Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Ɛsɛ sɛ Woka sɛ Nea Wopɛ Nkutoo na Wobɛyɛ?

So Ɛsɛ sɛ Woka sɛ Nea Wopɛ Nkutoo na Wobɛyɛ?

So Ɛsɛ sɛ Woka sɛ Nea Wopɛ Nkutoo na Wobɛyɛ?

MMOFRA nkumaa baanu redi agoru. Biako hwim agode a n’ani gye ho paa no fi ɔfoforo no nsam, na ɔteɛm sɛ, “Ɛyɛ me dea!” Nnipa a wɔnyɛ pɛ fi wɔn mmofraase pɛɛ yɛ nneɛma bi a ɛkyerɛ sɛ wɔyɛ pɛsɛmenkominya. (Gen. 8:21; Rom. 3:23) Afei nso, nnipa a wɔwɔ wiase no mu dodow no ara hyɛ pɛsɛmenkominya ho nkuran. Sɛ yɛmpɛ sɛ yɛyɛ pɛsɛmenkominya a, gye sɛ yɛko tia ɛho adwene biara a yɛwɔ no denneennen. Sɛ yɛanyɛ saa a, ɛrenyɛ den koraa sɛ yebetumi ato afoforo hintidua, na asɛe yɛne Yehowa ntam.—Rom. 7:21-23.

Bere a Paulo rehyɛ yɛn nkuran sɛ yensusuw sɛnea yɛn nneyɛe ka afoforo ho no, ɔkyerɛwee sɛ: “Hokwan wɔ hɔ ma ade nyinaa; nanso ɛnyɛ ne nyinaa na mfaso wɔ so. Hokwan wɔ hɔ ma ade nyinaa; nanso ɛnyɛ ne nyinaa na ɛhyɛ den.” Paulo san kae sɛ: “Monhwɛ na moanto . . . hintidua.” (1 Kor. 10:23, 32) Ɛnde, ɛdefa nneɛma a yɛpɛ ho no, ɛyɛ nea nyansa wom sɛ yebisa yɛn ho sɛ: ‘Sɛ mewɔ hokwan sɛ meyɛ nneɛma bi a mepɛ, na sɛ mihu sɛ ebetumi asɛe asafo no asomdwoe a, so mefi mepɛ mu agyae? So mayɛ m’adwene sɛ mede Bible nnyinasosɛm bɛyɛ adwuma bere mpo a ɛyɛ den sɛ mɛyɛ saa no?’

Bere a Yɛrepaw Adwuma a Yɛbɛyɛ

Nnipa dodow no ara bu adwuma a wɔbɛyɛ sɛ ɛyɛ wɔn ankasa asɛm, na ɛmfa afoforo ho ahe biara, anaasɛ ɛmfa wɔn ho koraa. Nanso, susuw adwumawura bi a ɔte kurow ketewaa bi a ɛwɔ Amerika Anafo fam asɛm no ho hwɛ. Ná ɔyɛ obi a wonim no yiye sɛ ɔtow kyakya na ɔyɛ ɔsabofo. Nanso, bere a ɔne Yehowa Adansefo suaa Bible no, ɔde nea osuae no bɔɔ ne bra, na ɔsesaa n’abrabɔ. (2 Kor. 7:1) Bere a ɔkae sɛ ɔpɛ sɛ ɔne asafo no bom yɛ asɛnka adwuma no, asafo mu panyin bi faa anifere kwan so hyɛɛ no nkuran sɛ onsusuw ne honam fam adwuma a ɔyɛ no ho. Bere bi a na atwam no, na ɔbarima no ne onipa titiriw a ɔma nkurɔfo akpeteshie ma wɔtɔn—akpeteshie yɛ nsa bi a wɔde yɛ nneɛma pii, nanso wɔ wɔn hɔnom de, wɔtaa de fra nsa dɔkɔdɔkɔ mu, na ade titiriw nti a nkurɔfo nom saa nsa no ne sɛ wɔbɛnom na wɔabow.

Ɔbarima no hui sɛ sɛ ɔka asɛmpa no wɔ baguam na ɔda so ara tɔn nsa a ɛte saa a, ɛbɛsɛe asafo no din, na ebetumi ama ɔne Onyankopɔn ntam asɛe. Ɛwom sɛ na n’abusua a ɔhwɛ wɔn no yɛ kɛse de, nanso ogyaee nsa no tɔn. Ɛnnɛ, nneɛma a wɔde nkrataa ayɛ na ɔtɔn de hwɛ n’abusua. Seesei, ɔbarima yi, ne yere, ne wɔn mma baanum mu baanu abɔ asu. Wɔde nsi ne ahotoso reka asɛmpa no.

Bere a Yɛrepaw Nnamfo

So yebetumi aka sɛ fekuw a yɛne wɔn a wɔnyɛ nokware Kristofo bɛbɔ no yɛ yɛn ankasa asɛm, anaasɛ Bible nnyinasosɛm bi wom? Ná onuawa bi pɛ sɛ ɔne aberante bi a ɔnyɛ nokware Kristoni kɔ apontow bi ase. Ɛwom sɛ wɔbɔɔ onuawa no kɔkɔ wɔ asiane a ɛwom sɛ ɔbɛyɛ saa no ho de, nanso ɔtee nka sɛ ɔwɔ hokwan sɛ ɔyɛ saa, enti ɔkɔɔ apontow no ase. Bere a oduu hɔ no, ankyɛ na wɔde aduru bi a ɛbɛma wada hatee guu nsa mu maa no. Ɔdaa nnɔnhwerew pii, na bere a n’ani so tetew no no, ohui sɛ na aberante a ose ɔyɛ n’adamfo no ato no mmonnaa.—Fa toto Genesis 34:2 ho.

Ɛwom sɛ ɛnyɛ bere nyinaa na wɔn a wɔnyɛ gyidifo a yɛne wɔn bɛbɔ no bɛma awerɛhosɛm a ɛte saa ato yɛn de, nanso Bible tu yɛn fo sɛ: “Nea ɔne anyansafo nantew no bɛyɛ onyansafo, na nea ɔne nkwasea bɔ no, ebewie no bɔne.” (Mmeb. 13:20) Ɛyɛ nokware pefee sɛ sɛ yɛbɔ fekubɔne a, ɛde yɛn kɔ asiane mu! Mmebusɛm 22:3 ka sɛ: “Onitefo ne nea ohu mmusu na ɔde ne ho hintaw, na ogyimfo de, ɔfa mu, na onya ho asotwe.” Nnipa a yɛne wɔn bɔ fekuw no betumi anya yɛn so nkɛntɛnso na aka yɛne Onyankopɔn ntam abusuabɔ nso.—1 Kor. 15:33; Yak. 4:4.

Yɛn Ntadehyɛ ne Yɛn Ahosiesie Mu

Akwan a yɛfa so pam ntade ne nneɛma a ɛba so no kɔ so sesa bere nyinaa. Nanso, Bible nnyinasosɛm ahorow a ɛfa ntadehyɛ ne ahosiesie ho de, ɛnsesa da. Paulo hyɛɛ Kristofo mmea nkuran sɛ: ‘Wɔmfa fɛre ne adwenemtew nhyɛ ntade a ɛfata’—saa nnyinasosɛm yi fa mmarima nso ho. (1 Tim. 2:9) Ná ɛnyɛ sɛ Paulo reka akyerɛ yɛn sɛ yɛmpam yɛn ntade te sɛ ntetekwaa, na saa ara nso na wanka ankyerɛ Kristofo nyinaa sɛ wɔnhyɛ ntade koro. Nanso, fɛre kyerɛ dɛn? Nsɛm asekyerɛ nhoma bi kyerɛ fɛre ase sɛ “sɛ́ obi nhoahoa ne ho anaa onni ahuhude akyi . . . na ɔda su pa adi wɔ ne ntadehyɛ, ne kasa, ne ne nneyɛe mu.”

Ɛsɛ sɛ yebisa yɛn ho sɛ: ‘Sɛ meka sɛ mesiesie me ho wɔ ɔkwan a mepɛ a ɛbɛtwetwe nkurɔfo adwene aba me so a, so metumi aka no nokwarem sɛ mefɛre ade? So ɔkwan a mefa so siesie me ho no ma nkurɔfo adwenem yɛ wɔn nãã wɔ nipa ko a meyɛ anaa ɔbra a mebɔ ho?’ Sɛ ‘yɛanhwɛ nneɛma a ɛfa yɛn nko ara ho, na mmom yɛhwɛ nea ɛfa afoforo ho nso bi’ a, ɛremma “yɛnto hintidua biribiara mu” wɔ saa asɛm yi mu.—2 Kor. 6:3; Filip. 2:4.

Adwuma mu Nsɛm Mu

Bere a nsɛm bi a anibere wom a ɛfa bɔne ne nsisi ho sɔree wɔ Korinto asafo no mu no, Paulo kyerɛwee sɛ: “Adɛn na momma wɔnyɛ mo bɔne mmom? Adɛn na momma wonsisi mo mmom?” Paulo tuu Kristofo no fo sɛ wonnyae nsɛm mu mma ɛnka sen sɛ wɔde wɔn nua bi bɛkɔ asɛnnibea. (1 Kor. 6:1-7) Onua bi a ɔwɔ United States faa saa afotu yi aniberesɛm. Ná ɔne n’adwumawura a ɔno nso yɛ Kristoni no adwene nhyia wɔ akatua bi a na ɛsɛ sɛ adwumawura no de ma no no ho. Esiane sɛ anuanom baanu no de Kyerɛwnsɛm mu afotu yɛɛ adwuma nti, wohyiae mpɛn pii, nanso wɔantumi ansiesie asɛm no. Awiei koraa no, wɔkɔkaa asɛm no kyerɛɛ Kristofo asafo no mu mpanyimfo a wogyina hɔ ma “asafo no.”—Mat. 18:15-17.

Awerɛhosɛm ne sɛ asɛm no antwa wɔ hɔ nso. Bere a odwumayɛni no bɔɔ asɛm no ho mpae pii no, osii gyinae sɛ obegyae ɛka a adwumawura no de no no mu dodow no ara ma aka. Dɛn nti na ɔyɛɛ saa? Akyiri yi, ɔkae sɛ: “Ná asɛm yi resɛe m’anigye, na na ɛregye bere a ɛfata a metumi de ayɛ Kristofo adwuma no nyinaa.” Efi bere a onua no sii saa gyinae no, ohui sɛ ɔresan anya anigye, na Yehowa rehyira ne som adwuma so.

Wɔ Nneɛma Nketenkete Mpo Mu

Sɛ yɛanka sɛ yɛbɛyɛ nea yɛpɛ nkutoo wɔ nneɛma nketenkete mu nso a, yenya nhyira. Wɔ ɔmantam nhyiam bi da a edi kan no, awarefo bi a wɔyɛ akwampaefo kɔɔ nhyiam no ase ntɛm konyaa nkongua a na wɔpɛ ankasa tenaa so. Bere a wofii dwumadi no ase no, abusua bi a mmofra pii wom de ahopere baa asa kɛse a na nnipa ahyɛ so ma no so. Bere a awarefo a wɔyɛ akwampaefo no hui sɛ abusua no repɛ baabi a ɛbɛma wɔn nyinaa atumi atena faako no, wɔsɔre fii nkongua abien a na wɔte so no so de maa wɔn. Saa a wɔyɛe no maa abusua mũ no nyinaa tumi tenaa faako. Bere a wowiee nhyiam no akyi nna kakraa bi no, akwampaefo no nsa kaa krataa bi fii abusua no hɔ a na wɔde reda wɔn ase. Wɔkae wɔ krataa no mu sɛ bere a woduu nhyiam no ase a na wɔaka akyiri no, na wɔayɛ basaa ankasa. Nanso, esiane ayamye a awarefo a wɔyɛ akwampaefo no daa no adi kyerɛɛ wɔn nti, ankyɛ koraa na wɔn ani gyei na wɔkyerɛɛ ho anisɔ.

Sɛ yenya hokwan a, momma yɛmfa nea yɛpɛ nto nkyɛn na yɛnyɛ nea afoforo pɛ mma wɔn. Sɛ yɛda ɔdɔ a “ɛnhwehwɛ nea n’ankasa hia” adi a, yɛboa ma asomdwoe kɔ so tena asafo no mu, na asomdwoe tena yɛne yɛn afipamfo nso ntam. (1 Kor. 13:5) Na nea ɛho hia sen ne nyinaa no, ɛma yɛne Yehowa ntam kɔ so yɛ papa.

[Mfonini wɔ kratafa 20]

So wowɔ ɔpɛ sɛ wubegyae ahosiesie a aba so a wopɛ mu?

[Mfonini wɔ kratafa 21]

So wubefi wopɛ mu de w’akongua ama wo nuanom?