Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Munsuasua Itai Nokwaredi No

Munsuasua Itai Nokwaredi No

Munsuasua Itai Nokwaredi No

“YEHOWA NYANKOPƆN, ade nyinaa so Tumfoɔ, wo nnwuma yɛ akɛse na ɛyɛ nwonwa. Mmeresanten Hene, w’akwan teɛ na ɛyɛ nokware. Yehowa, hena na ɔrensuro wo na ɔnhyɛ wo din anuonyam, efisɛ wo nkutoo ne ɔnokwafo?” Saa dwom yi a “wɔn a wodi akekaboa no ne ne honi no ne ne din akontaahyɛde no so nkonim” toe wɔ ɔsoro no twe adwene si Onyankopɔn nokwaredi so. (Adi. 15:2-4) Yehowa pɛ sɛ n’asomfo suasua no na wɔda su pa yi bi adi.—Efe. 4:24.

Nanso, Satan Ɔbonsam yɛ nea obetumi biara sɛ ɔbɛtetew Onyankopɔn asomfo a wɔwɔ asase so afi Onyankopɔn a wɔsom no no dɔ ho. Nanso, wɔn mu pii akɔ so adi Onyankopɔn nokware wɔ tebea ahorow a emu yɛ den paa mpo mu. Hwɛ sɛnea yebetumi ama yɛn ani agye sɛ Yehowa ani sɔ ahofama a ɛte saa no paa! Nokwarem no, wɔama yɛn awerɛhyem sɛ: “Yehowa dɔ atɛntrenee, na ɔrennyaw n’anokwafo.” (Dw. 37:28) Nea ɛbɛboa yɛn ma yɛakɔ so adi nokware no, Yehowa ama wɔakyerɛw nneɛma a anokwafo pii yɛe wɔ n’Asɛm mu. Emu biako ne nea ɛfa Gatni Itai ho no.

‘Ɔhɔho ne Obi a Watu Afi Ne Man Mu’

Ɛbɛyɛ sɛ na Itai fi Filistifo kurow Gat a agye din no mu, na ɛhɔ na na ɔbran Goliat ne Israelfo atamfo foforo a na wɔn ho yɛ hu nso fi. Bere a edi kan a Bible kaa Itai a na onim akodi yiye ho asɛm no ne bere a Absalom tew Ɔhene Dawid so atua no. Saa bere no, na Itai ne Filistifo mmarima 600 a wodi n’akyi no atu afi wɔn man mu akɔtena Yerusalem mpɔtam hɔ.

Ɛbɛyɛ sɛ tebea a na Itai ne ne mmarima no wom no maa Dawid kaee bere a na ɔno ankasa aguan afi ne man mu bere a ɔne Israelfo akofo 600 kɔtenaa Filistifo asase so, na wɔkɔtenaa Gat hene Akis nkyɛn no. (1 Sam. 27:2, 3) Ná dɛn na Itai ne ne mmarima no bɛyɛ bere a Absalom tew Dawid so atua no? So na wobegyina Absalom akyi, anaa wobegyina Dawid ne ne mmarima no akyi, anaasɛ na wɔrennyina wɔn mu biara akyi?

Wode, yɛ Dawid a ɔreguan afi Yerusalem na ogyinae wɔ baabi a wɔfrɛ hɔ Bet-Mehak a ase ne “Ofie a Esi Kurotia” no ho mfonini hwɛ. Ɛbɛyɛ sɛ sɛ wufi Yerusalem na wode w’ani kyerɛ Ngo Bepɔw no a, ɛno ne ofie a etwa to a wubedu ho ansa na woatwa Kidron Subon no. (2 Sam. 15:17) Woduu hɔ no, Dawid hwɛɛ ne mmarima a na wɔretwam no. Na hwɛ! Ná ɛnyɛ Israelfo anokwafo nkutoo na na wɔka ne ho, mmom no, na Keretifo no nyinaa ne Peletifo no nyinaa nso ka ho. Bio nso, na Gatfo nyinaa—Itai ne n’akofo 600 no—ka wɔn ho.—2 Sam. 15:18.

Dawid yam hyeehyee no maa Itai, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Dɛn nti na wo nso wo ne yɛn rekɔ? San kɔ, na kɔtena ɔhene no [ɛda adi sɛ Absalom] nkyɛn, na woyɛ ɔhɔho, na afei nso woatu afi wo man mu. Nnɛra na wobae, na dɛn nti na ɛsɛ sɛ ɛnnɛ mema wo ne yɛn kokyinkyin baabiara a mɛkɔ? San w’akyi kɔ, wo ne wo nuanom. Yehowa ne wo nni no adɔe ne nokwaredi so!”—2 Sam. 15:19, 20.

Itai ma ɛdaa adi sɛ obedi Dawid nokware akosi ase. Itai kae sɛ: “Sɛ́ Yehowa te ase na me wura ɔhene nso te ase yi, baabiara a me wura ɔhene bɛkɔ no, owu mu oo, nkwa mu oo, ɛhɔ ara na w’akoa nso bɛkɔ!” (2 Sam. 15:21) Ɛbɛyɛ sɛ saa asɛm yi maa Dawid kaee asɛm a ɛte saa a ne nanankansowa Rut kae no. (Rut 1:16, 17) Asɛm a Itai kae no kaa Dawid koma ma ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Twa kɔ” Kidron Subon no agya. Enti, “Gatni Itai twae, na ne mmarima a wɔka ne ho no nyinaa ne mmofra a wɔka ne ho no nyinaa dii n’akyi.”—2 Sam. 15:22.

“Wɔakyerɛw Ama Yɛn Nkyerɛkyerɛ”

Romafo 15:4 ka sɛ: “Biribiara a wɔakyerɛw ato hɔ no, wɔakyerɛw ama yɛn nkyerɛkyerɛ.” Enti ɛsɛ sɛ yebisa yɛn ho sɛ, Dɛn na yebetumi asua afi nea Itai yɛe no mu? Susuw nea ɛbɛyɛ sɛ ɛkaa Itai ma odii Dawid nokware no ho hwɛ. Ɛwom sɛ na Itai yɛ ɔhɔho ne obi a watu afi ne man Filistia mu aba de, nanso ohui sɛ Yehowa ne Onyankopɔn teasefo no, na Dawid yɛ obi a Yehowa asra no. Itai amfa n’adwene ansi ɔtan a na ɛda Israelfo ne Filistifo ntam no so. Itai ammu Dawid sɛ obi a na wakum Filistifo sahene Goliat ne Itai kuromfo pii. (1 Sam. 18:6, 7) Mmom no, Itai buu Dawid sɛ ɔbarima a na ɔdɔ Yehowa, na akyinnye biara nni ho sɛ ohuu su pa a na Dawid wɔ no. Dawid nso benyaa obu kɛse maa Itai. Bere a Dawid ne Absalom ko no mu yɛɛ den no, Dawid kyɛɛ ne mmarima no mu akuw abiɛsa de emu biako mpo ‘hyɛɛ Itai nsa’!—2 Sam. 18:2.

Ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛbɔ mmɔden sɛ yɛremfa yɛn adwene nsi afoforo amammerɛ, ɔman a wofi mu anaa abusua a wofi mu so, na amma yɛannya wɔn ho adwemmɔne anaa ɔtan biara, mmom no, ɛsɛ sɛ yɛde yɛn adwene si su pa a wɔwɔ no so. Abusuabɔ a emu yɛ den a Dawid ne Itai nyae no ma yehu sɛ sɛ yehu Yehowa na yɛdɔ no a, ebetumi aboa yɛn ma yɛadi nneɛma a ɛtete saa no so.

Sɛ yedwinnwen nea Itai yɛe no ho a, yebetumi abisa yɛn ho sɛ: ‘So midi Dawid Ɔkɛseɛ a ɔno ne Kristo Yesu no nokware a ɛte saa? So mede nsi ka Ahenni no ho asɛm, na meyɛ asuafoyɛ adwuma no de kyerɛ sɛ meyɛ ɔnokwafo?’ (Mat. 24:14; 28:19, 20) ‘Sɛ mihyia tebea bi a emu yɛ den a, so mɛkɔ so adi nokware?’

Sɛ mmusua ti nso dwinnwen nokware a Itai dii no ho a, wonya so mfaso. Nokware a Itai dii Dawid ne gyinae a osii sɛ ɔne ɔhene a Onyankopɔn asra no no bɛkɔ no nyaa Itai mmarima no nso so nkɛntɛnso pa. Saa ara na sɛ mmusua ti sisi gyinae wɔ nokware som ho a, ebetumi mpo ama wɔakɔ ahokyere mu bere tiaa mu de, nanso ebenya wɔn so nkɛntɛnso pa. Ne nyinaa mu no, wɔama yɛn awerɛhyem sɛ: “Ɔnokwafo na [Yehowa] ne no bedi no nokwaredi mu.”—Dw. 18:25.

Dawid ne Absalom ko no akyi no, Kyerɛwnsɛm no anka Itai ho asɛm biara bio. Nanso, ne ho asɛm tiawa a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu no ma yehu su a ɔdaa no adi bere a Dawid kɔɔ saa ahokyere no mu no yiye. Itai a wɔaka ne ho asɛm wɔ Bible mu no yɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ Yehowa hu nokwaredi a ɛte saa no, na otua so ka.—Heb. 6:10.