Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Kommyɛ Wɔ Ne Bere”

“Kommyɛ Wɔ Ne Bere”

“Kommyɛ Wɔ Ne Bere”

ƐBƐ bi a wɔkyerɛ sɛ Apuei famfo bu ka sɛ: “Kasa yɛ dwetɛ, na kommyɛ yɛ sika kɔkɔɔ.” Sɛnea nhoma bi a ɛka atetesɛm kyerɛ no, wobu ɛbɛ koro yi ara wɔ Hebri kasa mu sɛ: “Sɛ asɛmfua biako som bo dwetɛbona biako a, kommyɛ som bo nnwetɛbona abien.” (Brewer’s Dictionary of Phrase and Fable) Tete Israel hene Solomon nyansafo no kyerɛwee sɛ: “Biribiara wɔ ne bere a wɔahyɛ ato hɔ, ade biara wɔ ne bere ɔsoro ase . . . kommyɛ wɔ ne bere, na ɔkasa nso wɔ ne bere.”—Ɔsɛnk. 3:1, 7.

Nanso, bere bɛn na ɛyɛ papa sɛ yɛbɛyɛ komm sen sɛ yɛbɛkasa? Nsɛmfua a ɛne “komm” ne “kommyɛ” pue bɛboro mpɛn ɔha wɔ Bible mu. Sɛnea wɔde saa nsɛmfua yi di dwuma no ma yehu sɛ, anyɛ yiye koraa no, ɛfata sɛ nneɛma abiɛsa bi nti yɛyɛ komm wɔ yɛn asetena mu. Ma yɛnhwɛ sɛnea komm a yɛbɛyɛ kyerɛ sɛ yebu ade, yɛwɔ nyansa ne nhumu, na ɛboa ma yedwinnwen nsɛm ho.

Ɛkyerɛ sɛ Yebu Ade

Sɛ obi yɛ komm a ɛkyerɛ sɛ obu ade anaasɛ odi afoforo ni. Odiyifo Habakuk kae sɛ: “Yehowa wɔ n’asɔrefie kronkron no mu. Asase nyinaa nyɛ komm wɔ n’anim!” (Hab. 2:20) Ɛsɛ sɛ nokware asomfo ‘yɛ komm twɛn Yehowa nkwagye.’ (Kwa. 3:26) Odwontofo no too dwom sɛ: “Yɛ komm ma Yehowa, na tɔ wo bo ase twɛn no. Mma wo bo mmfuw, nea ne kwan asi no yiye nti.”—Dw. 37:7.

So yebetumi ayi Yehowa ayɛ a yɛrenkasa? Sɛ ɛtɔ mmere bi na yɛhwɛ sɛnea abɔde yɛ fɛ a, so ɛmma yɛn ho nnwiriw yɛn a yenhu nea yɛnka mpo? Sɛ yedwinnwen nneɛma akɛse a ɛte saa ho a, so ɛnyɛ ɔkwan a yɛfa so yi Ɔbɔadeɛ no ayɛ wɔ yɛn komam? Odwontofo Dawid fii ne dwom biako ase sɛ: “O Onyankopɔn a wowɔ Sion, wo na ayeyi ne kommyɛ yɛ wo dea; wo na wobetua bɔhyɛ ade ama wo.”—Dw. 65:1.

Sɛnea ɛfata sɛ yebu Yehowa no, saa ara na ɛfata nso sɛ yenya obu ma ne nsɛm. Sɛ nhwɛso no, bere a Onyankopɔn diyifo Mose ne Israel man no redi nkra no, Mose ne asɔfo no tuu wɔn a na wɔahyiam no nyinaa fo sɛ: “Monyɛ komm . . . , muntie Yehowa mo Nyankopɔn asɛm.” Sɛ na Israel man no hyiam ma wɔkenkan Onyankopɔn Mmara kyerɛ wɔn a, na wɔhwehwɛ sɛ Israelfo mma nkumaa mpo yɛ komm tie asɛm. Mose kae sɛ: “Mommoaboa ɔman no nyinaa ano, mmarima ne mmea ne mmofra . . . na wonsua.”—Deut. 27:9, 10; 31:11, 12.

Hwɛ sɛnea ɛfata sɛ Yehowa asomfo a wɔwɔ hɔ nnɛ de obu tie akwankyerɛ a wɔde ma wɔ Kristofo nhyiam nketewa ne akɛse ase! Sɛ wɔrekyerɛkyerɛ Bible mu nokware a ɛho hia wɔ asɛnka agua so, na sɛ yɛne afoforo bɔ nkɔmmɔ a ɛho nhia a, so ɛno bɛkyerɛ sɛ yɛwɔ obu ma Onyankopɔn Asɛm ne Onyankopɔn ahyehyɛde no? Sɛ dwumadi no rekɔ so a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ komm na yetie asɛm no.

Sɛ yɛne afoforo rebɔ nkɔmmɔ mpo na sɛ yɛyɛ aso tie wɔn a, ɛkyerɛ sɛ yebu ade. Sɛ nhwɛso no, tete agya Hiob ka kyerɛɛ wɔn a na wɔrebɔ no sobo no sɛ: “Monkyerɛkyerɛ me, na me de, mɛyɛ komm.” Ná Hiob pɛ sɛ ɔyɛ komm tie wɔn bere a wɔrekasa no. Na bere a eduu Hiob so sɛ ɔkasa no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monyɛ komm wɔ m’anim, na menkasa.”—Hiob 6:24; 13:13.

Ɛkyerɛ sɛ Yɛwɔ Nyansa ne Nhumu

Bible ka sɛ: “Nea osianka n’ano no yɛ ɔbadwemma.” “Nea ɔyɛ ɔbadwemma no yɛ dinn.” (Mmeb. 10:19; 11:12) Hwɛ sɛnea ɛyɛ fɛ sɛ Yesu yɛɛ komm de kyerɛe sɛ ɔwɔ nyansa ne nhumu. “Yesu yɛɛ dinn” bere a ohui sɛ mfaso biara remma asɛm a na ɔbɛka akyerɛ n’atamfo a na wɔreka nsɛmmɔne gu no so so no. (Mat. 26:63) Akyiri yi, bere a na wɔredi Yesu asɛm wɔ Pilato anim no, “wanyi ano.” Ofi nyansam maa nneɛma a na wayɛ wɔ baguam no dii ne ho adanse.—Mat. 27:11-14.

Nyansa wom sɛ yɛn nso yɛbɛhwɛ yɛn ano yiye, titiriw bere a afoforo hyɛ yɛn abufuw no. Wobu bɛ bi sɛ: “Nea ne bo kyɛ fuw no nhumu dɔɔso, na nea ɔpere ne ho no ani gye nkwaseasɛm ho.” (Mmeb. 14:29) Sɛ afoforo yɛ biribi ma ɛhaw yɛn na yɛpere yɛn ho kasa a, ebetumi ama yɛaka asɛm bi a ɛmfata a ɛbɛma yɛanu yɛn ho akyiri yi. Wɔ bere a ɛte saa mu no, sɛ yɛkasa a, yɛrenka nyansasɛm, na ebetumi ahaw yɛn adwene.

Sɛ yɛwɔ nnipa abɔnefo mu a, nyansa wom sɛ yɛbɛhwɛ yɛn ano yiye. Sɛ nkurɔfo di yɛn ho fɛw wɔ asɛnka mu a, ɔkwampa a yebetumi afa so abua wɔn ne sɛ yɛbɛyɛ komm. Bio nso, sɛ yɛn mfɛfo sukuufo anaa adwumayɛfo ka aseresɛm a ɛmfata anaa kasafĩ a, so ɛrenyɛ nea nyansa wom sɛ ɛtɔ mmere bi a yɛbɛyɛ komm de akyerɛ sɛ yɛn ani nnye nea wɔreyɛ no ho? (Efe. 5:3) Odwontofo no kyerɛwee sɛ: “Mɛkyekyere m’ano, bere a ɔdebɔneyɛfo wɔ m’anim yi.”—Dw. 39:1.

Onipa a ɔyɛ “ɔbadwemma” nyi ahintasɛm adi. (Mmeb. 11:12) Nokware Kristoni bɛhwɛ yiye sɛ ɔrenyi afoforo ahintasɛm adi. Ɛsɛ sɛ Kristofo asafo mu mpanyimfo titiriw hwɛ yiye sɛ wɔrenyi afoforo ahintasɛm adi sɛnea ɛbɛyɛ a asafo no mufo benya wɔn mu ahotoso.

Ɛwom sɛ sɛ obi yɛ komm a, ɔnka biribiara de, nanso komm a wayɛ no betumi anya afoforo so nkɛntɛnso pa. Engiresini nhomakyerɛwfo Sydney Smith a ɔtenaa ase wɔ afeha a ɛto so 19 mu no kaa ne beresoni bi ho asɛm sɛ: “Ɛwom ara a ɔyɛ komm, na ɛno ma ne nkɔmmɔbɔ yɛ anigye paa.” Nokwarem no, da biara sɛ nnamfo baanu rebɔ nkɔmmɔ a, ɛsɛ sɛ wɔn mu biara kasa. Ɛsɛ sɛ obi a onim nkɔmmɔ bɔ yiye yɛ otiefo pa nso.

Solomon bɔɔ kɔkɔ sɛ: “Mfomso mpa ɔkasa dodow mu, na nea osianka n’ano no yɛ ɔbadwemma.” (Mmeb. 10:19) Enti, sɛ yɛankasa pii a, ɛbɛyɛ den sɛ yɛbɛka nsɛm a ɛmfata. Nokwarem no, “ɔkwasea mpo, sɛ omua n’ano a, wobu no onyansafo; nea ɔka n’ano tom no, wobu no sɛ ɔwɔ ntease.” (Mmeb. 17:28) Ɛnde, momma yɛmmɔ mpae nsrɛ Yehowa sɛ ɔmma ‘yɛnhwɛ yɛn anofafa pon ano.’—Dw. 141:3.

Ɛboa ma Yedwinnwen Nsɛm Ho

Kyerɛwnsɛm no ka kyerɛ yɛn sɛ onipa a ɔnantew treneefo kwan so ‘kenkan Onyankopɔn mmara dwinnwen ho awia ne anadwo.’ (Dw. 1:2) The Amplified Bible ka no sɛ: “Odwinnwen . . . Ne mmara ho daa . . . awia ne anadwo.” Bere bɛn na eye sɛ yedwinnwen nsɛm ho saa?

“Ɛrekɔ anwummere no,” tete agya Abraham ba Isak “fii adi kɔɔ afikyiri kɔdwennwenee.” (Gen. 24:63) Ɔpaw bere a na ewim ayɛ dinn ne baabi a na ɛhɔ yɛ komm kɔdwennwenee nsɛm ho. Anadwo dasum na na Ɔhene Dawid nso dwinnwen nsɛm ho. (Dw. 63:6) Yesu a na ɔyɛ onipa a ɔyɛ pɛ no mpo bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛtew ne ho na wadwinnwen nsɛm ho; na ɔkɔ baabi a nnipa nni, mmepɔw a ɛso yɛ komm, sare so, ne mmeae foforo a obiara nni hɔ.—Mat. 14:23; Luka 4:42; 5:16.

Mfaso wɔ kommyɛ so paa. Sɛ yɛyɛ komm a, ɛma yetumi hwehwɛ yɛn ho mu yiye, na ɛno yɛ ade a ɛho hia na ama yɛasiesie yɛn suban. Sɛ yɛyɛ komm a, ebetumi ama yɛanya asomdwoe. Sɛ yedwinnwen nsɛm ho bere a ewim ayɛ komm a, ebetumi ama yɛabrɛ yɛn ho ase na yɛakyerɛ anisɔ kɛse wɔ nneɛma a ɛho hia paa wɔ asetena mu ho.

Ɛwom sɛ kommyɛ yɛ ade pa de, nanso “ɔkasa . . . wɔ ne bere.” (Ɔsɛnk. 3:7) Nokware asomfo a wɔwɔ hɔ nnɛ de nsi reka Onyankopɔn Ahenni no ho asɛmpa “wɔ asase so nyinaa.” (Mat. 24:14) Bere a nokware asomfo redɔɔso no, na gyegyeegye a wɔde anigye reyɛ no ano reyɛ den. (Mika 2:12) Sɛnea ɛte biara no, momma yɛnka wɔn a wɔde nsi reka Ahenni no ho asɛmpa na wɔreka Onyankopɔn anwonwadwuma ho asɛm no ho. Bere a yɛreyɛ saa adwuma a ɛho hia yi bi no, momma yɛn abrabɔ nso nna no adi sɛ ɛtɔ mmere bi a kommyɛ so wɔ mfaso paa.

[Mfonini wɔ kratafa 3]

Ɛsɛ sɛ yetie asɛm na yesua ade wɔ yɛn Kristofo nhyiam ase

[Mfonini wɔ kratafa 4]

Sɛ nkurɔfo didi yɛn atɛm wɔ asɛnka mu a, ɛbɛyɛ papa sɛ yɛyɛ komm

[Mfonini wɔ kratafa 5]

Kommyɛ boa ma yetumi dwinnwen nsɛm ho