Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Moyɛ Me Nnamfo”

“Moyɛ Me Nnamfo”

“Moyɛ Me Nnamfo”

“Sɛ moyɛ nea merehyɛ mo no a, na moyɛ me nnamfo.”—YOH. 15:14.

1, 2. (a) Osuahu ahorow bɛn na na Yesu nnamfonom no wɔ? (b) Dɛn nti na ɛho hia sɛ yɛfa Yesu adamfo?

NÁ MMARIMA a wɔne Yesu te abansoro dan no mu no wɔ osuahu a egu ahorow. Ná Petro ne ne nua Andrea yɛ mpataayifo. Ná anka Mateo yɛ obi a ogyigye tow, na towgye yɛ adwuma a Yudafo no bu no animtiaa. Ɛda adi sɛ na wɔn mu binom te sɛ Yakobo ne Yohane nim Yesu fi ne mmofraase. Ɛbɛyɛ sɛ na afoforo te sɛ Natanael behuu Yesu nkyɛe. (Yoh. 1:43-50) Nanso, ná wɔn a wɔahyiam saa anadwo titiriw yi redi Twam wɔ Yerusalem no gye di sɛ na Yesu ne Mesia a wɔahyɛ no ho bɔ no, Onyankopɔn teasefo no Ba no. (Yoh. 6:68, 69) Akyinnye biara nni ho sɛ asomafo no ani gyei sɛ wɔtee sɛ Yesu reka akyerɛ wɔn sɛ: “Mafrɛ mo nnamfo, efisɛ nea mate afi m’Agya hɔ nyinaa mama moahu.”—Yoh. 15:15.

2 Asɛm a Yesu ka kyerɛɛ n’asomafo anokwafo no fa Kristofo a wɔasra wɔn a wɔwɔ hɔ nnɛ no nyinaa ho, na saa ara na ɛfa wɔn ahokafo a wɔne “nguan foforo” no nso ho. (Yoh. 10:16) Ɛmfa ho osuahu a yɛwɔ no, yɛn nso yebetumi anya hokwan abɛyɛ Yesu nnamfo. Yɛne n’adamfofa no yɛ ade a ɛho hia paa, efisɛ sɛ yɛfa no adamfo a, Yehowa nso bɛfa yɛn nnamfo. Nokwarem no, yɛrentumi mmɛn Yehowa bere a yenni kan mmɛn Kristo. (Monkenkan Yohane 14:6, 21.) Ɛnde, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na ama yɛabɛyɛ Yesu nnamfo bere nyinaa? Ansa na yebesusuw saa asɛm a ɛho hia yi ho no, momma yenni kan nhwehwɛ nea Yesu ankasa yɛe sɛ adamfo pa no mu, na yɛnhwɛ nea yebetumi asua afi nea n’asuafo no yɛe wɔ n’adamfofa no ho mu.

Nea Yesu Yɛ De Kyerɛe sɛ Ɔyɛ Adamfo Pa

3. Dɛn na na wɔde nim Yesu?

3 Ɔhene Solomon onyansafo no kyerɛwee sɛ: “Ɔdefo nnamfo dɔɔso.” (Mmeb. 14:20) Saa asɛm yi ma yehu sɛ nnipa a wɔtɔ sin taa gyina nea wobetumi anya so na wɔfa nnamfo, na ɛnyɛ nea wobetumi de ama so. Yesu anna mmerɛwyɛ a ɛte saa adi. Wamma sika anaa gyinabea a obi wɔ antwetwe no. Ɛwom, Yesu dɔɔ aberante sodifo bi, na ɔkae sɛ ommedi n’akyi. Nanso, Yesu ka kyerɛɛ saa ɔbarima no sɛ ɔnkɔtɔn nneɛma a na ɔwɔ nyinaa na ɔmfa mma ahiafo. (Mar. 10:17-22; Luka 18:18, 23) Ná wonim Yesu sɛ ɔyɛ obi a ɔmfa ne ho mmɔ adefo ne nnipa a wɔwɔ din, na mmom ahiafo ne nnipa a wobu wɔn animtiaa na na ɔfa wɔn nnamfo.—Mat. 11:19.

4. Dɛn nti na yebetumi aka sɛ na Yesu nnamfo no yɛ nnipa a wɔtɔ sin?

4 Akyinnye biara nni ho sɛ, na Yesu nnamfo no yɛ nnipa a wɔtɔ sin. Bere bi, Petro annwen Onyankopɔn adwene. (Mat. 16:21-23) Bere a Yakobo ne Yohane ka kyerɛɛ Yesu sɛ ɔmma wɔn dibea akɛse wɔ Ahenni no mu no, wɔdaa no adi sɛ wɔn ani bere mpanyinni. Nea wɔyɛe no maa asomafo a wɔaka no bo fuwii, na dibea ho akasakasa kɔɔ so wɔ wɔn mu. Nanso, Yesu bɔɔ mmɔden nyaa ne nnamfo no ho abotare teɛteɛɛ wɔn nsusuwii, na wamma ne bo amfuw wɔn ntɛmntɛm.—Mat. 20:20-28.

5, 6. (a) Dɛn nti na Yesu kɔɔ so faa n’asomafo dodow no ara nnamfo? (b) Dɛn nti na Yesu twaa ɔne Yuda adamfofa mu?

5 Ná ɛnyɛ sɛ Yesu gyigye nnipa so dodo anaasɛ na onhu n’asuafo no sintɔ ahorow nti na ɔkɔɔ so faa saa nnipa a wɔnyɛ pɛ yi nnamfo no. Mmom no, ɔde n’adwene sii adwempa ne su pa ahorow a na wɔwɔ no so. Sɛ nhwɛso no, sɛ́ anka Petro, Yakobo, ne Yohane begyina Yesu akyi wɔ ne sɔhwɛ bere a na emu yɛ den sen biara mu no, wɔdae. Ntease wom sɛ Yesu dii wɔn ho yaw. Ɛno mpo no, Yesu hui sɛ na wɔwɔ adwempa, na ɔkae sɛ: “Honhom no de, ɛpɛ, nanso honam no yɛ mmerɛw.”—Mat. 26:41.

6 Nanso, Yesu twaa ɔne Yuda Iskariot adamfofa mu. Ɛwom sɛ Yuda yɛɛ ne ho sɛ adamfo de, nanso Yesu hui sɛ na obi a anka ɔyɛ n’adamfo paa yi ama kwan ma wɔasɛe ne koma. Esiane sɛ na Yuda abɛyɛ wiase no adamfo nti, na wayɛ ne ho Onyankopɔn tamfo. (Yak. 4:4) Enti, bere a Yesu ka kyerɛɛ n’asomafo anokwafo 11 no sɛ wɔyɛ ne nnamfo no, na wapam Yuda dedaw.—Yoh. 13:21-35.

7, 8. Dɛn na Yesu yɛ de kyerɛe sɛ ɔdɔ ne nnamfo?

7 Yesu amfa n’adwene ansi ne nnamfo anokwafo no mfomso so, na ɔyɛɛ nneɛma a ɛbɛboa wɔn paa maa wɔn. Sɛ nhwɛso no, ɔbɔɔ mpae sɛ n’Agya mmɔ wɔn ho ban wɔ sɔhwɛ mu. (Monkenkan Yohane 17:11.) Yesu susuw n’asuafo no honam fam ahiade ho. (Mar. 6:30-32) Ná ɛnyɛ nea ɛwɔ n’adwenem nkutoo na na n’ani gye ho sɛ ɔbɛka akyerɛ wɔn, mmom no, na n’ani gye ho sɛ obehu nea ɛwɔ wɔn nso adwenem ne sɛnea wɔte nka wɔ nneɛma ho na wate wɔn ase.—Mat. 16:13-16; 17:24-26.

8 Yesu boaa ne nnamfo bere a na ɔte ase wɔ asase so no, na owu maa wɔn nso. Ɛwom, na Yesu nim sɛ ɛsɛ sɛ ɔde ne nkwa ma wɔ mmara kwan so de di n’Agya atɛntrenee gyinapɛn so. (Mat. 26:27, 28; Heb. 9:22, 28) Nanso, Yesu de ne nkwa mae de daa ne dɔ adi. Yesu kae sɛ: “Obiara nni ɔdɔ a ɛsen eyi, sɛ obi de ne kra bɛto hɔ ama ne nnamfo.”—Yoh. 15:13.

Dɛn na Asuafo no Yɛe wɔ Yesu Adamfofa Ho?

9, 10. Dɛn na nkurɔfo yɛe wɔ ayamye a Yesu daa no adi kyerɛɛ wɔn no ho?

9 Ná Yesu wɔ nnipa ho adagyew, na ɔdɔ wɔn paa, na ɔde n’ahode som wɔn. Ɛno nti nkurɔfo bɛn no, na na wɔn ani gye ho sɛ wɔde wɔn ahode bɛsom no. (Luka 8:1-3) Esiane osuahu a na Yesu ankasa anya nti, otumi kae sɛ: “Monkɔ so mma na nkurɔfo ama mo. Susukora pa a wɔamia so, awosow no ma abu so na wɔde begu mo ntama mu. Na susukora a mode susuw ma nkurɔfo no, ɛno ara na wɔde besusuw ama mo.”—Luka 6:38.

10 Nokwarem no, esiane nea na ebinom betumi anya afi Yesu hɔ nkutoo nti na wɔde wɔn ho bɔɔ no. Bere a saa nkurɔfo yi a wɔyɛɛ wɔn ho te sɛ Yesu nnamfo no ante asɛm bi a ɔkae ase no, wɔne no annantew bio. Sɛ́ anka wobenya Yesu mu ahotoso no, wɔperee wɔn ho sii gyinae a ɛnteɛ, na wɔanni n’akyi bio. Nanso, asomafo no de, wɔkɔɔ so bataa Yesu ho. Mpɛn pii na wɔsɔɔ asomafo no hwɛe wɔ wɔne Kristo adamfofa ho, nanso wɔyɛɛ nea wobetumi biara gyinaa n’akyi wɔ mmere pa ne mmere bɔne mu. (Monkenkan Yohane 6:26, 56, 60, 66-68.) Anadwo a etwa to a Yesu dii wɔ asase so sɛ onipa no, ɔkyerɛe sɛ n’ani sɔ ne nnamfo no, bere a ɔkae sɛ: “Mo na moda so bata me ho wɔ me sɔhwɛ mu” no.—Luka 22:28.

11, 12. Dɛn na Yesu yɛ de maa n’asuafo no nyaa awerɛhyem, na dɛn na wɔyɛe wɔ ho?

11 Bere a Yesu kamfoo n’asuafo no sɛ wɔakɔ so abata ne ho no, ankyɛ na saa mmarima koro yi ara guan gyaw no. Nnipa ho suro maa ɔdɔ a na wɔwɔ ma Kristo no ano dwoe bere tiaa bi mu. Yesu san de nea wɔyɛe yi nso kyɛɛ wɔn. Wɔ Yesu wu ne ne wusɔre akyi no, oyii ne ho adi kyerɛɛ wɔn, na ɔmaa wɔn awerɛhyem sɛ wɔda so ara yɛ ne nnamfo. Ɔsan nso maa wɔn adwuma kronkron bi sɛ wɔnyɛ, na ɛno ne sɛ wɔnyɛ ‘aman nyinaa n’asuafo,’ na wonni ne ho adanse ‘nkɔ asase ano nohoa.’ (Mat. 28:19; Aso. 1:8) Dɛn na asuafo no yɛe wɔ ho?

12 Asuafo no yɛɛ nea wobetumi biara de trɛw Ahenni no ho asɛm no mu. Yehowa honhom boaa wɔn ma wɔde wɔn nkyerɛkyerɛ hyɛɛ Yerusalem ma ntɛm ara. (Aso. 5:27-29) Owu a wɔde hunahunaa wɔn no mpo antumi amma wɔannyae sɛ wobedi Yesu ahyɛde a ɛne sɛ wɔnyɛ asuafo no so. Bere a Yesu de ahyɛde yi maa wɔn akyi mfe kakraa bi no, ɔsomafo Paulo tumi kyerɛwee sɛ wɔaka asɛmpa no “wɔ abɔde a ɛwɔ ɔsoro ase nyinaa mu.” (Kol. 1:23) Akyinnye biara nni ho sɛ, saa asuafo yi daa no adi sɛ wɔn ani sɔ wɔne Yesu adamfofa no!

13. Akwan bɛn so na Yesu asuafo no maa ne nkyerɛkyerɛ kaa wɔn?

13 Wɔn a wɔbɛyɛɛ asuafo no nso maa Yesu nkyerɛkyerɛ kaa wɔn abrabɔ. Ná ɛsɛ sɛ wɔn mu pii yɛ nsakrae akɛse wɔ wɔn abrabɔ ne wɔn suban mu. Ná asuafo foforo yi mu bi yɛ mmarima a wɔne mmarima da, awaresɛefo, asabofo, anaa akorɔmfo. (1 Kor. 6:9-11) Ná ɛsɛ sɛ ebinom sesa adwene a wɔwɔ wɔ abusuakuw foforo mufo ho. (Aso. 10:25-28) Nanso, wotiee Yesu wɔ eyinom nyinaa mu. Woyii wɔn nipasu dedaw no guu hɔ, na wɔhyɛɛ nipasu foforo no. (Efe. 4:20-24) Wobehuu “Kristo adwene,” na wɔtee ne nsusuwii ne sɛnea ɔyɛ n’ade ase, na wosuasuaa no.—1 Kor. 2:16.

Sɛnea Yɛfa Kristo Adamfo Nnɛ

14. Dɛn na Yesu hyɛɛ bɔ sɛ ɔbɛyɛ wɔ “bere a ɛwɔ hɔ yi awiei” mu?

14 Ná Kristofo a wɔtenaa ase wɔ afeha a edi kan no mu pii nim Yesu ankasa anaasɛ wohuu no wɔ ne wusɔre akyi. Yɛn de yɛannya saa hokwan no. Sɛ ɛte saa a, yɛbɛyɛ dɛn atumi ayɛ Kristo nnamfo? Ɔkwan biako a yɛbɛfa so afa no adamfo ne sɛ, yebedi akoa nokwafo ne ɔbadwemma kuw a emufo yɛ Yesu nuanom a wɔde honhom asra wɔn a wɔda so ara wɔ asase so no akwankyerɛ so. Yesu hyɛɛ bɔ sɛ ɔbɛpaw saa akoa yi ma wadi “nea ɔwɔ nyinaa so” wɔ “bere a ɛwɔ hɔ yi awiei” mu. (Mat. 24:3, 45-47) Ɛnnɛ, wɔn a wɔpɛ sɛ wɔyɛ Kristo nnamfo no mu dodow no ara nyɛ saa akoa kuw yi mufo. Ɔkwan bɛn so na sɛnea wɔyɛ wɔn ade wɔ akwankyerɛ a wonya fi akoa nokwafo kuw yi hɔ no ka wɔne Kristo adamfofa?

15. Dɛn na ɛkyerɛ sɛ wobebu obi sɛ ɔyɛ oguan anaasɛ abirekyi?

15 Monkenkan Mateo 25:31-40. Yesu frɛɛ wɔn a wɔbɛyɛ akoa kuw no mufo sɛ ne nuanom. Wɔ mfatoho a Yesu yɛe a ɛfa sɛnea wɔbɛpaapae nguan ne mmirekyi mu ho no, Yesu daa no adi pefee sɛ sɛ yɛyɛ biribi ma ne nuanom a, na ɛyɛ ɔno ankasa na yɛreyɛ ama no. Nokwarem no, ɔkae sɛ nea obi bɛyɛ ama “[ne] nuanom nkumaa yi” no na ɛkyerɛ sɛ wobebu no sɛ ɔyɛ oguan anaasɛ abirekyi. Enti, ɔkwan titiriw a wɔn a wɔwɔ anidaso sɛ wɔbɛtena asase so fa so kyerɛ sɛ wɔpɛ sɛ wɔfa Kristo adamfo ne sɛ wɔbɛboa akoa kuw no.

16, 17. Dɛn na yebetumi ayɛ de akyerɛ sɛ Kristo nuanom no yɛ yɛn nnamfo?

16 Sɛ wohwɛ kwan sɛ wobɛtena asase so wɔ Onyankopɔn Ahenni no mu a, dɛn na wubetumi ayɛ de akyerɛ sɛ wo nnamfo ne Kristo nuanom no? Momma yensusuw akwan a wubetumi afa so ayɛ saa no mu abiɛsa pɛ ho. Nea edi kan, ɛsɛ sɛ wufi wo koma nyinaa mu yɛ asɛnka adwuma no. Kristo ka kyerɛɛ ne nuanom sɛ wɔnka asɛmpa no wɔ wiase nyinaa. (Mat. 24:14) Nanso, sɛ Kristo nuanom a wɔaka wɔ asase so nnɛ no annya wɔn ahokafo a wɔne nguan foforo no mmoa a, ɛbɛyɛ den paa sɛ wobetumi ayɛ adwuma a wɔde ama wɔn no. Nokwarem no, bere biara a nguan foforo no mufo bɛkɔ asɛnka no, wɔboa Kristo nuanom no ma wɔyɛ wɔn adwuma kronkron no. Kristo ne akoa nokwafo ne ɔbadwemma kuw no ani sɔ saa adamfofa yi paa.

17 Ɔkwan a ɛto so abien a nguan foforo no betumi afa so aboa Kristo nuanom no ne sɛ wɔde wɔn sika bɛboa ma wɔayɛ asɛnka adwuma no. Yesu hyɛɛ n’akyidifo nkuran sɛ wɔmfa “ahonyade a ɛnteɛ so” nnya nnamfo. (Luka 16:9) Ɛno nkyerɛ sɛ yebetumi atɔ Yesu ne Yehowa adamfofa. Mmom no, sɛ yɛde yɛn ahode boa Ahenni no ho adwuma no a, yɛda no adi sɛ ɛnyɛ yɛn ano kɛkɛ na yɛde ka sɛ Yesu yɛ yɛn adamfo na yɛdɔ no, na mmom yɛyɛ saa wɔ “nneyɛe ne nokware mu” nso. (1 Yoh. 3:16-18) Yɛde sika fam mmoa a ɛte saa no ma bere a yɛkɔ asɛnka, bere a yeyi sika de boa ma wɔde sisi adan a yehyiam anaasɛ wɔde siesie, ne bere a yeyi ntoboa de boa wiase nyinaa asɛnka adwuma no. Sɛ́ ebia sika a yeyi no sua anaasɛ ɛdɔɔso no, akyinnye biara nni ho sɛ Yehowa ne Yesu nyinaa ani sɔ yɛn anim a yɛtew de ma no.—2 Kor. 9:7.

18. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yedi akwankyerɛ a egyina Bible so a asafo mu mpanyimfo de ma yɛn no so?

18 Ɔkwan a ɛto so abiɛsa a yɛn nyinaa fa so kyerɛ sɛ yɛyɛ Kristo nnamfo ne sɛ yebedi akwankyerɛ a asafo mu mpanyimfo de ma yɛn no so. Wɔnam honhom kronkron so na wɔpaw saa mmarima yi wɔ Kristo akwankyerɛ ase. (Efe. 5:23) Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Monyɛ osetie mma wɔn a wodi mo anim no na mommrɛ mo ho ase mma wɔn.” (Heb. 13:17) Ɛtɔ mmere bi a, ebia ɛbɛyɛ den sɛ yebedi akwankyerɛ bi a egyina Bible so a asafo mu mpanyimfo de ma yɛn no so. Ɛda adi sɛ yenim wɔn sintɔ ahorow, na eyi betumi ama yɛanya adwene a ɛnteɛ wɔ afotu a wɔde ma yɛn no ho. Nanso, Kristo a ɔno ne asafo no Ti no ani gye ho sɛ ɔde saa mmarima a wɔtɔ sin yi bɛyɛ adwuma. Enti, sɛnea yɛyɛ yɛn ade wɔ akwankyerɛ a wɔde ma ho no ka yɛne Kristo adamfofa no tẽẽ. Sɛ yebu yɛn ani gu mpanyimfo no sintɔ ahorow so na yɛde anigye di wɔn akwankyerɛ so a, yɛda no adi sɛ yɛdɔ Kristo.

Baabi a Yebetumi Anya Nnamfo Pa

19, 20. Dɛn na yebetumi anya wɔ asafo no mu, na dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua a edi hɔ no mu?

19 Ɛnyɛ ahwɛfo a wɔwɔ ɔdɔ no nkutoo na Yesu fa wɔn so kɔ so hwɛ yɛn, na mmom ɔma yenya honhom fam maamenom ne nuabarimanom, ne nuabeanom wɔ asafo no mu nso. (Monkenkan Marko 10:29, 30.) Bere a wufii ase ne Yehowa asafo no bɔe no, dɛn na w’abusuafo yɛe? Yegye di sɛ wogyinaa w’akyi wɔ mmɔden a wobɔe sɛ wobɛbɛn Onyankopɔn ne Kristo no ho. Nanso, Yesu bɔɔ kɔkɔ sɛ ɛtɔ mmere bi a “obi ankasa fiefo na wɔbɛyɛ n’atamfo.” (Mat. 10:36) Hwɛ sɛnea ɛyɛ awerɛkyekye sɛ yebehu sɛ yebetumi anya wɔn a wɔfam yɛn ho sen onua ankasa wɔ asafo no mu!—Mmeb. 18:24.

20 Sɛnea Paulo de n’ankasa nkyia mae wɔ ne krataa a ɔde kɔmaa Roma asafo no awiei no ma yehu sɛ na wanya nnamfo pa pii. (Rom. 16:8-16) Ɔsomafo Yohane de ne krataa a ɛto so abiɛsa no baa awiei sɛ: “Bobɔ nnamfonom din mmiako mmiako kyia wɔn ma me.” (3 Yoh. 14) Ɛda adi sɛ, ɔno nso nyaa nnamfo pii a ɔne wɔn adamfofa no mu antetew. Dɛn na yebetumi ayɛ de afa anuanom a wɔwɔ asafo no mu nnamfo a yɛremma adamfofa pa a ɛwɔ yɛne wɔn ntam no mu rentetew de asuasua nea Yesu ne tete asuafo no yɛe no? Adesua a edi hɔ no bɛma yɛanya saa asɛmmisa yi ho mmuae.

Wubebua Dɛn?

• Dɛn na Yesu yɛ de kyerɛe sɛ ɔyɛ adamfo pa?

• Dɛn na asuafo no yɛe wɔ Yesu adamfofa ho?

• Dɛn na yebetumi ayɛ de akyerɛ sɛ yɛyɛ Kristo nnamfo?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 14]

Ná Yesu ani gye ho sɛ obehu nea ɛwɔ ne nnamfo no adwenem ne sɛnea na wɔte nka wɔ nneɛma ho

[Mfonini wɔ kratafa 16]

Dɛn na yebetumi ayɛ de akyerɛ sɛ yɛpɛ sɛ yɛyɛ Kristo nnamfo?