛ na ama yɛanya yɛn honhom mu ahiade?

4 Wɔn a wonim wɔn honhom mu ahiade no ani gye “efisɛ ɔsoro ahenni no yɛ wɔn dea.” Esiane sɛ Yesu asuafo a wodi kan no gyee no toom sɛ ɔno ne Mesia no nti na ɛma wonyaa hokwan sɛ wɔne no bedi ade wɔ Onyankopɔn soro Ahenni no mu. (Luka 22:28-30) Sɛ́ ebia yɛn ankasa wɔ anidaso sɛ yɛne Kristo bedi ade wɔ soro anaasɛ yɛhwɛ kwan sɛ yebenya daa nkwa wɔ paradise asase so wɔ Ahenni nniso no ase no, sɛ yɛn honhom mu ahiade ho hia yɛn ampa na yenim paa sɛ ɛsɛ sɛ yɛde yɛn ho to Onyankopɔn so a, yebetumi anya anigye.

5 Ɛnyɛ nnipa nyinaa na wonim wɔn honhom mu ahiade, efisɛ nnipa pii nni gyidi, na wommu akronkronne. (2 Tes. 3:1, 2; Heb. 12:16) Nneɛma a yebetumi ayɛ na ama yɛanya yɛn honhom mu ahiade no bi ne sɛ yɛbɛyere yɛn ho asua Bible, yɛde nsi ayɛ asuafoyɛ adwuma no, na yɛakɔ Kristofo nhyiam daa.—Mat. 28:19, 20; Heb. 10:23-25.

Wɔn a Wodi Awerɛhow a Wɔwɔ “Anigye”

6. Henanom ne “wɔn a wodi awerɛhow” no, na dɛn nti na wɔwɔ “anigye”?

6 “Anigye ne wɔn a wodi awerɛhow, efisɛ wɔbɛkyekye wɔn werɛ.” (Mat. 5:4) “Wɔn a wodi awerɛhow” no te sɛ nkurɔfo a “wonim wɔn honhom mu ahiade” no ara pɛ. Ɛnyɛ sɛ wɔn ani nsɔ nea wɔwɔ wɔ asetena mu nti na wodi awerɛhow. Mmom no, wɔn ankasa bɔne ne tebea a nnipa sintɔ ama wɔakɔ mu no nti na wodi awerɛhow. Dɛn nti na nnipa a wodi awerɛhow saa no wɔ “anigye”? Efisɛ wonya Onyankopɔn ne Kristo mu gyidi, na abusuabɔ pa a wɔne Yehowa wɔ no ma wonya awerɛkyekye.—Yoh. 3:36.

7. Ɛsɛ sɛ yɛte nka dɛn wɔ Satan wiase no ho?

7 So nneɛma bɔne pii a ɛrekɔ so wɔ Satan wiase no mu nti na yedi awerɛhow? Yɛte nka dɛn ankasa wɔ nneɛma a ɛwɔ wiase no mu no ho? Ɔsomafo Yohane kyerɛwee sɛ: “Nea ɛwɔ wiase biara—ɔhonam akɔnnɔ ne aniwa akɔnnɔ ne asetena mu nneɛma a nnipa de hoahoa wɔn ho—emfi Agya no, na mmom efi wiase.” (1 Yoh. 2:16) Nanso, sɛ yehu sɛ “wiase honhom” a ɛno ne tumi a ano yɛ den a ɛkyerɛ nnipa a wɔatwe wɔn ho afi Onyankopɔn ho no kwan de nkakrankakra resɛe ɔsom a yɛde ma Yehowa no nso ɛ? Sɛ ɛte saa a, ɛnde momma yɛmmɔ mpae denneennen, nsua Onyankopɔn Asɛm, na yɛnhwehwɛ mmoa mfi asafo mu mpanyimfo hɔ. Ɛmfa ho ade a ama yɛrehyia ɔhaw biara no, sɛ yɛkɔ so bɛn Yehowa a, yebenya “awerɛkyekye.”—1 Kor. 2:12; Dw. 119:52; Yak. 5:14, 15.

Hwɛ Sɛnea “Wɔn a Wodwo” wɔ Anigye!

8, 9. Dɛn na ɛkyerɛ sɛ obi dwo, na dɛn nti na nnipa a wodwo no wɔ anigye?

8 “Anigye ne wɔn a wodwo, efisɛ wobenya asase no.” (Mat. 5:5) “Odwo” nkyerɛ mmerɛwyɛ anaasɛ yɛ a obi hyɛ da yɛ ne ho sɛ odwo. (1 Tim. 6:11) Sɛ yedwo a, yɛbɛyɛ Yehowa apɛde na yɛagye n’akwankyerɛ atom de akyerɛ sɛ yedwo ampa. Afei nso, sɛ yedwo a, ɛbɛda adi wɔ sɛnea yɛne yɛn mfɛfo gyidifo ne afoforo di mu. Odwo a ɛte saa no ne ɔsomafo Paulo afotu no hyia.—Monkenkan Romafo 12:17-19.

9 Dɛn nti na wɔn a wodwo no wɔ anigye? Efisɛ Yesu a odwo no kae sɛ wɔn na “wobenya asase no.” Yesu ne wɔn a wobenya asase no adi no mu otitiriw. (Dw. 2:8; Mat. 11:29; Heb. 2:8, 9) Na “Kristo mfɛfo adedifo” no nso benya asase no adi. (Rom. 8:16, 17) Nnipa foforo nso a wodwo benya daa nkwa wɔ asase so wɔ Yesu Ahenni no ase.—Dw. 37:10, 11.

10. Sɛ yennwo a, ebetumi aka ɔsom hokwan a yebenya wɔ asafo no mu ne yɛne afoforo ntam abusuabɔ dɛn?

10 Ɛsɛ sɛ yedwo te sɛ Yesu. Nanso, sɛ wonim yɛn sɛ yɛyɛ nnipa a wɔpɛ ntɔkwaw nso ɛ? Anuɔden ne nitan a ɛte saa betumi apam afoforo afi yɛn ho. Sɛ yɛyɛ anuanom mmarima a yɛpɛ sɛ yenya ɔsom hokwan wɔ asafo no mu a, saa su yi remma yɛmfata. (1 Tim. 3:1, 3) Paulo ka kyerɛɛ Tito sɛ ɔnkɔ so nkae Kristofo a wɔwɔ Kreta no sɛ “wɔnnyɛ ntɔkwapɛfo; wɔnyɛ nnipa a wɔte asɛm ase, na wonnwo koraa mma nnipa nyinaa.” (Tito 3:1, 2) Hwɛ sɛnea nnipa a wodwo saa no yɛ nhyira ma afoforo!

“Trenee” Ho Kɔm De Wɔn

11-13. (a) Trenee ho kɔm ne sukɔm a yɛbɛma ade yɛn no kyerɛ dɛn? (b) Ɔkwan bɛn so na wɔn a trenee ho kɔm ne sukɔm de wɔn no ‘bɛmee’?

11 “Anigye ne wɔn a trenee ho kɔm ne sukɔm de wɔn, efisɛ wɔbɛmee.” (Mat. 5:6) “Trenee” a na Yesu reka ho asɛm no kyerɛ sɛ yɛbɛyɛ Onyankopɔn apɛde na yɛadi ne mmara nsɛm so de ayɛ nea ɛteɛ. Odwontofo no kae sɛ ná ‘n’ani agyina’ Onyankopɔn atemmusɛm a ɛteɛ no. (Dw. 119:20) So yebu trenee sɛ ade a ɛho hia yɛn araa ma ɛho kɔm ne sukɔm de yɛn?

12 Yesu kae sɛ wɔn a trenee ho kɔm ne sukɔm de wɔn no ani begye efisɛ “wɔbɛmee.” Eyi baa mu wɔ Pentekoste afe 33 Y.B. mu, efisɛ saa bere no, Yehowa honhom kronkron fii ase maa ‘wiase no adanse a edi mũ faa trenee’ ho. (Yoh. 16:8) Onyankopɔn de ne honhom kronkron kaa nnipa ma wɔkyerɛw Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no a ɛso wɔ mfaso paa ma “trenee mu nteɛso” no. (2 Tim. 3:16) Onyankopɔn honhom san boa yɛn ma yetumi ‘hyɛ nipasu foforo a wɔbɔɔ no sɛnea Onyankopɔn pɛ wɔ nokware trenee mu no.’ (Efe. 4:24) So ɛnyɛ awerɛkyekye sɛ yenim sɛ Onyankopɔn betumi abu wɔn a wonu wɔn ho fi wɔn bɔne ho na wogyina Yesu agyede afɔrebɔ no so srɛ bɔne fafiri no treneefo?—Monkenkan Romafo 3:23, 24.

13 Sɛ yɛwɔ anidaso sɛ yɛbɛtena asase so a, wɔbɛma yɛamee koraa bere a yɛanya daa nkwa wɔ wiase a trenee wɔ mu wɔ asase so no. Enkosi sɛ saa bere no bɛba no, momma yensi yɛn bo sɛ yɛbɛbɔ yɛn bra ma ɛne Yehowa gyinapɛn ahyia. Yesu kae sɛ: “Monkɔ so nhwehwɛ ahenni no ne Onyankopɔn trenee kan.” (Mat. 6:33) Sɛ yɛyɛ saa a, ɛbɛma yɛanya adwuma pii ayɛ wɔ Onyankopɔn som mu na ama yɛn ani agye ankasa.—1 Kor. 15:58.

Nea Enti a “Mmɔborɔhunufo” wɔ Anigye

14, 15. Yɛbɛyɛ dɛn atumi ada mmɔborɔhunu adi, na dɛn nti na “mmɔborɔhunufo” wɔ anigye?

14 “Anigye ne mmɔborɔhunufo, efisɛ wobehu wɔn mmɔbɔ.” (Mat. 5:7) Tema ne ayamhyehye na ɛkanyan “mmɔborɔhunufo” ma wɔboa afoforo. Esiane sɛ na Yesu wɔ ayamhyehye ma nnipa pii a na wɔrehu amane no nti, ɔfaa anwonwakwan so maa wɔn ho tɔɔ wɔn. (Mat. 14:14) Sɛ nkurɔfo de nnipa a wɔyɛ bɔne tia wɔn no mfomso kyɛ wɔn a, na wɔreda mmɔborɔhunu adi wɔ atemmu mu te sɛ nea Yehowa fi mmɔborɔhunu mu de wɔn a wɔanu wɔn ho bɔne kyɛ wɔn no ara pɛ. (Ex. 34:6, 7; Dw. 103:10) Yebetumi afa saa kwan yi so ada mmɔborɔhunu adi, na yɛaka nsɛm a ɛhyɛ nkuran na yɛayɛ nneɛma pa ama nnipa a wɔn asɛm yɛ mmɔbɔ de ama wɔn ho atɔ wɔn. Ɔkwampa a yɛbɛfa so ahu afoforo mmɔbɔ ne sɛ yɛbɛka Bible mu nokware no akyerɛ wɔn. Yesu yam hyehyee no maa nnipakuw bi ma “ofii ase kyerɛkyerɛɛ wɔn nneɛma pii.”—Mar. 6:34.

15 Yɛwɔ nea yebetumi agyina so agye asɛm a Yesu kae yi atom: “Anigye ne mmɔborɔhunufo, efisɛ wobehu wɔn mmɔbɔ.” Sɛ yehu afoforo mmɔbɔ a, ɛda adi sɛ wɔn nso behu yɛn mmɔbɔ. Sɛ yɛada mmɔborɔhunu adi akyerɛ afoforo, na sɛ Onyankopɔn rebu yɛn atɛn a, ebia Onyankopɔn bɛma mmɔborɔhunu adi atemmu so nkonim. (Yak. 2:13) Mmɔborɔhunufo nkutoo na wobenya bɔne fafiri ne daa nkwa.—Mat. 6:15.

Nea Enti a “Wɔn a Wɔn Koma mu Tew” wɔ Anigye

16. Yɛn ‘koma mu a ɛbɛtew’ no kyerɛ dɛn, na ɔkwan bɛn so na wɔn a wɔwɔ saa su no ‘hu Onyankopɔn’?

16 “Anigye ne wɔn a wɔn koma mu tew, efisɛ wobehu Onyankopɔn.” (Mat. 5:8) Sɛ yɛn “koma mu tew” a, yɛbɛda ahotew adi wɔ yɛne afoforo abusuabɔ, nneɛma a yɛn ani gye ho, ne adwene a yɛde yɛ yɛn ade mu. Yɛbɛda “ɔdɔ a efi koma a emu tew” mu adi. (1 Tim. 1:5) Sɛ yɛn koma mu tew a, ‘yebehu Onyankopɔn.’ Eyi nkyerɛ sɛ yɛde yɛn aniwa ankasa behu Yehowa, efisɛ “onipa biara renhu [Onyankopɔn anim] nnya nkwa.” (Ex. 33:20) Nanso, esiane sɛ Yesu daa Onyankopɔn nipasu adi pɛpɛɛpɛ nti, otumi kae sɛ: “Nea wahu me no ahu Agya no nso.” (Yoh. 14:7-9) Sɛ́ Yehowa asomfo a yɛwɔ asase so no, yetumi ‘hu Onyankopɔn’ denam nneɛma a yehu sɛ ɔyɛ ma yɛn no so. (Hiob 42:5) Wɔ Kristofo a wɔasra wɔn fam no, wobehu Onyankopɔn koraa bere a wɔanyan wɔn ma wɔakɔ soro sɛ ahonhom na wohu wɔn soro Agya no ankasa no.—1 Yoh. 3:2.

17. Sɛ yɛn koma mu tew a, ɛbɛka yɛn dɛn?

17 Esiane sɛ nnipa a wɔn koma mu tew abrabɔ ho tew, na wɔbɔ mmɔden sɛ wobenya gyinabea pa wɔ Yehowa anim nti, wɔmfa wɔn koma nnsi nneɛma a Yehowa bu no sɛ ɛho ntew so. (1 Be. 28:9; Yes. 52:11) Sɛ yɛn koma mu tew a, yɛn kasa ne yɛn nneyɛe ho bɛtew, na yɛrenyɛ nyaatwom wɔ ɔsom a yɛde ma Yehowa no mu.

“Wɔn a Wɔpɛ Asomdwoe” Bɛyɛ Onyankopɔn Mma

18, 19. “Wɔn a wɔpɛ asomdwoe” no yɛ wɔn ade dɛn?

18 “Anigye ne wɔn a wɔpɛ asomdwoe, efisɛ wɔbɛfrɛ wɔn ‘Onyankopɔn mma.’” (Mat. 5:9) Wɔde nneɛma a “wɔn a wɔpɛ asomdwoe” yɛ ne nea wɔrenyɛ na ehu wɔn. Sɛ yɛyɛ yɛn ade te sɛ nkurɔfo a na wɔn ho asɛm wɔ Yesu adwenem no a, ɛnde na yɛpɛ asomdwoe, na ‘yɛmmfa bɔne nntua obiara bɔne so ka.’ Na mmom ‘yɛhwehwɛ nea eye ma afoforo bere nyinaa.’—1 Tes. 5:15.

19 Sɛ wobetumi akan yɛn aka wɔn a wɔpɛ asomdwoe ho a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ nneɛma a ɛde asomdwoe ba bere nyinaa. Wɔn a wɔhwehwɛ asomdwoe no nyɛ biribiara a ‘ɛtetew nnamfo ntam.’ (Mmeb. 16:28) Sɛ́ nnipa a yɛpɛ asomdwoe no, ɛsɛ sɛ yɛyɛ nneɛma pa a ‘ɛbɛma asomdwoe atena yɛne nnipa nyinaa ntam.’—Heb. 12:14.

20. Henanom na wɔyɛ “Onyankopɔn mma” seesei, na henanom bio na awiei koraa wɔbɛba abɛyɛ Onyankopɔn mma?

20 Wɔn a wɔpɛ asomdwoe wɔ anigye efisɛ “wɔbɛfrɛ wɔn ‘Onyankopɔn mma.’” Yehowa afa Kristofo anokwafo a wɔasra wɔn no ayɛ ne de, na wɔyɛ “Onyankopɔn mma.” Wɔne Yehowa anya abusuabɔ a emu yɛ den dedaw sɛ ne mma efisɛ wɔanya Kristo mu gyidi, na wofi wɔn koma nyinaa mu som “ɔdɔ ne asomdwoe Nyankopɔn no.” (2 Kor. 13:11; Yoh. 1:12) Na Yesu “nguan foforo” a wɔpɛ asomdwoe no nso ɛ? Yesu bɛyɛ wɔn “Daa Agya” wɔ ne Mfirihyia Apem Nniso no mu, nanso wɔ nniso no awiei no, Yesu ankasa de ne ho bɛhyɛ Yehowa ase, na wɔbɛba abɛyɛ Onyankopɔn mma koraa.—Yoh. 10:16; Yes. 9:6; Rom. 8:21; 1 Kor. 15:27, 28.

21. Sɛ “yɛte ase honhom mu a,” yɛbɛyɛ yɛn ade dɛn?

21 Sɛ “yɛte ase honhom mu a,” su ahorow a yebenya no mu biako ne asomdwoe, na afoforo behu no ntɛm ara wɔ yɛn ho. ‘Yɛne yɛn ho yɛn ho nnsi akan’ anaasɛ “yɛrenhyɛ . . . yɛn ho yɛn ho abufuw.” (Gal. 5:22-26; New International Version) Mmom no, yɛbɔ mmɔden sɛ yɛne ‘nnipa nyinaa bɛtena asomdwoe mu.’—Rom. 12:18.

Wɔtaa Wɔn, Nanso Wɔwɔ Anigye!

22-24. (a) Dɛn na ɛma wɔn a trenee nti wɔtaa wɔn no nya anigye? (b) Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua nsɛm abien a edi hɔ no mu?

22 “Anigye ne wɔn a trenee nti wɔtaa wɔn, efisɛ ɔsoro ahenni no yɛ wɔn dea.” (Mat. 5:10) Bere a Yesu rekyerɛkyerɛ saa asɛm yi mu no, ɔde kaa ho sɛ: “Anigye ne mo sɛ me nti nkurɔfo bɔ mo ahohora na wɔtaa mo na wodi atoro ka asɛmmɔne biara to mo so. Momma mo ani nnye na munni ahurusi, efisɛ mo akatua sõ wɔ soro; saa ara na wɔtaa adiyifo a wodii mo anim no.”Mat. 5:11, 12.

23 Kristofo hwɛ kwan sɛ “trenee nti” wɔbɛbɔ wɔn ahohora, wɔbɛtaa wɔn, na wɔadi atoro akeka nsɛmmɔne biara agu wɔn so te sɛ nea wɔyɛɛ Onyankopɔn adiyifo a wɔtenaa ase tete no. Nanso, sɛ yɛde nokwaredi gyina sɔhwɛ a ɛte saa ano a, yenya akomatɔyam sɛ yɛreyɛ nea ɛsɔ Yehowa ani na yɛrehyɛ no anuonyam. (1 Pet. 2:19-21) Ɔhaw a yɛrehyia no ntumi nsɛe anigye a yɛde resom Yehowa nnɛ anaa daakye no. Ɛrentumi ntew anigye a obi a ɔne Kristo bedi ade wɔ ɔsoro Ahenni mu no wɔ no so, na saa ara nso na ɛrentumi ntew anigye a obi benya bere a wanya daa nkwa sɛ saa nniso no akoa wɔ asase so no so. Nhyira a ɛte saa no yɛ adanse a ɛma yehu Onyankopɔn adom, n’ayamye, ne ne papayɛ.

24 Nneɛma pii wɔ hɔ a yebesua afi Bepɔw so Asɛnka no mu. Wɔaka asuade ahorow pii ho asɛm wɔ adesua nsɛm abien a edi hɔ no mu. Momma yɛnhwɛ ɔkwan a yebetumi afa so de Yesu Kristo nsɛm no ayɛ adwuma.

Wubebua Dɛn?

• Dɛn nti na “wɔn a wonim wɔn honhom mu ahiade” no wɔ anigye?

• Dɛn na ɛma “wɔn a wodwo” no nya anigye?

• Dɛn nti na Kristofo wɔ anigye, ɛmfa ho ɔtaa a wɔde ba wɔn so?

• Anigye a Yesu kaa ho asɛm no mu nea ɛwɔ he na w’ani gye ho paa?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 7]

Anigye ahorow akron a Yesu kaa ho asɛm no so wɔ mfaso nnɛ te sɛ nea na mfaso wɔ so saa bere no ara pɛ

[Mfonini wɔ kratafa 8]

Ɔkwampa a yɛbɛfa so ahu afoforo mmɔbɔ ne sɛ yɛbɛka Bible mu nokware no akyerɛ wɔn