Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Me na Ɛsɛ sɛ Mepaw Me Som Anaasɛ M’awofo?

So Me na Ɛsɛ sɛ Mepaw Me Som Anaasɛ M’awofo?

So Me na Ɛsɛ sɛ Mepaw Me Som Anaasɛ M’awofo?

WƆ Poland no, nnipa pii ka kyerɛ Yehowa Adansefo sɛ, “Wɔwoo me too me som mu, na mewu wom.” Saa asɛm no kyerɛ sɛ, wɔn adwene yɛ wɔn sɛ, ɛsɛ sɛ obi de ne ho bɔ ne nananom som. So adwene a ɛte saa ara na nkurɔfo kura wɔ baabi a wote no? Dɛn na adwene a ɛte saa taa de ba? Ɛma ɔsom bɛyɛ nnipa ani so ade ne abusua mu adeyɛ bi kɛkɛ. So eyi betumi ato Yehowa Adansefo a wɔn awofo anaa wɔn nananom de nokware a ɛsom bo no kyerɛkyerɛɛ wɔn no?

Biribi a ɛte saa anto Timoteo a na ne maame ne ne nanabea a na wɔmfa wɔn som nni agoru boaa no ma obegyee nokware Nyankopɔn no dii na ɔdɔɔ no no. Ná Timoteo ‘fi ne mmofraase nim’ nkyerɛwee kronkron no. Bere bi akyi no, Timoteo ne ne maame ne ne nanabea begye dii sɛ Kristosom ne nokware no. Wɔmaa Timoteo ‘begyee’ Yesu Kristo ho asɛm a osua fii Kyerɛwnsɛm no mu no ‘dii.’ (2 Tim. 1:5; 3:14, 15) Enti ɛmfa ho sɛ awofo a wɔyɛ Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ yɛ nea wobetumi biara sɛ wɔbɛboa wɔn mma ma wɔabɛyɛ Yehowa asomfo no, ehia sɛ mmofra no ankasa nso nya ɔpɛ sɛ wɔbɛsom Yehowa.—Mar. 8:34.

Sɛ obi betumi asom Yehowa wɔ ɔdɔ mu na wakura ne mudi mu ɛmfa ho nea obehyia biara a, ɛsɛ sɛ wɔne no susuw nsɛm ho ma ɛtɔ n’asom ma ogye di. Sɛ wɔyɛ saa a, ne gyidi bɛyɛ den na n’ase atim.—Efe. 3:17; Kol. 2:6, 7.

Nea Ɛsɛ sɛ Mmofra Yɛ

Albert * a wɔtetee no wɔ Adansefo abusua bi mu no ka sɛ: “Ná minim daa nyinaa sɛ Yehowa Adansefo som na ɛyɛ nokware. Nanso, na ɛyɛ den ma me sɛ mede nea na wɔkyerɛkyerɛ no bɛbɔ me bra.” Sɛ woyɛ ɔbabun a, ebia wo nso w’adwene yɛ wo saa ara. Dɛn nti na wommɔ mmɔden sɛ w’ankasa wubehu sɛnea Onyankopɔn pɛ sɛ yɛbɔ yɛn bra, na ama woanya anigye de ayɛ n’apɛde? (Dw. 40:8) Albert kae sɛ: “Mifii ase bɔɔ mpae. Mfiase no, na ɛyɛ den ma me. Ná ɛsɛ sɛ meyere me ho paa ansa na matumi ayɛ saa. Nanso, ankyɛ koraa na mihui sɛ sɛ mebɔ mmɔden yɛ nea ɛteɛ a, Onyankopɔn ani bɛsɔ me. Eyi ma minyaa akokoduru de yɛɛ nsakrae a na ehia sɛ meyɛ.” Sɛ wo ne Yehowa nya abusuabɔ papa a, wubetumi anya ɔpɛ de ayɛ nea ɔhwehwɛ fi yɛn hɔ.—Dw. 25:14; Yak. 4:8.

Susuw agoru bi a woadi bi pɛn te sɛ dame anaa agoru foforo bi ho hwɛ. Sɛ wunnim agoru no mu anaasɛ wunnim di yiye a, ebia w’ani rennye ho. Nanso, sɛ wuhu agoru no mu na wuhu sɛnea wodi saa agoru no yiye a, so wo ho rempere wo sɛ wubedi saa agoru no, na woahwehwɛ hokwan mpo a wode bɛyɛ saa? Saa ara na Kristofo som adwuma no nso te. Enti, di kan sua nneɛma a wobesusuw ho wɔ Kristofo nhyiam ase no. Fa wo ho hyɛ nea wɔyɛ wɔ hɔ no mu bi. Ɛmfa ho mpo sɛ woyɛ abofra no, wo nhwɛso betumi ahyɛ afoforo nkuran!—Heb. 10:24, 25.

Saa ara na wo gyidi ho asɛm a woka kyerɛ afoforo no nso te. Ɛsɛ sɛ ɔdɔ na ɛka wo ma woyɛ eyi nso, na ɛnsɛ sɛ wɔhyɛ wo. Bisa wo ho sɛ: ‘Dɛn nti na mepɛ sɛ meka Yehowa ho asɛm kyerɛ afoforo? Nneɛma bɛn nti na ɛsɛ sɛ medɔ no?’ Ɛho hia sɛ wuhu Yehowa sɛ Agya a ɔwɔ ɔdɔ. Ɔnam Yeremia so kae sɛ: “Mobɛhwehwɛ me, na mubehu me, efisɛ mode mo koma nyinaa na ɛbɛhwehwɛ me.” (Yer. 29:13, 14) Dɛn na eyi bɛhwehwɛ sɛ woyɛ? Jakub ka sɛ: “Ná ɛsɛ sɛ mesesa m’adwene. Ná makɔ asafo nhyiam ne asɛnka fi me mmofraase, nanso na meyɛ saa nnwuma no bi kɛkɛ. Ɛyɛ bere a mihuu Yehowa yiye, na me ne no ntam yɛɛ papa no nkutoo na mihui sɛ mewɔ nokware no mu ankasa.”

Sɛ wunya fekubɔ pa a, ɛboa wo paa ma wunya anigye wɔ asɛnka adwuma no mu. Ɛbɛ bi a Onyankopɔn honhom ma wobui ka sɛ: “Nea ɔne anyansafo nantew no bɛyɛ onyansafo.” (Mmeb. 13:20) Enti fa wɔn a wɔde Yehowa som mu botae sisi wɔn ani so na wɔwɔ anigye wɔ Yehowa som mu no nnamfo. Jola ka sɛ: “Mmabun pii a wɔsom Yehowa yiye a me ne wɔn bɔɔ fekuw no hyɛɛ me nkuran. Mifii ase de anigye kɛse yɛɛ asɛnka adwuma no daa.”

Nea Ɛsɛ sɛ Awofo Yɛ

Jola ka sɛ: “Meda m’awofo ase paa sɛ wɔkyerɛkyerɛɛ me ma mihuu Yehowa.” Nokwarem no, awofo betumi aboa wɔn mma kɛse ma wɔahu nea ɛsɛ sɛ wɔpaw. Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Mo, agyanom, . . . monkɔ so ntete [mo mma wɔ] Yehowa nteɛso ne nyansakyerɛ mu.” (Efe. 6:4) Afotu a Onyankopɔn de ma yi ma yehu pefee sɛ ɛyɛ awofo adwuma sɛ wɔbɛkyerɛkyerɛ wɔn mma nea Yehowa pɛ, na ɛnyɛ nea awofo no pɛ. Sɛ́ anka ebia wode nea wopɛ sɛ wo mma yɛ bɛhyɛ wɔn adwenem no, hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ papa sɛ wobɛboa wɔn ma wɔde ayɛ wɔn botae sɛ wɔbɛbɔ wɔn bra ma ɛne Yehowa atirimpɔw ahyia!

Wubetumi de Yehowa asɛm adua wo mma mu, na ‘woaka ho asɛm bere a wote wo fie, bere a wonam kwan so, bere a woda hɔ, ne bere a woasɔre.’ (Deut. 6:6, 7) Ewa ne Ryszard a wɔwɔ mmabarima baasa no ka sɛ: “Ná yɛka bere nyinaa som adwuma no afã horow ho asɛm pii kyerɛ wɔn.” Dɛn na efii mu bae? “Ná mmarimaa no pɛ sɛ wɔkyerɛw wɔn din wɔ Teokrase Ɔsom Sukuu no mu bere a na wosusua koraa no, na wɔbɛyɛɛ adawurubɔfo, na bere bi akyi no, wɔn ankasa sii gyinae bɔɔ asu. Akyiri yi, wɔyɛɛ akwampae adwuma ne Betel adwuma.”

Nhwɛso pa a awofo yɛ ho hia. Ryszard ka sɛ, “Ná yɛasi yɛn bo sɛ yɛrenyɛ nyaatwom, a ɛsono nea yɛyɛ wɔ fie, ɛnna ɛsono nea yɛyɛ wɔ asafo no mu.” Enti bisa wo ho sɛ: ‘Dɛn na me mma hu wɔ m’asetena mu? So wohu sɛ medɔ Yehowa ankasa? So wohu saa ɔdɔ yi wɔ me mpaebɔ ne adesua a m’ankasa meyɛ no daa mu? So wohu saa ɔdɔ yi wɔ sɛnea meyɛ asɛnka adwuma no, sɛnea migye m’ani, honam fam nneɛma a mehwehwɛ, ne nsɛm a meka fa asafo no mufo foforo ho no mu?’ (Luka 6:40) Mmofra no bɛhwɛ nea woyɛ da biara da, na sɛ wonyɛ nea woka no a, wobehu.

Nteɛso ho hia wɔ mmofra ntetee mu. Nanso, Onyankopɔn Asɛm a wɔde ne honhom kyerɛwee no ka kyerɛ yɛn sɛ “tete abofra wɔ ɔkwan a ɛfata so.” (Mmeb. 22:6) Ewa ne Ryszard ka sɛ, “Ná yegye bere ne yɛn mma no mu biara nkutoo sua Bible.” Nokwarem no, ɛyɛ awofo no ankasa na ɛsɛ sɛ wosi gyinae hwɛ sɛ ɛho hia sɛ wɔne wɔn mma no mu biara nkutoo sua ade anaa. Sɛnea ɛte biara no, ɛsɛ sɛ wɔhwɛ sɛnea abofra biara te na wɔne no di. Eyi hwehwɛ sɛ woyɛ nsakrae na woda ntease adi. Sɛ nhwɛso no, sɛ́ anka wobɛka akyerɛ wo mma sɛ nnwom bi nye no, dɛn nti na wonkyerɛ wɔn sɛnea wobesisi gyinae a nyansa wom, ne sɛnea Bible nnyinasosɛm fa asɛm no ho?

Ebia wo mma behu nea wopɛ sɛ wɔyɛ no, na ebia ɛbɛyɛ te sɛ nea wɔreyɛ nea wopɛ sɛ wɔyɛ no. Nanso, ɛsɛ sɛ woma nsɛm a woka no ka wɔn koma. Kae sɛ, “onipa komam nsusuwii te sɛ nsu a emu dɔ, na nhumufo na ɔbɛsaw.” (Mmeb. 20:5) Nya nhumu, hwehwɛ nneɛma bi a ɛbɛma woahu sɛ ebia wo mma no wɔ ɔhaw bi a wunhu, na di ho dwuma ntɛm ara. Mmɔ wɔn sobo biara, na mmom ma wonhu sɛ wudwen wɔn ho, na bisa wɔn nsɛm a ɛfata. Nanso hwɛ yiye na woammisa wɔn nsɛm pii dodo. Sɛ woyɛ saa a, wobehu sɛnea wudwen wɔn ho ankasa no, na ɛbɛma woatumi aboa wɔn.

Nea Ɛsɛ sɛ Asafo no Yɛ

Sɛ́ Onyankopɔn somfo no, so wubetumi aboa mmabun a wɔwɔ asafo no mu ma wɔn ani asɔ nokware a ɛsom bo a wɔde akyerɛkyerɛ wɔn no? Ɛwom sɛ ɛyɛ awofo asɛyɛde sɛ wɔtete wɔn mma de, nanso asafo no mufo foforo, titiriw asafo mu mpanyimfo, betumi aboa wɔn. Ɛho hia paa sɛ wɔboa mmusua a awofo no mu biako nni asafo no mu no.

Dɛn na asafo mu mpanyimfo betumi ayɛ de aboa mmofra ma wɔadɔ Yehowa na wɔate nka sɛ wɔn ho hia, na wɔn so wɔ mfaso? Mariusz a ɔyɛ ɔhwɛfo wɔ asafo bi a ɛwɔ Poland mu ka sɛ: “Ɛsɛ sɛ asafo mu mpanyimfo ne mmofra bɔ nkɔmmɔ paa. Ɛnyɛ bere a wɔrehyia ɔhaw nkutoo na ɛsɛ sɛ wɔne wɔn bɔ nkɔmmɔ, na mmom mmere foforo nso te sɛ bere a wɔne wɔn wɔ asɛnka mu, bere a wɔapɔn asafo nhyiam, anaasɛ bere a wɔde anonne bi reka wɔn ano.” Dɛn nti na wummisa mmofra no mma wɔnka sɛnea wɔte nka wɔ asafo no ho nkyerɛ wo? Nkɔmmɔbɔ a ɛte saa ma mmofra ani gye wɔ asafo no mu, na ɛma wɔte nka sɛ wɔka asafo no ho.

Sɛ woyɛ asafo mu panyin a, so worebɔ mmɔden sɛ wubehu mmabun a wɔwɔ asafo no mu no? Ɛwom sɛ seesei Albert a yedii kan kaa ne ho asɛm no resom sɛ ɔpanyin de, nanso ohyiaa sɔhwɛ pii wɔ ne mmerantebere mu. Ɔka sɛ, “Bere a na meyɛ aberante no, na mepɛ sɛ ɔpanyin bi bɛsra me.” Mpanyimfo betumi abɔ mpae nso ama mmabun ma wɔne Onyankopɔn ntam ayɛ papa de akyerɛ sɛ wodwen wɔn ho.—2 Tim. 1:3.

Eye sɛ mmofra bɛyɛ asafo mu nnwuma no bi. Sɛ wɔanyɛ saa a, anhwɛ a wobedi wiase nneɛma akyi. So mo a moanyinyin no betumi ne wɔn akɔ asɛnka na moafa wɔn nnamfo? Wo ne mmofra mmɔ bere a woregye w’ahome no, na ama wɔanya wo mu ahotoso na wɔafa wo adamfo. Jola ka sɛ: “Onuawa bi a ɔyɛ ɔkwampaefo kyerɛɛ me ho anigye. Ɔno ne obi a miyii me yam ne no kɔɔ asɛnka nea edi kan.”

Gyinae a Ɛsɛ sɛ W’ankasa Wusi

Mmofra, mummisa mo ho sɛ: ‘Botae bɛn na mede asisi m’ani so? Sɛ minnya mmɔɔ asu a, so mede ayɛ me botae sɛ mɛbɔ asu?’ Ɛsɛ sɛ ɔdɔ kɛse a wowɔ ma Yehowa no na ɛka wo ma wusi gyinae sɛ wobɛbɔ asu, na ɛnyɛ w’abusuafo nti.

Nokwarem no, ɛmmra sɛ Yehowa bɛyɛ w’Adamfo pa, na ma nokware no nyɛ ade a ɛsom bo ma wo. Yehowa nam odiyifo Yesaia so kae sɛ: “Mma w’ani nnyɛ wo totɔtotɔ, na mene wo Nyankopɔn.” Bere tenten a woyɛ Yehowa adamfo no, obedi w’akyi. Nokwarem no, ɔbɛhyɛ wo den, na ɔde “[ne] trenee nsa nifa beso wo mu denneennen.”—Yes. 41:10.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 6 Wɔasesa edin ahorow no bi.

[Mfonini wɔ kratafa 4]

Bɔ mmɔden sɛ wubehu nea ɛwɔ wo ba komam

[Mfonini wɔ kratafa 6]

Ɔdɔ kɛse a wowɔ ma Yehowa no na ɛka wo ma wusi gyinae sɛ wobɛbɔ asu