Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wɔhyɛɛ Asɛmpatrɛwfo No Nkuran Sɛ Wɔnyɛ Sɛ Yeremia

Wɔhyɛɛ Asɛmpatrɛwfo No Nkuran Sɛ Wɔnyɛ Sɛ Yeremia

Gilead Adesua Awiei A Ɛto So 125

Wɔhyɛɛ Asɛmpatrɛwfo No Nkuran Sɛ Wɔnyɛ Sɛ Yeremia

GEOFFREY JACKSON a ɔyɛ Sodikuw no muni no kae sɛ: “Adesuakuw yi de Gilead sukuu no adu mpɛnpɛnso soronko bi.” Ná ɔrekasa akyerɛ nnipa 6,156 a wɔkɔɔ Ɔwɛn Aban Gilead Bible Sukuu adesuakuw a ɛto so 125 no adesua awiei a wɔyɛɛ no September 13, 2008 no. Sɛ adesuafo a wɔn dodow si 56 a wɔwɔ adesuakuw yi mu ka ho a, asɛmpatrɛwfo bɛboro 8,000 na Gilead Sukuu no de wɔn “akɔ asase ano nohoa”!—Aso. 1:8.

Onua Jackson a ɔyɛɛ adesua awiei dwumadi no ho guamtrani no bisae sɛ: “So mugye di sɛ mo mu ahotoso a nkurɔfo benya no bɛma mo asɛnka adwuma no atu mpɔn?” Afei ɔkyerɛɛ nneɛma anan a ɛma wonya obi mu ahotoso. Ɛno ne: adwempa a obi benya, nhwɛso pa a ɔbɛyɛ, ne ne nkyerɛkyerɛ a ɔde begyina Onyankopɔn Asɛm so pintinn, ne Yehowa din a ɔbɛma afoforo ahu.

David Schafer a ɔne Nkyerɛkyerɛ Boayikuw no yɛ adwuma no kaa asɛmti a ɛne, “So Mobɛte Biribiara Ase?” no ho asɛm. Ɔmaa Gilead adesuafo no awerɛhyem sɛ sɛ wɔkɔ so hwehwɛ Yehowa na wɔde ahobrɛase gye “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no tom a, wobetumi ‘ate biribiara ase.’—Mmeb. 28:5; Mat. 24:45.

Afei, John E. Barr a ɔyɛ Sodikuw no muni no maa ɔkasa a n’asɛmti ne “Mommma Biribiara Nntetew Mo Mmfi Onyankopɔn Dɔ Ho.” Onua Barr afotu a ɛte sɛ nea agya bi a ɔwɔ ɔdɔ de ma ne mma no hyɛɛ adesuafo no ne wɔn awofo nkuran, na ɛmaa ɔhaw a ebia na wosusuw sɛ asɛmpatrɛwfo a wɔyɛ foforo no betumi ahyia wɔ baabi a wɔrekɔyɛ wɔn adwuma a na abɔ wɔn hu no fii wɔn mu. Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ, “Sɛ yɛde yɛn ho sie Onyankopɔn dɔ mu a, ɛma yenya ahobammɔ ne akomatɔyam wɔ yɛn asetena mu.” Biribiara nni hɔ a ebetumi atetew asɛmpatrɛwfo no afi Onyankopɔn dɔ ho, gye sɛ wɔn ankasa tetew wɔn ho fi Onyankopɔn ho.

Sam Roberson a ɔyɛ adwuma wɔ Teokrase Sukuu Ahorow Dwumadibea no hyɛɛ atiefo no nkuran sɛ wɔnhyɛ “atade a ɛsen atade biara no.” Sɛ adesuafo no sua nneɛma a Yesu yɛe na wɔn ankasa de yɛ adwuma a, wobetumi ‘ahyɛ Awurade Yesu Kristo.’ (Rom. 13:14) Nea edi hɔ no, William Samuelson a ɔyɛ Teokrase Sukuu Ahorow Dwumadibea no sohwɛfo no kaa nea ɛma obi nya nidi ho asɛm. Ɛnyɛ onipa adwene na ɛma obi nya nidi, na mmom Onyankopɔn adwene.

Michael Burnett a ɔyɛ akyerɛkyerɛfo no mu biako bisabisaa adesuafo no nsɛm ma wɔkaa osuahu ahorow a wonyae wɔ asɛnka mu. Ɛwom sɛ wɔde asasesin a wɔtaa yɛ mu adwuma na ɛmaa adesuafo no mu dodow no ara bere a na wɔwɔ Gilead Sukuu mu wɔ Patterson, New York no de, nanso wonyaa nnipa a wɔn ani gye asɛm no ho. Gerald Grizzle a ɔyɛ adwuma wɔ Nhyiam Dwumadibea no bisabisaa anuanom baasa a na wɔaba Sukuu a wɔyɛ ma Baa Boayikuw Mufo no nsɛm. Nsɛm a anuanom no kaee no boaa Gilead adesuafo no ma wosiesiee wɔn adwene maa nea wɔbɛkɔ akohyia wɔ baabi a wɔbɛkɔ akɔyɛ wɔn adwuma wɔ amannɔne no.

David Splane a ɔyɛ Sodikuw no muni a owiee adesuakuw a ɛto so 42 no maa ɔkasa a n’asɛmti ne “Monyɛ sɛ Yeremia.” Ɛwom sɛ na Yeremia suro sɛ ɔbɛyɛ adwuma a wɔde ahyɛ ne nsa no de, nanso Yehowa hyɛɛ no den. (Yer. 1:7, 8) Onyankopɔn bɛhyɛ asɛmpatrɛwfo a wɔyɛ foforo no nso den saa ara. Onua Splane kae sɛ: “Sɛ wo ne obi nya asɛm a, tena ase na kyerɛw su ahorow du a onipa no wɔ a w’ani gye ho paa. Na sɛ woantumi annya du a, ɛnde na ɛkyerɛ sɛ wunnim onipa no yiye.”

Ná Yeremia wɔ ahofama. Bere a na ɔpɛ sɛ ogyae adwuma a wɔde ahyɛ ne nsa no, ɔbɔɔ mpae, na Yehowa boaa no. (Yer. 20:11) Onua Splane kae sɛ: “Sɛ mo abam bu a, momfa nto Yehowa anim, na ɔbɛboa mo ma ayɛ mo nwonwa.”

Bere a dwumadi no reba awiei no, oguamtrani no kaee atiefo no sɛ adesuafo no asua akwan pii a wɔbɛfa so ama nkurɔfo anya wɔn mu ahotoso. Bere a wɔredi adanse wɔ baabi a wɔrekɔyɛ wɔn adwuma no, ahotoso a nkurɔfo benya wɔ wɔn mu no bɛma wɔn asɛnka adwuma no atu mpɔn.—Yes. 43:8-12.

[Adaka wɔ kratafa 22]

ADESUAKUW NO HO NSƐM

Aman dodow a wofi so: 6

Aman dodow a wɔama wɔn dwumadi wɔ hɔ: 21

Adesuafo no dodow: 56

Mfe dodow a wɔadi nkyekyɛm: 32.9

Mfe dodow a wɔadi wɔ nokware no mu nkyekyɛm: 17.4

Mfe dodow a wɔayɛ bere nyinaa som adwuma no nkyekyɛm: 13

[Mfonini wɔ kratafa 23]

Ɔwɛn Aban Gilead Bible Sukuu Adesuakuw a Ɛto so 125 a Wɔawie Wɔn Adesua

Wɔahyehyɛ akuw no fi anim kɔ akyi, na edin a ɛwɔ kuw biara mu no fi benkum kɔ nifa, wɔ ase hɔ din no mu.

(1) Hodgson, A.; Wall, A.; Beerens, K.; Hortelano, M.; Newman, L.; De Caso, A. (2) Jenkins, J.; Jarzemski, T.; Méndez, N.; Corona, V.; Canalita, L. (3) Fryer, H.; Savage, M.; Tidwell, K.; Erickson, N.; Dyck, E.; McBeath, R. (4) Perez, L.; Puse, L.; Skidmore, A.; Young, B.; McBride, N.; Rondón, P.; Goodman, E. (5) Beerens, M.; Ferguson, J.; Pearson, N.; Chapman, L.; Wardle, J.; Canalita, M. (6) Perez, P.; De Caso, D.; Young, T.; Rondón, D.; Goodman, G.; Jenkins, M.; Dyck, G. (7) Corona, M.; Wall, R.; Puse, S.; Méndez, F.; Jarzemski, S.; Savage, T. (8) Newman, C.; Ferguson, D.; Skidmore, D.; Erickson, T.; McBride, J.; Pearson, M.; Chapman, M. (9) Hodgson, K.; Wardle, A.; McBeath, A.; Tidwell, T.; Fryer, J.; Hortelano, J.