Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ma W’ani Nnye Wo Nuanom Asotifo no Ho!

Ma W’ani Nnye Wo Nuanom Asotifo no Ho!

Ma W’ani Nnye Wo Nuanom Asotifo no Ho!

ONYANKOPƆN nkurɔfo a wɔwɔ hɔ nnɛ yɛ abusua kɛse a emufo yɛ mmarima ne mmea a wɔsom Onyankopɔn te sɛ nea mmarima ne mmea a wɔtenaa ase tete mmere mu yɛe no. Wɔn mu bi ne Samuel, Dawid, Samson, Rahab, Mose, Abraham, Sara, Noa, ne Habel. Asotifo pii wɔ Yehowa asomfo anokwafo mu. Sɛ nhwɛso no, nnipa baanu a wodii kan bɛyɛɛ Yehowa Adansefo wɔ Mongolia no yɛ awarefo a wɔyɛ asotifo. Na esiane sɛ yɛn nuanom asotifo a wɔwɔ Russia kuraa wɔn mũdi mu nti na Europa Asɛnnibea a Ɛhwɛ Nnipa Ahofadi Ho Nsɛm So no buu yɛn bem no.

Wɔ ɛnnɛ mmere yi mu, “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no ayɛ mum kasa ho nhoma, wahyehyɛ asafo a wɔka mum kasa, na wayɛ amansin ne amantam nhyiam wɔ mum kasa mu. (Mat. 24:45) Saa nhyehyɛe yi aboa asotifo no kɛse. * Nanso, so woasusuw ɔkwan a na asotifo no fa so sua nokware Nyankopɔn no ho ade na wonya nkɔso wɔ nokware no mu bere a na wɔnyɛɛ saa nhyehyɛe yi mmaa wɔn no ho pɛn? So woasusuw nea wubetumi ayɛ de aboa asotifo a wɔte wo mpɔtam no ho?

Bere a na Wonnyaa Nneɛma a Wɔwɔ Nnɛ No

Sɛ wubisa asotifo binom a wɔn mfe akɔ anim nea ɛyɛe a wohuu Onyankopɔn a, dɛn na wɔbɛka? Ebia wɔbɛka sɛnea wɔtee nka bere a edi kan a wɔtee sɛ Onyankopɔn wɔ din no akyerɛ wo—hwɛ sɛnea saa nokwasɛm biako a wohui no sesaa wɔn asetena, na ɛboaa wɔn mfe pii ansa na wɔreyɛ video anaa DVD wɔ mum kasa mu ma aboa wɔn ma wɔasua Kyerɛwnsɛm mu nokware a emu dɔ paa no. Ebia wɔbɛka sɛnea na nneɛma te bere a na wɔnyɛ Kristofo nhyiam wɔ mum kasa mu anaasɛ na wɔnkyerɛ nsɛm no ase mma wɔn no ho asɛm akyerɛ wo. Nea na wɔyɛ ne sɛ, na obi tena wɔn nkyɛn kyerɛw nsɛm gu krataa so de boa wɔn ma wɔte asɛm a wɔreka no ase. Saa kwan yi so na onua ɔsotifo bi faa so suaa Bible mu nokware no mfe ason ansa na wɔrenya obi a ɔbɛkyerɛ ase akɔ mum kasa mu.

Adansefo a wɔyɛ asotifo a wɔn mfe akɔ anim no kae sɛnea na nneɛma te bere a na wɔne anuanom kɔka asɛm no kyerɛ nnipa a “wɔte asɛm” no. Ná wokura krataa a wɔakyerɛw asɛm tiawa a wɔreka akyerɛ wɔ afie afie mu wɔ so wɔ wɔn nsa biako mu. Na na wokura Ɔwɛn-Aban ne Awake! nsɛmma nhoma a aba foforo nso wɔ wɔn nsa biako a aka no mu. Ná ɛyɛ den sɛ ɔsotifo bi ne ɔsotifo foforo de nhoma a wɔatintim nkutoo a wɔn mu biara nte ase yiye bɛyɛ Bible adesua. Ɛda adi sɛ, adawurubɔfo a wɔyɛ asotifo a wɔn mfe akɔ anim no kae sɛnea na wɔn abam bu bere a na nkurɔfo nte asɛm a wɔka ase ma enti na wontumi nka Bible mu nokware no ho asɛm nkɔ akyiri no. Wɔsan nso nim sɛnea ɛyɛ yaw sɛ obi dɔ Yehowa paa nanso ontumi mfa ahotoso nka ne ho asɛm nkyerɛ afoforo. Dɛn ntia? Efisɛ na wɔn adwene nsi wɔn pi sɛ ebia na ntease a wɔwɔ wɔ asɛm pɔtee bi ho no yɛ nokware anaa.

Saa ɔhaw yi nyinaa akyi no, yɛn nuanom a wɔyɛ asotifo yi akɔ so adi nokware. (Hiob 2:3) Wɔatɔ wɔn bo ase atwɛn Yehowa. (Dw. 37:7) Na seesei ɔrehyira wɔn pii sen sɛnea na wɔn mu bebree hwɛ kwan no koraa.

Susuw mmɔden a onua bi a ɔwɔ yere ne mma bɔe no ho hwɛ. Ansa na wɔreyɛ video ahorow wɔ mum kasa mu no, na ɔne n’abusua yɛ abusua adesua daa. Ne babarima ka sɛ: “Ná abusua adesua yɛ yɛ den ma me papa bere nyinaa, efisɛ nhoma a wɔatintim nkutoo na na ɛwɔ hɔ a na ɔhwɛ mu kyerɛkyerɛ yɛn. Mpɛn pii na na ɔnte nsɛm a wɔakyerɛw no ase yiye. Yɛn a na yɛyɛ mmofra no nso ammoa no. Sɛ wankyerɛkyerɛ nneɛma mu yiye a, na yɛma no hu no ntɛm ara. Nanso, eyi nyinaa akyi no, na ɔyɛ abusua adesua no bere nyinaa. Ohui sɛ Yehowa ho ade kakra a yebesua no ho hia koraa sen fɛre a na ɔbɛfɛre wɔ yɛn anim bere ne bere mu esiane Borɔfo a ɔnte no yiye nti.”

Richard a wadi boro mfe 70 a n’aso asiw na n’ani afura a ɔte Brooklyn, New York, U.S.A., no asɛm nso wɔ hɔ. Wonim Richard sɛ obi a ɔkɔ Kristofo nhyiam daa. Sɛ ɔrekɔ asafo nhyiam a, ɔno ankasa fa keteke a ɛnam asase ase, na ɔkan mpɛn dodow a keteke no begyina sɛnea ɛbɛyɛ a obehu bere a ɛsɛ sɛ osi fam. Awɔw bere bi, sukyerɛmma tɔe araa ma wɔanyɛ asafo nhyiam. Wɔbobɔɔ asafo no mufo nyinaa amanneɛ sɛ wɔrenyɛ nhyiam no, nanso wɔn werɛ fii Richard. Bere a anuanom kaee sɛ wɔammɔ Richard amanneɛ na wɔkɔhwehwɛɛ no no, wohui sɛ ogyina Ahenni Asa no akyi retwɛn sɛ wobebue pon no. Bere a wobisaa no nea enti a ɔfaa sukyerɛmma a ɛretɔ no mu no, ɔkae sɛ, “Medɔ Yehowa.”

Dɛn na Wubetumi Ayɛ?

So asotifo te wo mpɔtam hɔ? So wubetumi asua mum kasa kakra sɛnea ɛbɛyɛ a wubetumi ne wɔn abɔ nkɔmmɔ? Sɛ asotifo rekyerɛ afoforo wɔn kasa no a, wɔtaa da ayamye adi, na wonya wɔn ho abotare paa. Ebia wubehyia ɔsotifo bi wɔ baabi anaa asɛnka mu. Dɛn na wubetumi ayɛ? Bɔ mmɔden sɛ wo ne no bɛbɔ nkɔmmɔ. Fa wo nipadua kasa, kyerɛkyerɛw nsɛm, yɛ mfonini, anaa yɛ eyinom nyinaa bi. Sɛ ɔsotifo no kyerɛ sɛ n’ani nnye nokware no ho mpo a, ka wo nsrahwɛ no ho asɛm kyerɛ Ɔdansefo bi a ɔyɛ ɔsotifo anaa nea onim mum kasa. Sɛ yɛka asɛm no kyerɛ ɔsotifo wɔ mum kasa mu a, ebia n’ani begye ho kɛse.

Ebia woresua mum kasa, na wowɔ asafo bi a wɔka mum kasa mu. Wobɛyɛ dɛn atumi ahu mum kasa no yiye na woate ase? Ɛwom sɛ ebia adawurubɔfo foforo wɔ w’asafo mu a wɔte asɛm de, nanso dɛn nti na wonka mum kasa mmom sen sɛ wode w’ano bɛkasa? Eyi bɛboa wo ma woasusuw nneɛma ho wɔ mum kasa mu. Ɛtɔ mmere bi a, ebia ɛbɛyɛ wo sɛ ka kasa a wɔde ano ka. Nanso, sɛ woresua kasa biara a, ɛsɛ sɛ wumia w’ani paa na ama woatumi aka kasa no yiye.

Sɛ yemia yɛn ani ka mum kasa a, yɛda no adi sɛ yɛdɔ yɛn nuanom a wɔyɛ asotifo no, na yebu wɔn. Wo de, susuw sɛnea esiane sɛ asotifo ntumi nte nsɛm a nkurɔfo ka wɔ adwumam anaa sukuu mu nti ɛma wɔn abam bu da biara da no ho hwɛ. Onua bi a ɔyɛ ɔsotifo kae sɛ: “Da biara da, nnipa a me ne wɔn te no kasa. Mpɛn pii no, mete nka sɛ mayɛ ankonam, wonnwen me ho, ɛma meyɛ basaa, na me bo fuw mpo. Minhu asɛm a metumi aka de akyerɛkyerɛ sɛnea ɛtɔ mmere bi a mete nka no mu yiye.” Ɛsɛ sɛ yɛn asafo nhyiam yɛ bere a yɛn nuanom asotifo nya anigye na wodidi honhom fam, na wɔbɔ nkɔmmɔ ne fekuw anigye so.—Yoh. 13:34, 35.

Wɔn a ɛnsɛ sɛ yebu yɛn ani gu wɔn so ne asotifo ankorankoro a wɔwɔ akuw nketenkete pii mu a wɔne asafo a wɔka kasa a wɔde ano ka bom yɛ asafo nhyiam no. Wɔkyerɛ nsɛm no ase ma wɔn. Nea ɛbɛyɛ na asotifo a wɔwɔ asafo no mu ate asɛm no ase yiye no, wɔtena anim wɔ Ahenni Asa no so. Eyi ma wotumi hu nea ɔrekyerɛ kasa no ase no ne ɔkasafo no nyinaa a biribiara nsiw wɔn anim. Ada adi sɛ eyi kokwaw asafo no mufo nkae no ntɛm ara, na ɛntwetwe wɔn adwene. Wɔyɛ saa ara wɔ amansin ne amantam nhyiam a wɔkyerɛ kasa ase kɔ mum kasa mu nso ase. Asafo no mufo a wɔbɔ mmɔden kyerɛ kasa ase sɛnea anka ɔsotifo ankasa bɛka asɛm no pɛpɛɛpɛ ma emu ada hɔ no fata nkamfo paa.

Ebia wowɔ asafo bi a ɛne kuw bi a wɔka mum kasa hyiam anaa asotifo kakra wom a wɔkyerɛ kasa ahorow no ase kɔ mum kasa mu mu. Dɛn na wubetumi ayɛ de akyerɛ sɛ w’ani gye saa anuanom a wɔyɛ asotifo yi ho? To nsa frɛ wɔn bra wo fie. Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, sua mum kasa kakra. Mma nkɔmmɔ a wuntumi ne wɔn mmɔ no nhunahuna wo. Wubenya ɔkwan bi a wobɛfa so ne wɔn abɔ nkɔmmɔ, na ɔdɔ a ɛte saa a wobɛda no adi no bɛma woanya anigye bi a wo werɛ remfi da. (1 Yoh. 4:8) Yebetumi anya yɛn mfɛfo Adansefo a wɔyɛ asotifo no so mfaso pii. Wonim nkɔmmɔ bɔ yiye, wɔwɔ nhumu paa, na wonim aseresɛm yi ankasa. Onua bi a n’awofo baanu nyinaa yɛ asotifo kae sɛ: “Me ne asotifo na atena me nkwa nna nyinaa, na merentumi ntua nneɛma pii a wɔayɛ ama me no ho ka nwie da. Yebetumi asua nneɛma pii afi yɛn nuanom a wɔyɛ asotifo no hɔ.”

Yehowa dɔ n’asomfo anokwafo, na wɔn a wɔyɛ asotifo nso ka ho. Akyinnye biara nni ho sɛ, wɔn gyidi ne wɔn boasetɔ no ka ho bi na ɛma Yehowa ahyehyɛde no yɛ soronko saa. Enti, momma yɛn ani nnye yɛn nuanom asotifo no ho!

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 3 Hwɛ asɛm a ɛne “Yehowa Atew N’anim Ama Wɔn” a ɛwɔ August 15, 2009, Ɔwɛn-Aban mu no.

[Mfonini wɔ kratafa 31]

Sɛ yɛka asɛm no kyerɛ ɔsotifo wɔ mum kasa mu a, ebia n’ani begye ho kɛse

[Mfonini wɔ kratafa 32]

Ɛsɛ sɛ yɛn asafo nhyiam yɛ bere a yɛn nuanom asotifo nya anigye ne nkuranhyɛ wɔ Onyankopɔn som mu