Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Fa Hokwan A Wowɔ Boa Asafo No

Fa Hokwan A Wowɔ Boa Asafo No

Fa Hokwan A Wowɔ Boa Asafo No

“Onyankopɔn de akwaa yi mu biara ahyɛ nipadua no mu sɛnea ɔpɛ.”—1 KOR. 12:18.

1, 2. (a) Dɛn na ɛkyerɛ sɛ asafo no muni biara betumi anya hokwan a n’ani betumi asɔ? (b) Nsɛmmisa bɛn na yɛrebesusuw ho wɔ adesua yi mu?

ASAFO no na Yehowa nam so ahwɛ ne nkurɔfo na wakyerɛ wɔn kwan fi tete Israel bere so. Sɛ nhwɛso no, bere a Israelfo sɛee Ai kurow no, Yosua kenkan “mmara no mu nsɛm nyinaa, nhyira ne nnome, sɛnea wɔakyerɛw wɔ mmara nhoma no mu . . . [wɔ] Israel asafo no nyinaa” anim.—Yos. 8:34, 35.

2 Wɔ afeha a edi kan Y.B. mu no, ɔsomafo Paulo ka kyerɛɛ Timoteo a na ɔyɛ ɔpanyin wɔ Kristofo asafo no mu no sɛ, Kristofo asafo no yɛ “Onyankopɔn fie” ne “nokware no dum ne ne nnyinaso.” (1 Tim. 3:15) Ɛnnɛ, Onyankopɔn “fie” no ne nokware Kristofo a wɔyɛ anuanom a wɔwɔ wiase nyinaa no. Paulo de asafo no totoo nipadua ho wɔ ne krataa a edi kan a Onyankopɔn honhom kaa no ma ɔkyerɛw kɔmaa Korintofo no ti 12 mu. Ɔkae sɛ, ɛwom sɛ ɛsono adwuma a akwaa no mu biara yɛ de, nanso ne nyinaa ho hia. Paulo kyerɛwee sɛ, “Onyankopɔn de akwaa yi mu biara ahyɛ nipadua no mu sɛnea ɔpɛ.” Ɔkae mpo sɛ “nipadua mu akwaa a yesusuw sɛ enni nidi no, ɛno na yɛde nidi pii hyehyɛ no.” (1 Kor. 12:18, 23) Enti, adwuma a ɔtreneeni bi yɛ wɔ Onyankopɔn fie no nsom bo anaasɛ ɛmma fam nsen nea Kristoni nokwafo foforo bi yɛ. Nsonsonoe kɛkɛ na ɛwom. Ɛnde, yɛbɛyɛ dɛn atumi ahu hokwan a yɛwɔ wɔ Onyankopɔn asafo no mu, na yɛakyerɛ ho anisɔ? Nneɛma bɛn na ebetumi aka hokwan a yɛwɔ no? Na yɛbɛyɛ dɛn atumi ‘ama yɛn nkɔso ada adi wɔ nnipa nyinaa anim’?—1 Tim. 4:15.

Yɛbɛyɛ Dɛn Atumi Aboa Asafo No?

3. Dɛn ne ɔkwan biako a yɛbɛfa so ahu hokwan a yɛwɔ wɔ asafo no mu, na yɛakyerɛ sɛ yɛn ani sɔ?

3 Ɔkwan biako a yebetumi afa so ahu hokwan a yɛwɔ wɔ asafo no mu na yɛakyerɛ ho anisɔ ne sɛ yebetie “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no ne ne Sodikuw a wɔyɛ n’ananmusifo no wɔ biribiara mu. (Monkenkan Mateo 24:45-47.) Ɛho hia sɛ yɛhwehwɛ sɛnea yedi akwankyerɛ a akoa kuw no de ma yɛn no so no mu. Sɛ nhwɛso no, wɔama yɛn akwankyerɛ a emu da hɔ wɔ ntadehyɛ ne ahosiesie, nneɛma a yɛde gye yɛn ani, ne Intanɛt a wɔmfa nni dwuma wɔ ɔkwampa so ho. So yetie afotu pa yi yiye sɛnea ɛbɛyɛ a yɛne Yehowa ntam rensɛe? Na afotu a wɔde ama yɛn sɛ yɛnhyehyɛ abusua som na yɛnyɛ no daa no nso ɛ? So yɛatie saa afotu no yiye ayi anwummere bi asi hɔ a yɛde yɛ? Sɛ yɛnwaree a, so yɛayi bere bi asi hɔ a yɛde sua Kyerɛwnsɛm no? Sɛ yetie akwankyerɛ a akoa kuw no de ma yɛn sɛ́ ankorankoro ne mmusua no a, Yehowa behyira yɛn.

4. Sɛ yɛresisi nneɛma a yɛn ankasa wɔ hokwan sɛ yesi ho gyinae a, dɛn na ɛsɛ sɛ yesusuw ho?

4 Ebinom betumi anya adwene sɛ nneɛma bi te sɛ nea wɔde gye wɔn ani, ntadehyɛ ne ahosiesie de, ɛyɛ wɔn ankasa na ɛsɛ sɛ wosi ho gyinae. Nanso, Kristoni a wahyira ne ho so a n’ani sɔ hokwan a ɔwɔ wɔ asafo no mu de, ɛnsɛ sɛ ogyina nea ɔno ankasa pɛ nkutoo so sisi gyinae. Nea ɛsɛ sɛ osusuw ho titiriw ne Yehowa adwene a wada no adi wɔ n’Asɛm Bible mu no. Ɛsɛ sɛ yɛma Bible mu nsɛm yɛ ‘yɛn nan ase kanea, ne yɛn kwan so hann.’ (Dw. 119:105) Ɛyɛ papa nso sɛ yesusuw sɛnea nneɛma a yɛn ankasa wɔ hokwan sɛ yesisi ho gyinae no bɛka yɛn som adwuma ne afoforo, wɔn a wɔwɔ asafo no mu ne wɔn a wonni mu no nyinaa ho.—Monkenkan 2 Korintofo 6:3, 4.

5. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na yɛanyɛ nea yɛn ankasa yɛpɛ?

5 “Honhom a seesei ɛyɛ adwuma wɔ asoɔden mma mu no” atrɛw kɔ baabiara te sɛ mframa a yɛhome. (Efe. 2:2) Saa honhom no betumi ama yɛanya adwene sɛ yenhia Yehowa ahyehyɛde no akwankyerɛ. Akyinnye biara nni ho sɛ yɛmpɛ sɛ yɛyɛ yɛn ade te sɛ Diotrefe a na ɔmpɛ sɛ ‘ogye biribiara fi ɔsomafo Yohane hɔ obu so’ no. (3 Yoh. 9, 10) Ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na yɛanyɛ nea yɛn ankasa yɛpɛ. Ɛnsɛ sɛ yɛka asɛm bi anaasɛ yɛyɛ biribi de kyerɛ sɛ yemmmu ɔkwan a Yehowa nam so kyerɛ yɛn kwan ɛnnɛ no da. (Num. 16:1-3) Mmom no, ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani sɔ hokwan a yɛanya sɛ yɛne akoa kuw no abom reyɛ adwuma na yɛretie no no. So ɛnsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden tie wɔn a wodi anim wɔ asafo a yɛwom no mu na yɛbrɛ yɛn ho ase ma wɔn?—Monkenkan Hebrifo 13:7, 17.

6. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ yɛn nsɛm tebea mu?

6 Ɔkwan foforo a yɛbɛfa so akyerɛ sɛ yɛn ani sɔ hokwan a yɛwɔ wɔ asafo no mu ne sɛ yɛbɛhwehwɛ yɛn nsɛm tebea mu yiye, na yɛayɛ nea yebetumi biara de ‘ahyɛ yɛn som anuonyam,’ na ɛde ayeyi abrɛ Yehowa. (Rom. 11:13) Ebinom atumi ayɛ daa akwampaefo. Afoforo nso de wɔn bere nyinaa som sɛ asɛmpatrɛwfo, ahwɛfo akwantufo, ne Betel mmusua mufo wɔ wiase nyinaa. Anuanom mmarima ne mmea pii boa ma wosisi Ahenni Asa. Yehowa nkurɔfo dodow no ara reyɛ nea wobetumi biara de aboa wɔn mmusua ma wɔakɔ so asom Yehowa, na wɔyɛ asɛnka adwuma no denneennen dapɛn biara. (Monkenkan Kolosefo 3:23, 24.) Yebetumi anya ahotoso sɛ sɛ yefi yɛn pɛ mu yɛ Onyankopɔn som adwuma no, na yɛyɛ nea yebetumi biara som no ɔkra nyinaa mu a, yebenya biribi ayɛ wɔ ne som mu bere nyinaa.

Nneɛma a Ɛka Hokwan a Yɛwɔ wɔ Asafo no Mu

7. Kyerɛkyerɛ sɛnea yɛn nsɛm tebea betumi aka nea yɛyɛ wɔ asafo no mu no mu.

7 Ɛho hia sɛ yɛhwehwɛ yɛn nsɛm tebea mu, efisɛ ɔkwan bi so no, ɛka nea yebetumi ayɛ wɔ asafo no mu. Sɛ nhwɛso no, ɛsono mmoa a onuabarima betumi de ama asafo no, ɛnna ɛsono nea onuawa nso betumi de ama. Mfe a yɛadi, yɛn apɔwmuden, ne nneɛma foforo nso betumi aka nea yetumi yɛ wɔ Yehowa som mu no. Mmebusɛm 20:29 ka sɛ: “Mmerante ahoɔfɛ ne wɔn ahoɔden, na nkwakoraa anuonyam ne wɔn atifi dwen.” Ebia mmerante ne mmabaa a wɔwɔ asafo no mu betumi ayɛ adwumaden esiane wɔn ahoɔden nti, nanso wɔn a wɔn mfe akɔ anim no de wɔn nyansa ne wɔn suahu boa asafo no kɛse. Ɛsɛ sɛ yɛma ɛtena yɛn adwenem nso sɛ, Onyankopɔn adom nti na yetumi yɛ biribiara a yɛyɛ wɔ Yehowa ahyehyɛde no mu no.—Aso. 14:26; Rom. 12:6-8.

8. Ɔkwan bɛn so na ɔpɛ a yɛwɔ ka nea yɛyɛ wɔ asafo no mu?

8 Nhwɛso bi a ɛfa ababaa bi ne ne nuabea ho ma yehu ade foforo a ɛkyerɛ nea yebetumi ayɛ wɔ asafo no mu no. Ma yɛmfa no sɛ wɔn baanu nyinaa wiee ntoaso sukuu. Ná wɔn baanu nsɛm tebea yɛ pɛ. Ná wɔn awofo ayɛ nea wobetumi biara de ahyɛ wɔn baanu nyinaa nkuran sɛ sɛ wowie sukuu a, wɔnyɛ daa akwampae adwuma. Bere a wowiee sukuu no, obiako yɛɛ akwampae adwuma, ɛnna obiako nso de ne bere nyinaa yɛɛ honam fam adwuma. Dɛn nti na wɔn baanu nyinaa ansi gyinae koro? Ná ɛsono nea wɔn mu biara pɛ. Awiei koraa no, wɔn mu biara yɛɛ nea na ɔpɛ sɛ ɔyɛ no. So ɛnyɛ saa na yɛn mu dodow no ara te? Ɛsɛ sɛ yesusuw nea yɛpɛ sɛ yɛyɛ wɔ Onyankopɔn som mu ho anibere so. Sɛ ɛba mpo sɛ ɛsɛ sɛ yɛyɛ nsakrae wɔ yɛn nsɛm tebea mu na ama yɛatumi ayɛ pii a, so yɛbɛyɛ?—2 Kor. 9:7.

9, 10. Sɛ biribiara nkanyan yɛn sɛ yɛnyɛ pii wɔ Yehowa som mu a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?

9 Na sɛ biribiara nkanyan yɛn sɛ yɛnyɛ pii wɔ Yehowa som mu ma enti kakra a yetumi yɛ no ara dɔɔso ma yɛn nso ɛ? Paulo kae wɔ krataa a ɔde kɔmaa Filipifo no mu sɛ: “Onyankopɔn na esiane nea ɛsɔ n’ani nti, ɔreyɛ mo mu adwuma na ama moanya ɔpɛ no na moayɛ nso.” Nokwarem no, Yehowa betumi ayɛ yɛn mu adwuma na ama yɛanya ɔpɛ no.—Filip. 2:13; 4:13.

10 Ɛnde, so ɛnsɛ sɛ yɛsrɛ Yehowa sɛ ɔmma yennya ɔpɛ mfa nyɛ n’apɛde? Saa pɛpɛɛpɛ na Ɔhene Dawid a ɔtenaa ase tete Israel no yɛe. Ɔbɔɔ mpae sɛ: “O Yehowa, ma minhu w’akwan; kyerɛkyerɛ me w’atempɔn. Ma mennantew wo nokware mu na kyerɛkyerɛ me, efisɛ wone me nkwagye Nyankopɔn. M’ani da wo so daa nyinaa.” (Dw. 25:4, 5) Sɛ yɛbɔ Yehowa mpae sɛ ɔnkanyan yɛn mma yɛnyɛ nea ɛsɔ n’ani a, yebetumi ayɛ saa. Sɛ yesusuw sɛnea Yehowa Nyankopɔn ne ne Ba no te nka wɔ wɔn apɛde a yɛyɛ ho no ho a, wɔn ho anisɔ hyɛ yɛn koma ma. (Mat. 26:6-10; Luka 21:1-4) Anisɔ a ɛte saa a yɛwɔ no betumi aka yɛn ma yɛasrɛ Yehowa sɛ ɔmma yennya ɔpɛ mfa nyɛ pii wɔ ne som mu. Odiyifo Yesaia ada su bi adi a ɛsɛ sɛ yesuasua. Bere a odiyifo no tee sɛ Yehowa reka sɛ: “Hena na mensoma no, na hena na ɔbɛkɔ ama yɛn?” no, ogyee so sɛ: “Mini, soma me.”—Yes. 6:8.

Yɛbɛyɛ Dɛn Anya Nkɔso?

11. (a) Dɛn nti na ɛho hia sɛ anuanom mmarima bɔ mmɔden sɛ wɔbɛfata ma wɔde asɛyɛde ahyehyɛ wɔn nsa wɔ ahyehyɛde no mu? (b) Dɛn na onuabarima bi betumi ayɛ na ama wafata sɛ wɔma no asɛyɛde ahorow wɔ asafo no mu?

11 Nnipa 289,678 a wɔbɔɔ asu wɔ afe 2008 ɔsom afe no mu wɔ wiase nyinaa no ma yehu pefee sɛ yehia anuanom mmarima pii ma wɔadi anim wɔ asafo no mu. Dɛn na ɛsɛ sɛ onuabarima bi yɛ wɔ ahiade yi ho? Nea ɛsɛ sɛ ɔyɛ ara ne sɛ, ɔbɛbɔ mmɔden adu nneɛma a wɔhwehwɛ wɔ asafo mu asomfo ne mpanyimfo ho a ɛwɔ Kyerɛwnsɛm mu no ho. (1 Tim. 3:1-10, 12, 13; Tito 1:5-9) Dɛn na onuabarima bi betumi ayere ne ho ayɛ de adu Kyerɛwnsɛm mu ahwehwɛde a ɛte saa ho? Sɛ ɔde ne ho hyɛ asɛnka adwuma no mu denneennen, ɔyere ne ho yɛ adwuma a wɔde ma no wɔ asafo no mu yiye, ɔbɔ mmɔden sɛ ɔbɛma mmuae a ɔma wɔ Kristofo nhyiam ase atu mpɔn, na ɔma ne mfɛfo gyidifo ho hia no a, ɛbɛma wadu ho. Ɔnam saa a ɔyɛ no so kyerɛ sɛ n’ani sɔ hokwan a ɔwɔ wɔ asafo no mu no.

12. Dɛn na mmabun betumi ayɛ de akyerɛ sɛ wɔyɛ nsi wɔ nokware no mu?

12 Dɛn na anuanom mmerante, titiriw, wɔn a wonnii mfe aduonu no betumi ayɛ na ama wɔanya nkɔso wɔ asafo no mu? Wobetumi ayere wɔn ho anya Kyerɛwnsɛm no mu nimdeɛ na ama wɔanya “nyansa ne honhom mu ntease” pii. (Kol. 1:9) Akyinnye biara nni ho sɛ sɛ wɔyere wɔn ho sua Onyankopɔn Asɛm, na wɔde wɔn ho hyɛ nea wɔyɛ wɔ asafo nhyiam ahorow ase nyinaa mu a, wobenya nkɔso. Sɛ mmerante yere wɔn ho ma wɔfata sɛ wɔhyɛn “dwumadi kɛse bi pon” mu wɔ bere nyinaa som adwuma no afã ahorow mu a, ɛno nso betumi ama wɔanya nkɔso. (1 Kor. 16:9) Sɛ yɛde Yehowa som yɛ yɛn adwuma a, ɛma yenya akomatɔyam kɛse, na yenya nhyira pii nso.—Monkenkan Ɔsɛnkafo 12:1.

13, 14. Nneɛma bɛn na anuanom mmea betumi ayɛ de akyerɛ sɛ wɔn ani sɔ hokwan a wɔwɔ wɔ asafo no mu no?

13 Anuanom mmea nso betumi ada no adi sɛ wɔn ani sɔ hokwan a wɔanya sɛ wɔreboa ma Dwom 68:11 anya mmamu no. Yɛkenkan wɔ hɔ sɛ: “Yehowa aka; mmea a wɔka asɛmpa no yɛ asafodɔm kɛse.” Akwan titiriw paa a anuanom mmea betumi afa so akyerɛ sɛ wɔn ani sɔ hokwan a wɔwɔ wɔ asafo no mu biako ne sɛ wɔbɛyɛ asuafoyɛ adwuma no. (Mat. 28:19, 20) Enti sɛ anuanom mmea yɛ asɛnka adwuma no kɛse na wofi wɔn pɛ mu de nneɛma bɔ afɔre yɛ saa adwuma no a, wɔda no adi sɛ wɔn ani sɔ hokwan a wɔwɔ wɔ asafo no mu no.

14 Bere a Paulo rekyerɛw Tito no, ɔkae sɛ: “Mmerewa nso mmɔ ɔbra kronkron; . . . wɔnkyerɛ ɔkyerɛ pa, na wɔde akae mmabaa ma wɔadɔ wɔn kununom na wɔadɔ wɔn mma, na wɔn adwenem ada hɔ, ayɛ kronn, ayɛ fie nnwuma, ayɛ papa, abrɛ wɔn ho ase ama wɔn ankasa wɔn kununom sɛnea ɛbɛyɛ a wɔnka Onyankopɔn asɛm no ho asɛmmɔne.” (Tito 2:3-5) Hwɛ sɛnea anuanom mmea a wɔn ho akokwaw tumi boa asafo no paa! Sɛ wonya obu ma anuanom mmarima a wodi anim wɔ asafo no mu, na wosisi gyinae pa wɔ nneɛma te sɛ ntadehyɛ ne ahosiesie ne nneɛma a wɔde gye wɔn ani ho a, wɔyɛ nhwɛso pa ma afoforo suasua, na wɔnam saa a wɔyɛ no so da no adi sɛ wɔn ani sɔ hokwan a wɔwɔ wɔ asafo no mu no paa.

15. Dɛn na onuawa a ɔnwaree betumi ayɛ de agyina ankonamyɛ ano?

15 Ɛtɔ mmere bi a, ebetumi ayɛ den ama onuawa bi a ɔnwaree sɛ obehu hokwan a ɔwɔ wɔ asafo no mu. Onuawa bi a ɔtee nka saa kae sɛ: “Sɛ wonwaree a, ɛtɔ mmere bi a, wubetumi ate nka sɛ woayɛ ankonam.” Bere a wobisaa no nea ɔyɛ ma otumi gyina ɔhaw no ano no, ɔkae sɛ: “Sɛ mebɔ mpae na misua ade a, ɛma mesan hu hokwan a mewɔ wɔ asafo no mu. Misua sɛnea Yehowa hu me no ho ade. Afei mebɔ mmɔden sɛ mɛboa afoforo wɔ asafo no mu. Eyi boa me ma midwen afoforo ho sen sɛ medwen m’ankasa me ho.” Sɛnea Dwom 32:8 kyerɛ no, Yehowa ka kyerɛɛ Dawid sɛ: “M’ani bɛba wo so, na matu wo fo.” Nokwarem no, Yehowa dwen ne somfo biara ho, a anuanom mmea a wɔnwaree nso ka ho, na ɔbɛboa wɔn nyinaa ma wɔahu hokwan a wɔwɔ wɔ asafo no mu no.

Kɔ so Boa Asafo No!

16, 17. (a) Dɛn nti na nsa a Yehowa to frɛ a yebegye so aba n’ahyehyɛde no mu no ne gyinae a eye sen biara a yebetumi asi? (b) Yɛbɛyɛ dɛn atumi akɔ so aboa Yehowa asafo no?

16 Yehowa fi ɔdɔ mu atwe ne somfo biara aba ne nkyɛn ma ɔne no abenya abusuabɔ. Yesu kae sɛ: “Obiara ntumi mma me nkyɛn gye sɛ Agya a ɔsomaa me no twe no.” (Yoh. 6:44) Wɔ nnipa ɔpepepem pii a wɔwɔ asase so nyinaa mu no, Yehowa ato nsa afrɛ yɛn sɛ yɛmmra n’asafo a ɛwɔ hɔ nnɛ no mu. Nsa a ɔto frɛe a yegyee so yi ne gyinae a eye sen biara a yɛasi. Ama yɛn asetena ayɛ nea mfaso wɔ so. Na esiane sɛ yɛboa asafo no nti, hwɛ sɛnea yɛanya anigye ne akomatɔyam!

17 Odwontofo no kae sɛ, “Yehowa, medɔ wo fie tena.” Ɔsan too dwom sɛ: “Me nan begyina nea ɛhɔ da fam; asafo bagua kɛse mu na mehyira Yehowa.” (Dw. 26:8, 12) Nokware Nyankopɔn no ama yɛn mu biara anya hokwan wɔ n’ahyehyɛde no mu. Sɛ yɛkɔ so di teokrase akwankyerɛ so na yɛyɛ pii wɔ Onyankopɔn som mu a, yebetumi akɔ so aboa Yehowa asafo no.

So Wokae?

• Dɛn nti na ntease wom sɛ yɛbɛka sɛ Kristofo nyinaa wɔ hokwan wɔ asafo no mu?

• Dɛn na yɛyɛ de kyerɛ sɛ yɛn ani sɔ hokwan a yɛwɔ wɔ Onyankopɔn ahyehyɛde no mu?

• Nneɛma bɛn na ebetumi aka hokwan a yɛwɔ wɔ asafo no mu?

• Dɛn na Kristofo mmabun ne wɔn a wɔanyinyin betumi ayɛ de akyerɛ sɛ wɔn ani sɔ hokwan a wɔwɔ wɔ Onyankopɔn asafo no mu?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 16]

Dɛn na anuanom mmarima betumi ayɛ ma wɔafata ama ɔsom hokwan wɔ asafo no mu?

[Mfonini wɔ kratafa 17]

Dɛn na anuanom mmea betumi ayɛ de akyerɛ sɛ wɔn ani sɔ hokwan a wɔwɔ wɔ asafo no mu no?