Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kristo Dɔ Ka Yɛn Ma Yɛdɔ Afoforo

Kristo Dɔ Ka Yɛn Ma Yɛdɔ Afoforo

Kristo Dɔ Ka Yɛn Ma Yɛdɔ Afoforo

“Esiane sɛ na Yesu dɔ n’ankasa ne de a wɔwɔ wiase no nti, ɔdɔɔ wɔn kosii awiei.”—YOH. 13:1.

1, 2. (a) Dɛn na ɛma ɔdɔ a Yesu daa no adi no yɛ soronko saa? (b) Nneɛma a ɔdɔ ma yɛyɛ bɛn na yɛrebesusuw ho wɔ adesua yi mu?

YESU yɛɛ ɔdɔ ho nhwɛso a ɛyɛ pɛ maa yɛn. Nneɛma a ɔyɛe nyinaa—ne kasa, ne nneyɛe, ne nkyerɛkyerɛ, ne n’afɔrebɔ wu no—daa no adi sɛ ɔwɔ ɔdɔ. Yesu daa ɔdɔ adi kyerɛɛ nnipa a ohyiaa wɔn wɔ nna a odii wɔ asase so nyinaa mu, ne titiriw no, n’asuafo no.

2 Ɔdɔ soronko a Yesu daa no adi no yɛ biribi a edi mũ paa a ɛsɛ sɛ n’akyidifo suasua. Ɛsan nso ka yɛn ma yɛda ɔdɔ a ɛte saa ara adi kyerɛ yɛn nuanom a yɛne wɔn wɔ asafo no mu ne nnipa nyinaa. Yebesusuw nea asafo mu mpanyimfo betumi asua afi Yesu hɔ wɔ sɛnea wɔbɛda ɔdɔ adi akyerɛ wɔn a wɔyɛ bɔne, a wɔn a wɔyɛ bɔne a anibere wom mpo ka ho ho wɔ saa adesua yi mu. Yɛbɛsan asusuw sɛnea ɔdɔ a Yesu daa no adi no ka Kristofo ma wɔyɛ biribi de boa wɔn a wɔakɔ ahokyere mu, wɔn a atoyerɛnkyɛm ato wɔn, ne wɔn a wɔyare no ho.

3. Ɛmfa ho sɛ Petro dii mfomso a anibere wom no, Yesu ne no dii no dɛn?

3 Anadwo a ade rebɛkye ma Yesu awu no, ɔno ankasa ho nipa ɔsomafo Petro kae mprɛnsa sɛ onnim no. (Mar. 14:66-72) Nanso, bere a Petro nuu ne ho wɔ mfomso a ɔyɛe ho sɛnea na Yesu aka sɛ ɔbɛyɛ no, Yesu de ne mfomso kyɛɛ no. Yesu de asɛyɛde ahorow a emu yɛ duru hyɛɛ Petro nsa. (Luka 22:32; Aso. 2:14; 8:14-17; 10:44, 45) Dɛn na yesua fi adwene a Yesu daa no adi wɔ nnipa a wodii mfomso a anibere wom ho no mu?

Monna Kristo Dɔ no Bi Adi Nkyerɛ Wɔn a Wɔayɛ Bɔne

4. Tebea bɛn mu paa na ehia sɛ yɛda Kristo dɔ no bi adi?

4 Wɔ tebea ahorow pii a ɛsɛ sɛ yɛda Kristo dɔ no bi adi mu no, emu biako a etumi haw adwene paa ne nea ɛfa bɔne a anibere wom a afoforo yɛ ho, sɛ́ ebia esi wɔ abusua mu anaa asafo no mu no. Awerɛhosɛm ne sɛ, bere a Satan nhyehyɛe yi reba awiei no, wiase honhom no ama nnipa abrabɔ resɛe kɛse sen bere biara. Wiase no abrabɔ bɔne anaa emu ɔbrasɛe a ɛmfa emufo ho no betumi anya mmofra ne mpanyin nyinaa so nkɛntɛnso bɔne, na ama ayɛ den ama wɔn sɛ wɔbɛkɔ so anantew ɔkwan teateaa a wɔasi wɔn bo sɛ wɔbɛfa so no so. Wɔ afeha a edi kan no mu no, wotuu ebinom fii Kristofo asafo no mu, na wɔkaa afoforo nso anim. Saa ara na ɛte nnɛ. (1 Kor. 5:11-13; 1 Tim. 5:20) Nanso, sɛ mpanyimfo a wodi saa nsɛm yi da Kristo dɔ no bi adi a, ebetumi aboa nea wayɛ bɔne no kɛse.

5. Mpanyimfo bɛyɛ dɛn ada Kristo dɔ no bi adi akyerɛ wɔn a wɔayɛ bɔne no?

5 Ɛsɛ sɛ asafo mu mpanyimfo de Yehowa trenee gyinapɛn di dwuma bere nyinaa sɛnea Yesu yɛe no. Sɛ wɔyɛ saa a, na wɔreda odwo, ayamye, ne ɔdɔ a Yehowa wɔ no bi adi. Sɛ obi nu ne ho ankasa, ne ‘koma bubu,’ na ne ‘honhom botow’ esiane bɔne a wayɛ nti a, ebia ɛrenyɛ den mma mpanyimfo no sɛ ‘wobegye onipa a ɔte saa no asi yiye odwo honhom mu.’ (Dw. 34:18; Gal. 6:1) Nanso, sɛ wɔne obi a wasen ne kɔn na onnu ne ho koraa redi nso ɛ?

6. Sɛ mpanyimfo ne wɔn a wɔayɛ bɔne redi a, dɛn na ɛnsɛ sɛ wɔyɛ, na dɛn ntia?

6 Sɛ nea wayɛ bɔne no nnye Kyerɛwnsɛm mu afotu ntom anaasɛ ɔbɔ mmɔden sɛ ɔde bɔne a wayɛ no ho asodi bɛto afoforo so a, ebetumi ama mpanyimfo ne afoforo bo afuw no. Esiane sɛ wonim ɔhaw a onipa no de aba dedaw nti, anhwɛ a wɔbɛka wɔn koko so asɛm akyerɛ nea wayɛ bɔne no wɔ ne nneyɛe ne ne suban no ho. Nanso, abufuw sɛe ade na ɛmma yɛnna “Kristo adwene” adi. (1 Kor. 2:16; monkenkan Yakobo 1:19, 20.) Ɛwom sɛ Yesu bɔɔ nnipa bi a na wɔwɔ ne bere so kɔkɔ denneennen de, nanso da koro mpo nni hɔ a ɔkaa asɛm a ɛhyɛ abufuw anaasɛ ɔhyɛɛ da kaa asɛm a ɛbɛyɛ obi yaw. (1 Pet. 2:23) Mmom no, ɔnam ne kasa ne ne nneyɛe so maa wɔn a wɔayɛ bɔne hui sɛ wobetumi asakra na wɔasan anya Yehowa anim dom. Nokwarem no, nneɛma titiriw a ɛmaa Yesu baa wiase no mu biako ne sɛ ‘obegyee nnebɔneyɛfo nkwa.’—1 Tim. 1:15.

7, 8. Sɛ mpanyimfo redi afoforo asɛm a, dɛn na ɛsɛ sɛ wɔma ɛkyerɛ wɔn kwan?

7 Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ nhwɛso a Yesu yɛe wɔ eyi mu no ka adwene a ɛsɛ sɛ yenya wɔ wɔn a ehia sɛ asafo no teɛ wɔn so no ho? Ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ Bible mu akwankyerɛ a wɔde ama sɛ wonni ebinom asɛm wɔ asafo no mu no bɔ nguankuw no ho ban, na ebetumi aka obi a wayɛ bɔne a wɔateɛ no so no ma wasakra n’adwene. (2 Kor. 2:6-8) Ɛyɛ awerɛhow sɛ ebinom nnu wɔn ho ma enti wotu wɔn, nanso ɛhyɛ nkuran nso sɛ akyiri yi yehu sɛ saafo no mu dodow no ara san ba Yehowa nkyɛn ne n’asafo no mu. Sɛ mpanyimfo da Kristo dɔ no bi adi a, wɔma ɛyɛ mmerɛw ma onipa no sɛ ɔbɛsesa n’akwan na awiei koraa no wasan aba. Bere bi akyi no, ebia wɔn a wɔyɛɛ bɔne bere bi a atwam no renkae Bible mu afotu a mpanyimfo no de maa wɔn no nyinaa de, nanso akyinnye biara nni ho sɛ wɔbɛkae sɛ mpanyimfo no dii wɔn ni, na wɔne wɔn dii no ɔdɔ so.

8 Enti sɛ wɔn a wɔayɛ bɔne no nnye Bible mu afotu ntom mpo a, ɛsɛ sɛ mpanyimfo da “honhom no aba” adi, titiriw, ɔdɔ a Kristo daa no adi no bi. (Gal. 5:22, 23) Ɛnsɛ sɛ wɔpere wɔn ho tu obi a wayɛ bɔne fi asafo no mu da. Ɛsɛ sɛ wɔma wɔn a wɔayɛ bɔne no hu sɛ wɔpɛ sɛ wɔsan ba Yehowa nkyɛn. Enti, sɛ obi a wayɛ bɔne nu ne ho akyiri yi sɛnea ɛyɛ a wɔn mu pii yɛ no a, obetumi anya anisɔ kɛse ama Yehowa ne ‘nnipa a ɔde wɔn ama sɛ akyɛde’ a wɔma ɛyɛɛ mmerɛw maa no sɛ ɔbɛsan aba asafo no mu no.—Efe. 4:8, 11, 12.

Sɛnea Yɛbɛda Kristo Dɔ Adi wɔ Awiei Bere Yi Mu

9. Ma nhwɛso bi fa kyerɛ sɛnea Yesu daa ɔdɔ adi kyerɛɛ n’asuafo no.

9 Luka kyerɛw ɔdɔ soronko bi a bere bi Yesu daa no adi ho asɛm. Esiane sɛ na Yesu nim sɛ bere bi bɛba a Roma asraafo betwa Yerusalem kurow a wɔrebɛsɛe no no ho ahyia ma emufo rennya kwan nguan nti, ofi ɔdɔ mu bɔɔ n’asuafo no kɔkɔ sɛ: “Sɛ muhu sɛ asraafodɔm atwa Yerusalem ho ahyia a, ɛnde munhu sɛ n’amamfoyɛ abɛn.” Ná ɛsɛ sɛ wɔyɛ dɛn? Yesu de akwankyerɛ pɔtee a emu da hɔ maa wɔn sɛ: “Afei momma wɔn a wɔwɔ Yudea mfi ase nguan nkɔ mmepɔw so, na momma wɔn a wɔwɔ kurow no mu no mfi mu nkɔ, na mommma wɔn a wɔwɔ nkuraase no mmma mu; efisɛ eyi yɛ aweredi nna, sɛnea ɛbɛyɛ a nea wɔakyerɛw nyinaa bɛba mu.” (Luka 21:20-22) Bere a Roma asraafo twaa Yerusalem ho hyiae wɔ afe 66 Y.B. mu no, wɔn a wɔn aso yɛ mmerɛw no de saa akwankyerɛ no yɛɛ adwuma.

10, 11. Ɔkwan bɛn so na sɛ yesusuw sɛnea tete Kristofo no guan fii Yerusalem no ho a, ebetumi aboa yɛn ma yɛasiesie yɛn ho ama “ahohiahia kɛse” no?

10 Bere a Kristofo no reguan afi Yerusalem no, na ehia sɛ wɔda Kristo dɔ no bi adi kyerɛ wɔn ho wɔn ho, sɛnea na Kristo ada ɔdɔ adi akyerɛ wɔn no. Akyinnye biara nni ho sɛ na ɛsɛ sɛ wɔne wɔn mfɛfo kyɛ nea wɔwɔ biara. Nanso, na Yesu nkɔmhyɛ no benya mmamu kɛse asen tete kurow no a na wɔbɛsɛe no no. Yesu hyɛɛ nkɔm sɛ: “Ahohiahia kɛse a, efi wiase mfitiase besi mprempren ebi nsii, na ebi nso nsi bio bɛba.” (Mat. 24:17, 18, 21) Ansa na saa “ahohiahia kɛse” a ɛda yɛn anim no bɛba ne bere a aba nyinaa mu no, yɛn nso yebetumi akɔ ahokyere mu anaasɛ ɛbɛyɛ den ama yɛn sɛ yɛn nsa bɛka honam fam nneɛma a yehia. Sɛ yenya adwene a Kristo wɔ no bi a, ɛbɛboa yɛn ma yɛagyina tebea ahorow a yebehyia no nyinaa ano.

11 Saa bere no, ɛho behia sɛ yesuasua Yesu nhwɛso, na yɛda ɔdɔ a pɛsɛmenkominya nnim adi. Paulo de eyi ho afotu mae sɛ: “Momma yɛn mu biara nsɔ ne yɔnko ani wɔ nea eye a ɛbɛma wayɛ den mu. Na Kristo mpo ansɔ n’ankasa ani . . . Na Onyankopɔn a ɔma boasetɔ ne awerɛkyekye no mma munnya adwenkoro no ara a na Kristo Yesu wɔ no bi wɔ mo mu.”—Rom. 15:2, 3, 5.

12. Ɔdɔ bɛn na ɛsɛ sɛ yenya no seesei, na dɛn ntia?

12 Petro a Yesu daa ɔdɔ adi kyerɛɛ no no nso hyɛɛ Kristofo nkuran sɛ wonnya “onuadɔ a nyaatwom nnim,” na wɔnyɛ ‘aso mma nokware no.’ Ɛsɛ sɛ ‘wofi wɔn komam dodɔ wɔn ho wɔn ho denneennen.’ (1 Pet. 1:22) Ɛnnɛ ne bere a ɛsɛ sɛ yenya Kristo su a ɛte saa no bi sen bere biara. Ɔhaw ahorow a Onyankopɔn nkurɔfo nyinaa rehyia no mu afi ase reyɛ den dedaw. Ɛnsɛ sɛ yɛn mu biara de ne werɛ hyɛ wiase dedaw yi mu biribiara mu, sɛnea wiase sikasɛm a ayɛ basaa nnansa yi ma yehu no pefee no. (Monkenkan 1 Yohane 2:15-17.) Mmom no, bere a saa nhyehyɛe yi rebɛn n’awiei paa no, ɛsɛ sɛ yɛbɛn Yehowa ne yɛn ho yɛn ho paa, na yɛfa yɛn ho yɛn ho nnamfo denneennen wɔ asafo no mu. Paulo de afotu mae sɛ: “Momma mo yam nhyehye mo mma mo ho wɔ onuadɔ mu. Munni kan mfa nidi mma mo ho mo ho.” (Rom. 12:10) Petro nso kaa saa asɛm no ho asɛm kɔɔ akyiri sɛ: “Nea ɛsen biribiara no, monnodɔ mo ho denneennen, efisɛ ɔdɔ kata bɔne pii so.”—1 Pet. 4:8.

13-15. Akwan bɛn so na anuanom binom ada Kristo dɔ adi bere a atoyerɛnkyɛm sisii?

13 Wonim Yehowa Adansefo wɔ wiase nyinaa sɛ wɔyɛ nnipa a wɔda ɔdɔ kann a ɛte sɛ Kristo de no bi adi. Susuw Adansefo a wotuu wɔn ho mae kɔboae bere a ahum kɛse bi sɛee nneɛma wɔ mmeae pii wɔ United States anafo fam wɔ afe 2005 mu no ho hwɛ. Ɔdɔ a Yesu daa no adi no kaa anuanom bɛboro 20,000 a wɔn mu pii gyaw wɔn afie a na ahotɔ wom ne nnwuma pa hɔ tuu wɔn ho mae kɔboaa wɔn nuanom a na asɛm ato wɔn no.

14 Wɔ beae bi no, ɛpo nsu yiri faa asase no so kɔɔ akyiri bɛyɛ kilomita 80, na na nsu no ayɛ ɔfasu a ɛkɔ soro bɛyɛ mita 10. Bere a nsu no twee no, na afie ne adan foforo a nsu twiw faa so no abiɛsa biara mu biako asɛe koraa. Adansefo a wotuu wɔn ho mae a wofi aman pii so no de nimdeɛ a wɔwɔ wɔ adansi ho, nnwinnade, ne nneɛma a wɔde sisi adan baa ɔmantam no mu bɛboae, na na wɔwɔ ɔpɛ sɛ wɔbɛyɛ adwuma biara a na ɛho hia sɛ wɔyɛ no. Obi ne ne nua a wɔyɛ mmea akunafo boaboaa wɔn nneɛma ano guu kar bi mu twaa kwan bɛboro kilomita 3,000 kɔboae. Saa anuanom mmea no mu biako akɔ so atena ɔmantam no mu, na ɔda so ara reboa atoyerɛnkyɛm bere mu aboafo boayikuw no, na ɔresom sɛ daa kwampaefo wɔ hɔ.

15 Wɔasan asisi anaasɛ wɔasiesie Adansefo ne afoforo a wɔwɔ ɔmantam no mu adan bɛboro 5,600. Saa ɔdɔ kɛse a wɔdaa no adi yi kaa Adansefo a wɔwɔ hɔ no dɛn? Onuawa bi a ne dan sɛee tu kɔtenaa ɔdan ketewa bi a esi kar so a enwini na sutof a ɛwom nso asɛe mu. Anuanom sii ɔdan korokorowa bi a emu yɛ ahomeka maa onuawa no. Bere a na onuawa no gyina ne fie foforo fɛfɛɛfɛ no anim no, anisɔ a onya maa Yehowa ne ne nuanom no kaa no ma osui. Wɔ Adansefo foforo a wɔwɔ hɔ pii fam no, bere a wɔsan sisii wɔn adan no wiei no, wɔkɔɔ so tenaa adan a wɔma wɔkɔtenaa mu bere tiaa mu no mu afe anaa nea ɛboro saa. Dɛn nti na wɔyɛɛ saa? Sɛnea ɛbɛyɛ a atoyerɛnkyɛm bere mu aboafo no bɛtena wɔn afie no mu ayɛ adwuma. Kristo dɔ a wɔdaa no adi bɛn ara ni!

Sɛnea Yebenya Kristo Adwene wɔ Wɔn a Wɔyare Ho

16, 17. Akwan bɛn so na yebetumi ada adwene a Kristo wɔ wɔ wɔn a wɔyare ho no bi adi?

16 Yɛn mu kakraa bi pɛ na atoyerɛnkyɛm a ɛsɛe ade kɛse ato yɛn pɛn. Nanso, ɛkame ayɛ sɛ yɛn mu biara ko yare, sɛ́ ebia ɛyɛ yɛn ankasa anaa yɛn busuani bi de. Adwene a na Yesu wɔ wɔ wɔn a wɔyare ho no yɛ nhwɛso ma yɛn. Ɔdɔ a ɔwɔ no kaa no ma ne yam hyehyee no maa wɔn. Bere a nnipa akuwakuw de wɔn nkurɔfo a wɔyare baa ne nkyɛn no, “ɔsaa wɔn a wɔyare nyinaa yare.”—Mat. 8:16; 14:14.

17 Ɛnnɛ, Kristofo nni tumi a na Yesu de sa yare no bi, nanso sɛnea Yesu yam hyehyee no maa wɔn a wɔyare no, saa ara na wɔn nso yam hyehye wɔn ma wɔn a wɔyare. Dɛn na wɔyɛ de kyerɛ saa? Nhwɛso biako ne sɛ, asafo mu mpanyimfo da no adi sɛ wɔwɔ Kristo adwene denam nhyehyɛe a wɔyɛ de boa asafo no mufo a wɔyare na wɔhwɛ ma nhyehyɛe no yɛ adwuma no so, na saa a wɔyɛ no ma wɔde nnyinasosɛm a ɛwɔ Mateo 25:39, 40 no yɛ adwuma. * (Monkenkan.)

18. Dɛn na anuanom mmea baanu bi yɛe de daa ɔdɔ kann adi kyerɛɛ onuawa bi, na dɛn na efii mu bae?

18 Nokwarem no, enhia sɛ obi yɛ asafo mu panyin ansa na watumi ayɛ afoforo papa. Susuw Charlene a wadi mfe 44 a onyaa kokoram a wɔka kyerɛɛ no sɛ aka nnafua du na wawu asɛm no ho hwɛ. Bere a anuanom mmea baanu a wɔfrɛ wɔn Sharon ne Nicolette a wɔwɔ asafo no mu hui sɛ onuawa no hia mmoa na ne kunu a ɔrehwɛ no no rebrɛ no, wotuu wɔn ho mae de wɔn bere nyinaa hwɛɛ no kosii sɛ owui. Anuanom mmea baanu no fi ɔdɔ mu hwɛɛ no boroo nnafua du a na wɔaka no kosii adapɛn asia ansa na ɔrewu. Sharon ka sɛ, “Sɛ obi yare na wunim sɛ obewu a, ɛyɛ den paa. Nanso Yehowa hyɛɛ yɛn den. Saa asɛm yi ma yɛbɛnee Yehowa ne yɛn ho yɛn ho.” Charlene kunu ka sɛ: “Me werɛ remfi ayamye mu a saa anuanom mmea baanu no fi boaa yɛn no da. Wɔn yam a woyii ne nneɛma pa a wɔyɛe no ma ɛyɛɛ mmerɛw maa me yere Charlene ɔnokwafo no wɔ sɔhwɛ a na ɔrehyia no fã a etwa to no mu, na ɛmaa me nso minyaa ɔhome fii ɔbrɛ ne ahoyeraw a na mewom no mu. Me werɛ remfi nea wɔyɛ maa yɛn no da. Ahofama a wɔdaa no adi no hyɛɛ gyidi a mewɔ wɔ Yehowa mu no mu den, na ɔdɔ a mewɔ ma anuanom nyinaa no nso mu yɛɛ den.”

19, 20. (a) Kristo adwene afã anum bɛn na yɛasusuw ho? (b) Dɛn na woasi wo bo sɛ wobɛyɛ?

19 Yɛasusuw Yesu adwene afã anum ne ɔkwan a yebetumi afa so asuasua sɛnea osusuw nsɛm ho na yɛayɛ yɛn ade te sɛ ɔno ho wɔ adesua nsɛm abiɛsa yi mu. Momma ‘yennwo, na yɛmmrɛ yɛn ho ase koma mu’ te sɛ Yesu. (Mat. 11:29) Sɛ afoforo sintɔ ne wɔn mmerɛwyɛ da adi kɛse mpo a, momma yɛn nso yɛmmɔ mmɔden ne wɔn nni no ayamye so. Sɛ yɛrehyia sɔhwɛ ahorow mpo a, momma yɛmfa akokoduru nyɛ nea Yehowa hwehwɛ nyinaa.

20 Awiei koraa no, momma yɛnna Kristo dɔ adi nkyerɛ yɛn nuanom nyinaa sɛnea Kristo ankasa yɛ “kosii awiei” no. Ɔdɔ a ɛte saa ma nkurɔfo hu sɛ yɛn na yɛyɛ Yesu akyidifo ankasa. (Yoh. 13:1, 34, 35) Nokwarem no, “momma mo nuadɔ nkɔ so.” (Heb. 13:1) Ma wonhu wo dɔ! Fa nneɛma a woyɛ wɔ w’asetena mu no kamfo Yehowa na boa afoforo! Yehowa behyira nea wufi wo komam yɛ no so.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 17 Hwɛ asɛm a ɛne “Yɛ Nea Ɛsen Ka a Wobɛka Sɛ ‘Mo Ho Nyɛ Mo Hyew na Mommee’” a ɛwɔ March 1, 1987, Ɔwɛn-Aban mu no.

Wubetumi Akyerɛkyerɛ Mu?

• Asafo mu mpanyimfo bɛyɛ dɛn atumi ada Kristo dɔ no bi adi akyerɛ wɔn a wɔayɛ bɔne?

• Dɛn nti na Kristo dɔ a yebesuasua wɔ awiei bere yi mu ho hia paa?

• Yɛbɛyɛ dɛn atumi ada Kristo adwene adi wɔ wɔn a wɔyare ho?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 17]

Asafo mu mpanyimfo pɛ sɛ wɔn a wɔayɛ bɔne no san ba Yehowa nkyɛn

[Mfonini wɔ kratafa 18]

Dɛn na Kristofo a na wɔreguan afi Yerusalem no yɛ de daa Kristo dɔ no bi adi?

[Mfonini wɔ kratafa 19]

Wonim Yehowa Adansefo sɛ wɔda ɔdɔ kann a ɛte sɛ Kristo de no bi adi