Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wobɛyɛ Dɛn Atumi Akɔ so Ayɛ Asɛnka Adwuma No?

Wobɛyɛ Dɛn Atumi Akɔ so Ayɛ Asɛnka Adwuma No?

Wobɛyɛ Dɛn Atumi Akɔ so Ayɛ Asɛnka Adwuma No?

SO WOATE nka pɛn sɛ woabrɛ anaa w’abam abu araa ma na wopɛ sɛ wugyae asɛnka adwuma no? Ɔsɔretia a emu yɛ den, adwinnwen, yare, atipɛnfo nhyɛso, anaa asɛm no a nkurɔfo ntie no betumi ama ayɛ den sɛ yɛbɛkɔ so aka asɛm no. Nanso, susuw nhwɛso a Yesu yɛe no ho hwɛ. Esiane “anigye a na ɛda n’anim nti,” ɔkɔɔ so yɛɛ ne som adwuma no wɔ sɔhwɛ a emu yɛ den paa mu. (Heb. 12:2) Ná onim sɛ sɛ otumi ma ɛda adi sɛ nokware biara nni nsɛm a wɔaka agu Onyankopɔn so no mu a, ɔbɛma Onyankopɔn koma atɔ ne yam.—Mmeb. 27:11.

Sɛ wo nso wokɔ so yɛ asɛnka adwuma no a, wubetumi ama Yehowa koma atɔ ne yam. Nanso, sɛ ɛte sɛ nea ɔhaw ahorow bi mma wunnya ahoɔden nyɛ asɛnka adwuma no nso ɛ? Krystyna a ne mfe akɔ anim a ɔnte apɔw no kae sɛ: “Ɛyɛ a mebrɛ, na m’abam taa bu. Ɔhaw ahorow a mmerewabɔ ma mihyia te sɛ yare ne asetena mu dadwen tumi ma nsi a mede yɛ asɛnka adwuma no ano brɛ ase wɔ bere bi mu.” Wobɛyɛ dɛn atumi akɔ so ayɛ asɛnka adwuma no ɛmfa ho ɔhaw ahorow a ɛte saa a wuhyia no?

Suasua Adiyifo No

Sɛ Ahenni adawurubɔfo anokwafo betumi akɔ so ayɛ asɛnka adwuma no a, ɛsɛ sɛ wɔbɔ mmɔden nya adwene a na tete adiyifo no wɔ no bi. Wode, fa Yeremia sɛ nhwɛso. Bere a wɔfrɛɛ no sɛ ɔmmɛyɛ odiyifo no, mfiase no ɔtwetwee ne ho. Nanso, esiane sɛ Yeremia suae sɛ ɔde ne ho bɛto Onyankopɔn so koraa nti, otumi kɔɔ so yɛɛ adwuma a na ɛyɛ den a wɔde maa no no bɛboro mfe 40.—Yer. 1:6; 20:7-11.

Yeremia nhwɛso no hyɛ Henryk nkuran. Ɔka sɛ: “Wɔ mfe 70 ne akyiri a mede ayɛ asɛnka adwuma mu no, ɛtɔ mmere bi a nea nkurɔfo yɛ wɔ asɛm no ho—sɛnea wɔntew wɔn anim, anaa asɛm no a wontie no—ma m’abam bu. Wɔ mmere a ɛte saa mu no, mekae Yeremia nhwɛso no. Ɔdɔ a na ɔwɔ ma Yehowa, ne ne ho a ɔde too Yehowa so koraa no hyɛɛ no den ma ɔkɔɔ so hyɛɛ nkɔm.” (Yer. 1:17) Yeremia nhwɛso no ahyɛ Rafał nso nkuran. Ɔka sɛ: “Yeremia de ne ho too Onyankopɔn so na ɛnyɛ n’ankasa ho so, na wamfa n’adwene ansi sɛnea na ɔte nka no so nso. Ɔkɔɔ so de akokoduru kaa asɛm no ɛmfa ho sɛ na nkurɔfo mpɛ n’asɛm no. Mebɔ mmɔden sɛ mɛma eyi atena m’adwenem.”

Odiyifo foforo a ne nhwɛso boa nnipa pii ma wɔkɔ so yɛ asɛnka adwuma no ne Yesaia. Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ ne man mufo rentie no. Yehowa kae sɛ: “Ma ɔman no mpirim wɔn koma na [wɔnsen] wɔn aso.” So na eyi kyerɛ sɛ Yesaia ntumi nkɔ so nka asɛm no? Ná Onyankopɔn nhu no saa! Bere a wɔka kyerɛɛ Yesaia sɛ ɔnkɔyɛ odiyifo no, ɔkae sɛ: “Mini, soma me.” (Yes. 6:8-10) Yesaia kɔɔ so yɛɛ adwuma a wɔde hyɛɛ ne nsa no. So saa na woyɛ asɛnka adwuma a wɔde ahyɛ yɛn nsa no?

Sɛ yebetumi akɔ so aka asɛm no ɛmfa ho sɛ nkurɔfo ntie yɛn te sɛ nea Yesaia yɛe no a, ɛnsɛ sɛ yɛde yɛn adwene si asɛm no a nkurɔfo ntie no so. Nea Rafał yɛ de di abasamtu so ni: “Mebɔ mmɔden sɛ meremfa m’adwene nsi nsɛm a enye a nkurɔfo ka no so. Nnipa a wɔwɔ m’asasesin mu no wɔ hokwan sɛ wɔyɛ nea wɔpɛ wɔ asɛm no ho.” Anna nso ka sɛ: “Memfa m’adwene nsi nsɛm a ɛmfata anaa ebu abam a nkurɔfo ka no so. Mpae a mebɔ ne daa asɛm a meyɛ ansa na makɔ asɛnka no ne ade a ɛboa me ma mitumi yɛ saa. Ɛno ma m’adwene fi nsɛm a ɛmfata biara so ntɛm ara.”

Odiyifo Hesekiel yɛɛ ne som adwuma no wɔ Yudafo a na wɔasen wɔn kɔn a na wɔyɛ nkoa wɔ Babilon no mu. (Hes. 2:6) Sɛ odiyifo Hesekiel anka Onyankopɔn asɛm no ankyerɛ nkurɔfo no ɛnna ɔbɔnefo bi wui a wante kɔkɔbɔ no a, anka odiyifo no bedi onipa no mogya ho fɔ. Yehowa ka kyerɛɛ Hesekiel sɛ: “Ne mogya de, mebisa afi wo nsam.”—Hes. 3:17, 18.

Henryk bɔ mmɔden sɛ obenya adwene a na Hesekiel wɔ no bi. Ɔka sɛ: “Mepɛ sɛ me ho fi wɔ nnipa nyinaa mogya ho. Nnipa nkwa a ɛsom bo da asiane mu.” (Aso. 20:26, 27) Zbigniew nso te nka saa ara. Ɔka sɛ: “Ná ɛsɛ sɛ Hesekiel kɔ so yɛ n’adwuma no ɛmfa ho sɛnea na nkurɔfo yɛ wɔn ade wɔ ho no. Eyi boa me ma minya adwene a Ɔbɔadeɛ no wɔ wɔ asɛnka adwuma no ho no bi.”

Ɛnyɛ Wo Nkutoo

Sɛ wowɔ asɛnka mu a, ɛnyɛ wo nkutoo na woreyɛ adwuma no. Yebetumi aka ɔsomafo Paulo asɛm yi bi sɛ: “Yɛyɛ Onyankopɔn mfɛfo adwumayɛfo.” (1 Kor. 3:9) Krystyna a ogye tom sɛ ɛtɔ mmere bi a n’abam bu no ka sɛ: “Ɛno nti na mekɔ so srɛ Yehowa sɛ ɔmma me ahoɔden no. Ɔmmaa me nsa nsii fam da.” Nokwarem no, yehia Onyankopɔn honhom no ma aboa yɛn wɔ asɛnka mu!—Sak. 4:6.

Sɛ yɛwɔ asɛnka mu a, honhom kronkron boa yɛn nso ma yɛda su ahorow a ɛka bom yɛ “honhom no aba” no adi. (Gal. 5:22, 23) Saa su ahorow no nso boa yɛn ma yɛkɔ so yɛ asɛnka adwuma no ɛmfa ho nea nkurɔfo yɛ wɔ ho biara. Henryk ka sɛ: “Sɛ mekɔ asɛnka a, ɛboa me ma misiesie me suban. Misua sɛ menya abotare ne tema ama afoforo, na mempa abaw ntɛm.” Sɛ wokɔ so yɛ asɛnka adwuma no ɛmfa ho ɔhaw ahorow a wuhyia a, ebetumi aboa wo ma woanya honhom no aba no pii.

Yehowa nam n’abɔfo so na ɔkyerɛ saa adwuma soronko yi kwan. (Adi. 14:6) Bible ma yehu sɛ honhom abɔde “ɔpedudu ne mpempem huhaa” na wɔwɔ hɔ. (Adi. 5:11) Yesu kyerɛ abɔfo no kwan ma wɔboa Onyankopɔn asomfo a wɔwɔ asase so. So woma saa asɛm yi tena w’adwenem bere biara a wowɔ asɛnka mu no?

Anna ka sɛ: “Sɛ midwinnwen ho sɛ abɔfo no ka yɛn ho wɔ asɛnka mu a, ɛhyɛ me nkuran. M’ani sɔ mmoa a Yehowa ne Yesu nam wɔn so de ma yɛn no paa.” Hwɛ hokwan a yɛanya sɛ yetumi ne abɔfo anokwafo bom yɛ adwuma!

Ɔkwan bɛn so na yɛn mfɛfo adawurubɔfo nso boa yɛn? Wɔahyira yɛn ma yɛanya Adansefo anokwafo pii a yɛne wɔn bɔ. Akyinnye biara nni ho sɛ woahu sɛ Bible mu bɛ yi yɛ nokware sɛ: “Dade na wɔde sew dade ano. Saa na onipa nso sew ne yɔnko anim.”—Mmeb. 27:17.

Sɛ yɛne adawurubɔfo afoforo kɔ asɛnka a, ɛboa yɛn ma yenya hokwan kɛse sua akwan a etu mpɔn a wɔfa so di adanse a ebia na yennim. Elżbieta ka sɛ: “Sɛ me ne adawurubɔfo afoforo kɔ asɛnka a, ɛma minya hokwan pii de da ɔdɔ adi kyerɛ me mfɛfo asomfo ne nkurɔfo a mihyia wɔn wɔ asɛnka mu no.” Bɔ mmɔden sɛ wobɛsesa adawurubɔfo a wo ne wɔn kɔ asɛnka no. Ɛbɛma w’ani agye asɛnka mu.

Hwɛ Wo Ho so Yiye

Sɛ yɛbɛkɔ so anya anigye wɔ asɛnka mu a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ nhyehyɛe pa, na yɛn ankasa yesua ade daa, na yegye yɛn ahome yiye. Anaasɛ, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ abusuabɔ a yɛne Yehowa wɔ ne yɛn apɔwmuden so yiye.

Bible ka sɛ: “Nsiyɛfo nhyehyɛe de mfaso ba.” (Mmeb. 21:5) Zygmunt a seesei wadi mfe 88 no ka sɛ: “Nhyehyɛe pa a meyɛ de kɔ asɛnka no boa me ma midu me botae ahorow bi ho. Mehyehyɛ me bere yiye sɛnea ɛbɛyɛ a menya bere pii de ayɛ asɛnka adwuma no.”

Sɛ yenya Kyerɛwnsɛm mu nimdeɛ a edi mũ a, ɛhyɛ yɛn den, na esiesie yɛn ma yɛyɛ asɛnka adwuma no yiye. Sɛnea ɛho hia sɛ yedi honam fam aduan na ama yɛakɔ so atena ase no, saa ara na ɛsɛ sɛ yedi honhom fam aduan bere nyinaa na ama yɛakɔ so ayɛ asɛnka adwuma no. Sɛ yesua Onyankopɔn Asɛm daa na yedi “aduan bere a ɛsɛ mu” a, ebetumi ahyɛ yɛn den ma yɛayɛ asɛnka adwuma no.—Mat. 24:45-47.

Elżbieta yɛɛ nsakrae a ɛho hia wɔ n’asetena mu sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi ayɛ asɛnka adwuma no yiye. Ɔka sɛ: “Matew bere a mede hwɛ television no so koraa sɛnea ɛbɛyɛ a menya bere pii de asua asɛm a mɛka wɔ asɛnka mu. Sɛ mekenkan Bible no anwummere biara a, misusuw nnipa a mihyiaa wɔn wɔ asasesin no mu no ho. Na mehwehwɛ kyerɛw nsɛm ne nsɛm foforo a ɛwɔ asafo no nhoma mu a ebetumi aboa wɔn.”

Sɛ wugye w’ahome yiye a, ɛbɛboa wo ma woakɔ so anya ahoɔden, na ebetumi ama woayɛ asɛnka adwuma no pii. Nanso, sɛ wugye w’ani ma ɛboro so a, ɛremma wuntumi nyɛ asɛnka adwuma no yiye. Andrzej, ɔdawurubɔfo bi a ɔyɛ nsi no ka sɛ: “Sɛ woannye w’ahome a, ɛma wobrɛ dodo, na ɛnkyɛ koraa na w’abam abu. Meyɛ nea metumi biara sɛnea ɛbɛyɛ a ɛremma saa.”—Ɔsɛnk. 4:6.

Ɛmfa ho mmɔden biara a yɛbɔ de ka asɛmpa no, nnipa kakraa bi na wogye tom. Nanso, Yehowa werɛ remfi adwuma a yɛreyɛ no da. (Heb. 6:10) Sɛ nnipa pii mpɛ sɛ wotie yɛn mpo a, bere a yɛafi wɔn fie kɔ no, ebia wɔbɛka wɔn nkyɛn a yɛkɔe no ho asɛm. Nkɛntɛnso a ebetumi anya wɔ wɔn so no te sɛ nea yɛkan fa Hesekiel ho yi: ‘Ɛnyɛ dɛn ara nkurɔfo behu sɛ odiyifo bi tenaa wɔn mu.’ (Hes. 2:5) Nokwarem no, asɛnka adwuma a yɛyɛ no nna fam de, nanso yɛne nnipa a wotie yɛn no nyinaa nya so mfaso.

Zygmunt ka sɛ: “Sɛ yɛkɔ asɛnka a, ɛboa yɛn ma yɛhyɛ nipasu foforo no, na yɛda ɔdɔ adi kyerɛ Onyankopɔn ne yɛn mfɛfo nnipa.” Andrzej de ka ho sɛ: “Ɛyɛ hokwan na yɛanya sɛ yɛreyɛ adwuma a egye nnipa nkwa yi bi. Wɔrenyɛ saa adwuma yi kɛse saa bio, anaasɛ wɔrenyɛ wɔ tebea horow a yɛreyɛ wɔ mu nnɛ no bio da.” Sɛ wo nso wokɔ so ka asɛm no nnɛ a, wubetumi anya nhyira pii.—2 Kor. 4:1, 2.

[Mfonini wɔ kratafa 31]

Sɛ yɛhwɛ abusuabɔ a yɛne Yehowa wɔ ne yɛn apɔwmuden so yiye a, ɛboa yɛn ma yɛkɔ so ka asɛmpa no