Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Momma Yennye Yesu Ntom Sɛ Dawid Ɔkɛseɛ Ne Solomon Ɔkɛseɛ No

Momma Yennye Yesu Ntom Sɛ Dawid Ɔkɛseɛ Ne Solomon Ɔkɛseɛ No

Momma Yennye Yesu Ntom Sɛ Dawid Ɔkɛseɛ Ne Solomon Ɔkɛseɛ No

“Hwɛ! nea ɔsen Solomon wɔ ha.”—MAT. 12:42.

1, 2. Wɔ nnipa ani so no, dɛn nti na na ɛyɛ nwonwa sɛ wɔka kyerɛɛ Samuel sɛ Dawid na ɔnsra no sɛ ɔhene?

NÁ ƆNSƐ ɔhene. Odiyifo Samuel buu no sɛ ɔyɛ abarimaa bi a ɔhwɛ nguan so ara kwa. Bio nso, na kurow a ofi so a ɛne Betlehem no nyɛ kurow titiriw biara. Wɔkaa kurow no ho asɛm sɛ “wusua koraa sɛ wɔbɛkan wo afra Yuda mpempem mu.” (Mika 5:2) Nanso, na odiyifo Samuel rebɛsra abarimaa a ɛte sɛ nea ɔnyɛ onipa titiriw biara a ofi kurow ketewaa bi so no ma wabɛyɛ Israel hene daakye.

2 Samuel ansusuw sɛ ná abarimaa Dawid a ɔyɛ Yese ba no ne obi a Yehowa apaw no sɛ ɔnyɛ ɔhene. Bere a Samuel baa ɔbarima nokwafo Yese fie sɛ ɔrebɛsra ne mmabarima no mu biako ma wabɛyɛ asase no so hene daakye no, na Dawid a ɔto Yese mmabarima no so awotwe no nni fie. Nanso na Dawid ne obi a Yehowa apaw no, na na ɛno ne ade a ehia.—1 Sam. 16:1-10.

3. (a) Sɛ Yehowa hwehwɛ onipa bi mu a, dɛn na ɛho hia no paa wɔ ne ho? (b) Bere a wɔresra Dawid no, dɛn na esii no so?

3 Yehowa huu biribi a Samuel antumi anhu. Onyankopɔn tumi huu nea ɛwɔ Dawid komam, na n’ani gyee ho. Onyankopɔn de, ɛnyɛ sɛnea obi te wɔ nipaduam na ɛho hia no; mmom no, sɛnea ɔte ankasa wɔ komam no. (Monkenkan 1 Samuel 16:7.) Enti bere a Samuel hui sɛ Yehowa ampaw Yese mmabarima mpanyimfo baason no mu biara no, ɔkae sɛ wɔnkɔfa akumaa koraa no mfi faako a ɔde nguan kɔ adidi no mmra. Kyerɛwsɛm no ka sɛ: “Enti [Yese soma ma wɔkɔfaa Dawid] bae. Ná ɔbere, na ɔyɛ aberante a n’aniwa yɛ fɛ na ne ho nso yɛ fɛ. Ɛnna Yehowa kae sɛ: ‘Sɔre sra no, na ɔno ara ni!’ Enti Samuel faa abɛn a ngo wom no, na ɔsraa no ne nuanom mu. Na Yehowa honhom sii Dawid so fi saa da no rekɔ.”—1 Sam. 16:12, 13.

Dawid Yɛɛ Kristo Ho Mfonini

4, 5. (a) Kyerɛ nneɛma a Dawid ne Yesu di nsɛ wom no bi. (b) Dɛn nti na wobetumi afrɛ Yesu sɛ Dawid Ɔkɛseɛ no?

4 Wɔwoo Yesu ne Dawid nyinaa wɔ Betlehem, na bere a wɔwoo Dawid no, bɛyɛ mfe 1,100 akyi ansa na wɔrewo Yesu. Wɔ nnipa pii ani so no, na Yesu nso nsɛ ɔhene. Nea ɛkyerɛ ne sɛ na nnipa pii a wɔwɔ Israel no nhwɛ kwan sɛ obi a ɔte saa na ɔbɛyɛ ɔhene. Nanso, na ɔno ne obi a Yehowa apaw no te sɛ nea ɔpaw Dawid no. Ná Yehowa dɔ no te sɛ nea ɔdɔɔ Dawid no. * (Luka 3:22) Yesu nso, ‘Yehowa honhom sii no so.’

5 Nneɛma foforo pii nso wɔ hɔ a Dawid ne Yesu di nsɛ wom. Sɛ nhwɛso no, Dawid fotufo Ahitofel yii no mae, na Yesu somafo Yuda Iskariot nso yii no mae. (Dw. 41:9; Yoh. 13:18) Ná Dawid ne Yesu nyinaa wɔ beae a wɔsom Yehowa ho nnamyɛ kɛse. (Dw. 27:4; 69:9; Yoh. 2:17) Yesu dii Dawid ade nso. Ansa na wɔrewo Yesu no, ɔbɔfo bi ka kyerɛɛ ne maame sɛ: “Yehowa Nyankopɔn de n’agya Dawid ahengua bɛma no.” (Luka 1:32; Mat. 1:1) Nanso, esiane sɛ Mesia no ho bɔhyɛ nyinaa bɛba mu wɔ Yesu so nti, ɔsen Dawid koraa. Yesu ne Dawid Ɔkɛseɛ, Ɔhene Mesia a wɔde bere tenteenten ahwɛ no kwan no.—Yoh. 7:42.

Momma Yenni Ɔhene a Ɔyɛ Oguanhwɛfo no Akyi

6. Dɛn na ɛmaa Dawid yɛɛ oguanhwɛfo pa?

6 Yesu nso yɛ oguanhwɛfo. Dɛn na ɛma obi yɛ oguanhwɛfo pa? Oguanhwɛfo pa ne obi a ofi nokwaredi ne akokoduru mu hwɛ ne nguan so yiye, ɔma wɔn aduan, na ɔbɔ wɔn ho ban. (Dw. 23:2-4) Bere a Dawid yɛ aberantewa no, na ɔyɛ oguanhwɛfo, na ɔhwɛɛ n’agya nguan so yiye paa. Bere a na mmoa pɛ sɛ wɔkyere nguan no bi no, ɔdaa akokoduru adi, na ɔde ne nkwa mpo too hɔ bɔɔ nguan no ho ban fii gyata ne osisi bi ho.—1 Sam. 17:34, 35.

7. (a) Dɛn na esiesiee Dawid maa adwuma a na ɔbɛyɛ sɛ ɔhene no? (b) Dɛn na Yesu yɛe de daa no adi sɛ ɔne Oguanhwɛfo Pa no?

7 Mfe a Dawid dii wɔ sare so ne mmepɔw so de hwɛɛ nguan no siesiee no maa asɛyɛde ahorow ne adwumaden a na ɔbɛyɛ de ahwɛ Israel man no so no. * (Dw. 78:70, 71) Yesu nso ada no adi sɛ ɔyɛ oguanhwɛfo a onim nguan hwɛ yiye paa. Onya ahoɔden ne akwankyerɛ fi Yehowa hɔ de hwɛ ne “nguankuw ketewa” no ne “nguan foforo” no. (Luka 12:32; Yoh. 10:16) Enti Yesu ne Oguanhwɛfo Pa no. Onim ne nguan no yiye araa ma ɔbɔ wɔn mu biara din frɛ no. Ɔdɔ ne nguan yiye paa ma enti bere a na ɔwɔ asase so no, ofi ne pɛ mu de ne ho bɔɔ afɔre maa wɔn. (Yoh. 10:3, 11, 14, 15) Sɛ́ Oguanhwɛfo Pa no, Yesu yɛ biribi a Dawid antumi anyɛ da. N’agyede afɔre no ma wotumi gyee adesamma fii owu mu. Biribiara nni hɔ a ebetumi asiw Yesu kwan a ɛremma ɔnhwɛ ne “nguankuw ketewa” no so mma wonnya nkwa a owu nnim wɔ soro, na onni ne “nguan foforo” no anim mma wɔn daa nkwa wɔ wiase foforo a trenee wom a nnipa a wɔyɛ keka te sɛ mpataku nni hɔ no mu.—Monkenkan Yohane 10:27-29.

Momma Yenni Ɔhene Nkonimdifo no Akyi

8. Dɛn nti na yebetumi aka sɛ na Dawid yɛ ɔhene nkonimdifo?

8 Sɛ́ ɔhene no, na Dawid yɛ ɔkofo kokodurufo a ɔbɔɔ Onyankopɔn nkurɔfo asase ho ban, na “Yehowa bɔɔ Dawid ho ban baabiara a ɔkɔe.” Bere a na Dawid redi hene wɔ Israel man no so no, wɔtrɛw ɔman no ahye mu fi Egypt asubɔnten ho kosii Eufrate asubɔnten ho. (2 Sam. 8:1-14) Yehowa maa Dawid ahoɔden ma ɔbɛyɛɛ sodifo a ɔwɔ tumi sen obiara. Bible ka sɛ: “Dawid ho asɛm trɛw kɔɔ nsase nyinaa so, na Yehowa maa ne ho hu tɔɔ aman nyinaa so.”—1 Be. 14:17.

9. Kyerɛkyerɛ nea enti a Yesu a na ɔyɛ Ɔhene a Wɔapaw no no yɛ nkonimdifo no mu.

9 Ná Yesu nso yɛ onipa a ɔwɔ akokoduru te sɛ Ɔhene Dawid. Sɛ́ Ɔhene a na Wɔapaw no no, Yesu kyerɛe sɛ ɔwɔ adaemone so tumi, na ogyee nkurɔfo fii adaemone nkɛntɛnso ase. (Mar. 5:2, 6-13; Luka 4:36) Satan Ɔbonsam a ɔno ne ɔtamfo kɛse no mpo nni ne so tumi. Yehowa boaa Yesu ma odii wiase a ɛda Satan tumi mu no so nkonim.—Yoh. 14:30; 16:33; 1 Yoh. 5:19.

10, 11. Dwuma bɛn na Yesu di sɛ Ɔhene Kofo wɔ ɔsoro?

10 Bɛyɛ mfe 60 wɔ Yesu wu ne ne wusɔre akyi no, ɔsomafo Yohane nyaa anisoadehu bi a na ɛfa Yesu ne dwuma a odi sɛ Ɔhene Kofo wɔ soro no ho. Na na ɛyɛ nkɔmhyɛ. Yohane kyerɛwee sɛ: “Hwɛ! ɔpɔnkɔ fitaa bi ni; na nea ɔte no so no kura agyan; na wɔmaa no abotiri, na ofii adi kodii nkonim sɛ obewie ne nkonimdi koraa.” (Adi. 6:2) Yesu ne onii a ɔte ɔpɔnkɔ fitaa no so no. “Wɔmaa no abotiri” wɔ afe 1914 mu bere a wosii no Hene wɔ ɔsoro no. Ɛno akyi no, “ofii adi kodii nkonim.” Nokwarem no, Yesu yɛ ɔhene nkonimdifo te sɛ Dawid. Bere a wɔde Yesu sii Onyankopɔn Ahenni no so Hene akyi bere tiaa bi no, odii Satan so nkonim wɔ ɔko mu, na ɔtow ɔne n’adaemone guu asase so. (Adi. 12:7-9) Ɔbɛkɔ so adi nkonim kosi sɛ “obewie ne nkonimdi koraa,” na wasɛe Satan wiase bɔne no korakora.—Monkenkan Adiyisɛm 19:11, 19-21.

11 Nanso, Yesu yɛ ɔhene a ɔwɔ ayamhyehye te sɛ Dawid, na ɔbɛbɔ “nnipakuw kɛse” no ho ban wɔ Harmagedon. (Adi. 7:9, 14) Bio nso, wɔ Yesu ne ne mfɛfo adedifo 144,000 a wɔanyan wɔn nniso ase no, “wɔn a wɔteɛ ne wɔn a wɔnteɛ bɛsɔre afi awufo mu.” (Aso. 24:15) Wɔn a wobenyan wɔn aba asase so no betumi ahwɛ kwan sɛ wɔbɛtena ase daa. Hwɛ daakye a ɛyɛ anigye ara a wobenya! Momma yɛn nyinaa nsi yɛn bo sɛ yɛbɛkɔ so ‘ayɛ papa’ sɛnea ɛbɛyɛ a yɛbɛka Dawid Ɔkɛseɛ no nkoa a wɔyɛ treneefo a wɔwɔ anigye a wɔbɛtena asase so no ho.—Dw. 37:27-29.

Wobuaa Mpae a Solomon Bɔ Hwehwɛɛ Nyansa No

12. Dɛn na Solomon bɔɔ ho mpae?

12 Dawid ba Solomon nso yɛɛ Yesu ho mfonini. * Bere a Solomon bɛyɛɛ ɔhene no, Yehowa yii ne ho adi kyerɛɛ no wɔ dae mu, na Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ biribiara a obebisa no no ɔde bɛma no. Ná anka Solomon betumi abisa ahode, tumi kɛse, anaa nkwatenten. Nanso wanyɛ pɛsɛmenkominya, na ɔsrɛɛ Yehowa sɛ: “Ma me nyansa ne nimdeɛ a mede bedi ɔman yi anim de wɔn akɔ de wɔn aba, efisɛ ɛnyɛ wo a, anka hena na obetumi abu wo man kɛse yi atɛn?” (2 Be. 1:7-10) Yehowa buaa Solomon mpae no.—Monkenkan 2 Beresosɛm 1:11, 12.

13. Dɛn nti na na Solomon nim nyansa sen onipa biara, na ɛhe na onyaa ne nyansa no fii?

13 Bere tenten a Solomon dii Yehowa nokware no, na onim nyansa sen ne bere sofo nyinaa. Solomon buu “mmɛ mpem abiɛsa.” (1 Ahe. 4:30, 32, 34) Wɔkyerɛw emu pii too hɔ, na wɔn a wɔpɛ sɛ wohu nyansa ani da so ara gye ho. Saba hemmaa twaa kwan bɛyɛ kilomita 2,400 sɛ ɔde “aborɔme” rekɔsɔ Solomon nyansa ahwɛ. Nea Solomon kae ne ahode a na ɔwɔ wɔ n’ahenni mu no maa ɔhemmaa no ho dwiriw no. (1 Ahe. 10:1-9) Bible ka baabi a Solomon nyaa ne nyansa fii no ho asɛm sɛ: “Asase so nnipa nyinaa baa Solomon anim betiee nyansa a Onyankopɔn de ahyɛ ne komam no.”—1 Ahe. 10:24.

Momma Yenni Ɔhene Nyansafo no Akyi

14. Akwan bɛn so na na Yesu yɛ “nea ɔsen Solomon”?

14 Ɛda adi pefee sɛ onipa biako pɛ na na onim nyansa sen Solomon. Ná ɔno ne Yesu Kristo a ɔkaa n’ankasa ho asɛm sɛ “nea ɔsen Solomon” no. (Mat. 12:42) Yesu kaa “daa nkwa nsɛm.” (Yoh. 6:68) Sɛ nhwɛso no, Bepɔw so Asɛnka no ma yɛte mmɛ a Solomon bui no bi ase kɔ akyiri. Solomon kaa nneɛma pii a ɛma Yehowa somfo bi nya anigye ho asɛm. (Mmeb. 3:13; 8:32, 33; 14:21; 16:20) Yesu sii so dua sɛ ade a ɛde anigye ankasa ba ne nneɛma a ɛfa Yehowa som ho ne Onyankopɔn bɔhyɛ a ɛbɛbam. Ɔkae sɛ: “Anigye ne wɔn a wonim wɔn honhom mu ahiade, efisɛ ɔsoro ahenni no yɛ wɔn dea.” (Mat. 5:3) Wɔn a wɔde Yesu nkyerɛkyerɛ no mu nsɛm bɔ wɔn bra no tumi bɛn Yehowa a ɔne “nkwa nsuti” no. (Dw. 36:9; Mmeb. 22:11; Mat. 5:8) Kristo yɛ “Onyankopɔn nyansa.” (1 Kor. 1:24, 30) Yesu Kristo a ɔyɛ Ɔhene Mesia no wɔ “nyansa . . . honhom.”—Yes. 11:2.

15. Yɛbɛyɛ dɛn atumi anya Onyankopɔn nyansa so mfaso?

15 Dɛn na yɛn a yɛyɛ Solomon Ɔkɛseɛ no akyidifo betumi ayɛ na ama yɛanya Onyankopɔn nyansa so mfaso? Esiane sɛ wɔaka Yehowa nyansa ho asɛm wɔ n’Asɛm mu nti, ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho hwehwɛ denam ntoboase a yɛde besua Bible no so, titiriw Yesu nsɛm a ɛwom no, na yedwinnwen nea yɛkenkan no ho. (Mmeb. 2:1-5) Bio nso, ɛho hia sɛ yɛkɔ so bisa nyansa fi Onyankopɔn hɔ. Onyankopɔn Asɛm ma yɛn awerɛhyem sɛ wobebua mpae a yefi nyansam bɔ de hwehwɛ mmoa no. (Yak. 1:5) Honhom kronkron bɛboa yɛn ma yɛanya nyansa a ɛsom bo a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu a ebetumi aboa yɛn ma yɛagyina ɔhaw ano, na ama yɛasisi gyinae pa nso. (Luka 11:13) Ná wɔsan nso frɛ Solomon sɛ “ɔsɛnkafo” a ‘ɔkyerɛkyerɛɛ ɔman no daa ma wonyaa nimdeɛ.’ (Ɔsɛnk. 12:9, 10) Yesu a ɔyɛ Kristofo asafo no Ti no nso kasa kyerɛ ne nkurɔfo. (Yoh. 10:16; Kol. 1:18) Enti ɛsɛ sɛ yɛkɔ asafo nhyiam, baabi a ‘wɔkyerɛkyerɛ yɛn daa’ no.

16. Dɛn na Solomon ne Yesu di nsɛ wom?

16 Ɔhene Solomon yɛɛ nneɛma pii. Ɔboaboaa ɔman no mu nnipa ano ma wosisii adan, hwɛ ma wosisii ahemfie, yiyii akwan, twitwaa nsuka, sisii adekora nkurow, nteaseɛnam nkurow, ne apɔnkɔsotefo nkurow. (1 Ahe. 9:17-19) Nnipa a na wɔwɔ n’ahenni no mu nyinaa nyaa n’adansi no so mfaso. Yesu nso yɛ ɔdansifo. Osii n’asafo wɔ “ɔbotan” no so. (Mat. 16:18) Ɔbɛhwɛ adan a wobesisi wɔ wiase foforo no mu nso so.—Yes. 65:21, 22.

Momma Yenni Asomdwoe Hene no Akyi

17. (a) Dɛn ne ade a na ɛda nsow wɔ Solomon nniso no mu? (b) Dɛn na Solomon antumi anyɛ?

17 Edin Solomon fi asɛmfua a ɛkyerɛ “asomdwoe” mu. Ɔhene Solomon tenaa Yerusalem dii hene. Nea Yerusalem kyerɛ ne “Asomdwoe a Ɛbɔ Ho Abien Tenabea.” Israel man no nyaa asomdwoe a ɛso bi nni wɔ mfe 40 a Solomon dii hene no mu. Bible ka saa bere no ho asɛm sɛ: “Solomon nna nyinaa mu no, Yuda ne Israel tenaa hɔ dwoodwoo, obiara tenaa ne bobe ne ne borɔdɔma ase, efi Dan kosi Beer-Seba.” (1 Ahe. 4:25) Nanso Solomon nyansa nyinaa akyi no, wantumi annye ne manfo amfi yare, bɔne, ne owu a na akyekyere wɔn no mu. Na Solomon Ɔkɛseɛ no de, obegye ne nkoa afi eyinom nyinaa mu.—Monkenkan Romafo 8:19-21.

18. Nhyira bɛn na yenya wɔ Kristofo asafo no mu?

18 Seesei mpo, yɛwɔ asomdwoe wɔ Kristofo asafo no mu. Nokwarem no, yɛwɔ honhom fam paradise ankasa mu. Asomdwoe wɔ yɛne Onyankopɔn ne yɛn mfɛfo nnipa ntam. Hyɛ nkɔm a Yesaia hyɛ faa nhyira a yɛrenya no nnɛ ho no nsow. Ɔhyɛɛ nkɔm sɛ: “Wɔde wɔn nkrante bɛyɛ nsɔw na wɔde wɔn mpeaw ayɛ kantankrankyi. Ɔman bi rentwe nkrante wɔ ɔman bi so, na wɔrensua akodi bio.” (Yes. 2:3, 4) Sɛ yɛma Onyankopɔn honhom kyerɛ yɛn kwan a, yɛboa ma asomdwoe kɔ so tena yɛn ntam.

19, 20. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yedi ahurusi?

19 Nanso, nea ɛbɛba daakye no bɛyɛ papa asen eyi mpo. Sɛ nnipa a wɔyɛ osetie nya asomdwoe a ɛso bi nni wɔ Yesu nniso ase a, wɔde nkakrankakra “benya ahofadi afi ɔporɔw nkoasom mu” kosi sɛ wɔbɛyɛ pɛ. (Rom. 8:21) Sɛ wodi nkonim wɔ sɔhwɛ a etwa to wɔ Mfirihyia Apem Nniso no awiei mu a, “ahobrɛasefo benya asase no adi, na wɔagye wɔn ani asomdwoe bebree mu.” (Dw. 37:11; Adi. 20:7-10) Nokwarem no, yɛrentumi mfa yɛn adwene mmu sɛnea Kristo Yesu nniso no bɛsen Solomon de no seesei!

20 Sɛnea Israelfo dii ahurusi wɔ Mose, Dawid, ne Solomon akanni ase no, saa ara na yɛn nso yebedi ahurusi kɛse mpo wɔ Kristo nniso ase. (1 Ahe. 8:66) Yɛda Yehowa ase paa sɛ ɔde ne Ba a ɔwoo no koro a ɔyɛ Mose Ɔkɛseɛ, Dawid Ɔkɛseɛ, ne Solomon Ɔkɛseɛ no ama yɛn!

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 4 Ɛbɛyɛ sɛ edin Dawid asekyerɛ ne “Ɔdɔfo.” Bere a na wɔrebɔ Yesu asu ne n’ahosakra mu no, Yehowa fi soro frɛɛ Yesu sɛ “me Ba, nea medɔ no.”—Mat. 3:17; 17:5.

^ nky. 7 Dawid bɛyɛɛ te sɛ oguammaa a ɔwɔ ne hwɛfo mu ahotoso. Ɔde ne ho too Yehowa a ɔne Oguanhwɛfo Kɛseɛ no so ma ɔbɔɔ ne ho ban maa no akwankyerɛ. Dawid de ahotoso a emu yɛ den kae sɛ: “Yehowa ne me Hwɛfo. Hwee renhia me.” (Dw. 23:1) Yohane Osuboni no kae sɛ Yesu ne “Onyankopɔn Guammaa” no.—Yoh. 1:29.

^ nky. 12 Anwonwasɛm ne sɛ na wɔsan frɛ Solomon Yedidia, a ɛkyerɛ “Yah Dɔfo.”—2 Sam. 12:24, 25.

Wubetumi Akyerɛkyerɛ Mu?

• Dɛn na ɛma Yesu yɛ Dawid Ɔkɛseɛ?

• Dɛn na ɛma Yesu yɛ Solomon Ɔkɛseɛ?

• Dɛn nti na wubu Dawid Ɔkɛseɛ a ɔsan yɛ Solomon Ɔkɛseɛ no sɛ ɔsom bo?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 31]

Nyansa a Onyankopɔn de maa Solomon no yɛɛ Solomon Ɔkɛseɛ no nyansa ho mfonini

[Mfonini wɔ kratafa 32]

Yɛrentumi mfa yɛn adwene mmu sɛnea Yesu nniso no bɛsen Solomon ne Dawid de no seesei!