Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Monyɛ Hyew Honhom Mu”

“Monyɛ Hyew Honhom Mu”

“Monyɛ Hyew Honhom Mu”

“Monnyɛ mo adwuma anihaw so. Monyɛ hyew honhom mu. Monsom Yehowa.”—ROM. 12:11.

1. Dɛn nti na Israelfo no de mmoa ne nneɛma foforo bɔɔ afɔre?

YEHOWA ani sɔ afɔre a n’asomfo fi wɔn pɛ mu bɔ de da ɔdɔ adi kyerɛ no na wɔbrɛ wɔn ho ase yɛ n’apɛde no. Tete no, Yehowa gyee afɔre a wɔde mmoa ne nneɛma foforo bɔe no toom. Sɛnea na Mose Mmara no kyerɛ no, Israelfo a na wɔrehwehwɛ bɔne fafiri ne wɔn a na wɔreda Yehowa ase no na na wɔbɔ saa afɔre ahorow no. Yehowa nhwehwɛ sɛ yɛde honam fam nneɛma a ɛte saa bɔ afɔre wɔ Kristofo asafo no mu. Nanso, ɔsomafo Paulo daa no adi wɔ ne krataa a ɔde kɔmaa Kristofo a na wɔwɔ Roma no ti 12 mu sɛ wɔda so ara hwɛ kwan sɛ yɛbɛbɔ afɔre ahorow. Momma yɛnhwɛ sɛnea yɛbɔ saa afɔre no.

Afɔrebɔde a Ɛte Ase

2. Sɛ́ Kristofo no, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ wɔ yɛn asetena mu, na dɛn na eyi kyerɛ?

2 Monkenkan Romafo 12:1, 2. Paulo daa no adi pefee wɔ ne krataa no mfiase pɛɛ sɛ gyidi so na wɔnam buu Kristofo a wɔasra wɔn no bem wɔ Onyankopɔn anim, sɛ́ wɔyɛ Yudafo anaa Amanaman mufo, na ɛnyɛ nnwuma so. (Rom. 1:16; 3:20-24) Paulo kyerɛkyerɛɛ mu wɔ Romafo ti 12 sɛ ɛsɛ sɛ Kristofo de wɔn ho bɔ afɔre de da anisɔ adi. Nea ɛbɛyɛ na yɛatumi ayɛ saa no, ɛsɛ sɛ yɛsakra yɛn adwene. Esiane sɛ wɔwoo yɛn wɔ bɔne mu nti, yɛhyɛ “bɔne ne owu mmara ase.” (Rom. 8:2) Enti, ɛsɛ sɛ yɛyɛ yɛn ho foforo, a nea ɛkyerɛ ne sɛ, ɛsɛ sɛ yɛsakra yɛn nsusuwii koraa, na ɛma ‘yɛyɛ foforo wɔ tumi a ɛkanyan yɛn adwene no mu.’ (Efe. 4:23) Onyankopɔn ne ne honhom no nkutoo na ebetumi aboa yɛn ma yɛayɛ nsakrae koraa a ɛte saa. Ɛsan nso hwehwɛ sɛ yɛyere yɛn ho paa de yɛn “adwene” di dwuma. Ɛkyerɛ sɛ, ɛsɛ sɛ yɛyɛ nea yebetumi biara sɛ yɛremfa “wiase nhyehyɛe yi su,” emu ɔbrasɛe, emu anigyede a ɛmfata, ne emu nsusuwii a ɛnteɛ no bi.—Efe. 2:1-3.

3. Dɛn nti na yɛyɛ nnwuma a Kristofo yɛ?

3 Paulo san ka kyerɛ yɛn sɛ yɛmfa yɛn “adwene” nni dwuma mfa nhu “Onyankopɔn pɛ a eye na ɛsɔ ani na edi mũ” no. Dɛn nti na yɛkenkan Bible da biara da, dwinnwen nea yɛkenkan no ho, bɔ mpae, kɔ Kristofo nhyiam, na yɛka Ahenni no ho asɛmpa no bi? So esiane sɛ asafo mu mpanyimfo no tu yɛn fo sɛ yɛnyɛ saa nti na yɛyɛ? Nokwarem no, yɛn ani sɔ sɛ asafo mu mpanyimfo no kaakae yɛn sɛ yɛnyɛ saa. Nanso, ɛyɛ Onyankopɔn honhom na ɛkanyan yɛn ma yɛyɛ nneɛma a Kristofo yɛ de kyerɛ sɛ yefi yɛn komam na yɛdɔ Yehowa. Afei nso, yɛn ankasa yegye di sɛ sɛ yɛyɛ saa nnwuma no a, na yɛreyɛ Onyankopɔn apɛde. (Sak. 4:6; Efe. 5:10) Sɛ yehu sɛ yɛrebɔ yɛn bra sɛ nokware Kristofo a, Onyankopɔn betumi agye yɛn atom, na ɛno ma yenya anigye ne akomatɔyam pii.

Akyɛde a Egu Ahorow

4, 5. Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ Kristofo asafo mu mpanyimfo de akyɛde a wɔwɔ no yɛ adwuma?

4 Monkenkan Romafo 12:6-8, 11. Paulo kyerɛkyerɛɛ mu sɛ “ɛsonsono yɛn akyɛde sɛnea adom a wɔde adom yɛn te.” Akyɛde a Paulo bobɔɔ din no bi, a ebi ne afotu ne ɔhwɛ adwuma no fa Kristofo asafo mu mpanyimfo a wotu wɔn fo sɛ ‘wɔmfa mmɔdenbɔ’ nyɛ ɔhwɛ adwuma no ho titiriw.

5 Paulo kae sɛ, mmɔdenbɔ koro no ara na ɛsɛ sɛ ahwɛfo de yɛ wɔn adwuma sɛ akyerɛkyerɛfo, na wɔde yɛ “ɔsom adwuma” no. Ɛha no, ɛte sɛ nea na Paulo reka “ɔsom adwuma” a wɔyɛ wɔ asafo no anaa “nipadua koro” no mu ho asɛm. (Rom. 12:4, 5) Saa ɔsom adwuma no te sɛ “asɛm no nkyerɛkyerɛ” a wɔaka ho asɛm wɔ Asomafo Nnwuma 6:4 no. Asomafo no kae wɔ hɔ sɛ: “Yɛn de yebetu yɛn ho asi hɔ ama mpaebɔ ne Onyankopɔn asɛm no nkyerɛkyerɛ.” Dɛn na ɛno hwehwɛ sɛ wɔyɛ? Kristofo asafo mu mpanyimfo de akyɛde a wɔwɔ no hyɛ asafo no mufo den. Ɛsɛ sɛ mpanyimfo no bɔ mmɔden de Onyankopɔn Asɛm kyerɛkyerɛ asafo no mufo na wɔma wɔn akwankyerɛ. Wɔnam ade a wosua, nhwehwɛmu a wɔyɛ, ne asafo no mufo a wɔkyerɛkyerɛ wɔn na wɔsrasra wɔn no so na wɔyɛ saa adwuma yi yiye. Sɛ mpanyimfo no yɛ saa adwuma yi nyinaa a, wɔda no adi sɛ wɔde mmɔdenbɔ ‘te ɔsom adwuma’ no mu. Ɛsɛ sɛ ahwɛfo no de akyɛde a wɔwɔ no di dwuma yiye, na wɔhwɛ nguan no “anigye so.”—Rom. 12:7, 8; 1 Pet. 5:1-3.

6. Yɛbɛyɛ dɛn atumi de afotu a wɔde ama wɔ Romafo 12:11 a adesua yi gyina so no ayɛ adwuma?

6 Paulo san kae sɛ: “Monnyɛ mo adwuma anihaw so. Monyɛ hyew honhom mu. Monsom Yehowa.” Sɛ yehu sɛ nsi a yɛde yɛ ɔsom adwuma no ano abrɛ ase a, ebia ɛho behia sɛ yɛyɛ nsakrae wɔ ɔkwan a yɛfa so sua ade no mu, yɛbɔ mpae denneennen, na yɛyɛ saa mpɛn pii de hwehwɛ Yehowa honhom a ebetumi aboa yɛn ma yɛayi boturobodwo biara a aba yɛn akwan mu afi hɔ, na ama yɛasan ayɛ nsi bio. (Luka 11:9, 13; Adi. 2:4; 3:14, 15, 19) Honhom kronkron hyɛɛ tete Kristofo no den ma wɔkaa “Onyankopɔn nneɛma akɛse no” ho asɛm. (Aso. 2:4, 11) Saa ara na ebetumi akanyan yɛn ma yɛayɛ nsi wɔ ɔsom adwuma no mu na ama ‘yɛayɛ hyew honhom mu.’

Ahobrɛase

7. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛde ahobrɛase yɛ ɔsom adwuma no?

7 Monkenkan Romafo 12:3, 16. Yehowa “adom” nti na yɛwɔ akyɛde biara a ebia yɛwɔ no. Paulo kae wɔ baabi foforo sɛ: “Onyankopɔn na ɔma yɛfata.” (2 Kor. 3:5) Ɛno nti, ɛnsɛ sɛ yɛhyɛ yɛn ho anuonyam. Ɛsɛ sɛ yefi ahobrɛase mu hu sɛ biribi pa biara a ebia yetumi yɛ biara wɔ yɛn som adwuma mu no yɛ Onyankopɔn nhyira, na ɛnyɛ yɛn ankasa mmɔdenbɔ. (1 Kor. 3:6, 7) Eyi nti, Paulo kae sɛ: “[Meka] kyerɛ mo mu biara sɛ ommmu ne ho nntra nea ɛsɛ.” Ɛho hia sɛ yenya obu ma yɛn ho, na yenya anigye ne akomatɔyam wɔ Ahenni adwuma a yɛyɛ no mu. Nanso, sɛ yenya ahobrɛase, anaa yegye tom sɛ ɛnyɛ nneɛma nyinaa na yetumi yɛ a, ɛremma yɛmmɛyɛ nnipa a wontie afoforo adwenkyerɛ. Mmom no, ɛsɛ sɛ ‘yedwen nya anidahɔ adwene.’

8. Dɛn na yebetumi ayɛ na amma yɛanyɛ “[yɛn] ani so anyansafo”?

8 Ɛbɛyɛ nea nyansa nnim sɛ yɛde nneɛma a yɛatumi ayɛ bɛhoahoa yɛn ho. Efisɛ ɛyɛ “Onyankopɔn [na] ɔma enyin.” (1 Kor. 3:7) Paulo kae sɛ Onyankopɔn “asusuw gyidi” akyekyɛ ama asafo no muni biara. Sɛ́ anka yebebu yɛn ho sɛ yɛkyɛn afoforo no, ɛsɛ sɛ yehu nea afoforo de wɔn gyidi a wɔasusuw ama wɔn no reyɛ. Paulo san kae sɛ: “Adwene a mowɔ wɔ mo ho no, munnya saa mma afoforo.” Ɔsomafo no ka kyerɛɛ yɛn wɔ ne nkrataa a ɔkyerɛwee no biako mu sɛ “mommfa mansotwe anaa anuonyamhunupɛ nnyɛ biribiara, na mmom mumfi ahobrɛase mu mmu afoforo sɛ wɔkyɛn mo.” (Filip. 2:3) Egye ahobrɛase ne mmɔdenbɔ paa na ama yɛahu sɛ yɛn nuanom mu biara kyɛn yɛn wɔ ɔkwan bi so. Sɛ yɛwɔ ahobrɛase a, ɛremma yɛnyɛ “[yɛn] ani so anyansafo.” Ɛwom sɛ ebia ɔsom hokwan soronko a yɛn mu binom wɔ bɛma nnipa pii ahu yɛn de, nanso yɛn nyinaa betumi anya anigye kɛse wɔ “nneɛma a ɛba fam,” a ɛno ne nnwuma a ɛba fam a yɛyɛ a nnipa ntaa nhu yɛn no mu.—1 Pet. 5:5.

Sɛnea Yɛbɛyɛ Biako wɔ Asafo no Mu

9. Dɛn nti na Paulo de Kristofo a wɔde honhom awo wɔn no toto nipadua akwaa ho?

9 Monkenkan Romafo 12:4, 5, 9, 10. Paulo de Kristofo a wɔasra wɔn no toto nipadua akwaa a ɛde biakoyɛ resom wɔ wɔn Ti a ɔne Kristo no ase ho. (Kol. 1:18) Ɔkaee Kristofo a wɔde honhom awo wɔn no sɛ nipadua wɔ akwaa pii a ɛsono adwuma a emu biara yɛ, na ‘ɛwom sɛ wɔdɔɔso de, nanso wɔyɛ nipadua koro wɔ Kristo mu.’ Saa ara na Paulo tuu Kristofo a wɔasra wɔn a na wɔwɔ Efeso no fo sɛ: “Momma . . . [yɛmfa] ɔdɔ so nnyin wɔ nneɛma nyinaa mu nkɔ Kristo a ɔne ti no mu. Ne mu na nipadua no nyinaa akeka atoatoam pɛpɛɛpɛ na ɛyɛ adwuma bom ma kwaa biara de nea ehia ma sɛnea kwaa biara dwumadi te, na ama nipadua no anyin ayɛ den wɔ ɔdɔ mu.”—Efe. 4:15, 16.

10. Henanom na ɛsɛ sɛ “nguan foforo” no brɛ wɔn ho ase hyɛ wɔn tumidi ase?

10 Ɛwom sɛ “nguan foforo” no nyɛ Kristo nipadua akwaa no fã de, nanso wobetumi asua nneɛma pii afi saa mfatoho yi mu. (Yoh. 10:16) Paulo kae sɛ Yehowa de “nneɛma nyinaa . . . guu [Kristo] nan ase, na ɔyɛɛ no nneɛma nyinaa ti maa asafo no.” (Efe. 1:22) Ɛnnɛ, nguan foforo no ka “nneɛma nyinaa” a Yehowa de ahyɛ ne Ba no tiyɛ ase no ho. Wɔsan nso ka “nea” Kristo ‘wɔ’ a ɔde ahyɛ ‘n’akoa nokwafo ne ɔbadwemma’ no nsa no ho. (Mat. 24:45-47) Enti ɛsɛ sɛ wɔn a wɔwɔ anidaso sɛ wɔbɛtena asase so no gye tom sɛ Kristo ne wɔn Ti, na wɔbrɛ wɔn ho ase hyɛ akoa nokwafo ne ɔbadwemma no ne ne Sodikuw no ne mmarima a wɔapaw wɔn sɛ ahwɛfo wɔ asafo no mu no ase. (Heb. 13:7, 17) Eyi boa ma biakoyɛ tena Kristofo asafo no mu.

11. Dɛn na biakoyɛ a ɛwɔ yɛn mu no gyina so, na afotu foforo bɛn na Paulo de maa yɛn?

11 Biakoyɛ a ɛte saa no gyina ɔdɔ a ɛne “koroyɛ hama a ɛyɛ pɛ” no so. (Kol. 3:14) Paulo sii eyi so dua wɔ Romafo ti 12 sɛ, ɛnsɛ sɛ yɛma ‘nyaatwom ba’ yɛn dɔ mu, na ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ‘yam hyehye yɛn ma yɛn ho yɛn ho wɔ onuadɔ mu.’ Eyi ma yenya obu ma yɛn ho yɛn ho. Ɔsomafo no kae sɛ: “Munni kan mfa nidi mma mo ho mo ho.” Nanso, ɔdɔ a yɛwɔ no nkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yebu yɛn ani gu nneɛma bɔne so. Ɛsɛ sɛ yɛyɛ nea yebetumi biara ma asafo no ho tew. Bere a Paulo de ɔdɔ ho afotu rema no, ɔde kaa ho sɛ: “Munkyi bɔne, mommata papa ho.”

Ahɔhoyɛ

12. Ahɔhoyɛ ho ade bɛn na yebetumi asua afi Kristofo a na wɔwɔ tete Makedonia no hɔ?

12 Monkenkan Romafo 12:13. Ɔdɔ a yɛwɔ ma yɛn nuanom bɛka yɛn ma yɛama “akronkronfo nea wohia” sɛnea yɛn ahoɔden betumi. Sɛ yenni ahonyade pii mpo a, yebetumi ne wɔn akyɛ nea yɛwɔ no. Paulo kyerɛw Kristofo a na wɔwɔ Makedonia no ho asɛm sɛ: “Wɔn ahohia bere mu sɔhwɛ kɛse mu no, wɔn anigye mmoroso ne wɔn hia buruburoo no maa ahonyade a efi wɔn ayamye mu yɛɛ kɛse. Na wɔyɛɛ sɛnea wɔn ahoɔden te ankasa, yiw, midi adanse sɛ wɔyɛɛ nea ɛboro wɔn ahoɔden so mpo, bere a wɔn ankasa fi wɔn pɛ mu srɛɛ yɛn ara sɛ yɛmma wɔn hokwan na womfi ayamye mu mfa nea wɔwɔ mma na wɔanya ɔsom a wɔsom akronkronfo [a wɔwɔ Yudea] no mu kyɛfa.” (2 Kor. 8:2-4) Ɛwom sɛ na Kristofo a wɔwɔ Makedonia no ankasa yɛ ahiafo de, nanso na wɔn yam ye paa. Wɔfaa no sɛ ɛyɛ hokwan na na wɔanya sɛ wɔne wɔn nuanom a wɔwɔ Yudea a na ahia wɔn no bɛkyɛ nea wɔwɔ no.

13. Dɛn na “momma mo ani nnye ahɔhoyɛ ho” no kyerɛ?

13 Wɔkyerɛɛ asɛm a ɛne “momma mo ani nnye ahɔhoyɛ ho” no ase fii Hela asɛm bi a ɛkyerɛ sɛ obi redi kan atu biribi ho anammɔn mu. The New Jerusalem Bible no kyerɛ saa asɛm no ase sɛ “monhwehwɛ hokwan ahorow mfa nna ahɔhoyɛ adi.” Ɛtɔ mmere bi a, yebetumi ato nsa afrɛ obi ma ɔne yɛn abedidi de ada ahɔhoyɛ adi, na sɛ ɔdɔ na ɛka yɛn ma yɛyɛ eyi a, na ɛfata nkamfo. Sɛ yɛyɛ yɛn adwene sɛ yɛbɛda ahɔhoyɛ adi a, yebenya akwan foforo pii a yɛbɛfa so ayɛ saa. Ade biako ne sɛ, sɛ yenni sika anaasɛ yenni ahoɔden a yɛde bɛyɛ aduan na yɛato nsa afrɛ afoforo ma wɔne yɛn abedidi a, yebetumi ne wɔn de anonne bi akeka yɛn ano, na ɛno nso yɛ ɔkwan a yɛfa so da ahɔhoyɛ adi.

14. (a) Nsɛmfua bɛn na ɛkabom yɛ Hela asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase “ahɔhoyɛ” no? (b) Sɛ yɛwɔ asɛnka mu a, dɛn na yebetumi ayɛ de akyerɛ sɛ yedwen ahɔho ho?

14 Ahɔhoyɛ fa adwene a yɛwɔ wɔ afoforo ho nso. Hela asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase “ahɔhoyɛ” no fi nsɛmfua abien a ɛne “ɔdɔ” ne “ɔhɔho” mu. Adwene bɛn na yɛwɔ wɔ ahɔho ho? Yebetumi aka ankasa sɛ Kristofo a wɔbɔ mmɔden sɛ wobesua kasa foforo sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛka asɛmpa no akyerɛ ahɔho a wɔabɛtena wɔn asafo no asasesin mu no ka wɔn a wɔn ani gye ahɔhoyɛ ho no ho. Nokwarem no, yɛn mu pii wɔ hɔ a yɛn nsɛm tebea remma yentumi nsua kasa foforo. Nanso, yɛn nyinaa betumi de Good News for People of All Nations nhomawa no a Bible mu asɛm bi a ɛwɔ kasa pii mu wom no adi dwuma yiye de aboa ahɔho. So wode saa nhomawa yi adi dwuma wɔ asɛnka mu ma biribi pa afi mu aba pɛn?

Munnya Tema

15. Ɔkwan bɛn so na Yesu yɛɛ afotu a ɛwɔ Romafo 12:15 no ho nhwɛso a ɛkyɛn so?

15 Monkenkan Romafo 12:15. Yebetumi abɔ Paulo afotu a ɛwɔ saa kyerɛwsɛm yi mu no mua sɛ: Munnya tema. Ɛsɛ sɛ yesua sɛ yɛbɛte afoforo ase, na yɛate nka ama wɔn mpo, sɛ́ ebia wɔn ani agye anaasɛ wɔn werɛ ahow. Sɛ yɛyɛ hyew wɔ honhom mu a, afoforo behu sɛ yɛwɔ anigye a wɔwɔ no bi anaa yɛn yam hyehye yɛn ma wɔn. Bere a Kristo asuafo 70 no de anigye fi asɛnka adwuma a wɔkɔyɛe mu bae, na wɔkaa nneɛma pa a afi wɔn adwuma no mu aba ho asɛm no, “anigye hyɛɛ” Yesu ankasa “mã denam honhom kronkron so.” (Luka 10:17-21) Yesu nyaa anigye a wonyae no bi. Nanso, bere a Yesu adamfo Lasaro wui no, ɔne ‘nkurɔfo a na wɔresu no sui.’—Yoh. 11:32-35.

16. Yɛbɛyɛ dɛn atumi ada tema adi, na henanom titiriw na ɛsɛ sɛ wɔyɛ saa?

16 Yɛpɛ sɛ yesuasua tema a Yesu daa no adi no bi. Sɛ yɛn yɔnko Kristoni bi ani gye a, ɛsɛ sɛ yɛma ohu sɛ yɛn nso yɛn ani agye. Saa ara na sɛ yɛn nuanom redi yaw anaasɛ wɔn werɛ how a, ɛsɛ sɛ yɛte nka ma wɔn. Mpɛn pii no, sɛ yegye bere yɛ aso tie yɛn mfɛfo asomfo a wɔredi yaw a, yebetumi ama wɔn bo atɔ wɔn yam kɛse. Ɛtɔ mmere bi a, ebia yebehu sɛ wɔn asɛm no aka yɛn koma araa ma yɛrete nusu mpo. (1 Pet. 1:22) Ɛsɛ sɛ asafo mu mpanyimfo titiriw na wɔde afotu a Paulo de mae sɛ yennya tema no yɛ adwuma.

17. Ɛde besi ha no, dɛn na yɛasua afi Romafo ti 12 mu, na dɛn na yebesusuw ho wɔ asɛm a edi hɔ no mu?

17 Ɛde besi ha no, nkyekyɛm ahorow a yɛasusuw ho wɔ Romafo ti 12 no ama yɛanya afotu a yebetumi de ayɛ adwuma wɔ yɛn ankasa asetena mu sɛ Kristofo, na yɛde ayɛ adwuma ma yɛne yɛn nuanom ntam ayɛ papa. Yebesusuw saa ti yi nkyekyɛm a aka a ɛka adwene a ɛsɛ sɛ yennya wɔ nkurɔfo a wonni Kristofo asafo no mu ho, a wɔn a wɔsɔre tia yɛn ne wɔn a wɔtaa yɛn ka ho, ne sɛnea ɛsɛ sɛ yɛne wɔn di ho wɔ adesua a edi hɔ no mu.

Ntĩmu

• Dɛn na yɛyɛ de kyerɛ sɛ yɛyɛ “hyew honhom mu”?

• Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛsom Onyankopɔn wɔ ahobrɛase mu?

• Akwan bɛn na yebetumi afa so ada tema ne ayamhyehye adi akyerɛ yɛn mfɛfo gyidifo?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 4]

Dɛn nti na yɛyɛ nneɛma a Kristofo yɛ yi bi?

[Mfonini wɔ kratafa 6]

Dɛn na yɛn mu biara betumi ayɛ de aboa ahɔho ma wɔasua Ahenni no ho ade?