Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Sɛnea Amantam Nhyiam Abiɛsa Sesaa M’asetena

Sɛnea Amantam Nhyiam Abiɛsa Sesaa M’asetena

Sɛnea Amantam Nhyiam Abiɛsa Sesaa M’asetena

Sɛnea George Warienchuck ka kyerɛe

SO WOATE asɛm bi wɔ ɔmantam nhyiam bi ase ma aka wo koma paa ma woayɛ nsakrae akɛse bi wɔ w’asetena mu pɛn? Saa na ɛtoo me. Sɛ mekaakae a, mihu sɛ nhyiam abiɛsa titiriw na ɛsesaa m’asetena. Nea edi kan no boaa me ma minyaa akokoduru kakra; nea ɛto so abien no boaa me ma m’ani sɔɔ nea mewɔ; ɛnna nea ɛto so abiɛsa no boaa me ma meyɛɛ pii wɔ Yehowa som mu. Nanso, ansa na mɛka saa nsakrae no ho asɛm no, ma menka nsɛm bi a esisii wɔ me mmofraase mfe pii ansa na yɛreyɛ saa nhyiam ahorow yi ho asɛm.

Wɔwoo me wɔ afe 1928 mu. Me na na meyɛ kaakyire wɔ me nuanom a na yɛyɛ baasa no mu. Wɔtetee me ne me nuabeanom a wɔfrɛ wɔn Margie ne Olga wɔ South Bound Brook, New Jersey, U.S.A. Saa bere no, na nnipa bɛyɛ 2,000 na wɔte saa kurow no mu. Ɛwom sɛ na yɛyɛ ahiafo de, nanso na Maame yam ye. Bere biara a na obenya sika de ayɛ akɔnnɔduan no, na ɔma n’afipamfo bi. Bere a midii mfe akron no, Ɔdansefo bi a ɔka Hungary kasa a ɛyɛ Maame kurom kasa bɛsraa no, na esiane sɛ na ɔne no ka kasa biako nti, ɛkaa no ma otiee Bible mu asɛm no. Akyiri yi, onuawa bi a wɔfrɛ no Bertha a na wadi mfe 20 ne kakra ne Maame toaa so yɛɛ Bible adesua no, na ɛboaa no ma ɔbɛyɛɛ Yehowa somfo.

Ná mente sɛ Maame, na meyɛ ohufo, na na minni ahotoso nso. Nea ɛsɛee asɛm no koraa ne sɛ, na Maame taa bu me animtiaa. Bere a mede nusu bisaa no sɛ, “Dɛn nti na wokasa tia me bere nyinaa?” no, ɔka kyerɛɛ me sɛ, ɔdɔ me, na ɔmpɛ sɛ mema me ho so sen afoforo. Ná Maame wɔ adwempa, nanso esiane sɛ na ɔnkamfo me nti, ɛma mibuu me ho abomfiaa.

Da bi, yɛn fipamfo bi a na ɔtaa ne me kasa ayamye so ka kyerɛɛ me sɛ me ne ne mmabarima nkɔ asɔre a wɔyɛ ma mmofra Kwasida wɔ wɔn asɔre mu. Ná minim sɛ sɛ mekɔ a, Yehowa ani rennye ho de, nanso na misuro sɛ mɛyɛ biribi ma ahaw ofipamfo a ne yam ye no. Enti, ɛwom sɛ na ɛyɛ me aniwu de, nanso mekɔɔ asɔre no asram bi. Nnipa ho suro ma meyɛɛ biribi a ɛhaw m’ahonim wɔ sukuu mu nso. Ɔpanyin a ɔda sukuu no ano a ɔyɛ nhyɛ no hwɛe sɛ ɔbɛma akyerɛkyerɛfo no ama mmofra no nyinaa akyia frankaa. Me nso mikyiaa frankaa no bi. Eyi kɔɔ so bɛyɛ afe biako, na ɛno akyi no, nsakrae bi bae.

Misuaa Sɛnea Menya Akokoduru

Wɔ afe 1939 mu no, wofii ase yɛɛ nhoma adesua wɔ yɛn fie. Aberante kwampaefo bi a wɔfrɛ no Ben Mieszkalski na na ɔhwɛ adesua no so. Ná yɛfrɛ no Ɔkɛseɛ Ben, na na ɛfata sɛ yɛfrɛ no saa. Wɔ m’ani so no, na ɔyɛ ɔbarima tenten a ɔtrɛw te sɛ yɛn abɔnten pon. Ɛwom sɛ na sɛnea ɔtrɛw fa no ama ayɛ te sɛ nea ne ho yɛ hu de, nanso na ne yam ye paa, na sɛnea na ɔtew n’anim serew no amma ne ho anyɛ me hu. Enti bere a Ben kae sɛ ɔne me bɛkɔ asɛnka no, m’ani gyei ma me ne no kɔe. Yɛbɛyɛɛ nnamfo. Sɛ me werɛ how a, na ɔne me kasa te sɛ nea obi a odwen ne nua ho ne ne nua kumaa kasa no. Ɛno boaa me yiye, na mebɛpɛɛ n’asɛm paa.

Wɔ afe 1941 mu no, Ben kae sɛ yɛn abusua no mmɛtena ne kar mu na yɛne no nkɔ nhyiam bi wɔ St. Louis, Missouri. Hwɛ sɛnea m’ani gye fae! Ná mintuu kwan nkɔɔ baabi a ne tenten boro kilomita 80 da, na afei de me na na merekɔ baabi a ne tenten boro kilomita 1,500 yi! Nanso, yehyiaa ɔhaw wɔ St. Louis. Ná asɔfo a wɔwɔ kurow no mu no aka akyerɛ wɔn asɔremma sɛ wontwa nhyehyɛe biara a na wɔayɛ sɛ wɔbɛma Adansefo atena wɔn afie mu no mu. Wɔn mu pii yɛɛ saa. Ná wɔahunahuna abusua a na yɛbɛkɔ akɔtena wɔn fie no nso. Nanso, wogyee yɛn ne yɛn tenae. Wɔn a yɛkɔtenaa wɔn fie no ka kyerɛɛ yɛn sɛ na wɔpɛ sɛ wodi wɔn bɔhyɛ so ma yɛtena wɔn fie. Akokoduru a wɔdaa no adi no kaa me koma paa.

Me nuabeanom bɔɔ asu wɔ saa nhyiam no ase. Saa da no ara, Onua Rutherford a ofi Brooklyn Betel no maa ɔkasa bi a na ɛhyɛ nkuran yiye. Wɔ ɔkasa no mu no, ɔkae sɛ mmofra a wɔwɔ nhyiam no ase nyinaa a wɔpɛ sɛ wɔyɛ Onyankopɔn apɛde no nsɔre nnyina hɔ. Mmofra bɛyɛ 15,000 sɔre gyinaa hɔ. Me nso mesɔree bi. Afei, ɔkae sɛ yɛn a yɛpɛ sɛ yɛyɛ pii wɔ asɛnka adwuma no mu no nka sɛ “Yiw.” Me ne mmofra a wɔaka no teɛɛm sɛ “Yiw!” Ɛno akyi no, wɔn a na wɔwɔ nhyiam no ase no bɔɔ wɔn nsam denneennen. Ɛhyɛɛ me den yiye.

Yewiee nhyiam no, yɛkɔsraa onua bi wɔ West Virginia. Onua no ka kyerɛɛ yɛn sɛ bere bi a na ɔreyɛ asɛnka adwuma no, basabasayɛfo bi hwee no de amane sraa ne ho de ntakra tuatuaa mu. Mede ahodwiriw tiee no. Onua no kae sɛ, “Nanso mɛkɔ so aka asɛm no.” Bere a yefii saa onua no hɔ no, na manya akokoduru te sɛ Dawid. Ná masiesie me ho sɛ mede akokoduru bɛkɔ sukuu panyin a ɔte sɛ Goliat no anim.

Bere a mesan kɔɔ sukuu no, mekɔɔ ɔpanyin no anim. Ɔde abufuw hwɛɛ me. Mebɔɔ Yehowa mpae wɔ me tirim sɛ ɔmmoa me. Afei meyɛɛ ntɛm kae sɛ: “Makɔ Yehowa Adansefo nhyiam bi. Merenkyia frankaa no bio!” Ɔyɛɛ komm bere tenten. Afei ɔsɔre fii ne pon ho bɔkɔɔ baa me nkyɛn. Ná ne bo afuw papaapa. Ɔteɛɛm sɛ: “Kyia frankaa no, anyɛ saa meyi wo adi!” Saa bere yi de manyɛ nea ɔkae no, na minyaa anigye paa a na minnyaa bi saa da.

Ná me ho pere me sɛ mehu Ben na maka nea asi no akyerɛ no. Bere a mihuu no wɔ Ahenni Asa so no, meteɛɛm sɛ: “Wɔayi me adi afi sukuu! Mankyia frankaa no!” Ben de ne nsa too me kɔn mu serewee, na ɔkae sɛ: “Nya awerɛhyem sɛ Yehowa dɔ wo.” (Deut. 31:6) Hwɛ sɛnea saa asɛm no kanyan me fae! Mebɔɔ asu June 15, 1942.

Misuaa Sɛnea Mɛma M’ani Asɔ Nea Mewɔ

Bere a Wiase Ko II baa awiei no, ɔman no sikasɛm yɛɛ yiye prɛko pɛ, na nnipa pii dii honam fam nneɛma akyi wɔ ɔman no mu. Ná meyɛ adwuma a migye akatua kɛse, na na mitumi tɔ biribiara a kan no na mintumi ntɔ no. Me nnamfo binom totɔɔ moto; ebinom nso siesiee wɔn afie. Me de, metɔɔ kar mono. Ankyɛ na sɛnea na mepɛ sɛ minya nneɛma pii wɔ asetena mu no ma mede Ahenni adwuma no too nkyɛn. Ná minim sɛ baabi a mede m’ani akyerɛ no nye. Anigyesɛm ne sɛ nhyiam bi a yɛyɛe wɔ New York City wɔ afe 1950 mu no boaa me ma meyɛɛ nsakrae wɔ m’asetena mu.

Wɔ saa nhyiam no ase no, akasafo a wɔbɛkasae no nyinaa hyɛɛ atiefo no nkuran sɛ wɔnyere wɔn ho wɔ asɛnka adwuma no mu. Ɔkasafo biako hyɛɛ yɛn nkuran sɛ, “Montow biribiara ngu mma ɛnka nea ehia no nkutoo, na muntu mmirika no.” Ná ɛte sɛ nea me na na ɔrekasa kyerɛ me. Mehwɛɛ Gilead adesuakuw bi adesua awiei nso, na ɛmaa misusuw ho sɛ, ‘Sɛ saa Adansefo a wɔne me bɔ tipɛn yi atumi de honam fam nneɛma abɔ afɔre rekɔsom wɔ amannɔne a, ɛnde ɛsɛ sɛ me nso minya ɔpɛ sɛ mɛyɛ saa ara wɔ ha.’ Bere a yewiee nhyiam no, na masi gyinae sɛ mɛyɛ ɔkwampaefo.

Saa bere no, na me ne onuawa bi a ɔyɛ nsi a ɔwɔ asafo a na makɔ mu no mu a wɔfrɛ no Evelyn Mondak afi ase renantew de ahwɛ sɛ yebetumi aware anaa. Evelyn maame tetee mma baasia, na na ɔyɛ ɔbea a ɔwɔ akokoduru. Ná n’ani gye ho sɛ obedi adanse wɔ abɔnten so wɔ Roma Katolek Asɔre no asɔredan kɛse bi anim. Ɛmfa ho mpɛn dodow a ɔsɔfo a na ne bo afuw no ka kyerɛɛ no sɛ omfi hɔ no, wanyɛ saa da. Ná Evelyn nso nsuro nnipa te sɛ ne maame pɛpɛɛpɛ.—Mmeb. 29:25.

Me ne Evelyn waree wɔ afe 1951 mu, yegyaee adwuma a na yɛyɛ no, na yefii ase yɛɛ akwampae adwuma. Ɔmansin sohwɛfo bi hyɛɛ yɛn nkuran sɛ yentu nkɔ Amagansett. Amagansett yɛ akuraa bi a ɛwɔ Atlantic mpoano, na efi hɔ rekɔ New York City yɛ kilomita ɔha aduosia. Bere a asafo a ɛwɔ hɔ no ka kyerɛɛ yɛn sɛ wɔrennya ɔdan mma yɛn no, yɛhwehwɛɛ kar bi a ɔdan si so, nanso yɛannya nea yɛn sika bɛso. Afei, yehuu kar bi a ɔdan si so a ayɛ dedaw. Ne wura no kae sɛ yentua dɔla 900—ná ɛno ne sika a wɔde kyɛɛ yɛn wɔ yɛn ayeforohyia da no dodow yɛ pɛpɛɛpɛ. Yɛtɔ siesiei, na yɛde kɔɔ yɛn asasesin foforo no mu. Nanso yekoduu hɔ no, na yɛn ho sika nyinaa asa ma enti na yennim ɔkwan a yɛbɛfa so ahwɛ yɛn ho ma yɛatumi ayɛ akwampae adwuma no.

Ná Evelyn siesie nkurɔfo afie, na na me nso misiesie adidibea bi a wɔyɛ Italiafo nnuan anadwo. Adidibea wura no ka kyerɛɛ me sɛ, “Fa aduan biara a ɛbɛka kɔ fie kɔma wo yere.” Enti sɛ mikodu fie ahemadakye nnɔnabien a, na aduan hua gye yɛn dan no mu. Ná yɛka saa nnuan no hyew de gye yɛn ani, titiriw wɔ awɔw bere a na yɛn ho wosow wɔ ɔdan a esi kar so a emu nwinwiinwini no mu. Bio nso, ɛtɔ mmere bi a na anuanom a wɔwɔ asafo no mu begyaw apataa kɛse bi wɔ yɛn kwan ano. Mfe dodow a yɛne saa anuanom a yɛdɔ wɔn no somee wɔ Amagansett no, yesuae sɛ sɛ yɛma yɛn ani sɔ nneɛma a ɛho hia a yɛwɔ wɔ asetena mu no a, ɛma yenya akomatɔyam wɔ yɛn asetena mu. Yɛn ani gyei saa mmere no.

Wɔhyɛɛ Yɛn Nkuran ma Yɛyɛɛ Pii

Wɔ July 1953 mu no, yɛmaa asɛmpatrɛwfo ɔhaha pii a na wofi amannɔne nsase so aba amanaman ntam nhyiam wɔ New York City no akwaaba. Wɔkaa osuahu ahorow a ɛyɛ anigye kyerɛe. Anigye a na wɔanya no bi kaa yɛn. Bio nso, bere a ɔkasafo bi kae wɔ nhyiam no ase sɛ nsase pii wɔ hɔ a wonnya nkaa Ahenni no ho asɛm wɔ hɔ no, yehuu nea na ɛsɛ sɛ yɛyɛ—na ɛsɛ sɛ yɛyɛ pii de trɛw yɛn som adwuma mu. Nhyiam no ase hɔ ara na yebisaa hokwan sɛ yɛbɛkɔ ma wɔatete yɛn sɛ asɛmpatrɛwfo. Wɔtoo nsa frɛɛ yɛn saa afe no ara ma yɛkɔɔ Gilead Sukuu no adesuakuw a ɛto so 23 a efii ase February 1954 no bi. Hwɛ hokwan kɛse ara a yenyae!

Bere a wɔka kyerɛɛ yɛn sɛ yɛnkɔsom wɔ Brazil no, yɛn ani gyei. Ansa na yɛde po so hyɛn refi nnafua 14 akwantu no ase no, ɔpanyin bi a ɔwɔ Betel ka kyerɛɛ me sɛ: “Anuanom mmea asigyafo baakron bɛka wo ne wo yere ho ne mo akɔ Brazil. Hwɛ wɔn so!” Wubetumi de w’adwene ayɛ sɛnea na po so hyɛn no mu adwumayɛfo no anim ayɛ sereserew afa ho mfonini bere a wohui sɛ mmabaa du di m’akyi rebɛforo hyɛn no? Nanso, anuanom mmea no tumi gyinaa tebea no ano a wɔanhyia ɔhaw biara. Ne nyinaa mu no, bere a yeduu Brazil dwoodwoo no, me bo tɔɔ me yam.

Bere a misuaa Portugal kasa wiei no, wɔma mekɔyɛɛ ɔmansin adwuma wɔ Rio Grande do Sul a ɛyɛ ɔmantam bi a ɛwɔ Brazil anafo fam no mu. Ɔmansin sohwɛfo a na ɔyɛ osigyani a na merekosi n’ananmu no ka kyerɛɛ me ne me yere sɛ: “Ɛyɛ me nwonwa sɛ wɔde awarefo aba ha. Saa beae yi yɛ mmonkyemmɔnka.” Ná asafo ahorow no apete wɔ nkuraase, na na ntam kwan woware, na lɔre akɛse nkutoo na na wotumi de kɔ nkuraa no bi ase. Sɛ na wotɔ aduan ma ofirikafo no a, na ɔma woforo lɔre no. Ná yɛtenatena nneɛma a egu lɔre no mu no so te sɛ nea yɛtete apɔnkɔ so, na yɛsam yɛn nan wɔ nneɛma no so, na na yɛde yɛn nsa abien nyinaa suso nhama a wɔde akyekyere nneɛma no mu denneennen. Bere biara a ofirikafo no bebu ne nsa a na lɔre tenten no bɛtɔ akɔ ɔfã bi no, na yeso nhama no mu denneennen paa sɛnea ɛbɛyɛ a yɛrentɔ fam, na na yehu abon donkudonku no mu. Nanso, sɛ yekodu na yehu yɛn nuanom a wɔde anigye rehwɛ yɛn kwan no a, na yehu sɛ akwan atenten a ɛte saa a yɛde da mũ twa no nyɛ ɔbrɛgu.

Ná yɛtena anuanom afie mu. Ná anuanom no di hia buruburoo, nanso na wɔbɔ mmɔden yɛ ɔsom adwuma no pii. Wɔ ɔmantam bi a atew ne ho mu no, na anuanom mmarima a wɔwɔ hɔ no nyinaa yɛ adwuma wɔ baabi a wɔde nam gugu nkyɛnsee mu. Esiane sɛ na akatua a wogye sua nti, na wodidi pɛnkoro pɛ ɛda no mu. Sɛ wɔankɔ adwuma ɛda bi a, na wontua wɔn ka. Nanso, sɛ yɛkɔsom wɔn a, na wɔnkɔ adwuma nnanu de saa bere no boa asafo no dwumadi ahorow. Wɔde wɔn ho too Yehowa so. Yesuaa sɛnea ɛsɛ sɛ yɛde nneɛma bɔ afɔre de yɛ Onyankopɔn Ahenni no ho adwuma fii saa anuanom a wɔbrɛ wɔn ho ase no hɔ, na yɛn werɛ remfi da. Bere a na yɛne wɔn resom no, yesuaa biribi a sukuu biara ntumi nkyerɛ yɛn. Ɛde besi nnɛ nyinaa, sɛ misusuw saa bere no ho, na mekae saa anuanom no a, anigye ma m’ani taataa nusu.

Yɛsan baa United States wɔ afe 1976 mu bɛhwɛɛ me maame a na ɔyare no. Ná ɛyɛ den ma yɛn sɛ yebefi Brazil, nanso ɛyɛ yɛn anigye sɛ yɛahu nkɔso kɛse a aba Ahenni adwuma no mu wɔ saa ɔman no mu no. Bere biara a yebenya nkrataa afi Brazil no, yɛkae anigye pii a yenyae wɔ hɔ no.

Yɛasan Ahyia Yɛn Nnamfo a Yɛdɔ Wɔn No

Bere a na yɛrehwɛ Maame no, yɛyɛɛ akwampae adwuma, na yesiesiee nkurɔfo afie. Maame de nokwaredi som Yehowa kosii sɛ owui wɔ afe 1980 mu. Owui akyi no, wɔmaa mekɔyɛɛ ɔmansin adwuma wɔ United States. Wɔ afe 1990 mu no, me ne me yere kɔsraa asafo bi wɔ Connecticut, na yehyiaa yɛn dɔfo paa bi wɔ hɔ. Ná Ben yɛ ɔpanyin wɔ asafo a ɛwɔ hɔ no mu. Ɛyɛ saa Ben no ara na ɔboaa me ma migyinaa Yehowa afã wɔ bɛyɛ mfe 50 a na atwam no. So wubetumi de w’adwene abu sɛnea yɛn ani gyei bere a yɛbam yɛn ho no?

Efi afe 1996 no, me ne Evelyn asom sɛ akwampaefo titiriw a wonni ahoɔden wɔ asafo bi a ɛwɔ Elizabeth, New Jersey, a wɔka Portugal kasa mu. Yare haw me, nanso me yere a medɔ no no boa me ma meyɛ asɛnka adwuma no sɛnea m’ahoɔden betumi. Evelyn san boa ofipamfo bi a onni ahoɔden. Wunim onipa ko? Ɛyɛ Bertha a ɔboaa me maame ma ɔbɛyɛɛ Yehowa somfo bɛboro mfe 70 a atwam no! Ɛyɛ yɛn anigye sɛ yɛanya hokwan reka anisɔ a yɛanya wɔ nea ɔyɛ de boaa m’abusua no ma wohuu nokware no ho asɛm akyerɛ no.

Ɛyɛ me anigye sɛ saa nhyiam ahorow a yɛyɛe bere bi a atwam no kanyan me ma mede me ho hyɛɛ nokware som mu, ɛma meyɛɛ me ho awiɛmfoɔ, na metrɛw me som adwuma mu. Nokwasɛm ne sɛ, saa nhyiam ahorow no sesaa m’asetena.

[Mfonini wɔ kratafa 23]

Evelyn maame (benkum) ne me maame

[Mfonini wɔ kratafa 23]

M’adamfo Ben

[Mfonini wɔ kratafa 24]

Yɛwɔ Brazil

[Mfonini wɔ kratafa 25]

Me ne Evelyn nnɛ