Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ada Adi Sɛ Yehowa Nniso Na Ɛfata!

Ada Adi Sɛ Yehowa Nniso Na Ɛfata!

Ada Adi Sɛ Yehowa Nniso Na Ɛfata!

“Ɔsorosoroni no na odi adesamma ahenni so tumi.”—DAN. 4:17.

1, 2. Nea ama nnipa nniso adi nkogu no bi ne dɛn?

ƐYƐ nokware turodoo sɛ nnipa nniso adi nkogu! Ade titiriw a ama nnipa nniso adi nkogu ne sɛ nnipa nni nyansa a wobetumi de adi tumi yiye. Sɛnea sodifo pii ‘yɛ ahopɛ, sikanibere, ahohoahoa, ahantan, wɔn a wonni nokware, wɔn a wontumi ne wɔn nyɛ apam, dinsɛefo, wɔn a wontumi nni wɔn ho so, wɔn a wɔyɛ keka, wɔn a wɔmpɛ papa, wɔn a woyi afoforo ma, ne wɔn a wɔyɛ ahomaso’ no ama ada adi nnɛ paa sɛ nnipa nniso adi nkogu.—2 Tim. 3:2-4.

2 Efi bere a yɛn awofo a wodi kan no poo Onyankopɔn nniso no akyɛ yiye. Bere a wɔyɛɛ saa no, ebia na wɔn adwene yɛ wɔn sɛ ɛbɛma wɔanya ahofadi. Nanso, sɛ yɛbɛka paa a, na wɔde wɔn ho rehyɛ Satan nniso ase mmom. Mfe mpem asia a wiase nniso a Satan a ɔyɛ “wiase yi sodifo” no hyɛ akyi denneennen no de asɛe nneɛma no ama yɛaba tebea a enye koraa mu seesei sen bere biara. (Yoh. 12:31) Bere a nhoma bi reka tebea a adesamma wom nnɛ ho asɛm no, ɛkae sɛ, mfaso biara nni so sɛ “yɛbɛhwehwɛ wiase a ɛyɛ pɛ.” Ɛkyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Ɛnyɛ wiase a ɛyɛ pɛ nko na yɛrentumi nnya, na mmom mmɔden biara a yɛbɛbɔ sɛ yɛbɛhwehwɛ wiase a ɛyɛ pɛ no de amanehunu, kankabi nniso, ne nea enye koraa no, ɔko na ɛbɛba.” (The Oxford History of the Twentieth Century) Hwɛ sɛnea ɛsɛ sɛ yegye tom koraa sɛ nnipa nniso adi nkogu!

3. Dɛn na yebetumi aka afa ɔkwan a sɛ Adam ne Hawa anyɛ bɔne a anka Onyankopɔn bɛfa so adi tumi no ho?

3 Ɛnde, hwɛ sɛnea ɛyɛ awerɛhow sɛ yɛn awofo a wodi kan no poo nniso biako pɛ a ɛyɛ papa a ɛno ne Onyankopɔn nniso no! Nokwasɛm ne sɛ, sɛ Adam ne Hawa kɔɔ so dii Yehowa nokware a, anka yennim ɔkwan pɔtee a ɔbɛfa so adi asase yi so. Nanso, yebetumi anya ahotoso sɛ anka Onyankopɔn nniso a adesamma nyinaa begye atom no bedi tumi wɔ ɔdɔ mu, na ɛrenhwɛ nnipa anim nso. (Aso. 10:34; 1 Yoh. 4:8) Esiane Onyankopɔn nyansa a enni ano nti, yebetumi nso anya ahotoso sɛ sɛ adesamma maa kwan ma Yehowa kɔɔ so dii wɔn so a, anka ɔhaw ahorow a nnipa nniso de aba no amma. Anka teokrase a ɛno ne Onyankopɔn nniso no betumi ama ‘ateasefo nyinaa anya nea wɔpɛ adi amee.’ (Dw. 145:16) Sɛ yebetwa no tiaa a, anka ɛbɛyɛ nniso a ɛyɛ pɛ. (Deut. 32:4) Hwɛ sɛnea ɛyɛ awerɛhow sɛ nnipa poo Onyankopɔn nniso!

4. Ɛhe na wɔma Satan kwan ma odi tumi kodu?

4 Nanso, ɛyɛ papa sɛ yɛkae sɛ ɛmfa ho sɛ Yehowa maa kwan maa nnipa dii wɔn ho so no, wamfa hokwan a ɔwɔ sɛ odi n’abɔde so no amma obiara da. Ewiee ase no, wɔmaa Babilon hene a na ɔwɔ tumi no mpo hui sɛ “Ɔsorosoroni no na odi adesamma ahenni so tumi.” (Dan. 4:17) Awiei koraa no, Onyankopɔn Ahenni bɛma nea ɔpɛ ayɛ hɔ. (Mat. 6:10) Nokwarem no, Yehowa ama kwan sɛ Satan nyɛ “wiase yi nyame” bere tiaa bi sɛnea ɛbɛyɛ a wobesiesie nsɛm a saa ɔsɔretiafo no ma ɛsɔree no ma obiara adwenem ayɛ no fann. (2 Kor. 4:4; 1 Yoh. 5:19) Nanso, Satan ntumi nyɛɛ biribi a Yehowa mmaa no kwan da. (2 Be. 20:6; fa toto Hiob 1:11, 12; 2:3-6 ho.) Wɔ nnipa abakɔsɛm nyinaa mu no, nnipa bi apaw sɛ wɔde wɔn ho bɛhyɛ Onyankopɔn ase, ɛmfa ho mpo sɛ wɔtenaa ase wɔ wiase a Onyankopɔn Tamfo kɛse no na odi so mu no.

Sɛnea Onyankopɔn Dii Israel So

5. Ɛbɔ bɛn na Israelfo hyɛɛ Onyankopɔn?

5 Nnipa anokwafo bi som Yehowa fii Habel bere so besii bere a wɔhyehyɛɛ Israel man no so, na wodii n’ahyɛde so. (Heb. 11:4-22) Wɔ Mose bere so no, Yehowa ne tete agya Yakob asefo yɛɛ apam, na wɔbɛyɛɛ Israel man. Wɔ afe 1513 A.Y.B. mu no, Israelfo hyɛɛ bɔ sɛ wɔne wɔn asefo begye Yehowa atom sɛ wɔn Sodifo. Wɔhyɛɛ bɔ sɛ: “Nea Yehowa aka nyinaa, yɛbɛyɛ.”—Ex. 19:8.

6, 7. Dɛn na ɛdaa adi wɔ sɛnea Onyankopɔn dii Israel so no mu?

6 Ná Yehowa wɔ atirimpɔw a enti ɔpaw Israelfo de wɔn yɛɛ ne man. (Monkenkan Deuteronomium 7:7, 8.) Ɛnyɛ Israelfo yiyedi nkutoo nti na Yehowa paw wɔn de wɔn yɛɛ ne man, na mmom, na Onyankopɔn din ne ne tumidi nso ho wom bi, na na ɛno ne ade a ɛho hia paa. Ná Israelfo bedi adanse sɛ Yehowa ne nokware Nyankopɔn koro pɛ no. (Yes. 43:10; 44:6-8) Enti, Yehowa ka kyerɛɛ Israel man no sɛ: “Woyɛ ɔman kronkron ma Yehowa wo Nyankopɔn, na Yehowa apaw wo afi asase so aman nyinaa mu de wo ayɛ ne man, n’agyapade titiriw.”—Deut. 14:2.

7 Onyankopɔn kaee sɛ Israelfo no nyɛ pɛ bere a na odi wɔn so no. Nanso, mmara a ɔde maa wɔn no de na ɛyɛ pɛ, na ɛma wohuu onii a ɔde mmara no mae no su. Yehowa ahyɛde a ɔnam Mose so de mae no sii sɛnea Onyankopɔn yɛ kronkron, sɛnea ɔdɔ atɛntrenee, sɛnea ɔwɔ ɔpɛ sɛ ɔde bɔne befiri, ne n’abotare so dua pefee. Akyiri yi, wɔ Yosua ne ne beresofo no nna mu no, ɔman no dii Yehowa ahyɛde so, na wonyaa asomdwoe ne honhom fam nhyira pii. (Yos. 24:21, 22, 31) Nea ɛkɔɔ so wɔ Israelfo abakɔsɛm mu saa bere no ma ɛdaa adi sɛ Yehowa nniso na ɛyɛ papa.

Nnipa Nniso De Amanehunu na Ɛba

8, 9. Ade a nyansa nnim bɛn na Israelfo bisae, na dɛn na efi mu bae?

8 Bere bi akyi no, Israelfo twee wɔn ho fii Onyankopɔn nniso ho mpɛn pii, na amma wɔannya n’ahobammɔ. Awiei koraa no, Israelfo faa odiyifo Samuel so srɛe sɛ wɔpɛ ɔhene a ɔyɛ onipa a wɔde wɔn ani behu no. Yehowa ka kyerɛɛ Samuel sɛ ɔnyɛ nea wɔrehwehwɛ no mma wɔn. Nanso Yehowa de kaa ho sɛ: “Ɛnyɛ wo na wɔapo wo; me mmom na wɔapo me sɛ minnni wɔn so hene.” (1 Sam. 8:7) Ɛwom sɛ Yehowa maa kwan ma Israelfo nyaa ɔhene a wɔde wɔn ani behu no de, nanso ɔbɔɔ wɔn kɔkɔ sɛ sɛ onipa di wɔn so hene a, ɛde amanehunu na ɛbɛba wɔn so.—Monkenkan 1 Samuel 8:9-18.

9 Nsɛm a esisii no ma ɛdaa adi sɛ Yehowa kɔkɔbɔ no baa mu. Nnipa a Israelfo ma wodii wɔn so hene no de ɔhaw akɛse na ɛbaa wɔn so, titiriw, bere a ɔhene no anni nokware no. Bere a Israelfo asɛm yi wɔ yɛn adwenem no, ɛnyɛ nwonwa sɛ wɔ abakɔsɛm nyinaa mu no, nnipa a wɔyɛ sodifo a wonnim Yehowa no ntumi nyɛɛ adepa biara a aboa nnipa bere nyinaa. Nokwarem no, amanyɔfo binom asrɛ Onyankopɔn sɛ onhyira mmɔden a wɔbɔ sɛ wobenya asomdwoe ne ahotɔ no so de, nanso ɛbɛyɛ dɛn na Onyankopɔn atumi ahyira nnipa a wɔmmrɛ wɔn ho ase nhyɛ ne nniso ase no?—Dw. 2:10-12.

Ɔman Foforo a Onyankopɔn Di So

10. Dɛn nti na Onyankopɔn paw ɔman foforo sii Israelfo no ananmu?

10 Israel man no daa no adi sɛ wɔmpɛ sɛ wɔsom Yehowa nokware mu. Awiei koraa no, wɔpoo Mesia a Onyankopɔn apaw no no, na Yehowa nso poo wɔn, na ɔbɔɔ ne tirim sɛ ɔde nnipakuw bi a wɔyɛ ɔman foforo besi wɔn ananmu. Ɛno nti, wɔ afe 33 Y.B. mu no, wɔhyehyɛɛ Kristofo asafo a Yehowa asomfo a wɔasra wɔn na wɔwom no. Sɛ yɛbɛka paa a, na saa asafo no yɛ ɔman foforo a Yehowa di so tumi. Paulo frɛɛ saa ɔman no “Onyankopɔn Israel.”—Gal. 6:16.

11, 12. Nsɛdi bɛn na ɛwɔ Israel ne “Onyankopɔn Israel” no ntam wɔ sɛnea wɔhwɛ Onyankopɔn nkurɔfo so mu?

11 Nsonsonoe wɔ tete Israel man no ne “Onyankopɔn Israel” foforo no ntam, na wodi nsɛ wɔ nneɛma bi mu nso. Kristofo asafo no nni ɔhene a ɔyɛ onipa, na enhia nso sɛ wɔde mmoa bɔ afɔre ma abɔnefo te sɛ nea na tete Israelfo yɛ no. Ade biako a Israel man no ne Kristofo asafo no di nsɛ wom ne nhyehyɛe a wɔayɛ ama mpanyimfo di nneɛma anim. (Ex. 19:3-8) Kristofo asafo no mu mpanyimfo a wɔte saa no nni nguankuw no so tumi. Mmom no, wɔhwɛ asafo no so na woyi wɔn yam di anim wɔ nnwuma a Kristofo yɛ mu. Wɔne asafo no muni biara di no ɔdɔ mu, na wodi asafo no mufo nyinaa ni nso.—2 Kor. 1:24; 1 Pet. 5:2, 3.

12 Sɛ “Onyankopɔn Israel” no mufo ne wɔn ahokafo “nguan foforo” no dwinnwen sɛnea Onyankopɔn ne Israel dii no ho a, wonya Yehowa ne ne nniso ho anisɔ kɛse. (Yoh. 10:16) Sɛ nhwɛso no, abakɔsɛm da no adi sɛ nnipa a wodii Israel so no nyaa ɔmanfo no so nkɛntɛnso kɛse paa, sɛ́ ɛyɛ papa anaa bɔne. Saa asɛm no ma wɔn a wodi anim wɔ Kristofo asafo no mu hu sɛ, ɛsɛ sɛ wɔyɛ gyidi ho nhwɛso pa bere nyinaa ɛmfa ho mpo sɛ wɔnyɛ sodifo te sɛ saa tete ahemfo no.—Heb. 13:7.

Sɛnea Yehowa Di Tumi Nnɛ

13. Asɛntitiriw bɛn na esii wɔ afe 1914 mu?

13 Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ ka kyerɛ wiase no sɛ nnipa a wodi adesamma so no nniso reba awiei. Yehowa de n’Ahenni no sii hɔ wɔ soro wɔ afe 1914 mu, na ɔde Ɔhene a wapaw no, Yesu Kristo, dii so. Saa bere no, Yehowa maa Yesu tumi sɛ omfi adi ‘nkodi nkonim na onwie ne nkonimdi koraa.’ (Adi. 6:2) Wɔka kyerɛɛ Ɔhene a na wɔde no asi agua so foforo no sɛ: “Kɔ w’atamfo mfinimfini kodi wɔn so.” (Dw. 110:2) Nanso awerɛhosɛm ne sɛ, amanaman no apo bere nyinaa sɛ wɔde wɔn ho bɛhyɛ Yehowa nniso ase. Wɔakɔ so ayɛ wɔn ade te sɛ nea “Yehowa biara nni hɔ.”—Dw. 14:1.

14, 15. (a) Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn Ahenni di yɛn so nnɛ, na eyi nti, nsɛm bɛn na ɛsɛ sɛ yebisa yɛn ho? (b) Ɛnnɛ mpo, ɔkwan bɛn so na ada adi sɛ Onyankopɔn nniso na ɛkorɔn?

14 “Onyankopɔn Israel” no mufo a wɔasra wɔn no mu kakraa bi da so wɔ asase so, na wɔn a wɔyɛ Yesu nuanom yi kɔ so di dwuma sɛ ‘ahemmɔfo a wosi Kristo ananmu.’ (2 Kor. 5:20) Wɔapaw wɔn sɛ akoa nokwafo ne ɔbadwemma kuw sɛ wɔnhwɛ wɔn a wɔasra wɔn no ne Kristofo a wɔn dodow rekɔ anim a seesei wɔyɛ ɔpepem pii a wɔwɔ anidaso sɛ wɔbɛtena asase so daa no so, na wɔmma wɔn honhom fam aduan. (Mat. 24:45-47; Adi. 7:9-15) Nhyira a nokware asomfo a wɔwɔ hɔ nnɛ renya no yɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ Yehowa gye saa nhyehyɛe no tom.

15 Ɛsɛ sɛ yɛn mu biara bisa ne ho sɛ: ‘So mihu asɛyɛde ahorow a ɛsɛ sɛ midi ho dwuma wɔ Kristofo asafo no mu yiye? So mereboa Yehowa nniso wɔ ɔkwan a ɛfata so? So ɛyɛ me anigye sɛ meyɛ Yehowa Ahenni a ɛredi tumi no akoa? So masi me bo sɛ mɛkɔ so aka Onyankopɔn Ahenni no ho asɛm akyerɛ afoforo sɛnea metumi?’ Sɛ́ kuw no, yefi yɛn pɛ mu brɛ yɛn ho ase gye akwankyerɛ a Sodikuw no de ma yɛn no tom, na yetie asafo mu mpanyimfo a wɔapaw wɔn no nso. Yɛnam saa a yɛyɛ so da no adi sɛ yegye Onyankopɔn nniso tom. (Monkenkan Hebrifo 13:17.) Sɛ yefi yɛn pɛ mu brɛ yɛn ho ase a, ɛma yɛyɛ biako wɔ wiase nyinaa, na ɛno ma yɛda nsow wɔ wiase a emu apaapae yi mu. Ɛsan nso ma yenya asomdwoe, ɛma yɛyɛ adetrenee, na ɛhyɛ Yehowa anuonyam, na ɛno ma ɛda adi sɛ Yehowa nniso na ɛyɛ papa sen biara.

Yehowa Nniso Di Nkonim

16. Gyinae bɛn na ɛsɛ sɛ obiara si nnɛ?

16 Bere a wobesiesie nsɛm a ɛsɔree wɔ Eden turom no rebɛn ntɛmntɛm. Enti, ɛnnɛ ne bere a ɛsɛ sɛ nkurɔfo si gyinae. Ɛsɛ sɛ obiara si gyinae sɛ obegye Yehowa nniso atom anaasɛ obedi nnipa nniso akyi. Yɛanya hokwan sɛ yɛbɛboa ahobrɛasefo ma wɔasi gyinae pa. Ɛrenkyɛ, Harmagedon bɛba ma Yehowa nniso abesi nnipa nniso a Satan hyɛ akyi no ananmu daa. (Dan. 2:44; Adi. 16:16) Nnipa nniso bɛba awiei, na Onyankopɔn Ahenni bedi asase nyinaa so. Ɛbɛda adi sɛ Yehowa nniso na ɛfata koraa.—Monkenkan Adiyisɛm 21:3-5.

17. Nokwasɛm bɛn na ɛboa ahobrɛasefo ma wosisi gyinae pa de paw nniso a eye?

17 Ɛsɛ sɛ wɔn a wonnya nsii gyinae pefee sɛ wobegyina Yehowa afã no de mpaebɔ susuw mfaso a Onyankopɔn nniso de bɛbrɛ adesamma no ho. Nnipa nniso ntumi nyii nsɛmmɔnedi a ebi ne amammɔesɛm mfii hɔ. Onyankopɔn nniso beyi abɔnefo nyinaa afi asase so. (Dw. 37:1, 2, 9) Nnipa nniso de akodi aba bere nyinaa, nanso Onyankopɔn nniso bɛma ‘akodi agyae akosi asase ano.’ (Dw. 46:9) Onyankopɔn nniso bɛsan ama asomdwoe aba nnipa ne mmoa mpo ntam! (Yes. 11:6-9) Ohia ne ɔkɔm adi akoten wɔ nnipa nniso mu, nanso Onyankopɔn nniso beyi ne nyinaa afi hɔ. (Yes. 65:21) Nnipa sodifo a wɔwɔ adwempa paa mpo ntumi nyii yare ne owu mfii hɔ, nanso wɔ Onyankopɔn nniso ase no, nkwakoraa ne mmerewa, ne ayarefo bɛsan anya ahoɔden te sɛ mmerante ama wɔn ani agye. (Hiob 33:25; Yes. 35:5, 6) Nokwarem no, asase bɛdan paradise na wɔanyan awufo mpo ma wɔabɛtena so.—Luka 23:43; Aso. 24:15.

18. Dɛn na yebetumi ayɛ de akyerɛ sɛ yegye di sɛ Onyankopɔn nniso na eye sen biara?

18 Nokwarem no, Onyankopɔn nniso beyi ɔhaw a Satan de bae bere a ɔdaadaa yɛn awofo a wodi kan ma wɔtwee wɔn ho fii wɔn Bɔfo no ho no nyinaa afi hɔ. Wo de, susuw ho hwɛ, bɛyɛ mfe 6,000 ni na Satan de ɔhaw aba, nanso Onyankopɔn nam Kristo so de mfe 1,000 beyi ɔhaw no nyinaa afi hɔ! Adanse a edi mũ a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn nniso korɔn bɛn ara ni! Yɛn a yɛyɛ yɛn Nyankopɔn no Adansefo no gye tom sɛ ɔno ne yɛn Sodifo. Enti, momma yɛnna no adi da biara da, nokwarem no, dɔnhwerew biara, wɔ yɛn asetena mu sɛ yɛyɛ Yehowa asomfo, yɛyɛ n’Ahenni no nkoa, na yɛn ani gye sɛ yɛyɛ n’Adansefo. Enti, momma yɛmfa hokwan biara a yebenya nka nkyerɛ obiara a obetie sɛ Yehowa nniso na ɛyɛ papa sen biara.

Dɛn na Yesua Faa Onyankopɔn Nniso Ho Bere a Yɛkenkan . . .

Deuteronomium 7:7, 8?

1 Samuel 8:9-18?

Hebrifo 13:17?

Adiyisɛm 21:3-5?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 29]

Yehowa adi tumi bere nyinaa

[Mfonini wɔ kratafa 31]

Sɛ yefi yɛn pɛ mu de yɛn ho hyɛ Yehowa nniso ase a, ɛma yɛyɛ biako wɔ wiase nyinaa