Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Kyerɛwnsɛm no bɔ “Yasar nhoma” ne “Yehowa Akodi nhoma” din. (Yos. 10:13; Num. 21:14) Saa nhoma abien no nni Bible mu. So saa nhoma yi yɛ nhoma a Onyankopɔn honhom ma wɔkyerɛwee a ayera?

Biribiara nni hɔ a ɛsɛ sɛ ɛma yenya adwene sɛ wɔde Onyankopɔn honhom na ɛkyerɛw saa nhoma abien no, ɛnna akyiri yi ɛyerae. Bible akyerɛwfo a Onyankopɔn honhom kaa wɔn no twee adwene sii nhoma afoforo kakraa bi so. Ebetumi aba ankasa sɛ saa nhoma no mu bi ka Bible no ho a ɛnnɛ wɔmfrɛ no sɛnea na wɔfrɛ no saa bere no. Sɛ nhwɛso no, 1 Beresosɛm 29:29 bɔ “ɔdehwɛfo Samuel,” “odiyifo Natan,” ne “ɔdehufo Gad nsɛm” din. Ebetumi aba sɛ saa nhoma abiɛsa no na ɛnnɛ wɔfrɛ no Samuel nhoma 1 ne nea ɛto so 2, anaa ebia Atemmufo nhoma no.

Ebi wɔ hɔ nso a, ebetumi aba sɛ wɔtwee adwene sii nhoma ahorow bi a ɛne Bible mu nhoma ahorow bi din sɛ so, nanso ɛnka Bible ho ankasa. Yebetumi de tete nhoma anan a edidi so yi ayɛ ho nhwɛso: “Yuda ahene bere so nsɛm nhoma no,” “Yuda ne Israel Ahene Nhoma no,” “Israel Ahene Nhoma no,” ne “Israel ne Yuda Ahene Nhoma no.” Ɛwom sɛ ebia saa nhoma ahorow no din ne Bible mu nhoma ahorow bi a ɛnnɛ wɔfrɛ no 1 Ahene ne 2 Ahene din sɛ de, nanso ɛnyɛ Onyankopɔn honhom na wɔde kyerɛw saa nhoma anan no, na saa ara nso na ɛnka Bible no ho. (1 Ahe. 14:29; 2 Be. 16:11; 20:34; 27:7) Ɛbɛyɛ sɛ na ɛyɛ abakɔsɛm nhoma a ɛwɔ hɔ bere a na odiyifo Yeremia ne Esra rekyerɛw wɔn nhoma a ɛwɔ Bible mu no.

Nokwarem no, Bible akyerɛwfo binom twee adwene sii abakɔsɛm nhoma a na ɛwɔ hɔ saa bere no so anaasɛ wɔhwɛɛ mu, nanso ɛnyɛ Onyankopɔn honhom na wɔde kyerɛwee. Ester 10:2 ka “Media ne Persia ahene no bere so nsɛm nhoma” no ho asɛm. Saa ara na bere a Luka rekyerɛw n’Asɛmpa no, ‘ɔhwehwɛɛ nneɛma no nyinaa mu pɛpɛɛpɛ fii mfiase.’ Ebia na ɔrekyerɛ sɛ ɔhwɛɛ nhoma a na ɛwɔ hɔ no mu boaboaa Yesu anato ho nsɛm a yetumi kenkan wɔ n’Asɛmpa no mu no ano. (Luka 1:3; 3:23-38) Ɛwom sɛ ɛnyɛ Onyankopɔn honhom na wɔde kyerɛw nhoma a Luka hwɛɛ mu no de, nanso n’Asɛmpa no de, Onyankopɔn honhom na ɛkaa no ma ɔkyerɛwee. Na saa Asɛmpa no so da so ara wɔ mfaso ma yɛn.

Nhoma abien a yɛreka ho asɛm a ɛne “Yasar nhoma” ne “Yehowa Akodi nhoma” no de, ɛte sɛ nea na ɛyɛ nhoma a ɛwɔ hɔ a ɛnyɛ Onyankopɔn honhom na wɔde kyerɛwee. Ɛno nti Yehowa ankora saa nhoma no so. Adwene a Bible twe si saa nhoma ahorow no so no ma Bible ho abenfo ka sɛ nhoma abien no yɛ anwensɛm anaa nnwom a ɛfa akodi a ɛkɔɔ so wɔ Israel ne n’atamfo ntam ho. (2 Sam. 1:17-27) Nhoma bi a ɛkyerɛkyerɛ Bible mu ka sɛ ɛbɛyɛ sɛ saa nhoma no mu nsɛm no yɛ “anwensɛm ne nnwom a tete Israel nnwontofo a na wonim nnwonto yiye no koraa so.” Nnipa bi mpo a Onyankopɔn de wɔn dii dwuma mmere bi sɛ adiyifo anaa adehufo no kyerɛw nsɛm bi a ɛnyɛ Yehowa na ɔde ne honhom kaa wɔn ma wɔkyerɛwee, anaasɛ wɔkyerɛw nsɛm bi a wamma wɔamfa anka Kyerɛwnsɛm no a “eye ma ɔkyerɛkyerɛ, ntɛnyi, nneɛma ateɛteɛ, [ne] trenee mu nteɛso” a ɛwɔ hɔ nnɛ no ho.—2 Tim. 3:16; 2 Be. 9:29; 12:15; 13:22.

Ɛnsɛ sɛ yenya adwene sɛ esiane sɛ wɔbɔɔ nhoma ahorow bi din wɔ Bible mu, na wɔde saa nhoma no dii dwuma nti, Onyankopɔn honhom na wɔde kyerɛwee. Nanso, nhoma ahorow a ɛwɔ “yɛn Nyankopɔn asɛm” mu no nyinaa de, Yehowa Nyankopɔn akora so, na “ebetim hɔ daa.” (Yes. 40:8) Nokwarem no, nhoma 66 a ɛwɔ Bible mu no ara ne nea yehia a Onyankopɔn de ama yɛn na ama ‘yɛafata koraa a wɔasiesie yɛn yiye ama adwuma pa biara.’—2 Tim. 3:16, 17.