Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Mommoa Mo Ho Mo Ho na Moanya Nkɔso Mo Som Mu

Mommoa Mo Ho Mo Ho na Moanya Nkɔso Mo Som Mu

Mommoa Mo Ho Mo Ho na Moanya Nkɔso Mo Som Mu

ƐHO hia sɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wɔn abusua ani gye Yehowa som ho no boa wɔn ho wɔn ho. Bere a Yehowa bɔɔ nnipa baanu a wodi kan no, osii so dua sɛ ɛho hia sɛ wɔboa wɔn ho wɔn ho. Ná ɛsɛ sɛ Hawa ne Adam yɛ adwuma sɛ ne ‘hokafo.’ (Gen. 2:18) Ɛsɛ sɛ aware yɛ abusuabɔ a ɔbarima ne ɔbea no mu biara boa ne yɔnko. (Ɔsɛnk. 4:9-12) Ɛho hia nso sɛ awofo ne wɔn mma boa wɔn ho wɔn ho na ama wɔatumi ayɛ adwuma a Yehowa de ahyɛ wɔn nsa no.

Abusua Som

Barry ne Heidi wɔ mma baanum. Wohu sɛ sɛ wɔboa wɔn ho wɔn ho ma wɔyɛ abusua Bible adesua a, ɛboa wɔn ma wonya nkɔso. Barry kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Mema mmofra no dwumadi nketenkete bere ne bere mu wɔ abusua adesua no mu. Mitumi ka kyerɛ wɔn sɛ wɔnkenkan Awake! mu nsɛm bi na wɔnka emu nsɛm nkyerɛ yɛn. Yɛbobɔ asɛm a yɛbɛka wɔ asɛnka mu so nso sɛnea ɛbɛyɛ a abofra biara benya asɛm a ɔbɛka.” Heidi de ka ho sɛ: “Yɛn nyinaa akyerɛw botae ahorow a yɛpɛ sɛ yedu ho wɔ Yehowa som mu, na yesusuw ho bere ne bere mu wɔ abusua adesua ase hwɛ nkɔso a yɛrenya.” Saa awarefo yi hu nso sɛ anwummere bi a wɔayiyi asi hɔ sɛ wɔrenhwɛ television no ma abusua mũ no nyinaa nya baabi a ɛhɔ yɛ dinn kenkan ade.

Asafo Nhyiam Ahorow

Mike ne Denise tetee mma baanan. Mfaso bɛn na abusua no nyae wɔ boa a wɔboaboaa wɔn ho no so? Mike ka sɛ: “Ɛtɔ mmere bi na yɛyɛ nhyehyɛe pa sɛ dɛn mpo a, na yɛka akyi wɔ asafo nhyiam ase, nanso yehui sɛ sɛ yɛboa yɛn ho yɛn ho a, na yedu hɔ ntɛm.” Denise ka sɛ: “Bere a mmofra no ani refi no, na obiara wɔ adwuma a ɔyɛ wɔ fie. Ná yɛn babea Kim boa ma yɛnoa aduan, na na ɔtow didipon no nso.” Wɔn babarima Michael ka sɛ: “Ná wɔyɛ asafo nhyiam wɔ yɛn fie Benada anwummere. Enti, na yesiesie dan mu hɔ hyehyɛ nkongua a yɛde yɛ adesua no.” Wɔn babarima foforo a wɔfrɛ no Matthew nso ka sɛ: “Ɛda a yɛwɔ adesua no, na Paapa fi adwuma ba fie ntɛm bɛboa yɛn ma yesiesie yɛn ho kɔ adesua.” Mfaso bɛn na afi mu aba?

Mfaso wɔ Mmɔdenbɔ a Ɛte Saa So

Mike ka sɛ: “Wɔ afe 1987 mu no, me ne Denise fii ase yɛɛ akwampae adwuma. Saa bere no, na yɛn mma no mu baasa da so ara wɔ yɛn nkyɛn. Wɔn mu baanu nso bɛyɛɛ akwampaefo, na wɔn a wɔaka no nso aboa ma wɔasisi Betel afie. Anigye foforo a yɛn abusua no anya ne sɛ, yɛatumi aboa nnipa 40 ma wɔahyira wɔn ho so agye asubɔ. Sɛ́ abusua no, yɛanya hokwan nso aboa adansi adwuma no, na yɛakɔyɛ saa wɔ amannɔne mpo.”

Nokwarem no, sɛ abusua mufo boa wɔn ho wɔn ho a, mmɔden a ɛte saa a wɔbɔ no so ba mfaso. So mubetumi ahwehwɛ akwan foforo a mobɛfa so aboa mo ho mo ho wɔ mo abusua mu? Wubetumi anya awerɛhyem sɛ sɛ moboa mo ho mo ho a, ɛbɛboa w’abusua no ma moanya nkɔso foforo wɔ mo som mu.

[Mfonini wɔ kratafa 28]

Sɛ mobobɔ asɛm a mobɛka wɔ asɛnka mu so a, ɛbɛma moanya nkɔso