Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Abɔde Ma Yehu Yehowa Nyansa

Abɔde Ma Yehu Yehowa Nyansa

Abɔde Ma Yehu Yehowa Nyansa

“Ne su horow a wonhu . . . wɔnam nneɛma a wayɛ so na ehu.”—ROM. 1:20.

1. Dɛn na wiase nyansa de aba nnipa pii so nnɛ?

NNIPA a wɔwɔ wiase mu dodow no ara bu wɔn a wɔanya nimdeɛ pii no sɛ wɔyɛ anyansafo. Nanso, so wɔyɛ anyansafo ankasa? Dabi, efisɛ saa nkurɔfo a wiase no kyerɛ sɛ wɔyɛ anyansafo yi ntumi mmoa nnipa, na saa ara nso na wontumi mfa afotu pa a ɛbɛma yɛahu nea enti a yɛte ase ankasa mma. Mmom no, nea ekowie wɔn a wodi nnipa a wɔte saa akyi ne sɛ “nkyerɛkyerɛ mframa biara wosow wɔn biribiri te sɛ asorɔkye de wɔn di akɔneaba.”—Efe. 4:14.

2, 3. (a) Dɛn nti na Yehowa ne “onyansafo koro pɛ no”? (b) Dɛn na ɛma Onyankopɔn nyansa da nsow wɔ wiase nyansa ho?

2 Hwɛ sɛnea wɔn a wonya nyansa ankasa a efi Yehowa Nyankopɔn hɔ no da nsow koraa! Bible ka kyerɛ yɛn sɛ Yehowa ne “onyansafo koro pɛ no.” (Rom. 16:27) Onim biribiara a ɛwɔ amansan yi mu ne sɛnea wɔyɛɛ emu nneɛma ne ɛho nsɛm nyinaa. Yehowa na ɔhyehyɛɛ abɔde mu mmara nyinaa a nnipa gyina so yɛ wɔn nhwehwɛmu no. Enti, nneɛma a nnipa ayɛ nyɛ no nwonwa, na saa ara na nnipa nyansa a wobu no sɛ emu dɔ no nso nkyerɛ hwee mma no. Bible ka sɛ: “Wiase nyansa yɛ nkwaseasɛm wɔ Onyankopɔn anim.”—1 Kor. 3:19.

3 Bible ka kyerɛ yɛn sɛ Yehowa ‘ma’ n’asomfo “nyansa.” (Mmeb. 2:6) Onyankopɔn nyansa nte sɛ nnipa nyansa a ɛyɛ nyansa hunu no. Mmom no, ɛboa yɛn ma yegyina nokware nimdeɛ ne ntease so sisi gyinae pa. (Monkenkan Yakobo 3:17.) Yehowa nyansa maa ɔsomafo Paulo ho dwiriw no. Ɔkyerɛwee sɛ: “O hwɛ sɛnea Onyankopɔn ahonya ne nyansa ne nimdeɛ mu dɔ fa! Hwɛ, wɔrentumi mpɛɛpɛɛ n’atemmu mu, na wɔrentumi nhwehwɛ n’akwan mu nwie da!” (Rom. 11:33) Esiane sɛ Yehowa nim nyansa sen obiara nti, yɛwɔ ahotoso sɛ ne mmara na ɛkyerɛ yɛn ɔkwan a eye sen biara a yɛfa so bɔ yɛn bra. Nea enti a ɛte saa ne sɛ Yehowa nkutoo ne obi a onim nea yenya a ɛbɛma yɛn ani agye.—Mmeb. 3:5, 6.

Yesu—“Odwumayɛni a Ne Ho Akokwaw”

4. Dɛn ne ɔkwan biako a yebetumi afa so ahu Yehowa nyansa?

4 Yebetumi ahu Yehowa nyansa ne ne su afoforo a ɛso bi nni wɔ nneɛma a wayɛ mu. (Monkenkan Romafo 1:20.) Yehowa su ahorow da adi wɔ nneɛma akɛse ne nketewa paa a wabɔ mu. Baabi a yɛbɛto yɛn ani ahwɛ biara no—ɔsoro oo asase so oo—yehu adanse pii a ɛkyerɛ sɛ Ɔbɔadeɛ bi a onim nyansa na ɔwɔ ɔdɔ sen obiara wɔ hɔ. Sɛ yesusuw nneɛma a wayɛ ho a, yebetumi asua ne ho ade pii.—Dw. 19:1; Yes. 40:26.

5, 6. (a) Hena na na ɔka Yehowa ho wɔ adebɔ mu? (b) Dɛn na yebesusuw ho, na dɛn ntia?

5 Bere a Yehowa “bɔɔ ɔsoro ne asase” no, na obi ka ne ho. (Gen. 1:1) Bible ma yehu sɛ bere tenten ansa na wɔrebɔ nneɛma a aniwa hu no, Yehowa bɔɔ honhom abɔde bi a ɔnam no so yɛɛ “nneɛma a aka nyinaa.” Saa honhom abɔde no ne Onyankopɔn Ba a ɔwoo no koro—“abɔde nyinaa mu abakan”—a akyiri yi ɔbɛtenaa asase so sɛ onipa Yesu no. (Kol. 1:15-17) Yesu nso wɔ nyansa te sɛ Yehowa. Nokwarem no, wɔfrɛ Yesu sɛ nyansa wɔ Mmebusɛm ti 8. Wɔsan frɛ Yesu sɛ Onyankopɔn ‘dwumayɛni a ne ho akokwaw’ wɔ saa ti no ara mu wɔ Bible mu.—Mmeb. 8:12, 22-31.

6 Enti, abɔde a aniwa hu ma yehu Yehowa ne Yesu a ɔyɛ ne Dwumayɛni a ne ho Akokwaw no nyinaa nyansa. Yebetumi asua nneɛma pii afi abɔde mu. Momma yensusuw abɔde anan a wɔaka wɔn ho asɛm wɔ Mmebusɛm 30:24-28 sɛ “enim nyansa fi awo mu” no ho nhwɛ. *

Nsiyɛ Ho Asuade

7, 8. Nneɛma bɛn na w’ani gye ho wɔ atɛtea ho?

7 Sɛ yɛhwɛ sɛnea wɔayɛ nneɛma a “esusua wɔ asase so” no mpo ne nneɛma a wɔyɛ a, yebetumi asua nneɛma pii afi wɔn hɔ. Sɛ nhwɛso no, susuw nyansa a atɛtea nim fi awo mu no ho hwɛ.—Monkenkan Mmebusɛm 30:24, 25.

8 Nhwehwɛmufo bi gye di sɛ ntɛtea dodow boro nnipa so mpɛn 200,000, na ntɛtea no nyinaa yɛ adwuma denneennen wɔ asase ani ne emu nyinaa. Wɔahyehyɛ ntɛtea ayɛ wɔn mmusua ahorow, na ntɛtea akuw abiɛsa na wɔwɔ mmusua dodow no ara mu: wɔne ahemmaa, mmarima, ne adwumayɛfo. Kuw no mu biara yɛ adwuma de boa wɔn abusua. Yebetumi aka sɛ atɛtea bi a wɔfrɛ no nhohowa a ɔtetew nhaban no nim kua yɛ yiye. Saa atɛtea ketewaa yi yɛ asase yiye, ɔtɛw afifide, na otwitwa afifide no ho ma ɛsow pii. Nhwehwɛmufo ahu sɛ saa “okuafo” a onim adwuma yiye yi hwɛ aduan dodow a abusua no behia so na ɔyɛ ho adwuma. *

9, 10. Yɛbɛyɛ dɛn atumi asuasua nsi a atɛtea de yɛ ade no bi?

9 Yebetumi asua biribi afi ntɛtea hɔ. Sɛ yɛhwɛ wɔn a, yehu sɛ sɛ yebetumi asow aba pii a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ nsi. Bible ka kyerɛ yɛn sɛ: “Ɔkwadwofo, kɔ ntɛtea nkyɛn; hwɛ n’akwan, na hu nyansa. Onni otitiriw, ɔpanyin anaa sodifo, nanso osiesie n’aduan ahohuru bere mu; na ɔboaboa n’aduan ano twabere mu.” (Mmeb. 6:6-8) Yehowa ne Yesu a ɔyɛ ne Dwumayɛni a ne ho Akokwaw no nyinaa yɛ nsiyɛfo. Yesu kae sɛ: “M’Agya ayɛ adwuma abesi sesɛɛ, na me nso mekɔ so yɛ adwuma.”—Yoh. 5:17.

10 Esiane sɛ yesuasua Onyankopɔn ne Kristo nti, ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛyɛ nsi. Ɛmfa ho adwuma biara a wɔde ama yɛn wɔ Onyankopɔn ahyehyɛde mu no, ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa ‘yɛ pii wɔ Awurade adwuma no mu.’ (1 Kor. 15:58) Enti, ɛsɛ sɛ yetie afotu a Paulo de maa Kristofo a na wɔwɔ Roma no sɛ: “Monnyɛ mo adwuma anihaw so. Monyɛ hyew honhom mu. Monsom Yehowa.” (Rom. 12:11) Mmɔden a yɛbɔ de yɛ Yehowa apɛde no renyɛ ɔkwa, efisɛ Bible ma yɛn awerɛhyem sɛ: “Onyankopɔn nyɛ nea ɔnteɛ sɛ ne werɛ befi mo adwuma ne ɔdɔ a modaa no adi wɔ ne din ho.”—Heb. 6:10.

Sɛnea Yɛbɛbɔ Abusuabɔ a Yɛne Yehowa wɔ Ho Ban

11. Kyerɛkyerɛ sɛnea okukuban te ne sɛnea ɔyɛ n’ade mu.

11 Okukuban nso yɛ aboa ketewa a yebetumi asua biribi a ɛho hia afi ne hɔ. (Monkenkan Mmebusɛm 30:26.) Ɔte sɛ adanko kɛse, nanso ɔno de, n’aso yɛ ntiantiaa nkuruwankuruwa, na n’anan yɛ ntiantiaa. Saa aboa ketewa yi te abotan mu. Okukuban ani a ehu ade kɔ akyiri no bɔ ne ho ban, na ntokuru ne akam a ɛdeda abotan a ɔte mu no mu bɔ ne ho ban fi mmoa a wɔkyere no we ho. Wɔbɔɔ okukuban sɛ ɔne nkukuban foforo mmom ntena, sɛnea ɛbɛyɛ a obenya ahobammɔ na ama ne ho ayɛ no hyew wɔ awɔwbere mu. *

12, 13. Dɛn na yebetumi asua afi okukuban hɔ?

12 Dɛn na yebetumi asua afi okukuban hɔ? Nea edi kan, hyɛ no nsow sɛ saa aboa yi hwɛ ne ho so yiye sɛnea ɛbɛyɛ a aboa bi nkyere no nwe. Ɔde n’ani a ehu ade kɔ akyiri no hu mmoa a wobetumi akyere no awe no wɔ akyirikyiri, na ɔbɛn baabi a ntokuru ne akam deda a obetumi akohyem de abɔ ne ho ban. Saa ara na ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛma yɛn ani da hɔ yiye sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi ahu asiane a ɛwɔ Satan wiase yi mu no. Ɔsomafo Petro tuu Kristofo fo sɛ: “Mo ani nna hɔ, monwɛn. Mo tamfo Ɔbonsam nenam sɛ gyata a ɔbobom apɛ obi amene no.” (1 Pet. 5:8) Bere a na Yesu wɔ asase so no, ɔkɔɔ so wɛnee, na ɔmaa n’ani daa hɔ wɔ mmɔden biara a Satan bɔe sɛ ɔbɛma wagyae Ne mũdi mu no ho. (Mat. 4:1-11) Yesu yɛɛ nhwɛso pa maa n’akyidifo!

13 Ɔkwan biako a yebetumi afa so awɛn ne sɛ yɛde yɛn ho bɛhyɛ nhyehyɛe a Yehowa ayɛ a ɔde bɔ yɛn ho ban no mu. Ɛnsɛ sɛ yebu yɛn ani gu Onyankopɔn Asɛm a yebesua ne Kristofo nhyiam ahorow a yɛbɛkɔ so. (Luka 4:4; Heb. 10:24, 25) Bio nso, sɛnea nkukuban bom tena ma wonya ahobammɔ no, ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛne yɛn mfɛfo Kristofo bɔ sɛnea ɛbɛyɛ a “obiara benya nkuranhyɛ afi ne yɔnko hɔ.” (Rom. 1:12) Sɛ yɛyɛ nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ na ama yɛanya Yehowa ahobammɔ a, yɛda no adi sɛ yɛne odwontofo Dawid yɛ adwene wɔ asɛm a ɔkyerɛwee yi ho sɛ: “Yehowa ne me botan ne m’abannennen, ne me Gyefo. Me Nyankopɔn yɛ me botan. Ɔno na miguan metoa no.”—Dw. 18:2.

Ɛsɛ sɛ Yemia Yɛn Ani Ɛmfa Ho Ɔsɔretia

14. Ɛwom sɛ ebia boadabi biako ho nyɛ hu de, nanso dɛn na yebetumi aka afa mmoadabi a wɔabom yuu ho?

14 Yebetumi asua biribi afi mmoadabi nso hɔ. Ebia boadabi biako a ne tenten yɛ sɛntimita anum pɛ no ho nyɛ hu, nanso sɛ wɔbom sɛ kuw a, wɔn ho yɛ hu ankasa. (Monkenkan Mmebusɛm 30:27.) Mmoadabi dɔm didi paa, na saa nkoekoemmoa dɔm yi a wodidi a wɔmmrɛ no betumi asɛe afuw bi a ahoa sɛ wotwa ntɛm ara. Bible de dede a nkoekoemmoa a wɔabom yuu a mmoadabi ka ho yɛ no toto dede kitikiti a nteaseɛnam yɛ ne sɛnea ogyaframa hyew buronan ma eturuturuw no ho. (Yoel 2:3, 5) Nnipa bɔ mmɔden sɛ wɔbɛsɔ ogya de asiw mmoadabi a wɔabom yuu kwan, nanso ɛntaa nyɛ yiye. Dɛn ntia? Efisɛ mmoadabi a wowuwu gu ogya no mu no dum ogya no, na wɔn a wɔaka no toa so a biribiara nsiw wɔn kwan. Ɛwom sɛ mmoadabi kuw nni ɔhene anaa ɔkannifo de, nanso wɔyɛ wɔn ade te sɛ asraafo a wɔwɔ nhyehyɛe pa, na ɛkame ayɛ sɛ wotumi di akwanside biara so. *Yoel 2:25.

15, 16. Ɔkwan bɛn so na Ahenni adawurubɔfo a wɔwɔ hɔ nnɛ yɛ wɔn ade te sɛ mmoadabi a wɔabom yuu?

15 Odiyifo Yoel de adwuma a Yehowa asomfo yɛ totoo sɛnea mmoadabi yɛ wɔn ade no ho. Ɔkyerɛwee sɛ: “Wotu mmirika sɛ ahoɔdenfo. Wɔforo ɔfasu sɛ mmarima a wɔkɔ ɔsa. Obiara nam ne kwan so na wɔmman mfi wɔn kwan so. Obi nsum ne yɔnko. Wɔnam wɔn kwan so tẽẽ sɛ nnɔmmarima. Sɛ wɔn mu bi tɔ akode ano mpo a, wɔn a wɔaka no mman.”—Yoel 2:7, 8.

16 Hwɛ sɛnea saa nkɔmhyɛ yi ka wɔn a wɔbɔ Onyankopɔn Ahenni no ho dawuru nnɛ no ho asɛm ma ɛfata! Ɔsɔretia biara a ɛte sɛ “ɔfasu” ntumi nsiw wɔn asɛnka adwuma no kwan. Mmom no, wosuasua Yesu a ɔde animia yɛɛ Onyankopɔn apɛde ɛmfa ho mpo sɛ nnipa pii buu no animtiaa no. (Yes. 53:3) Nokwarem no, Kristofo binom ‘atotɔ akode ano,’ kyerɛ sɛ, wɔn gyidi nti wɔakunkum wɔn. Nanso, yɛakɔ so ayɛ asɛnka adwuma no, na nnipa a wɔrebɔ Ahenni no ho dawuru no dɔ ara na wɔredɔɔso. Nokwasɛm ne sɛ, mpɛn pii no, ɔsɔretia ama asɛmpa no atrɛw ama nnipa bi a anka wɔrente Ahenni no ho asɛm no ate bi. (Aso. 8:1, 4) So w’ankasa wode animia ayɛ asɛnka adwuma no te sɛ mmoadabi, ɛmfa ho mpo sɛ nkurɔfo ntie anaasɛ wuhyia ɔsɔretia no?—Heb. 10:39.

“Mommata Papa Ho”

17. Dɛn nti na ɔdannena nansoaa tumi fam nneɛma a ɛho yɛ toromtorom ho?

17 Sɛ ɔketew ketewa bi a wɔfrɛ no ɔdannena fam ɔdan ho a, ɛyɛ den sɛ ɔbɛwae ahwe fam. (Monkenkan Mmebusɛm 30:28.) Nokwarem no, sɛnea saa aboa ketewa yi tumi tu mmirika ntɛmntɛm fa ɔfasu ho na otumi mpo fa nsɛmso a ɛso yɛ toromtorom so a ɔnwae nhwe fam no yɛ nyansahufo nwonwa. Dɛn na ɛma ɔdannena tumi yɛ saa? Ɛnyɛ amane anaa biribi tentann bi a ɛwɔ ne nan ase na ɛma otumi yɛ saa. Na mmom, nsensanee a biribi a ɛte sɛ nhwi mpempem pii tuatua so wɔ ne nansoaa no mu biara ase. Biribi a ɛte sɛ nhama nketenkete ɔhaha pii tuatua biribi a ɛte sɛ nhwi yi mu biara so a ano yɛ tratraa. Tumi bi a ɛwɔ ade a ano yɛ tratraa no mu biara mu no ka bom ma ɔdannena no tumi fam ban ho ma sɛ otu mmirika fa ahwehwɛ anim bere a n’akyi hwɛ fam mpo a, ɔnwae nhwe fam! Sɛnea ɔdannena tumi fam ade ho no yɛ nhwehwɛmufo nwonwa ma enti wɔka sɛ wobetumi de nneɛma a nnipa ahwɛ ɔdannena nansoaa so ayɛ no ayɛ biribi a wɔde ka nneɛma fam ho denneennen. *

18. Yɛbɛyɛ dɛn atumi ‘abata papa ho’ bere nyinaa?

18 Dɛn na yebetumi asua afi ɔdannena hɔ? Bible tu yɛn fo sɛ: “Munkyi bɔne, mommata papa ho.” (Rom. 12:9) Nneɛma bɔne a ɛkɔ so wɔ Satan wiase no mu no betumi ama yɛawae afi Onyankopɔn nnyinasosɛm ho. Sɛ nhwɛso no, sɛ yɛne nnipa a wɔmfa Onyankopɔn mmara nyɛ adwuma bɔ wɔ sukuu mu, adwuma mu, anaasɛ yɛde nneɛma a ɛmfata gye yɛn ani a, ebetumi asɛe yɛn bo a yɛasi sɛ yɛbɛyɛ nea ɛteɛ no. Mma biribi a ɛte saa nto wo! Onyankopɔn Asɛm bɔ kɔkɔ sɛ: “Nyɛ w’ani so onyansafo.” (Mmeb. 3:7) Mmom no, fa afotu pa a Mose de maa Onyankopɔn nkurɔfo wɔ tete mmere mu no yɛ adwuma. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Yehowa wo Nyankopɔn na suro no. Ɔno na som no, ne ho na fa wo ho fam.” (Deut. 10:20) Sɛ yɛfam Yehowa ho a, na yɛresuasua Yesu a ɔkae sɛ: “Wodɔɔ trenee, na wukyii mmarato” no.—Heb. 1:9.

Asuade a Yenya Fi Abɔde Mu

19. (a) Yehowa su ahorow bɛn na abɔde ma wuhu? (b) Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn nyansa betumi aboa yɛn?

19 Sɛnea yɛahu no, Yehowa su ahorow da adi pefee wɔ nneɛma a wayɛ mu, na yesua nneɛma a mfaso wɔ so fi n’abɔde mu. Dodow a yɛhwehwɛ Yehowa nnwuma mu no, dodow no ara na ne nyansa ma yɛn ho dwiriw yɛn. Sɛ yetie Onyankopɔn nyansa a, ɛbɛma anigye a yɛwɔ nnɛ ayɛ kɛse, na abɔ yɛn ho ban daakye. (Ɔsɛnk. 7:12) Nokwarem no, yɛn ankasa yebehu sɛ bɔhyɛ a ɛwɔ Mmebusɛm 3:13, 18 no yɛ nokware. Ɛka sɛ: “Anigye ne onipa a ohu nyansa, ne onipa a onya nhumu. Ɛyɛ nkwa dua ma wɔn a woso mu, na wɔn a wokura mu den no, wɔbɛfrɛ wɔn anigye.”

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 6 Ebia mmofra titiriw ani begye ho sɛ wɔbɛhwɛ nsɛmma nhoma a wɔatwe adwene asi so wɔ ase hɔ nsɛm no mu de ayɛ nhwehwɛmu, na wɔde emu nsɛm aka wɔn mmuae ho bere a yɛresua adesua asɛm yi wɔ asafo Ɔwɛn-Aban Adesua ase no.

^ nky. 8 Sɛ wopɛ nhohowa a ɔtetew nhaban no ho nsɛm pii a, hwɛ Awake! a ɛbae March 22, 1997, kratafa 31, ne May 22, 2002, kratafa 31.

^ nky. 11 Sɛ wopɛ okukuban ho nsɛm pii a, hwɛ September 8, 1990, Awake! kratafa 15-16.

^ nky. 14 Sɛ wopɛ mmoadabi ho nsɛm pii a, hwɛ October 22, 1976, Awake! kratafa 11.

^ nky. 17 Sɛ wopɛ ɔdannena ho nsɛm pii a, hwɛ April 2008, Awake! kratafa 26.

So Wokae?

Asuade a mfaso wɔ so bɛn na yenya fi . . .

• atɛtea hɔ?

• okukuban hɔ?

• boadabi hɔ?

• ɔdannena hɔ?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 16]

So woyɛ nsi te sɛ nhohowa a ɔtetew nhaban no?

[Mfonini wɔ kratafa 17]

Okukuban nya ahobammɔ wɔ nkukuban mu. So wo nso wo ne wo nuanom bɔ?

[Mfonini wɔ kratafa 18]

Kristofo de animia yɛ ade te sɛ mmoadabi

[Mfonini wɔ kratafa 18]

Sɛnea ɔdannena fam nneɛma ho no, saa ara na Kristofo fam papa ho

[Asɛm Fibea]

Stockbyte/Getty Images