Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ma Wo Nkɔso Nna Adi

Ma Wo Nkɔso Nna Adi

Ma Wo Nkɔso Nna Adi

“Dwinnwen eyinom ho; fa wo koma nyinaa si so, na ama wo nkɔso ada adi nnipa nyinaa anim.”—1 TIM. 4:15.

1, 2. Dɛn na yenim fa Timoteo mmofraase ne nsakrae a ɛbae bere a odii bɛyɛ mfe 20 no ho?

BERE a Timoteo yɛ abarimaa no, na ɔte Galatia a ɛyɛ Roma mantam a ɛnnɛ wɔfrɛ no Turkey no mu. Wɔ Yesu wu akyi mfe pii no, wɔhyehyɛɛ Kristofo asafo ahorow wɔ hɔ. Bere bi akyi no, aberante Timoteo, ne maame, ne ne nanabea bɛyɛɛ Kristofo, na wɔde nsi somee wɔ asafo ahorow a na ɛwɔ hɔ no biako mu. (2 Tim. 1:5; 3:14, 15) Sɛ́ Kristoni aberante no, akyinnye biara nni ho sɛ na Timoteo ani gye wɔ baabi a na ɔte no. Na ankyɛ na nneɛma fii ase sesae.

2 Saa nsakrae yi nyinaa fii ase bere a ɔsomafo Paulo kɔɔ hɔ ne mprenu so kɔsraa asafo ahorow a ɛwɔ hɔ no. Saa bere no, ɛbɛyɛ sɛ na Timoteo adi bɛyɛ mfe 20. Ɛbɛyɛ sɛ bere a Paulo kɔɔ saa mantam no mu na oduu Listra no, ɔtee sɛnea “anuanom” a wɔwɔ asafo ahorow a ɛwɔ hɔ no mu “kaa [Timoteo] ho asɛm pa.” (Aso. 16:2) Ɛbɛyɛ sɛ aberante Timoteo daa ne ho adi sɛ obi a ne ho akokwaw paa. Afei, wɔ honhom kronkron akwankyerɛ ase no, Paulo ne ɛhɔnom asafo mu mpanyimfo de wɔn nsa guu Timoteo so, na wɔde adwuma titiriw bi hyɛɛ ne nsa wɔ asafo no mu.—1 Tim. 4:14; 2 Tim. 1:6.

3. Ɔsom hokwan soronko bɛn na Timoteo nyae?

3 Timoteo nyaa hokwan soronko bi—sɛ ɔne ɔsomafo Paulo betutu akwan! (Aso. 16:3) Hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ Timoteo ho dwiriw no na n’ani gye fae! Ná Timoteo ne Paulo betutu akwan akɔyɛ nnwuma a na asomafo ne mpanyimfo no de bɛhyɛ ne nsa wɔ mfe a na ɛbɛba no mu. Na ɛtɔ mmere bi nso a na ɔne afoforo bɛyɛ saa ara. Paulo ne Timoteo yɛɛ akwantu adwuma a ɛma wotumi hyɛɛ anuanom den wɔ Onyankopɔn som mu no. (Monkenkan Asomafo Nnwuma 16:4, 5.) Enti, nkɔso a Timoteo nyae sɛ Kristoni no maa Kristofo pii huu no. Bere a ɔsomafo Paulo ne Timoteo boom yɛɛ adwuma bɛyɛ mfe du akyi no, Paulo kyerɛw Filipifo no sɛ: “Minni obiara a ne suban te sɛ [Timoteo] a obeyi ne yam adi mo nsɛm ho dwuma saa. . . . Munim ne ho adanse a ɔde mae no, na ɔne me somee te sɛ abofra ne ne papa de trɛw asɛmpa no mu.”—Filip. 2:20-22.

4. (a) Asɛyɛde a emu yɛ duru bɛn na wɔde hyɛɛ Timoteo nsa? (b) Nsɛm bɛn na yebetumi abisa afa asɛm a Paulo kae a ɛwɔ 1 Timoteo 4:15 no ho?

4 Ɛbɛyɛ sɛ bere a Paulo rekyerɛw Filipifo no na ɔde asɛyɛde bi a emu yɛ duru hyɛɛ Timoteo nsa—sɛ ɔmpaw asafo mu mpanyimfo ne asomfo. (1 Tim. 3:1; 5:22) Ɛda adi pefee sɛ na Timoteo abɛyɛ Kristoni a ɔyɛ ɔhwɛfo a afoforo wɔ ne mu ahotoso. Nanso, Paulo tuu Timoteo fo wɔ saa krataa no ara mu sɛ ‘ɔmma ne nkɔso nna adi nnipa nyinaa anim.’ (1 Tim. 4:15) So na Timoteo mmaa ne nkɔso nnaa adi kɛse dedaw? Sɛ ɛte saa a, ɛnde na asɛm a Paulo kae no kyerɛ dɛn, na dɛn na yebetumi asua afi n’afotu no mu?

Sɛnea Yɛma Yɛn Nkɔso Da Adi sɛ Kristofo

5, 6. Ɔkwan bɛn so na na wɔreyɛ asɛe Efeso asafo no ahotew, na dɛn na na Timoteo betumi ayɛ de abɔ asafo no ho ban?

5 Momma yɛnhwehwɛ nea ɛma wɔkaa asɛm a ɛwɔ 1 Timoteo 4:15 no mu. (Monkenkan 1 Timoteo 4:11-16.) Ansa na Paulo rekyerɛw saa asɛm no, na ɔkɔ Makedonia, nanso na waka akyerɛ Timoteo sɛ ɔntena Efeso. Dɛn ntia? Efisɛ na Efesofo binom rekyerɛkyerɛ atoro nkyerɛkyerɛ ma ɛde mpaapaemu reba asafo no mu. Ná ɛsɛ sɛ Timoteo bɔ asafo no ahotew ho ban. Ná ɔbɛyɛ dɛn ayɛ saa adwuma no? Ɔkwan biako a na ɔbɛfa so ayɛ saa ne sɛ ɔbɛyɛ nhwɛso pa ma afoforo asuasua no.

6 Paulo kyerɛw Timoteo sɛ: “Yɛ nhwɛso ma anokwafo wɔ ɔkasa, abrabɔ, ɔdɔ, gyidi, ne ahotew mu.” Paulo de kaa ho sɛ: “Dwinnwen eyinom ho; fa wo koma nyinaa si so, na ama wo nkɔso ada adi nnipa nyinaa anim.” (1 Tim. 4:12, 15) Ná saa nkɔso yi mfa dibea a na Timoteo wɔ ho, mmom no, na ɛfa Kristofo su a obenya ho. Eyi ne nkɔso a ɛsɛ sɛ Kristoni biara bɔ mmɔden sɛ obenya.

7. Dɛn na wɔhwɛ kwan sɛ asafo no mufo nyinaa bɛyɛ?

7 Sɛnea na ɛte wɔ Timoteo bere so no, ɛnnɛ nso ɔsom hokwan ahorow wɔ asafo no mu. Ebinom som sɛ asafo mu mpanyimfo anaa asomfo. Afoforo yɛ daa akwampaefo. Ebinom nso yɛ ahwɛfo akwantufo, Betel adwumayɛfo, anaa asɛmpatrɛwfo. Asafo mu mpanyimfo kyerɛkyerɛ wɔ asafo nhyiam ahorow te sɛ amansin ne amantam nhyiam ase. Nanso, Kristofo nyinaa—mmarima, mmea, ne mmofra—betumi ama wɔn nkɔso ada adi sɛ Kristofo. (Mat. 5:16) Nokwarem no, sɛnea na ɛte wɔ Timoteo fam no, wɔhwɛ kwan sɛ Kristofo a wɔwɔ ɔsom hokwan soronko mpo bɛma Kristofo su a wɔwɔ no ada adi wɔ nnipa nyinaa anim.

Yɛ Nhwɛso wɔ Ɔkasa Mu

8. Yɛn kasa ka yɛn som dɛn?

8 Nneɛma a na ɛsɛ sɛ Timoteo yɛ nhwɛso wom no mu biako ne ne kasa. Yɛbɛyɛ dɛn atumi ama yɛn nkɔso ada adi wɔ yɛn kasa mu? Yɛn kasa ma afoforo hu nnipa ko a yɛyɛ. Ɛfata sɛ Yesu kae sɛ: “Nea ayɛ koma mã no na ano ka.” (Mat. 12:34) Yesu nua Yakobo nso huu sɛnea yɛn kasa betumi aka yɛn som. Ɔkyerɛwee sɛ: “Sɛ obi bu ne ho sɛ ɔyɛ onyamesomfo nanso ɔnto ne tɛkrɛma nnareka, na mmom ɔkɔ so daadaa ne koma a, onipa a ɔte saa no som yɛ ɔkwa.”—Yak. 1:26.

9. Akwan bɛn so na ɛsɛ sɛ yɛyɛ nhwɛso pa wɔ ɔkasa mu?

9 Yɛn kasa betumi ama afoforo a wɔwɔ asafo no mu ahu baabi a yɛanya nkɔso akodu sɛ Kristofo. Enti, sɛ́ anka yɛbɛka nsɛm a ɛho ntew, ɛnyɛ dɛ, etia afoforo anaa ɛwowɔ wɔn no, Kristofo a wɔn ho akokwaw bɔ mmɔden de wɔn kasa hyɛ afoforo den, kyekye wɔn werɛ, na wɔde hyɛ wɔn nkuran. (Mmeb. 12:18; Efe. 4:29; 1 Tim. 6:3-5, 20) Sɛ yɛwɔ ɔpɛ sɛ yɛde Onyankopɔn mmara a ɛkorɔn a ɛfa abrabɔ ho a yegye di no bɛkyerɛkyerɛ afoforo na yɛama wɔahu sɛ yɛn ankasa pɛ sɛ yɛde bɔ yɛn bra a, ebetumi ama ada adi sɛ yɛpɛ paa sɛ yɛsom Onyankopɔn. (Rom. 1:15, 16) Akyinnye biara nni ho sɛ nnipa a wɔwɔ koma pa behu sɛnea yɛde akyɛde a ɛne kasa di dwuma no, na ebia wobesuasua yɛn.—Filip. 4:8, 9.

Nhwɛso Pa a Yɛbɛyɛ wɔ Abrabɔ ne Ahotew Mu

10. Dɛn nti na ɛho hia sɛ yenya gyidi a nyaatwom nnim na ama yɛn nkɔso ada adi sɛ Kristofo?

10 Kristoni kasa a ɛsɛ sɛ ɔma ɛhyɛ nkuran akyi no, nneɛma foforo wɔ hɔ a ehia sɛ ɔyɛ na ama wayɛ nhwɛso pa. Sɛ obi ka nneɛma pa a ɛsɛ sɛ yɛyɛ ho asɛm, na sɛ ɔno ankasa nyɛ saa nneɛma pa no a, na ɔyɛ nyaatwom. Ná Paulo nim sɛnea na Farisifo no yɛ nyaatwom ne nneɛma bɔne a efi wɔn nyaatwom no mu bae no yiye. Ɔbɔɔ Timoteo kɔkɔ wɔ nyaatwom a ɛte saa ho mpɛn pii. (1 Tim. 1:5; 4:1, 2) Nanso, na Timoteo nyɛ nyaatwom. Wɔ krataa a ɛto so abien a Paulo de kɔmaa Timoteo mu no, ɔkyerɛwee sɛ: “Mekae gyidi a nyaatwom nnim a ɛwɔ wo mu” no. (2 Tim. 1:5) Nanso, na ɛho hia sɛ Timoteo ma afoforo hu sɛ ɔnyɛ nyaatwom wɔ ne Kristosom mu. Ná ɛsɛ sɛ ɔyɛ nhwɛso pa wɔ abrabɔ mu.

11. Ahonyade ho asɛm bɛn na Paulo kyerɛw kɔmaa Timoteo?

11 Wɔ nkrataa abien a Paulo de kɔmaa Timoteo mu no, otuu no fo wɔ abrabɔ ho nsɛm bi mu. Sɛ nhwɛso no, na ɛnsɛ sɛ Timoteo di ahonyade akyi. Paulo kyerɛwee sɛ: “Sikanibere yɛ bɔne nyinaa ntini, na ebinom adi akyi ma wɔayera afi gyidi no ho ma wɔde yaw bebree awowɔ wɔn ho nyinaa.” (1 Tim. 6:10) Sɛ obi yɛ sikanibere a, ɛkyerɛ sɛ ne ho nkokwawee sɛ Kristoni. Mmom no, Kristofo a wɔyɛ wɔn ho awiɛmfoɔ, na wɔma wɔn ani sɔ ‘wɔn ano aduan ne nea wɔde kata wɔn ho’ no ma wɔn nkɔso da adi sɛ Kristofo.—1 Tim. 6:6-8; Filip. 4:11-13.

12. Yɛbɛyɛ dɛn atumi ama yɛn nkɔso ada adi wɔ yɛn asetena mu?

12 Paulo kaa sɛnea ɛho hia sɛ mmea a wɔyɛ Kristofo de “fɛre ne adwenemtew hyɛ ntade a ɛfata” ho asɛm kyerɛɛ Timoteo. (1 Tim. 2:9) Mmea a wɔde fɛre ne adwenemtew paw ntade a wɔhyɛ ne nneɛma a wɔde siesie wɔn ho, ne nneɛma foforo a wɔyɛ wɔ wɔn asetena mu no yɛ nhwɛso a ɛkyɛn so. (1 Tim. 3:11) Saa nnyinasosɛm yi fa Kristofo mmarima nso ho. Paulo tuu ahwɛfo fo sɛ ‘wɔnkari pɛ wɔ wɔn nneyɛe mu, wɔmma wɔn adwenem nna hɔ, na wɔnyɛ wɔn ade pɛpɛɛpɛ.’ (1 Tim. 3:2) Sɛ yɛda saa su yi adi wɔ nneɛma a yɛyɛ da biara mu a, yɛn nkɔso bɛda adi wɔ nnipa nyinaa anim.

13. Yɛbɛyɛ dɛn atumi ayɛ nhwɛso pa wɔ ahotew mu te sɛ Timoteo?

13 Ná ɛsɛ sɛ Timoteo yɛ nhwɛso pa wɔ ahotew mu nso. Bere a Paulo de asɛmfua ahotew dii dwuma no, na ɔreka abrabɔ pɔtee bi ho asɛm, ná ɛfa ɔbarima ne ɔbea nna ho. Ɛyɛ bere a na Timoteo ne mmea redi titiriw na na ɛsɛ sɛ ɔhwɛ yiye na asɛm biara amma n’abrabɔ ho. Ná ɛsɛ sɛ ɔne “mmea mpanyimfo [di] sɛ ɛnanom, mmabaa sɛ nuabeanom, ahotew nyinaa mu.” (1 Tim. 4:12; 5:2) Sɛ obi de ne ho hyɛ ɔbrasɛe mu na ɛte sɛ nea onipa biara anhu mpo a, Onyankopɔn de ohu, na ɛyɛ dɛn ara a awiei koraa no, ɛbɛda adi ma ne mfɛfo nnipa ahu. Ɛyɛ nokware nso sɛ nnwuma pa a Kristoni bi yɛ so ntumi nkata a obiara renhu. (1 Tim. 5:24, 25) Obiara a ɔwɔ asafo no mu betumi ama ne nkɔso ada adi wɔ abrabɔ ne ahotew mu.

Ɔdɔ ne Gyidi Ho Hia

14. Ɔkwan bɛn so na Kyerɛwnsɛm no si so dua sɛ ɛho hia sɛ yɛdodɔ yɛn ho?

14 Ade titiriw a wɔde hu nokware Kristofo ne ɔdɔ. Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo sɛ: “Sɛ mododɔ mo ho a, ɛno na ɛbɛma nnipa nyinaa ahu sɛ moyɛ m’asuafo ampa.” (Yoh. 13:35) Yɛyɛ dɛn da ɔdɔ a ɛte saa adi? Onyankopɔn Asɛm hyɛ yɛn nkuran sɛ ‘yɛne yɛn ho ntena ɔdɔ mu,’ na ‘yɛne yɛn ho nni wɔ ayamye ne ayamhyehye so, na yemfi yɛn pɛ mu mfa bɔne mfirifiri yɛn ho,’ na yɛnna ahɔhoyɛ adi. (Efe. 4:2, 32; Heb. 13:1, 2) Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Momma mo yam nhyehye mo mma mo ho wɔ onuadɔ mu.”—Rom. 12:10.

15. Dɛn nti na ɛho hia sɛ nnipa nyinaa nya ɔdɔ, ne titiriw no, Kristofo a wɔyɛ ahwɛfo?

15 Sɛ Timoteo ne ne mfɛfo Kristofo dii no atirimɔden so a, anka adwuma pa a ɔyɛe sɛ ɔkyerɛkyerɛfo ne ɔhwɛfo no nyinaa bɛyɛ kwa. (Monkenkan 1 Korintofo 13:1-3.) Nanso, akyinnye biara nni ho sɛ, sɛnea Timoteo fi ne komam dɔɔ ne nuanom, ɔdaa ahɔhoyɛ adi kyerɛɛ wɔn, na ɔyɛɛ nnwuma pa maa wɔn no maa ne nkɔso daa adi sɛ Kristoni. Enti, ɛfata sɛ ɔsomafo Paulo hyɛɛ da kae wɔ krataa a ɔde kɔmaa Timoteo no mu sɛ ɔdɔ yɛ su ahorow a na ɛsɛ sɛ Timoteo da no adi de yɛ nhwɛso pa no mu biako.

16. Dɛn nti na na ɛho hia sɛ Timoteo da gyidi a emu yɛ den adi?

16 Bere a Timoteo wɔ Efeso no, wɔsɔɔ ne gyidi hwɛe. Ná ebinom rekyerɛkyerɛ nkyerɛkyerɛ bi a ɛne nokware Kristofo nkyerɛkyerɛ nhyia. Ná afoforo nso retrɛw “atosɛm” mu, anaa wɔreyɛ nsɛm bi a na ɛremmoa mma asafo no nnya nkɔso mu nhwehwɛmu. (Monkenkan 1 Timoteo 1:3, 4.) Paulo kae sɛ nnipa a wɔte saa no ‘ama wɔn ho so, wɔnte hwee ase, na akyinnyegye ne nsɛm ho mansotwe asɛe wɔn adwene.’ (1 Tim. 6:3, 4) So na anka Timoteo betumi de ne ho agyigye nkyerɛkyerɛ bɔne a na wɔde reba asafo no mu mu ketewaa bi mpo? Dabi, efisɛ Paulo hyɛɛ Timoteo nkuran sɛ ‘ɔnko gyidi ko pa no,’ na ɔntwe ne ho mfi “nsɛnhunu a etia akronkronne ne akyinnye a ɛfa nea wodi atoro frɛ no ‘nimdeɛ’” no ho. (1 Tim. 6:12, 20, 21) Akyinnye biara nni ho sɛ Timoteo de Paulo afotu pa no yɛɛ adwuma.—1 Kor. 10:12.

17. Ɔkwan bɛn so na wobetumi asɔ yɛn gyidi ahwɛ nnɛ?

17 Anwonwasɛm ne sɛ, wɔka kyerɛɛ Timoteo sɛ “akyiri yi mmere mu no, ebinom bɛtwe wɔn ho afi gyidi no ho akodi nnaadaasɛm a efi honhom mu ne adaemone nkyerɛkyerɛ akyi.” (1 Tim. 4:1) Ɛho hia sɛ asafo no mufo nyinaa, a wɔn a wɔwɔ ɔsom hokwan ahorow ka ho, da gyidi a emu yɛ den a enhinhim adi te sɛ Timoteo. Sɛ yegyina pintinn na yɛpo awaefo nkyerɛkyerɛ ntɛm ara a, yebetumi ama yɛn nkɔso ada adi, na yɛayɛ nhwɛso pa wɔ gyidi mu.

Yere Wo Ho ma Wo Nkɔso Nna Adi

18, 19. (a) Wobɛyɛ dɛn atumi ama wo nkɔso ada adi nnipa nyinaa anim? (b) Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua a edi hɔ no mu?

18 Ɛda adi pefee sɛ nkɔso a nokware Kristoni bi benya mfa n’ahoɔfɛ, ne dom akyɛde, anaa ne dibea ho. Na mfe dodow a obi de atena asafo no mu nso nkyerɛ ankasa sɛ ne nkɔso bɛda adi. Mmom no, osetie a yɛyɛ ma Yehowa wɔ yɛn nsusuwii, yɛn kasa, ne yɛn abrabɔ mu na ɛma yɛn nkɔso da adi ankasa sɛ Kristofo. (Rom. 16:19) Ɛsɛ sɛ yedi ahyɛde a wɔde ama yɛn sɛ yɛnnodɔ yɛn ho no so, na yenya gyidi a emu yɛ den. Momma yennwinnwen asɛm a Paulo ka kyerɛɛ Timoteo no ho, na yɛmfa yɛn koma nyinaa nsi so, na ama yɛn nkɔso ada adi nnipa nyinaa anim.

19 Su foforo a sɛ yenya nkɔso anaa yɛn ho kokwaw sɛ Kristofo a yɛda no adi ne anigye, na ɛyɛ Onyankopɔn honhom kronkron aba no fã. (Gal. 5:22, 23) Adesua a edi hɔ no bɛboa yɛn ma yɛahu sɛnea yebetumi anya anigye wɔ ahohia bere mu.

Wubebua Dɛn?

• Dɛn na yɛn kasa betumi ama afoforo ahu wɔ yɛn ho?

• Ɔkwan bɛn so na yɛn nkɔso da adi wɔ yɛn abrabɔ ne yɛn ahotew mu?

• Dɛn nti na ɛsɛ sɛ Kristofo yɛ nhwɛso pa wɔ ɔdɔ ne gyidi mu?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 11]

Aberante Timoteo daa ne ho adi sɛ obi a ne ho akokwaw paa

[Mfonini wɔ kratafa 13]

So wo nkɔso da adi ma afoforo hu?