Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Wokae?

So Wokae?

So Wokae?

So w’ani agye Ɔwɛn-Aban a aba nnansa yi akenkan ho? Hwɛ sɛ wubetumi abua nsɛmmisa a edidi so yi anaa:

• Dɛn nti na ɛho hia paa sɛ yekura yɛn mũdi mu sɛ Kristofo?

Sɛ yekura yɛn mũdi mu a, ɛma yɛda no adi sɛ ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa nti na yɛbrɛ yɛn ho ase hyɛ ne tumidi ase, na yɛma Satan yɛ ɔtorofo. Bio nso, sɛ yekura yɛn mũdi mu a, ɛma Onyankopɔn nya biribi a obegyina so abu yɛn atɛn, ma enti ɛho hia na ama yɛanya daakye ho anidaso.—12/15, kratafa 4-6.

• Abodin ahorow a ɛma yehu dwuma a Yesu di wɔ Onyankopɔn atirimpɔw mu no bi ne dɛn?

Ebi ne Ɔba a ɔwoo no koro. Asɛm no. Amen no. Apam foforo no Ntamgyinafo. Ɔsɔfo Panyin. Aseni a wɔhyɛɛ no ho bɔ no.—12/15, kratafa 15.

• Dɛn nti na ɛho hia sɛ Elia maa ne somfo no hwɛɛ po fam bere a ɔno odiyifo no bɔɔ mpae sɛ osu ntɔ no? (1 Ahe. 18:43-45)

Elia kyerɛe sɛ ɔte sɛnea nsu di kyinhyia no ase. Ná omununkum a aboaboa ano wɔ ɛpo no so no bɛbɔ afa asase no so, na na ebetumi ama osu atɔ.—4/1, kratafa 21-22.

• Yɛbɛyɛ dɛn atumi anya anigye pii wɔ asɛnka adwuma no mu?

Yebetumi asiesie yɛn koma, na yɛde yɛn adwene asi sɛnea yebetumi aboa afoforo no so. Yebetumi de ayɛ yɛn botae sɛ bere a yɛreka asɛm no yebefi Bible adesua ase. Sɛ nkurɔfo ankyerɛ asɛm no ho anigye a, yebetumi asakra ɔkwan a yɛfa so ka asɛm no mu, na yɛaka biribi a wɔn a wɔwɔ yɛn asasesin mu no ani gye ho.—1/15, kratafa 8-10.

• Dɛn nti na ɛsɛ sɛ nokware Kristofo nyinaa ma ahotew ho hia wɔn paa?

Odiyifo Yesaia kaa anisoadehu bi a onyae a na abɔfo reka sɛ Ɔbɔadeɛ no yɛ “Kronkron, kronkron, kronkron” no ho asɛm. (Yes. 6:3) Eyi si so dua sɛ Onyankopɔn yɛ kronkron na ne ho tew korakora. Ɛno nti, Onyankopɔn hwehwɛ sɛ n’asomfo nyinaa yɛ kronkron na wɔn ho tew. Ɔka kyerɛ wɔn sɛ: “Monyɛ kronkron, efisɛ meyɛ kronkron.” (1 Pet. 1:16)—1/1, kratafa 26.

• Ɛsɛ sɛ Bible nkyerɛkyerɛ ka Kristoni bi su ne ne nneyɛe wɔ ayiyɛ ho dɛn?

Ɛwom sɛ ebia Kristoni bi bedi n’adɔfo wu ho awerɛhow de, nanso onim sɛ awufo nnim biribiara. Sɛ wɔn a wɔnyɛ gyidifo mpo kasa tia no a, ɔmfa ne ho nhyehyɛ amanne biara a ɛkyerɛ sɛ awufo betumi aboa ateasefo anaasɛ wɔahaw wɔn no mu. Kristofo binom kyerɛw sɛnea wɔpɛ sɛ wɔyɛ wɔn ayi ho asɛm to hɔ na ankɔfa ɔhaw biara amma.—2/15, kratafa 29-31.

• Ɔkwan bɛn so na Yehowa gye tumi fi n’asomfo hɔ?

Esiane sɛ wɔbɔɔ yɛn wɔ Onyankopɔn suban so nti, wɔama yɛn Onyankopɔn su ahorow a ebi ne tumi no bi. (Genesis 1:27) Sɛ yɛn ani sɔ nea yɛn Bɔfo no ayɛ ama yɛn no ampa a, ɛbɛka yɛn ma yɛde yɛn tumi ne yɛn ahoɔden ahyɛ no anuonyam na yɛadi no ni. Sɛ́ anka yɛde yɛn ahoɔden bɛyɛ adwuma a yɛn nkutoo benya so mfaso no, yehu sɛ ɛfata sɛ yɛde yɛn ahoɔden nyinaa som Yehowa Nyankopɔn. (Mar. 12:30)—1/1, kratafa 27.

• So “Yasar nhoma” ne “Yehowa Akodi nhoma” no yɛ nhoma a ɛka Bible ho a ayera? (Yos. 10:13; Num. 21:14)

Dabi. Ɛte sɛ nea na ɛyɛ nhoma a ɛnyɛ Onyankopɔn honhom na wɔde kyerɛwee a na ɛwɔ hɔ a Bible akyerɛwfo no twee adwene sii so wɔ bere a na wɔrekyerɛw Bible no mu.—3/15, kratafa 32.

• Nneɛma bɛn na agya pa hu sɛ ne mma hia?

Nneɛma a mmofra hia no bi ne: (1) ɔdɔ, (2) nhwɛso pa, (3) abusua a anigye wom, (4) Onyankopɔn ho ade a wɔbɛkyerɛkyerɛ wɔn, (5) nteɛso, ne (6) ahobammɔ.—1/1, kratafa 11-13.