Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So W’ani Sɔ Nea Yehowa Ayɛ A Ɔde Begye Wo No?

So W’ani Sɔ Nea Yehowa Ayɛ A Ɔde Begye Wo No?

So W’ani Sɔ Nea Yehowa Ayɛ A Ɔde Begye Wo No?

“Nhyira nka Yehowa, Israel Nyankopɔn, sɛ wama n’ani aba ne nkurɔfo so na wagye wɔn.”—LUKA 1:68.

1, 2. Mfatoho bɛn na yebetumi de akyerɛkyerɛ sɛnea tebea a yɛwom seesei no mu yɛ den fa mu, na nsɛmmisa bɛn na yɛrebesusuw ho?

FA NO sɛ wɔagye wo ato ayaresabea. Yare biako na abɔ wɔn a wo ne wɔn da ɔdan biako mu no nyinaa, na yare no yɛ owuyare a wonnyaa ano aduru. Bere a wotee sɛ oduruyɛfo bi rebɔ mmɔden ahwehwɛ yare no ano aduru no, wunyaa anidaso. Wo ho peree wo sɛ wobɛte baabi a oduruyɛfo no ayɛ ne nhwehwɛmu no akodu. Da koro bi wotee sɛ wɔanya yare no ano aduru! Oduruyɛfo a onyaa yare no ano aduru no de nneɛma pii bɔɔ afɔre ansa na ɔrenya aduru no. Wobɛte nka dɛn wɔ nea wayɛ no ho? Akyinnye biara nni ho sɛ wubenya obu ne anisɔ kɛse ama oduruyɛfo a ɔma wotumi gyee wo ne afoforo pii fii owu mu no.

2 Asɛm yi ayɛ te sɛ nea wɔaka agugu mu, nanso yɛwɔ tebea bi a ɛte saa mu ankasa. Yɛn mu biara wɔ tebea bi a ɛyɛ hu koraa sen nea yɛaka ho asɛm yi mu. Yehia ogyefo denneennen. (Monkenkan Romafo 7:24.) Yehowa abɔ afɔre akɛse sɛnea ɛbɛyɛ a obegye yɛn. Ne Ba no nso abɔ afɔre akɛse. Ɛnde, momma yensusuw nsɛmmisa atitiriw anan yi ho. Dɛn nti na yehia ogye? Afɔre bɛn na na ɛsɛ sɛ Yesu bɔ ma wɔde gye yɛn? Afɔre bɛn na na ɛsɛ sɛ Yehowa bɔ? Dɛn na yebetumi ayɛ de akyerɛ sɛ yɛn ani sɔ ogye a efi Onyankopɔn hɔ no?

Nea Enti a Yehia Ogye

3. Ɔkwan bɛn so na wɔde bɔne toto yare a ɛtrɛw ka nnipa pii ho?

3 Sɛnea akontaa bi a wobui nnansa yi kyerɛ no, nyarewa a ɛtrɛw ka nnipa pii a ɛyɛ hu paa wɔ nnipa abakɔsɛm mu biako ne Spania influensa a ɛbae wɔ afe 1918 mu a ekunkum nnipa ɔpepem pii no. Nyarewa foforo nso wɔ hɔ a edi awu kɛse. Ɛwom sɛ ebia nnipa kakraa bi na ɛka wɔn de, nanso ekunkum nnipa a ɛka wɔn no mu fã kɛse no ara. * Nanso, sɛ yɛde bɔne toto yare a ɛtrɛw ka nnipa pii saa no ho a, ɛte dɛn? Kae asɛm a ɛwɔ Romafo 5:12 no. Ɛka sɛ: “Ɛnam onipa biako so na bɔne baa wiase, na owu nam bɔne so bae, ma owu trɛw kaa nnipa nyinaa, efisɛ wɔn nyinaa ayɛ bɔne.” Bɔne aka obiara, efisɛ nnipa a wɔnyɛ pɛ nyinaa yɛ bɔne. (Monkenkan Romafo 3:23.) Nnipa dodow ahe na bɔne kunkum wɔn? Paulo kyerɛwee sɛ bɔne de owu ba “nnipa nyinaa” so.

4. Atirimpɔw bɛn na Yehowa wɔ wɔ yɛn nkwa nna ho, na ɔkwan bɛn so na adwene a ɔwɔ no yɛ soronko wɔ nea nnipa pii wɔ nnɛ no ho?

4 Nnipa pii a wɔwɔ hɔ nnɛ nhu sɛ bɔne ne owu yɛ hu saa. Nea ɛhaw wɔn ne nea wɔfrɛ no ɔpatuwu no, nanso sɛ obi nyin bɔ akwakoraa anaa aberewa na owu a, wobu no sɛ ɛnyɛ hwee. Ɛnkyɛ koraa na nnipa werɛ afi Ɔbɔadeɛ no atirimpɔw. Yɛn nkwa nna yɛ tiaa koraa sen nea Ɔbɔadeɛ no pɛe sɛ ɛyɛ. Nokwarem no, onipa biara nni hɔ a watena ase “da koro” mpo wɔ Yehowa ani so. (2 Pet. 3:8) Enti Onyankopɔn Asɛm ka sɛ yɛn nkwa nna yɛ tiaa te sɛ sare a ɛnkyɛ na awu, anaa nnipa hwenem huhuw a ɛnkyɛ na ayera. (Dw. 39:5; 1 Pet. 1:24) Ɛnsɛ sɛ yɛma yɛn werɛ fi saa asɛm yi. Dɛn ntia? Efisɛ, sɛ yehu sɛnea “yare” a abɔ yɛn no yɛ hu fa no a, yebehu sɛ ɛho hia paa sɛ yenya ano “aduru,” na ano aduru no ne ogye a yebenya no.

5. Dɛn na bɔne nti yɛn mu biara nsa anka da?

5 Nea ɛbɛyɛ na yɛahu sɛnea bɔne ne ɔhaw a ɛde ba yɛ hu fa no, ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ yebehu ɔhaw a bɔne de aba yɛn so no. Ebetumi ayɛ den sɛ yɛbɛte ase ntɛm, efisɛ yenhuu ade a bɔne amma yɛn nsa anka no da. Mfiase no, na Adam ne Hawa yɛ nnipa a wɔyɛ pɛ. Esiane sɛ na wɔwɔ adwene ne nipadua a ɛyɛ pɛ nti, sɛ na wɔpɛ a, anka wobetumi ahyɛ wɔn ho so wɔ wɔn nsusuwii, wɔn nkate, ne wɔn nneyɛe ho. Eyi nti, na wobetumi akɔ so anya su pa ahorow sɛ Yehowa Nyankopɔn asomfo. Nanso wɔpoo saa akyɛde a ɛsom bo no. Esiane sɛ wɔhyɛɛ da yɛɛ bɔne tiaa Yehowa nti, wɔne wɔn asefo annya asetena a na Yehowa pɛ sɛ wonya no. (Gen. 3:16-19) Bere koro no ara, wɔde “yare” a ɛyɛ hu a yɛreka ho asɛm no baa wɔn ankasa so, na wɔde asan yɛn nso. Ɛfata sɛ Yehowa buu wɔn fɔ. Nanso yɛn de, wɔama yɛn anidaso sɛ wobegye yɛn.—Dw. 103:10.

Afɔre a na Ɛsɛ sɛ Yesu Bɔ ma Wɔde Gye Yɛn

6, 7. (a) Ɔkwan bɛn so na Yehowa dii kan daa no adi sɛ ɛho behia sɛ ɔbɔ afɔre kɛse de gye yɛn? (b) Dɛn na yebetumi asua afi afɔre ahorow a Habel ne tete agyanom a wɔtenaa ase ansa na Mose Mmara no reba bɔe no mu?

6 Ná Yehowa nim sɛ ɔbɛbɔ afɔre kɛse paa na ɔde agye Adam ne Hawa asefo. Yehu biribi a na ehia sɛ Yehowa de bɔ afɔre de gye Adam asefo wɔ nkɔmhyɛ a ɛwɔ Genesis 3:15 no mu. Ná Yehowa bɛma ‘aseni’ bi, ogyefo bi, aba a da bi ɔbɛsɛe Satan na wayi no afi hɔ koraa. Nanso, na ogyefo no behu amane bere a ɔreyɛ saa no, na wɔbɛka ne nantin wɔ sɛnkyerɛnne kwan so. Ɛte sɛ nea ɛno bɛyɛ yaw na ahaw adwene paa, nanso ɛkyerɛ dɛn wɔ nkɔmhyɛ no mu? Tebea bɛn na na ebehia sɛ nea Yehowa Apaw No no fa mu?

7 Nea ɛbɛyɛ na wɔagye adesamma afi bɔne mu no, na ɛho behia sɛ ogyefo no ma mpatade bi a wɔde besiesie ɔhaw ahorow a bɔne de aba no, na ɔnam so aka nnipa aba Onyankopɔn nkyɛn bio. Ná dɛn na ɛno bɛhwehwɛ sɛ ɔyɛ? Ná ada adi dedaw sɛ ɛho behia sɛ wɔbɔ afɔre bi. Bere a onipa nokwafo a odi kan Habel de mmoa bɔɔ afɔre maa Yehowa no, onyaa Onyankopɔn anim dom. Akyiri yi, tete agyanom a wosuro Onyankopɔn te sɛ Noa, Abraham, Yakob, ne Hiob bɔɔ afɔre a ɛtete saa ara, na ɛsɔɔ Onyankopɔn ani. (Gen. 4:4; 8:20, 21; 22:13; 31:54; Hiob 1:5) Mfehaha pii akyi no, Mose Mmara no maa nnipa huu afɔrebɔ ho nsɛm pii.

8. Dɛn na na ɔsɔfopanyin no yɛ no afe afe wɔ Mpata Da no?

8 Afɔre ahorow a na Mose Mmara no hwehwɛ sɛ wɔbɔ no mu nea ɛho hia paa ne nea na wɔbɔ no afe afe wɔ Mpata Da no. Edu saa da no a, na ɔsɔfopanyin no yɛ nneɛma pii a na ɛkyerɛ biribi a ɛbɛba daakye. Ná ɔbɔ afɔre ma Yehowa de pata bɔne—nea edi kan, asɔfokuw no de, ne afei, mmusua a na wɔnyɛ asɔfo no de. Ná ɔsɔfopanyin no hyɛn ntamadan anaa asɔrefie no Kronkron mu Kronkronbea hɔ, beae a na ɔno nkutoo na otumi kɔ hɔ no, na na ɔkɔ hɔ saa da no nkutoo wɔ afe no mu. Sɛ ɔkɔ hɔ a, na ɔde mmoa a wɔde bɔ afɔre no mogya petepete apam adaka no anim. Ɛtɔ mmere bi a na omununkum hyɛnhyɛn bi pue saa adaka kronkron no atifi a ɛkyerɛ sɛ Yehowa Nyankopɔn wɔ hɔ.—Ex. 25:22; Lev. 16:1-30.

9. (a) Wɔ Mpata Da no, na ɔsɔfopanyin no gyina hɔ ma hena, na na afɔre ahorow a ɔbɔ no gyina hɔ ma dɛn? (b) Ná Kronkron mu Kronkronbea hɔ a ɔsɔfopanyin no kɔ no gyina hɔ ma dɛn?

9 Wɔde honhom kaa ɔsomafo Paulo ma ɔdaa nea na nneɛma a ɔsɔfopanyin no yɛ kyerɛ no adi. Ɔdaa no adi sɛ ɔsɔfopanyin no gyina hɔ ma Mesia a ɔno ne Yesu Kristo no, ɛnna afɔre ahorow a na wɔbɔ no nso gyina hɔ ma Kristo afɔrebɔ wu no. (Heb. 9:11-14) Ná wɔde saa afɔrebɔ a ɛyɛ pɛ no bɛyɛ mpatade ankasa ama nnipakuw abien—asɔfokuw a wɔne Kristo nuanom 144,000 a wɔde honhom asra wɔn no, ne “nguan foforo” no. (Yoh. 10:16) Sɛ ɔsɔfopanyin no kɔ Kronkron mu Kronkronbea hɔ a, na ogyina hɔ ma Yesu a na ɔbɛkɔ Yehowa Nyankopɔn anim wɔ ɔsoro ankasa de n’afɔre no bo akɔma no no.—Heb. 9:24, 25.

10. Dɛn na Bible nkɔmhyɛ daa no adi sɛ ɛbɛto Mesia no?

10 Ɛda adi pefee sɛ na Adam ne Hawa asefo a wobegye wɔn no bɛhwehwɛ sɛ wɔbɔ afɔre kɛse. Ná Mesia no de ne nkwa bɛbɔ afɔre! Adiyifo a wɔkaa wɔn ho asɛm wɔ Hebri Kyerɛwnsɛm mu no kyerɛkyerɛɛ saa asɛm yi mu kɔɔ akyiri. Sɛ nhwɛso no, odiyifo Daniel kaa no tẽẽ sɛ na “wobetwa” “Mesia, Ɔkannifo” no “afi hɔ,” anaasɛ wobekum no de ‘apata mfomso.’ (Dan. 9:24-26) Yesaia hyɛɛ nkɔm sɛ wɔbɛpo Mesia no, wɔbɛtaa no, na wobekum no, anaasɛ wobepira no ma wasoa nnipa a wɔnyɛ pɛ bɔne.—Yes. 53:4, 5, 7.

11. Akwan bɛn so na Yehowa Ba no daa no adi sɛ na ɔwɔ ɔpɛ sɛ ɔde ne nkwa bɛbɔ afɔre de agye yɛn?

11 Ansa na Onyankopɔn Ba a ɔwoo no koro no reba asase so no, na onim nea na ogye a yebenya no bɛhwehwɛ sɛ ɔyɛ. Ná obehu amane kɛse na afei wɔakum no. Bere a n’Agya ma ohuu nea na ɛbɛto no no, so ɔpopoo ne ti anaasɛ ɔtew atua? Wanyɛ saa, na mmom, ɔde ahobrɛase gyee n’Agya akwankyerɛ toom. (Yes. 50:4-6) Saa ara na bere a Yesu baa asase so no, ɔde osetie yɛɛ n’Agya apɛde. Dɛn ntia? Yehu nea enti a ɔyɛɛ saa no biako wɔ asɛm a ɔkae yi mu sɛ: “Medɔ Agya no.” Yehu foforo nso wɔ saa asɛm yi mu sɛ: “Obiara nni ɔdɔ a ɛsen eyi, sɛ obi de ne kra bɛto hɔ ama ne nnamfo.” (Yoh. 14:31; 15:13) Enti ogye a yebenya no gyina ɔdɔ a Yehowa Ba no wɔ so kɛse. Ɛwom sɛ na ɛsɛ sɛ ɔde ne desani nkwa a ɛyɛ pɛ bɔ afɔre de, nanso ogye a yebenya nti, ɔde anigye yɛɛ saa.

Afɔre a na Ɛsɛ sɛ Yehowa Bɔ De Gye Yɛn

12. Agyede a wɔde mae no yɛ hena apɛde, na dɛn nti na ɔde mae?

12 Ɛnyɛ Yesu ne Onii a ɔkyerɛe sɛ wɔmmɔ saa agyede afɔre no, na ɛnyɛ ɔno nso na ɔkyerɛɛ ɔkwan a wɔmfa so mmɔ saa afɔre no. Mmom no, na ɔkwan a wɔbɛfa so de saa ogye yi aba no yɛ Yehowa apɛde titiriw. Ɔsomafo Paulo daa no adi sɛ afɔremuka a na wɔbɔ so afɔre wɔ asɔrefie hɔ no gyina hɔ ma Yehowa apɛde. (Heb. 10:10) Enti Yehowa ankasa ne onii a ogye a yɛnam Kristo afɔrebɔ no so benya no fi no. (Luka 1:68) Ɛyɛ Yehowa apɛde ne ɔdɔ kɛse a ɔwɔ ma nnipa a ɔdaa no adi.—Monkenkan Yohane 3:16.

13, 14. Ɔkwan bɛn so na nea Abraham yɛe no betumi aboa yɛn ma yɛn ani asɔ nea Yehowa ayɛ ama yɛn no?

13 Dɛn na Yehowa de bɔɔ afɔre de daa ne dɔ adi kyerɛɛ yɛn wɔ saa kwan yi so? Ɛyɛ den sɛ yɛbɛte ase. Nanso, asɛm bi wɔ Bible mu a ebetumi aboa yɛn ma yɛate asɛm no ase yiye. Yehowa ka kyerɛɛ ɔbarima nokwafo Abraham sɛ ɔnyɛ biribi a na ɛyɛ den yiye paa. Ɔka kyerɛɛ no sɛ ɔmfa ne ba Isak mmɔ afɔre. Ná Abraham yɛ agya a ɔwɔ ɔdɔ. Yehowa kaa Isak ho asɛm kyerɛɛ no sɛ “wo ba koro a wodɔ no” no. (Gen. 22:2) Nanso, Abraham hui sɛ na Yehowa apɛde a ɔbɛyɛ no ho hia koraa sen ɔdɔ a na ɔwɔ ma Isak no. Abraham tiee asɛm a Yehowa kae no. Nanso, Yehowa amma Abraham anyɛ ade a na da bi ɔno Yehowa ankasa bɛyɛ no. Bere a aka kakraa bi ma Abraham de ne ba no abɔ afɔre no, Onyankopɔn somaa ɔbɔfo bi ma ɔkɔka kyerɛɛ no sɛ onnyae. Ná Abraham asi ne bo paa sɛ ɔbɛyɛ osetie ama Onyankopɔn wɔ sɔhwɛ a emu yɛ den yi mu araa ma na anidaso a ɔwɔ ara ne sɛ ɛnam owusɔre nkutoo so na ɔbɛsan ahu aberante no bio. Nanso na ɔwɔ gyidi a edi mũ paa sɛ Onyankopɔn bɛma owusɔre a ɛte saa aba. Nokwarem no, Paulo kae sɛ wɔnam owusɔre so maa Abraham nsa kaa Isak bio “wɔ sɛnkyerɛnne kwan so.”—Heb. 11:19.

14 So wubetumi de w’adwene abu ɛyaw a Abraham dii bere a ɔyɛe sɛ ɔde ne ba no rebɔ afɔre no? Ɔkwan bi so no, Abraham asɛm no ma yehu ɛyaw a Yehowa dii bere a ɔde onii a ɔfrɛɛ no “me Ba, nea medɔ no” no bɔɔ afɔre no. (Mat. 3:17) Nanso kae sɛ, ɛbɛyɛ sɛ ɛyaw a Yehowa dii no mu yɛ den paa. Ná ɔne ne Ba no atena anigye mu mfe ɔpepem pii a yennim ano, ebia ɔpepepem pii mpo. Ɔba no ne Agya no boom yɛɛ adwuma anigye so sɛ ne ‘dwumayɛni a ne ho akokwaw’ a ɔdɔ no ne ne kasamafo anaa “Asɛm no.” (Mmeb. 8:22, 30, 31; Yoh. 1:1) Yɛrentumi mfa yɛn adwene mmu ɛyaw kɛse a Yehowa dii bere a na wɔreteetee ne Ba no, bere a na wɔredi ne ho fɛw, ne afei bere a wokum no sɛ ɔdebɔneyɛfo no. Yehowa bɔɔ afɔre kɛse paa na ɔde gyee yɛn! Ɛnde, dɛn na yebetumi ayɛ de akyerɛ sɛ yɛn ani sɔ saa ogye no?

Dɛn na Wubetumi Ayɛ De Akyerɛ sɛ W’ani sɔ Ogye No?

15. Ɔkwan bɛn na Yesu faa so de mpatade kɛse no mae koraa, na dɛn na eyi ma etumi yɛɛ yiye?

15 Yesu de mpatade kɛse no mae koraa bere a wonyan no na ɔkɔɔ soro no. Bere a ɔsan kɔɔ n’Agya a ɔdɔ no no nkyɛn no, ɔde n’afɔre no bo kɔmaa No. Nhyira akɛse pii dii akyiri bae. Ebuee bɔne fafiri koraa a nnipa betumi anya hokwan, nea edi kan, Kristo nuanom a wɔasra wɔn no bɔne, ne afei, “wiase nyinaa” de. Esiane saa afɔrebɔ no nti, ɛnnɛ wɔn a wonu wɔn ho ankasa nyinaa a wɔbɛyɛ Kristo akyidifo anokwafo no betumi anya gyinabea pa wɔ Yehowa Nyankopɔn anim. (1 Yoh. 2:2) Saa asɛm yi fa wo ho dɛn?

16. Mfatoho bɛn na yebetumi de akyerɛkyerɛ nea enti a ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani sɔ ogye a Yehowa ama ayɛ yiye sɛ yebenya no mu?

16 Momma yɛnsan nsusuw mfatoho a yɛkaa ho asɛm mfiase no ho bio. Fa no sɛ oduruyɛfo a wanya yare no ano aduru no ba ɔdan a woda mu no mu bɛka kyerɛ ayarefo no sɛ: Ɔyarefo biara a obegye ayaresa yi atom na wadi ɛho akwankyerɛ so no ho bɛtɔ no. Na sɛ ayarefo a wo ne wɔn da hɔ no mu dodow no ara ka sɛ wɔrenni oduruyɛfo no akwankyerɛ so efisɛ aduru no nom bɛyɛ yaw dodo, anaa ɛho akwankyerɛ no so di bɛyɛ den nso ɛ? So wubedi wɔn akyi bere a wugye di paa sɛ aduru no tumi sa yare no? Worenyɛ saa da! Akyinnye biara nni ho sɛ wobɛda oduruyɛfo no ase wɔ yare no ano aduru a wanya no ho, na afei woadi akwankyerɛ a ɔde ama no so pɛpɛɛpɛ, na woaka nea woreyɛ no ho asɛm akyerɛ afoforo mpo. Nea ɛsen saa koraa no, ɛsɛ sɛ yɛn mu biara de anigye ma Yehowa hu sɛnea yɛn ani sɔ ogye a ɔnam ne Ba no agyede afɔre no so ama ayɛ yiye sɛ yebenya no yiye.—Monkenkan Romafo 6:17, 18.

17. Nneɛma bɛn na wubetumi ayɛ de akyerɛ sɛ w’ani sɔ nea Yehowa ayɛ a ɔde begye wo no?

17 Sɛ yɛn ani sɔ nea Yehowa ne ne Ba no ayɛ sɛnea ɛbɛyɛ a wobegye yɛn afi bɔne ne owu mu no a, yɛbɛyɛ biribi de akyerɛ saa. (1 Yoh. 5:3) Yɛbɛko atia biribiara a ɛtwetwe yɛn kɔ bɔne ho no. Yɛrenhyɛ da nkɔ so nyɛ bɔne na yɛayɛ yɛn ho te sɛ nea yɛnyɛɛ bɔne biara sɛnea wɔn a wɔhyɛ da yɛ bɔne taa yɛ no. Sɛ yɛyɛ saa a, na nea yɛrekyerɛ ne sɛ yemmmu agyede no sɛ ɛsom bo anaasɛ yɛn ani nsɔ koraa. Mmom no, yɛbɛyere yɛn ho ma yɛn ho atew wɔ Onyankopɔn ani so de akyerɛ sɛ yɛn ani sɔ agyede no. (2 Pet. 3:14) Yɛbɛka anidaso a ɛyɛ anigye a yɛwɔ sɛ wobegye yɛn no ho asɛm akyerɛ afoforo sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn nso betumi anya gyinabea pa wɔ Yehowa anim na wɔanya anidaso sɛ wobenya daa nkwa de akyerɛ anisɔ a yɛwɔ. (1 Tim. 4:16) Nokwarem no, ɛfata paa sɛ yɛde ɛbere ne ahoɔden biara a yɛwɔ yi Yehowa ne ne Ba no ayɛ! (Mar. 12:28-30) Wode, susuw ho hwɛ! Yebetumi ahwɛ kwan sɛ bere bi bɛba a wɔbɛma yɛade yɛn ho afi bɔne ho koraa. Esiane nea Yehowa ayɛ a ɔde begye yɛn no nti, yebetumi atena ase sɛnea Onyankopɔn pɛe sɛ ɛyɛ no wɔ pɛyɛ mu daa!—Rom. 8:21.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 3 Wɔkyerɛ sɛ bere a Spania influensa bae no, ɛkaa nnipa a na wɔwɔ wiase nyinaa saa bere no ɔha mu nkyem 20 kosi 50. Ɛbɛyɛ sɛ yare no kunkum nnipa a ɛkaa wɔn no mu ɔha mu nkyem 1 kosi 10. Sɛ yɛde toto Ebola yare no ho a, Ebola ntaa nyi ne ho adi de, nanso mmere bi a ɛbae no, ekunkum nnipa a ɛkaa wɔn no mu bɛyɛ ɔha mu nkyem 90.

Wubebua Dɛn?

• Dɛn nti na wuhia ogye denneennen?

• Afɔre a Yesu bɔe no ka wo dɛn?

• Wote nka dɛn wɔ agyede a Yehowa de mae no ho?

• Dɛn na nsiesiei a Yehowa ayɛ a ɔde begye wo no aka wo sɛ yɛ?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 27]

Wɔ Mpata Da no, na Israel sɔfopanyin no gyina hɔ ma Mesia no

[Mfonini wɔ kratafa 28]

Ɔpɛ a na Abraham wɔ sɛ ɔde ne ba no bɛbɔ afɔre no ma yehu sɛ Yehowa bɔɔ afɔre kɛse paa