Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Mo Ne Nnipa Nyinaa Ntena Asomdwoe Mu”

“Mo Ne Nnipa Nyinaa Ntena Asomdwoe Mu”

“Mo Ne Nnipa Nyinaa Ntena Asomdwoe Mu”

“Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, mo fam de, mo ne nnipa nyinaa ntena asomdwoe mu.”—ROM. 12:18.

1, 2. (a) Kɔkɔbɔ bɛn na Yesu de maa n’akyidifo? (b) Ɛhe na yebetumi anya sɛnea ɛsɛ sɛ yɛyɛ yɛn ade wɔ ɔsɔretia ho ho afotu?

YESU bɔɔ n’akyidifo no kɔkɔ sɛ wiase aman nyinaa bɛsɔre atia wɔn. Na anwummere a ade rebɛkye ma wawu no, ɔkyerɛkyerɛɛ nea enti a wɔbɛsɔre atia wɔn no mu kyerɛɛ wɔn. Ɔka kyerɛɛ n’asomafo no sɛ: “Sɛ moyɛ wiase no fã a, anka wiase bɛpɛ nea ɛyɛ ne de no asɛm. Nanso esiane sɛ monyɛ wiase no fã, na mmom mapaw mo afi wiase nti, wiase no tan mo.”—Yoh. 15:19.

2 Ɔsomafo Paulo ankasa hui sɛ asɛm a Yesu kae no yɛ nokware. Wɔ Paulo krataa a ɛto so abien a ɔde kɔmaa aberante Timoteo mu no, ɔkyerɛwee sɛ: “Nea woadi akyi pɛpɛɛpɛ ne me nkyerɛkyerɛ, m’asetena kwan, m’atirimpɔw, me gyidi, m’abodwokyɛre, me dɔ, me boasetɔ, me taa, m’amanehunu.” Afei Paulo de kaa ho sɛ: “Nokwarem no, wɔn a wɔpɛ sɛ wɔde onyamesom pa tena ase Kristo Yesu mu nyinaa no, wɔn nso wɔbɛtaa wɔn.” (2 Tim. 3:10-12) Paulo de sɛnea na ɛsɛ sɛ Kristofo a wɔwɔ Roma no yɛ wɔn ade wɔ ɔsɔretia ho no ho afotu pa maa wɔn wɔ ne krataa a ɔde kɔmaa wɔn no ti 12 mu. Asɛm a ɔkae no betumi aboa yɛn wɔ awiei bere yi mu.

“Munnwen Nneɛma a Ɛyɛ Fɛ”

3, 4. Yɛbɛyɛ dɛn atumi de afotu a ɛwɔ Romafo 12:17 no ayɛ adwuma wɔ (a) abusua a emufo binom nyɛ Yehowa asomfo mu? (b) sɛnea yɛne yɛn afipamfo di mu?

3 Monkenkan Romafo 12:17. Paulo kae sɛ sɛ wɔsɔre tia yɛn a, ɛnsɛ sɛ yɛyɛ bi tua so ka. Mmusua a emufo binom nyɛ Yehowa asomfo mu paa na ɛsɛ sɛ wɔde saa afotu yi yɛ adwuma. Sɛ okunu anaa ɔyere a ɔyɛ Kristoni hokafo ka asɛm bi a ɛyɛ yaw kyerɛ no a, ɛsɛ sɛ ɔbɔ mmɔden sɛ ɔrenka bi nkyerɛ no anaasɛ ɔremmɔ no atirimɔden mfa ntua no so ka. Mfaso biara nni so sɛ ‘yɛde bɔne betua bɔne so ka.’ Mmom no, saa a yɛbɛyɛ no betumi asɛe asɛm no koraa.

4 Paulo kyerɛɛ ɔkwan a eye a ɛsɛ sɛ yɛfa so. Ɔkae sɛ: “Munnwen nneɛma a ɛyɛ fɛ wɔ nnipa nyinaa ani so.” Sɛ ɔyere fi ne komam da ayamye adi kyerɛ ne kunu wɔ fie bere a ne kunu aka ne som ho asɛmmɔne a, ebetumi ayi akasakasa biara a anka ɛbɛba no afi hɔ. (Mmeb. 31:12) Carlos a seesei a ɔyɛ adwuma wɔ Betel no ka sɛnea ne maame kɔɔ so daa ayamye adi, na ɔhwɛɛ wɔn fie yiye de dii ɔsɔretia a emu yɛ den a ne papa de baa ne maame so no so ho asɛm. Ɔtoaa so sɛ: “Me maame hyɛɛ yɛn a na yɛyɛ mmofra no nkuran sɛ yɛnna obu adi nkyerɛ yɛn papa bere nyinaa. Me maame kaa no denneennen sɛ me ne me papa nni agoru bi, ɛwom sɛ na m’ani nnye saa agoru no ho de. Nanso, ɛno maa me papa ani gyei.” Bere bi akyi no, me papa fii ase suaa Bible, na ɔbɔɔ asu. Mpɛn pii na Yehowa Adansefo ayɛ “nneɛma a ɛyɛ fɛ wɔ nnipa nyinaa ani so” de aboa wɔn afipamfo bere a atoyerɛnkyɛm asi no, na wɔayɛ saa de ayi adwene a ɛnteɛ a nkurɔfo wɔ wɔ wɔn ho no afi hɔ.

Sɛnea Yɛde “Nnyansramma” Bɛnan Ɔsɔretia

5, 6. (a) “Nnyansramma” a yɛboaboa ano gu yɛn tamfo atifi no kyerɛ dɛn? (b) Ka osuahu bi a asi wɔ mo hɔ a ɛkyerɛ sɛ sɛ yɛde afotu a ɛwɔ Romafo 12:20 no yɛ adwuma a, biribi pa betumi afi mu aba.

5 Monkenkan Romafo 12:20. Akyinnye biara nni ho sɛ bere a Paulo reka asɛm a ɛwɔ kyerɛwsɛm yi mu no, na asɛm a ɛwɔ Mmebusɛm 25:21, 22 no na na ɛwɔ n’adwenem. Ɛhɔ ka sɛ: “Sɛ ɔkɔm de nea ɔtan wo a, ma no aduan nni; na sɛ osukɔm de no a, ma no nsu nnom. Na nsramma na woreboaboa ano agu n’atifi, na Yehowa na obetua wo ka.” Esiane afotu a Paulo de ama wɔ Romafo ti 12 no nti, na ɛnyɛ nea ɔrekyerɛ ankasa ne sɛ ɛsɛ sɛ yɛde nnyansramma gu obi a ɔsɔre tia yɛn atifi de twe n’aso, anaasɛ yɛde hyɛ no aniwu. Mmom no, ɛte sɛ nea ɛbɛ no ne asɛm a ɛte saa ara a Paulo kyerɛw kɔmaa Romafo no fa ɔkwan a na tetefo no fa so nan abo a wonya nnade fi mu no ho. Engiresini nhomanimfo Charles Bridges a ɔtenaa ase wɔ afeha a ɛto so 19 no mu no kae sɛ: “Fa nnyansramma gu dade a ne nan yɛ den paa ase ne n’atifi nyinaa; na mfa dade no nto ogya no so kɛkɛ, na mmom boaboa nnyansramma ano gu dade no atifi nyinaa. Nnipa kakraa bi na wɔn koma yɛ den paa ma enti sɛ wonya wɔn ho abotare, na wɔda ayamye ne ɔdɔ mapa adi kyerɛ wɔn a, ɛrentumi nnan wɔn koma.”

6 Sɛnea “nnyansramma” tumi nan nnade no, saa ara na sɛ yɛda ayamye adi kyerɛ wɔn a wɔsɔre tia yɛn a, ebetumi aka wɔn koma, na ebia ama wɔagyae ɔsɔretia a wɔde ba yɛn so no. Sɛ Yehowa asomfo da ayamye adi kyerɛ nkurɔfo a, ebetumi ama wɔanya wɔn ho adwempa, na wɔn ani agye Bible mu asɛm a wɔka no ho. Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Munkura abrabɔ pa mu wɔ amanaman no mu, na ade a enti wɔkasa tia mo sɛ nnebɔneyɛfo no, wɔnam mo nnwuma pa a wɔn ankasa yɛ ho adansefo no so ahyɛ Onyankopɔn anuonyam ɛda a ɔbɛba abɛhwɛ sɛnea nneɛma te no.”—1 Pet. 2:12.

“Mo ne Nnipa Nyinaa Ntena Asomdwoe Mu”

7. Asomdwoe bɛn na Kristo de gyaw n’asuafo, na dɛn na ɛsɛ sɛ ɛka yɛn ma yɛyɛ?

7 Monkenkan Romafo 12:18. Bere a Yesu ne n’asomafo no hyiaam anwummere a etwa to no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mede asomdwoe gyaw mo, mede m’asomdwoe ma mo.” (Yoh. 14:27) Asomdwoe a Kristo de gyaw n’asuafo no ne akomatɔyam a wonya bere a wɔte nka sɛ Yehowa Nyankopɔn ne ne Dɔba no dɔ wɔn na wogye wɔn tom no. Ɛsɛ sɛ saa asomdwoe yi ka yɛn ma yɛne foforo tena asomdwoe mu. Nokware Kristofo pɛ asomdwoe.—Mat. 5:9.

8. Yɛbɛyɛ dɛn atumi ayɛ nnipa a yɛpɛ asomdwoe wɔ fie ne yɛn asafo mu?

8 Ade biako a ɛbɛma yɛayɛ nnipa a yɛpɛ asomdwoe wɔ abusua mu ne sɛ yebesiesie akasakasa biara a ɛsɔre wɔ yɛn ntam no ntɛm ara sen sɛ yɛbɛma tebea no agye nsam koraa. (Mmeb. 15:18; Efe. 4:26) Ɛsɛ sɛ yɛyɛ saa ara wɔ Kristofo asafo no mu nso. Ɔsomafo Petro de asomdwoe akyi a yebedi kaa yɛn tɛkrɛma a yɛbɛto no nnareka ho kaa asɛm. (1 Pet. 3:10, 11) Bere a Yakobo nso de afotu a emu yɛ den mae wɔ yɛn tɛkrɛma a yɛde bedi dwuma wɔ ɔkwampa so, na yɛatwe yɛn ho afi ahoɔyaw ne mansotwe ho wiei no, ɔkyerɛwee sɛ: “Nyansa a efi soro no de, nea edi kan no, ɛho tew, ɛpɛ asomdwoe, ɛwɔ ntease, ɛyɛ asoɔmmerɛw, mmɔborɔhunu ne aba pa ayɛ no mã, ɛnhwɛ nnipa anim nyɛ nyiyim, ɛnyɛ nyaatwom. Bio nso, wodua trenee aba wɔ asomdwoe mu ma wɔn a wɔpɛ asomdwoe.”—Yak. 3:17, 18.

9. Sɛ yɛrebɔ mmɔden sɛ yɛne ‘nnipa nyinaa bɛtena asomdwoe mu’ a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛma ɛtena yɛn adwenem?

9 Paulo asɛm a ɔkae wɔ Romafo 12:18 no kɔ akyiri sen asomdwoe a yɛbɛma atena yɛn abusua ne asafo no mu kɛkɛ. Ɔka sɛ ɛsɛ sɛ yɛne ‘nnipa nyinaa tena asomdwoe mu.’ Saa nnipa nyinaa no bi ne yɛn mfɛfo adwumayɛfo, yɛn mfɛfo sukuufo, ne nnipa a yehyia wɔn wɔ asɛnka mu. Nanso, ɔsomafo no de kaa n’afotu no ho sɛ: “Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, mo fam de.” Ɛno kyerɛ sɛ yɛbɛyɛ nea yebetumi nyinaa sɛ yɛne ‘nnipa nyinaa bɛtena asomdwoe mu,’ nanso ɛnsɛ sɛ yebu Onyankopɔn nnyinasosɛm a ɛteɛ no so.

Yehowa na Aweredi wɔ No

10, 11. Dɛn nti na ɛfata sɛ ‘yegyaw ma Onyankopɔn abufuw’?

10 Monkenkan Romafo 12:19. Ɛsɛ sɛ ‘yɛhyɛ yɛn ho so wɔ bɔne ho,’ na yɛne “wɔn a wɔtew” adwuma a yɛyɛ ne asɛm a yɛka no so “atua,” a wɔn a woyi wɔn anim sɔre tia yɛn no mpo ka ho no di no “odwo” so. (2 Tim. 2:23-25) Paulo tu Kristofo fo sɛ ɛnsɛ sɛ wɔn ankasa di were, na mmom ɛsɛ sɛ ‘wogyaw ma Onyankopɔn abufuw.’ Yɛn a yɛyɛ Kristofo no nim sɛ ɛnyɛ yɛn na ɛsɛ sɛ yedi were. Odwontofo no kyerɛwee sɛ: “Ma abufuw ntwa, na gyae bobɔne; mma wo bo mmfuw na woanyɛ bɔne.” (Dw. 37:8) Solomon nso tuu yɛn fo sɛ: “Nka sɛ: ‘Metua bɔne so ka!’ Fa w’ani to Yehowa so, na obegye wo.”—Mmeb. 20:22.

11 Sɛ wɔn a wɔsɔre tia yɛn no haw yɛn a, ɛyɛ papa sɛ yebegyaw ama Yehowa, na sɛ n’ankasa hu sɛ ɛfata sɛ ɔtwe wɔn aso a, wayɛ saa wɔ ne bere mu. Bere a Paulo reda no adi sɛ na Yehowa abufuw ho asɛm na ɛwɔ n’adwenem no, ɔde kaa ho sɛ: “Wɔakyerɛw sɛ: ‘Aweredi wɔ me; me ara metua ka, Yehowa na ose.’” (Fa toto Deuteronomium 32:35 ho.) Sɛ yɛn ankasa bɔ mmɔden sɛ yebedi were a, na yɛreyɛ ahomaso, na yɛreyɛ ade a Yehowa aka sɛ ɔno nkutoo na ɔwɔ hokwan sɛ ɔyɛ. Bio nso, sɛ yɛyɛ saa a, na yɛreda no adi sɛ yennye nni sɛ Yehowa bedi bɔ a wahyɛ a ɛne sɛ “me ara metua ka” no so.

12. Bere bɛn na wobeyi Yehowa abufuw adi, na ɔkwan bɛn so na wobeyi no adi?

12 Ná Paulo adi kan aka wɔ ne krataa a ɔde kɔmaa Romafo no mu sɛ: “Wɔreyi Onyankopɔn abufuw adi fi soro atia nnipa a wɔnam kwammɔne so siw nokware no kwan no amumɔyɛ ne wɔn mmarato nyinaa.” (Rom. 1:18) Yehowa nam ne Ba no so beyi n’abufuw adi afi soro wɔ “ahohiahia kɛse” no mu. (Adi. 7:14) Sɛnea Paulo kyerɛkyerɛɛ mu wɔ ne krataa foforo bi a honhom kaa no ma ɔkyerɛwee mu no, ɛno bɛyɛ “Onyankopɔn atemmu a ɛteɛ ho adanse . . . Nea enti a eyi te saa ne sɛ ɛteɛ wɔ Onyankopɔn fam sɛ ɔde ahohia betua wɔn a wohiahia mo ho no ka, na mo a muhyia ahohia no de, ɔma mo ne yɛn nya ahome wɔ Awurade Yesu ahoyi a efi soro no mu, ɔne n’abɔfo a wɔwɔ tumi no, wɔ ogyaframa mu, na ɔde aweredi aba wɔn a wonnim Onyankopɔn ne wɔn a wontie yɛn Awurade Yesu ho asɛmpa no so.”—2 Tes. 1:5-8.

Sɛnea Yɛde Papa Bedi Bɔne so Nkonim

13, 14. (a) Dɛn nti na sɛ yehyia ɔsɔretia a, ɛnyɛ yɛn nwonwa? (b) Dɛn na yebetumi ayɛ de ahyira wɔn a wɔtaa yɛn?

13 Monkenkan Romafo 12:14, 21. Esiane sɛ yegye di paa sɛ Yehowa bɛma n’atirimpɔw nyinaa abam nti, yebetumi de yɛn ahoɔden nyinaa ayɛ adwuma a ɔde ama yɛn no a yensuro, na saa adwuma no ne “ahenni ho asɛmpa” no a yɛbɛka “wɔ asase so nyinaa” no. (Mat. 24:14) Yenim sɛ Kristofo som adwuma a yɛyɛ no bɛhyɛ yɛn atamfo abufuw, efisɛ Yesu bɔɔ yɛn kɔkɔ sɛ: “Me din nti aman nyinaa bɛtan mo.” (Mat. 24:9) Eyi nti sɛ yehyia ɔsɔretia a, ɛnyɛ yɛn nwonwa anaasɛ yɛn abam mmu. Ɔsomafo Petro kyerɛwee sɛ: “Anuanom adɔfo, mommma nea ɛredɛw mo mu a ɛresɔ mo ahwɛ no nnyɛ mo nwonwa te sɛ nea ade a ɛyɛ hu bi na ato mo. Mmom no, bere a munya Kristo amanehunu no mu kyɛfa no, monkɔ so mma mo ani nnye.”—1 Pet. 4:12, 13.

14 Sɛ́ anka yɛbɛtan wɔn a wɔtaa yɛn no, yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛkyerɛkyerɛ wɔn, efisɛ yenim sɛ ebia wɔn mu binom nnim nea wɔreyɛ ankasa. (2 Kor. 4:4) Yɛbɔ mmɔden sɛ yebetie Paulo afotu yi sɛ: “Monkɔ so nhyira wɔn a wɔtaa mo; munhyira, na monnnome.” (Rom. 12:14) Ɔkwan biako a yɛbɛfa so ahyira wɔn a wɔtaa yɛn ne sɛ yɛbɛbɔ mpae ama wɔn. Yesu kae wɔ ne Bepɔw so Asɛnka no mu sɛ: “Monkɔ so nnɔ mo atamfo, na monyɛ wɔn a wɔtan mo no papa, na munhyira wɔn a wɔdome mo, na mommɔ mpae mma wɔn a wɔyaw mo.” (Luka 6:27, 28) Ná ɔsomafo Paulo ankasa abehu sɛ sɛ obi yɛ ɔtaafo a, obetumi abɛyɛ Kristo suani nokwafo ne Onyankopɔn somfo a ɔyɛ nsi. (Gal. 1:13-16, 23) Paulo kae wɔ krataa foforo bi mu sɛ: “Sɛ wɔsopa yɛn a, yehyira; sɛ wɔtaa yɛn a, yegyina mu; sɛ wɔsɛe yɛn din a, yɛsrɛ.”—1 Kor. 4:12, 13.

15. Dɛn ne ɔkwan a eye sen biara a yɛbɛfa so de papa adi bɔne so nkonim?

15 Enti ɛfata sɛ nokware Kristoni tie asɛm a ɛwɔ Romafo ti 12 nkyekyɛm a etwa to no. Ɛhɔ ka sɛ: “Mma bɔne nnni wo so nkonim, na mmom kɔ so fa papa di bɔne so nkonim.” Satan Ɔbonsam na ɔde bɔne nyinaa ba. (Yoh. 8:44; 1 Yoh. 5:19) Wɔ adiyisɛm a wɔde maa Yohane mu no, Yesu daa no adi sɛ ne nuanom a wɔasra wɔn no ‘adi Satan so nkonim esiane Oguammaa no mogya ne wɔn adansedi asɛm no nti.’ (Adi. 12:11) Eyi kyerɛ sɛ ɔkwan a eye sen biara a yɛbɛfa so adi Satan ne ne nkɛntɛnso bɔne a ɔwɔ wɔ mprempren nhyehyɛe no so ne sɛ yɛbɛyɛ adansedi adwuma no na yɛaka Ahenni no ho asɛmpa no.

Sɛnea Yebedi Ahurusi Anidaso Mu

16, 17. Dɛn na yɛasua afi Romafo ti 12 wɔ (a) sɛnea ɛsɛ sɛ yɛbɔ yɛn bra ho? (b) sɛnea ɛsɛ sɛ yɛyɛ yɛn ade wɔ asafo no mu ho? (d) sɛnea ɛsɛ sɛ yɛne wɔn a wɔsɔre tia yɛn di ho?

16 Paulo krataa a ɔkyerɛw kɔmaa Kristofo a na wɔwɔ Roma no ti 12 a yɛahwehwɛ mu kakra no akaakae yɛn nneɛma pii. Yɛahu sɛ, sɛ́ Yehowa asomfo a yɛahyira yɛn ho so no, ɛsɛ sɛ yenya ɔpɛ sɛ yɛde nneɛma bɛbɔ afɔre. Onyankopɔn honhom kanyan yɛn ma yefi yɛn pɛ mu de nneɛma bɔ afɔre, efisɛ yɛadwen ho ahu sɛ ɛyɛ Onyankopɔn pɛ sɛ yɛyɛ saa. Yɛyɛ hyew wɔ honhom mu, na yɛde nsi de yɛn akyɛde a egu ahorow no yɛ adwuma. Yɛde ahobrɛase som, na yɛyɛ nea yebetumi nyinaa sɛ yɛbɛma biakoyɛ a ɛwɔ yɛn mu sɛ Kristofo no atena hɔ. Yɛma yɛn ani gye ahɔhoyɛ ho, na yɛda tema ankasa adi.

17 Romafo ti 12 san ma yɛn afotu pii wɔ sɛnea ɛsɛ sɛ yɛyɛ yɛn ade wɔ ɔsɔretia ho no ho. Ɛnsɛ sɛ yɛde bɔne tua afoforo bɔne so ka. Ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛda ayamye adi de adi ɔsɔretia so. Ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ yɛne nnipa nyinaa bɛtena asomdwoe mu sɛnea yebetumi, nanso ɛnsɛ sɛ yebu Bible nnyinasosɛm so. Ɛsɛ sɛ yɛyɛ saa wɔ abusua, asafo, yɛn afipamfo, adwuma, sukuu, ne asɛnka mu. Sɛ nkurɔfo yi wɔn anim sɔre tia yɛn mpo a, ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden de papa di bɔne so nkonim, na yɛkae sɛ Yehowa na aweredi wɔ no.

18. Afotu abiɛsa bɛn na wɔde ama wɔ Romafo 12:12?

18 Monkenkan Romafo 12:12. Afotu pa a mfaso wɔ so a Paulo de mae yi nyinaa akyi no, ɔsan de afotu abiɛsa kaa ho. Esiane sɛ sɛ Yehowa ammoa yɛn a yɛrentumi nyɛ eyinom nyinaa nti, ɔsomafo no tu yɛn fo sɛ ‘yenkura mpaebɔ mu denneennen.’ Eyi betumi ama yɛde n’afotu foforo a ɔde mae sɛ ‘yennyina pintinn wɔ ahohia mu’ no ayɛ adwuma. Nea edi akyiri no, ɛsɛ sɛ yɛde yɛn adwene si nneɛma a Yehowa de ahyɛ yɛn bɔ sɛ ɔde bɛma yɛn daakye no so, na ‘yedi’ daa nkwa a yebenya wɔ ɔsoro anaa asase so no ho “ahurusi anidaso no mu.”

Ntĩmu

• Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ wɔ ɔsɔretia ho?

• Ɛhe na ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛyɛ nnipa a yɛpɛ asomdwoe, na yɛbɛyɛ dɛn atumi ayɛ saa?

• Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛn ankasa di were?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 8]

Sɛ yɛboa yɛn afipamfo a, ebetumi aboa ma wɔayi adwene a ɛnteɛ a wɔwɔ wɔ yɛn ho afi hɔ

[Mfonini wɔ kratafa 9]

So wobɔ mmɔden sɛ wobɛyɛ obi a ɔpɛ asomdwoe wɔ asafo no mu?