Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Monkɔ So Nnyin Wɔ Onuadɔ Mu

Monkɔ So Nnyin Wɔ Onuadɔ Mu

Monkɔ So Nnyin Wɔ Onuadɔ Mu

“Monkɔ so nnantew ɔdɔ mu sɛnea Kristo nso dɔɔ mo . . . no.”​—EFE. 5:2.

1. Su titiriw bɛn na Yesu kae sɛ n’akyidifo bɛda no adi?

ADE a wɔde nim Yehowa Adansefo ne Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa a wɔka wɔ afie afie mu no. Nanso, Kristo Yesu paw biribi foforo wɔ Kristosom mu sɛ ɛno na wɔde behu wɔn a wɔyɛ n’asuafo ankasa. Ɔkae sɛ: “Mede ahyɛde foforo rema mo, sɛ monnodɔ mo ho; sɛnea medɔ mo no, mo nso monnodɔ mo ho saa ara. Sɛ mododɔ mo ho a, ɛno na ɛbɛma nnipa nyinaa ahu sɛ moyɛ m’asuafo ampa.”—Yoh. 13:34, 35.

2, 3. Onuadɔ a yɛda no adi no ka wɔn a wɔba yɛn Kristofo nhyiam ahorow ase no dɛn?

2 Ɔdɔ a nokware Kristofo a wɔyɛ anuanom da no adi kyerɛ wɔn ho wɔn ho no so bi nni nnipakuw foforo biara mu. Sɛnea twebo tumi twe dade no, saa ara na ɔdɔ ka Yehowa asomfo bom ma wɔyɛ biako, na ɛtwetwe nnipa komapafo ba nokware som mu. Sɛ nhwɛso no, susuw ɔbarima bi a wɔfrɛ no Marcelino a ofi Cameroon a n’ani furae wɔ n’adwumam asɛm no ho hwɛ. Bere a n’ani furae akyi no, nkurɔfo kekae sɛ odi ahonhonsɛm nti na n’ani afura. Sɛ́ anka ne sɔfo ne n’asɔrefo a wɔaka no bɛkyekye ne werɛ no, wɔpam no fii wɔn asɔre no mu. Bere a Yehowa Dansefo bi too nsa frɛɛ Marcelino sɛ ɔmmra asafo nhyiam no, na ɔmpɛ sɛ ɔkɔ. Ná ɔmpɛ sɛ ɔde ne ho bɛbɔ afoforo ma wɔasan apo no bio.

3 Nanso, nea ɛkɔɔ so wɔ Ahenni Asa no so no yɛɛ Marcelino nwonwa. Wogyee no fɛw so, na Bible mu nsɛm a ɔtee no kyekyee ne werɛ. Ofii ase kɔɔ asafo nhyiam ahorow no nyinaa, onyaa nkɔso wɔ Bible a na ɔresua no mu, na ɔbɔɔ asu wɔ afe 2006 mu. Seesei, ɔka nokware no ho asɛm kyerɛ n’abusuafo ne n’afipamfo, na ɔne nnipa pii sua Bible no. Marcelino pɛ sɛ wɔn a ɔne wɔn sua Bible no nso hu ɔdɔ a Onyankopɔn nkurɔfo ada no adi akyerɛ no no bi.

4. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yetie Paulo afotu a ɛka sɛ ‘yɛnkɔ so nnantew ɔdɔ mu’ no?

4 Onuadɔ a yɛda no adi yi yɛ anigye, na ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa bɔ mmɔden ma ɛkɔ so tena yɛn mu. Susuw ogya a wɔasɔ no anadwo a ɛredɛw a nkurɔfo kɔtena ho to bi ho hwɛ. Sɛ wɔn a wɔreto ogya no amfa nnyina anhyehyɛ mu a, ogya no bedum. Saa ara na sɛ yɛn a yɛyɛ Kristofo no anyere yɛn ho anhyɛ ɔdɔ a ama yɛayɛ biako wɔ asafo no mu no mu den a, ɔdɔ a yɛwɔ no ano bedwo. Yɛbɛyɛ dɛn atumi ahyɛ saa ɔdɔ no mu den? Ɔsomafo Paulo buae sɛ: “Monkɔ so nnantew ɔdɔ mu sɛnea Kristo nso dɔɔ mo na ɔde ne ho maa mo sɛ ayɛyɛde ne afɔre huamhuam a wɔde ma Onyankopɔn no.” (Efe. 5:2) Asɛmmisa a yɛpɛ sɛ yesusuw ho ne sɛ, Nneɛma bɛn na metumi ayɛ na ama makɔ so anantew ɔdɔ mu?

“Mo Nso Montrɛw Mo Komam”

5, 6. Dɛn nti na Paulo hyɛɛ Kristofo a na wɔwɔ Korinto no nkuran sɛ ‘wɔntrɛw wɔn komam’?

5 Ɔsomafo Paulo kyerɛw Kristofo a na wɔwɔ tete Korinto no sɛ: “Korintofo, yɛaka nea ɛsɛ sɛ yɛka biara akyerɛ mo; yɛabue yɛn komam. Yɛn de, yensiw mo kwan yɛn komam, na mmom mo ankasa mo dɔ na musiw ho kwan. Enti nea mo nso mobɛyɛ de atua ka no—mekasa kyerɛ mo sɛ mmofra—mo nso montrɛw mo komam.” (2 Kor. 6:11-13) Dɛn nti na Paulo hyɛɛ Korintofo no nkuran sɛ wɔntrɛw wɔn dɔ mu?

6 Susuw sɛnea tete Korintofo asafo no fii ase no ho hwɛ. Paulo baa Korinto wɔ afe 50 Y.B. mu awiei mu hɔ. Ɛwom sɛ mfiase no, ɔsomafo no hyiaa ɔsɔretia wɔ n’asɛnka adwuma no mu de, nanso wampa abaw. Ankyɛ koraa na nnipa pii begyee asɛmpa no dii wɔ kurow no mu. Paulo de “afe ne asram asia” kyerɛkyerɛɛ asafo foforo no mufo, na ɔhyɛɛ wɔn den. Ɛda adi pefee sɛ na ɔwɔ ɔdɔ a emu yɛ den ma Kristofo a na wɔwɔ Korinto no. (Aso. 18:5, 6, 9-11) Ná anka ɛsɛ sɛ wɔn nso dɔ no bi na wobu no. Nanso, asafo no mufo binom twee wɔn ho fii ne ho. Ebia nnipa kakraa bi ani annye sɛnea sɛ Paulo retu fo a na ɔka ne nsɛm pefee no ho. (1 Kor. 5:1-5; 6:1-10) Ebetumi aba sɛ afoforo nso tiee nsɛm a “asomafo ahotefo” no keka de sɛee ne din no. (2 Kor. 11:5, 6) Ná Paulo pɛ sɛ ne nuanom mmarima ne mmea nyinaa dɔ no. Enti, ɔsrɛɛ wɔn sɛ wɔmmɛn ɔno ne wɔn mfɛfo gyidifo mfa ‘ntrɛw wɔn komam.’

7. Yɛbɛyɛ dɛn atumi ‘atrɛw yɛn komam’ de ada onuadɔ adi?

7 Na yɛn nso ɛ? Yɛbɛyɛ dɛn atumi ada onuadɔ adi de ‘atrɛw yɛn komam’? Ebia ɛrenyɛ den sɛ nnipa a wɔbɔ tipɛn anaasɛ wofi abusuakuw koro mu ne wɔn ho wɔn ho bɛbɔ. Na wɔn a wɔn ani gye anigyede koro ho nso taa de bere pii bom yɛ ade. Nanso, sɛ yehu sɛ nneɛma a yɛne Kristofo binom ani gye ho ma yɛtwe yɛn ho fi afoforo ho a, ɛnde ehia sɛ ‘yɛtrɛw yɛn komam.’ Ɛbɛyɛ papa sɛ yebisa yɛn ho sɛ: ‘So me ne anuanom mmarima ne mmea a me ne wɔn bɔ paa nkutoo na ɛkɔ asɛnka anaa me ne wɔn gye yɛn ani? Sɛ mekɔ Ahenni Asa so a, so mentaa ne wɔn a wɔyɛ foforo no mmɔ a nea enti a meyɛ saa ne sɛ mede hwɛ sɛ wɔyɛ nnipa a ɛfata sɛ mefa wɔn nnamfo anaa? So mikyia mpanyin ne mmofra nyinaa wɔ asafo no mu?’

8, 9. Ɛbɛyɛ dɛn na Paulo afotu a ɛwɔ Romafo 15:7 no atumi aboa yɛn ma yɛakyiakyia yɛn ho ma yɛn nuadɔ no mu ayɛ den?

8 Ɛdefa kyia a yebekyiakyia yɛn ho ho no, asɛm a Paulo kyerɛw kɔmaa Romafo no betumi aboa yɛn ma yɛanya yɛn mfɛfo asomfo ho adwempa. (Monkenkan Romafo 15:7.) Hela asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase “munnye mo ho mo ho” no kyerɛ sɛ “yebegye afoforo fɛw so anaa yɛbɛyɛ wɔn ahɔho, yebegye wɔn atom wɔ yɛn kuw mu na yɛafa wɔn nnamfo.” Wɔ mmere a na wɔrekyerɛw Bible no mu no, sɛ na obi a ɔpɛ ahɔhoyɛ nnamfo ba ne fie a, na ɔma wohu sɛ n’ani agye sɛ wahu wɔn. Kristo agye yɛn fɛw so saa ara aba asafo no mu, na wotu yɛn fo sɛ yɛn nso yennye yɛn mfɛfo asomfo fɛw so mfa nsuasua no.

9 Sɛ yekyia yɛn nuanom wɔ Ahenni Asa so ne mmeae foforo a, ɛsɛ sɛ yenya bere kakra ma wɔn a yehuu wɔn akyɛ anaa wɔn a yɛne wɔn kasae akyɛ no. Dɛn nti na yennye simma kakra ne wɔn mmɔ nkɔmmɔ? Bere foforo a yebehyiam no, yebetumi ne afoforo nso abɔ nkɔmmɔ saa ara. Sɛ yɛyɛ saa a, bere tiaa bi akyi no, yebehu sɛ yɛne yɛn nuanom mmea ne mmarima dodow no ara bɛbɔ nkɔmmɔ a ɛyɛ anigye. Sɛ yɛantumi ne asafo no muni biara ankasa saa da no ara a, ɛnsɛ sɛ ɛhaw yɛn. Sɛ yɛantumi ankyia obi wɔ asafo nhyiam biara ase a, ɛnsɛ sɛ ɔma ɛhaw no.

10. Hokwan kɛse bɛn na asafo no mufo nyinaa wɔ, na yɛbɛyɛ dɛn atumi anya so mfaso kɛse?

10 Ade a edi kan a yɛyɛ de gye afoforo ne sɛ yebekyia wɔn. Nkyia betumi ama yɛne afoforo abɔ nkɔmmɔ anigye so, na yɛne wɔn afa nnamfo a yɛne wɔn ntam rentetew. Sɛ nhwɛso no, sɛ wɔn a wɔakɔ amantam ne amansin nhyiam ase ne afoforo bɔ manni na wofi ase bɔ nkɔmmɔ a, wɔhwɛ kwan sɛ wɔbɛsan ahyiam bio. Anuanom a wotu wɔn ho ma sisi Ahenni Asa taa bɛyɛ nnamfo pa, na wɔn a wɔboa nkurɔfo a atoyerɛnkyɛm ato wɔn no nso yɛ saa ara, efisɛ adwuma a wɔbom yɛ no ma wohu suban pa a wɔn mu biara wɔ. Yɛwɔ hokwan pii a ɛbɛma yɛne afoforo afa nnamfo a yɛne wɔn ntam rentetew wɔ Yehowa ahyehyɛde no mu. Sɛ ‘yɛtrɛw yɛn komam’ a, yebenya nnamfo pii, na ɔdɔ a ɛma yɛyɛ biako no mu bɛyɛ den.

Nya Afoforo Ho Adagyew

11. Sɛnea Marko 10:13-16 kyerɛ no, nhwɛso bɛn na Yesu yɛe?

11 Kristofo nyinaa betumi abɔ mmɔden ama afoforo atumi abɛn wɔn sɛnea Yesu yɛe no. Susuw asɛm a Yesu kae bere a n’asuafo no yɛe sɛ wɔremma kwan mma awofo mfa wɔn mma mma ne nkyɛn no ho hwɛ. Ɔkae sɛ: “Momma mmofra nkumaa no mmra me nkyɛn; na munnsiw wɔn kwan, efisɛ wɔn a wɔte saa na Onyankopɔn ahenni no yɛ wɔn dea.” Afei “ɔbam mmofra no, na ɔde ne nsa guu wɔn so hyiraa wɔn.” (Mar. 10:13-16) Hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ saa mmofra no ani gyei sɛ Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse no daa ɔdɔ a ɛte saa adi kyerɛɛ wɔn!

12. Dɛn na ɛrentumi mma yɛne afoforo mmɔ nkɔmmɔ?

12 Ɛsɛ sɛ Kristoni biara bisa ne ho sɛ, ‘So minya afoforo ho adagyew anaasɛ mpɛn pii no, ɛte sɛ nea minni bere koraa?’ Nneɛma bi wɔ hɔ a yɛyɛ a ɛnyɛ bɔne ankasa, nanso ɛtɔ mmere bi a ɛremma yentumi ne nkurɔfo mmɔ nkɔmmɔ. Sɛ nhwɛso no, sɛ yɛwɔ nnipa mu na yɛtaa de telefon tua yɛn aso ho anaasɛ yɛde nneɛma hyehyɛ yɛn asom tie nnwom a, ebetumi ama wɔanya adwene sɛ yɛmpɛ sɛ yɛne wɔn bɔ. Sɛ afoforo taa hu sɛ yekura kɔmputa ketewaa bi na yɛde yɛn ani asi so denneennen a, wobetumi anya adwene sɛ yɛmpɛ sɛ yɛne wɔn bɔ nkɔmmɔ. Nokwarem no, “kommyɛ wɔ ne bere.” Nanso sɛ yɛwɔ nnipa mu a, mpɛn pii no, ‘ɛyɛ bere a ɛsɛ sɛ yɛkasa.’ (Ɔsɛnk. 3:7) Ebia ebinom bɛka sɛ, “Meredwen me ho” anaasɛ “Mempɛ anɔpa kasa.” Nanso, sɛ yɛtew yɛn anim ne afoforo bɔ nkɔmmɔ bere a anka yɛmpɛ sɛ yɛyɛ saa mpo a, ɛno kyerɛ sɛ yɛwɔ ɔdɔ a “ɛnhwehwɛ nea n’ankasa hia.”—1 Kor. 13:5.

13. Adwene bɛn na Paulo hyɛɛ Timoteo nkuran sɛ onnya wɔ Kristofo mmarima ne mmea ho?

13 Paulo hyɛɛ aberante Timoteo nkuran sɛ onnya obu mma asafo no mufo nyinaa. (Monkenkan 1 Timoteo 5:1, 2.) Ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛne Kristofo a wɔn mfe akɔ anim di sɛ yɛn maamenom ne yɛn papanom, na yɛne mmerante ne mmabaa nso di sɛ yɛn nuanom, te sɛ nea yɛne wɔn fi maame ne papa koro. Sɛ yɛyɛ saa a, yɛn nuanom mmarima ne mmea mu biara rente nka sɛ yɛmpɛ nnipa, na mmom ɛbɛma wɔabɛn yɛn.

14. Sɛ yɛne afoforo bɔ nkɔmmɔ a ɛhyɛ nkuran a, mfaso a yenya no bi ne dɛn?

14 Sɛ yɛne afoforo bɔ nkɔmmɔ a ɛhyɛ nkuran a, yɛboa wɔn ma wɔyɛ den wɔ Onyankopɔn som mu, na ɛma wɔn ani gye. Onua bi a ɔyɛ adwuma wɔ baa dwumadibea bi de anigye kae sɛnea bere a ɔkɔɔ Betel foforo no, na Betelfo a wɔn mfe akɔ anim no nya ne ho bere ne no bɔ nkɔmmɔ no. Nsɛm a ɛhyɛ nkuran a wɔka kyerɛɛ no no ma ɔtee nka ankasa sɛ ɔka Betel abusua no ho. Seesei ɔbɔ mmɔden ne ne mfɛfo Betelfo bɔ nkɔmmɔ de suasua saa mpanyimfo no.

Ahobrɛase Boa Yɛn ma Yɛne Afoforo Siesie Yɛn Ntam

15. Dɛn na ɛkyerɛ sɛ akasakasa betumi aba yɛne afoforo ntam?

15 Ɛbɛyɛ sɛ na ɛyɛ den ma Kristofo mmea baanu a wɔfrɛ wɔn Euodia ne Sintike a na wɔte tete Filipi no sɛ wobesiesie akasakasa bi a na aba wɔn ntam no. (Filip. 4:2, 3) Afoforo tee akasakasa a emu yɛ den a ɛbaa Paulo ne Barnaba nso ntam a ɛma wodii mpaapaemu bere tiaa bi mu no ho asɛm. (Aso. 15:37-39) Saa nsɛm yi kyerɛ sɛ, ɛtɔ mmere bi a akasakasa betumi aba nokware asomfo ntam. Yehowa ma yɛn mmoa a yɛde besiesie akasakasa a ɛba yɛne afoforo ntam, na ɛma yɛne wɔn ntam san yɛ papa. Nanso, ɔpɛ sɛ yɛyɛ biribi.

16, 17. (a) Ɔkwan bɛn so na ahobrɛase ho hia na ama yɛatumi ne afoforo asiesie yɛn ntam? (b) Ɔkwan bɛn so na sɛnea Yakob hyiaa Esau no ma yehu sɛ ahobrɛase so wɔ mfaso?

16 Fa no sɛ wo ne w’adamfo bi de kar rebetu kwan. Ansa na mubetumi afi akwantu no ase no, ɛsɛ sɛ wode kar no safe si ani na wukyim ma kar no gye so. Safe bi nso wɔ hɔ a ɛno na yɛde fi ase siesie yɛne afoforo ntam nsɛmnsɛm. Saa safe no ne ahobrɛase. (Monkenkan Yakobo 4:10.) Sɛnea Kyerɛwnsɛm mu asɛm a edi so yi kyerɛ no, saa safe no na ɛma wɔn a akasakasa aba wɔn ntam no mu biara tumi fi ase de Bible nnyinasosɛm yɛ adwuma.

17 Efi bere a Esau bo fuw ne nua Yakob a ɔyɛ n’ata wɔ ne panyin a ekodii ne hɔ ho a ɔpɛe sɛ okum no no, na mfe 20 atwam. Ná Yakob ne n’ata no resan abehyiam bio wɔ bere tenten yi akyi, “na Yakob bɔɔ hu na ne ho yeraw no.” Yakob hui paa sɛ anhwɛ a Esau bɛtow ahyɛ ne so. Nanso, bere a wohyiae no, Yakob yɛɛ biribi a na Esau nhwɛ kwan. Bere a Yakob bɛn ne nua no, “ɔbɔɔ ne mu ase.” Ɔyɛɛ saa no, dɛn na esii? “Esau de mmirika behyiaa no, na ɔyɛɛ no atuu de ne ti too ne kɔn ho few n’ano, na wɔn baanu sui.” Nea Yakob yɛe no amma ntɔkwaw biara ansi. Ahobrɛase a Yakob daa no adi no yii ɔtan biara a na ɛwɔ Esau mu no fii hɔ.—Gen. 27:41; 32:3-8; 33:3, 4.

18, 19. (a) Sɛ akasakasa ba yɛne afoforo ntam a, dɛn nti na ɛho hia sɛ yedi kan tu ho anammɔn de Kyerɛwnsɛm mu afotu yɛ adwuma? (b) Sɛ nea yɛne no wɔ asɛm no amma yɛansiesie yɛn ntam bere a edi kan a, dɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛpa abaw?

18 Afotu a ɛkyɛn so wɔ Bible mu a yetumi de siesie akasakasa. (Mat. 5:23, 24; 18:15-17; Efe. 4:26, 27) * Nanso, sɛ yɛannya ahobrɛase amfa saa afotu no anyɛ adwuma a, ɛbɛyɛ den sɛ yɛne afoforo besiesie yɛn ntam. Sɛ yɛyɛ yɛn adwene sɛ onipa a yɛne no wɔ asɛm no na ɔnna ahobrɛase adi bere a yɛn nso yebetumi ayɛ saa a, yɛrentumi nsiesie asɛm no.

19 Sɛ yetu anammɔn sɛ yebesiesie yɛne afoforo ntam nea edi kan na sɛ biribi nti anyɛ yiye a, ɛnsɛ sɛ yɛpa abaw. Ebia ebegye bere na ama nea wafom yɛn no bo adwo. Yosef nuanom ne Yosef dii no atirimɔden so. Bere tenten twaam ansa na wɔrehu no, na saa bere no na ɔyɛ Egypt ɔman soafo panyin. Nanso, awiei koraa no, wonuu wɔn ho na wɔsrɛɛ bɔne fafiri. Yosef de wɔn bɔne kyɛɛ wɔn, na Yakob mma no nyaa hokwan bɛyɛɛ ɔman a Yehowa din da wɔn so. (Gen. 50:15-21) Sɛ yɛma asomdwoe tena yɛne yɛn nuanom mmarima ne mmea ntam a, yɛboa ma biakoyɛ ne anigye tena asafo no mu.—Monkenkan Kolosefo 3:12-14.

Momma Yɛnnɔ wɔ “Nneyɛe ne Nokware” Mu

20, 21. Dɛn na yebetumi asua afi asomafo no nan ho a Yesu hohoroe no mu?

20 Aka kakra ma Yesu awu no, ɔka kyerɛɛ n’asomafo no sɛ: “Magyaw mo nhwɛsode sɛ sɛnea mayɛ mo no, mo nso monyɛ saa ara.” (Yoh. 13:15) Ná ɔhohoroo n’asomafo 12 no nan ho nkyɛe koraa. Ná nea Yesu yɛe no nyɛ amanne anaa ayamye bi a ɔdaa no adi kɛkɛ. Ansa na Yohane reka asomafo no nan ho a Yesu hohoroe ho asɛm no, ɔkyerɛwee sɛ: “Esiane sɛ na Yesu dɔ n’ankasa ne de a wɔwɔ wiase no nti, ɔdɔɔ wɔn kosii awiei.” (Yoh. 13:1) Ɛyɛ ɔdɔ a na Yesu wɔ ma n’asuafo no na ɛkaa no ma ɔyɛɛ adwuma a na akoa na ɔtaa yɛ no. Afei, na ɛsɛ sɛ wɔn nso fi ahobrɛase mu yɛ nneɛma ma wɔn ho wɔn ho de kyerɛ sɛ wɔdodɔ wɔn ho. Nokwarem no, ɛsɛ sɛ onuadɔ a nyaatwom nnim ka yɛn ma yɛda no adi sɛ yedwen yɛn nuanom Kristofo mmarima ne mmea nyinaa ho.

21 Ɔsomafo Petro a Onyankopɔn Ba no hohoroo ne nan ho no tee nea Yesu yɛe no ase. Petro kyerɛwee sɛ: “Afei a moayɛ aso ama nokware no de adwira mo kra a nea afi mu aba ne onuadɔ a nyaatwom nnim no, mumfi komam nnodɔ mo ho mo ho denneennen.” (1 Pet. 1:22) Ɔsomafo Yohane a Awurade hohoroo ɔno nso nan ho no kyerɛwee sɛ: “Mma nkumaa, mommma yɛmmfa ano anaa tɛkrɛma nnnɔ, na mmom yɛnyɛ no nneyɛe ne nokware mu.” (1 Yoh. 3:18) Momma yɛn koma nka yɛn mma yɛmfa yɛn nneyɛe nkyerɛ sɛ yɛdɔ yɛn nuanom.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 18 Hwɛ Nhyehyɛe a Wɔayɛ Ma Yɛde Ayɛ Yehowa Apɛde nhoma no kratafa 144-150.

So Wokae?

• Akwan bɛn na yebetumi afa so ‘atrɛw yɛn komam’ adodɔ yɛn ho?

• Dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛanya afoforo ho adagyew?

• Dwuma bɛn na ahobrɛase di wɔ yɛne afoforo ntam a yebesiesie mu?

• Dɛn na ɛsɛ sɛ ɛka yɛn ma yedwen yɛn mfɛfo gyidifo ho?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 21]

Munnye mo mfɛfo gyidifo fɛw so

[Mfonini wɔ kratafa 23]

Mma hokwan a wubenya ne afoforo abɔ no mpa wo ti so