Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Mmabun—Momma Mo Nkɔso Nna Adi

Mmabun—Momma Mo Nkɔso Nna Adi

Mmabun—Momma Mo Nkɔso Nna Adi

“Dwinnwen eyinom ho; fa wo koma nyinaa si so, na ama wo nkɔso ada adi nnipa nyinaa anim.”—1 TIM. 4:15.

1. Dɛn na Onyankopɔn pɛ sɛ mmabun nya?

TETE Israel hene nyansafo Solomon kyerɛwee sɛ: “O ɔbabun ma w’ani nnye wo mmofraase! Ma wo koma ani nnye wɔ wo mmabunberem.” (Ɔsɛnk. 11:9, Tanakh—The Holy Scriptures) Yehowa Nyankopɔn a ɔma wɔkyerɛw saa asɛm yi no pɛ sɛ mo a moyɛ mmabun ani gye ankasa. Nea ɛsen saa no, Yehowa pɛ sɛ mo ani gye wɔ mo mmabunbere ne bere a moayɛ mpanyimfo nyinaa mu. Nanso, mmabunbere yɛ bere a nnipa taa di mfomso kɛse a ebetumi asɛe anigye a wobenya daakye. Ɔnokwafo Hiob mpo dii yaw wɔ ɔhaw a ne “mmeranteberem mfomso” de baa no so ho. (Hiob 13:26) Mpɛn pii no, ɛho behia sɛ Kristoni aberante anaa ababaa bi sisi gyinae a anibere wom bere a wadu ne mpanyin afe so rekɔ no. Sɛ mmabun ansisi gyinae pa a, ebetumi ama wɔadi yaw a wɔn werɛ remfi da, na ɛde ɔhaw a ebetumi ateetee wɔn wɔ wɔn nkwa nna nyinaa mu aba wɔn so.—Ɔsɛnk. 11:10.

2. Bible afotu bɛn na sɛ mmabun de yɛ adwuma a, ɛremma wonni mfomso a anibere wom?

2 Nanso, ɛsɛ sɛ mmabun sisi gyinae pa. Susuw afotu a ɔsomafo Paulo de maa Korintofo no ho hwɛ. Ɔkyerɛwee sɛ: “Monnyɛ nsɛm ho ntease mu mmofra . . . Monyɛ nnipa a wɔanyin nsɛm ho ntease mu.” (1 Kor. 14:20) Sɛ mmabun tie afotu a ɛka sɛ wonnwen na wonsusuw nneɛma ho te sɛ nnipa a wɔanyin no a, ɛremma wonni mfomso a anibere wom.

3. Dɛn na wubetumi ayɛ na ama woasusuw nneɛma ho yiye?

3 Sɛ woyɛ ɔbabun a, ma ɛntena w’adwenem sɛ egye mmɔdenbɔ na ama woatumi asusuw nneɛma ho yiye. Paulo ka kyerɛɛ Timoteo sɛ: “Mma obiara mmmu aberante a woyɛ no abomfiaa. Mmom no, yɛ nhwɛso ma anokwafo wɔ ɔkasa, abrabɔ, ɔdɔ, gyidi, ne ahotew mu. Ma w’ani nku baguam akenkan, afotu, ne ɔkyerɛkyerɛ ho. . . . Dwinnwen eyinom ho; fa wo koma nyinaa si so, na ama wo nkɔso ada adi nnipa nyinaa anim.” (1 Tim. 4:12-15) Ɛho hia sɛ mmabun a wɔyɛ Kristofo nya nkɔso na wɔma wɔn nkɔso da adi wɔ afoforo anim.

Dɛn ne Nkɔso?

4. Dɛn na nkɔso a obi benya sɛ Kristoni no kyerɛ?

4 Sɛ́ obi benya nkɔso no kyerɛ sɛ “obenya nkɔanim, na n’asetena asesa ayɛ papa.” Ná Paulo rehyɛ Timoteo nkuran sɛ ɔmmɔ ne ho mmɔden nnya nkɔso wɔ ɔkasa, abrabɔ, ɔdɔ, gyidi, ne ahotew mu, ne sɛnea na ɔyɛ ne som adwuma no nso mu. Ná ɛsɛ sɛ ɔbɔ mmɔden yɛ nhwɛso pa wɔ n’asetena mu. Enti na ɛho hia sɛ Timoteo kɔ so nya nkɔso sɛ Kristoni.

5, 6. (a) Bere bɛn na Timoteo nkɔso fii ase daa adi? (b) Dɛn na mmabun a wɔwɔ hɔ nnɛ betumi ayɛ de asuasua Timoteo wɔ nkɔso a wobenya ho?

5 Bere a Paulo kyerɛw saa afotu yi wɔ afe 61 ne afe 64 Y.B. mu ntam hɔ no, na Timoteo yɛ asafo mu panyin a ne ho akokwaw dedaw. Ná ɛnyɛ sɛ afei na ɔrenya nkɔso sɛ Kristoni. Wɔ afe 49 anaa afe 50 Y.B. mu bere a na Timoteo adi bɛyɛ mfe 20 no, “anuanom a wɔwɔ Listra ne Ikoniom” a na wɔahu ne nkɔso no “kaa ne ho asɛm pa.” (Aso. 16:1-5) Saa bere no, Paulo faa Timoteo ne no kɔyɛɛ asɛmpatrɛw adwuma. Bere a Paulo huu nkɔso pii a Timoteo anya wɔ asram kakra akyi no, ɔsomaa no kɔɔ Tesalonika sɛ ɔnkɔhyɛ Kristofo a wɔwɔ saa kurow no mu den, na ɔnkyekye wɔn werɛ. (Monkenkan 1 Tesalonikafo 3:1-3, 6.) Ɛda adi pefee sɛ bere a Timoteo yɛ aberante no, ɔmaa ne nkɔso daa adi wɔ afoforo anim.

6 Mo a moyɛ mmofra a mowɔ asafo no mu no, monyere mo ho nnya su a ɛho hia seesei, sɛnea ɛbɛyɛ a wobehu mo nkɔso sɛ Kristofo ne sɛnea mutumi kyerɛkyerɛ afoforo Bible mu nokware no yiye. Bere a Yesu dii mfe 12 rekɔ no, ‘ɔkɔɔ so nyinii nyaa nyansa.’ (Luka 2:52) Ɛnde, momma yɛnhwehwɛ sɛnea mubetumi ama mo nkɔso ada adi wɔ nneɛma abiɛsa a moyɛ wɔ mo asetena mu no mu nhwɛ: (1) bere a wuhyia ɔhaw, (2) bere a woresiesie wo ho ama aware, ne (3) bere a wobɔ mmɔden sɛ wobɛyɛ ‘ɔsomfo pa.’—1 Tim. 4:6.

Momfa “Adwenemtew” Nnyina Ɔhaw Ano

7. Sɛ mmabun hyia ɔhaw a, ebetumi aka wɔn dɛn?

7 Kristoni ababaa bi a wɔfrɛ no Carol a wadi mfe 17 no kae sɛ: “Ɛtɔ bere bi a, na me werɛ how, mebrɛ, na me haw araa ma na mempɛ sɛ mesɔre fi mpa mu anɔpa.” * Dɛn nti na na wahaw saa? Bere a Carol dii mfe du no, n’awofo gyaee aware ma abusua no yɛɛ basaa ma enti ɛkɔbae sɛ ɔne ne maame a na ɔmfa Bible mu nsɛm mmɔ ne bra no kɔtenae. Ebia wo nso worehyia ɔhaw bi a emu yɛ den te sɛ Carol a wunni anidaso biara sɛ wubefi mu.

8. Ɔhaw ahorow bɛn na Timoteo hyiae?

8 Bere a Timoteo renya nkɔso sɛ Kristoni no, ɔno nso hyiaa ɔhaw ahorow. Sɛ nhwɛso no, esiane sɛ na ne yafunu haw no nti, na ‘ɔtaa yare.’ (1 Tim. 5:23) Bere a Paulo somaa no kɔɔ Korinto sɛ onkodi ɔhaw ahorow bi a na nkurɔfo bi a wɔakasa atia ɔsomafo Paulo tumidi de aba ho dwuma no, Paulo hyɛɛ asafo no nkuran sɛ wontie Timoteo sɛnea ɛbɛyɛ a ‘ɔremmɔ hu’ wɔ wɔn mu. (1 Kor. 4:17; 16:10, 11) Ɛbɛyɛ sɛ na Timoteo yɛ obi a ɔfɛre ade, anaasɛ osuro ade.

9. Dɛn ne adwenemtew, na nsonsonoe bɛn na ɛwɔ ɛno ne ehu ntam?

9 Akyiri yi, nea ɛbɛyɛ na Paulo aboa Timoteo no, ɔkaee no sɛ: “Onyankopɔn amma yɛn ehu honhom, na mmom tumi ne ɔdɔ ne adwenemtew de.” (2 Tim. 1:7) Nea “adwenemtew” kyerɛ ne sɛ obi tumi dwen na osusuw nneɛma ho yiye. Ebi ne sɛnea obi tumi gyina tebea biara a ɔwom ano, na ɛnyɛ sɛnea anka ɔpɛ sɛ ɛyɛ. Mmabun binom a wɔn ho nkokwawee ma ehu ka wɔn bere a wɔrehyia ɔhaw ahorow, na wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛda anaa wɔbɛhwɛ TV pii, wɔbɛnom nnubɔne anaa nsa pii, wɔbɛkɔ apontow ase bere nyinaa, anaasɛ wɔde wɔn ho bɛhyɛ nna mu ɔbrasɛe mu de ayi wɔn adwene afi so. Wotu Kristofo sɛ ‘wonkyi bɔne ne wiase akɔnnɔ, na wɔn adwenem nna hɔ na wɔmfa trenee ne onyamesom pa ntena wiase nhyehyɛe yi mu.’—Tito 2:12.

10, 11. Ɔkwan bɛn so na adwenemtew boa yɛn ma yɛde yɛn ho to ahoɔden a Onyankopɔn de ma so?

10 Bible “tu mmerante fo” sɛ wɔmma “wɔn adwenem nna hɔ.” (Tito 2:6) Saa afotu yi a mode bɛyɛ adwuma no kyerɛ sɛ sɛ muhyia ɔhaw a, mobɛbɔ mpae, na mode mo ho ato ahoɔden a Onyankopɔn de ma no so. (Monkenkan 1 Petro 4:7.) Sɛ moyɛ saa a, mubenya ahotoso a edi mũ wɔ “ahoɔden a Onyankopɔn de ma” mu.—1 Pet. 4:11.

11 Adwenemtew ne mpaebɔ na ɛboaa Carol. Ɔkae sɛ: “Ná nneɛma a ɛyɛ den ma me paa sɛ mɛyɛ no mu biako ne ɔbra bɔne a na me maame bu a na ɛsɛ sɛ migyina ano no. Nanso, mpaebɔ boaa me yiye. Minim sɛ Yehowa ka me ho, enti minsuro bio.” Monkae sɛ sɛ muhyia ɔhaw a, ebetumi asiesie mo na ahyɛ mo den. (Dw. 105:17-19; Kwa. 3:27) Ɛmfa ho ɔhaw biara a morehyia no, Onyankopɔn rennyaw mo da. ‘Ɔbɛboa mo.’—Yes. 41:10.

Sɛnea Wubesiesie Wo Ho Ama Aware Pa

12. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ Kristoni a ɔpɛ sɛ ɔware de nnyinasosɛm a ɛwɔ Mmebusɛm 20:25 no yɛ adwuma?

12 Esiane sɛ mmerante ne mmabaa bi susuw sɛ sɛ wɔware a ɛbɛma wɔanya anigye, ɛremma wɔnyɛ ankonam, ɛremma asetena mfono wɔn, na ɛbɛma wɔatetew wɔn ho afi ɔhaw a ɛkɔ so wɔ wɔn fie ho nti, wɔapere wɔn ho aware. Nanso, aware ntam a wɔbɛka no yɛ aniberesɛm. Nnipa bi a wɔtenaa ase wɔ mmere a na wɔrekyerɛw Bible mu no peree wɔn ho kaa Onyankopɔn ntam a wɔansusuw ho ankɔ akyiri. (Monkenkan Mmebusɛm 20:25.) Ɛtɔ mmere bi a mmerante ne mmabaa nsusuw nea ɛwɔ aware mu ho anibere so. Sɛ wɔware a, akyiri yi wohu sɛ aware mu nsɛm dɔɔso sen sɛnea na wosusuw no.

13. Nsɛmmisa bɛn na ɛsɛ sɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wɔne obi nantew de hwɛ sɛ wobetumi aware no susuw ho, na afotu pa bɛn na wobetumi anya?

13 Enti ansa na wo ne obi befi ase anantew de ahwɛ sɛ mubetumi aware no, bisa wo ho sɛ: ‘Dɛn nti na mepɛ sɛ meware? Dɛn na mehwɛ kwan wɔ aware mu? So onipa yi ne nea ɔfata sɛ meware no? So masiesie me ho sɛ medi m’asɛyɛde sɛ ɔwarefo no ho dwuma?’ “Akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no akyerɛw nsɛm pɔtee bi a ɛfa saa asɛm yi ho a ɛbɛboa wo ma woayɛ ɛho nhwehwɛmu a ɛkɔ akyiri. * (Mat. 24:45-47) Bu nsɛm a ɛte saa no sɛ ɛyɛ afotu a Yehowa de rema wo. Hwehwɛ nsɛm a wɔakyerɛw no mu yiye, na fa yɛ adwuma. Nyɛ ‘wo ho sɛ ɔpɔnkɔ anaa afurumpɔnkɔ a onnim nyansa’ da. (Dw. 32:8, 9) Susuw aware mu asɛyɛde ho nyansam te sɛ onipa a wanyin. Sɛ wote nka sɛ woaso sɛ wo ne obi nantew de hwɛ sɛ mubetumi aware a, “yɛ nhwɛso . . . wɔ ahotew mu” bere nyinaa.—1 Tim. 4:12.

14. Sɛ wunya Kristo su no bi a, ɔkwan bɛn so na sɛ woware a ɛbɛboa wo?

14 Sɛ obi ho kokwaw sɛ Kristoni a, bere a waware akyi no, ɛma n’aware nso yɛ yiye. Kristoni a ne ho akokwaw bɔ mmɔden sɛ ɔbɛyɛ obi a ‘odi mu sɛnea Kristo a ɔne susude a ɛyɛ pɛ no te.’ (Efe. 4:11-14) Ɔbɔ mmɔden paa sɛ obenya su a Kristo wɔ no bi. Yɛn Nhwɛsofo “Kristo . . . ansɔ n’ankasa ani.” (Rom. 15:3) Sɛ okunu anaa ɔyere anhwehwɛ nea eye ma ne nko, na mmom ɔhwɛ ne yɔnko de a, wobenya asomdwoe wɔ wɔn abusua mu na wɔn ho adwo wɔn. (1 Kor. 10:24) Okunu befi ne koma nyinaa mu adɔ ne yere, na ɔyere nso bɛbɔ mmɔden abrɛ ne ho ase ama ne kunu sɛnea Yesu brɛ ne ho ase ma ne Ti no.—1 Kor. 11:3; Efe. 5:25.

“Yɛ Wo Som Adwuma no Pɛpɛɛpɛ”

15, 16. Wobɛyɛ dɛn atumi ama wo nkɔso ada adi wɔ ɔsom adwuma no mu?

15 Bere a Paulo retwe adwene asi adwuma a mfaso wɔ so a na Timoteo reyɛ so no, ɔkyerɛwee sɛ: “Mehyɛ wo wɔ Onyankopɔn ne Kristo Yesu, . . . anim . . . sɛ ka asɛm no, kɔ so ka no denneennen.” Ɔde kaa ho sɛ: “Yɛ ɔsɛmpakafo adwuma, yɛ wo som adwuma no pɛpɛɛpɛ.” (2 Tim. 4:1, 2, 5) Sɛ na Timoteo betumi ayɛ saa adwuma yi a, na ɛsɛ sɛ ‘wɔde nsɛm a egyina gyidi no so yɛn no.’—Monkenkan 1 Timoteo 4:6.

16 Wobɛyɛ dɛn de ‘nsɛm a egyina gyidi no so ayɛn’ wo ho? Paulo kyerɛwee sɛ: “Ma w’ani nku baguam akenkan, afotu, ne ɔkyerɛkyerɛ ho. . . . Dwinnwen eyinom ho; fa wo koma nyinaa si so.” (1 Tim. 4:13, 15) Sɛ wubenya nkɔso a, ɛsɛ sɛ w’ankasa wusua ade. Nea asɛm a ɛne “fa wo koma nyinaa si so” kyerɛ ne sɛ wode w’adwene nyinaa besi biribi so. Ɔkwan bɛn na wofa so sua ade? So wode wo koma nyinaa si “Onyankopɔn nneɛma a emu dɔ” no so? (1 Kor. 2:10) Anaasɛ wode w’ani fa mu kɛkɛ? Sɛ wudwinnwen nea wusua no ho a, ɛbɛka wo koma.—Monkenkan Mmebusɛm 2:1-5.

17, 18. (a) Dɛn na ɛsɛ sɛ wobɔ mmɔden tumi yɛ? (b) Sɛ wunya su a na Timoteo wɔ no bi a, ɔkwan bɛn so na ɛbɛboa wo wɔ asɛnka adwuma no mu?

17 Onuawa kumaa bi a wɔfrɛ no Michelle a ɔyɛ ɔkwampaefo kae sɛ: “Nea ɛbɛyɛ na matumi ayɛ ɔsom adwuma no yiye no, mayɛ nhyehyɛe pa a mede sua ade, na mekɔ asafo nhyiam daa. Ɛno nti, me ho rekokwaw sɛ Kristoni bere nyinaa.” Nokwarem no, sɛ woyɛ akwampae adwuma a, ɛbɛboa wo ma woanya nkɔso wɔ sɛnea wode Bible no di dwuma wɔ asɛnka mu no mu, na woanya nkɔso sɛ Kristoni. Bɔ mmɔden sɛ wubehu akenkan yiye, na ma mmuae a ɛtɔ asom wɔ Kristofo nhyiam ahorow ase. Sɛ́ Kristoni a woyɛ ɔbabun no, sɛ wopɛ sɛ wo nkɔso da adi wɔ nokware no mu a, ɛsɛ sɛ wusiesie osuani dwumadi a wɔde ma wo wɔ Teokrase Ɔsom Sukuu mu no yiye, na wuyi nsɛm no fi baabi a wɔakyerɛ no nkutoo.

18 Nea ‘ɔsɛmpakafo adwuma a wobɛyɛ’ kyerɛ ne sɛ wobɛma w’asɛnka atu mpɔn kɛse, na woaboa afoforo ma wɔanya nkwagye. Eyi hwehwɛ sɛ woma wo ‘nkyerɛkyerɛ tu mpɔn.’ (2 Tim. 4:2) Sɛnea Timoteo suaa akwan a wɔfa so kyerɛkyerɛ fii Paulo hɔ bere a na ɔne no yɛ adwuma no, saa ara na sɛ wo ne wɔn a wɔn ho akokwaw wɔ asɛnka adwuma no mu kɔ asɛnka a, wubetumi asua akwan a wɔfa so kyerɛkyerɛ no. (1 Kor. 4:17) Bere a Paulo reka wɔn a na waboa wɔn ho asɛm no, ɔkae sɛ ɛnyɛ asɛmpa no nko na ɔka kyerɛɛ wɔn, na mmom ɔde ‘n’ankasa kra’ anaa ne nkwa ankasa nso boaa wɔn, efisɛ wɔbɛyɛɛ n’adɔfo. (1 Tes. 2:8) Sɛ wubetumi asua sɛnea na Paulo yɛ asɛnka adwuma no a, ɛsɛ sɛ wunya su a Timoteo a na ofi ne komam dwen afoforo ho na ‘ɔsomee de trɛw asɛmpa no mu’ wɔ no bi. (Monkenkan Filipifo 2:19-23.) So wode ahofama a ɛte saa na ɛyɛ asɛnka adwuma no?

Nkɔso Ma Yenya Akomatɔyam Ankasa

19, 20. Dɛn nti na nkɔso a obi benya sɛ Kristoni no ma n’ani gye?

19 Egye mmɔdenbɔ na ama obi atumi anya nkɔso sɛ Kristoni. Nanso sɛ wotɔ wo bo ase sua sɛnea wɔkyerɛkyerɛ a, bere rekɔ so no, wubetumi de nokware no akyerɛkyerɛ “nnipa pii” ma ‘wɔayɛ adefo’ wɔ honhom fam, na wɔabɛyɛ ‘w’anigye anaa w’ahurusidi abotiri.’ (2 Kor. 6:10; 1 Tes. 2:19) Fred a ɔyɛ bere nyinaa somfo no ka sɛ: “Mede me bere reboa afoforo seesei sen bere biara. Ɛyɛ nokware paa sɛ anigye wɔ ɔma mu sen ogye.”

20 Onuawa kumaa bi a wɔfrɛ no Daphne a ɔyɛ ɔkwampaefo kaa anigye ne akomatɔyam a ne ho a akokwaw sɛ Kristoni no ama wanya ho asɛm sɛ: “Bere a misuaa Yehowa ho ade pii no, me ne no nyaa abusuabɔ a emu yɛ den. Sɛ woyɛ nea wubetumi biara sɛ wobɛyɛ nea ɛsɔ Yehowa ani paa a, w’ani gye yiye na wo koma tɔ wo yam ankasa!” Ɛwom sɛ ɛnyɛ bere nyinaa na nnipa hu nkɔso a Kristoni bi nya de, nanso Yehowa de, ohu bere nyinaa, na n’ani sɔ. (Heb. 4:13) Akyinnye biara nni ho sɛ mmabun a moyɛ Kristofo no betumi ahyɛ yɛn soro Agya no anuonyam na moayi no ayɛ. Monkɔ so mma ne koma ntɔ ne yam bere a mufi mo koma nyinaa mu ma mo nkɔso da adi no.—Mmeb. 27:11.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 7 Wɔasesa edin ahorow no bi.

^ nky. 13 Hwɛ asɛm a ɛne “Is This Person Right for Me?” (“So Onipa Yi ne Nea Ɔfata sɛ Meware No?”) a ɛwɔ Questions Young People Ask—Answers That Work nhoma no Po 2 mu; “Onyankopɔn Akwankyerɛ a Wogyina So Paw Aware Mu Ɔhokafo” a ɛwɔ May 15, 2001 Ɔwɛn-Aban mu; ne “How Wise Is a Teenage Marriage?” (“So Nyansa Wom sɛ Mmofra Bɛware?”) wɔ September 22, 1983 Awake! mu.

Dɛn na Wusuae?

• Dɛn na nkɔso a obi benya sɛ Kristoni no kyerɛ?

• Wobɛyɛ dɛn ama wo nkɔso ada adi bere a . . . 

worehyia ɔhaw?

woresiesie wo ho ama aware?

woreyɛ ɔsom adwuma no?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 15]

Mpaebɔ betumi aboa wo ma woagyina ɔhaw ano

[Mfonini wɔ kratafa 16]

Dɛn na mmabun a wɔyɛ adawurubɔfo betumi ayɛ ma wɔn nkyerɛkyerɛ atu mpɔn?