Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Onyankopɔn Nkyerɛkyerɛ Kyɛn So Kɛse

Onyankopɔn Nkyerɛkyerɛ Kyɛn So Kɛse

Onyankopɔn Nkyerɛkyerɛ Kyɛn So Kɛse

“Mibu nneɛma nyinaa sɛ adehwere m’Awurade Kristo Yesu ho nimdeɛ a ɛkyɛn so no nti.”—FILIP. 3:8.

1, 2. Gyinae bɛn na Kristofo binom asisi, na dɛn ntia?

BERE a Robert fii sukuu ase wɔ ne mmofraase pɛɛ no, na onim ade paa. Bere a odii mfe awotwe pɛ no, n’akyerɛkyerɛfo no mu biako hyɛɛ da kɔɔ ne fie kɔka kyerɛɛ no sɛ obetumi asua nhoma akɔ akyiri paa. Ɔkae sɛ, ɔhwɛ kwan sɛ Robert benyin abɛyɛ oduruyɛfo daakye. Ná Robert betumi de abodin krataa a onyae wɔ ntoaso sukuu no akɔ sukuupɔn atitiriw a ɛwɔ ne man mu no biara mu. Nanso, nea ɛbɛyɛ na Robert anya hokwan ayɛ daa akwampae adwuma a na ɔde asi n’ani so nti, ɔpoo hokwan soronko a onyae a nnipa pii bu no sɛ, sɛ obi ma ɛpa ne ti so a ne nsa renka bio no.

2 Mpanyin ne mmofra pii a wɔyɛ Kristofo nya hokwan ahorow a ebetumi ama wɔadi yiye wɔ wiase yi mu te sɛ nea Robert nyae no. Ebinom si gyinae sɛ wɔrenso hokwan ahorow a wonya no nyinaa mu sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi ayɛ Onyankopɔn som adwuma no. (1 Kor. 7:29-31) Dɛn na ɛka Kristofo a wɔte sɛ Robert no ma wɔyere wɔn ho yɛ asɛnka adwuma no saa? Ade a edi kan paa a ɛma wɔyɛ saa ne ɔdɔ a wɔwɔ ma Yehowa, na afei nso wɔahu sɛ Onyankopɔn nkyerɛkyerɛ na ɛkyɛn so. So woasusuw nea sɛ woanhu nokware no a anka w’abrabɔ bɛyɛ ho nnansa yi? Sɛ yesusuw nhyira soronko a yenya esiane sɛ Yehowa kyerɛkyerɛ yɛn no nti ho a, ɛbɛboa yɛn ma yɛakɔ so abu asɛmpa no sɛ ade a ɛkyɛn so kɛse, na yɛde nsi aka ho asɛm akyerɛ afoforo.

Ɛyɛ Hokwan Kɛse sɛ Onyankopɔn Bɛkyerɛkyerɛ Yɛn

3. Dɛn nti na yebetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa ani gye ho sɛ ɔbɛkyerɛkyerɛ nnipa a wɔtɔ sin?

3 Yehowa papayɛ nti, n’ani gye ho sɛ ɔbɛkyerɛkyerɛ nnipa a wɔtɔ sin. Bere a Yesaia reka Kristofo a wɔasra wɔn ho asɛm wɔ nkɔmhyɛ mu no, ɔkae wɔ Yesaia 54:13 sɛ: “Yehowa ankasa bɛkyerɛkyerɛ wo mma nyinaa, na wo mma asomdwoe bɛdɔɔso.” Yebetumi aka sɛ, saa asɛm no fa Kristo “nguan foforo” no nso ho. (Yoh. 10:16) Nkɔmhyɛ bi a ɛrenya mmamu wɔ yɛn bere yi so ma yehu eyi pefee. Yesaia hui wɔ anisoadehu bi mu sɛ nkurɔfo a wofi aman nyinaa mu reba nokware som mu. Ɔka wɔn ho asɛm sɛ obiara reka kyerɛ ne yɔnko sɛ: “[Momma] yɛnkɔ Yehowa bepɔw so, Yakob Nyankopɔn fie, na ɔbɛkyerɛ yɛn n’akwan na yɛanantew n’atempɔn so.” (Yes. 2:1-3) Hwɛ sɛnea ɛyɛ hokwan kɛse sɛ Onyankopɔn bɛkyerɛkyerɛ yɛn!

4. Dɛn na Yehowa hwehwɛ fi wɔn a ɔkyerɛkyerɛ wɔn no hɔ?

4 Dɛn na ehia sɛ yɛyɛ na ama Yehowa akyerɛkyerɛ yɛn? Ade a ehia paa ne sɛ obi benya ahobrɛase na wayɛ asoɔmmerɛw. Odwontofo Dawid kyerɛwee sɛ: “Yehowa ye na ɔteɛ. . . . [Ɔbɛkyerɛkyerɛ] ahobrɛasefo ne kwan.” (Dw. 25:8, 9) Yesu nso kae sɛ: “Agya, ɔsoro ne asase Wura, miyi wo ayɛ wɔ baguam, efisɛ wode eyinom asie anyansafo ne animdefo, na woayi no adi akyerɛ nkokoaa.” (Luka 10:21) So w’ani nnye ho sɛ wobɛbɛn Onyankopɔn a “ɔdom ahobrɛasefo” no?—1 Pet. 5:5.

5. Dɛn nkutoo na ɛma yetumi nyaa Onyankopɔn ho nimdeɛ?

5 So yɛn a yɛyɛ Yehowa asomfo no betumi aka sɛ nyansa a yɛn ankasa yɛwɔ nti na yehuu nokware no? Dabi. Nokwarem no, sɛ ɛkaa yɛn ankasa nyansa nkutoo a anka yɛrennya Onyankopɔn ho nimdeɛ da. Yesu kae sɛ: “Obiara ntumi mma me nkyɛn gye sɛ Agya a ɔsomaa me no twe no.” (Yoh. 6:44) Yehowa nam asɛnka adwuma no ne honhom kronkron so retwe nnipa a wɔte sɛ nguan a wɔne “aman nyinaa mu nnepa” no reba ne nkyɛn. (Hag. 2:7) So w’ani nnye ho sɛ woka saafo a Yehowa atwe wɔn aba ne Ba no nkyɛn no ho?—Monkenkan Yeremia 9:23, 24.

Etumi Ma Nkurɔfo Asetena Sakra Yɛ Papa

6. Nsakrae titiriw bɛn na “Yehowa ho nimdeɛ” a nkurɔfo renya no atumi ama wɔayɛ?

6 Yesaia yɛɛ ntotoho bi a ɛyɛ anigye wɔ nkɔmhyɛ bi mu de kyerɛkyerɛɛ nsakrae a nnipa reyɛ wɔ wɔn abrabɔ mu wɔ yɛn bere yi so no mu. Nnipa a na bere bi wɔyɛ basabasa no abɛyɛ nkurɔfo a wɔpɛ asomdwoe. (Monkenkan Yesaia 11:6-9.) Nnipa a bere bi na anka wɔne wɔn ho wɔn ho nka esiane sɛ ɛsono ɔman a wofi mu, abusua a wofi mu, anaa wɔn amammerɛ nti no asua sɛ wɔbɛbom atena wɔ biakoyɛ mu. Ɛte sɛ nea wɔde ‘wɔn nkrante ayɛ nsɔw.’ (Yes. 2:4) Dɛn na ama wɔayɛ saa nsakrae titiriw yi? Ɛyɛ “Yehowa ho nimdeɛ” a wɔasua na wɔde ayɛ adwuma wɔ wɔn asetena mu no ntia. Ɛwom sɛ Onyankopɔn asomfo tɔ sin de, nanso wɔn nyinaa yɛ anuanom ankasa a wɔwɔ wiase aman nyinaa mu. Asɛmpa no a nnipa ani gye ho wɔ wiase nyinaa ne aba pa a ɛresow no yɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn nkyerɛkyerɛ kyɛn so.—Mat. 11:19.

7, 8. (a) “Nneɛma a agye ntini” a Onyankopɔn nkyerɛkyerɛ boa nkurɔfo ma wotumi tutu gu no bi ne dɛn? (b) Dɛn na ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn nkyerɛkyerɛ de ayeyi brɛ Yehowa?

7 Ɔsomafo Paulo de asɛnka adwuma a Onyankopɔn asomfo yɛ no totoo ɔko a wɔreko tia Satan ho. Ɔkyerɛwee sɛ: “Akode a yɛde kɔ sa no nyɛ honam mu de, nanso Onyankopɔn ma ɛyɛ den, na yetumi de tutu nneɛma a agye ntini gu. Na yɛretutu nsusuwii ne ade a ɛkorɔn biara a wɔama so atia Onyankopɔn nimdeɛ agu.” (2 Kor. 10:4, 5) “Nneɛma a agye ntini” a Onyankopɔn nkyerɛkyerɛ ma nkurɔfo de wɔn ho fi ho no bi ne dɛn? Emu kakraa bi ne atoro nkyerɛkyerɛ a ayɛ adesoa wɔ nkurɔfo so, gyidihunu, ne nnipa nyansapɛ. (Kol. 2:8) Onyankopɔn nkyerɛkyerɛ boa nkurɔfo ma wotumi gyae wɔn nneyɛe bɔne, na wonya su a Onyankopɔn ani gye ho. (1 Kor. 6:9-11) Ɛma abusua asetena yɛ papa. Na ɛma wɔn a wonni anidaso nya atirimpɔw ankasa wɔ asetena mu. Eyi ne nkyerɛkyerɛ a yehia no nnɛ.

8 Su ahorow a Yehowa boa nkurɔfo ma wonya no mu biako ne nokwaredi, sɛnea osuahu a edi hɔ yi ma yehu no. (Heb. 13:18) Ɔbea bi a ɔwɔ India maa kwan ma wɔne no suaa Bible, na bere bi akyi no, ɔbɛyɛɛ ɔdawurubɔfo a wɔmmɔɔ no asu. Da bi a ɔkɔboaa Ahenni Asa bi a na wɔresi na ɔresan akɔ fie no, ohuu sika kɔkɔɔ kɔnmuade bi a ne bo yɛ Amerika dɔla ahanwɔtwe sɛ ɛda fam wɔ baabi a ɛbɛn bɔs gyinabea bi. Ɛwom sɛ na ɔbea no yɛ ohiani de, nanso ɔde kɔnmuade no kɔɔ polisifo adwuma mu sɛ wɔmfa nhwehwɛ ne wura. Polisini a ɔwɔ hɔ no ho dwiriw no! Akyiri yi, polisini foforo bisaa ɔbea no sɛ, “Dɛn nti na woamfa kɔnmuade no?” Ɔbea no kyerɛkyerɛɛ mu sɛ, “Bible a masua no ama masesa, enti seesei midi nokware.” Asɛm no kaa polisini no koma ma ɔka kyerɛɛ asafo mu panyin a ɔne ɔbea no kɔɔ polisifo adwuma mu hɔ no sɛ: “Nnipa bɛboro ɔpepem 38 na wɔwɔ ɔmantam yi mu. Sɛ mutumi boa nnipa du ma wɔbɛyɛ sɛ ɔbea yi a, anka moayɛ ade kɛse paa.” Sɛ yesusuw nnipa ɔpepem pii a Onyankopɔn nkyerɛkyerɛ ama wɔasakra ma wɔn asetena ayɛ papa no ho a, so yenni nneɛma pii a yebetumi agyina so ayi Yehowa ayɛ?

9. Dɛn na ɛma nkurɔfo tumi yɛ nsakrae akɛse wɔ wɔn asetena mu?

9 Tumi a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu a ɛma nnipa tumi sakra, ne mmoa a Yehowa nam ne honhom kronkron so de ma no tumi ma nkurɔfo yɛ nsakrae akɛse wɔ wɔn asetena mu. (Rom. 12:2; Gal. 5:22, 23) Kolosefo 3:10 ka sɛ: “Monhyɛ nipasu foforo a wɔnam nokware nimdeɛ so reyɛ no foforo sɛnea Onii a ɔbɔe no suban te.” Nsɛm a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm Bible mu no tumi ma obi hu sɛnea ɔte ankasa, na etumi ma ɔsesa sɛnea osusuw nsɛm ho ne sɛnea ɔte nka wɔ nneɛma ho mpo. (Monkenkan Hebrifo 4:12.) Sɛ obi nya Kyerɛwnsɛm no mu nokware nimdeɛ na ɔde Yehowa trenee gyinapɛn ahorow bɔ ne bra a, obetumi abɛyɛ Onyankopɔn adamfo na wanya anidaso sɛ ɔbɛtena ase daa.

Yehowa Resiesie Yɛn Ama Daakye

10. (a) Dɛn nti na Yehowa nkutoo na obetumi asiesie yɛn ama daakye? (b) Nsakrae akɛse bɛn na ɛbɛba asase so nyinaa nnansa yi ara?

10 Yehowa nkutoo ne obi a obetumi aboa yɛn ma yɛasiesie yɛn ho ama daakye efisɛ ɔno na onim nea ɛbɛba nnansa yi ara. Ɔno na onim sɛnea adesamma daakye bɛyɛ. (Yes. 46:9, 10) Bible mu nkɔmhyɛ ma yehu sɛ “Yehowa da kɛse no abɛn.” (Sef. 1:14) Asɛm a ɛwɔ Mmebusɛm 11:4 no bɛba mu saa da no. Ɛhɔ ka sɛ: “Ahonyade so remma mfaso abufuw da, na trenee na ebegye onipa afi owu mu.” Sɛ edu bere a Yehowa bebu Satan wiase no atɛn a, ade a ɛho behia paa ne gyinabea pa a obi wɔ wɔ Onyankopɔn anim. Sika bɛyɛ ade a mfaso biara nni so. Nokwarem no, Hesekiel 7:19 ka sɛ: “Wɔbɛtow wɔn dwetɛ agu mmɔnten so, na wɔn sika kɔkɔɔ bɛdan atantanne.” Eyi a wɔama yɛadi kan ahu no betumi aboa yɛn ma yɛayɛ yɛn ade nyansam seesei.

11. Dɛn ne ɔkwan biako a Onyankopɔn nkyerɛkyerɛ fa so siesie yɛn ma daakye?

11 Ɔkwan biako a ɛda nsow a Onyankopɔn nkyerɛkyerɛ fa so siesie yɛn ma Yehowa da a ɛreba no ne sɛ, ɛboa yɛn ma yɛde botae a ɛfata sisi yɛn ani so. Ɔsomafo Paulo kyerɛw Timoteo sɛ: “Kasa kyerɛ wɔn a wɔyɛ adefo wɔ wiase yi mu sɛ wonnnwen akokurokosɛm, nso wɔmmfa wɔn ani nnto ahonyade a enni nnyinaso so, na mmom wɔmfa nto Onyankopɔn . . . so.” Sɛ yɛnyɛ adefo mpo a, yebetumi asua biribi afi Yehowa afotu yi mu. Dɛn na yebetumi asua afi mu? Sɛ́ anka yebebiri yɛn mogya ani apɛ ahonyade pii no, ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho ‘yɛ papa’ na ‘yɛyɛ adefo nnwuma pa mu.’ Sɛ yɛde Yehowa som adwuma di kan wɔ yɛn asetena mu a, na ‘yɛreto fapem pa asie yiye ama daakye.’ (1 Tim. 6:17-19) Sɛ yɛda ahofama a ɛte saa adi a, na yɛreyɛ yɛn ade nyansam, efisɛ Yesu kae sɛ, “sɛ onipa nya wiase nyinaa na ɔhwere ne kra a, mfaso bɛn na obenya?” (Mat. 16:26, 27) Esiane sɛ Yehowa da no abɛn paa nti, ɛsɛ sɛ yɛn mu biara susuw saa nsɛm yi ho sɛ: ‘Ɛhe na merehyehyɛ m’ademude? So meresom Onyankopɔn anaa Ahonyade?’—Mat. 6:19, 20, 24.

12. Sɛ nkurɔfo bu asɛnka adwuma a yɛyɛ no animtiaa a, dɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛma yɛn abam bu?

12 “Nnwuma pa” no mu biako a ɛho hia paa a wɔaka ho asɛm wɔ Onyankopɔn Asɛm mu sɛ Kristofo nyɛ no ne nkwagye adwuma a ɛno ne Ahenni no ho asɛnka ne asuafoyɛ adwuma no. (Mat. 24:14; 28:19, 20) Ebia ebinom bebu yɛn asɛnka adwuma no animtiaa sɛnea wɔyɛe wɔ afeha a edi kan no mu no. (Monkenkan 1 Korintofo 1:18-21.) Nanso saa a wɔyɛ no nsesa sɛnea asɛm a yɛka no som bo no, na ɛmma yɛmmrɛ hia a ehia sɛ yɛka asɛm no ma obiara te bi na onya mu gyidi no ase bere a ɛbere da so wɔ hɔ yi. (Rom. 10:13, 14) Sɛ yɛboa afoforo ma wonya Onyankopɔn nkyerɛkyerɛ so mfaso a, yebenya nhyira pii.

Sɛ Yɛde Nneɛma Bɔ Afɔre a, Yehowa Hyira Yɛn

13. Nneɛma bɛn na asɛmpa no nti ɔsomafo Paulo de bɔɔ afɔre?

13 Ansa na ɔsomafo Paulo rebɛyɛ Kristoni no, na wɔretete no ama wadi yiye wɔ Yudafo mu. Ɛbɛyɛ sɛ bere a odii mfe 13 no, otu fii ne kurow Tarso mu kɔɔ Yerusalem kosuaa ade wɔ Mmarakyerɛfo Gamaliel a na wobu no kɛse no nan ase. (Aso. 22:3) Bere bi akyi no, ɛbɛdaa adi sɛ Paulo aben sen n’atipɛnfo, na sɛ anka ɔtoaa so saa ara a, anka ebia ɔbɛba abɛyɛ onipa titiriw wɔ Yudasom mu. (Gal. 1:13, 14) Bere a ogyee asɛmpa no dii na ɔde ne ho hyɛɛ asɛnka adwuma no mu no, ogyaw saa nneɛma no nyinaa hɔ. So Paulo nuu ne ho wɔ gyinae a osii no ho? Dabi. Efisɛ ɔkyerɛwee sɛ: “Nokwarem no, mibu nneɛma nyinaa sɛ adehwere m’Awurade Kristo Yesu ho nimdeɛ a ɛkyɛn so no nti. Ɔno nti na mibu nneɛma nyinaa adehwere na mibu no sɛ nwura dodow.”—Filip. 3:8.

14, 15. Nhyira bɛn na “Onyankopɔn mfɛfo adwumayɛfo” a yɛyɛ no ma yenya?

14 Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ de nneɛma bɔ afɔre ka asɛmpa no te sɛ nea Paulo yɛe no. (Mar. 10:29, 30) So nneɛma a yɛde bɔ afɔre no ma yɛhwere biribi? Robert a yɛadi kan aka ne ho asɛm no te nka te sɛ anuanom pii. Ɔka sɛ: “Minnuu me ho da. Bere nyinaa som adwuma no ama manya anigye ne akomatɔyam, na ama manya hokwan ‘aka ahwɛ ahu sɛ Yehowa ye.’ Bere biara a mede honam fam nneɛma bɔɔ afɔre de yɛɛ Yehowa som adwuma no, Yehowa hyiraa me bere nyinaa ma minyaa nea ɛsen nneɛma a na mede abɔ afɔre no. Ɛte sɛ nea mamfa biribiara ammɔ afɔre koraa. Mfaso nkutoo na manya!”—Dw. 34:8; Mmeb. 10:22.

15 Sɛ woafi ase reyɛ asɛnka ne ɔkyerɛkyerɛ adwuma no bi dedaw a, akyinnye biara nni ho sɛ wo nso woanya hokwan aka ahwɛ ahu sɛ Yehowa ye. So mmere bi wɔ hɔ a wuhui sɛ Onyankopɔn honhom boaa wo bere a na woreka asɛmpa no? So woahu sɛnea afoforo ani gyei bere a Yehowa buee wɔn komam ma wotiee asɛm no? (Aso. 16:14) So Yehowa aboa wo ma woadi akwanside ahorow bi so, ebia ɔma wunyaa hokwan de trɛw w’asɛnka adwuma no mu? So waboa wo wɔ bere a wokɔɔ ahokyere mu ma woatumi akɔ so asom no bere a wotee nka sɛ w’abam reyɛ abu no? (Filip. 4:13) Sɛ yɛn ankasa nya Yehowa mmoa bere a yɛreyɛ asɛnka adwuma no a, ɛma yehu sɛ Yehowa wɔ hɔ ankasa, na yɛte nka sɛ yɛbɛn no kɛse. (Yes. 41:10) So ɛnyɛ nhyira sɛ woyɛ “Onyankopɔn mfɛfo adwumayɛfo” no mu biako wɔ Onyankopɔn nkyerɛkyerɛ adwuma kɛse no mu?—1 Kor. 3:9.

16. Wote nka dɛn wɔ mmɔden a wobɔ ne nneɛma a wode bɔ afɔre kyerɛkyerɛ nkurɔfo Yehowa ho ade no ho?

16 Nnipa pii hwɛ kwan sɛ wɔbɛyɛ biribi wɔ wɔn asetena mu a ɛbɛma wɔakae wɔn daa. Yɛahu sɛ mpɛn pii no ɛnkyɛ na nnipa werɛ afi nneɛma akɛseakɛse mpo a nkurɔfo yɛ wɔ wiase yi mu nnɛ no. Nanso, akyinnye biara nni ho sɛ nnwuma a Yehowa reyɛ nnɛ de atew ne din ho no bɛka Yehowa nkurɔfo abakɔsɛm a wɔbɛkae no bere nyinaa no ho. Wɔbɛkae saa nnwuma no afebɔɔ. (Mmeb. 10:7; Heb. 6:10) Momma yɛn ani nsɔ hokwan a yɛanya sɛ yɛreyɛ adwuma a wɔbɛkae no daa a ɛno ne Yehowa ho ade a yɛrekyerɛkyerɛ nkurɔfo no bi.

Wubebua Dɛn?

• Dɛn na Yehowa hwehwɛ fi wɔn a ɔkyerɛkyerɛ wɔn no hɔ?

• Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn nkyerɛkyerɛ ma nkurɔfo asetena sakra yɛ papa?

• Sɛ yɛboa afoforo ma wonya Onyankopɔn nkyerɛkyerɛ so mfaso a, nhyira bɛn na yenya?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 23]

Wɔn a Yehowa kyerɛkyerɛ wɔn no yɛ anuanom ankasa a wɔwɔ wiase aman nyinaa mu

[Mfonini wɔ kratafa 24]

So ɛnyɛ nhyira sɛ woyɛ “Onyankopɔn mfɛfo adwumayɛfo” no mu biako?