Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Momma Yennye Mose Ɔkɛseɛ No Ntom

Momma Yennye Mose Ɔkɛseɛ No Ntom

Momma Yennye Mose Ɔkɛseɛ No Ntom

“Yehowa Nyankopɔn beyi odiyifo bi a ɔte sɛ me afi mo nuanom mu ama mo. Ɛsɛ sɛ . . . mutie [no].”—ASO. 3:22.

1. Nkɛntɛnso bɛn na Yesu Kristo anya wɔ nnipa asetena so?

MFE 2,000 a atwam no, abarimaa bi awo ho asɛm maa abɔfo mpempem pii a wɔwɔ soro yii Onyankopɔn ayɛ maa nguanhwɛfo bi tee. (Luka 2:8-14) Mfe 30 akyi no, na saa abofra a afei de wabɛyɛ ɔpanyin no afi ɔsom adwuma bi a ɔde mfe abiɛsa ne fã pɛ yɛe ase, na ɛsesaa nnipa asetena koraa. Biribi kanyan abakɔsɛm kyerɛwfo bi a wɔfrɛ no Philip Schaff a wagye din a ɔtenaa ase wɔ afeha a ɛto so 19 no mu ma ɔkaa saa aberante yi ho asɛm sɛ: “Ɛwom sɛ ɔno ankasa ankyerɛw asɛm biako mpo de, nanso nneɛma a ɔyɛe ne nsɛm a ɔkae akanyan nnipa pii ma wɔakyerɛw nhoma ne ayeyi nnwom ahorow, ama ɔkasa ahorow, na wɔadi adwini ahorow nso. Eyi kyerɛ sɛ onyaa nnipa asetena so nkɛntɛnso kɛse.” Saa aberante a ɔda nsow yi ne Yesu Kristo.

2. Dɛn na ɔsomafo Yohane ka faa Yesu ne Ne som adwuma ho?

2 Ɔsomafo Yohane kyerɛw Yesu som adwuma ho asɛm, na ɔde n’asɛm no baa awiei sɛ: “Nokwasɛm ni, nneɛma foforo pii wɔ hɔ a Yesu yɛe a, sɛ wɔkyerɛw ne nyinaa a, anka misusuw sɛ nhoma a wɔbɛkyerɛw no renkɔ wiase mpo.” (Yoh. 21:25) Ná Yohane nim sɛ nneɛma a Yesu yɛe ne nsɛm a ɔkae wɔ mfe abiɛsa ne fã a nneɛma pii kɔɔ so wom no mu kakraa bi pɛ na obetumi ayɛ ho kyerɛwtohɔ. Nanso ɛmfa ho mpo sɛ Yohane kyerɛw nsɛm a ɛho hia yi mu kakraa bi pɛ wɔ n’Asɛmpa no mu no, nea ɔkyerɛwee no so wɔ mfaso paa.

3. Yɛbɛyɛ dɛn atumi ate dwuma a Yesu di wɔ Onyankopɔn atirimpɔw mu no ase yiye?

3 Nsɛmpa anan a ɛho hia no akyi no, Bible mu nsɛm foforo ka nsɛm pɔtẽẽ fa Yesu asetena ho a ɛhyɛ yɛn gyidi den. Sɛ nhwɛso no, mmarima anokwafo bi a wɔtenaa ase ansa na Yesu reba ho nsɛm a ɛwɔ Bible mu no boa yɛn ma yɛte dwuma a Yesu di wɔ Onyankopɔn atirimpɔw mu no ase yiye. Momma yensusuw eyi mu bi ho nhwɛ.

Onyankopɔn Asomfo a na Wɔyɛ Kristo Ho Mfonini

4, 5. Henanom na na wɔyɛ Yesu ho mfonini, na nneɛma bɛn mu na na wɔyɛ ne ho mfonini?

4 Yohane ne Asɛmpa akyerɛwfo baasa a wɔaka no twee adwene sii Mose, Dawid, ne Solomon so sɛ mmarima a na wɔyɛ Yesu a ɔne Nea Onyankopɔn Asra No ne Ɔhene a wɔapaw no no ho mfonini. Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn asomfo a wɔtenaa ase tete no yɛɛ Yesu ho mfonini, na dɛn na yebetumi asua afi saa nsɛm yi mu?

5 Sɛ yɛbɛka no tiawa a, Bible ka kyerɛ yɛn sɛ na Mose yɛ odiyifo, ntamgyinafo, ne ogyefo. Saa ara na Yesu nso te. Ná Dawid yɛ oguanhwɛfo ne ɔhene a odii Israel atamfo so nkonim. Yesu nso yɛ oguanhwɛfo ne ɔhene nkonimdifo. (Hes. 37:24, 25) Bere tenten a Solomon dii nokware no, na ɔyɛ sodifo nyansafo, na Israelfo nyaa asomdwoe wɔ n’ahenni ase. (1 Ahe. 4:25, 29) Yesu nso nim nyansa paa, na wɔfrɛ no “Asomdwoe Hene.” (Yes. 9:6) Ɛda adi sɛ Kristo Yesu adwuma ne mmarima a wɔtenaa ase ansa na Yesu reba no adwuma di nsɛ, nanso Yesu dibea wɔ Onyankopɔn atirimpɔw mu no kyɛn so koraa. Nea edi kan no, momma yɛmfa Yesu ntoto Mose ho na yɛnhwɛ sɛnea ntotoho a ɛte saa no boa yɛn ma yɛte dwuma a Yesu di wɔ Onyankopɔn atirimpɔw mu no ase yiye.

MoseOdii Yesu Anim Kan

6. Ɔkwan bɛn so na ɔsomafo Petro kyerɛkyerɛɛ hia a ehia sɛ yetie Yesu no mu?

6 Wɔ Pentekoste afe 33 Y.B. mu akyi bere tiaa bi no, ɔsomafo Petro faa nkɔm bi a Mose hyɛe a enyaa mmamu wɔ Yesu Kristo so mu asɛm kae. Ná Petro gyina nnipadɔm bi a na wɔaba asɔrefie hɔ rebɛsom anim. Bere a Petro ne Yohane saa ɔbarima bi a ɔyɛ obubuafo fi ne maame yam a na ɔsrɛsrɛ ade yare no, nea nnipa no ‘hui no maa wɔn ho dwiriw wɔn boroo so,’ na wɔn nyinaa tuu mmirika kɔhwɛɛ nea asi no. Petro kyerɛkyerɛɛ mu sɛ ɛyɛ Yehowa honhom kronkron a ɛnam Yesu Kristo so yɛ adwuma no na ɛma wotumi yɛɛ anwonwade yi. Afei, Petro faa Hebri Kyerɛwnsɛm no mu asɛm kae sɛ: “Nokwasɛm ni, Mose kae sɛ, ‘Yehowa Nyankopɔn beyi odiyifo bi a ɔte sɛ me afi mo nuanom mu ama mo. Ɛsɛ sɛ nea ɔbɛka akyerɛ mo nyinaa mutie.’”—Aso. 3:11, 22, 23; monkenkan Deuteronomium 18:15, 18, 19.

7. Dɛn nti na na nkurɔfo a Petro rekasa kyerɛ wɔn no betumi ate nsɛm a ɔka faa odiyifo bi a ɔyɛ kɛse sen Mose ho no ase?

7 Ɛbɛyɛ sɛ na nkurɔfo a Petro rekasa kyerɛ wɔn no nim saa asɛm a Mose kae no. Esiane sɛ na wɔyɛ Yudafo nti, na wobu Mose paa. (Deut. 34:10) Wɔde anigye kɛse hwɛɛ odiyifo a na ɔyɛ kɛse sen Mose a na ɔreba no kwan. Ná saa odiyifo no renyɛ Mesia bi kɛkɛ, nea Onyankopɔn asra no te sɛ Mose, mmom no, na ɔbɛyɛ Mesia no, “Kristo a ofi Onyankopɔn, Nea” Yehowa ‘Apaw no no.’—Luka 23:35; Heb. 11:26.

Nneɛma a Yesu ne Mose Di Nsɛ Wom

8. Nneɛma a edi nsɛ wɔ Mose ne Yesu asetena mu no bi ne dɛn?

8 Ná Yesu asase so asetena ne Mose asetena di nsɛ wɔ nneɛma bi mu. Sɛ nhwɛso no, bere a na Mose ne Yesu nyinaa yɛ nkokoaa no, wɔde wɔn guanee sɛnea ɛbɛyɛ a sodifo otirimɔdenfo bi rennya wɔn nkum wɔn. (Ex. 1:22–2:10; Mat. 2:7-14) Bio nso, ‘wɔfrɛɛ’ wɔn baanu nyinaa ‘fii Egypt.’ Odiyifo Hosea kae sɛ: “Bere a Israel yɛ abarimaa no, na medɔ no, na Egypt na mefrɛɛ me ba fii.” (Hos. 11:1) Hosea asɛm yi twee adwene sii bere a na Mose a Onyankopɔn apaw no sɛ ɔkannifo wɔ Israel man no so dii wɔn anim fii Egypt no so. (Ex. 4:22, 23; 12:29-37) Nanso ɛnyɛ biribi a esii tete no nko na na Hosea asɛm no fa ho, mmom no, na ɛfa biribi a ebesi daakye nso ho. Ná n’asɛm no fa nkɔmhyɛ bi a enyaa mmamu bere a Yosef ne Maria de Yesu fi Egypt san baa wɔn kurom wɔ Ɔhene Herode wu akyi no ho.—Mat. 2:15, 19-23.

9. (a) Anwonwade bɛn na Mose ne Yesu yɛe? (b) Ka nneɛma foforo a Yesu ne Mose di nsɛ wom no ho asɛm. (Hwɛ adaka a ɛne  “Nneɛma Foforo a na Yesu ne Mose Di Nsɛ Wom” a ɛwɔ kratafa 26 no.)

9 Mose ne Yesu nyinaa yɛɛ anwonwade, na na ɛkyerɛ sɛ Yehowa taa wɔn akyi. Nokwarem no, Mose ne onipa a wɔaka ne ho asɛm sɛ odii kan yɛɛ anwonwade. (Ex. 4:1-9) Sɛ nhwɛso no, Mose de nsu yɛɛ anwonwade bere a ɔmaa Nil asubɔnten ne atare a ɛwowɔ ho no dan mogya, na ɔmaa Ɛpo Kɔkɔɔ no mu paee, na nsu fi abotan mu bae wɔ anhweatam no so no. (Ex. 7:19-21; 14:21; 17:5-7) Yesu nso de nsu yɛɛ anwonwade. Nsu a Yesu ma ɛdan bobesa no ne anwonwade a edi kan koraa a ɔyɛe. (Yoh. 2:1-11) Akyiri yi, ɔmaa Galilea Po a na ahum a ano yɛ den retu wɔ so no yɛɛ dinn. Na bere bi mpo ɔnantew nsu so! (Mat. 8:23-27; 14:23-25) Yebetumi ahu nneɛma foforo a Mose ne Yesu a ɔyɛ Mose Ɔkɛseɛ no di nsɛ wom wɔ  adaka a ɛwɔ kratafa 26 no mu.

Momma Yemmu Kristo sɛ Odiyifo

10. Hena ne odiyifo ankasa, na dɛn nti na na Mose yɛ bi?

10 Nnipa dodow no ara susuw sɛ odiyifo yɛ obi a ɔka nsɛm a ebesisi daakye ho asɛm, nanso ɛno yɛ odiyifo adwuma fã bi pɛ. Obi a ɔyɛ odiyifo ankasa ne obi a Onyankopɔn honhom ka no ma ɔkasa ma Yehowa, nea ɔka “Onyankopɔn nneɛma akɛse” ho asɛm. (Aso. 2:11, 16, 17) Nneɛma a ɔhyɛ ho nkɔm no bi betumi ayɛ nsɛm a ebesisi daakye, Yehowa atirimpɔw a ɔma afoforo hu, anaa Onyankopɔn atemmusɛm a ɔka. Ná Mose yɛ odiyifo a ɔte saa. Ɔhyɛɛ Ɔhaw Du a ɛbaa Egyptfo no so mu biara ho nkɔm. Mose na ɔde Mmara apam no mae wɔ Sinai bepɔw no ase. Ɔkyerɛkyerɛɛ ɔman no ma wohuu nea Onyankopɔn pɛ. Nanso, na odiyifo bi a ɔyɛ kɛse koraa sen Mose bɛba akyiri yi.

11. Dɛn na Yesu yɛe a ɛma ɔyɛ odiyifo a ɔyɛ kɛse sen Mose?

11 Akyiri yi, wɔ afeha a edi kan no mu no, Sakaria hyɛɛ nkɔm bere a ɔmaa Onyankopɔn atirimpɔw a ɛfa ne ba Yohane ho daa adi no. (Luka 1:76) Ne ba no na ɔbɛyɛɛ Yohane Osuboni a ɔkaa odiyifo a ɔyɛ kɛse sen Mose a ɔno ne Yesu Kristo a na wɔde bere tenten ahwɛ no kwan no ho asɛm no. (Yoh. 1:23-36) Sɛ́ odiyifo no, Yesu hyɛɛ nneɛma pii ho nkɔm. Sɛ nhwɛso no, ɔkaa ɔno ankasa wu ho asɛm, ɔhyɛɛ ɔkwan a na ɔbɛfa so awu, baabi a na obewu, ne wɔn a na wobekum no no ho nkɔm. (Mat. 20:17-19) Yesu hyɛɛ Yerusalem ne asɔrefie a na ɛwɔ hɔ no sɛe nso ho nkɔm ma ɛyɛɛ n’atiefo nwonwa. (Mar. 13:1, 2) Nkɔm a ɔhyɛe no fa yɛn bere yi nso ho.—Mat. 24:3-41.

12. (a) Ɔkwan bɛn so na Yesu fii asɛnka adwuma bi a wɔyɛ wɔ wiase nyinaa no ase? (b) Dɛn nti na yedi Yesu nhwɛso akyi nnɛ?

12 Odiyifo a na Yesu yɛ akyi no, na ɔsan yɛ ɔsɛnkafo ne ɔkyerɛkyerɛfo. Ɔkaa Onyankopɔn Ahenni no ho asɛmpa, na onipa biara nni hɔ a na ɔde akokoduru kasa sen Yesu. (Luka 4:16-21, 43) Ná ɔyɛ ɔkyerɛkyerɛfo a onim nkyerɛkyerɛ sen onipa biara. Wɔn a wotiee Yesu nkyerɛkyerɛ no bi kae sɛ: “Obiara nkasae saa da.” (Yoh. 7:46) Yesu de nsi na ɛkaa asɛmpa no, na ɔhyɛɛ n’akyidifo nkuran sɛ wɔmfa nsi a ɛte saa ara nka Ahenni no ho asɛm. Ɔnam saa a ɔyɛe so fii asɛnka ne ɔkyerɛkyerɛ adwuma bi a wɔreyɛ wɔ wiase nyinaa a ɛda so ara rekɔ so no ase. (Mat. 28:18-20; Aso. 5:42) Afe a etwaam no, Kristo akyidifo a wɔn dodow boro ɔpepem ason de nnɔnhwerew bɛyɛ 1,500,000,000 kaa Ahenni no ho asɛmpa, na wɔde Bible mu nokware no kyerɛkyerɛɛ nnipa a wɔn ani gye asɛmpa no ho. So wode w’ahoɔden nyinaa yɛ saa adwuma no bi?

13. Dɛn na ɛbɛboa yɛn ma ‘yɛawɛn’?

13 Akyinnye biara nni ho sɛ Yehowa dii bɔ a ɔhyɛe sɛ ɔbɛma odiyifo bi a ɔte sɛ Mose so no so. Saa asɛm yi a woahu no ka wo dɛn? So ɛno ma wunya ahotoso a emu yɛ den sɛ nkɔm ahorow a Onyankopɔn ma wɔde ne honhom hyɛe a ɛfa yɛn daakye ho no bɛbam? Nokwarem no, sɛ yedwinnwen nhwɛso a Mose Ɔkɛseɛ no yɛe ho a, ɛka yɛn ma ‘yɛwɛn na yɛn ani da hɔ’ wɔ nea Onyankopɔn bɛyɛ nnansa yi ara no ho.—1 Tes. 5:2, 6.

Momma Yemmu Kristo sɛ Ntamgyinafo

14. Dɛn na yɛde hu sɛ na Mose yɛ Israelfo no ne Onyankopɔn ntamgyinafo?

14 Ná Yesu yɛ ntamgyinafo te sɛ Mose. Ná Mose yɛ Mmara apam a Yehowa ne Israelfo yɛe no ntamgyinafo. Sɛ Yakob mma no dii Onyankopɔn mmara so a, anka wɔbɛkɔ so ayɛ Onyankopɔn agyapade titiriw a wɔyɛ n’asafo. (Ex. 19:3-8) Saa apam no yɛɛ adwuma fii afe 1513 A.Y.B. mu kosii afeha a edi kan Y.B. mu.

15. Ɔkwan bɛn so na Yesu yɛ ntamgyinafo a ɔkorɔn koraa?

15 Wɔ afe 33 Y.B. mu no, Yehowa ne Israel foforo bi, “Onyankopɔn Israel no” a ɛbɛyɛɛ wiase nyinaa asafo bi a Kristofo a wɔasra wɔn na wɔwom no yɛɛ apam bi a na ɛyɛ papa. (Gal. 6:16) Wɔ apam a na Mose yɛ ntamgyinafo no mu no, na mmara no bi yɛ mmara a Onyankopɔn akyerɛw agu ɔbo so, nanso apam a Yesu yɛ ne ntamgyinafo no korɔn koraa sen ɛno. Saa apam no de, Onyankopɔn kyerɛw mmara a ɛwom no guu nnipa koma mu. (Monkenkan 1 Timoteo 2:5; Hebrifo 8:10.) Enti, seesei “Onyankopɔn Israel no” yɛ Onyankopɔn agyapade titiriw, “ɔman a ɛbɛsow” Mesia Ahenni no “aba.” (Mat. 21:43) Nnipa a wɔwɔ saa honhom fam ɔman no mu no na wɔwɔ saa apam foforo no mu. Nanso, ɛnyɛ wɔn nkutoo na wobenya apam no so mfaso. Esiane saa apam a ɛkyɛn so no nti, nnipa pii a wonnim wɔn dodow, a wɔn a wɔawuwu seesei mpo pii ka ho no benya nhyira a ɛtena hɔ daa.

Momma Yemmu Kristo sɛ Ogyefo

16. (a) Akwan bɛn so na Yehowa nam Mose so gyee Israelfo? (b) Sɛnea Exodus 14:13 kyerɛ no, hena ankasa ne Ogyefo no?

16 Anadwo a ade rebɛkye ma Israelfo no atu afi Egypt no, na wɔn mma no bi nkwa da asiane mu paa. Ná ɛrenkyɛ na Onyankopɔn bɔfo abetwam wɔ Egypt asase so akunkum mmakan nyinaa. Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ sɛ wobegye Israelfo mmakan nkwa a, na ɛsɛ sɛ wɔde Twam guan no mogya sra wɔn apongua atifi ne wɔn apongua ho. (Ex. 12:1-13, 21-23) Na saa pɛpɛɛpɛ na esii. Akyiri yi, ɔman mũ no nyinaa nkwa baa asiane mu. Israelfo no bɛkaa Po Kɔkɔɔ no ne Egypt asraafo a na wɔde nteaseɛnam retiw wɔn no ntam. Yehowa san faa Mose so paee po no mu anwonwakwan so de gyee wɔn bio.—Ex. 14:13, 21.

17, 18. Akwan bɛn so na Yesu yɛ ogyefo kɛse sen Mose?

17 Ɛwom sɛ nneɛma akɛse na Yehowa yɛ de gyee wɔn de, nanso ogye a ɔnam Yesu so de bae no yɛ kɛse sen ɛno koraa. Yesu so na wɔnam agye wɔn a wɔyɛ osetie no afi bɔne a ɛde wɔn ayɛ nkoa no mu. (Rom. 5:12, 18) Na saa ogye no yɛ “daa ogye.” (Heb. 9:11, 12) Edin Yesu no kyerɛ “Yehowa Ne Nkwagye.” Yesu a ɔyɛ yɛn Gyefo, anaa Agyenkwa no gye yɛn fi bɔne a yɛayɛ atwam no mu, na ɔsan nso bue kwan ma yɛn sɛ yebenya daakye a anigye wom. Esiane sɛ Yesu agye n’akyidifo afi bɔne a ɛde wɔn ayɛ nkoa mu nti, ɛremma Onyankopɔn abufuw mma wɔn so, na mmom ɔma wɔne Yehowa nya abusuabɔ a ɔdɔ wom.—Mat. 1:21.

18 Wɔ bere a ɛsɛ mu no, ogye a Yesu ma yenya fi bɔne mu no bɛma yɛade yɛn ho afi nneɛma bɔne te sɛ yare ne owu mpo a ɛde ba no nso mu. Sɛ wopɛ sɛ wuhu sɛnea ɛbɛyɛ a, susuw nea esii bere a Yesu kɔɔ ɔbarima bi a wɔfrɛ no Yairo a na ne babea a wadi mfe 12 awu fie no ho hwɛ. Yesu maa Yairo awerɛhyem sɛ: “Nsuro, wo de, nya gyidi, na obenya nkwa.” (Luka 8:41, 42, 49, 50) Nea ɔkae no baa mu ampa, efisɛ ababaa no sɔre fii awufo mu! Wubetumi ahu sɛnea n’awofo ani gye fae? Ɛnde, woahu sɛnea yɛn ani begye aboro so bere a “wɔn a wɔwɔ nkae ada mu nyinaa bɛte [Yesu] nne na wɔafi adi” aba nkwa mu wɔ owusɔre no mu no. (Yoh. 5:28, 29) Nokwarem no, Yesu yɛ Agyenkwa ne yɛn Gyefo ampa!—Monkenkan Asomafo Nnwuma 5:31; Tito 1:4; Adi. 7:10.

19, 20. (a) Sɛ yedwinnwen Yesu dibea sɛ Mose Ɔkɛseɛ no ho a, ɛka yɛn dɛn? (b) Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua asɛm a edi hɔ no mu?

19 Esiane sɛ yenim sɛ yebetumi aboa nkurɔfo ma wɔanya Yesu ogye no so mfaso nti, ɛka yɛn ma yɛde yɛn ho hyɛ asɛnka ne ɔkyerɛkyerɛ adwuma no mu. (Yes. 61:1-3) Bio nso, sɛ yedwinnwen Yesu dibea sɛ Mose Ɔkɛseɛ no ho a, ɛma yenya ahotoso kɛse sɛ sɛ ɔba sɛ ɔrebebu abɔnefo atɛn a, obegye n’akyidifo.—Mat. 25:31-34, 41, 46; Adi. 7:9, 14.

20 Nokwarem no, Yesu ne Mose Ɔkɛseɛ no. Ɔyɛɛ anwonwade pii a anka Mose rentumi nyɛ da. Nsɛm a Yesu kae sɛ odiyifo ne nneɛma a ɔyɛe sɛ ntamgyinafo no ka adesamma abusua no nyinaa. Sɛ́ Ogyefo no, Yesu de daa ogye na ɛbrɛ adesamma, na ɛnyɛ bere tiaa mu ogye. Nanso, yebetumi asua pii afa Yesu ho afi mmarima anokwafo a wɔtenaa ase tete no hɔ. Yebesusuw sɛnea na Yesu yɛ Dawid Ɔkɛseɛ ne Solomon Ɔkɛseɛ no ho wɔ adesua asɛm a edi hɔ no mu.

Wubetumi Akyerɛkyerɛ Mu?

Ɔkwan bɛn so na Yesu yɛ kɛse sen Mose

• sɛ́ odiyifo?

• sɛ́ ntamgyinafo?

• sɛ́ ogyefo?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 26]

  Nneɛma Foforo A Na Yesu ne Mose Di Nsɛ Wom

◻ Esiane Yehowa ne ne nkurɔfo a na wɔn baanu nyinaa pɛ sɛ wɔsom wɔn nti, wogyaw dibea a ɛkorɔn too hɔ.—2 Kor. 8:9; Filip. 2:5-8; Heb. 11:24-26.

◻ Wɔsraa wɔn baanu nyinaa anaasɛ na wɔyɛ ‘kristo.’—Mar. 14:61, 62; Yoh. 4:25, 26; Heb. 11:26.

◻ Wɔn baanu nyinaa bae wɔ Yehowa din mu.—Ex. 3:13-16; Yoh. 5:43; 17:4, 6, 26.

◻ Ná wɔn baanu nyinaa dwo.—Num. 12:3; Mat. 11:28-30.

◻ Wɔnam Mose so maa nnipadɔm aduan; na Yesu nso yɛ nkwa paanoo a nnipadɔm dii.—Ex. 16:12; Yoh. 6:48-51.

◻ Ná wɔn baanu nyinaa yɛ atemmufo ne mmarahyɛfo.—Ex. 18:13; Mal. 4:4; Yoh. 5:22, 23; 15:10.

◻ Wɔmaa wɔn baanu nyinaa dii Onyankopɔn fie so.—Num. 12:7; Heb. 3:2-6.

◻ Wɔka wɔn baanu nyinaa ho asɛm sɛ wɔyɛ Yehowa adansefo anokwafo.—Heb. 11:24-29; 12:1; Adi. 1:5.

◻ Bere a Mose ne Yesu nyinaa wui no, Onyankopɔn na ɔfaa wɔn amu no.—Deut. 34:5, 6; Luka 24:1-3; Aso. 2:31; 1 Kor. 15:50; Yuda 9.