Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Yehowa Bɔfo Bɔ Wɔn A Wosuro No Nyinaa Ho Nsra”

“Yehowa Bɔfo Bɔ Wɔn A Wosuro No Nyinaa Ho Nsra”

“Yehowa Bɔfo Bɔ Wɔn A Wosuro No Nyinaa Ho Nsra”

Sɛnea Christabel Connell ka kyerɛe

Ná Bible mu nsɛm a Christopher abisa a yɛrebua no agye yɛn adwene araa ma yɛn mu biara anhu sɛ na ade asa paa; saa ara nso na yɛanhu sɛ ɛwɔ hɔ ara a na Christopher ahwɛ mpomma no mu. Awiei koraa no, Christopher ka kyerɛɛ yɛn sɛ, “Afei ɛnyɛ hu bio, mubetumi akɔ.” Ɔkaa saa no, okogyaa yɛn kwan duu baabi a na yɛn sakre sisi no, na ɔka kyerɛɛ yɛn sɛ yɛnna yiye. Dɛn na na Christopher ahu a na ɛyɛ hu saa no?

WƆWOO me wɔ Sheffield, England, wɔ afe 1927 mu, na wɔtoo me din Christabel Earl. Wɔtow ɔtopae sɛee yɛn fie wɔ Wiase Ko II no mu, enti wɔde me kɔtenaa me nanabea nkyɛn ma mikowiee sukuu wɔ hɔ. Wɔ Katolekfo sukuu bi a mekɔe mu no, na metaa bisa asɔfo mmea no nea enti a abɔnefosɛm ne basabasayɛ pii rekɔ so no ho asɛm. Nanso, asɔfo mmea no ne nyamesomfo afoforo a mibisaa wɔn nsɛm no mu biara antumi amma me mmuae a ɛtɔ asom.

Bere a Wiase Ko II no baa awiei no, misuaa adwuma sɛ ɔyarehwɛfo. Mekɔɔ London kɔyɛɛ adwuma wɔ Paddington General Hospital, nanso mihuu basabasayɛ pii wɔ kurow no mu. Bere a me nuabarima panyin fii fie kɔɔ Korea Ko no, ankyɛ na mihui sɛ nnipa bi reko denneennen wɔ ayaresabea no akyi a na ani yɛ nyan. Obiara annye onipa a na wɔreboro no no, na wɔboroo no araa ma n’ani furae. Me maame de me kɔɔ adebisafo bi nhyiam ase saa bere yi, nanso mante nea enti a na abɔnefosɛm pii rekɔ so no ase ara.

Wɔhyɛɛ Me Nkuran sɛ Minsua Bible

Da bi, John a ɔyɛ me nuabarimanom mu panyin paa a na wabɛyɛ Yehowa Dansefo no bɛsraa me. Obisaa me sɛ: “Wunim nea enti a nneɛma bɔne yi nyinaa rekɔ so no?” Mibuae sɛ: “Dabi.” Obuee ne Bible kenkan Adiyisɛm 12:7-12 kyerɛɛ me. Afei mibehui sɛ ɛyɛ Satan ne adaemone no titiriw na wɔde bɔne aba wiase. Enti, mitiee afotu a John de maa me no, na ɛno akyi no, ankyɛ na mepenee so ma wɔne me suaa Bible. Nanso, onipa ho suro nti mammɔ asu saa bere no.—Mmeb. 29:25.

Ná me nuabea Dorothy nso abɛyɛ Ɔdansefo. Bere a ɔne ɔbarima a na ɔrebɛware no a wɔfrɛ no Bill Roberts kɔɔ amanaman ntam nhyiam wɔ New York (1953) bae no, meka kyerɛɛ wɔn sɛ obi ne me asua Bible no. Bill bisaa me sɛ: “Wokenkan kyerɛw nsɛm a wɔatwe adwene asi so wɔ nhoma a mode suaa Bible no mu no nyinaa? So wosensan mmuae no ase wɔ nhoma no mu?” Bere a mibuae sɛ dabi no, ɔkae sɛ: “Ɛnde, woansua hwee! Kohu saa onuawa no, na monsan mfi ase nsua bio!” Adaemone no fii ase haw me saa bere no. Mekae sɛ mesrɛɛ Yehowa sɛ ɔmmɔ me ho ban na onnye me mfi wɔn nhyɛso ase.

Meyɛɛ Akwampae Adwuma wɔ Scotland ne Ireland

Mebɔɔ asu January 16, 1954, na ɛbere a me ne ayaresabea no hyehyɛe sɛ mede bɛyɛ adwuma wɔ hɔ baa awiei wɔ May mu, na mifii ase yɛɛ akwampae adwuma wɔ June mu. Asram awotwe akyi no, wɔma mekɔyɛɛ ɔkwampaefo titiriw wɔ Grangemouth, Scotland. Bere a na mereyɛ adwuma wɔ saa asasesin a na atew ne ho mu no, mihui wɔ hɔ sɛ Yehowa abɔfo ‘rebɔ wɔn a wosuro no nyinaa ho nsra.’—Dw. 34:7.

Wɔ afe 1956 mu no, wɔma mekɔkaa asɛmpa no wɔ Ireland. Wɔmaa me ne anuanom mmea baanu kɔɔ Galway kurow no mu. Ɛda a edi kan paa no, mekɔɔ ɔsɔfo bi nkyɛn. Simma kakraa bi akyi no, polisini bi baa hɔ, na ɔde me ne nea na ɔka me ho no kɔɔ polisifo adwuma mu. Bere a polisini no huu yɛn din ne baabi a yɛte no, ntɛm ara na ɔkɔɔ telefon bi ho. Yɛtee sɛ ɔreka sɛ, “Yiw, Father, minim baabi pɔtee a wɔte.” Yehui sɛ ɔsɔfo no na ɔsomaa polisini no! Wɔhyɛɛ yɛn fiewura sɛ ontu yɛn mfi ne fie hɔ, enti baa dwumadibea no kae sɛ yemfi saa beae hɔ. Bere a yeduu keteke gyinabea hɔ no, na ɛbere a anka ɛsɛ sɛ keteke no tu no apa ho simma du. Nanso, na keteke no da so ara si hɔ, na na ɔbarima bi gyina hɔ a ɔretwɛn ahwɛ sɛ yɛbɛforo keteke no. Bere a yedii adapɛn abiɛsa pɛ wɔ Galway no na saa asɛm yi sii!

Wɔma yɛkɔɔ Limerick, na na ɛhɔ nso yɛ kurow foforo a Katolek Asɔre no wɔ tumi kɛse wɔ hɔ. Ná basabasayɛfo bɔ yɛn dede wɔ hɔ bere nyinaa. Ná nnipa pii suro sɛ wɔne yɛn bɛbɔ nkɔmmɔ wɔ wɔn afie mu. Afe a na atwam no, na wɔaboro onua bi wɔ Cloonlara a ɛyɛ kurow ketewaa bi a ɛbɛn Limerick no mu. Enti yɛn ani gyei sɛ yehyiaa Christopher a yɛkaa ne ho asɛm mfiase no. Ná Christopher aka akyerɛ yɛn sɛ yɛnsan mmra mmeyi ne nsɛmmisa bi a ɛfa Bible ho ano mma no. Bere a yɛkɔɔ Christopher hɔ no, ɔsɔfo bi baa hɔ bɛka kyerɛɛ no sɛ ɔmpam yɛn. Christopher ne ɔsɔfo no anyɛ adwene, na ɔkae sɛ: “Me na mefrɛɛ saa mmea yi baa me fie, na wɔbɔɔ kɔkɔɔkɔ ansa na wɔreba mu, na wode, memfrɛɛ wo wɔ ha, na saa ara nso na woammɔ kɔkɔɔkɔ.” Ɔsɔfo no de abufuw fii fie hɔ kɔe.

Ná ɔsɔfo no aboaboa mmarima pii ano ma wɔretwɛn yɛn wɔ Christopher fie no akyi a na yennim. Esiane sɛ na Christopher nim sɛ mmarima no mpɛ yɛn asɛm na wɔn bo afuw nti na na ɔrehwɛ mpomma no mu sɛnea yɛkaa ho asɛm mfiase no. Ɔma yɛtenaa hɔ ara kosii sɛ dɔm no kɔe. Akyiri yi, yɛtee sɛ na ɛsɛ sɛ Christopher ne n’abusua tu fi kurow no mu, na wɔkɔtenaa England.

Wɔfrɛɛ Me Kɔɔ Gilead

Bere a mereyɛ nhyehyɛe akɔ Onyankopɔn Apɛde Amanaman Ntam Nhyiam a wɔyɛe wɔ New York wɔ afe 1958 mu no na me nsa kaa krataa sɛ memmra Gilead adesuakuw a ɛto so 33 no bi. Bere a yewiee nhyiam no, sɛ́ anka mɛsan akɔ me kurom no, mekɔkaa asɛmpa no wɔ Collingwood, Ontario, Canada, kosii sɛ wofii Gilead Sukuu no ase wɔ afe 1959 mu. Bere a nhyiam no rekɔ so no, mihyiaa Eric Connell. Ná wasua nokware no wɔ afe 1957 mu, na ofii ase yɛɛ akwampae adwuma wɔ afe 1958 mu. Bere a yewiee nhyiam no, da biara da na ɔkyerɛw me bere a na mewɔ Canada ne bere a na mewɔ Gilead sukuu no nyinaa. Ná midwen nea sɛ miwie sukuu no a me ne no bɛyɛ ho.

Gilead sukuu a mekɔe no yɛ ade titiriw wɔ m’asetena mu. Ná Dorothy ne ne kunu ka yɛn adesuakuw no ho. Wɔma wɔkɔyɛɛ asɛmpatrɛw adwuma wɔ Portugal. Ɛyɛɛ me nwonwa sɛ wɔde me kɔɔ Ireland. Bere a mihui sɛ me ne me nuabea no renkɔ faako no, m’abam bui yiye! Mibisaa akyerɛkyerɛfo no biako sɛ mayɛ bɔne bi anaa. Obuae sɛ: “Dabi. Wo ne Eileen Mahoney a ɔka wo ho no apene so sɛ mobɛkɔ wiase no fã baabiara,” na Ireland nso ka mmeae a wobetumi de mo akɔ no ho.

Mesan Kɔɔ Ireland

Mesan kɔɔ Ireland wɔ August 1959 mu, na wɔde me kɔɔ Dun Laoghaire Asafo mu. Saa bere yi, na Eric asan aba England, na n’ani gyei yiye sɛ mabɛn no paa. Ná ɔno nso pɛ sɛ ɔyɛ ɔsɛmpatrɛwfo. Ɔkae sɛ esiane sɛ na wɔda so ara de asɛmpatrɛwfo kɔ Ireland nti, ɔbɛyɛ akwampae adwuma wɔ hɔ. Otu baa Dun Laoghaire, na yɛwaree wɔ afe 1961 mu.

Asram asia akyi no, Eric de moto nyaa akwanhyia bi ma anka ɔreyɛ awu. Ne tikora ho paee, na na nnuruyɛfo no ntumi nhu sɛ wobetumi ahwɛ no ma wanya nkwa anaa. Odii adapɛn abiɛsa wɔ ayaresabea hɔ, na ɛno akyi no, mehwɛɛ no wɔ fie asram anum kosii sɛ ne ho tɔɔ no. Mekɔɔ so yɛɛ asɛnka adwuma no sɛnea m’ahoɔden betumi.

Wɔ afe 1965 mu no, wɔde yɛn kɔɔ asafo bi a ɛwɔ Sligo a ɛwɔ ɔman no atifi fam atɔe mpoano a po so hyɛn gyinabea wɔ hɔ mu, na na adawurubɔfo baawɔtwe na wɔwɔ asafo no mu. Mfe abiɛsa akyi no, yɛsan kɔɔ asafo ketewa foforo bi a ɛwɔ Londonderry a ɛwɔ ɔman no atifi fam tɔnn no mu. Da koro bi a na yefi asɛnka reba fie no, yebehui sɛ wɔde nkantankantan agye ban atwa ɔkwan a ɛkɔ baabi a yɛte no mu. Ná Northern Ireland Amanehunu Bere no afi ase. Mmabun a wɔyɛ basabasa hyew kar pii. Ná wɔakyɛ kurow no mu abien dedaw ma wɔabenya baabi a Protestantfo te ne baabi a Katolekfo te. Ná ɛyɛ hu sɛ wobɛtra ɔhye no akɔ kurow no fã foforo.

Amanehunu Bere no mu Asetena ne Adansedi

Nanso, yɛyɛɛ asɛnka adwuma no wɔ kurow no mu nyinaa. Yɛsan hui sɛ na abɔfo no rebɔ yɛn ho nsra. Sɛ yɛkɔ mmeae bi a basabasayɛ asi wɔ hɔ a, na yefi hɔ ntɛm, na sɛ ɛhɔ dwo a na yɛasan akɔ hɔ. Bere bi a na basabasayɛ rekɔ so wɔ baabi a ɛbɛn yɛn fie no, nneɛma bi a na ɛrehyew fi sotɔɔ bi a wɔtɔn nnuru a wɔde ka dan ho wom mu beguu yɛn mpomma ano. Yɛantumi anna, efisɛ na yesusuw sɛ ogya betumi atɔ yɛn fie no mu. Bere a yetu kɔɔ Belfast wɔ afe 1970 mu no, yɛtee sɛ wɔde ɔtopae a wɔde petro ayɛ ahyew sotɔɔ a wɔtɔn nnuru a wɔde ka dan ho wom no, na yɛtee sɛ ofie a na yɛte mu no ahyew saa bere no.

Bere foforo a na me ne onuawa bi wɔ asɛnka mu no, yehui sɛ durubɛn soronko bi da mpomma bi ano. Yetwaa mu kɔɔ yɛn baabi. Simma kakraa bi akyi no, ɛpaee. Mpɔtam hɔfo a wopuepue fii wɔn afie mu bae no susuwii sɛ yɛn na yɛde ɔtopae a ɛte sɛ durubɛn no too hɔ! Saa bere no ara na onuawa bi a ɔte mpɔtam hɔ frɛɛ yɛn kɔɔ ne fie. Ɛno maa mpɔtam hɔfo no hui sɛ ɛnyɛ yɛn na yɛtow ɔtopae no.

Wɔ afe 1971 mu no, yɛsan kɔɔ Londonderry kɔsraa onuawa bi. Bere a yɛkaa ɔkwan a yɛfaa so ne mmeae a wɔhwehwɛ akwantufo nneɛma mu a yetwaa mu wɔ hɔ kyerɛɛ onuawa no, obisae sɛ: “Ná obiara nnyina hɔ anaa?” Bere a yɛkae sɛ, “Ná nkurɔfo gyinagyina hɔ, nanso wɔanhwehwɛ yɛn nneɛma mu no,” ne ho dwiriw no. Dɛn ntia? Efisɛ nna bi a atwam no, na wɔagye oduruyɛfo bi ne polisini bi kar wɔ hɔ ahyew no.

Wɔ afe 1972 mu no, yɛkɔtenaa Cork. Akyiri yi, yɛkɔkaa asɛmpa no wɔ Naas, afei yɛkɔɔ Arklow. Awiei koraa no, wɔ afe 1987 mu no, wɔde yɛn kɔɔ Castlebar, na ɛhɔ na yɛda so ara wɔ besi nnɛ. Yenyaa hokwan kɛse boae ma wosii Ahenni Asa wɔ ha. Eric yaree denneennen wɔ afe 1999 mu. Nanso, ɛdenam Yehowa ne asafo no mufo mmoa so no, mitumi gyinaa tebea no ano bio, na mehwɛɛ no maa ne ho tɔɔ no.

Me ne Eric akɔ Akwampaefo Ɔsom Sukuu no mprenu. Ɔda so ara som sɛ asafo mu panyin. Ɔkwaha bi a ɛka ne ho a mintumi nyɛ me ho hwee haw me, na wɔayi m’adwonku ne me nkotodwe abien nyinaa de nnade ahyehyɛ mu. Ɛwom sɛ mahyia nyamesom mu ɔsɔretia a emu yɛ den, na mafa amanyɔsɛm ne asetena mu nsɛm a emu yɛ den mu de, nanso nsɛnnennen paa a mahyia no mu biako ne kar a na ɛsɛ sɛ migyae ka. Ná ɛyɛ sɔhwɛ, efisɛ na mintumi nkɔ mmeae a mepɛ. Asafo no mufo aboa me paa. Seesei mede poma na ɛnantew, na mede sakre a ɛwɔ kɔba abiɛsa a batere hyem na ɛkɔ mmeae a ɛhɔ ware.

Sɛ yɛka mfe a me ne Eric nyinaa de ayɛ akwampaefo atitiriw adwuma no bom a, ɛboro mfe 100, na yɛde emu 98 ayɛ adwuma wɔ Ireland ha. Yennyaa adwene da sɛ yebegyae asɛmpaka adwuma no agye yɛn ahome. Yɛnhwɛ kwan sɛ wɔbɛboa yɛn anwonwakwan so, nanso yegye di sɛ Yehowa abɔfo a wɔwɔ tumi no “bɔ” wɔn a wosuro no na wɔsom no nokware mu no “nyinaa ho nsra.”