Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Abusua Som—Ɛho Hia Ma Nkwagye!

Abusua Som—Ɛho Hia Ma Nkwagye!

Abusua Som—Ɛho Hia Ma Nkwagye!

HWƐ sɛnea “ade nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn da kɛse no mu ko no” bɛyɛ hu afa! (Adi. 16:14) Odiyifo Mika de kasakoa a emu da hɔ kyerɛwee sɛ: “Mmepɔw bɛnan . . .  na asasetaw mu apaapae sɛnea ogya nan ɛwokyɛm, te sɛ nsu a wɔahwie agu baabi a ɛhɔ sian.” (Mika 1:4) Asɛmmɔne bɛn na ɛbɛto wɔn a wɔnsom Yehowa no? Onyankopɔn Asɛm ka sɛ: “Wɔn a Yehowa bekunkum wɔn saa da no begugu hɔ fi asase ano akɔpem asase ano.”—Yer. 25:33.

Esiane kɔkɔbɔ a ɛtete saa nti, ɛfata sɛ mmusua ti, a wɔn mu pii yɛ abaatankoro no bisa fa wɔn mma a wɔanyinyin a wotumi susuw nsɛm ho no ho sɛ, ‘So wobenya nkwa wɔ Harmagedon?’ Bible ma yɛn awerɛhyem sɛ sɛ wɔne Yehowa ntam yɛ papa paa sɛnea mfe a wɔadi te a, ɛnde wobenya nkwa.—Mat. 24:21.

Ɛho Hia sɛ Muyi Bere Bi Si Hɔ De Yɛ Abusua Som

Sɛ woyɛ ɔwofo a, yɛ nea wubetumi biara sɛ wobɛtete wo mma wɔ “Yehowa nteɛso ne nyansakyerɛ mu.” (Efe. 6:4) Bible a wo ne wo mma besua no ho hia paa. Yɛpɛ sɛ yɛn mma nkumaa no yɛ te sɛ Kristofo a na wɔwɔ Filipi a Paulo kamfoo wɔn wɔ osetie a wɔyɛ maa Yehowa no ho no. Ɔkyerɛwee sɛ: “M’adɔfo, sɛnea mutie bere nyinaa, na ɛnyɛ bere a mewɔ hɔ nko, na mmom seesei a minni hɔ mpo moyɛ ma ɛsen saa no, monkɔ so mfa osuro ne ahopopo nyɛ mo ankasa nkwagye ho adwuma.”—Filip. 2:12.

Sɛ wunni hɔ na ɛka wo mma nkutoo a, so wodi Yehowa mmara so? Na sɛ wɔwɔ sukuu nso ɛ? Wobɛyɛ dɛn atumi aboa wo mma ma wɔahu sɛ Yehowa mmara so wɔ mfaso, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔde bɛbɔ wɔn bra bere mpo a wunni hɔ?

Abusua som a mobɛyɛ betumi aboa wo ba paa ma wanya gyidi kɛse ma sɛ wunni hɔ mpo a wadi Yehowa mmara so. Enti ma yensusuw nneɛma atitiriw abiɛsa a ɛbɛma Bible adesua a wo ne w’abusua yɛ akɔ so ho.

Monyɛ no Daa

Bible ma yehu sɛ Onyankopɔn frɛ ne mma a wɔyɛ abɔfo ma wɔba n’anim wɔ mmere pɔtẽẽ bi mu. (Hiob 1:6) Wo ne wo mma nyɛ saa ara. Yi da ne bere pɔtẽẽ bi si hɔ a mode bɛyɛ mo Abusua Som anwummere, na monhwɛ nni so. Bio nso, yi bere foforo si hɔ a sɛ biribi a monhwɛ kwan si na sɛ moantumi anyɛ adesua no a, mode saa bere no ayɛ.

Bere rekɔ so no, mommma ɛmmɛyɛ mo su sɛ mobɛtoto adesua no mu. Kae sɛ, wo mma na wɔyɛ wo Bible asuafo a wɔn ho hia paa. Na Satan nya wɔn a, ɔbɛkyere wɔn. (1 Pet. 5:8) Sɛ mode anwummere a ɛsɛ sɛ mode yɛ Abusua Som a ɛho hia yi hwɛ television anaa mode yɛ nneɛma foforo a ɛho nhia pii a, na Satan anya mo.—Efe. 5:15, 16; 6:12; Filip. 1:10.

Munsua Nneɛma a Ɛbɛboa Mo

Ɛnyɛ nimdeɛ kɛkɛ na ɛsɛ sɛ mode Abusua Som a moyɛ no anwummere no hwehwɛ. Mmom no, bɔ mmɔden sɛ mubesua nneɛma a ɛbɛboa abusua no. Wobɛyɛ no dɛn? Ɛtɔ mmere bi a, wo ne wo ba nsusuw nsɛm a ɛfa tebea a obehyia no nna anaa adapɛn a ɛda n’anim no ho. Sɛ nhwɛso no, adɛn nti na wo ne no mmobɔ nsɛm a mobɛka wɔ asɛnka mu so bere a moreyɛ adesua no? Mmofra ani gye ho sɛ wɔbɛyɛ nneɛma a wonim yɛ yiye. Sɛ mobobɔ nsɛm a mobɛka wɔ asɛnka mu so na mususuw akwan a mobɛfa so abua nkurɔfo a wɔne yɛn nyɛ adwene wɔ yɛn nkyerɛkyerɛ bi ho a, ɛbɛboa mmofra no ma wɔanya ahotoso paa bere a wɔreyɛ Ahenni asɛnka adwuma no afã ahorow no.—2 Tim. 2:15.

Wubetumi nso ne wo mma abobɔ nsɛm a ɛbɛboa wɔn ma wɔagyina atipɛnfo nhyɛso ano so. Wubetumi ne w’abusua asusuw asɛm a ɛwɔ Questions Young People Ask—Answers That Work nhoma no Po 2 no ti 15 no ho. “Peer-Pressure Planner” (Ɔkwan a Mɛfa so Adi Atipɛnfo Nhyɛso So) a ɛwɔ kratafa 132 ne 133 no de nyansahyɛ ma, na ɛsan nso ma wo ba no kwan ma ofi ne pɛ mu kyerɛw n’ankasa nsɛm wɔ hɔ. Asɛm a ɛwɔ kratafa 133 awiei no hyɛ mmabun nkuran sɛ: “Wo ne wo maame anaa wo papa anaa w’adamfo bi a ne ho akokwaw mmobɔ nsɛm a woakyerɛw no so.” Dɛn nti na mommmobɔ nsɛm a ɛte saa so wɔ Abusua Som a moyɛ no anwummere no ase wɔ bere ne bere mu?

Abusua som ma awofo nya hokwan si mfaso a ɛwɔ so sɛ wɔn mma de botae a ɛbɛma wɔabɛn Yehowa sisi wɔn ani so no so dua. Asɛm a ɛwɔYoung People Ask, Po 2, ti 38 a n’asɛmti ne, “What Will I Do With My Life?” (Dɛn na Mede M’asetena Bɛyɛ?) no betumi aboa paa ma wɔayɛ saa. Sɛ moresusuw saa ti no ho a, boa wo ba no ma onhu sɛ Yehowa som a obi bɛma ayɛ ade titiriw wɔ n’asetena mu no yɛ ade a mfaso wɔ so paa. Boa wo ba ma n’ani mmegye ho sɛ ɔbɛyɛ ɔkwampaefo, ɔbɛsom wɔ Betel, ɔbɛkɔ Asomfo Ntetee Sukuu, anaa ɔbɛyɛ bere nyinaa som adwuma no fã foforo bi.

Monyɛ ahwɛyiye: Awofo binom a wɔpɛ sɛ esi wɔn mma yiye de wɔn adwene si nea wɔpɛ sɛ wɔn mma yɛ daakye so araa ma wobu wɔn ani gu so sɛ wɔbɛkamfo wɔn wɔ nea wɔreyɛ seesei no ho. Nokwarem no, ɛyɛ papa sɛ wobɛhyɛ wo mma nkuran ma wɔde botae pa te sɛ Betel som adwuma ne asɛmpatrɛw adwuma asi wɔn ani so. Nanso, bere a woreyɛ saa no, hwɛ yiye na nea wopɛ sɛ wo ba yɛ no anhyɛ no abufuw amma n’abam ammu. (Kol. 3:21) Kae bere nyinaa sɛ, ɛsɛ sɛ wo babarima anaa wo babea ankasa na ofi ne komam dɔ Yehowa, na ɛnyɛ sɛ wo na wobɛhyɛ no ma wayɛ saa. (Mat. 22:37) Enti hwehwɛ akwan a wobɛfa so akamfo wo ba wɔ nneɛma pa a ɔreyɛ ho, na bɔ mmɔden sɛ woremfa w’adwene nsi nea ɔnyɛe so. Boa no ma onnya nea Yehowa ayɛ nyinaa ho anisɔ. Afei, ma wo ba no ankasa mfi ne komam nyɛ Yehowa papayɛ ho biribi.

Ma Ɛnyɛ Anigye

Ade titiriw a ɛto so abiɛsa a ɛma Abusua Som a wɔyɛ no anwummere kɔ so ne sɛ wobɛma ayɛ anigye. Wobɛyɛ dɛn atumi ama ayɛ anigye? Mmere bi wɔ hɔ a, ebia mubetumi abɔ drama a Yehowa Adansefo ayɛ no biako atie anaa moahwɛ yɛn video ahorow no mu biako na muwie a, moasusuw ho. Anaasɛ mubetumi abom akenkan Bible no fã bi, na wubetumi akyekyɛ ma abusua no muni biara akenkan bi.

Ɔwɛn-Aban ne Awake! wɔ afã ahorow a wubetumi ne w’abusua asusuw ho. Sɛ nhwɛso no, mubetumi de ɔfã a ɛwɔ Awake! biara mu kratafa 31 a n’asɛmti ne, “How Would You Answer?” (Wubebua Dɛn?) no ayɛ mo adesua no. Ɔwɛn-Aban a ɛyɛ ɔmanfo de no wɔ ɔfã bi a ɛba asram abien biara a wɔato din “Mmofra Afã” a mmofra tumi de sua ade. Sɛ saa ɔfã yi ba ɔsram yi a, ɔsram a edi hɔ no, asɛm a ɛne “Momfa Nkyerɛkyerɛ Mo Mma” a wɔayɛ ama mmarimaa ne mmeawa no na ɛba.

Awofo a wɔn mma yɛ mmabun ani begye “Young People Ask” (Mmofra Bisa Sɛ) a ɛba Awake! mu no ho paa, saa ara na wɔn ani begye Young People Ask, Po 2 no nso ho. Sɛ wode saa nhoma no redi dwuma a, mmu w’ani nngu adaka a n’asɛmti ne “What Do You Think?” (Wudwen Ho Dɛn?) a ɛwɔ ti biara awiei no so. Ɛnyɛ ntimu kɛkɛ na wɔde saa adaka no yɛ. Wo ne w’abusua betumi asusuw nsɛmmisa a ɛwɔ saa adaka no mu no ho.

Nanso, hwɛ yiye na woamfa nsɛmmisa ampuapua wɔn wɔ abusua adesua no ase. Sɛ nhwɛso no, mmɔ mmɔden sɛ wobɛhyɛ wo ba ma wakenkan nea wakyerɛw wɔ nkratafa a wɔato din “My Journal” (Me Kyerɛwtohɔ) afã hɔ anaa nhoma no afã biara a ɛhyɛ wo ba no nkuran sɛ ɔnkyerɛw n’ankasa nsɛm wɔ hɔ no mma wuntie. Ɔfã a ɛne “A Note to Parents” (Awofo Nhyɛ no Nsow) a ɛwɔ nhoma no kratafa 3 no ka sɛ: “Sɛ wopɛ sɛ wohyɛ wo mma a wɔyɛ mmabun nkuran ma wɔkyerɛw nea ɛwɔ wɔn komam a, nnyina wɔn kɔn so. Akyiri yi, ebia wɔn ani begye ho sɛ wɔne wo besusuw nea wɔakyerɛw no ho.”

Sɛ moyɛ abusua som no daa, musua nneɛma a ɛbɛboa mo, na woma ɛyɛ anigye a, Yehowa behyira wo mmɔdenbɔ no so pii. Saa bere titiriw a wo ne w’abusua de sua ade yi bɛboa ma w’adɔfo ne Yehowa ntam akɔ so ayɛ papa paa.

[Adaka wɔ kratafa 31]

Sakra Mu

“Sɛ na yɛne yɛn mmabea nkumaa no resua ade a, na me ne me kunu susuw nea yebesua wɔ asafo nhyiam ase ho de siesie yɛn ho, na afei yɛama yɛn mmabea no ayɛ mfonini de abɔ adesua no mua. Ɛtɔ mmere bi a na yɛyɛ Bible mu nsɛm bi ho ɔyɛkyerɛ anaasɛ na yɛbobɔ asɛm a yɛbɛka wɔ asɛnka mu so. Yɛhwɛɛ mfe a wɔadi ho na yɛne wɔn suaa ade, yɛma ɛyɛɛ anigye, na na ɛhyɛ nkuran.”—J.M., United States.

“Nea ɛbɛyɛ na yɛaboa me Bible suani babarima ma wahu sɛnea na wɔde nhoma mmobɔwee di dwuma wɔ Bible mmere mu no, yetintim Yesaia nhoma no a yɛamfa eti ne nkyekyɛm biara anhyehyɛ mu. Yɛkekaa nkratafa no sisii anim de mmaa hyehyɛɛ eti ne eti. Afei abarimaa no bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛyɛ nea Yesu yɛe wɔ hyiadan a na ɛwɔ Nasaret no mu no. Luka 4:16-21 ka sɛ Yesu “[buee Yesaia] nhoma mmobɔwee no mu, na ohuu” faako a na ɔrehwehwɛ no. (Yes. 61:1, 2) Nanso, bere a abarimaa no bɔɔ mmɔden sɛ obebue mu sɛnea Yesu yɛe no, ɛyɛɛ den maa no sɛ obehu baabi a Yesaia 61 wɔ wɔ nhoma mmobɔwee tenten a nhoma no ti ne nkyekyɛm biara nka ho no so. Sɛnea Yesu tumi buee nhoma mmobɔwee mu na ohuu faako a ɔrehwehwɛ no yɛɛ abarimaa no nwonwa ma ɔteɛɛm sɛ: ‘Ná Yesu yɛ ade paa!’”—Y.T., Japan.

[Mfonini wɔ kratafa 30]

Sɛ wo ne wo mma bobɔ nsɛm so a, ebetumi aboa ma wɔagyina atipɛnfo nhyɛso ano

[Mfonini wɔ kratafa 31]

Bɔ mmɔden ma Abusua Som a moyɛ no anwummere no nyɛ anigye