Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Dɛn Na Wo Mpaebɔ Ka Fa Wo Ho?

Dɛn Na Wo Mpaebɔ Ka Fa Wo Ho?

Dɛn Na Wo Mpaebɔ Ka Fa Wo Ho?

“O mpaebɔ Tiefo, wo nkyɛn na ɔhonam nyinaa bɛba.”—DW. 65:2.

1, 2. Dɛn nti na Yehowa asomfo betumi de ahotoso abɔ no mpae?

YEHOWA nsiw n’aso wɔ n’asomfo anokwafo adesrɛ ho da. Yebetumi anya ahotoso sɛ otie yɛn. Sɛ Yehowa Adansefo ɔpepem pii bɔ Onyankopɔn mpae wɔ bere koro mu mpo a, ɔrenka nkyerɛ wɔn mu biako mpo sɛ ‘ɔntwɛn kakra.’

2 Esiane sɛ na odwontofo Dawid wɔ ahotoso sɛ Onyankopɔn atie n’adesrɛ nti, ɔtoo dwom sɛ: “O mpaebɔ Tiefo, wo nkyɛn na ɔhonam nyinaa bɛba.” (Dw. 65:2) Nea enti a wobuaa Dawid mpaebɔ ne sɛ na ɔyɛ Yehowa somfo nokwafo. Yebetumi abisa yɛn ho sɛ: ‘So me nkotɔsrɛ kyerɛ sɛ mewɔ Yehowa mu ahotoso, na ɔsom kronn ne ade a ɛho hia me paa? Dɛn na me mpaebɔ ka fa me ho?’

Fa Ahobrɛase Kɔ Yehowa Anim

3, 4. (a) Su bɛn na ɛsɛ sɛ yɛde kɔ Onyankopɔn anim wɔ mpaebɔ mu? (b) Sɛ yɛayɛ bɔne a anibere wom na ayɛ yɛn so “dadwen” a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?

3 Sɛ wobebua yɛn mpaebɔ a, ɛsɛ sɛ yɛde ahobrɛase kɔ Onyankopɔn anim. (Dw. 138:6) Ɛsɛ sɛ yɛka kyerɛ Yehowa sɛ ɔnhwehwɛ yɛn mu sɛnea Dawid yɛe no. Dawid kae sɛ: “O Onyankopɔn, pɛɛpɛɛ me mu, na hu nea ɛwɔ me koma mu. Hwehwɛ me mu, na hu me mu dadwen, na hwɛ sɛ mmusu kwan bi wɔ me mu anaa, na fa me si mmeresanten kwan so.” (Dw. 139:23, 24) Ɛnyɛ mpae nkutoo na ɛsɛ sɛ yɛbɔ, na mmom ɛsɛ sɛ yɛma Onyankopɔn hwehwɛ yɛn mu na yetie afotu a ɛwɔ n’Asɛm mu nso. Yehowa betumi de yɛn asi “mmeresanten kwan so,” kyerɛ sɛ, ɔbɛboa yɛn ma yɛafa ɔkwan a ɛkɔ daa nkwa mu no so.

4 Na sɛ yɛayɛ bɔne a anibere wom na ayɛ yɛn so “dadwen” nso ɛ? (Monkenkan Dwom 32:1-5.) Sɛ yɛn ahonim bu yɛn fɔ na yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛka ahyɛ a, ebetumi ama yɛn ahoɔden so atew te sɛ nea ɔpɛ bere mu hyew twe dua bi mu nsu no. Esiane bɔne a Dawid yɛe nti, na n’ani nnye, na ebia a ɛbɔɔ no yare mpo. Nanso, hwɛ sɛnea ne ho tɔɔ no bere a ɔkaa ne bɔne kyerɛɛ Onyankopɔn no! Hwɛ sɛnea Dawid ani gyei bere a ohui sɛ “wɔde ne mmarato afiri no,” na Yehowa de ne bɔne akyɛ no no. Sɛ obi a wayɛ bɔne ka ne bɔne kyerɛ Onyankopɔn a, ebetumi ama ne ho atɔ no, na mmoa a Kristofo asafo mu mpanyimfo de bɛma no no nso bɛboa no ma ɔne Yehowa ntam asan ayɛ papa.—Mmeb. 28:13; Yak. 5:13-16.

Kotow Srɛ Onyankopɔn na Da No Ase

5. Sɛ́ yɛbɛkotow asrɛ Yehowa no kyerɛ dɛn?

5 Sɛ biribi nti adwinnwen ahyɛ yɛn so a, ɛsɛ sɛ yɛde Paulo afotu a edi so yi yɛ adwuma. Ɔkae sɛ: “Munnnwinnwen biribiara nnhaw mo ho, na mmom momfa mpaebɔ ne nkotɔsrɛ ne aseda so mfa mo adesrɛ nto Onyankopɔn anim ade nyinaa mu.” (Filip. 4:6) Nea “nkotɔsrɛ” kyerɛ ne sɛ “yɛbɛsrɛ biribi ahobrɛase mu.” Bere a asiane ato yɛn anaasɛ yɛrehyia ɔtaa titiriw na ɛsɛ sɛ yɛsrɛ Yehowa sɛ ɔmmoa yɛn na ɔmma yɛn akwankyerɛ.

6, 7. Nneɛma bɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛda Yehowa ase wɔ yɛn mpaebɔ mu?

6 Nanso, sɛ bere a yehia biribi nkutoo na yɛbɔ mpae a, ɛno bɛkyerɛ sɛ yɛne Yehowa ntam te dɛn? Paulo kae sɛ, ɛsɛ sɛ ‘yɛfa aseda so’ de yɛn adesrɛ to Onyankopɔn anim. Akyinnye biara nni ho sɛ, sɛnea Dawid yɛe no, yɛwɔ nea enti a ɛsɛ sɛ yɛda Yehowa ase. Ɔkae sɛ: “O Yehowa, wo na kɛseyɛ ne tumi ne hyerɛn ne anuonyam ne nidi wɔ wo; na nea ɛwɔ ɔsoro ne asase so nyinaa yɛ wo dea. O Yehowa, wo na ahenni wɔ wo, na wo nso na wokorɔn sen ade nyinaa. . . . Afei yɛn Nyankopɔn, yɛda wo ase, na yeyi w’anuonyam din no ayɛ.”—1 Be. 29:11-13.

7 Yesu daa Onyankopɔn ase wɔ aduan ho, na ɔdaa no ase nso wɔ paanoo ne bobesa a wɔde yɛɛ Awurade Anwummeduan no ho. (Mat. 15:36; Mar. 14:22, 23) Aseda a yɛde bɛma wɔ nneɛma a ɛtete saa ho akyi no, ɛsɛ sɛ ‘yɛda Yehowa ase’ wɔ ‘anwonwadwuma a wayɛ ama nnipa mma,’ ne ne “trenee atemmusɛm,” ne n’asɛm a seesei ɛwɔ Bible mu no ho.—Dw. 107:15; 119:62, 105.

Bɔ Mpae ma Afoforo

8, 9. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛbɔ mpae ma yɛn mfɛfo Kristofo?

8 Akyinnye biara nni ho sɛ yɛbɔ mpae ma yɛn ho, nanso ɛsɛ sɛ yɛbɔ mpae ma afoforo—a Kristofo a yennim wɔn din mpo ka ho. Ebetumi aba sɛ na ɔsomafo Paulo nnim gyidifo a na wɔwɔ Kolose no nyinaa, nanso ɔkyerɛwee sɛ: “Bere biara a yɛbɛbɔ mpae ama mo no, yɛda Onyankopɔn a ɔne yɛn Awurade Yesu Kristo Agya no ase, efisɛ yɛate mo gyidi wɔ Kristo Yesu mu no ho asɛm ne ɔdɔ a modɔ akronkronfo nyinaa.” (Kol. 1:3, 4) Paulo san bɔɔ mpae maa Kristofo a na wɔwɔ Tesalonika no. (2 Tes. 1:11, 12) Mpaebɔ a ɛte saa ka nsɛm pii fa yɛn ankasa ho ne adwene a yɛwɔ wɔ yɛn nuanom Kristofo ho.

9 Mpae a yɛbɔ ma Kristofo a wɔasra wɔn ne wɔn ahokafo “nguan foforo” no da no adi sɛ yedwen Onyankopɔn ahyehyɛde no ho. (Yoh. 10:16) Paulo ka kyerɛɛ ne mfɛfo asomfo sɛ wɔmmɔ mpae mma no sɛnea ɛbɛyɛ a ‘obetumi akasa de ada asɛmpa no ho ahintasɛm kronkron no adi.’ (Efe. 6:17-20) So yɛbɔ mpae ma yɛn mfɛfo Kristofo wɔ saa kwan yi so?

10. Sɛ yɛbɔ mpae ma afoforo a, ebetumi aka yɛn dɛn?

10 Sɛ yɛbɔ mpae ma afoforo a, ebetumi ama yɛasesa adwene a yɛwɔ wɔ wɔn ho. Sɛ yɛmpɛ obi asɛm na sɛ yɛbɔ mpae ma no a, ɛbɛyɛ dɛn na yɛatumi asan atan saa onipa no? (1 Yoh. 4:20, 21) Mpaebɔ a ɛte saa hyɛ gyidi den, na ɛma yɛne yɛn nuanom yɛ biako. Bio nso, mpaebɔ a ɛte saa da no adi sɛ yɛwɔ ɔdɔ a ɛte sɛ Kristo de no bi. (Yoh. 13:34, 35) Saa su no yɛ Onyankopɔn honhom aba no fã. So yɛn mu biara bɔ mpae hwehwɛ honhom kronkron, na yɛsrɛ Yehowa sɛ ɔmmoa yɛn mma yɛnna honhom no aba a ɛne ɔdɔ, anigye, asomdwoe, abodwokyɛre, ayamye, papayɛ, gyidi, odwo, ne ahosodi adi? (Luka 11:13; Gal. 5:22, 23) Sɛ yɛyɛ saa a, yɛn kasa ne yɛn nneyɛe bɛkyerɛ sɛ yɛrenantew honhom mu, na yɛte ase honhom mu.—Monkenkan Galatifo 5:16, 25.

11. Dɛn nti na wubetumi aka sɛ ɛfata sɛ yɛbɛka akyerɛ afoforo sɛ wɔmmɔ mpae mma yɛn?

11 Sɛ yehu sɛ yɛn mma pɛ sɛ wowia sɔhwɛ mu wɔ sukuu a, ɛsɛ sɛ yɛbɔ mpae ma wɔn na yɛde Kyerɛwnsɛm no nso boa wɔn sɛnea ɛbɛyɛ a wobedi nokware, na wɔanyɛ bɔne biara. Paulo ka kyerɛɛ Kristofo a wɔwɔ Korinto no sɛ: “Yɛbɔ Onyankopɔn mpae na moanyɛ bɔne biara.” (2 Kor. 13:7) Mpae a ɛte saa a yefi ahobrɛase mu bɔ no sɔ Yehowa ani, na ɛkyerɛ sɛ yɛreyɛ nea ɛfata. (Monkenkan Mmebusɛm 15:8.) Yebetumi aka akyerɛ afoforo sɛ wɔmmɔ mpae mma yɛn sɛnea ɔsomafo Paulo yɛe no. Ɔkyerɛwee sɛ: “Monkɔ so mmɔ mpae mma yɛn, na yegye di sɛ yɛwɔ ahonim pa, efisɛ yɛpɛ sɛ yɛde nokwaredi bɔ yɛn bra wɔ biribiara mu.”—Heb. 13:18.

Nneɛma Foforo a Yɛn Mpaebɔ Ka Fa Yɛn Ho

12. Nneɛma titiriw bɛn na ɛsɛ sɛ yɛbɔ ho mpae?

12 So yɛn mpaebɔ kyerɛ sɛ yɛyɛ Yehowa Adansefo a yɛwɔ anigye na yɛyɛ nsi? So nneɛma titiriw a yɛn nkotɔsrɛ fa ho ne Onyankopɔn apɛde a yɛbɛyɛ, Ahenni no ho asɛm a yɛbɛka, Yehowa tumidi a yɛbɛma nkurɔfo ahu sɛ ɛno na ɛfata, ne ne din ho a yɛbɛtew? Ɛsɛ sɛ eyinom titiriw na yɛbɔ ho mpae sɛnea Yesu ma ɛdaa adi wɔ ne mpaebɔ a ɔde yɛɛ nhwɛso no mu no. Ofii ase sɛ: “Yɛn Agya a wowɔ soro, wo din ho ntew. W’ahenni mmra. W’apɛde nyɛ hɔ wɔ asase so te sɛ ɔsoro.”—Mat. 6:9, 10.

13, 14. Dɛn na yɛn mpaebɔ da no adi wɔ yɛn ho?

13 Mpae a yɛbɔ Onyankopɔn no ma adwene a yɛwɔ, nneɛma a yɛn ani gye ho, ne nea yɛpɛ da adi. Yehowa nim sɛnea yɛte ankasa. Mmebusɛm 17:3 ka sɛ: “Ɔnanfo kuku wɔ hɔ ma dwetɛ, na fononoo wɔ hɔ ma sika, na Yehowa na ɔhwehwɛ koma mu.” Onyankopɔn hu nea ɛwɔ yɛn komam. (1 Sam. 16:7) Yehowa nim adwene a yɛwɔ wɔ yɛn asafo nhyiam, asɛnka adwuma no, ne yɛn nuanom Kristofo ho. Yehowa nim adwene a yɛwɔ wɔ Kristo “nuanom” ho nso. (Mat. 25:40) Sɛ ade a yɛrebɔ ho mpae no yɛ nea yɛpɛ ankasa a, onim, na sɛ nsɛm bi na yɛretĩ mu kɛkɛ nso a, onim. Yesu kae sɛ: “Sɛ worebɔ mpae a, ntĩ nsɛm koro no ara mu nka no mpɛn pii sɛnea amanaman mufo yɛ no, [wodi mfomso susuw] sɛ wɔn nsɛm dodow nti wobetie wɔn.”—Mat. 6:7.

14 Nsɛm a yɛka wɔ yɛn mpaebɔ mu nso kyerɛ sɛnea yɛwɔ Onyankopɔn mu ahotoso. Dawid kae sɛ: “[Yehowa] wone me guankɔbea, ne m’abannennen, m’atamfo anim. Mɛsoɛ wo ntamadan mu afebɔɔ; wo ntaban ase na meguan abɛtɛw.” (Dw. 61:3, 4) Sɛ Onyankopɔn ‘trɛw ne ntamadan mu wɔ yɛn so’ a, yenya ahotɔ ne n’ahobammɔ. (Adi. 7:15) Hwɛ sɛnea ɛyɛ awerɛkyekye sɛ yɛbɛbɛn Yehowa wɔ mpaebɔ mu a yɛwɔ ahotoso sɛ ‘ɔwɔ yɛn afã’ wɔ yɛn gyidi ho sɔhwɛ biara a yɛrehyia mu!—Monkenkan Dwom 118:5-9.

15, 16. Dɛn na mpaebɔ betumi aboa yɛn ma yɛahu afa ɔpɛ a yɛwɔ sɛ yebenya ɔsom hokwan ahorow wɔ asafo no mu ho?

15 Sɛ yefi yɛn komam bɔ Yehowa mpae wɔ biribi a yɛpɛ sɛ yɛyɛ ho a, ebetumi aboa yɛn ma yɛahu nea enti a yɛpɛ sɛ yɛyɛ saa. Sɛ nhwɛso no, so afoforo a yɛpɛ sɛ yɛboa wɔn, ne nea yebetumi biara a yɛpɛ sɛ yɛyɛ de boa ma Ahenni adwuma no nya nkɔso ankasa nti na yɛpɛ paa sɛ yɛyɛ ahwɛfo wɔ Onyankopɔn nkurɔfo mu? Anaasɛ ebia yɛpɛ sɛ ‘yedi kan,’ anaa mpo yɛpɛ sɛ ‘yedi afoforo so bakoma’ ntia? Ɛnsɛ sɛ ɛba saa wɔ Yehowa nkurɔfo mu. (Monkenkan 3 Yohane 9, 10; Luka 22:24-27.) Sɛ ɛnyɛ adwempa na yɛde bɔ nea yɛpɛ no ho mpae a, mpae a yebefi yɛn komam abɔ Yehowa Nyankopɔn no betumi ama saa adwene no ada adi na aboa yɛn ma yɛasesa yɛn adwene ansa na agye ntini wɔ yɛn mu.

16 Ebia ɔyerenom a wɔyɛ Kristofo pɛ paa sɛ wɔn kununom som sɛ asafo mu asomfo, na ebia bere bi akyi no, wɔabɛyɛ ahwɛfo anaa mpanyimfo. Saa anuanom mmea yi betumi abɔ mmɔden ayɛ nhwɛso pa wɔ wɔn abrabɔ mu ma ɛne nsɛm a wɔka wɔ wɔn ankasa mpaebɔ mu no ahyia. Eyi ho hia, efisɛ sɛnea ɔbarima bi abusua mufo kasa ne wɔn abrabɔ betumi aka sɛnea afoforo bu no wɔ asafo no mu.

Mpae a Wogyina Afoforo Ananmu Bɔ wɔ Baguam

17. Dɛn nti na ɛfata sɛ yɛn nkutoo bɔ mpae wɔ kokoam?

17 Ná Yesu taa fi nnipakuw no mu kɔbɔ n’Agya mpae wɔ kokoam. (Mat. 14:13; Luka 5:16; 6:12) Ehia sɛ yɛn nkutoo nso bɔ mpae wɔ kokoam. Sɛ yɛbɔ mpae komm wɔ baabi a ɛhɔ yɛ dinn a, ɛda adi sɛ yebetumi asisi gyinae a ɛsɔ Yehowa ani, na aboa yɛn ma yɛayɛ den wɔ ne som mu. Yesu bɔɔ mpae wɔ baguam nso, na eye sɛ yebesusuw sɛnea yebetumi ayɛ eyi wɔ ɔkwampa so ho.

18. Sɛ anuanom mmarima gyina asafo no ananmu rebɔ mpae wɔ baguam a, nneɛma a ɛsɛ sɛ wɔma ɛtena wɔn adwenem no bi ne dɛn?

18 Mmarima anokwafo na wogyina asafo no ananmu bɔ mpae wɔ baguam wɔ yɛn nhyiam ahorow ase. (1 Tim. 2:8) Ɛsɛ sɛ yɛn mfɛfo gyidifo tumi ka sɛ “amen,” a nea ɛkyerɛ ne sɛ, “ɛnyɛ hɔ” wɔ mpae a ɛte saa awiei. Nanso, sɛ wobetumi agye so a, gye sɛ wɔpene nsɛm a wɔkae no so. Asɛm a ɛyɛ ahodwiriw anaa ɛhaw adwene biara nni mpae a Yesu de yɛɛ nhwɛso no mu. (Luka 11:2-4) Bio nso, wanka ankorankoro a na wɔretie no no mu biara ahiade anaa wɔn haw ho asɛm mmiako mmiako. Ɛfata sɛ yɛbɔ ankorankoro haw ho mpae wɔ kokoam, na ɛnyɛ baguam. Na sɛ yegyina nnipakuw bi ananmu rebɔ mpae a, ɛnsɛ sɛ yɛka kokoam nsɛm wom.

19. Sɛ wɔrebɔ mpae wɔ baguam a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ yɛn ade dɛn?

19 Sɛ obi gyina yɛn ananmu rebɔ mpae wɔ baguam a, ɛsɛ sɛ yɛda no adi sɛ yɛwɔ ‘Onyankopɔn ho suro’ pa. (1 Pet. 2:17) Ebia mmere bi ne mmeae bi wɔ hɔ a ɛbɛfata sɛ yɛyɛ nneɛma bi, nanso ɛremfata sɛ yɛyɛ saa nneɛma no wɔ Kristofo nhyiam ase. (Ɔsɛnk. 3:1) Sɛ nhwɛso no, fa no sɛ obi pɛ sɛ ɔne afoforo suso wɔn nsam bere a wɔrebɔ mpae wɔ baguam. Ebia eyi betumi ahaw ebinom anaasɛ atwetwe wɔn adwene, a ahɔho a wɔnyɛ gyidifo nso ka ho. Awarefo binom betumi afa anifere kwan so aso wɔn nsam, nanso sɛ wɔbam wɔn ho bere a obi gyina wɔn ananmu rebɔ mpae wɔ baguam wɔ asafo no mu a, ebetumi ato wɔn a wobehu adeyɛ a ɛte saa no hintidua. Ebia wobenya adwene sɛ, sɛ́ anka awarefo no de obu bɛma Yehowa saa bere no, ɔdɔ mmom na wɔredi. Esiane obu kɛse a yɛwɔ ma Yehowa nti, momma ‘yɛnyɛ nneɛma nyinaa mfa nhyɛ Onyankopɔn anuonyam,’ na mommma yɛnnyɛ nneɛma a ebetumi atwetwe obi adwene, ebetumi ama ne ho adwiriw no, anaasɛ ebetumi ato no hintidua.—1 Kor. 10:31, 32; 2 Kor. 6:3.

Dɛn na Ɛsɛ sɛ Yɛbɔ Ho Mpae?

20. Wobɛkyerɛkyerɛ Romafo 8:26, 27 mu dɛn?

20 Mmere bi wɔ hɔ a ebia yɛrenhu nea yɛnka ho asɛm wɔ yɛn ankasa mpaebɔ mu. Paulo kyerɛwee sɛ: “Nea ehia sɛ yɛbɔ ho mpae sɛnea ɛsɛ sɛ yɛyɛ no, yennim, nanso honhom [kronkron] no ara srɛ ma yɛn, apini a empue ho. Nanso [Onyankopɔn a] ɔhwehwɛ koma mu no te honhom no ase.” (Rom. 8:26, 27) Yehowa ma wɔkyerɛw mpaebɔ pii wɔ Kyerɛwnsɛm no mu. Ɔfa adesrɛ a honhom no ma wɔkyerɛwee no sɛ adesrɛ a yɛpɛ sɛ yɛde to n’anim ma enti odi ho dwuma ma yɛn. Onyankopɔn nim yɛn, na ɔte nneɛma a ɔmaa ne honhom kaa Bible akyerɛwfo ma wɔkyerɛwee no ase. Sɛ honhom no “srɛ,” anaasɛ edi ma yɛn a, Yehowa tie yɛn adesrɛ no. Nanso, sɛ yehu Onyankopɔn Asɛm no mu yiye a, nea ɛsɛ sɛ yɛbɔ ho mpae no betumi aba yɛn adwenem ntɛm ara.

21. Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua a edi hɔ no mu?

21 Sɛnea yɛahu no, yɛn mpaebɔ ka pii fa yɛn ho. Sɛ nhwɛso no, ebetumi ama yɛahu sɛnea yɛabɛn Yehowa ne sɛnea yenim n’Asɛm no mu yiye. (Yak. 4:8) Yebesusuw mpaebɔ ahorow bi ne mpaebɔ mu nsɛm a ɛwɔ Bible mu ho wɔ adesua a edi hɔ no mu. Kyerɛwnsɛm no mu nhwehwɛmu a ɛte saa a yɛbɛyɛ no bɛka sɛnea yɛkɔ Onyankopɔn anim wɔ mpaebɔ mu no dɛn?

Wubebua Dɛn

• Su bɛn na ɛsɛ sɛ yɛde kɔ Yehowa anim wɔ mpaebɔ mu?

• Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛbɔ mpae ma yɛn mfɛfo gyidifo?

• Dɛn na yɛn mpaebɔ betumi ama ada adi wɔ yɛn ankasa ho ne nea yɛpɛ sɛ yɛyɛ ho?

• Sɛ wɔrebɔ mpae wɔ baguam a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ yɛn ade dɛn?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 4]

So wuyi Yehowa ayɛ, na woda no ase daa?

[Mfonini wɔ kratafa 6]

Ɛsɛ sɛ sɛnea yɛyɛ yɛn ade bere a wɔrebɔ mpae wɔ baguam no hyɛ Yehowa anuonyam bere nyinaa