Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Daa Nkwa A Yebenya Wɔ Asase So—So Ɛyɛ Kristofo Anidaso?

Daa Nkwa A Yebenya Wɔ Asase So—So Ɛyɛ Kristofo Anidaso?

Daa Nkwa A Yebenya Wɔ Asase So—So Ɛyɛ Kristofo Anidaso?

“[Onyankopɔn bɛpopa] wɔn aniwam nusu nyinaa, na owu nni hɔ bio.”—ADI. 21:4.

1, 2. Yɛyɛ dɛn hu sɛ na Yudafo a wɔtenaa ase wɔ afeha a edi kan no mu pii wɔ anidaso sɛ wobenya daa nkwa wɔ asase so?

ABERANTE bi a ɔyɛ ɔdefo a na wagye din kɔɔ Yesu nkyɛn kobuu nkotodwe wɔ n’anim bisaa no sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛfo Pa, dɛn na menyɛ na manya daa nkwa?” (Mar. 10:17) Ná aberante no rebisa daa nkwa a obenya ho asɛm, nanso na ɛyɛ daa nkwa a obenya wɔ he? Sɛnea yesusuw ho wɔ adesua asɛm a edi kan no mu no, na Onyankopɔn adi kan ama Yudafo no anya owusɔre ne daa nkwa ho anidaso wɔ mfehaha pii a na atwam no mu. Ná Yudafo a wɔwɔ afeha a edi kan no mu no mu pii da so ara wɔ saa anidaso no.

2 Ɛda adi sɛ owusɔre a na nnipa benya wɔ asase so ho asɛm na na ɛwɔ Marta adwenem bere a ɔkaa asɛm a edi so yi faa ne nuabarima a na wawu no ho no. Ɔkae sɛ: “Minim sɛ owusɔre mu, da a etwa to no, ɔbɛsɔre.” (Yoh. 11:24) Nokwarem no, na Sadukifo a wɔwɔ hɔ saa bere no nnye owusɔre nni. (Mar. 12:18) Nanso, George Foot Moore kyerɛwee wɔ ne nhoma mu sɛ: “Nhoma ahorow a wɔkyerɛw no . . . mfe ahanu ansa na Kristo reba no di adanse sɛ na nnipa pii gye di sɛ bere bi bɛba a wɔn a wowuwui tete no bɛsɔre afi awufo mu asan abɛtena ase wɔ asase so.” (Judaism in the First Centuries of the Christian Era) Ná ɔdefo a ɔbaa Yesu nkyɛn no pɛ sɛ onya daa nkwa wɔ asase so.

3. Nsɛmmisa bɛn na yebesusuw ho wɔ adesua asɛm yi mu?

3 Ɛnnɛ, ɔsom ahorow pii ne Bible ho abenfo ka sɛ Yesu ankyerɛkyerɛ sɛ nnipa bɛtena ase daa wɔ asase so. Nnipa dodow no ara hwɛ kwan sɛ sɛ wowu a wɔbɛkɔ akɔtena ahonhom atenae. Enti sɛ nkurɔfo rekenkan Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no na wohu asɛm a ɛne “daa nkwa” a, wɔn mu pii susuw sɛ ɛfa ɔsoro asetena ho bere nyinaa. So saa na ɛte? Bere a Yesu kaa daa nkwa ho asɛm no, na dɛn na ɔrekyerɛ? Dɛn na na n’asuafo no gye di? So Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no kyerɛkyerɛ sɛ yebetumi anya daa nkwa wɔ asase so?

Daa Nkwa a Yebenya wɔ “Bere a Wɔayɛ Nneɛma Foforo” No

4. Dɛn na ɛbɛkɔ so wɔ “bere a wɔayɛ nneɛma foforo” no?

4 Bible kyerɛkyerɛ sɛ wobenyan Kristofo a wɔasra wɔn no ma wɔakɔ soro na wɔadi asase so. (Luka 12:32; Adi. 5:9, 10; 14:1-3) Nanso, ɛnyɛ bere nyinaa na na daa nkwa ho asɛm a Yesu kae no fa kuw ketewaa no nkutoo ho. Susuw asɛm a Kristo ka kyerɛɛ n’asuafo no bere a ɔka kyerɛɛ aberante a ɔyɛ ɔdefo no sɛ onnyaw nea ɔwɔ nyinaa hɔ mmedi n’akyi, na aberante no de yaw fii hɔ kɔe no ho hwɛ. (Monkenkan Mateo 19:28, 29.) Yesu ka kyerɛɛ n’asomafo no sɛ wɔbɛka wɔn a wɔbɛyɛ ahemfo no ho, na wobebu “Israel mmusuakuw dumien” a wɔne nnipa a wɔnka kuw a wɔbɛyɛ ahemfo wɔ soro no ho no atɛn. (1 Kor. 6:2) Bere a ɔkae sɛ ‘wobenya daa nkwa’ no, na ɔreka akatua a “obiara” a odi n’akyi benya ho asɛm. Eyinom nyinaa bɛkɔ so wɔ “bere a wɔayɛ nneɛma foforo” no.

5. Wobɛkyerɛkyerɛ “bere a wɔayɛ nneɛma foforo” no mu dɛn?

5 Bere a Yesu kaa “bere a wɔayɛ nneɛma foforo” ho asɛm no, na ɔrekyerɛ dɛn? Wɔkyerɛ saa asɛm no ase sɛ “wiase foforo” wɔ The Bible—An American Translation mu. Wɔkyerɛ ase wɔ The Jerusalem Bible mu sɛ “bere a wɔyɛ ade nyinaa foforo,” ɛnna wɔkyerɛ ase wɔ The Holy Bible—New International Version mu sɛ “bere a wɔbɛyɛ nneɛma nyinaa foforo.” Esiane sɛ bere a Yesu kaa saa asɛm no wankyerɛkyerɛ mu nti, ɛda adi sɛ na ɔreka anidaso a na Yudafo no anya mfehaha pii no ho asɛm. Ná wɔbɛyɛ nneɛma foforo wɔ asase so ma biribiara ayɛ te sɛ nea na ɛte wɔ Eden turom ansa na Adam ne Hawa reyɛ bɔne no. Nneɛma a wɔbɛyɛ no foforo no bɛma Onyankopɔn bɔhyɛ a ɛne sɛ ‘ɔrebɔ ɔsoro foforo ne asase foforo’ no abam.—Yes. 65:17.

6. Dɛn na nguan ne mmirekyi ho mfatoho no ma yehu fa daa nkwa anidaso no ho?

6 Yesu san kaa daa nkwa ho asɛm wɔ bere a ɛwɔ hɔ yi awiei ho ɔkasa bi a ɔmae mu. (Mat. 24:1-3) Bible ka sɛ: “Sɛ onipa Ba no ba n’anuonyam mu a abɔfo nyinaa ka ne ho a, ɔbɛtena n’anuonyam ahengua so. Na wɔbɛboaboa amanaman nyinaa ano n’anim, na ɔbɛpaapae nnipa no mu mmiako mmiako, sɛnea oguanhwɛfo paapae nguan ne mmirekyi mu no.” Wɔde wɔn a wobedi fɔ wɔ atemmu no mu no “befi hɔ akɔ daa ɔsɛe mu, na wɔn a wɔteɛ no bɛkɔ daa nkwa mu.” “Wɔn a wɔteɛ” a wobenya daa nkwa no ne wɔn a wɔde nokwaredi boa Kristo “nuanom” a wɔasra wɔn no. (Mat. 25:31-34, 40, 41, 45, 46) Esiane sɛ wɔpaw wɔn a wɔasra wɔn no sɛ wonkodi ade wɔ ɔsoro Ahenni no mu nti, ɛnde “wɔn a wɔteɛ no” ne saa Ahenni no manfo. Bible hyɛɛ nkɔm sɛ: “[Yehowa Hene no benya] ɔmanfo fi po ano akosi po ano, ne asubɔnten kɛse no so akosi asase ano.” (Dw. 72:8) Saa ɔmanfo yi benya daa nkwa wɔ asase so.

Dɛn na Yohane Asɛmpa no Ma Yehu?

7, 8. Anidaso ahorow abien bɛn na Yesu kaa ho asɛm kyerɛɛ Nikodemo?

7 Mateo, Marko, ne Luka Nsɛmpa no ka sɛ Yesu de asɛm a ɛne “daa nkwa” dii dwuma wɔ mmere a yɛadi kan aka ho asɛm no mu. Daa nkwa ho asɛm a Yesu kae no pue bɛyɛ mpɛn 17 wɔ Yohane Asɛmpa no mu. Momma yɛnhwehwɛ emu bi mu nhwɛ, na yɛnhwɛ nea Yesu ka faa daa nkwa a yebenya wɔ asase so no ho.

8 Sɛnea Yohane kyerɛ no, Farisini bi a wɔfrɛ no Nikodemo na Yesu dii kan kaa daa nkwa ho asɛm kyerɛɛ no. Ɔka kyerɛɛ Nikodemo sɛ: “Sɛ wɔamfa nsu ne honhom anwo obi a, ɔrentumi nkɔ Onyankopɔn ahenni mu.” Ɛsɛ sɛ ‘wɔsan wo obi bio’ ansa na watumi akɔ ɔsoro Ahenni no mu. (Yoh. 3:3-5) Nanso ɛnyɛ ɛno nko ne asɛm a Yesu kae. Ɔsan kaa anidaso a nnipa nyinaa betumi anya ho asɛm. (Monkenkan Yohane 3:16.) Ná Yesu reka daa nkwa a n’akyidifo a wɔasra wɔn benya wɔ soro ne nea afoforo benya wɔ asase so ho asɛm.

9. Anidaso bɛn na Yesu kaa ho asɛm kyerɛɛ Samariani bea no?

9 Bere a Yesu ne Nikodemo kasae wɔ Yerusalem wiei no, Yesu kɔɔ Galilea a ɛwɔ atifi fam no. Bere a ɔrekɔ no, ohyiaa ɔbea bi wɔ Yakob asubura a ɛbɛn Samaria kurow a wɔfrɛ no Sikar no ho. Ɔka kyerɛɛ ɔbea no sɛ: “Obiara a ɔbɛnom nsu a mede bɛma no no, osukɔm renne no da, na mmom nsu a mede bɛma no no bɛyɛ asuti wɔ ne mu a epuw kɔ daa nkwa mu.” (Yoh. 4:5, 6, 14) Saa nsu yi gyina hɔ ma Onyankopɔn nsiesiei a ɔnam so bɛma adesamma nyinaa asan anya daa nkwa, a wɔn a wɔbɛtena asase so ka ho. Wɔka wɔ Adiyisɛm nhoma no mu sɛ Onyankopɔn ankasa ka sɛ: “Mɛma obiara a sukɔm de no nkwa asuti mu nsu no bi kwa.” (Adi. 21:5, 6; 22:17) Enti, ɛnyɛ daa nkwa a Ahenni adedifo a wɔasra wɔn no benya nkutoo ho asɛm na Yesu ka kyerɛɛ Samariani bea no, na mmom ɔkaa anidaso a adesamma a wogye Onyankopɔn ne ne bɔhyɛ ahorow di wɔ sɛ wɔbɛtena asase so no nso ho asɛm.

10. Bere a Yesu saa ɔbarima bi yare wɔ Betesda ɔtare no ho no, daa nkwa ho asɛm bɛn na ɔka kyerɛɛ nyamesomfo a na wɔsɔre tia no no?

10 Afe a edi hɔ no, Yesu san kɔɔ Yerusalem bio. Ɔkɔɔ hɔ no, ɔsaa ɔbarima bi yare wɔ Betesda ɔtare no ho. Yesu ka kyerɛɛ Yudafo a wɔkasa tiaa no wɔ nea ɔyɛe no ho no sɛ “ɔba no ankasa ntumi mmɔ ne tirim nyɛ hwee, gye nea ohu sɛ Agya no yɛ.” Bere a Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ Agya no de “atemmu nyinaa ahyɛ Ɔba no nsa” akyi no, ɔkae sɛ: “Nea otie m’asɛm na ogye nea ɔsomaa me no di no wɔ daa nkwa.” Yesu san kae sɛ: “Dɔn no reba a wɔn a wɔwɔ nkae ada mu nyinaa bɛte [onipa Ba no] nne na wɔafi adi; wɔn a wɔyɛɛ papa no bɛkɔ nkwa sɔre mu, na wɔn a wɔyɛɛ akyide no akɔ atemmu sɔre mu.” (Yoh. 5:1-9, 19, 22, 24-29) Ná Yesu reka akyerɛ Yudafo a wɔretaa no no sɛ ɔno na Onyankopɔn apaw no sɛ ɔmma anidaso a Yudafo no wɔ sɛ wɔbɛtena ase daa wɔ asase so no mmra mu, na ɔnam awufo a obenyan wɔn so na ɔbɛyɛ saa.

11. Yɛyɛ dɛn hu sɛ daa nkwa a nnipa benya wɔ asase so ka asɛm a Yesu kae a wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Yohane 6:48-51 no ho?

11 Wɔ Galilea no, nnipa mpempem pii a na wɔpɛ sɛ Yesu fa anwonwakwan so ma wɔn paanoo no fii ase dii n’akyi. Nanso paanoo foforo bi a ɛno ne “nkwa paanoo” ho asɛm mmom na Yesu ka kyerɛɛ wɔn. (Monkenkan Yohane 6:40, 48-51.) Ɔkae sɛ: “Paanoo a mede bɛma no ne me honam.” Ɛnyɛ wɔn a wɔne Yesu bedi ade wɔ ne soro Ahenni no mu nkutoo nti na ɔde ne nkwa too hɔ, na mmom adesamma a wobetumi agye wɔn “esiane wiase nkwa nti” no nso. “Sɛ obi di paanoo yi bi,” a nea ɛkyerɛ ne sɛ, sɛ onya Yesu afɔrebɔ a etumi gye nkwa no mu gyidi a, obenya anidaso sɛ obenya daa nkwa. Nokwarem no, anidaso a na Yudafo no wɔ fi teteete sɛ wobenya daa nkwa wɔ asase so wɔ Mesia no nniso ase no ka tena a nnipa ‘bɛtena ase daa’ a wɔaka ho asɛm no ho.

12. Bere a Yesu ka kyerɛɛ wɔn a na wɔsɔre tia no no sɛ ‘ɔbɛma ne nguan daa nkwa no,’ anidaso bɛn ho asɛm na na ɔreka?

12 Akyiri yi, Yesu ka kyerɛɛ wɔn a na wɔsɔre tia no no wɔ Ahodwira Afahyɛ no ase wɔ Yerusalem sɛ: “Munnye nni, efisɛ monyɛ me nguan no mu biara. Me nguan tie me nne na minim wɔn, na wodi m’akyi. Na mɛma wɔn daa nkwa.” (Yoh. 10:26-28) So na ɔsoro asetena nkutoo ho asɛm na na Yesu reka anaasɛ na daa nkwa a nnipa benya wɔ paradise asase so nso ka ho? Ná Yesu kaa asɛm a edi so yi de kyekyee n’akyidifo werɛ nkyɛe. Ɔkae sɛ: “Munnsuro, nguankuw ketewa, efisɛ mo Agya no apene so sɛ ɔde ahenni no bɛma mo.” (Luka 12:32) Nanso wɔ saa Ahodwira Afahyɛ no ara ase no, Yesu kae sɛ: “Mewɔ nguan foforo a womfi ban yi mu; wɔn nso ɛsɛ sɛ mede wɔn ba.” (Yoh. 10:16) Enti, bere a Yesu ne wɔn a na wɔsɔre tia no no kasae no, na asɛm a ɔkae no fa anidaso a “nguankuw ketewa” no wɔ sɛ wɔbɛkɔ soro ne anidaso a “nguan foforo” ɔpepem pii wɔ sɛ wobenya daa nkwa wɔ asase so no nso ho.

Anidaso a na Enhia sɛ Wɔkyerɛkyerɛ Mu

13. Dɛn na na Yesu kyerɛ bere a ɔkae sɛ: “Wobɛka me ho wɔ Paradise” no?

13 Bere a na Yesu rehu amane wɔ asɛndua no so no, osii so dua sɛ adesamma anidaso no yɛ nokware turodoo. Ɔdebɔneyɛfo bi a na wɔabɔ no asɛndua mu wɔ ne nkyɛn kae sɛ: “Yesu, sɛ woba w’ahenni mu a, kae me.” Yesu hyɛɛ no bɔ sɛ: “Nokwarem mise wo nnɛ sɛ, wobɛka me ho wɔ Paradise.” (Luka 23:42, 43) Esiane sɛ ɛda adi sɛ na saa ɔbarima yi yɛ Yudani nti, na enhia sɛ wɔkyerɛkyerɛ Paradise mu kyerɛ no. Ná onim anidaso a ɛwɔ hɔ sɛ nnipa benya daa nkwa wɔ asase so daakye no.

14. (a) Dɛn na ɛkyerɛ sɛ na ɛyɛ den ma asomafo no sɛ wɔbɛte ɔsoro anidaso ho asɛm no ase? (b) Bere bɛn na Yesu akyidifo no tee ɔsoro anidaso no ase yiye?

14 Nanso, ɔsoro anidaso ho asɛm a Yesu kae no na na ehia sɛ wɔkyerɛkyerɛ mu. Bere a Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ ɔrekɔ soro akosiesie baabi ama wɔn no, wɔante nea na ɔrekyerɛ no ase. (Monkenkan Yohane 14:2-5.) Akyiri yi, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mewɔ nsɛm pii ka kyerɛ mo, nanso morentumi nsoa seesei. Nanso sɛ ɔno, nokware no honhom no, ba a, ɔbɛkyerɛ mo kwan akɔ nokware no nyinaa mu.” (Yoh. 16:12, 13) Ɛyɛ bere a wɔde Onyankopɔn honhom sraa Yesu akyidifo no wɔ Pentekoste afe 33 Y.B. mu sɛ wɔbɛyɛ ahene daakye no akyi na wohui sɛ nhengua a wɔbɛtena so no wɔ soro. (1 Kor. 15:49; Kol. 1:5; 1 Pet. 1:3, 4) Ná ɔsoro agyapade a wobenya no yɛ asɛm foforo ma wɔn, enti wɔkaa ho asɛm pii wɔ nkrataa a ɛwɔ Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm a honhom kaa wɔn ma wɔkyerɛwee no mu. Nanso, so saa nkrataa yi san si daa nkwa a nnipa benya wɔ asase so ho anidaso no so dua?

Dɛn na Nkrataa a Honhom no Ma Wɔkyerɛwee no Ka?

15, 16. Ɔkwan bɛn so na krataa a honhom no ma wɔkyerɛw Hebrifo no ne asɛm a Petro kae no fa daa nkwa a nnipa benya wɔ asase so no ho?

15 Ɔsomafo Paulo frɛɛ ne mfɛfo gyidifo sɛ “anuanom a moyɛ kronkron a moka ɔsoro frɛ ho” wɔ ne krataa a ɔde kɔmaa Hebrifo no mu. Nanso, ɔsan kae wom sɛ Onyankopɔn de “wiase a ɛreba” no ahyɛ Yesu ase. (Heb. 2:3, 5; 3:1) Wɔ Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no mu no, Hela asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase “wiase” no fa asase a nnipa te so ho bere nyinaa. Enti, “wiase a ɛreba” no yɛ nhyehyɛe a ɛbɛba asase so daakye wɔ Yesu Kristo nniso ase. Afei Yesu bɛma Onyankopɔn bɔhyɛ a edi so yi abam sɛ: “Treneefo benya asase no adi, na wɔatena so daapem.”—Dw. 37:29.

16 Wɔde honhom kaa ɔsomafo Petro nso ma ɔkyerɛw adesamma daakye ho asɛm. Ɔkyerɛwee sɛ: “Wɔakora ɔsoro ne asase a ɛwɔ hɔ yi so ama ogya de retwɛn atemmu ne amumɔyɛfo sɛe da.” (2 Pet. 3:7) Dɛn na wɔde besi amammui nniso ne nnipa abɔnefo a wɔwɔ hɔ nnɛ no ananmu? (Monkenkan 2 Petro 3:13.) Wɔde “ɔsoro foforo”—Onyankopɔn Mesia Ahenni—ne “asase foforo”—treneefo a wɔsom Onyankopɔn nokwarem na ebesi ananmu.

17. Wɔka adesamma anidaso ho asɛm dɛn wɔ Adiyisɛm 21:1-4?

17 Bible mu nhoma a etwa to no ka anisoadehu a ɛfa nnipa a wɔbɛsan ma wɔayɛ pɛ no ho asɛm ma yɛn ani gye. (Monkenkan Adiyisɛm 21:1-4.) Efi bere a nnipa tɔɔ sin wɔ Eden turom hɔ pɛɛ na nnipa a wogye Onyankopɔn ne ne bɔhyɛ ahorow di anya saa anidaso yi. Nnipa a wɔteɛ bɛtena Paradise wɔ asase so daa a wɔremmɔ nkwakoraa ne mmerewa. Hebri Kyerɛwnsɛm ne Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no nyinaa ka saa anidaso yi ho asɛm pefee, na akɔ so ahyɛ Yehowa nokware asomfo den de abesi nnɛ.—Adi. 22:1, 2.

Wubetumi Akyerɛkyerɛ Mu?

• Bere a Yesu kaa “bere a wɔayɛ nneɛma foforo” ho asɛm no, na ɔrekyerɛ dɛn?

• Dɛn na Yesu kaa ho asɛm kyerɛɛ Nikodemo?

• Ɛbɔ bɛn na Yesu hyɛɛ ɔdebɔneyɛfo a na wɔabɔ no asɛndua mu wɔ ne nkyɛn no?

• Ɔkwan bɛn so na krataa a wɔkyerɛw Hebrifo no ne asɛm a Petro kae no si daa nkwa a nnipa benya wɔ asase so no so dua?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 8]

Nnipa a wɔte sɛ nguan benya daa nkwa wɔ asase so

[Mfonini wɔ kratafa 10]

Yesu kaa daa nkwa ho asɛm kyerɛɛ afoforo