Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Bere bɛn na wotuu Satan fii soro?—Adi. 12:1-9.

Ɛwom sɛ Bible mu nhoma a ɛne Adiyisɛm no nkyerɛ bere pɔtee a wotuu Satan fii soro de, nanso ɛka nsɛm bi a na ebesisi ntoatoaso a ebetumi aboa yɛn ma yɛde yɛn adwene abu bere a wotuu no fii soro no. Nsɛm a na ebesisi no mu nea edi kan ne Mesia Ahenni no a na wɔde besi hɔ. Ɛyɛ bere a wɔde Ahenni no sii hɔ akyi na “ɔko baa soro” ma Satan dii nkogu na awiei koraa wotuu no fii soro no.

Kyerɛwnsɛm no ma yehu pefee sɛ “amanaman mmere a wɔahyɛ no” baa awiei wɔ afe 1914 mu, na saa bere no na wɔde Ahenni no sii hɔ. * (Luka 21:24) Bere a wɔde Ahenni no sii hɔ akyi no, edii bere tenten ahe ansa na ɔko no baa ɔsoro ma wotuu Satan fii hɔ?

Adiyisɛm 12:4 ka sɛ: “Ɔtweaseɛ no [Satan] begyinaa ɔbea a awo aka no no anim, na sɛ ɔwo a, wamene ne ba no.” Eyi kyerɛ sɛ na Satan pɛ sɛ otu Ahenni foforo a na wɔde asi hɔ no gu ntɛm ara, na sɛ ɛbɛyɛ yiye a, anka ɔyɛ saa bere a wɔde sii hɔ no ara. Ɛwom sɛ Yehowa de ne ho gyee asɛm no mu de siw Satan kwan ma wantumi anni n’adwemmɔne no ho dwuma de, nanso na Satan asi ne bo ayere ne ho denneennen sɛ ɔbɛsɛe Ahenni foforo a wɔde asi hɔ no. Enti, na ɛnsɛ sɛ “Mikael ne n’abɔfo” no twentwɛn wɔn nan ase sɛ wɔbɛkeka wɔn ho de atu “ɔtweaseɛ no ne n’abɔfo” afi soro sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrentumi nsɛe Ahenni no. Eyi kyerɛ sɛ ɛyɛ bere a wɔde Ahenni no sii hɔ wɔ afe 1914 akyi pɛɛ na wodii Satan so nkonim na wotuu no fii soro.

Asɛm foforo a ɛsɛ sɛ yesusuw ho ne Kristofo a wɔasra wɔn no wusɔre a Kyerɛwnsɛm no di ho adanse sɛ efii ase bere a wɔde Ahenni no sii hɔ akyi pɛɛ no. * (Adi. 20:6) Esiane sɛ wɔnka sɛ na Kristo nuanom a wɔasra wɔn no mu biara ka Yesu ho wɔ ɔne ɔtweaseɛ no ne n’abɔfo no akodi no mu nti, yebetumi aka sɛ bere a wofii ase nyanee Kristo nuanom no, ná ɔko a ɛkɔɔ so wɔ ɔsoro ne Satan ne n’adaemone a wotuu wɔn fii soro no asi dedaw.

Ɛno nti, Bible nkyerɛ bere pɔtee a wotuu Satan ne n’adaemone no fii soro. Nanso, ɛda adi sɛ saa asɛm yi sii wɔ bere a wɔde Yesu Kristo sii agua so wɔ soro wɔ afe 1914 akyi pɛɛ.

[Ase hɔ nsɛm]