Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Momma Yɛnna Obu Adi Sɛ Onyankopɔn Asomfo

Momma Yɛnna Obu Adi Sɛ Onyankopɔn Asomfo

Momma Yɛnna Obu Adi Sɛ Onyankopɔn Asomfo

“Munsuasua Onyankopɔn.”—EFE. 5:1.

1, 2. (a) Dɛn nti na ɛho hia sɛ yebu ade? (b) Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu?

NHOMAKYERƐWFO Sue Fox kyerɛw obu a yɛbɛda no adi ho asɛm sɛ: “Ɛsɛ sɛ yebu ade bere nyinaa. Mfaso wɔ so sɛ yɛda obu adi bere nyinaa wɔ baabiara.” Sɛ nkurɔfo da obu adi a, wɔne afoforo ntaa nnya akasakasa, na sɛ wonya bi mpo a, ɛnkyɛ na wɔasiesie. Saa ara na sɛ yemmu ade nso a, yɛne nkurɔfo taa nya akasakasa, na ɛtaa yɛ den sɛ yebesiesie. Sɛ yɛammu afoforo a, ɛde akasakasa, abufuw, ne awerɛhow na ɛba.

2 Yebetumi aka sɛ nnipa a wɔwɔ nokware Kristofo asafo no mu no bu ade paa. Nanso, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na yɛansuasua nnipa dodow no ara a wommu ade a wɔwɔ wiase nnɛ no. Momma yɛnhwɛ sɛnea sɛ yɛde Bible nnyinasosɛm a ɛfa obu ho yɛ adwuma a, ebetumi aboa yɛn na amma yɛansuasua nnipa a wommu ade, na ama yɛatwetwe nkurɔfo aba nokware som mu. Sɛ yebehu nneɛma a yɛyɛ a ɛkyerɛ sɛ yebu ade a, momma yensusuw nhwɛso a Yehowa Nyankopɔn ne ne Ba no yɛ ho.

Yehowa ne Ne Ba no Yɛ Nhwɛso wɔ Obu Ho

3. Nhwɛso bɛn na Yehowa Nyankopɔn ayɛ wɔ obu a wɔda no adi ho?

3 Yehowa Nyankopɔn yɛ nhwɛso a ɛyɛ pɛ wɔ obu a wɔda no adi ho. Ɛmfa ho dibea kɛse a Yehowa wɔ sɛ amansan Hene no, ɔne nnipa di wɔ ayamye ne obu kɛse mu. Bere a Yehowa ne Abraham ne Mose rekasa no, ɔde Hebri asɛm a wɔtaa kyerɛ ase “mesrɛ wo” na edii dwuma. (Gen. 13:14) Sɛ Yehowa asomfo yɛ bɔne a, Yehowa ma wohu sɛ ɔyɛ “mmɔborɔhunufo, ɔdomfo a ne bo kyɛ fuw na n’adɔe ne ne nokwaredi dɔɔso.” (Dw. 86:15) Ɔda nsow koraa wɔ nnipa binom a sɛ afoforo anyɛ nea wɔpɛ a na wɔn koma asɔre denneennen no ho.

4. Dɛn na yebetumi ayɛ de asuasua Yehowa bere a afoforo ne yɛn rekasa no?

4 Yehu sɛnea Onyankopɔn da obu adi wɔ sɛnea otie nnipa no mu nso. Bere a Abraham bisabisaa nsɛm bi faa Sodomfo ho no, Yehowa nyaa ne ho abotare maa no emu biara ho mmuae. (Gen. 18:23-32) Yehowa ammu Abraham ahiasɛm no sɛ ade a ɔde resɛe ne bere. Yehowa tie n’asomfo mpaebɔ ne abɔnefo a wɔanu wɔn ho sufrɛ. (Monkenkan Dwom 51:11, 17.) Sɛ afoforo ne yɛn rekasa a, so ɛnsɛ sɛ yetie wɔn de suasua Yehowa?

5. Ɔkwan bɛn so na sɛ yesuasua obu a Yesu daa no adi no a, ebetumi ama yɛne afoforo ntam ayɛ papa?

5 Nneɛma a Yesu Kristo sua fii n’Agya hɔ mu biako ne obu a ɔbɛda no adi akyerɛ nkurɔfo. Ɛwom sɛ, ɛtɔ mmere bi a na asɛnka adwuma a Yesu yɛ no gye ne bere ne n’ahoɔden pii de, nanso onyaa nkurɔfo ho abotare, na ɔdaa ayamye adi kyerɛɛ wɔn bere nyinaa. Akwatafo, anifuraefo a na wɔsrɛsrɛ ade, ne afoforo a na wohia mmoa hui sɛ na Yesu ayɛ krado sɛ ɔbɛboa wɔn. Ɛmfa ho sɛ na saa nkurɔfo no mmɔ Yesu nkae ansa na wɔakɔ ne nkyɛn no, wammu n’ani angu wɔn so. Mpɛn pii no, na Yesu gyae nea ɔreyɛ sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛboa obi a wahaw. Ná Yesu nya tema soronko ma nkurɔfo a wogye no di no. (Mar. 5:30-34; Luka 18:35-41) Sɛ́ Kristofo no, yɛda ayamye adi kyerɛ afoforo, na yɛboa wɔn de suasua Yesu. Sɛ yɛyɛ saa a, yɛn abusuafo, yɛn afipamfo, ne afoforo hu. Bio nso, saa a yɛyɛ no hyɛ Yehowa anuonyam, na ɛma yɛn ani gye.

6. Nhwɛso bɛn na Yesu yɛe wɔ yɛn anim a yɛbɛtew akyerɛ afoforo ho?

6 Yesu de nkurɔfo din frɛɛ wɔn nso de kyerɛe sɛ obu wɔn. So na Yudasom mu akannifo no di afoforo ni wɔ saa kwan yi so? Dabi. Ná wobu nkurɔfo a wonnim Mmara no sɛ “wɔn a wɔadome wɔn,” na na wɔmfa wɔn nyɛ hwee. (Yoh. 7:49) Onyankopɔn Ba no ne nkurɔfo anni no saa. Marta, Maria, Sakeo, ne afoforo pii tee sɛ Yesu de wɔn din refrɛ wɔn. (Luka 10:41, 42; 19:5) Ɛwom sɛ ebia amammerɛ ne tebea ahorow bi na ɛbɛkyerɛ sɛnea yɛbɛfrɛ nkurɔfo nnɛ de, nanso Yehowa asomfo bɔ mmɔden sɛ wɔbɛtew wɔn anim akyerɛ afoforo. * Wɔmmma nnipa mu mpaapaemu nntew obu a ɛfata sɛ wonya ma wɔn mfɛfo gyidifo ne afoforo no so.—Monkenkan Yakobo 2:1-4.

7. Ɔkwan bɛn so na Bible nnyinasosɛm boa yɛn ma yedi yɛn mfɛfo nnipa ni wɔ baabiara?

7 Sɛnea Onyankopɔn ne ne Ba no ne nnipa a wɔwɔ aman nyinaa ne mmusuakuw mu di no obu so no kyerɛ sɛ wodi nnipa a wɔte saa no ni, na ɛno twetwe nnipa a wɔwɔ koma pa ba nokware no mu. Nokwarem no, ɛsono sɛnea nnipa a wɔwɔ baabiara bu nneyɛe a sɛ obi da no adi a wobu no sɛ obu ade. Enti, yenni mmara katee wɔ nea obi yɛ a ɛkyerɛ sɛ obu ade ho. Mmom no, yɛma Bible nnyinasosɛm kyerɛ yɛn kwan ma enti yɛnyɛ katee wɔ sɛnea yedi yɛn mfɛfo nnipa ni wɔ baabiara no ho. Momma yɛnhwehwɛ sɛnea sɛ yedi nkurɔfo ni a, ebetumi ama Kristofo som adwuma a yɛyɛ no asow aba pii no mu.

Kyia Nkurɔfo na Wo ne Wɔn Mmɔ Nkɔmmɔ

8, 9. (a) Su bɛn na sɛ obi da no adi a ebetumi akyerɛ sɛ ommmu ade? (b) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛma Yesu asɛm a ɛwɔ Mateo 5:47 no ka sɛnea yɛne afoforo di?

8 Ɛnnɛ a nnipa nni wɔn ho adagyew koraa wɔ mmeae pii no, obi tumi sian ne yɔnko ho a ɔnka “maakye” anaa “wo ho te dɛn?” mpo nkyerɛ no. Nokwarem no, wɔnnhwɛ kwan sɛ obi ne nnipa a wɔakyere so wɔ ɔkwan bi so no mu biara bɛkasa. Nanso, tebea ahorow pii wɔ hɔ a ɛfata, na ɛyɛ fɛ nso sɛ yebekyia afoforo. So wotaa kyia nkurɔfo? Anaa wotaa sian wɔn ho a wonserew anaa wonka asɛm a ɛyɛ dɛ bi nkyerɛ wɔn? Obi betumi anya su bi a ɛnkyerɛ obu bere mpo a onnim sɛ saa na ɔte.

9 Yesu kaee yɛn sɛ: “Sɛ mukyia mo nuanom nkutoo a, dɛn na ɛyɛ nwonwa wɔ ho? Ɛnyɛ saa ara na amanaman mufo nso yɛ anaa?” (Mat. 5:47) Onimdefo Donald Weiss kyerɛw eyi ho asɛm sɛ: “Sɛ yehu nkurɔfo na yɛankyia wɔn a, ɛyɛ wɔn yaw. Biribiara nni hɔ a enti ɛnsɛ sɛ wukyia obi. Ano aduru ara ni: Kyia nkurɔfo. Wo ne wɔn mmɔ nkɔmmɔ.” Sɛ yɛma afoforo ho hia yɛn na yɛtew yɛn anim kyerɛ wɔn a, nneɛma pa pii befi mu aba.

10. Ɔkwan bɛn so na obu a yɛda no adi kyerɛ nkurɔfo tumi boa ma wotie asɛm no? (Hwɛ adaka a ɛne  “Di Kan Serew” no.)

10 Susuw Kristofo bi a wɔyɛ awarefo a wɔfrɛ wɔn Tom ne Carol a wɔte kurow kɛse bi mu wɔ Amerika Atifi fam asɛm no ho hwɛ. Sɛ wɔkɔ asɛnka a, wɔtaa ne nnipa a wɔwɔ wɔn mpɔtam hɔ bɔ nkɔmmɔ a ɛyɛ dɛ. Wɔyɛ no dɛn? Tom twe adwene si asɛm a ɛwɔ Yakobo 3:18 no so, na ɔka sɛ: “Yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛtew yɛn anim akyerɛ nkurɔfo na yɛne wɔn atena asomdwoe mu. Yɛkɔ nkurɔfo a yehu wɔn wɔ wɔn afie anim ne wɔn a wɔyɛ adwuma wɔ mpɔtam hɔ no nkyɛn. Yɛserew kyerɛ wɔn, na yekyia wɔn. Yɛne wɔn bɔ nneɛma a wɔn ani gye ho ho nkɔmmɔ—wɔn mma, wɔn akraman, wɔn afie, ne wɔn nnwuma. Bere bi akyi no, wɔbɛyɛ yɛn nnamfo.” Carol de ka ho sɛ: “Akyiri yi sɛ yɛsan kɔ hɔ a, yɛbɔ yɛn din kyerɛ wɔn, na yebisa wɔn nso din. Yɛma wohu nea yɛreyɛ wɔ mpɔtam hɔ, nanso yɛma nkɔmmɔ no yɛ tiawa. Awiei koraa no, yetumi di wɔn adanse.” Nnipa pii a wɔwɔ mpɔtam hɔ no anya Tom ne Carol mu ahotoso. Wɔn mu pii agye Bible ho nhoma ahorow, na wɔn mu kakra nso ani agye ho paa sɛ wobesua nokware no.

Obu a Yɛbɛda no Adi wɔ Tebea a Emu Yɛ Den Mu

11, 12. Sɛ yɛreka asɛmpa no a, dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛhwɛ kwan sɛ nkurɔfo bɛka asɛm a ɛyɛ yaw akyerɛ yɛn, na dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ wɔ ho?

11 Ɛtɔ mmere bi a, nkurɔfo nni yɛn ni bere a yɛreka asɛmpa no. Eyi nyɛ yɛn nwonwa, efisɛ Kristo Yesu dii kan bɔɔ n’asuafo kɔkɔ sɛ: “Sɛ wɔataa me a, wɔbɛtaa mo nso.” (Yoh. 15:20) Nanso, sɛ nkurɔfo ka asɛm a ɛyɛ yaw kyerɛ yɛn na sɛ yɛn nso yɛka bi kyerɛ wɔn a, biribi pa biara remfi mu mma. Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ wɔ ho? Ɔsomafo Petro kyerɛwee sɛ: “Montew Kristo ho sɛ Awurade wɔ mo komam na monyɛ krado bere biara sɛ mode anoyi bɛma obiara a obebisa anidaso a ɛwɔ mo mu no ho asɛm, nanso monyɛ no odwo ne obu a emu dɔ mu.” (1 Pet. 3:15) Sɛ yedi wɔn a wodidi yɛn atɛm no ni, na yɛne wɔn kasa odwo ne obu so a, ebetumi ama wɔatie asɛm a yɛka no.—Tito 2:7, 8.

12 So yebetumi asiesie yɛn ho agyina nsɛm a ɛyɛ yaw a nkurɔfo ka kyerɛ yɛn no ano wɔ ɔkwan a ɛsɔ Onyankopɔn ani so? Yiw, yebetumi. Paulo kae sɛ: “Momma mo kasa ho mmra nyam bere nyinaa na nkyene mmra mu, na moahu sɛnea ɛsɛ sɛ mubua obiara.” (Kol. 4:6) Sɛ yɛma ɛyɛ yɛn su sɛ yebedi yɛn abusuafo, yɛn mfɛfo sukuufo, wɔn a yɛne wɔn yɛ adwuma, asafo no mufo, ne nnipa a yɛne wɔn te mpɔtam nyinaa ni a, esiesie yɛn yiye ma yetumi gyina fɛwdi ne atɛnnidi ano wɔ ɔkwan a ɛfata Kristoni so.—Monkenkan Romafo 12:17-21.

13. Ma nhwɛso bi fa kyerɛ sɛnea sɛ yɛda obu adi a, ebetumi ama wɔn a wɔsɔre tia yɛn no atie asɛm a yɛka no.

13 Sɛ yɛda obu adi wɔ tebea a emu yɛ den mu a, nneɛma pa tumi fi mu ba. Sɛ nhwɛso no, ofiewura bi ne ne hɔho dii Ɔdansefo bi ho fɛw wɔ Japan. Onua no fii hɔ kɔe a ne bo amfuw. Bere a onua no gu so reka asɛm no wɔ mpɔtam hɔ no, ohui sɛ ofiewura no hɔho no gyina baabi rehwɛ no. Bere a onua no kɔɔ ne nkyɛn no, ɔhɔho no kae sɛ: “Ɛyɛ me yaw sɛ ɛbaa saa. Ɛwom sɛ yɛne wo ankasa yiye de, nanso mihui sɛ na woda so ara reserew. Dɛn na ɛsɛ sɛ meyɛ na me nso matumi ayɛ saa?” Esiane sɛ na saa ɔbarima no adwuma afi ne nsa na ne maame nso wui nkyɛe nti, na onni anigye koraa. Ɔdansefo no ka kyerɛɛ ɔbarima no sɛ ɔpɛ sɛ ɔne no sua Bible no, na ɔpenee so. Ankyɛ koraa, na wɔyɛ adesua no mprenu dapɛn biara.

Ɔkwan a Ɛsen Biara a Yɛfa so Sua Sɛnea Wobu Ade

14, 15. Ɔkwan bɛn na Yehowa asomfo a wɔtenaa ase wɔ Bible mmere mu no faa so tetee wɔn mma?

14 Awofo a na wɔsom Onyankopɔn wɔ Bible mmere mu no kyerɛɛ wɔn mma nneɛma nketenkete wɔ fie a na ɛbɛma wɔabu ade. Susuw sɛnea Abraham ne ne ba Isak ne wɔn ho kasae wɔ obu so a wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Genesis 22:7 no ho hwɛ. Yehu sɛ Yosef nso awofo tetee no yiye. Bere a na ɔda afiase no, na obu nkurɔfo a na ɔne wɔn da afiase hɔ no mpo. (Gen. 40:8, 14) Sɛnea Yosef ne Farao kasae no ma yehu sɛ na wasua sɛnea wɔne obi a ɔwɔ dibea kɛse kasa.—Gen. 41:16, 33, 34.

15 Ná ahyɛde a edi so yi ka Mmara Nsɛm Du a wɔde maa Israelfo no ho. Ɛka sɛ: “Di wo papa ne wo maame ni na wo nna aware wɔ asase a Yehowa wo Nyankopɔn de rema wo no so.” (Ex. 20:12) Ɔkwan biako a na mmofra fa so di wɔn awofo ni ne obu a na wɔbɛda no adi wɔ fie. Yefta babea no dii ntam a ne papa kae so wɔ tebea a na emu yɛ den paa mu de daa obu soronko adi kyerɛɛ ne papa.—Atem. 11:35-40.

16-18. (a) Dɛn na yebetumi ayɛ de akyerɛkyerɛ mmofra ma wɔabu ade? (b) Sɛ yɛkyerɛkyerɛ mmofra ma wobu ade a, mfaso a ebefi mu aba no bi ne dɛn?

16 Ɛho hia paa sɛ yɛtete yɛn mma ma wobu ade. Sɛ mmofra benyin abɛyɛ mpanyin pa a, ɛsɛ sɛ wosua ɔkwampa a wɔfa so kyia ahɔho, sɛnea wogye telefon so, ne sɛnea wɔne afoforo bom didi. Ɛsɛ sɛ wɔboa wɔn ma wohu nea enti a ɛsɛ sɛ wobue pon ma nkurɔfo, sɛnea wɔbɛda ayamye adi akyerɛ nnipa a wɔn mfe akɔ anim ne wɔn a wɔyare, ne sɛnea wobegye nkurɔfo a wokurakura nneɛma a emu yɛ duru no nneɛma no bi ama wɔn. Ɛho hia sɛ wohu nea enti a mfaso wɔ so sɛ wofi wɔn komam ka nsɛm te sɛ “mesrɛ wo,” “meda wo ase,” “akwaaba,” “ma minso wo mu,” ne “kosɛ.”

17 Ɛnsɛ sɛ ɛyɛ den ma awofo sɛ wɔbɛtete wɔn mma ma wɔabu ade. Ɔkwampa a wobetumi afa so ayɛ saa ne sɛ wɔbɛyɛ nhwɛso pa ma wɔn mma no asua. Kurt a wadi mfe 25 no ka ɔkwan a ɔne ne nuabarimanom baasa faa so suaa sɛnea wobu ade no ho asɛm sɛ: “Ná yetie sɛnea na Maame ne Paapa ne wɔn ho kasa ayamye so no, na na yɛhwɛ sɛnea wonya nkurɔfo ho abotare, na wonya tema ma wɔn no nso. Sɛ yɛkɔ Ahenni Asa so a, na Paapa ne me kokyiakyia anuanom a wɔn mfe akɔ anim no, na sɛ yɛpɔn nso a, na yɛyɛ saa ara. Ná mete sɛnea okyia wɔn no, na mihuu obu a na ɔwɔ ma wɔn no nso.” Kurt san kae sɛ: “Bere bi akyi no, misuaa sɛnea na Paapa bu afoforo no. Ɛnyɛ den mma me koraa sɛ mebu afoforo. Ɛnyɛ nhyɛ, na mmom ɛyɛ ɔpɛ a wowɔ sɛ wubebu afoforo.”

18 Sɛ awofo kyerɛkyerɛ wɔn mma ma wobu ade a, dɛn na ebetumi afi mu aba? Ɛbɛma mmofra no atumi afa nnamfo, na wɔne afoforo atena asomdwoe mu nso. Ɛbɛboa wɔn yiye ma wɔatumi ne wɔn adwumawuranom ne wɔn mfɛfo adwumayɛfo abom ayɛ adwuma. Bio nso, mmofra a wobu ade na wɔyɛ nea ɛteɛ bɛma wɔn awofo anya anigye ne akomatɔyam.—Monkenkan Mmebusɛm 23:24, 25.

Obu a Yɛda no Adi ma Yɛyɛ Soronko

19, 20. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho suasua yɛn Nyankopɔn a ɔyɛ ɔdomfo ne ne Ba no?

19 Paulo kyerɛwee sɛ: “Munsuasua Onyankopɔn sɛ mma adɔfo.” (Efe. 5:1) Sɛ yebetumi asuasua Yehowa Nyankopɔn ne ne Ba no a, gye sɛ yɛde Bible nnyinasosɛm te sɛ nea yɛasusuw ho wɔ adesua yi mu no yɛ adwuma. Sɛ yɛyɛ saa a, yɛrenhyɛ da nyɛ yɛn ho te sɛ nea yebu ade mfa mpɛ obi a ɔwɔ dibea kɛse anim dom, anaa mfaso bi.—Yuda 16.

20 Wɔ Satan nniso bɔne yi nna a etwa to mu no, Satan awe ahinam so sɛ ɔremma nnipa mmu ade sɛnea Yehowa hwehwɛ sɛ wɔyɛ no. Nanso, Ɔbonsam rentumi mma nokware Kristofo mmɛyɛ nnipa a wommu ade da. Momma yɛn mu biara nyere ne ho sɛ obesua yɛn Nyankopɔn a ɔyɛ ɔdomfo no ne ne Ba no nhwɛso. Sɛ yɛyɛ saa a, yɛn kasa ne yɛn nneyɛe bɛda nsow wɔ nnipa a wommu ade no ho bere nyinaa. Yebeyi yɛn Nyankopɔn Yehowa a ɔyɛ obu a wɔda no adi ho nhwɛso a ɛyɛ pɛ no din ayɛ, na ɛbɛtwetwe nnipa a wɔwɔ koma pa aba ne som a ɛyɛ nokware no mu.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 6 Wɔ aman bi so no, ɛnkyerɛ obu sɛ wode obi a wanyin sen wo kradin anaa ne borɔfodin bɛfrɛ no, gye sɛ onipa no pene so sɛ frɛ no saa ansa. Ɛfata sɛ Kristofo bu amammerɛ a ɛtete saa.

So Wokae?

• Dɛn na yɛasua afi Yehowa ne ne Ba no hɔ wɔ obu a yɛbɛda no adi ho?

• Dɛn nti na sɛ yɛtew yɛn anim kyia nkurɔfo a, ɛka yɛn ho asɛm pa sɛ Kristofo?

• Ɔkwan bɛn so na sɛ yɛda obu adi a, ɛboa ma nkurɔfo tie asɛmpa no?

• Dɛn na awofo yɛ de kyerɛkyerɛ wɔn mma ma wobu ade?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Adaka wɔ kratafa 27]

 Di Kan Serew

Ɛyɛ den ma nnipa pii sɛ wɔne nnipa a wonnim wɔn bɛbɔ nkɔmmɔ. Nanso, esiane ɔdɔ a Yehowa Adansefo wɔ ma Onyankopɔn ne wɔn mfɛfo nnipa nti, wɔyere wɔn ho paa sua sɛnea wɔbɔ nkɔmmɔ sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛka Bible mu nokware no ho asɛm akyerɛ afoforo. Dɛn na ebetumi aboa wo ma woahu sɛnea wɔbɔ nkɔmmɔ yiye?

Nnyinasosɛm bi a ɛboa paa wɔ Filipifo 2:4. Ɛhɔ ka sɛ: “Monnhwɛ nneɛma a ɛfa mo nko ara ho, na mmom monhwɛ nea ɛfa afoforo ho nso bi.” Susuw saa asɛm yi ho wɔ saa kwan yi so hwɛ: Sɛ obi nnim wo koraa a, obu wo sɛ woyɛ ɔhɔho. Dɛn na wubetumi ayɛ ma ne koma atɔ ne yam? Sɛ woserew, na wotew w’anim kyia no a, ebetumi aboa. Nanso, nneɛma pii wɔ hɔ a wubetumi ayɛ aka ho.

Sɛ woyɛ sɛ wo ne obi bɛbɔ nkɔmmɔ a, ebetumi aba sɛ woayi n’adwene afi biribi a ɔresusuw ho so. Sɛ woyɛ sɛ wo ne no bɛka nea ɛwɔ w’adwenem ho asɛm, na woansusuw nea ɔno nso redwen ho ho a, ebia ɔrentie wo. Enti, sɛ wubetumi ahu nea ebia onipa no redwen ho a, dɛn nti na womfa ɛno mfi nkɔmmɔbɔ no ase? Saa na Yesu yɛe bere a ohyiaa ɔbea bi wɔ abura bi ho wɔ Samaria no. (Yoh. 4:7-26) Nsu a na ɔbea no rebɛsaw na na ɛwɔ n’adwenem. Na ɛno na Yesu gyinaa so ne no fii ase bɔɔ nkɔmmɔ, na ankyɛ na Yesu dan nkɔmmɔ no kɔɔ Onyankopɔn asɛm so.

[Mfonini wɔ kratafa 26]

Sɛ yɛtew yɛn anim kyerɛ nkurɔfo a, ebetumi ama yɛadi wɔn adanse kama

[Mfonini wɔ kratafa 28]

Ɛfata sɛ yɛda obu adi bere nyinaa