Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So ‘Woagye Ntini, na Woatintim Fapem no So’?

So ‘Woagye Ntini, na Woatintim Fapem no So’?

So ‘Woagye Ntini, na Woatintim Fapem no So’?

SO WOAHU sɛ mframa bi a ano yɛ den paa rebɔ dua kɛse bi pɛn? Mframa no bɔ dua no denneennen, nanso dua no ntutu. Dɛn ntia? Efisɛ agye ntini denneennen wɔ asase no mu. Yebetumi ayɛ te sɛ saa dua no. Sɛ yɛrehyia sɔhwɛ a emu yɛ den wɔ yɛn asetena mu, na sɛ ‘yɛagye ntini, na yɛatintim wɔ fapem no so’ a, yɛn nso yebetumi agyina ano. (Efe. 3:14-17) Dɛn ne saa fapem no?

Onyankopɔn Asɛm ka sɛ “Kristo Yesu ankasa” na ɔyɛ Kristofo asafo no “twea bo titiriw.” (Efe. 2:20; 1 Kor. 3:11) Wɔhyɛ yɛn a yɛyɛ Kristofo no nkuran sɛ ‘yɛnkɔ so nnantew ne mu nnye ntini, na wɔnto yɛn nsi no so, na yentintim wɔ gyidi no mu.’ Sɛ yɛyɛ saa a, yebetumi agyina biribiara a ɛsɔ yɛn gyidi hwɛ ano, a nea ɛte sɛ “adɛfɛdɛfɛsɛm” a egyina nnipa “nnaadaa hunu” so ka ho.—Kol. 2:4-8.

“Ne Tɛtrɛtɛ ne ne Tenten ne ne Sorokɔ ne Sɛnea Emu Dɔ”

Nanso, yɛbɛyɛ dɛn ‘agye ntini’ na ‘yɛatintim wɔ gyidi no mu’? Ɔkwan titiriw biako a yebetumi afa so agye ntini yiye ne sɛ yɛde nsi besua Onyankopɔn Asɛm a wɔde ne honhom kyerɛwee no. Yehowa pɛ sɛ ‘yɛne akronkronfo nyinaa hu’ nokware no ‘tɛtrɛtɛ ne ne tenten ne ne sorokɔ ne sɛnea emu dɔ.’ (Efe. 3:18) Enti, ɛnsɛ sɛ Kristoni biara ma ntease kakra a wanya no ara dɔɔso ma no, na ɔma Onyankopɔn Asɛm mu “mfitiasesɛm” a wahu no nkutoo sɔ n’ani. (Heb. 5:12; 6:1) Mmom no, ɛsɛ sɛ yɛn mu biara ma n’ani gye ho sɛ ɔbɛte nokware a ɛwɔ Bible mu no ase yiye.—Mmeb. 2:1-5.

Nanso, ɛno nkyerɛ sɛ nimdeɛ pii a yebenya ara ne ade a ehia na ama ‘yɛagye ntini, na yɛatintim’ wɔ nokware no mu. Nea enti a ɛte saa ne sɛ, Satan mpo nim nea ɛwɔ Bible mu. Yehia nea ɛsen nimdeɛ pii a yebenya kɛkɛ. Ɛsɛ sɛ ‘yehu Kristo dɔ a ɛkyɛn nimdeɛ no.’ (Efe. 3:19) Nanso, sɛ ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa ne nokware no ho anigye nti na yesua ade a, ɛnde Onyankopɔn Asɛm mu nokware nimdeɛ pii a yebenya no bɛhyɛ yɛn gyidi den.—Kol. 2:2.

Sɔ Wo Ntease Hwɛ

Dɛn nti na wonsɔ nhwɛ seesei ara sɛ wote nokware a ɛho hia a ɛwɔ Bible mu no mu kakra ase anaa? Sɛ woyɛ saa a, ebetumi ahyɛ wo nkuran ma w’ankasa woayere wo ho paa asua Bible no. Sɛ nhwɛso no, kenkan Paulo krataa a ɔde kɔmaa Efesofo no nkyekyɛm ahorow a edi kan no. (Hwɛ adaka a ɛne  “Ɔde Kɔmaa Efesofo” no.) Sɛ wokenkan saa nkyekyɛm yi wie a, bisa wo ho sɛ, ‘So mete Bible mu nsɛm a ɛwɔ adaka no mu a wɔakyeakyea no no ase?’ Ma yensusuw ho mmiako mmiako.

Wɔhyɛ Too Hɔ “Ansa na Wɔrehyɛ Wiase Ase”

Paulo kyerɛw ne mfɛfo gyidifo sɛ: “[Onyankopɔn hyɛ] too hɔ sɛ ɔnam Yesu Kristo so begye yɛn aba ne nkyɛn sɛ mma.” Nokwarem no, Yehowa bɔɔ ne tirim sɛ obegye nnipa bi sɛ mma aba n’ankasa abusua a ɛwɔ soro a emufo yɛ pɛ no mu. Nnipa a Onyankopɔn agye wɔn sɛ mma yi ne Kristo bedi ade sɛ ahene ne asɔfo. (Rom. 8:19-23; Adi. 5:9, 10) Bere a edi kan koraa a Satan sɔre tiaa Yehowa tumidi no, Satan kyerɛe sɛ asɛm wɔ nnipa a Onyankopɔn abɔ wɔn no ho. Ɛnde, hwɛ sɛnea ɛfata sɛ Yehowa apaw nkurɔfo bi afi saa nnipa abusua koro yi ara mu sɛ wonnya adwuma a awiei koraa no wɔnam so beyi nneɛma bɔne nyinaa afi amansan yi mu, a Satan Ɔbonsam a ɔde bɔne bae no ka ho no mu kyɛfa. Nanso, Yehowa anni kan anhyɛ ankorankoro a wobegye wɔn sɛ ne mma no anto hɔ. Mmom no, Onyankopɔn bɔɔ ne tirim sɛ obenya nnipakuw bi a wɔne Kristo bedi ade wɔ soro.—Adi. 14:3, 4.

“Wiase” bɛn na na ɔsomafo Paulo reka ho asɛm bere a ɔkyerɛw ne mfɛfo Kristofo sɛ sɛ́ nnipakuw no, wɔpaw wɔn “ansa na wɔrehyɛ wiase ase” no? Ná ɛnyɛ ɛbere a na Onyankopɔn nnya mmɔɔ asase anaa adesamma ho asɛm no na na ɔreka. Sɛ ɛno ho asɛm na na ɔreka a, anka ɛrenkyerɛ atɛntrenee. Sɛ na Onyankopɔn adi kan ahyɛ ato hɔ sɛ Adam ne Hawa bɛyɛ asoɔden ansa na wɔrebɔ wɔn a, ɛnde na ɛbɛyɛ dɛn na Onyankopɔn atumi abu wɔn atɛn wɔ asoɔden a wɔyɛe no ho? Sɛ ɛte saa a, bere bɛn na Onyankopɔn kyerɛɛ ɔkwan a ɔbɛfa so asiesie ɔhaw a ɛbae bere a Adam ne Hawa kɔkaa Satan ho ma wɔsɔre tiaa Onyankopɔn tumidi no? Ɛyɛ bere a yɛn awofo a wodi kan no tew atua akyi a na wonnya nwoo nnipa a wɔtɔ sin nanso wobetumi agye wɔn no ntam hɔ na Onyankopɔn kyerɛɛ bere a ɔbɛyɛ saa no.

“Sɛnea N’adom mu Ahonya no Te”

Dɛn nti na Paulo kae sɛ “sɛnea [Onyankopɔn adom] mu ahonya no te” no na ɛmaa nhyehyɛe a wɔaka ho asɛm wɔ Efesofo nhoma no nkyekyɛm ahorow a edi kan no mu no yɛɛ yiye? Ɔkaa saa asɛm no de sii so dua sɛ na ɛnyɛ nhyɛ sɛ Yehowa begye adesamma a wɔatɔ sin no.

Yɛn mu biara nni biribi titiriw biara a ebetumi ama yɛafata sɛ wogye yɛn. Nanso, ɔdɔ kɛse a Yehowa wɔ ma adesamma no na ɛkaa no ma ɔyɛɛ nsiesiei soronko a ɔbɛfa so agye yɛn. Sɛnea Paulo kae no, sɛ yesusuw yɛn sintɔ ne sɛnea yɛyɛ abɔnefo no ho a, yehu sɛ ogye a yebenya no yɛ adom ara kwa.

Onyankopɔn Atirimpɔw Ho Ahintasɛm Kronkron

Mfiase no, Onyankopɔn anna ɔkwan a na ɔbɛfa so asiesie ɔhaw a Satan de aba no adi. Ná ɛyɛ “ahintasɛm kronkron.” (Efe. 3:4, 5) Akyiri yi, bere a wɔhyehyɛɛ Kristofo asafo no, Yehowa daa ɔkwan a ɔbɛfa so ama atirimpɔw a na ɔwɔ ma adesamma ne asase fi mfiase no aba mu no ho nsɛm pii adi. Paulo kyerɛkyerɛɛ mu sɛ ‘ɛbere no sõe’ no, Onyankopɔn ‘dii nneɛma ho dwuma,’ kyerɛ sɛ, ɔtotoo nneɛma a na ɛbɛma waka n’abɔde a wɔwɔ nyansa nyinaa abom.

Saa nkabom no fã a edi kan no fii ase wɔ Pentekoste 33 Y.B. mu, bere a Yehowa fii ase boaboaa nnipa a wɔne Kristo bedi hene wɔ soro no ano no. (Aso. 1:13-15; 2:1-4) Ná ɔfã a ɛto so abien no bɛyɛ wɔn a wɔbɛtena paradise asase so wɔ Kristo Mesia Ahenni no ase a wɔbɛboaboa wɔn ano. (Adi. 7:14-17; 21:1-5) Asɛm a ɛne ‘di nneɛma ho dwuma’ no mfa Mesia Ahenni no ho, efisɛ wɔanhyehyɛ saa Ahenni no kosii afe 1914. Mmom no, saa asɛm no fa ɔkwan a Onyankopɔn fa so toto nneɛma ho sɛnea ɛbɛyɛ a obedi n’atirimpɔw a ɛne sɛ ɔbɛka abɔde nyinaa abom no ho dwuma.

Yɛ ‘Onipa a Wanyin wɔ Nsɛm Ho Ntease Mu’

Akyinnye biara nni ho sɛ, sɛ woyɛ nhyehyɛe pa de sua ade a, ɛbɛboa wo ma woate nokware no “tɛtrɛtɛ ne ne tenten ne ne sorokɔ ne sɛnea emu dɔ” no ase yiye. Nanso, ebetumi aba nso sɛ esiane adagyew a nnipa nni nnɛ nti ɛma ɛyɛ mmerɛw ma Satan sɛ ɔbɛma yɛagow yɛn ho anaasɛ yɛagyae nhyehyɛe pa a yɛyɛ de sua ade no mu koraa. Mma kwan mma ɔnyɛ wo saa. Fa “adwene” a Onyankopɔn de ama wo no di dwuma, na ama woayɛ ‘onipa a wanyin wɔ nsɛm ho ntease mu.’ (1 Yoh. 5:20; 1 Kor. 14:20) Hwɛ sɛ wunim nea enti a wugye nea wugye di no di, na wubetumi akyerɛkyerɛ ‘anidaso a ɛwɔ wo mu’ no mu bere biara.—1 Pet. 3:15.

Fa no sɛ na wowɔ Efeso wɔ bere a edi kan a wɔkenkan Paulo krataa no. So anka ne nsɛm no renka wo koma mma wunnya ɔpɛ sɛ wubenyin wɔ “Onyankopɔn Ba no ho nokware nimdeɛ mu”? (Efe. 4:13, 14) Akyinnye biara nni ho sɛ anka ɛbɛka wo koma! Enti, ma asɛm a Onyankopɔn honhom maa Paulo kyerɛwee no nka wo koma saa ara nnɛ. Sɛ wunya ɔdɔ kɛse ma Yehowa, na wunya n’Asɛm no mu nokware nimdeɛ a, ɛbɛboa wo ma woakɔ so ‘agye ntini, na woatintim fapem no’ a ɔne Kristo no “so” pintinn. Sɛ woyɛ saa a, wubetumi agyina sɔhwɛ biara a ɛte sɛ mframa a ano yɛ den biara a ebia Satan bɛma abɔ wo ansa na wiase bɔne yi aba awiei koraa no ano.—Dw. 1:1-3; Yer. 17:7, 8.

[Adaka/​Mfonini wɔ kratafa 27]

 “Ɔde Kɔmaa Efesofo”

“Nhyira nka yɛn Awurade Yesu Kristo Agya ne ne Nyankopɔn sɛ ɔde honhom fam nhyira nyinaa ahyira yɛn Kristo mu wɔ ɔsoro, sɛnea ɔpaw yɛn kaa ne ho ansa na wɔrehyɛ wiase ase, sɛ yɛnyɛ kronn a dɛm biara nni yɛn ho Onyankopɔn anim wɔ ɔdɔ mu no. Na ɔhyɛ too hɔ sɛ ɔnam Yesu Kristo so begye yɛn aba ne nkyɛn sɛ mma sɛnea ɔpɛ na ɛsɔ n’ani, na ayɛ ayeyi ama n’anuonyam adom a ofi ayamye mu de adom yɛn denam nea ɔdɔ no no so. Ɛnam no so na yɛanya ogye wɔ ne mogya mu, yiw, yɛn mfomso ho fafiri sɛnea n’adom mu ahonya no te. Eyi na ɔma ɛboroo so maa yɛn wɔ nyansa ne ntease nyinaa mu, kyerɛ sɛ, ɔma yehuu ne pɛ ho ahintasɛm kronkron. Ɛno na ɛsɔ n’ani sɛnea n’ankasa abɔ ne tirim sɛ bere no sõ a, obedi nneɛma ho dwuma no, kyerɛ sɛ, ɔbɛka nneɛma nyinaa abom bio wɔ Kristo mu, nea ɛwɔ soro ne nea ɛwɔ asase so.”—Efe. 1:3-10.