Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

So ɛfata sɛ onuawa bi kata ne ti bere a ɔrekyerɛ ɔkasa a egyina Bible so ase akɔ mum kasa mu wɔ Kristofo asafo nhyiam, amansin, anaa amantam nhyiam ase no?

Yenim sɛ, ɛsɛ sɛ Kristoni bea kata ne ti bere a ɔreyɛ nnwuma bi a anka ne kunu anaa onuabarima a ɔwɔ asafo no mu na ɛsɛ sɛ ɔyɛ no. Eyi ne nnyinasosɛm a ɔsomafo Paulo kae sɛ “ɔbea biara a ɔbɔ mpae anaa ɔhyɛ nkɔm na ɔnkata ne ti no hyɛ ne ti aniwu” no hyia, efisɛ “ɔbea . . . ti ne ɔbarima.” (1 Kor. 11:3-10) Sɛ onuawa bi de biribi a ɛfata kata ne ti bere a ɔreyɛ nnwuma a ɛtete saa a, na ɛkyerɛ sɛ ɔbrɛ ne ho ase ma teokrase nhyehyɛe a ɛwɔ Kristofo asafo no mu no.—1 Tim. 2:11, 12. *

Nanso, sɛ ɛba sɛ onuawa bi rekyerɛ ɔkasa a onuabarima bi rema ase akɔ mum kasa mu a, dɛn na ɛsɛ sɛ ɔyɛ? Nokwarem no, ɛyɛ asɛm a ɔkasafo no reka no na onuawa no rekyerɛ ase kɛkɛ. Nea ɛkyerɛ ne sɛ, ɛyɛ onuabarima no na ɔrekyerɛkyerɛ, na ɛnyɛ onuawa a ɔrekyerɛ ase no. Nanso, ɛsono kasa a wɔkyerɛ ase kɔ mum kasa mu, ɛnna ɛsono kasa a wɔde ano ka a wɔkyerɛ ase kɔ kasa foforo a wɔde ano ka mu koraa. Wɔ kasa a wɔde ano ka a wɔkyerɛ ase mu no, atiefo no betumi ahwɛ ɔkasafo no na bere koro no ara wɔatie nea ɔrekyerɛ ase no nso. Afei nso, wɔntaa mma anuanom mmea a wɔkyerɛ ɔkasa a wɔde ano ka ase no nnyina baabi a ɛbɛma atiefo no de wɔn adwene asi wɔn so titiriw te sɛ nea wɔyɛ no wɔ ɔkasa a wɔkyerɛ ase kɔ mum kasa mu no. Ɛtɔ mmere bi a, wobetumi mpo atena ase bere a wɔrekyerɛ ɔkasa ase no, anaasɛ sɛ wogyina hɔ a, wɔrenhwɛ atiefo no anim na mmom wɔbɛhwɛ ɔkasafo no. Enti, ɛho renhia sɛ onuawa a ɔrekyerɛ kasa ase akɔ kasa a wɔde ano ka mu no kata ne ti.

Sɛ eyi da nkyɛn a, esiane mfiri a aba so a wɔde di dwuma bere a wɔrekyerɛ kasa ase akɔ mum kasa mu nti, ebia nea ɔrekyerɛ ɔkasa no ase no titiriw na atiefo no behu no kɛse. Wɔtaa de nea ɔrekyerɛ ɔkasa no ase no mfonini ba TV kɛse bi so, wɔ bere a ebia nea ɔrema ɔkasa no ankasa mpo de atiefo no nhu no. Esiane nea yɛaka ho asɛm yi nti, ɛbɛyɛ papa sɛ onuawa a ɔrekyerɛ kasa ase akɔ mum kasa mu no kata ne ti de kyerɛ sɛ ɛnyɛ ɔno ankasa na ɔrema ɔkasa no.

Ɔkwan bɛn so na nsakrae a wɔayɛ wɔ akwankyerɛ yi mu no bɛka ɔkasa a wɔkyerɛ ase kɔ mum kasa mu wɔ Teokrase Ɔsom Sukuu dwumadi mu, ɔyɛkyerɛ, ne mmuae a wɔma wɔ Asafo Bible Adesua, Ɔsom Nhyiam, ne Ɔwɛn-Aban Adesua ase no? So ɛsɛ sɛ onuawa a ɔkyerɛ dwumadi a ɛtete saa ase kɔ mum kasa mu no nso kata ne ti? Ɛte sɛ nea tebea ahorow no bi wɔ hɔ a, ɛho renhia sɛ ɔkata ne ti, efisɛ wɔn a wɔwɔ hɔ no nyinaa betumi ahu sɛ ɛnyɛ ɔno ankasa na ɔrehwɛ adesua no so. Eyi ho nhwɛso ne bere a ɔrekyerɛ mmuae a atiefo ma, dwumadi a anuanom mmea yɛ, anaa ɔyɛkyerɛ ahorow ase. Nanso, ɛsɛ sɛ ɔkata ne ti bere a ɔrekyerɛ ɔkasa a anuanom mmarima ma wɔ saa nhyiam ahorow yi ase, bere a ɔrekyerɛ nsɛm a Ɔwɛn-Aban Adesua anaa Asafo Bible Adesua sohwɛfo ka ase, anaa bere a ɔredi anim ma wɔato dwom wɔ mum kasa mu. Sɛ wɔreyɛ asafo nhyiam a, ebia ɛho behia sɛ onuawa kyerɛ mmuae a anuanom mmarima, mmea, mmofra ne asafo mu mpanyimfo ma ase. Eyi nti, ɛbɛyɛ papa paa sɛ ɔbɛkata ne ti bere a wɔreyɛ asafo nhyiam no nyinaa.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 3 Sɛ wopɛ Kristofo mmea ti a wɔkata ho nsɛm pii a, hwɛ “Momfa Mo Ho Nsie Onyankopɔn Dɔ Mu” nhoma no kratafa 209 kosi 212.