Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ɛhe na Ɛsɛ sɛ Woma Awiei no Bɛto Wo?

Ɛhe na Ɛsɛ sɛ Woma Awiei no Bɛto Wo?

Ɛhe na Ɛsɛ sɛ Woma Awiei no Bɛto Wo?

SƐ Yehowa de nneɛma nhyehyɛe bɔne a ɛwɔ hɔ yi ba awiei wɔ Harmagedon a, dɛn na ɛbɛba treneefo so? Mmebusɛm 2:21, 22 bua sɛ: “Treneefo na wɔbɛtena asase so, na wɔn a asɛm nni wɔn ho na wɔbɛka so. Abɔnefo de, wobetwa wɔn afi asase so; na nkontompofo nso, wobeyi wɔn afi so.”

Nanso, ɛbɛyɛ dɛn na wɔn a asɛm nni wɔn ho no aka asase so? So wobenya baabi aguan akɔ? Ɛhe na ɛsɛ sɛ treneefo ma awiei no bɛto wɔn? Nkwagye anan bi a wɔaka ho asɛm wɔ Kyerɛwnsɛm mu no kyerɛkyerɛ saa nsɛm yi mu.

Bere a na Beae Ho Hia

Yɛkenkan sɛnea wogyee tete agyanom Noa ne Lot ho asɛm wɔ 2 Petro 2:5-7 sɛ: “[Onyankopɔn amma] tete wiase no amfa wɔn ho anni, na ɔkoraa Noa a ɔyɛ trenee sɛnkafo no ne nnipa baason so bere a ɔde nsuyiri bɛsɛee amumɔyɛfo wiase no; na sɛ obuu Sodom ne Gomora fɔ bere a ɔmaa nkurow no danee nsõ, ma ɛbɛyɛɛ sɛnnahɔ maa amumɔyɛfo huu nea ɛbɛba; na sɛ ogyee ɔtreneeni Lot a mmaratofo no ahohwibra maa ne ho hiahiaa no no.”

Ɛyɛɛ dɛn na Noa nyaa nkwa wɔ Nsuyiri no mu? Onyankopɔn ka kyerɛɛ Noa sɛ: “Ɔhonam nyinaa awiei abedu m’anim, efisɛ wɔama amumɔyɛ ahyɛ asase so mã; enti mɛsɛe wɔn aka asase no ho. Fa gofer dua yɛ adaka.” (Gen. 6:13, 14) Noa yɛɛ adaka no sɛnea na Yehowa aka akyerɛ no no pɛpɛɛpɛ. Bere a aka nnanson ma nsuyiri no aba no, Yehowa ka kyerɛɛ Noa sɛ ɔmmoaboa mmoa no ano nkɔ adaka no mu, na ɔne n’abusua nyinaa nso nkɔ mu. Ɛda a ɛto so ason no, wɔtoo adaka no pon mu, “na osu tɔɔ asase so adaduanan, awia ne anadwo.” (Gen. 7:1-4, 11, 12, 16) “Wɔkoraa” Noa ne n’abusua so “faa nsu no mu.” (1 Pet. 3:20) Ná wɔn nkwagye gyina adaka no a wɔbɛkɔ mu no so. Ná baabiara nni asase so a wobetumi anya ahobammɔ.—Gen. 7:19, 20.

Wɔ Lot fam no, ɛsono akwankyerɛ a wɔde maa no. Abɔfo baanu kyerɛɛ no baabi a na ɛnsɛ sɛ ɔtena. Abɔfo baanu no ka kyerɛɛ Lot sɛ: “Wo busuani biara a ɔwɔ kurow yi [Sodom] mu no, yi [no] fi ha! Na yɛrebɛsɛe ha.” Ná ɛsɛ sɛ ‘woguan kɔ bepɔw so.’—Gen. 19:12, 13, 17.

Noa ne Lot asɛm no ma yehu sɛ “Yehowa nim sɛnea obegye wɔn a woyi wɔn yam som no no afi sɔhwɛ mu na wakora wɔn a wɔyɛ nea ɛnteɛ no so ama atemmu da.” (2 Pet. 2:9) Wɔ nkwagye abien a yɛaka ho asɛm yi nyinaa mu no, na nnipa no nkwagye gyina baabi a wɔwɔ so. Ná ɛsɛ sɛ Noa adaka no mu; ná ɛsɛ sɛ Lot fi Sodom. Nanso, so saa kwan yi na wɔfa so gye nkwa bere nyinaa? So Yehowa betumi agye treneefo nkwa ɛmfa ho baabiara a wɔwɔ, a ɛho nhia sɛ wofi baabi a wɔwɔ kɔ beae foforo? Nea ɛbɛyɛ na yɛanya mmuae no, momma yensusuw nkwagye foforo abien nso ho nhwɛ.

So Beae Ho Hia Bere Nyinaa?

Ansa na Yehowa de ɔhaw a ɛto so du no reba Egyptfo so wɔ Mose bere so no, Yehowa ka kyerɛɛ Israelfo no sɛ wɔmfa Twam guammaa no mogya nsrasra wɔn afie apongua atifi ne apongua ho. Dɛn nti na na ɛsɛ sɛ wɔyɛ saa? Sɛnea ɛbɛyɛ a ‘sɛ Yehowa fa ɔman no mu kunkum Egyptfo no na ohu mogya a ɛwɔ apongua abien no ho ne n’atifi a, Yehowa betwam afa ɔpon no ho na ɔremma ɔsɛe biara mma wɔn fie no so.’ Saa anadwo no ara “Yehowa kum Egypt asase no so abakan biara, efi Farao a ɔte n’agua so no abakan so kosi dommum a ɔda afiase abakan so. Okum aboa biara abakan nso.” Wogyee Israelfo mmakan nkwa a wɔn mu biara amfi baabi a na ɔwɔ no ankɔ beae foforo.—Ex. 12:22, 23, 29.

Susuw aguaman Rahab a na ɔte Yeriko kurow mu no nso asɛm no ho hwɛ. Ná Israelfo no rebɛko afa Bɔhyɛ Asase no. Bere a Rahab hui sɛ wɔbɛsɛe Yeriko no, ɔka kyerɛɛ Israelfo akwansrafo baanu no sɛ Israelfo a na wɔreba no ho hu atɔ kurow no mufo so. Ɔde akwansrafo no siei, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnka no ntam sɛ sɛ wɔsɛe Yeriko a, wobegye ɔne n’abusua nyinaa nkwa. Akwansrafo no ka kyerɛɛ Rahab sɛ ɔmmoaboa n’abusuafo ano wɔ ne fie a na esi kurow no fasu so no mu. Sɛ na obi fi fie hɔ a, na wɔbɛsɛe no aka kurow no mufo ho. (Yos. 2:8-13, 15, 18, 19) Nanso akyiri yi, Yehowa ka kyerɛɛ Yosua sɛ “kurow no fasu nyinaa bedwiriw agu.” (Yos. 6:5) Afei de, na ɛte sɛ nea baabi a akwansrafo no akyerɛ sɛ wobenya ahobammɔ no aba asiane mu. Ná ɔkwan bɛn na wɔbɛfa so agye Rahab ne ne fiefo nkwa?

Bere a edui sɛ Israelfo no bɛko afa Yeriko no, wɔteɛteɛɛm, na wɔhyɛn mmɛn no. Yosua 6:20 ka sɛ: “Bere a [Israel man] no tee abɛn no a wɔteɛɛm denneennen no, ɔfasu no dwiriw guu fam.” Bere a ɔfasu no fii ase sɛ ɛredwiriw agu no, na onipa biara ntumi nyɛ ho hwee. Nanso, anwonwasɛm ne sɛ bere a kurow no fasu no dwiriw koduu baabi a Rahab fie no si no, egyaee. Yosua ka kyerɛɛ akwansrafo baanu no sɛ: “Monkɔ ɔbea aguaman no fie nkɔfa ɔne wɔn a wɔka ne ho nyinaa mmra, sɛnea mokaa no ntam no.” (Yos. 6:22) Wogyee wɔn a na wɔwɔ Rahab fie hɔ nyinaa nkwa.

Dɛn na na Ɛho Hia Paa?

Dɛn na yebetumi asua afi ogye a Noa, Lot, Israelfo a na wɔwɔ Mose bere so ne Rahab nyae no mu? Ɔkwan bɛn so na kyerɛwtohɔ ahorow yi boa yɛn ma yehu baabi a ɛsɛ sɛ yɛma nneɛma nhyehyɛe bɔne no awiei bɛto yɛn?

Ɛyɛ nokware sɛ Noa nyaa nkwagye wɔ adaka no mu. Nanso, dɛn na ɛma ɔkɔɔ adaka no mu? So ɛnyɛ gyidi a onyae ne osetie a ɔyɛe ntia? Bible ka sɛ: “Noa yɛɛ nea Onyankopɔn hyɛɛ no nyinaa. Saa pɛpɛɛpɛ na ɔyɛe.” (Gen. 6:22; Heb. 11:7) Na yɛn nso ɛ? So yɛreyɛ nea Onyankopɔn aka sɛ yɛnyɛ nyinaa? Ná Noa yɛ “trenee sɛnkafo” nso. (2 Pet. 2:5) So yɛde nsi yɛ asɛnka adwuma no te sɛ Noa ɛmfa ho mpo sɛ nnipa a wɔwɔ yɛn asasesin mu mpɛ sɛ wotie no?

Lot guan fii Sodom de nyaa ne ti didii mu. Nea ɛma wogyee no nkwa ne sɛ na ɔteɛ wɔ Onyankopɔn ani so, na mmaratofo a wɔwɔ Sodom ne Gomora no ahohwibra no maa ne ho hiahiaa no kɛse. So ahohwibra a abu so nnɛ no ma yɛn ho hiahia yɛn ankasa? Anaasɛ yɛahu araa ma ɛnhaw yɛn bio? So yɛreyɛ nea yebetumi nyinaa sɛ yɛremma “nkekae ne dɛm biara” mma yɛn ho “wɔ asomdwoe mu”?—2 Pet. 3:14.

Ná ɛsɛ sɛ Israelfo a wɔwɔ Egypt no ne Rahab a na ɔwɔ Yeriko no kɔ so tena wɔn fie na ama wɔagye wɔn nkwa. Ná eyi hwehwɛ sɛ wonya gyidi na wɔyɛ osetie. (Heb. 11:28, 30, 31) Wode, hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ na Israelfo abusua biara bɛkɔ so de wɔn ani ahwɛ wɔn abakan bere a “osu kɛse” baa Egyptfo fie biara mu no. (Ex. 12:30) Wode, hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ na Rahab bɛka n’abusua no aboa ano bere a ɔtee sɛ Yeriko afasu no redwiriw bɛn wɔn fie no. Ná ɛsɛ sɛ Rahab nya gyidi a emu yɛ den na ama wakɔ so ayɛ osetie atena ofie hɔ.

Satan wiase bɔne no bɛba awiei nnansa yi ara. Ɔkwan a Yehowa bɛfa so abɔ ne nkurɔfo ho ban wɔ ‘n’abufuw da’ a ɛyɛ hu mu no de, yennim seesei. (Sef. 2:3) Nanso, ɛmfa ho baabiara a ɛbɛto yɛn ne tebea a ɛbɛto yɛn wom saa bere no, yebetumi anya ahotoso sɛ nkwa a yebenya no begyina Yehowa mu gyidi a yɛwɔ ne osetie a yɛyɛ ma no no so. Enkosi saa bere no, ɛsɛ sɛ yenya nea Yesaia kaa ho asɛm wɔ ne nkɔmhyɛ mu sɛ yɛn “mpia mu” no ho adwempa.

“Monkɔ Mo Mpia Mu”

Yesaia 26:20 ka sɛ: “Me man, monkɔ mo mpia mu na monto mu. Momfa mo ho nsie kakra nkosi sɛ abufuhyew no betwam.” Ɛbɛyɛ sɛ saa nkɔmhyɛ yi nyaa mmamu a edi kan wɔ afe 539 A.Y.B. mu, bere a Mediafo ne Persiafo dii Babilon so nkonim no. Ɛbɛyɛ sɛ bere a Persiani Kores kɔɔ Babilon no, ɔhyɛe sɛ obiara ntena ne fie efisɛ na waka akyerɛ n’asraafo sɛ wonkum obiara a wobehu no wɔ abɔnten so.

Wɔ yɛn bere yi so no, “mpia mu” a nkɔmhyɛ yi ka ho asɛm no betumi akyerɛ Yehowa Adansefo asafo ahorow bɛboro 100,000 a ɛwɔ wiase nyinaa no. Asafo ahorow a ɛte saa no boa yɛn paa wɔ yɛn asetena mu. Na ɛbɛkɔ so aboa yɛn wɔ “ahohiahia kɛse no” mu nso. (Adi. 7:14) Wɔaka akyerɛ Onyankopɔn nkurɔfo sɛ wɔnkɔ wɔn “mpia mu,” na wɔmfa wɔn ho nsie “nkosi sɛ abufuhyew no betwam.” Ɛho hia sɛ yenya asafo no ho adwempa bere nyinaa, na yesi yɛn bo denneennen sɛ yɛbɛkɔ so atena mu yiye. Yebetumi atie Paulo afotu yi yiye. Ɔkae sɛ: “Momma yensusuw yɛn ho yɛn ho ho, nkanyan yɛn ho yɛn ho nkɔ ɔdɔ ne nnwuma pa mu, na mommma yɛnnkwati sɛ yɛne yɛn ho behyiam sɛnea ayɛ ebinom su no, na mmom yɛnhyehyɛ yɛn ho nkuran, titiriw bere a [yehu] sɛ ɛda no rebɛn no.”—Heb. 10:24, 25.

[Mfonini wɔ kratafa 7]

Dɛn na yebetumi asua afi nea Onyankopɔn yɛ de gyee nkwa tete no mu?

[Mfonini wɔ kratafa 8]

Dɛn na “mpia mu” no betumi akyerɛ wɔ yɛn bere yi so?