Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Sɛnea Yefi Yɛn Komam Tew Yɛn Anim Ma

Sɛnea Yefi Yɛn Komam Tew Yɛn Anim Ma

Sɛnea Yefi Yɛn Komam Tew Yɛn Anim Ma

ƆSOMAFO Paulo kyerɛw ɔma ho asɛm sɛ: “Obiara nyɛ no sɛnea wasusuw wɔ ne komam,” na ɔde kaa ho sɛ: “Ɛnyɛ amemenemfe anaa ɔhyɛ so, efisɛ Onyankopɔn dɔ nea ɔtew n’anim ma.” (2 Kor. 9:7) Yehowa nhyɛ obiara sɛ ɔmmoa nokware som. Ɔma n’asomfo kwan ma wofi wɔn pɛ mu tew wɔn anim ma de da ahofama a wɔwɔ adi. Yehowa nkurɔfo de anigye ama ade wɔ abakɔsɛm nyinaa mu. Ma yensusuw emu abiɛsa ho nhwɛ.

Bere a Yehowa gyee Israelfo fii Egypt akyi no, ɔkae sɛ wonsi ntamadan. Ná wobehia nneɛma a wɔde besi, enti wɔka kyerɛɛ Israelfo sɛ wonyi bi mma. Ɛno nti, “obiara a ne koma kaa no no” de sika kɔkɔɔ ne dwetɛ, agude, ne nneɛma foforo bae. Nkurɔfo no yii wɔn yam mae araa ma wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wonnyae.—Ex. 35:5, 21; 36:6, 7.

Wɔ mfehaha pii akyi no, bere a ɛbae sɛ ɛsɛ sɛ wosi asɔrefie no, Onyankopɔn nkurɔfo san nyaa hokwan a wɔde bɛboa nokware som. Ɔhene Dawid ankasa de nneɛma pii mae ma wɔde sii ɔdan no, na ɔka kyerɛɛ afoforo sɛ wɔn nso nyi bi mma. Wɔde anigye yɛɛ saa. Nea enti a yɛreka saa ne sɛ, sika kɔkɔɔ ne dwetɛ nkutoo a woyii no boro nnɛyi Amerika dɔla ɔpepepem 100! Nkurɔfo no ani gyei sɛ wofi wɔn pɛ mu yii bi maa Yehowa.—1 Be. 29:3-9; 2 Be. 5:1.

Yesu Kristo akyidifo a wɔtenaa ase tete no nso de anigye yii bi mae. Wɔ Pentekoste 33 Y.B. mu no, wɔbɔɔ nnipa bɛyɛ 3,000 asu, na na wɔn mu pii mfi Yerusalem. Nea ɛbɛyɛ na wɔn a na wonni sika no akɔ so atena kurow no mu asua wɔn gyidi foforo no ho ade pii no, Kristofo no yiyii sika bere tiaa mu de boaa wɔn. Anuanom tontɔn wɔn agyapade, na wɔde sika no brɛɛ asomafo no sɛ wɔmfa mmoa wɔn a na wohia mmoa no. Hwɛ sɛnea Yehowa ani begye sɛ ohuu gyidi ne ɔdɔ a ɛte saa a wɔdaa no adi no!—Aso. 2:41-47.

Ɛnnɛ, Kristofo yi wɔn yam tew wɔn anim de wɔn bere, wɔn ahoɔden, ne wɔn sika kɔ so boa nokware som. Adaka a ɛka eyi ho no kyerɛ akwan a yebetumi afa so ayɛ saa no bi.

[Adaka wɔ kratafa 18, 19]

AKWAN A EBINOM FA SO YI NTOBOA

NTOBOA MA WIASE NYINAA ADWUMA NO

Nnipa pii bɔ wɔn tirim yi sika a wɔde beyi ntoboa to hɔ, na wɔde kɔto ntoboa nnaka a wɔakyerɛw ho “Wiase Nyinaa Adwuma” no mu.

Ɔsram biara, asafo ahorow de sika yi mena Yehowa Adansefo dwumadibea a ɛhwɛ wɔn aman dwumadi so no. Wubetumi de sika a wufi wo pɛ mu yi no nso amena Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc., Attention Treasurer’s Office, 25 Columbia Heights, Brooklyn, New York 11201-2483 tẽẽ, anaa wode akɔ Yehowa Adansefo dwumadibea a ɛhwɛ wo man dwumadi so no. (Wubetumi de ntoboa a wufi wo pɛ mu yi a wɔakyerɛ wɔ ase hɔ no nso akɔ Yehowa Adansefo baa dwumadibea a ɛhwɛ wo man dwumadi so.) Ɛsɛ sɛ wokyerɛw “Watchtower” wɔ krataa a wɔde yi sika no so de kɔma address a ɛwɔ atifi hɔ no. Wubetumi de agude anaa nneɛma foforo a ɛsom bo nso ama. Ɛsɛ sɛ wode krataa tiawa bi a ɛkyerɛ sɛ saa ntoboa yi yɛ akyɛde koraa ka ho.

NTOBOA A WƆDE MA KOSI BERE BI HO NHYEHYƐE

Obi betumi de sika ama Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania no ahwɛ so ma wɔde ayɛ adwuma wɔ wiase nyinaa. Nanso, sɛ ɛba sɛ onipa a ɔde mae no bisa a, wɔbɛsan de ama no. Sɛ wopɛ ho nsɛm pii a, yɛsrɛ sɛ wo ne Treasurer’s Office no nni nkitaho denam address a yɛaka ho asɛm no so, anaa wubetumi afrɛ telefon nɔma yi (718) 560-7500.

ADƆE HO NHYEHYƐE

Wɔ sika a wɔde kyɛ koraa akyi no, akwan foforo wɔ hɔ a wubetumi afa so ayi bi ama de aboa wiase nyinaa Ahenni som adwuma no. Ebi ne:

Nsiakyibaa (Insurance): Obi betumi ayɛ nhyehyɛe ma Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania anya kyɛfa wɔ ne nsiakyibaa sika anaa sika a sɛ ogyae adwuma anaa ɔkɔ pɛnhyen a, wɔde bɛma no no mu.

Sika a Wɔde Sie wɔ Sikakorabea: Obi betumi ayɛ nhyehyɛe de ne sika a ɛwɔ sikakorabea, sika kɛse a ɛda sikakorabea ho adanse krataa, anaa sika a sɛ ogyae adwuma a wobetua ama no no ato hɔ ama Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania anaasɛ sɛ owu a wɔatua ama wɔn, sɛnea ɛne ne man mu sikakorabea ahwehwɛde hyia.

Adwuma Mu Kyɛfa ne Sika a Wɔde Bɔ Bosea: Obi betumi de adwuma a ɔyɛ mu kyɛfa a ɔwɔ ne sika a ɔde abɔ bosea a wɔbɛsan atua ama no no ama Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania sɛ akyɛde koraa, anaasɛ sɛ owu a, wontua mma Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania.

Adan ne Nsase: Obi betumi de adan anaa nsase a wotumi tɔn ama sɛ akyɛde koraa, na ɛdefa adan a wɔte mu ho no, wobetumi ayɛ ho nhyehyɛe sɛnea ɛbɛma nea ɔde mae no akɔ so atena mu bere a ɔte ase no. Wo ne wo man mu baa dwumadibea nni nkitaho ansa na wode adan anaa nsase bi ama.

Akyɛde a Wɔde Ma na Wodidi Ho: Akyɛde a wɔde ma na wodidi ho yɛ nhyehyɛe a obi yɛ de sika bi ma adwumakuw bi a Yehowa Adansefo de di dwuma. Nea ɔde ma no anaa obi a nea ɔde ma no bɛpaw no no didi ho denam sika pɔtee bi a wotua ma no afe biara kosi sɛ obewu no so. Wɔtew tow a nea ɔde akyɛde a wodidi ho ma no tua no so wɔ afe a wɔyɛ ho nhyehyɛe no mu.

Nsamansew ne Sika a Wɔde Sie Ma Wɔhwɛ So: Obi betumi de agyapade anaa sika ama Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania denam mmara kwan so nsamansew so, anaa obetumi ayɛ nhyehyɛe na sɛ owu a, wɔde sika bi a ɔde asie sɛ wɔnhwɛ so no ama Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania. Wotumi tew tow a wotua wɔ sika a wɔde asie sɛ wɔnhwɛ so a wɔde ma nyamesom ahyehyɛde bi no so.

Sɛnea asɛm a ɛne “adɔe ho nhyehyɛe” kyerɛ no, saa ntoboa yi hwehwɛ ankasa sɛ nea ɔde ma no bɛyɛ nhyehyɛe wɔ nneɛma bi ho. Nea ɛbɛyɛ na wɔaboa wɔn a wɔpɛ sɛ wɔboa Yehowa Adansefo wiase nyinaa adwuma no denam adɔe ho nhyehyɛe bi so no, wɔasiesie Borɔfo ne Spania kasa mu nhomawa a wɔato din Charitable Planning to Benefit Kingdom Service Worldwide. Wɔkyerɛw nhomawa no na wɔnam so de nkyerɛkyerɛmu a ɛfa akwan a wobetumi afa so de akyɛde ahorow ama mprempren anaasɛ bere a onipa no awu no ho ama. Bere a nnipa pii akenkan nhomawa no na wɔne wɔn ankasa mmaranimfo anaa towtua ho afotufo adi nkitaho no, wɔatumi aboa yɛn som adwuma no ne adɔe a yɛyɛ nkurɔfo no wɔ wiase afanan nyinaa, na saa a wɔayɛ no ama wɔatew tow a wotua no so koraa. Wubetumi abisa Charitable Planning Office no tẽẽ ma wɔabrɛ wo nhomawa yi bi.

Sɛ wopɛ ho nsɛm pii a, wubetumi de address a ɛwɔ ase hɔ no akyerɛw krataa ne Charitable Planning Office no adi nkitaho, anaasɛ wubetumi afrɛ wɔn wɔ telefon so. Anaasɛ wubetumi ne Yehowa Adansefo dwumadibea a ɛhwɛ wo man no dwumadi so no nso adi nkitaho.

Charitable Planning Office

Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania

100 Watchtower Drive

Patterson, New York 12563-9204

Telephone: (845) 306-0707