Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Yesu Nsɛm Ka Wo Mpaebɔ?

So Yesu Nsɛm Ka Wo Mpaebɔ?

So Yesu Nsɛm Ka Wo Mpaebɔ?

“Bere a Yesu wiee nsɛm yi no, ɔkwan a ɔfaa so kyerɛkyerɛe no maa nnipakuw no ho dwiriw wɔn.”—MAT. 7:28.

1, 2. Dɛn nti na ɔkwan a Yesu faa so kyerɛkyerɛe no maa nnipakuw no ho dwiriw wɔn?

ƐSƐ sɛ yegye nsɛm a Yesu Kristo a ɔyɛ Onyankopɔn Ba a ɔwoo no koro no kae no tom, na yɛde bɔ yɛn bra. Nokwasɛm ne sɛ na onipa biara nkasae saa da. Efisɛ ɔkwan a ɔfaa so kyerɛkyerɛe wɔ Bepɔw so Asɛnka no mu no maa nkurɔfo ho dwiriw wɔn!—Monkenkan Mateo 7:28, 29.

2 Yehowa Ba no ankyerɛkyerɛ te sɛ akyerɛwfo no a na wɔde wɔn kasatenten gyina nnipa a wɔnyɛ pɛ nkyerɛkyerɛ so no. Esiane sɛ nsɛm a Kristo kae no fi Onyankopɔn hɔ nti, ɔkyerɛkyerɛe sɛ “obi a ɔwɔ tumi.” (Yoh. 12:50) Enti, momma yɛnhwɛ sɛnea nsɛm foforo a Yesu kae wɔ Bepɔw so Asɛnka no mu no betumi aka yɛn mpaebɔ, ne sɛnea ɛsɛ sɛ yɛma ɛka yɛn mpaebɔ.

Mommmɔ Mpae Te sɛ Nyaatwomfo no Da

3. Bɔ Yesu asɛm a ɛwɔ Mateo 6:5 no mua.

3 Mpaebɔ yɛ ade a ɛho hia wɔ nokware som mu, na ɛsɛ sɛ yɛbɔ Yehowa mpae daa. Nanso, ɛsɛ sɛ yɛma nsɛm a Yesu kae wɔ ne Bepɔw so Asɛnka no mu no ka yɛn mpaebɔ. Ɔkae sɛ: “Sɛ mobɔ mpae a, monnyɛ te sɛ nyaatwomfo no; efisɛ wɔpɛ sɛ wogyina hyiadan mu ne mmɔnten ntwea so bɔ mpae sɛnea nnipa behu wɔn. Nokwarem mise mo sɛ, wɔanya wɔn akatua nyinaa awie.”Mat. 6:5.

4-6. (a) Dɛn nti na na Farisifo no ani gye ho sɛ ‘wobegyina hyiadan mu ne mmɔnten ntwea so’ abɔ mpae? (b) Ɔkwan bɛn so na na saa nyaatwomfo no ‘anya wɔn akatua nyinaa awie’?

4 Sɛ Yesu asuafo no rebɔ mpae a, na ɛnsɛ sɛ wosuasua saa “nyaatwomfo” no, te sɛ Farisifo a wɔyɛ wɔn ho treneefo a wɔhyɛ da yɛ wɔn ho akronkronfo wɔ baguam de daadaa afoforo no. (Mat. 23:13-32) Ná saa nyaatwomfo no ani gye ho sɛ ‘wobegyina hyiadan mu ne mmɔnten ntwea so’ abɔ mpae. Dɛn nti na na wɔyɛ saa? Ná wɔyɛ saa “sɛnea nnipa behu wɔn.” Ná Yudafo a wɔtenaa ase wɔ afeha a edi kan no mu no bom bɔ mpae sɛ asafo wɔ bere a na wɔbɔ ɔhyew afɔre wɔ asɔrefie hɔ (bɛyɛ anɔpa nnɔnkron ne awia nnɔnmiɛnsa) no mu. Ná Yerusalemfo pii ne nnipadɔm a wɔsom wɔ asɔrefie hɔ no bom bɔ mpae. Ná Yudafo a wonni Yerusalem a wɔmfa wɔn som nni agoru no taa ‘gyina hyiadan mu’ bɔ mpae mprenu da biara da.—Fa toto Luka 18:11, 13 ho.

5 Esiane sɛ na nnipa dodow no ara nte mmɛn asɔrefie no anaa hyiadan bi a na wobetumi akɔbɔ mpae a yɛaka ho asɛm seesei ara no wɔ hɔ nti, na wotumi bɔ mpae wɔ baabiara a saa mmere no bɛto wɔn. Ná ebinom hyɛ da ma bere a wɔde bɔ mpae no to wɔn wɔ “mmɔnten ntwea so.” Ná wɔpɛ sɛ “nnipa” a wɔretwam wɔ hɔ no ‘hu wɔn.’ Ná nyaatwomfo a wɔyɛ wɔn ho sɛ akronkronfo no ‘bɔ mpae atenten’ sɛnea ɛbɛyɛ a nnipa behu wɔn na wɔahoahoa wɔn. (Luka 20:47) Ɛnsɛ sɛ yɛyɛ saa.

6 Yesu kae sɛ na nyaatwomfo a wɔte saa no ‘anya wɔn akatua nyinaa awie.’ Ná wɔn ani gye ho paa sɛ wɔn mfɛfo nnipa begye wɔn atom na wɔayi wɔn ayɛ, na na ɛno ara ne akatua a wobenya. Ná ɛno na ɛbɛyɛ wɔn akatua nyinaa, efisɛ na Yehowa remmua wɔn nyaatwom mpaebɔ no. Nanso, sɛnea asɛm foforo a Yesu ka faa mpaebɔ ho ma yehu no, na Onyankopɔn bebua Kristo akyidifo anokwafo no mpaebɔ.

7. Afotu a ɛne sɛ yɛmmɔ mpae wɔ yɛn “pia mu” no kyerɛ dɛn?

7 “Nanso wo de, sɛ worebɔ mpae a, kɔ wo pia mu na to wo pon mu bɔ w’Agya a ɔwɔ kokoam no mpae; ɛno na w’Agya a ɔhwɛ kokoam no betua wo ka.” (Mat. 6:6) Ná Yesu afotu a ɔde mae sɛ yɛmmɔ mpae wɔ yɛn pia mu bere a yɛato yɛn pon mu no nkyerɛ sɛ obi ntumi nni asafo bi anim mmɔ mpae. Ɔde saa afotu no mae sɛnea ɛbɛyɛ a nkurɔfo nnkɔ so nnyina baguam mmɔ mpae mfa nhwehwɛ anuonyam ne ayeyi mfi afoforo hɔ. Sɛ yenya hokwan di Onyankopɔn nkurɔfo anim bɔ mpae wɔ baguam a, ɛsɛ sɛ yɛma saa asɛm yi tena yɛn adwenem. Momma yɛmfa Yesu afotu foforo a edi so yi a ɛfa mpaebɔ ho no nso nyɛ adwuma.

8. Sɛnea Mateo 6:7 kyerɛ no, mpae a ɛmfata bɛn na ɛnsɛ sɛ yɛbɔ?

8 “Sɛ worebɔ mpae a, ntĩ nsɛm koro no ara mu nka no mpɛn pii sɛnea amanaman mufo yɛ no, wosusuw sɛ wɔn nsɛm dodow nti wobetie wɔn.” (Mat. 6:7) Yesu nam saa asɛm yi so kyerɛɛ ɔkwan foforo a ɛmfata sɛ yɛfa so bɔ mpae, na ɛno ne sɛ yebetĩ nsɛm mu. Ná ɛnyɛ nea Yesu rekyerɛ ankasa ne sɛ ɛnsɛ sɛ yetĩ mpae a yefi yɛn komam bɔ de srɛ ade ne nea yɛde da ase no mu. Anadwo a ade rebɛkye ma Yesu awu no, ɔbɔɔ mpae tĩĩ “asɛm koro no ara” mu wɔ Getsemane turom hɔ.—Mar. 14:32-39.

9, 10. Sɛ wɔka sɛ ɛnsɛ sɛ yɛbɔ mpae tĩ nsɛm mu a, ɛkyerɛ dɛn?

9 Ɛbɛyɛ mfomso sɛ yebesuasua “amanaman mufo” a wotĩ nsɛm mu wɔ wɔn mpaebɔ mu no. Wotĩ nsɛm a wɔakyere agu wɔn tirim no mu “mpɛn pii,” na wɔka nsɛm pii a mfaso nni so. Baal asomfo a wɔfrɛɛ saa atoro nyame no fii “anɔpa kosii owigyinae sɛ: ‘O Baal, gye yɛn so!’” no annya so mfaso biara. (1 Ahe. 18:26) Nnipa ɔpepem pii a wɔwɔ hɔ nnɛ bɔ mpae atenten tĩ mu, na wosusuw sɛ “wobetie wɔn,” nanso wɔrennya so mfaso biara. Nanso, Yesu boa yɛn ma yehu sɛ mfaso nni “nsɛm dodow” a yɛde bɛbɔ mpae atenten atĩ mu mpɛn pii no so wɔ Yehowa anim. Yesu san kae sɛ:

10 “Enti monnyɛ sɛ wɔn, efisɛ mo Agya Onyankopɔn nim nneɛma a ehia mo koraa ansa na moabisa no.” (Mat. 6:8) Yudasom mu akannifo pii bɔɔ mpae atenten, na ɛno maa wɔn mpaebɔ yɛɛ te sɛ Amanaman mufo no de. Mpae a yefi komam bɔ a ebi ne ayeyi, aseda, ne adesrɛ yɛ ade a ɛho hia wɔ nokware som mu. (Filip. 4:6) Nanso, ɛbɛyɛ mfomso sɛ yɛbɛka asɛm koro no ara mpɛn pii na yɛanya adwene sɛ sɛ yetĩ nsɛm mu saa a, ɛnna ɛbɛma Onyankopɔn atie yɛn mpaebɔ. Sɛ yɛrebɔ mpae a, ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ yɛrekasa akyerɛ Onii a ‘onim nneɛma a yehia koraa ansa na yɛabisa no’ no.

11. Sɛ yenya hokwan sɛ yɛbɛbɔ mpae wɔ baguam a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛma ɛtena yɛn adwenem?

11 Ɛsɛ sɛ Yesu nsɛm a ɛfa mpaebɔ a ɛmfata ho no ma yɛkae sɛ Onyankopɔn ani nnye nsɛm akɛse a ɛho nhia a yɛbɛka wɔ yɛn mpaebɔ mu no ho. Ɛsɛ sɛ yehu nso sɛ ɛnsɛ sɛ yɛbɔ mpae wɔ baguam de sɔ yɛn atiefo ani, anaasɛ yɛkasa tenteenten ma wonya adwene sɛ bere bɛn koraa na ebesi ma yɛagye so “Amen.” Sɛnea Yesu nsɛm a ɛwɔ ne Bepɔw so Asɛnka no mu kyerɛ no, ɛnyɛ papa nso sɛ yɛde yɛn mpaebɔ betu atiefo fo, anaasɛ yɛbɛma adan nkaebɔ.

Yesu Kyerɛɛ Yɛn Sɛnea Wɔbɔ Mpae

12. Wobɛkyerɛkyerɛ adesrɛ a ɛne “wo din ho ntew” no mu dɛn?

12 Ɛwom sɛ Yesu bɔɔ kɔkɔ sɛ ɛnsɛ sɛ wɔde hokwan a ɛkyɛn so a wonya de bɔ mpae no di dwuma wɔ ɔkwan a ɛmfata so de, nanso ɔkyerɛɛ n’asuafo no sɛnea wɔbɔ mpae. (Monkenkan Mateo 6:9-13.) Ɛnsɛ sɛ yɛkyere Awurade mpaebɔ no mu nsɛm gu yɛn tirim sɛnea ɛbɛyɛ a yɛbɛka no mpɛn pii. Mmom no, ɛyɛ nhwɛso a yebedi akyi abɔ yɛn ankasa mpae. Sɛ nhwɛso no, Yesu dii kan bɔɔ Onyankopɔn din de fii ne mpaebɔ no ase sɛ: “Yɛn Agya a wowɔ soro, wo din ho ntew.” (Mat. 6:9) Yɛfrɛ Yehowa sɛ “yɛn Agya” ma ɛfata, efisɛ ɔno ne yɛn Bɔfo a ‘ɔwɔ soro’ a ɔmmɛn asase yi koraa no. (Deut. 32:6; 2 Be. 6:21; Aso. 17:24, 28) Ɛsɛ sɛ asɛmfua “yɛn” a ɛwɔ dodow kabea mu no ma yɛkae sɛ yɛn mfɛfo gyidifo nso ne Onyankopɔn wɔ abusuabɔ pa. “Wo din ho ntew” no yɛ adesrɛ a yɛde to Yehowa anim sɛ ɔnyɛ biribi mfa nyi ahohora a wɔde aba ne din so fi bere a wɔtew atua wɔ Eden no nyinaa mfi hɔ mfa ntew ne ho. Yehowa beyi abɔnefosɛm afi asase so, na ɔnam so atew ne ho de abua saa mpaebɔ no.—Hes. 36:23.

13. (a) Ɔkwan bɛn so na adesrɛ a ɛne “w’ahenni mmra” no bɛbam? (b) Onyankopɔn apɛde a ɛbɛyɛ hɔ wɔ asase so no kyerɛ dɛn?

13 “W’ahenni mmra. W’apɛde nyɛ hɔ wɔ asase so te sɛ ɔsoro.” (Mat. 6:10) Ɛsɛ sɛ saa adesrɛ yi a ɛwɔ mpae a Yesu de yɛɛ nhwɛso mu no ma yɛkae sɛ “ahenni” no yɛ Mesia nniso a ɛwɔ soro a wɔde ama Kristo ne “akronkronfo” a wɔanyan wɔn afi awufo mu a wɔka ne ho no. (Dan. 7:13, 14, 18; Yes. 9:6, 7) Yɛbɔ mpae sɛ ahenni no “mmra” de srɛ sɛ Onyankopɔn Ahenni no mmra na ɛmmɛsɛe wɔn a wɔsɔre tia Onyankopɔn nniso wɔ asase so no nyinaa. Ɛno bɛba nnansa yi ara, na ama wiase nyinaa paradise a trenee, asomdwoe, ne yiyedi wom no aba. (Dw. 72:1-15; Dan. 2:44; 2 Pet. 3:13) Wɔreyɛ Yehowa apɛde wɔ soro, na sɛ yɛbɔ mpae sɛ ɛmmra asase so a, na yɛresrɛ sɛ Onyankopɔn mmedi n’atirimpɔw a ɛfa yɛn asase yi ho no ho dwuma, na nea ɛka ho bi ne sɛ ommeyi wɔn a wɔsɔre tia no nnɛ no mfi hɔ sɛnea ɔyɛe wɔ tete no.—Monkenkan Dwom 83:1, 2, 13-18.

14. Dɛn nti na ɛfata sɛ yɛsrɛ “yɛn nnɛ aduan wɔ da yi mu”?

14 “Ma yɛn nnɛ aduan wɔ da yi mu.” (Mat. 6:11; Luka 11:3) Sɛ yɛde saa abisade no to Onyankopɔn anim wɔ mpaebɔ mu a, na yɛreka akyerɛ no sɛ ɔmma yɛn “da yi mu” aduan a yehia. Eyi kyerɛ sɛ yɛwɔ gyidi sɛ Yehowa betumi de nea yehia ama yɛn da biara da. Ɛnyɛ mpae a yɛbɔ de hwehwɛ nneɛma a yenhia no seesei ara. Nea yehia no da biara da a yɛsrɛ no betumi ama yɛakae ahyɛde a Onyankopɔn de maa Israelfo sɛ “obiara” nsesaw mana a “ɛbɛso no da koro” no.—Ex. 16:4.

15. Kyerɛkyerɛ adesrɛ a ɛne “fa yɛn aka firi yɛn, sɛnea yɛn nso de afiri wɔn a wɔde yɛn aka no” mu.

15 Adesrɛ a edi hɔ a ɛwɔ mpae a Yesu de yɛɛ nhwɛso mu no de yɛn adwene kɔ biribi a ɛsɛ sɛ yɛyɛ so. Yesu kae sɛ: “Fa yɛn aka firi yɛn, sɛnea yɛn nso de afiri wɔn a wɔde yɛn aka no.” (Mat. 6:12) Luka Asɛmpa no ma yehu sɛ saa “aka” no gyina hɔ ma “bɔne.” (Luka 11:4) Sɛ yɛde nkurɔfo a wɔayɛ bɔne atia yɛn no bɔne “afiri” wɔn dedaw nkutoo a, ɛnna yebetumi ahwɛ kwan sɛ Yehowa de yɛn nso yɛn bɔne befiri yɛn. (Monkenkan Mateo 6:14, 15.) Ɛsɛ sɛ yɛde afoforo bɔne firi wɔn koraa.—Efe. 4:32; Kol. 3:13.

16. Yɛbɛte adesrɛ a ɛfa sɔhwɛ ne ɔbɔnefo no nsam a wobegye yɛn afi no ho ase dɛn?

16 “Mfa yɛn nkɔ sɔhwɛ mu, na gye yɛn fi ɔbɔnefo no nsam.” (Mat. 6:13) Ɛsɛ sɛ yɛte abisade abien a ɛwɔ mpae a Yesu de yɛɛ nhwɛso yi mu no ase dɛn? Nokwasɛm ne sɛ: Yehowa nsɔ yɛn nhwɛ mma yɛnkɔyɛ bɔne. (Monkenkan Yakobo 1:13.) Satan a ɔyɛ “ɔbɔnefo no” na ɔyɛ “Ɔsɔhwɛfo” no ankasa. (Mat. 4:3) Nanso, nneɛma bi wɔ hɔ a sɛ Bible ka ho asɛm sɛ Onyankopɔn na ɔreyɛ a, na ɛkyerɛ sɛ ɔremma hokwan kɛkɛ. (Rut 1:20, 21; Ɔsɛnk. 11:5) Enti, “mfa yɛn nkɔ sɔhwɛ mu” no kyerɛ sɛ yɛresrɛ Yehowa sɛ ɔmmoa yɛn na sɛ yehyia sɔhwɛ a ɛbɛma yɛayɛ no so asoɔden a, yɛanyɛ bɔne. Nea etwa to no, sɛ yɛsrɛ sɛ “gye yɛn fi ɔbɔnefo no nsam” a, na yɛresrɛ sɛ Yehowa mmoa yɛn na Satan amma yɛanyɛ bɔne. Na yebetumi anya ahotoso sɛ ‘Onyankopɔn remma wɔnsɔ yɛn nhwɛ ntra nea yebetumi agyina ano.’—Monkenkan 1 Korintofo 10:13.

‘Monkɔ so Mmisa, Nhwehwɛ, na Mommom’

17, 18. Sɛ́ yɛbɛkɔ so ‘abisa, ahwehwɛ, na yɛabom’ no kyerɛ dɛn?

17 Ɔsomafo Paulo hyɛɛ ne mfɛfo gyidifo nkuran sɛ: “Munkura mpaebɔ mu denneennen.” (Rom. 12:12) Yesu de ahyɛde bi a ɛho hia a ɛte saa ara mae bere a ɔkae sɛ: “Monkɔ so mmisa, na wɔde bɛma mo; monkɔ so nhwehwɛ, na mubehu; monkɔ so mmom, na wobebue mo. Efisɛ obiara a obebisa no nsa bɛka, na obiara a ɔbɛhwehwɛ no behu, na obiara a obebom no wobebue no.” (Mat. 7:7, 8) Ɛyɛ papa sɛ ‘yɛbɛkɔ so abisa’ biribiara a ɛne Onyankopɔn apɛde hyia. Nea ɛne asɛm a Yesu kae no hyia no, ɔsomafo Yohane kyerɛwee sɛ: “Ahotoso a yɛwɔ wɔ [Onyankopɔn] mu ne sɛ biribiara a yebisa sɛnea n’apɛde te no, otie yɛn.”—1 Yoh. 5:14.

18 Afotu a Yesu de mae sɛ ‘yɛnkɔ so mmisa na yɛnkɔ so nhwehwɛ’ no kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yefi yɛn komam bɔ mpae a yɛrempa abaw. Ɛho hia nso sɛ ‘yɛkɔ so bom’ de nya hokwan kɔ Ahenni no mu, na yenya Ahenni no nhyira, ɛso mfaso, ne akatua. Nanso, so yebetumi anya ahotoso sɛ Onyankopɔn bebua yɛn mpaebɔ? Yiw, sɛ yedi Yehowa nokware a, yebetumi anya ahotoso a ɛte saa, efisɛ Kristo kae sɛ: “Obiara a obebisa no nsa bɛka, na obiara a ɔbɛhwehwɛ no behu, na obiara a obebom no wobebue no.” Osuahu pii a Yehowa asomfo anya no yɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn yɛ “mpaebɔ Tiefo” ankasa.—Dw. 65:2.

19, 20. Sɛnea Yesu asɛm a ɛwɔ Mateo 7:9-11 kyerɛ no, ɔkwan bɛn so na Yehowa te sɛ agya a ɔwɔ ɔdɔ?

19 Yesu de Onyankopɔn totoo agya a ɔwɔ ɔdɔ a ɔde nneɛma pa a ne mma hia ma wɔn no ho. Fa no sɛ na wowɔ hɔ a woretie Bepɔw so Asɛnka no bi, ɛnna wotee sɛ Yesu kae sɛ: “Mo mu hena koraa na ne ba bisa no paanoo a ɔde ɔbo bɛma no? Anaasɛ obisa no apataa a, ɔde ɔwɔ bɛma no? Enti sɛ mo a moyɛ abɔnefo mpo nim sɛnea moma mo mma akyɛde pa a, hwɛ mpɛn dodow ara a mo Agya a ɔwɔ soro no de nnepa bɛma wɔn a wobisa no no!”Mat. 7:9-11.

20 Onipa a ɔyɛ agya a esiane bɔne a onya fii awo mu nti ɔyɛ ‘ɔbɔnefo’ mpo no dɔ ne mma. Ɔrennaadaa ne ba, na mmom ɔbɛbɔ mmɔden ama no “akyɛde pa.” Esiane sɛ yɛn soro Agya no yɛ agya a ɔdɔ yɛn nti, ɔma yɛn “nnepa” a ebi ne ne honhom kronkron. (Luka 11:13) Honhom kronkron betumi ahyɛ yɛn den ma yɛasom Yehowa a ɔma yɛn “akyɛde pa ne adekyɛde a ɛyɛ pɛ biara” wɔ ɔkwan a ɛsɔ n’ani so.—Yak. 1:17.

Monkɔ so Nnya Yesu Nsɛm no so Mfaso

21, 22. Dɛn na ɛma Bepɔw so Asɛnka no da nsow, na wote nka dɛn wɔ Yesu nsɛm yi ho?

21 Nokwarem no, Bepɔw so Asɛnka no ne ɔkasa a ɛsen biara a wɔama wɔ asase so pɛn. Sɛnea ɛkyerɛkyerɛ yɛn Onyankopɔn ho nsɛm ma ɛtɔ asom no ma ɛda nsow. Sɛnea nsɛm a yɛasua afi Bepɔw so Asɛnka no mu wɔ adesua nsɛm abiɛsa a ɛtoatoa so yi mu ama yɛahu no, sɛ yɛde afotu a ɛwom no bɔ yɛn bra a, yebenya so mfaso kɛse. Yesu nsɛm yi betumi aboa ma yɛn asetena atu mpɔn nnɛ, na ama yɛanya anidaso sɛ yebenya daakye a ɛyɛ anigye.

22 Nsɛm a ɛte sɛ aboɔden abo a ɛwɔ Yesu Bepɔw so Asɛnka no mu kakraa bi pɛ na yɛasusuw ho wɔ adesua nsɛm yi mu. Ɛnyɛ nwonwa sɛ ɔkwan a Yesu faa so “kyerɛkyerɛe no” maa wɔn a wotiei no “ho dwiriw wɔn.” (Mat. 7:28) Akyinnye biara nni ho sɛ sɛ yɛde Yesu Kristo a ɔno ne Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse no nsɛm yi, ne nsɛm foforo a ɛsom bo hyɛ yɛn adwene ne yɛn koma mu a, yɛn nso yɛn ho bedwiriw yɛn saa ara.

Wubebua Dɛn?

• Dɛn na Yesu ka faa nyaatwom mpaebɔ ho?

• Sɛ yɛrebɔ mpae a, dɛn nti na ɛnsɛ sɛ yetĩ nsɛm a yɛka no mu?

• Adesrɛde ahorow bɛn na ɛwɔ mpae a Yesu de yɛɛ nhwɛso no mu?

• Yɛbɛyɛ dɛn atumi ‘akɔ so abisa, ahwehwɛ, na yɛabom’?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 15]

Yesu kasa tiaa nyaatwomfo a wɔbɔɔ mpae sɛnea nnipa bɛte wɔn nka na wɔahu wɔn no

[Mfonini wɔ kratafa 17]

So wunim nea enti a ɛfata sɛ yɛbɔ mpae hwehwɛ yɛn da biara da aduan no?