Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nea Yɛbɛyɛ Ma Yɛne Yɛn Nnamfo Ntam Rentetew Wɔ Wiase A Ɔdɔ Nnim Mu

Nea Yɛbɛyɛ Ma Yɛne Yɛn Nnamfo Ntam Rentetew Wɔ Wiase A Ɔdɔ Nnim Mu

Nea Yɛbɛyɛ Ma Yɛne Yɛn Nnamfo Ntam Rentetew Wɔ Wiase A Ɔdɔ Nnim Mu

“Eyinom na mehyɛ mo na ama moadodɔ mo ho.”—YOH. 15:17.

1. Dɛn nti na na ɛho hia sɛ afeha a edi kan no mu Kristofo no kɔ so fa wɔn ho nnamfo denneennen?

ANADWO a ade rebɛkye ma Yesu awu no, ɔhyɛɛ n’asuafo anokwafo no nkuran sɛ wɔnkɔ so mfa wɔn ho nnamfo. Saa da no anwummere no, ɔkae sɛ ɔdɔ a wɔda no adi kyerɛ wɔn ho wɔn no bɛma nkurɔfo ahu sɛ wɔn na wɔyɛ n’akyidifo. (Yoh. 13:35) Sɛ na asomafo no betumi agyina sɔhwɛ a na wɔrebehyia no ano, na wɔayɛ adwuma a na Yesu de rebɛma wɔn no a, na ɛsɛ sɛ wɔkɔ so fa wɔn ho nnamfo denneennen. Nokwarem no, na wonim afeha a edi kan no mu Kristofo no sɛ wɔyɛ nnipa a wɔde wɔn ho nyinaa maa Onyankopɔn som ne wɔn ho wɔn ho.

2. (a) Dɛn na yɛasi yɛn bo sɛ yɛbɛyɛ, na dɛn ntia? (b) Nsɛmmisa bɛn na yɛrebesusuw ho?

2 Ɛnnɛ, hwɛ sɛnea ɛyɛ anigye sɛ yɛwɔ ahyehyɛde bi a ɛwɔ wiase nyinaa a emufo suasua saa afeha a edi kan no mu Kristofo no mu! Yɛasi yɛn bo sɛ yebedi ahyɛde a Yesu de mae sɛ yemfi yɛn komam nnodɔ yɛn ho no so. Nanso, nnipa dodow no ara nni nokware wɔ nna a edi akyiri yi mu, na wonni tema. (2 Tim. 3:1-3) Wɔn nnamfofa taa yɛ nnipa ani so de, na wɔyɛ pɛsɛmenkominya. Nea ɛbɛyɛ na yɛada yɛn ho adi sɛ nokware Kristofo no, ɛnsɛ sɛ yenya su a ɛte saa no bi. Ɛnde, momma yensusuw nsɛmmisa a edi hɔ yi ho: Dɛn na ɛma nnamfo ntam yɛ papa? Yɛbɛyɛ dɛn atumi anya nnamfo pa? Bere bɛn na ebia ɛho behia sɛ yɛne obi twa adamfofa mu? Na dɛn na yebetumi ayɛ na yɛne yɛn nnamfo pa ntam antetew?

Dɛn na Ɛma Nnamfo Ntam Yɛ Papa?

3, 4. Dɛn na ɛma yɛne afoforo nnamfofa mu yɛ den paa, na dɛn ntia?

3 Ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa na ɛma yɛne afoforo nnamfofa mu yɛ den paa. Ɔhene Solomon kyerɛwee sɛ: “Sɛ obi betumi adi obiakofo so a, nnipa baanu de, wobetumi ne no asi anim. Na hama a ɛbɔ ho abiɛsa no, emu rentew ntɛm.” (Ɔsɛnk. 4:12) Sɛ Yehowa na ɔyɛ hama a ɛto so abiɛsa wɔ adamfofa bi mu a, saa adamfofa no mu rentetew da.

4 Ɛwom, wɔn a wɔnnɔ Yehowa nso betumi afa nnamfo na wɔanya mu anigye. Nanso sɛ nnipa a wɔfa nnamfo no mu biara dɔ Onyankopɔn a, wɔn adamfofa no mu rentumi ntetew. Sɛ akasakasa ba nnamfo pa ntam a, wɔne wɔn ho wɔn ho bedi wɔ ɔkwan a ɛsɔ Yehowa ani so. Sɛ wɔn a wɔsɔre tia Onyankopɔn bɔ mmɔden sɛ wɔde mpaapaemu bɛba nokware Kristofo mu a, saa atamfo yi hu sɛ wɔrentumi ntetew yɛn adamfofa no mu. Wɔ abakɔsɛm nyinaa mu no, Yehowa asomfo ada no adi sɛ wɔn ani gye ho sɛ wobewu mmom sen sɛ wobeyiyi wɔn ho ama.—Monkenkan 1 Yohane 3:16.

5. Dɛn nti na Rut ne Naomi adamfofa no mu antetew da?

5 Akyinnye biara nni ho sɛ nnamfo a wɔma yɛn ani gye paa ne wɔn a wɔdɔ Yehowa. Susuw Rut ne Naomi asɛm no ho hwɛ. Adamfofa a ɛyɛ fɛ paa a Bible ka ho asɛm no mu biako ne saa mmea baanu yi adamfofa no. Dɛn nti na wɔn adamfofa no mu antetew da? Asɛm bi a Rut ka kyerɛɛ Naomi no ma yehu nea enti a ɛte saa. Ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Wo man bɛyɛ me man, na wo Nyankopɔn ayɛ me Nyankopɔn. . . . Gye owu na ɛbɛtetew me ne wo ntam, anyɛ saa a Yehowa ntua me ka na ɔnsan mfa bi nka ho.” (Rut 1:16, 17) Ɛda adi pefee sɛ na Rut ne Naomi nyinaa dɔ Onyankopɔn paa, na wɔmaa saa ɔdɔ no kaa ɔkwan a wɔfaa so ne wɔn ho wɔn ho dii no. Ɛno nti, Yehowa hyiraa mmea baanu no nyinaa.

Sɛnea Yebenya Nnamfo Pa

6-8. (a) Dɛn na ɛma yenya nnamfo a yɛne wɔn ntam rentetew? (b) Wobɛyɛ dɛn atumi adi kan atu anammɔn anya nnamfo?

6 Rut ne Naomi asɛm no ma yehu sɛ yemfiti prɛko pɛ nnya nnamfo pa. Yehowa ho dɔ a nnamfo no mu biara wɔ na ɛma wɔn adamfofa no yɛ papa. Nanso, egye mmɔdenbɔ ne ahofama na ama yɛanya nnamfo a yɛne wɔn ntam rentetew. Ɛho hia sɛ mmofra a wɔwɔ Kristofo mmusua a wɔsom Yehowa mu mpo yere wɔn ho na ama wɔatumi afa wɔn ho nnamfo denneennen. Ɛnde, wobɛyɛ dɛn atumi anya nnamfo pa?

7 Di kan tu ho anammɔn. Ɔsomafo Paulo hyɛɛ ne nnamfo a na wɔwɔ asafo a ɛwɔ Roma no mu nkuran sɛ ‘wɔmma wɔn ani nnye ahɔhoyɛ ho.’ (Rom. 12:13) Ɛho hia sɛ obi di kan tutu biribi ho anammɔn mpɛn pii na ama n’ani abegye ho. Saa ara na ɛsɛ sɛ yɛyɛ nneɛma nketenkete bi mpɛn pii na ama yɛn ani abegye ahɔhoyɛ ho. Onipa biara ntumi mma n’ani nnye ahɔhoyɛ ho mma wo. (Monkenkan Mmebusɛm 3:27.) Ɔkwan biako a wubetumi afa so ada ahɔhoyɛ adi ne sɛ wobɛyɛ aduan bi a ɛho ka nnɔɔso na woato nsa afrɛ asafo no mufo ahorow ma wɔne wo abedidi. So wubetumi de ahɔhoyɛ a woda no adi kyerɛ w’asafo mufo no aka nneɛma a woyɛ no daa ho?

8 Ɔkwan foforo a wubetumi afa so atu anammɔn wɔ nnamfo a wobɛfa ho ne sɛ wobɛto nsa afrɛ nnipa ahorow ma wɔne wo ayɛ asɛnka adwuma no. Sɛ wugyina obi pon ano na wote sɛnea onipa a ɔka wo ho wɔ asɛnka mu no fi ne komam reka sɛnea ɔdɔ Yehowa no ho asɛm a, akyinnye biara nni ho sɛ w’ani begye saa onipa no ho.

9, 10. Nhwɛso bɛn na Paulo yɛe, na yɛbɛyɛ dɛn atumi asuasua no?

9 Trɛw wo dɔ mu. (Monkenkan 2 Korintofo 6:12, 13.) So woate nka pɛn sɛ obiara nni w’asafo mu a wubetumi ne no afa adamfo? Sɛ ɛte saa a, so ebetumi aba sɛ wowɔ onipa pɔtee bi wɔ w’adwenem a wususuw sɛ ɔno nkutoo na wubetumi afa n’adamfo? Ɔsomafo Paulo trɛw ne dɔ mu de yɛɛ nhwɛso pa maa yɛn. Bere bi, na ɔnna nnwen ho da sɛ ɔne wɔn a wɔnyɛ Yudafo bɛfa nnamfo denneennen. Nanso, ɔbɛyɛɛ ‘ɔsomafo maa amanaman no.’—Rom. 11:13.

10 Bio nso, ɛnyɛ nnipa a na Paulo ne wɔn bɔ tipɛn nkutoo na ɔfaa wɔn nnamfo. Sɛ nhwɛso no, ɔne Timoteo faa adamfo a na emu yɛ den ɛmfa ho sɛ na ɛsono mfe a na wɔn mu biara adi ne ntetee a na wɔanya. Ɛnnɛ, mmabun pii ani gye nnamfo a wɔne asafo no mufo a wɔn mfe akɔ anim afa no ho. Vanessa a wadi mfe 20 ne kakra no ka sɛ, “Mewɔ onuawa bi a ɔyɛ m’adamfo pa a wadi boro mfe 50. Mitumi ka asɛm biara a metumi aka akyerɛ me nnamfo a me ne wɔn bɔ tipɛn no kyerɛ no. Na ɔpɛ m’asɛm paa.” Yɛyɛ dɛn nya nnamfo a wɔte saa? Vanessa ka sɛ: “Mannya saa adamfo yi kwa, mebɔɔ ho mmɔden paa ansa na merenya.” So w’ani gye ho sɛ wo ne wɔn a wo ne wɔn mmɔ tipɛn bɛfa nnamfo? Yehowa behyira mmɔden a wobɛbɔ no so ɔkwan biara so.

11. Dɛn na yebetumi asua afi Yonatan ne Dawid asɛm no mu?

11 Yɛ ɔnokwafo. Solomon kyerɛwee sɛ: “Ɔyɔnko berɛbo dɔ bere nyinaa; ɔyɛ onua a wɔwoo no maa ahohia da.” (Mmeb. 17:17) Ɛbɛyɛ sɛ bere a na Solomon rekyerɛw saa asɛm no, na ne papa Dawid ne Yonatan adamfofa no ho asɛm na ɛwɔ n’adwenem. (1 Sam. 18:1) Ná ɔhene Saul pɛ sɛ ne ba Yonatan na odi ade wɔ Israel. Nanso, Yonatan gye toom sɛ ɛyɛ Dawid na na Yehowa apaw no sɛ onni hene. Yonatan ani ammere Dawid te sɛ nea Saul yɛe no. Anyɛ no yaw sɛ nkurɔfo yii Dawid ayɛ, na saa ara nso na wannye atosɛm a Saul keka faa Dawid ho no anni. (1 Sam. 20:24-34) So yɛte sɛ Yonatan? Sɛ yɛn nnamfo nya dwumadi ahorow wɔ asafo no mu a, so yɛn ani gye? Sɛ wɔkɔ ahokyere mu a, so yɛkyekye wɔn werɛ, na yɛboa wɔn? Sɛ yɛte sɛ obi reka yɛn adamfo bi ho asɛmmɔne a, so yegye di ntɛm ara? Anaasɛ yegyina yɛn adamfo no akyi denneennen te sɛ nea Yonatan yɛe no?

Bere a Ehia sɛ Yetwa Nnamfofa Mu

12-14. Ɔhaw bɛn na Bible asuafo binom hyia, na yɛbɛyɛ dɛn atumi aboa wɔn?

12 Sɛ Bible suani bi fi ase yɛ nsakrae wɔ n’abrabɔ mu a, obetumi ahyia ɔhaw ankasa wɔ ne nnamfofa mu. Ebia na ɔwɔ nnamfo bi a n’ani gye wɔn fekubɔ ho, nanso ne nnamfo no mmfa Bible gyinapɛn mmɔ wɔn bra. Ebia bere bi a atwam no, na ɔtaa ne wɔn bɔ paa. Nanso afei, ohu sɛ nneɛma a wɔyɛ no betumi anya no so nkɛntɛnso bɔne, na ɔte nka sɛ ɛsɛ sɛ ɔtew bere dodow a ɔne nnamfo a wɔte saa bɔ no so. (1 Kor. 15:33) Ɛno mpo no, ebia ɔbɛte nka sɛ sɛ ɔne wɔn ammɔ a, na wayi wɔn ama.

13 Sɛ woyɛ Bible suani a worehyia ɔhaw a ɛte saa a, kae sɛ obi a ɔyɛ adamfo pa ankasa ani begye sɛ worebɔ mmɔden sɛ wobɛma w’abrabɔ ayɛ papa. Ebia n’ani begye ho mpo sɛ ɔne wo bɛbom asua Yehowa ho ade. Nanso, wɔn a wɔnyɛ nnamfo pa no bɛkɔ so ‘akasa tia wo’ esiane sɛ wo ne wɔn ntu mmirika nkɔ “saa ahohwi dontori no mu” nti. (1 Pet. 4:3, 4) Nokwarem no, ɛyɛ saa nnamfo yi na wɔayi wo ama, na ɛnyɛ wo na woayi wɔn ama.

14 Sɛ Bible asuafo nnamfo dedaw a wɔnnɔ Onyankopɔn ne wɔn mmɔ bio a, asafo no mufo betumi afa wɔn nnamfo. (Gal. 6:10) So w’ankasa wunim nkurɔfo a wɔba mo asafo nhyiam a afei na wɔresua Bible no? So ɛyɛ a wutumi ne wɔn bɔ na wohyɛ wɔn nkuran?

15, 16. (a) Sɛ yɛn adamfo bi gyae Yehowa som a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ yɛn ade dɛn? (b) Dɛn na yebetumi ayɛ ama Onyankopɔn ahu sɛ yɛdɔ no?

15 Nanso, sɛ w’adamfo bi a ɔwɔ asafo no mu yɛ n’adwene sɛ ɔrensom Yehowa bio, na ɛho behia sɛ wotu no a, dɛn na wobɛyɛ? Asɛm a ɛte saa betumi ahaw adwene yiye. Bere a onuawa bi a n’adamfo paa bi gyaee Yehowa som rekyerɛkyerɛ sɛnea asɛm no kaa no mu no, ɔkae sɛ: “Asɛm no haw me paa. Ná misusuw sɛ m’adamfo no ase atim paa wɔ nokware no mu, nanso sɛɛ na ɛnte saa. Ɛyɛɛ me sɛ ebia na wayɛ ne ho sɛ ɔresom Yehowa de asɔ n’abusuafo ani. Afei mifii ase susuw adwene a na m’ankasa mede resom no ho. So adwempa na na mede resom Yehowa?” Ɛyɛɛ dɛn na onuawa yi tumi gyinaa tebea no ano? Ɔkae sɛ, “Medan m’adesoa too Yehowa so. Masi me bo sɛ mɛma Yehowa ahu sɛ ɛnyɛ nnamfo a ɔma minya wɔ n’ahyehyɛde no mu nti na medɔ no, na mmom ɛyɛ ɔdɔ ankasa na medɔ no.”

16 Sɛ yɛne wɔn a wɔfa wiase no adamfo bɔ a, yɛrentumi nhwɛ kwan sɛ Onyankopɔn bɛkɔ so ayɛ yɛn adamfo. Osuani Yakobo kyerɛwee sɛ: “Munnim sɛ wiase adamfofa yɛ tan a wɔtan Onyankopɔn? Enti obiara a ɔpɛ sɛ ɔyɛ wiase adamfo no gyina hɔ sɛ Onyankopɔn tamfo.” (Yak. 4:4) Sɛ yedi Onyankopɔn nokware a, yebetumi anya ne mu ahotoso sɛ ɔbɛboa yɛn ma yɛagyina yɛn adamfo bi a yɛne ne ntam atetew ho yaw a yɛredi ano de ama Onyankopɔn ahu sɛ yɛdɔ no. (Monkenkan Dwom 18:25.) Onuawa a yɛafa n’asɛm aka dedaw no bɔ asɛm no mua sɛ: “Mihui sɛ yɛrentumi nhyɛ obi sɛ ɔnnɔ Yehowa anaasɛ ɔnnɔ yɛn. Ɛyɛ onii no ankasa na ɛsɛ sɛ osi ne gyinae.” Ɛnde, dɛn na yebetumi ayɛ na yɛne yɛn nnamfo pa a wɔda so wɔ asafo no mu no ntam antetew?

Nea Yɛbɛyɛ ma Yɛne Yɛn Nnamfo Pa Ntam Nntetew

17. Ɔkwan bɛn so na nnamfo pa ne wɔn ho kasa?

17 Nkɔmmɔbɔ pa ma adamfofa mu yɛ den. Sɛ wokenkan Bible mu asɛm a ɛfa Rut ne Naomi, Dawid ne Yonatan, ɛne Paulo ne Timoteo ho a, wubehu sɛ nnamfo pa fi wɔn komam ne wɔn ho wɔn ho bɔ nkɔmmɔ, nanso wɔyɛ saa wɔ obu mu. Paulo kyerɛw sɛnea ɛsɛ sɛ yɛne afoforo bɔ nkɔmmɔ ho asɛm sɛ: “Momma mo kasa ho mmra nyam bere nyinaa na nkyene mmra mu.” Ná nea Paulo reka ho asɛm pɔtee no fa ɔkwan a ɛsɛ sɛ yɛfa so ne wɔn a ‘wɔnka yɛn ho,’ kyerɛ sɛ, wɔn a wɔnyɛ yɛn nuanom Kristofo kasa ho. (Kol. 4:5, 6) Sɛ ɛfata sɛ yɛne wɔn a wonni asafo no mu kasa wɔ obu so a, ɛnde hwɛ sɛnea ɛfata koraa sɛ yɛne yɛn nnamfo a wɔwɔ asafo no mu kasa wɔ obu so!

18, 19. Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ yebu afotu biara a yɛn adamfo a ɔyɛ Kristoni de ma yɛn, na nhwɛso bɛn na Efeso asafo no mu mpanyimfo yɛ maa yɛn?

18 Nnamfo pa kyerɛ obu ma wɔn mu biara adwenkyerɛ, enti sɛ wɔrebɔ nkɔmmɔ a, ɛsɛ sɛ wɔma ɛho ba nyam na wɔka wɔn nsɛm pefee. Ɔhene Solomon onyansafo no kyerɛwee sɛ: “Sɛnea ngo ne aduhuam ma koma di ahurusi no, saa ara na ayɔnkofa mu dɛ a efi komam agyinatu te.” (Mmeb. 27:9) So saa na wubu afotu biara a w’adamfo bi de ma wo no? (Monkenkan Dwom 141:5.) Sɛ woreyɛ biribi na w’adamfo bi ka ho asɛm a, woyɛ w’ade dɛn? So wofa nea ɔka no sɛ ɔreyɛ wo adɔe, anaasɛ woma wo bo fuw?

19 Ɔsomafo Paulo ne Efeso asafo no mu mpanyimfo faa nnamfo denneennen. Ɛbɛyɛ sɛ bere a saa mmarima no mu bi rebɛyɛ gyidifo no, ohuu wɔn. Nanso, bere a Paulo ne wɔn yɛɛ nhyiam a etwa to na ɔretu wɔn fo no, ɔkaa ne nsɛm pefee. Dɛn na wɔyɛe wɔ ho? Paulo nnamfo no bo amfuw. Mmom no, wɔn ani sɔɔ sɛnea na odwen wɔn ho no, na bere a Paulo ka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔrenhu no bio no, wosui.—Aso. 20:17, 29, 30, 36-38.

20. Dɛn na adamfo a ɔwɔ ɔdɔ bɛyɛ?

20 Ɛnyɛ afotu pa nkutoo na nnamfo pa gye tom, na mmom wɔn nso tu fo bi. Nanso, ehia sɛ yehu bere a ɛsɛ sɛ ‘yedi yɛn ankasa yɛn fie asɛm.’ (1 Tes. 4:11) Na ɛsɛ sɛ yehu nso sɛ yɛn mu biara “bebu n’ankasa akontaa akyerɛ Onyankopɔn.” (Rom. 14:12) Nanso, sɛ ɛho hia a, obi a ɔdɔ n’adamfo befi ayamye mu akae ne yɔnko Yehowa gyinapɛn ahorow. (1 Kor. 7:39) Sɛ nhwɛso no, sɛ wuhu sɛ w’adamfo bi a ɔnwaree ani afi ase regye ɔbarima anaa ɔbea bi a onnye nni ho a, dɛn na wobɛyɛ? So suro a wusuro sɛ mo ntam bɛsɛe nti, worenka ho asɛm? Na sɛ w’adamfo no antie w’afotu no nso a, dɛn na wobɛyɛ? Obi a ɔyɛ adamfo pa bɛka akyerɛ ahwɛfo a wɔwɔ ɔdɔ no ma wɔaboa ne yɔnko a wadi mfomso no. Egye akokoduru na ama woatumi ayɛ saa. Nanso, sɛ nnamfo dɔ Yehowa a, wɔn ntam ntumi ntetew koraa.

21. Dɛn na ɛtɔ mmere bi a yɛn mu biara bɛyɛ, nanso dɛn nti na ɛho hia sɛ yɛma yɛne yɛn nnamfo ntam yɛ den wɔ asafo no mu?

21 Monkenkan Kolosefo 3:13, 14. Ɛtɔ mmere bi a yɛbɛyɛ biribi ma yɛn nnamfo anya ‘asɛm atia’ yɛn, na wɔn nso bɛyɛ biribi anaasɛ wɔbɛka asɛm bi ma ahyɛ yɛn abufuw. Yakobo kyerɛwee sɛ, “Yɛn nyinaa di mfomso mpɛn pii.” (Yak. 3:2) Nanso, sɛ yɛne yɛn adamfo ntam yɛ papa a, ɛno nkyerɛ sɛ yentumi mfom yɛn ho yɛn ho, na mmom nea ɛma adamfofa no yɛ papa ne sɛnea yetumi de mfomso firifiri yɛn ho korakora no. Hwɛ sɛnea ɛho hia sɛ yefi yɛn komam bɔ nkɔmmɔ na yɛde firifiri yɛn ho koraa na ama yɛn nnamfofa mu ayɛ den! Sɛ yɛda ɔdɔ a ɛte saa adi a, ɛbɛba abɛyɛ “koroyɛ hama a ɛyɛ pɛ.”

Wubebua Dɛn?

• Yɛbɛyɛ dɛn atumi anya nnamfo pa?

• Bere bɛn na ebia ɛho behia sɛ yetwa adamfofa bi mu?

• Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na ama yɛne yɛn nnamfo ntam ayɛ den a emu nntetew?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 18]

Dɛn na amma Rut ne Naomi adamfofa no mu antetew?

[Mfonini wɔ kratafa 19]

So woda ahɔhoyɛ adi daa?