Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Woayi Bere Pɔtee Bi Asi Hɔ a Wode Sua Bible?

So Woayi Bere Pɔtee Bi Asi Hɔ a Wode Sua Bible?

So Woayi Bere Pɔtee Bi Asi Hɔ a Wode Sua Bible?

AFE a etwaam no, Sodikuw no bɔɔ amanneɛ sɛ wɔayɛ nsakrae wɔ nna a yɛde kɔ asafo nhyiam no mu a ɛbɛma yɛanya bere pii de asua Bible na mmusua abom de asua ade. Sɛ woyɛ abusua ti a, hwɛ sɛ wo ne wo yere ne wo mma besua Bible daa ma obiara anya so mfaso. Ɛyɛ papa sɛ awarefo a wonni mma nso de saa bere no bom sua Bible. Anuanom mmarima ne mmea a wɔyɛ asigyafo a wonni abusua mu asɛyɛde biara no betumi de saa bere yi ayɛ wɔn ankasa Bible adesua.

Anuanom pii akyerɛ anisɔ wɔ nhyehyɛe a wɔayɛ ama Abusua Som a wɔyɛ no anwummere no ho. Sɛ nhwɛso no, Kevin a ɔyɛ asafo mu panyin no kyerɛwee sɛ: “Yɛn a yɛwɔ asafo no mu no rentumi nka kɛkɛ sɛ ‘yɛda mo ase’ mfa nkyerɛ sɛnea yɛn ani asɔ saa nhyehyɛe yi kɛse no. Yɛn a yɛyɛ asafo mu mpanyimfo no asusuw sɛnea yɛde anwummere a yɛmmfa nnkɔ asafo nhyiam no yɛ nea Sodikuw no aka sɛ yɛmfa nyɛ no pɛpɛɛpɛ ho—sɛ́ yɛne yɛn mmusua mfa nsua ade.”

Jodi a ne kunu yɛ asafo mu panyin kyerɛwee sɛ: “Yɛwɔ mmabea baasa a wɔadi mfe 15, 11, ne 2. Yɛafi yɛn asafo mu akɔ asafo a wɔka mum kasa mu nnansa yi ara. Egye bere pii ne mmɔdenbɔ kɛse na yɛde asua biribiara a yebesusuw ho wɔ asafo nhyiam ase no. Esiane nsakrae a wɔayɛ seesei nti, yɛanya anwummere biako aka nea na yɛwɔ no ho, na ama yenya bere de yɛ yɛn abusua som!”

Awarefo bi a wɔfrɛ wɔn John ne JoAnn a wɔyɛ daa akwampaefo kyerɛwee sɛ: “Esiane asafo dwumadi ahorow a na ɛsɛ sɛ yɛyɛ nti, na yɛntaa nyɛ yɛn abusua Bible adesua. yɛde bere a saa nhyehyɛe foforo yi ama yɛanya no yɛ nea ɛsɛ sɛ yɛde yɛ no a, yebehu sɛ ɛyɛ akyɛde a efi Yehowa hɔ a ɛhyɛ yɛn den wɔ ne som mu.”

Onua bi a wɔfrɛ no Tony a ɔyɛ osigyani a wadi bɛyɛ mfe 25 no ayi Benada anwummere asi hɔ a ɔno ankasa de sua ade. Ɔde mmere foforo a aka wɔ dapɛn no mu no siesie ne ho ma asafo nhyiam ahorow. Nanso, Tony ka sɛ, “Mede anigye hwɛ Benada kwan paa.” Dɛn ntia? “Saa anwummere no yɛ bere titiriw a mede bɛn Yehowa paa.” Tony kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Mede bɛyɛ nnɔnhwerew abien sua nneɛma a ɛma me ne Yehowa ntam yɛ papa paa. Esiane sɛ minya bere pii sua ade nti, ɛma mitumi dwinnwen Bible mu nsɛm a mekenkan no ho.” Dɛn na afi mu aba? Ɔka sɛ: “Yehowa afotu resian kɔ me komam tɔnn sen kan no.” So obetumi ama nhwɛso bi? Ɔtoa so sɛ: “Makenkan Dawid ne Yonatan adamfofa no ho asɛm wɔ Insight nhoma no mu. Misuaa nneɛma pii fii sɛnea Yonatan de ne ho nyinaa maa Dawid no mu. Ne nhwɛso no boaa me ma mihuu nea ɛma yehu sɛ obi yɛ adamfo pa ankasa no yiye. Mehwɛ kwan paa sɛ Benada anwummere biara mesua nneɛma foforo a ɛsom bo saa!”

Akyinnye biara nni ho sɛ, sɛ Yehowa asomfo nyinaa de saa anwummere a yɛmmfa nnkɔ asafo nhyiam a seesei yɛanya a yɛde sua Bible na yɛde yɛ abusua som a mfaso wɔ so no di dwuma yiye a, ɛbɛboa yɛn paa.