Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Abeawa Bi Ayɛ Ade Kɛse

Abeawa Bi Ayɛ Ade Kɛse

Abeawa Bi Ayɛ Ade Kɛse

NNANSA yi, abeawa bi a wadi mfe akron a ofi Brazil ankasa kyɛɛ sika a na ɔde asie mu abien—dɔla 18 ne dɔla 25. Ɔde sika no mu ketewa no kɔtoo ntoboa adaka a ɛwɔ n’asafo no Ahenni Asa so mu sɛ wɔmfa ntew ɛka a asafo no bɔ so. Afei ɔkyerɛw krataa tiatiaa bi kaa sika no mu kɛse no ho de kɔmaa Yehowa Adansefo adwumayɛbea a ɛwɔ ne man mu no. Ɔkae wɔ ne krataa no mu sɛ: “Mepɛ sɛ mede saa ntoboa yi boa wiase nyinaa adwuma no. M’ani gye ho sɛ mɛboa anuanom mmarima ne mmea pii a wɔwɔ wiase nyinaa ma wɔaka asɛmpa no. Ɔdɔ kɛse a mewɔ ma Yehowa nti na mede sika yi rema.”

Saa abeawa no awofo akyerɛkyerɛ no ma wahu mfaso a ɛwɔ so sɛ ɔno ankasa yɛ nea obetumi biara de yɛ Ahenni asɛnka adwuma no bi. Wɔama wahu hia a ehia nso sɛ ɔde ‘n’ahonyade hyɛ Yehowa anuonyam.’ (Mmeb. 3:9) Momma yɛn nyinaa mfa nsi mmoa Ahenni adwuma no wɔ yɛn man mu ne wiase nyinaa te sɛ saa abeawa no.