Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Minyaa Biribi A Ɛsom Bo Wɔ Asetena Mu

Minyaa Biribi A Ɛsom Bo Wɔ Asetena Mu

Minyaa Biribi A Ɛsom Bo Wɔ Asetena Mu

Sɛnea Gaspar Martínez ka kyerɛe

Ɔkwan bi so no, na meyɛ aberantewa hiani a ofi akuraase baa kurow kɛse mu bɛyɛɛ yiye. Nanso, wubehu sɛ ɛnyɛ ahonyade ankasa a na mehwɛ kwan sɛ menya no na minyae.

MINYINII wɔ akuraa bi a na ɛhɔ asetena yɛ den ase wɔ afe 1930 mfe no mu wɔ Rioja mantam a ɛwɔ Spain atifi fam no mu. Migyaee sukuu bere a na madi mfe du, nanso eduu saa bere no, na mahu akenkan ne akyerɛw. Ná me ne me nuanom mmarima ne mmea baasia hwɛ nguan wɔ wuram, na na yɛyɛ afuw wɔ yɛn asase ketewa bi so nso.

Ohia ma yebuu ahonyade sɛ ade a ɛho hia kɛse paa. Ná yɛn ani bere wɔn a na wɔwɔ ahonyade sen yɛn no. Nanso bere bi, ɔsɔfopanyin a na ɔhwɛ yɛn mansin no so no kae sɛ “yɛn akuraa no asefo na wɔn ani gye nyamesom ho paa wɔ ne mansin no mu.” Nanso saa bere no, wanhu sɛ na bere bi bɛba a yɛn mu pii begyae Katolek asɔre no.

Mehwehwɛɛ Biribi a Eye Paa

Mewaree ababaa bi a wɔfrɛ no Mercedes a ofi yɛn akuraa no ase hɔ ara. Ankyɛ na yɛwoo ɔbabarima. Wɔ afe 1957 mu no, yetuu kɔɔ kurow kɛse a ɛbɛn yɛn a wɔfrɛ no Logroño no mu, na awiei koraa no, m’abusuafo nyinaa tuu baa hɔ bi. Ankyɛ na mihui sɛ sɛ́ obi a minni adwuma biara ho nimdeɛ no, ɛbɛyɛ den sɛ menya adwuma a ɛbɛma manya sika a ɛdɔɔso de ahwɛ m’abusua. Ná minhu baabi a menya akwankyerɛ. Mekɔɔ nhomakorabea bi a ɛwɔ hɔ kɔyɛɛ nhwehwɛmu, nanso na minnim dekode pɔtee a merehwehwɛ.

Akyiri yi, metee sɛ wɔreka wɔ radio so sɛ wɔreyɛ Bible adesua bi a wɔnam nkrataakyerɛw so na ɛyɛ. Bere a miwiee saa Bible adesua no, ankyɛ na Evangelical Protestant asɔre no mufo baa me nkyɛn. Mekɔɔ baabi a wɔyɛ wɔn asɔre no mpɛn dodow bi akyi no, mihui sɛ ntawntawdi wɔ kuw no mu mpanyimfo no ntam. Mansan ankɔ hɔ bio, na minyaa adwene sɛ ɛbɛyɛ sɛ saa ara na ɔsom ahorow nyinaa te.

M’ani so Tetew Me

Wɔ afe 1964 mu no, aberante bi a wɔfrɛ no Eugenio baa yɛn fie. Ná ɔyɛ Yehowa Dansefo, ɔsom a na mentee ho asɛm koraa da. Nanso na m’ani gye ho paa sɛ me ne no besusuw Bible ho. Ná misusuw sɛ minim Kyerɛwnsɛm no mu yiye. Mede Bible mu nsɛm a na menam nkrataakyerɛw so asua no kakra dii dwuma de yiyii ne nsɛm ano. Ɛwom sɛ mebɔɔ mmɔden sɛ mɛkyerɛkyerɛ Protestant nkyerɛkyerɛ bi mu de, nanso me koma mu paa de, na minnye nni.

Bere a yɛbɔɔ nkɔmmɔ tenteenten mprenu no, mibehui ankasa sɛ Eugenio nim Onyankopɔn Asɛm mu yiye paa. Ɛwom sɛ wankɔ sukuu annu baabi a midui no de, nanso sɛnea na otumi bue kyerɛw nsɛm na ɔkyerɛkyerɛ mu no yɛɛ me nwonwa. Eugenio de Bible kyerɛkyerɛɛ me ma mihui sɛ yɛte nna a edi akyiri mu, na ɛrenkyɛ na Onyankopɔn Ahenni ama asase ayɛ paradise. Me ho dwiriw me.—Dw. 37:11, 29; Yes. 9:6, 7; Mat. 6:9, 10.

Ntɛm ara na mepenee so sɛ wɔne me nsua Bible. Ɛkame ayɛ sɛ na mentee biribiara a yɛresua no ho asɛm da, na ɛkaa me koma yiye. Minyaa anidaso, na ɛma minyaa biribi a ɛsom bo wɔ asetena mu. Ná manya nea merehwehwɛ no. Afei ɛbɛyɛɛ te sɛ nea na yiyedi a merehwehwɛ wɔ asetena mu no ho nhia me, na adwuma ho asɛm a na ɛhaw me no ammɛyɛ ade a na ɛho hia me kɛse bio. Mibehui sɛ yare ne owu mpo befi hɔ.—Yes. 33:24; 35:5, 6; Adi. 21:4.

Ɛhɔ ara na mifii ase kaa ade a na meresua no ho asɛm kyerɛɛ m’abusuafo, na mede anigye ka kyerɛɛ wɔn sɛ Onyankopɔn ahyɛ bɔ sɛ ɔbɛyɛ asase paradise ma nnipa anokwafo atumi atena so daa.

M’abusuafo Gyee Bible mu Nokware no Toom

Ankyɛ, yɛn a na yɛn dodow bɛyɛ dumien no sii gyinae sɛ yebehyiam Kwasida awia biara wɔ me wɔfa fie asusuw bɔhyɛ ahorow a ɛwɔ Bible mu ho. Ná yɛde nnɔnhwerew abien anaa abiɛsa na ɛyɛ saa dapɛn biara. Bere a Eugenio hui sɛ m’abusuafo pii ani gye Bible sua ho no, ɔyɛɛ nhyehyɛe ne abusua biara suaa ade.

Ná m’abusuafo foforo te Durango a ɛyɛ akuraa bi a efi baabi a yɛte rekɔ hɔ bɛyɛ kilomita 120 a na Adansefo biara nte hɔ no ase. Enti asram abiɛsa akyi no, mikodii nna kakra wɔ hɔ kaa ɔsom foforo a na mahu no ho asɛm kyerɛɛ wɔn. Saa bere no, na nnipa a yɛn dodow bɛyɛ du hyiam anwummere biara, na na mekasa kyerɛ wɔn kosi ahemadakye. Ná wɔn nyinaa de anigye tie asɛm no. Bere a me nsrahwɛ no baa awiei no, memaa wɔn Bible ne Bible ho nhoma ahorow bi. Ɛno akyi no, mekɔɔ so ne wɔn dii nkitaho.

Bere a Adansefo no kɔɔ Durango, baabi a na obiara nkaa asɛm no wɔ hɔ da no, wokohuu nnipa 18 a na wɔretwɛn denneennen sɛ wobesua Bible no. Adansefo no de anigye yɛɛ nhyehyɛe ne abusua biara suaa ade.

Ɛde besi saa bere yi, na Mercedes ani nnye ho sɛ obesua nokware no, na ɛnyɛ sɛ ɔmpɛ sɛ obegye Bible nkyerɛkyerɛ no atom, na mmom na ɛyɛ nnipa ho suro na ɛhaw no. Saa bere no, na wɔabara Yehowa Adansefo adwuma no wɔ Spain, enti na osusuw sɛ atumfoɔ no bɛpam yɛn mma baanu no afi sukuu, na nkurɔfo bɛpo yɛn nyinaa nso. Nanso, bere a ohui sɛ abusua no mufo nyinaa regye Bible mu nokware no atom no, ɔno nso ani gyee ho sɛ obesua bi.

Wɔ mfe abien ntam no, m’abusuafo 40 bɛyɛɛ Adansefo, na wɔbɔɔ asu de yɛɛ wɔn ho so a wɔahyira sɛ wɔbɛsom Onyankopɔn no ho sɛnkyerɛnne. Nokwarem no, m’abusuafo benyaa botae ne atirimpɔw a mewɔ wɔ asetena mu no bi. Metee nka sɛ na manya biribi a ɛsom bo paa. Ná yɛanya honhom fam ahonyade pii.

Bere a Merenyin no, Mibenyaa Abotɔyam Kɛse

Wɔ mfe 20 a edi hɔ no, mede m’adwene sii yɛn mmabarima baanu no ntetee so, na meboaa yɛn asafo no. Bere a me ne Mercedes tu kɔɔ Logroño no, na Adansefo bɛyɛ 20 pɛ na wɔwɔ kurow kɛse a emu nnipa bɛyɛ 100,000 no mu. Ankyɛ na minyaa asɛyɛde pii wɔ asafo no mu.

Afei, bere a midii mfe 56 no, adwumakuw a na me ne wɔn yɛ adwuma no guu yɛn adwuma no a wɔammɔ yɛn nkae, na m’adwuma fii me nsa mpofirim. Ná meyɛ obi a m’ani gye bere nyinaa som adwuma no ho paa, enti mede hokwan yi yɛɛ akwampae adwuma. Ná pɛnhyen akatua a migye no sua, na na ɛyɛ den sɛ ɛbɛso yɛn. Mercedes yɛɛ nnwuma nketenkete de boae. Yetumi hwɛɛ yɛn abusua no, na yɛn nsa kaa nea yehia ankasa bere nyinaa. Meda so ara yɛ ɔkwampaefo, na bere ne bere mu no, me yere nso yɛ akwampaefo boafo adwuma, na n’ani gye asɛnka adwuma no ho yiye.

Mfe kakra a atwam no, na Mercedes taa ma ababaa bi a ne din de Merche a na wasua Bible no wɔ ne mmofraase no yɛn nsɛmma nhoma no bi. Merche de anigye kenkan yɛn nhoma no, na Mercedes hui sɛ Merche da so ara wɔ Bible mu nokware no ho anisɔ wɔ ne koma mu. Awiei koraa no, Merche penee so ma yɛne no suaa Bible, na ofii ase nyaa nkɔso pii. Nanso, na ne kunu Vicente nom nsa dodo ma enti na onni adwuma a ɔyɛ no daa. Ɛno nti, na onnya sika nhwɛ ne yere; ná n’asanom bebrebe no reyɛ asɛe wɔn aware no.

Me yere ka kyerɛɛ Merche sɛ ɔnka nkyerɛ Vicente ma ɔne me nkasa, na awiei koraa no, ɔyɛɛ saa. Bere a mekɔsraa no mpɛn dodow bi no, ɔpenee so ma me ne no suaa Bible no. Vicente fii ase yɛɛ nsakrae, ogyaee n’asanom no nna kakra wɔ bere bi mu. Afei ogyaee nom dapɛn biako anaa nea ɛboro saa. Bere bi akyi no, ogyaee asanom koraa. N’anim yɛɛ fɛ ankasa, na n’abusua no bɛyɛɛ biako. N’abusua no nyinaa, a ne yere ne ne babea ka ho, boa asafo ketewa bi a ɛwɔ Canary Islands a ɛhɔ na wɔte seesei no paa.

Mekaakae Asetena Pa a Manya

Ɛwom sɛ seesei m’abusuafo a wosuaa Bible nkyerɛkyerɛ mfe bi a atwam no mu bi awuwu de, nanso yɛn abusua no mu akɔ so atrɛw, na Onyankopɔn ahyira yɛn pii. (Mmeb. 10:22) Hwɛ sɛnea me bo tɔ me yam sɛ mihu sɛ ɛkame ayɛ sɛ wɔn a wofii ase suaa Bible no wɔ mfe 40 a atwam no nyinaa ne wɔn mma ne wɔn mmanananom de nokwaredi akɔ so asom Yehowa!

Seesei mewɔ honam fam abusuafo pii a wɔyɛ Adansefo a wɔn mu pii yɛ asafo mu mpanyimfo, asomfo, ne akwampaefo. Me babarima panyin no ne ne yere som wɔ Yehowa Adansefo baa dwumadibea a ɛwɔ Madrid, Spain no. Bere a mebɛyɛɛ Ɔdansefo no, na yɛyɛ bɛyɛ 3,000 na yɛwɔ Spain. Ɛnnɛ yɛboro 100,000. M’ani gye wɔ bere nyinaa som adwuma no mu paa, na meda Onyankopɔn ase paa sɛ wama manya anigye wɔ ne som mu. Ɛmfa ho sɛ mankɔ sukuu annu akyiri no, mitumi som sɛ ɔmansin sohwɛfo nanmusini bere ne bere mu.

Mfe kakra a atwam no, mihui sɛ ɛkame ayɛ sɛ obiara atu afi akuraa a minyinii wɔ ase no ase. Ɛyɛ ohia na ɛmaa akuraa no asefo nyinaa gyaw wɔn mfuw ne wɔn afie hɔ kɔhwehwɛɛ asetena pa. Anigyesɛm ne sɛ, wɔn a wotutuu akwan no mu pii a me nso meka ho no anya honhom fam ahonyade. Yehui sɛ biribi a ɛsom bo wɔ asetena mu, na sɛ yɛsom Yehowa a, ɛma yenya anigye a ɛso bi nni.

[Mfonini wɔ kratafa 32]

Onua Martínez abusuafo a wɔwɔ nokware no mu no mu dodow no ara ni