Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Asuade bɛn na yenya fi Mmebusɛm 24:27?

Bere a nea ɔkyerɛw Mmebusɛm no retu aberante bi fo no, ɔkae sɛ: “Siesie w’adwuma wɔ abɔnten, na yɛ w’afuw mu adwuma. Ɛno akyi no, kyekye wo fie nso.” Ntease bɛn na ɛwɔ ɛbɛ a Onyankopɔn honhom ma wobui yi mu? Ntease a ɛwom ne sɛ, ɛsɛ sɛ ɔbarima siesie ne ho yiye ansa na waware ahyehyɛ n’ankasa abusua, na ɛsɛ sɛ ohu asɛyɛde ahorow a ɛwɔ abusua a ɔbɛhyehyɛ no ho nso.

Bere bi a atwam no, ɛtɔ mmere bi a na wɔkyerɛ saa kyerɛwsɛm yi ase sɛ ɛnyɛ honam fam adwuma nko na ɛsɛ sɛ obi a ɔyɛ okunu ne agya yɛ, na ɛsɛ sɛ ɔhyɛ n’abusua den, anaasɛ ɔhyɛ wɔn nkuran nso, na ɛho nhwɛso bi ne Onyankopɔn Asɛm a ɔde bɛkyerɛkyerɛ wɔn. Ɛwom sɛ saa asɛm no yɛ nokware turodoo na ɛne Kyerɛwnsɛm no hyia de, nanso ɛte sɛ nea ɛnyɛ ɛno ne asɛntitiriw a saa kyerɛwsɛm no ka ho asɛm. Dɛn ntia? Susuw nneɛma abien ho hwɛ.

Nea edi kan, ɛnyɛ abusua a wɔahyehyɛ dedaw a ɛsɛ sɛ wɔhyɛ emufo nkuran anaasɛ wɔhyɛ wɔn den ho asɛm na saa kyerɛwsɛm yi reka. Mmom no, ɛfa ofie ankasa a wosi ho. Asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase “kyekye” no betumi nso ayɛ kasakoa a ɛkyerɛ sɛ obi resi ofie anaasɛ ɔrehyehyɛ abusua—na nea ɛkyerɛ ne sɛ ɔbɛware awo mma.

Nea ɛto so abien, kyerɛwsɛm no si nneɛma a wɔyɛ no nnidiso nnidiso so dua, te sɛ nea ɛreka sɛ, “Di kan yɛ eyi; wuwie a woayɛ eyi.” Ɛnde, so nea ɛbɛ yi rekyerɛ ne sɛ wubedi kan adi wo honam fam nneɛma ho dwuma ansa na woadi asɛyɛde a Onyankopɔn de ama wo no ho dwuma? Dabida!

Wɔ mmere a na wɔrekyerɛw Bible no mu no, sɛ na ɔbarima bi pɛ sɛ ‘ɔkyekye ne fie,’ anaasɛ ɔware hyehyɛ abusua a, na ehia sɛ obisa ne ho sɛ, ‘So masiesie me ho sɛ mɛhwɛ ɔyere ne mma a ebia yɛbɛwo wɔn akyiri yi no?’ Ansa na ɔbɛhyehyɛ abusua no, na ɔwɔ adwuma a ɔyɛ, ɛne sɛ ɔreyɛ n’afuw anaa ɔrehwɛ ne nnɔbae. Eyi nti, Today’s English Version kyerɛ saa kyerɛwsɛm yi ase tẽẽ ma emu da hɔ sɛ: “Nsi wo fie nhyehyɛ w’abusua ansa na wo nnɔbae aba, bere a wunim sɛ wubetumi ahwɛ wo ho no.” So saa nnyinasosɛm yi da so ara yɛ adwuma nnɛ?

Yiw, ɛda so ara yɛ adwuma. Ɛsɛ sɛ ɔbarima a ɔpɛ sɛ ɔware siesie ne ho yiye sɛ obedi saa asɛyɛde yi ho dwuma. Sɛ ɔwɔ ahoɔden a, ɛsɛ sɛ ɔyɛ adwuma. Nokwarem no, sɛ wɔka sɛ ɔbarima nyere ne ho nhwɛ n’abusua a, ɛnyɛ honam fam nneɛma nkutoo na wɔreka sɛ ɔmfa mma wɔn. Onyankopɔn Asɛm kyerɛ sɛ, ɔbarima a ɔmmfa nea n’abusua hia wɔ honam fam, nkate fam, ne Onyankopɔn som mu mma wɔn no yɛ onipa bɔne sen nea onnye nni! (1 Tim. 5:8) Enti sɛ aberante bi resiesie ne ho aware na wahyehyɛ abusua a, ɛsɛ sɛ obisa ne ho nsɛm te sɛ: ‘So masiesie me ho sɛnea ɛsɛ a metumi de honam fam nneɛma a m’abusua behia ama wɔn? So masiesie me ho sɛ medi abusua anim ma yɛasom Onyankopɔn? So metumi ne me yere ne me mma asua Bible daa?’ Onyankopɔn Asɛm si asɛyɛde ahorow a ɛho hia yi so dua pefee.—Deut. 6:6-8; Efe. 6:4.

Enti ɛsɛ sɛ aberante a ɔpɛ sɛ ɔware susuw nnyinasosɛm a ɛwɔ Mmebusɛm 24:27 no ho yiye. Saa ara na ɛsɛ sɛ ababaa nso bisa ne ho sɛ wasiesie ne ho sɛ obedi asɛyɛde ahorow a ɔyere ne ɛna a ɔbɛyɛ no bɛma wanya no ho dwuma? Nnipa baanu a wɔaware foforo anaa nnipa baanu a wɔpɛ sɛ wɔware betumi abisa nsɛm a ɛte saa ara bere a wɔpɛ sɛ wɔwo mma no. (Luka 14:28) Bible mu akwankyerɛ a ɛte saa a Onyankopɔn nkurɔfo de bɛbɔ wɔn bra no betumi aboa ma wɔrenni ɛyaw pii, na ama wɔanya anigye wɔ wɔn abusua mu.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 12]

Aware ho nsɛm bɛn na ɛsɛ sɛ aberante bisa ne ho?