Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Hiob Yii Yehowa Din Ayɛ

Hiob Yii Yehowa Din Ayɛ

Hiob Yii Yehowa Din Ayɛ

“Nhyira nka Yehowa din daa.”—HIOB 1:21.

1. Hena na ɛbɛyɛ sɛ ɔkyerɛw Hiob nhoma no, na bere bɛn na ɔkyerɛwee?

BERE a Mose guan fii Egypt kɔtenaa Midian asase so sɛnea ɛbɛyɛ a Farao rennya no nkum no no, na wadi bɛyɛ mfe 40. (Aso. 7:23) Ebetumi aba sɛ bere a ɔwɔ Midian no na ɔtee sɔhwɛ a ɛtoo Hiob a na ɔte Us asase a na ɛbɛn hɔ no ho asɛm. Wɔ mfe bi akyi no, bere a na aka kakra ma Mose ne Israel man no awie sare no so akwantu no, woduu baabi a ɛbɛn Us, na ɛbɛyɛ sɛ ɛhɔ na Mose tee nea Hiob asɛm no kowiei. Yudafo abakɔsɛm kyerɛ sɛ Mose kyerɛw Hiob nhoma no wɔ Hiob wu akyi.

2. Akwan bɛn so na Hiob nhoma no hyɛ Yehowa asomfo a wɔwɔ hɔ nnɛ gyidi den?

2 Hiob nhoma no hyɛ Onyankopɔn asomfo a wɔwɔ hɔ nnɛ gyidi den. Akwan bɛn so na ɛhyɛ wɔn gyidi den? Nhoma no mu nsɛm boa yɛn ma yɛte nsɛm bi a ɛho hia paa a esisii wɔ ɔsoro ne nea ɛkyerɛ no ase, na esi asɛm a ɛho hia a ɛfa Onyankopɔn amansan tumidi ho so dua. Hiob nhoma no ma yɛte nea yɛn mũdi mu a yɛbɛkɔ so akura kyerɛ nso ase yiye, na ɛboa yɛn ma yehu nea enti a ɛtɔ mmere bi a Yehowa ma kwan ma n’asomfo hu amane no. Bio nso, Hiob nhoma no ma yehu sɛ Satan Ɔbonsam ne Yehowa Tamfo kɛse, na ɔyɛ adesamma tamfo nso. Nhoma no san ma yehu sɛ nnipa a wɔtɔ sin te sɛ Hiob betumi akɔ so adi nokware ama Yehowa ɛmfa ho sɛ wohyia sɔhwɛ a emu yɛ den no. Ma yɛnhwehwɛ nsɛm a esisii a wɔaka ho asɛm wɔ Hiob nhoma no mu bi mu nhwɛ.

Satan Sɔɔ Hiob Hwɛe

3. Dɛn na yenim fa Hiob ho, na dɛn nti na Satan tuu n’ani sii no so?

3 Ná Hiob yɛ ɔdefo ne obi a wobu no paa, na na ɔyɛ abusua ti a ɔhwɛ n’abusua so yiye. Ɛda adi sɛ na ɔyɛ ɔfotufo a wobu no paa a na ɔboa ahiafo. Nea ɛho hia sen biara no, na Hiob suro Onyankopɔn. Wɔka Hiob ho asɛm sɛ na ɔyɛ onipa a “ne ho nni asɛm, na ɔteɛ; ná osuro Onyankopɔn, na ɔtwe ne ho fi bɔne ho.” Ɛyɛ Hiob nyamesom pa na ɛmaa Satan Ɔbonsam tuu n’ani sii no so, na ɛnyɛ n’ahonyade ne obu a na ɔwɔ no.—Hiob 1:1; 29:7-16; 31:1.

4. Mũdi kyerɛ dɛn?

4 Nsɛm a wɔde fii Hiob nhoma no ase no ka nhyiam bi a ɛkɔɔ so wɔ soro a abɔfo begyinagyinaa Yehowa anim ho asɛm. Ná Satan nso wɔ hɔ bi, na ɔbɔɔ Hiob sobo. (Monkenkan Hiob 1:6-11.) Ɛwom sɛ Satan kaa Hiob ahonyade ho asɛm de, nanso nea ɔde n’ani sii so paa ne sɛ ɔbɛma Hiob agyae ne mũdi mu. Asɛmfua “mũdi” kyerɛ obi a ne ho nni asɛm, ɔteɛ, na ɔyɛ adetrenee. Sɛ Bible ka onipa mũdi ho asɛm a, nea ɛkyerɛ ne sɛ onipa no fi ne koma nyinaa mu som Yehowa.

5. Dɛn na Satan ka faa Hiob ho?

5 Satan kae sɛ nea Hiob nya fi Onyankopɔn hɔ nti na ɔsom no, na ɔnnsom no nokware mu. Satan san kae sɛ sɛ Onyankopɔn ma Hiob nsa ka nea ohia na ɔbɔ ne ho ban nkutoo a, ɛnna ɔbɛkɔ so adi Yehowa nokware. Nea ɛbɛyɛ na nokware a ɛwɔ sobo a Satan bɔe no mu ada adi no, Yehowa maa Satan kwan ma ɔde ɔhaw baa ɔbarima nokwafo no so. Ɛno nti, da koro pɛ, Hiob tee sɛ wɔawia n’ayɛmmoa no bi na wɔn a aka no nso awuwu, na wɔakunkum n’asomfo, na ne mma du no nso nyinaa awuwu. (Hiob 1:13-19) So nea Satan yɛe no maa Hiob gyaee ne mũdi mu? Kyerɛwnsɛm no ka nea Hiob yɛe wɔ n’amanehunu no ho ho asɛm sɛ: “Yehowa na ɔde mae, Yehowa na wagye. Nhyira nka Yehowa din daa.”—Hiob 1:21.

6. (a) Dɛn na esii wɔ nhyiam foforo bi a wɔyɛe wɔ ɔsoro no ase? (b) Henanom ho asɛm na na ɛwɔ Satan adwenem bere a ɔkae sɛ sɛ Hiob kɔ ahokyere mu a ɔrenkɔ so nkura ne mũdi mu mma Yehowa no?

6 Akyiri yi, wɔyɛɛ nhyiam foforo wɔ soro. Satan san kɔbɔɔ Hiob sobo sɛ: “Were si were ananmu, na nea onipa wɔ nyinaa ɔde bɛma de agye ne kra. Sɛ wopɛ a, fa wo nsa ka ne dompe ne ne honam, na hwɛ sɛ ɔrennyina w’anim nnome wo anaa.” Hyɛ no nsow sɛ Satan bɔɔ afoforo nso sobo kaa Hiob ho. Bere a Ɔbonsam kae sɛ, “Nea onipa wɔ nyinaa ɔde bɛma de agye ne kra” no, na ɔrepɛ akyerɛ sɛ ɛnyɛ Hiob nkutoo na sɛ ɔkɔ ahokyere mu a obegyae ne mũdi mu, na mmom “onipa” biara a ɔsom Yehowa nso bɛyɛ saa ara. Ɛno akyi no, Onyankopɔn maa Satan kwan ma ɔde yare bi a ɛyɛ yaw bɔɔ Hiob. (Hiob 2:1-8) Nanso, na Hiob sɔhwɛ no to ntwae.

Ade a Yebetumi Asua Afi Nea Hiob Yɛe Mu

7. Akwan bɛn so na Hiob yere ne mmarima a wɔkɔsraa Hiob no de nhyɛso baa no so?

7 Mfiase no, asɛm no yɛɛ Hiob yere yaw te sɛ nea ɛyɛɛ ne kunu yaw no ara pɛ. Ɛbɛyɛ sɛ ne mma a wowuwui ne abusua no ahonyade a wɔhweree no haw no yiye. Ɛbɛyɛ sɛ ɛhaw no paa sɛ ohui sɛ yare bi a ɛyɛ yaw ayɛ ne kunu. Ɔde ɛyaw ka kyerɛɛ Hiob sɛ: “Woda so ara kura wo nokwaredi mu? Dome Onyankopɔn na wu!” Afei mmarima baasa a wɔfrɛ wɔn Elifas, Bildad, ne Sofar kɔsraa Hiob, na wɔyɛɛ wɔn ho te sɛ nea wɔrekɔkyekye ne werɛ no. Nanso, wɔkekaa atosɛm na wɔdaa wɔn ho adi sɛ wɔyɛ “gyamserefo.” Sɛ nhwɛso no, Bildad kaa biribi de kyerɛe sɛ Hiob mma no ayɛ bɔne ma enti ɛso aba na wɔatwa no. Elifas nso kaa nsɛm bi de kyerɛe sɛ bɔne ahorow bi a Hiob ayɛ atwam ho asotwe na aba no so no. Ɔkaa biribi de kyerɛe mpo sɛ Onyankopɔn mmu wɔn a wɔkɔ so kura wɔn mũdi mu no sɛ wɔn so wɔ mfaso bi! (Hiob 2:9, 11; 4:8; 8:4; 16:2; 22:2, 3) Nhyɛso a ɛte saa a emu yɛ den a wɔde baa Hiob so nyinaa akyi no, ɔkɔɔ so kuraa ne mũdi mu. Nokwarem no, odii mfomso sɛ ɔkaa biribi a ɛkyerɛ sɛ “wabu ne kra bem asen Onyankopɔn.” (Hiob 32:2) Nanso, ɔkɔɔ so dii nokware wɔ n’amanehunu no nyinaa mu.

8. Nhwɛso pa bɛn na Elihu yɛ maa wɔn a wotu fo nnɛ no?

8 Afei, wɔka Elihu a na ɔno nso akɔsra Hiob no ho asɛm. Elihu dii kan tiee Hiob ne n’ayɔnkofo baasa no nyinaa asɛm. Ɛwom sɛ na mmarima baanan no nyinaa anyin sen Elihu de, nanso ɔdaa nyansa kɛse adi. Ɔbɔɔ Hiob din ne no kasae wɔ nidi mu. Elihu kamfoo Hiob wɔ ne trenee ho. Nanso, ɔsan kae sɛ na Hiob pɛ sɛ obu ne ho bem dodo. Afei, Elihu maa Hiob awerɛhyem sɛ sɛ obi som Onyankopɔn nokwarem a, esi no yiye bere nyinaa. (Monkenkan Hiob 36:1, 11.) Hwɛ sɛnea eyi yɛ nhwɛso pa ma wɔn a ɛho behia sɛ wotu afoforo fo nnɛ no! Elihu nyaa abotare, otiee asɛm no yiye, ɔde nkamfo mae bere a na ɛho hia, na ɔde afotu a ɛhyɛ den nso mae.—Hiob 32:6; 33:32.

9. Dɛn na Yehowa yɛ de boaa Hiob?

9 Awiei koraa no, Yehowa ne Hiob kasae ma Hiob ho dwiriw no! Kyerɛwtohɔ no ka sɛ: “Yehowa fi ahum mu buaa Hiob.” Yehowa fi ayamye mu bisaa Hiob nsɛm tẽẽ de teɛɛ n’adwene. Hiob fi ne pɛ mu gyee nteɛso no toom, na ɔkae sɛ: “Mensɛ hwee . . . Manu me ho dɔte ne nsõ mu.” Bere a Yehowa ne Hiob kasa wiei no, Yehowa ka kyerɛɛ Hiob ayɔnkofo baasa no sɛ Ne bo afuw wɔn efisɛ wɔanka “nokwasɛm.” Ná ɛsɛ sɛ Hiob bɔ mpae ma wɔn. Afei “Yehowa nso maa Hiob amanehunu no baa awiei, na Yehowa de nea ɛyɛ Hiob de nyinaa bɔɔ ho abien maa no.”—Hiob 38:1; 40:4;42:6-10.

So Yɛdɔ Yehowa Paa?

10. Dɛn nti na Yehowa ammu n’ani angu nea Satan yɛe no so anaasɛ wansɛe no?

10 Yehowa ne amansan Bɔfo ne abɔde nyinaa so Tumfoɔ. Dɛn nti na wammu n’ani angu sobo a Ɔbonsam bɔe no so? Ná Onyankopɔn nim sɛ n’ani a obebu agu nsɛm a Satan kekae no so anaa sɛe a ɔbɛsɛe no no rentumi nsiesie asɛm a na asɔre no. Ná Ɔbonsam akyerɛ sɛ sɛ Hiob a ɔyɛ Yehowa somfo nokwafo no ahonyade fi ne nsa a, ɔrenkɔ so nni nokware. Nanso ɛmfa ho sɔhwɛ a Hiob hyiae no, ɔkɔɔ so dii nokware. Afei Satan kyerɛe sɛ sɛ onipa biara te yaw wɔ ne honam mu a, obegyae Onyankopɔn som. Hiob huu amane, nanso ɔkɔɔ so kuraa ne mũdi mu. Enti, nea ɔbarima nokwafo a na ɔnyɛ pɛ no yɛe no maa Satan bɛyɛɛ ɔtorofo. Na Onyankopɔn asomfo foforo a wɔaka nso ɛ?

11. Dɛn na Yesu yɛe de ma ɛdaa adi pefee sɛ Satan yɛ ɔtorofo?

11 Ɛno nti, Onyankopɔn somfo biara a ɔkɔ so kura ne mũdi mu ɛmfa ho nea Satan de ba no so biara no ankasa da no adi sɛ sobo a ɔtamfo tirimɔdenfo no abɔ yɛn no yɛ atoro. Yesu baa asase so, na ɔbɛma ɛdaa adi pefee sɛ Satan yɛ ɔtorofo. Ná Yesu yɛ onipa a ɔyɛ pɛ te sɛ yɛn agya a odi kan Adam. Nokware a Yesu di kosii owu mu no ma ɛdaa adi koraa sɛ Satan yɛ ɔtorofo, na sobo ahorow a wabɔ no nso yɛ atoro.—Adi. 12:10.

12. Hokwan ne asɛyɛde bɛn na Yehowa somfo biara wɔ?

12 Nanso, Satan kɔ so sɔ Yehowa asomfo hwɛ. Yɛn mu biara wɔ hokwan ne asɛyɛde sɛ odi nokware de da no adi sɛ ɔdɔ a ɔwɔ ma Yehowa nti na ɔsom no, na ɛnyɛ nea n’ankasa benya nti. Yebu saa asɛyɛde no dɛn? Yebu no sɛ ɛyɛ hokwan a yɛanya sɛ yebedi Yehowa nokware. Ɛyɛ awerɛkyekye nso sɛ yebehu sɛ Yehowa ma yɛn ahoɔden de gyina sɔhwɛ ahorow ano sɛnea ɔyɛ maa Hiob no, na ɔmma sɔhwɛ a yehyia no mmoro yɛn so.—1 Kor. 10:13.

Satan—Ɔtamfo a Ɔyɛ Aniammɔho ne Ɔwaefo

13. Nsɛm bɛn na Hiob nhoma no ma yehu fa Satan ho?

13 Hebrew Kyerɛwnsɛm no ma yehu sɛnea Satan yɛɛ aniammɔho sɔre tiaa Yehowa, na ɔmaa adesamma fom kwan no ho nsɛm pii. Yehu sɛnea Satan sɔre tiaa Yehowa no ho nsɛm pii nso wɔ Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no mu, na yehu sɛnea Yehowa bɛma obiara ahu sɛ ne tumidi na ɛfata, ne sɛnea wɔbɛsɛe Satan koraa no ho asɛm wɔ Adiyisɛm nhoma no mu. Hiob nhoma no nso ma yehu atua a Satan tewee no ho nsɛm pii. Bere a Satan kɔɔ nhyiam a wɔyɛe wɔ soro no bi no, na ɛnyɛ n’adwene ne sɛ ɔrekoyi Yehowa ayɛ. Mmom no, adwemmɔne na Ɔbonsam de kɔe. Bere a Satan bɔɔ Hiob sobo wiei na wɔmaa no kwan sɛ ɔnsɔ Hiob nhwɛ no, “Satan fii Yehowa anim kɔe.”—Hiob 1:12; 2:7.

14. Su bɛn na Satan daa no adi wɔ Hiob ho?

14 Enti, Hiob nhoma no ma yehu sɛ Satan yɛ adesamma tamfo a ne tirim yɛ den. Bere bi a yennim ne tenten bɛdaa nhyiam a wɔyɛe wɔ soro a wɔaka ho asɛm wɔ Hiob 1:6 ne nea wɔaka ho asɛm wɔ Hiob 2:1 no ntam, na ɛyɛ saa bere no na wɔsɔɔ Hiob hwɛe atirimɔden so no. Nokware a Hiob dii no maa Yehowa tumi ka kyerɛɛ Satan sɛ: “Woregyigye me sɛ mensɛe [Hiob] kwa, nanso ɔda so kura ne nokwaredi mu besi sesɛɛ.” Nanso Satan annye antom sɛ nsɛm a ɔkekae no yɛ atoro. Mmom no, ɔkae sɛ wɔmma ɔmfa sɔhwɛ foforo a emu yɛ den mmra Hiob so. Enti Ɔbonsam sɔɔ Hiob hwɛe wɔ bere a na odi yiye ne bere a na odi ohia buruburoo no nyinaa mu. Ɛda adi pefee sɛ Satan nhu nnipa a ahia wɔn ne wɔn a wɔrehu amane no mmɔbɔ. Okyi nnipa a wodi nokware. (Hiob 2:3-5) Nanso, nokware a Hiob dii no ma ɛdaa adi sɛ Satan yɛ ɔtorofo.

15. Dɛn na Satan ne awaefo a wɔwɔ hɔ nnɛ nyinaa yɛ?

15 Satan ne abɔde a odii kan bɛyɛɛ ɔwaefo. Awaefo a wɔwɔ hɔ nnɛ yɛ wɔn ade te sɛ Ɔbonsam ara pɛ. Ebia nea ɛma wɔn adwene sɛe ne sɛ wonya asafo no mufo, Kristofo asafo no mu mpanyimfo, anaa Sodikuw no ho adwemmɔne. Awaefo binom sɔre tia Onyankopɔn din Yehowa a wɔde di dwuma no. Wɔn ani nnye ho sɛ wobesua Yehowa ho ade anaasɛ wɔbɛsom no. Awaefo tu wɔn ani si nnipa a wodi nokware so te sɛ nea wɔn agya Satan yɛ no ara pɛ. (Yoh. 8:44) Enti, ɛnyɛ nwonwa sɛ Yehowa asomfo twe wɔn ho fi wɔn ho koraa!—2 Yoh. 10, 11.

Hiob Yii Yehowa Din Ayɛ

16. Su bɛn na Hiob daa no adi wɔ Yehowa ho?

16 Hiob bɔɔ Yehowa din, na oyii ne din no nso ayɛ. Bere mpo a Hiob tee sɛ ne mma no awuwu a na ne werɛ ahow no, wanka asɛmmɔne biara antia Onyankopɔn. Ɛwom sɛ Hiob dii mfomso kae sɛ Onyankopɔn na wama nea ɔwɔ nyinaa afi ne nsa de, nanso oyii Yehowa din ayɛ. Wɔ nsɛm bi a akyiri yi Hiob kae biako mu no, ɔkae sɛ: “Hwɛ! Yehowa suro—ɛno ne nyansa, na bɔne ho fi ne ntease.”—Hiob 28:28.

17. Dɛn na ɛboaa Hiob ma ɔkɔɔ so dii nokware?

17 Dɛn na ɛboaa Hiob ma ɔkɔɔ so dii nokware? Ɛda adi pefee sɛ ansa na amanehunu reba Hiob so no, na ɔne Yehowa wɔ abusuabɔ a emu yɛ den dedaw. Ɛwom sɛ yenni adanse biara a ɛkyerɛ sɛ na Hiob nim sɛ Satan abɔ Yehowa sobo de, nanso na Hiob asi ne bo sɛ ɔbɛkɔ so adi nokware. Ɔkae sɛ: “Enkosi sɛ megyaa mu no, merennyaa me nokwaredi mu da!” (Hiob 27:5) Ɛyɛɛ dɛn na Hiob ne Yehowa nyaa abusuabɔ a emu yɛ den saa? Akyinnye biara nni ho sɛ n’ani gyee nsɛm a na wate afa sɛnea Onyankopɔn ne Abraham, Isak, ne Yakob a na wɔyɛ n’abusuafo no dii no ho. Abɔde a Hiob hwɛe nso ma otumi huu Yehowa su ahorow pii.—Monkenkan Hiob 12:7-9, 13, 16.

18. (a) Dɛn na Hiob yɛ de kyerɛe sɛ odi Yehowa nokware? (b) Dɛn na yɛyɛ de suasua Hiob nhwɛso pa no?

18 Nea Hiob hui no maa n’ani gyei sɛ ɔbɛyɛ nneɛma a ɛsɔ Yehowa ani. Ná Hiob bɔ afɔre bere nyinaa, efisɛ na osusuw sɛ ebia n’abusua no ayɛ biribi a ɛnsɔ Onyankopɔn ani anaasɛ “wɔadome Onyankopɔn wɔn koma mu.” (Hiob 1:5) Bere a wɔsɔɔ Hiob hwɛe denneennen mpo no, na ɔda so ara ka Yehowa ho asɛm pa. (Hiob 10:12) Nhwɛso pa bɛn ara ni! Ɛsɛ sɛ yɛn nso yenya Yehowa ne n’atirimpɔw ho nimdeɛ a edi mũ bere nyinaa. Yɛwɔ nhyehyɛe pa a ɛboa yɛn ma yɛne Yehowa ntam abusuabɔ mu yɛ den; ebi ne ade a yɛn ankasa yesua, asafo nhyiam a yɛkɔ, mpae a yɛbɔ, ne asɛmpa no a yɛka no. Bio nso, yɛyɛ nea yebetumi biara sɛ yɛbɛma nkurɔfo ahu Yehowa din no. Na sɛnea Hiob nokwaredi maa Yehowa ani gyei no, saa ara na nokware a Onyankopɔn asomfo a wɔwɔ hɔ nnɛ di no ma Yehowa koma tɔ ne yam. Yebesusuw saa asɛm yi ho wɔ adesua asɛm a edi hɔ no mu.

So Wokae?

• Dɛn na ɛmaa Satan Ɔbonsam tuu n’ani sii Hiob so?

• Sɔhwɛ ahorow bɛn na ɛbaa Hiob so, na dɛn na ɔyɛe wɔ ho?

• Dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛakɔ so adi nokware te sɛ Hiob?

• Dɛn na Hiob nhoma no ma yehu fa Satan ho?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 4]

Hiob nhoma no mu nsɛm ma yehu asɛm a ɛho hia a ɛfa Onyankopɔn amansan tumidi ho

[Mfonini wɔ kratafa 6]

Tebea bɛn mu na wobetumi asɔ wo nokwaredi ahwɛ?