Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Dɛn Nti Na Ɛsɛ Sɛ Wuhyira Wo Ho So Ma Yehowa?

Dɛn Nti Na Ɛsɛ Sɛ Wuhyira Wo Ho So Ma Yehowa?

Dɛn Nti Na Ɛsɛ Sɛ Wuhyira Wo Ho So Ma Yehowa?

“Anadwo yi, Onyankopɔn a meyɛ ne de . . . no bɔfo begyinaa me nkyɛn.”—ASO. 27:23, Akuapem Twi Bible.

1. Anammɔn bɛn na wɔn a wɔrebɛbɔ wɔn asu no atu dedaw, na nsɛmmisa bɛn na eyi de ba?

NSƐM abien a wobisa wɔn a wɔrebɛbɔ wɔn asu wɔ asubɔ kasa awiei no mu biako ne sɛ: “So wugyina Yesu Kristo afɔrebɔ no so asakra wɔ wo bɔne ho, na woahyira wo ho so ama Yehowa sɛ wobɛyɛ n’apɛde anaa?” Dɛn nti na ɛsɛ sɛ Kristofo hyira wɔn ho so ma Yehowa? Sɛ yehyira yɛn ho so ma Onyankopɔn a, mfaso bɛn na yenya? Dɛn nti na sɛ obi anhyira ne ho so amma Onyankopɔn a, ne som ntumi nsɔ n’ani? Sɛ yebenya nsɛmmisa yi ho mmuae a, gye sɛ yedi kan hu nea ahosohyira kyerɛ.

2. Dɛn na obi ho so a ohyira ma Yehowa no kyerɛ?

2 Dɛn na obi ho so a ohyira ma Onyankopɔn no kyerɛ? Hyɛ sɛnea ɔsomafo Paulo kyerɛkyerɛɛ abusuabɔ a na ɔne Onyankopɔn wɔ no mu nsow. Ogyinaa nnipa pii a na wɔwɔ po so hyɛn bi a na ɛreyɛ amem anim frɛɛ Yehowa sɛ “Onyankopɔn a meyɛ ne de.” (Aso. 7:22-24, Akuapem Twi Bible) Nokware Kristofo nyinaa yɛ Yehowa dea. Nanso, wiase no nyinaa “da ɔbɔnefo no tumi mu.” (1 Yoh. 5:19) Sɛ Kristofo hyira wɔn ho so wɔ ɔkwan a ɛfata so wɔ mpaebɔ mu ma Yehowa a, wɔba bɛyɛ ne dea. Ahosohyira a ɛte saa no yɛ ntam a obi ankasa ka. Ɛno akyi no, wɔbɔ onipa no asu wɔ nsu mu.

3. Ná Yesu asubɔ no yɛ dɛn ho sɛnkyerɛnne, na n’akyidifo bɛyɛ dɛn atumi asuasua ne nhwɛso no?

3 Yesu yɛɛ nhwɛso maa yɛn bere a n’ankasa sii gyinae sɛ ɔbɛyɛ Onyankopɔn apɛde no. Esiane sɛ na wɔawo Yesu ato Israel man a wɔahyira so ama Onyankopɔn dedaw mu nti, na Yesu ahyira ne ho so ama Onyankopɔn dedaw. Nanso, bere a wɔbɔɔ no asu no, na ɔreyɛ biribi a ɛboro nea na Mose Mmara no hwehwɛ so. Onyankopɔn Asɛm kyerɛ sɛ, ɔkae sɛ: “Hwɛ! Maba . . . sɛ merebɛyɛ w’apɛde, O Onyankopɔn.” (Heb. 10:7; Luka 3:21) Enti, na Yesu asubɔ no yɛ sɛnkyerɛnne a ɛkyerɛ sɛ ɔde ne ho rema Onyankopɔn ma wayɛ n’Agya no apɛde. Sɛ Yesu akyidifo ma wɔbɔ wɔn asu a, na wɔresuasua ne nhwɛso no. Nanso, wɔ wɔn fam no, wɔnam asu a wɔbɔ wɔn wɔ nsu mu so da no adi wɔ baguam sɛ wɔn ankasa ahyira wɔn ho so wɔ mpaebɔ mu ama Onyankopɔn.

Sɛnea Yenya Ahosohyira so Mfaso

4. Dɛn na Dawid ne Yonatan adamfofa no ma yehu fa ahofama ho?

4 Yɛn ho so a yehyira ma Onyankopɔn sɛ Kristofo no yɛ aniberesɛm. Ɛyɛ adeyɛ a ɛkɔ akyiri sen yɛn ho a yɛde ma no ara kwa. Nanso, sɛ yehyira yɛn ho so ma no a, mfaso bɛn na yenya? Momma yɛmfa sɛnea sɛ yɛda ahofama adi wɔ yɛne nnipa abusuabɔ mu a yenya so mfaso no ntoto ahosohyira ho nhwɛ. Emu biako ne adamfofa. Sɛ wubenya wo ne obi adamfofa so mfaso a, ɛsɛ sɛ wugye asɛyɛde a ɛwɔ adamfofa mu no tom. Ɛno hwehwɛ sɛ woda ahofama adi—nea ɛkyerɛ ne sɛ, wubehu sɛ wowɔ asɛyɛde sɛ wudwen w’adamfo ho. Nnamfofa a ɛyɛ soronko koraa a Bible ka ho asɛm no mu biako ne Dawid ne Yonatan de no. Dawid ne Yonatan yɛɛ apam wɔ wɔn adamfofa no ho. (Monkenkan 1 Samuel 17:57; 18:1, 3.) Ɛwom sɛ yɛntaa nhu nnamfo a wɔda ahofama a ɛkɔ akyiri saa adi de, nanso nnamfo dodow no ara a wɔda ahofama adi, anaasɛ wɔn mu biara hu sɛ ɔwɔ asɛyɛde wɔ n’adamfo ho no nnamfofa mu yɛ den.—Mmeb. 17:17; 18:24.

5. Dɛn na na akoa bi betumi ayɛ na ama wayɛ ne wura a ne yam ye dea afebɔɔ?

5 Mmara a Onyankopɔn de maa Israelfo no ka abusuabɔ foforo bi a nnipa a wɔwom no daa ahofama adi ma wonyaa so mfaso ho asɛm. Sɛ na akoa bi pɛ sɛ ɔne ne wura a ne yam ye tena daa a, na obetumi ne no ayɛ apam a ɛbɛkyekyere no daa. Mose Mmara no ka sɛ: “Sɛ akoa no ka sɛ, ‘Medɔ me wura ne me yere ne me mma, mempɛ ahofadi biara’ a, ɛnde ne wura no mfa no mmra nokware Nyankopɔn anim na ɔmfa no ntweri ɔpon anaa apongua ho. Afei ne wura no mfa fitii mmɔ n’asom tokuru ma ɔnyɛ n’akoa afebɔɔ.”—Ex. 21:5, 6.

6, 7. (a) Ɔkwan bɛn so na nkurɔfo nya ahofama a wɔda no adi so mfaso? (b) Dɛn na ɛno ma yehu fa yɛne Yehowa abusuabɔ ho?

6 Aware yɛ abusuabɔ a ɛhwehwɛ sɛ wɔda ahofama a ɛkɔ akyiri adi wom. Ɛyɛ onipa na wɔda ahofama adi ma no, na ɛnyɛ apam bi. Ɔbarima ne ɔbea a wɔnwaree nanso wɔte hɔ sɛ awarefo ntumi nnya abotɔyam ankasa da; wɔn mma nso saa ara. Nanso, ɔbarima ne ɔbea a wɔaware wɔ nidi mu na wɔda ahofama adi ma wɔn ho wɔn ho no wɔ Kyerɛwnsɛm mu nnyinasosɛm a ɛhyɛ wɔn ma wɔbɔ mmɔden siesie akasakasa a ɛba wɔn ntam wɔ ɔdɔ mu.—Mat. 19:5, 6; 1 Kor. 13:7, 8; Heb. 13:4.

7 Wɔ bere a na wɔrekyerɛw Bible no mu no, nkurɔfo nyaa aguadi ne adwuma a wɔne afoforo yɛe a wɔyɛɛ ho nhyehyɛe wɔ mmara kwan so no so mfaso. (Mat. 20:1, 2, 8) Saa ara na mfaso wɔ nhyehyɛe a ɛte saa so nnɛ. Sɛ nhwɛso no, sɛ yɛyɛ nkrataa ansa na yɛafi ase de yɛn ho ahyɛ aguadi bi mu anaasɛ yɛayɛ adwuma ama adwumakuw bi a, yenya so mfaso. Enti, sɛ ahofama a yɛda no adi boa ma yɛne nnipa ntam abusuabɔ te sɛ nnamfofa, aware, ne adwumayɛ tumi gyina a, ɛnde hwɛ sɛnea sɛ wuhyira wo ho so koraa ma Yehowa a, wubenya so mfaso kɛse! Afei, momma yensusuw sɛnea nnipa bi a wohyiraa wɔn ho so maa Yehowa Nyankopɔn tete no nyaa so mfaso, ne sɛnea wɔn ahosohyira no kɔ akyiri koraa sen ahofama kɛkɛ a wɔda no adi ho nhwɛ.

Sɛnea Israelfo Nyaa Wɔn Ho so a Wohyira Maa Onyankopɔn so Mfaso

8. Israelfo ho so a wohyira maa Onyankopɔn no kyerɛ dɛn?

8 Israel man mũ no nyinaa bɛyɛɛ ɔman a wɔahyira so ama Yehowa bere a wɔhyɛɛ Onyankopɔn bɔ no. Yehowa ma wohyiaam wɔ Bepɔw Sinai ho, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Sɛ mutie m’asɛm na mudi m’apam so a, ɛnde mɛtew mo afi aman nyinaa ho de mo ayɛ m’agyapade titiriw.” Ɔman no nyinaa boom kae sɛ: “Nea Yehowa aka nyinaa, yɛbɛyɛ.” (Ex. 19:4-8) Israelfo ho so a wohyira maa Yehowa no kyerɛ pii sen ɛbɔ a wɔhyɛe sɛ wɔbɛyɛ biribi no. Ná ɛkyerɛ sɛ wɔabɛyɛ Yehowa dea, na Yehowa de wɔn yɛɛ ‘n’agyapade titiriw.’

9. Ɔkwan bɛn so na Israelfo nyaa wɔn ho so a wohyira maa Onyankopɔn no so mfaso?

9 Israelfo no nyaa Yehowa dea a wɔbɛyɛe no so mfaso. Yehowa dii wɔn nokware, na ɔhwɛɛ wɔn sɛnea agya a ɔwɔ ɔdɔ hwɛ ne ba. Onyankopɔn ka kyerɛɛ Israelfo sɛ: “So ɔbea werɛ befi ne nufu ano ba ma enti ne yam renhyehye no mma ne yafunu mu ba? Mmea yi werɛ betumi afi, nanso me de, me werɛ remfi wo.” (Yes. 49:15) Yehowa de Mose Mmara no maa Israelfo de kyerɛɛ wɔn kwan, ɔmaa n’adiyifo hyɛɛ wɔn nkuran, na ɔmaa abɔfo bɔɔ wɔn ho ban. Odwontofo bi kyerɛwee sɛ: “Ɔka n’asɛm kyerɛ Yakob, na ɔka n’ahyɛde ne n’atemmusɛm kyerɛ Israel. Ɔnyɛɛ ɔman biara saa.” (Dw. 147:19, 20; monkenkan Dwom 34:7, 19; 48:14.) Sɛnea Yehowa hwɛɛ ɔman a na ɛyɛ ne dea so tete no, saa ara na ɔbɛhwɛ wɔn a wohyira wɔn ho so ma no nnɛ no.

Nea Enti a Ɛsɛ sɛ Yehyira Yɛn Ho so ma Onyankopɔn

10, 11. So wɔwo yɛn to Onyankopɔn abusua a n’abɔde a wonim nyansa a wodi nokware na wɔwom no mu? Kyerɛkyerɛ mu.

10 Sɛ ebinom resusuw ho sɛ wobehyira wɔn ho so sɛ Kristofo na wɔabɔ asu a, ebia wobebisa sɛ, ‘Sɛ manhyira me ho so a, enti merentumi nsom Onyankopɔn anaa?’ Sɛ yesusuw gyinabea ankasa a yɛwɔ wɔ Onyankopɔn anim seesei ho a, ɛma yehu nea enti a ɛsɛ sɛ yehyira yɛn ho so ma no no pefee. Kae sɛ, esiane bɔne a Adam yɛe nti, wɔnwo yɛn nyinaa nto Onyankopɔn abusua mu. (Rom. 3:23; 5:12) Yɛn ho so a yebehyira ama Onyankopɔn yɛ ade a ɛho hia sɛ yɛyɛ na ama wagye yɛn aba n’abusua a n’abɔde a wonim nyansa a wodi nokware na wɔwom no mu. Ma yɛnhwɛ nea enti a ɛte saa.

11 Yɛn mu biara nni hɔ a ɔwɔ honam fam agya a obetumi ama no daa nkwa sɛnea na Onyankopɔn pɛ sɛ yenya no. (1 Tim. 6:19) Esiane sɛ nnipa baanu a wodi kan no yɛɛ bɔne nti, adesamma abusua no twee wɔn ho fii wɔn Agya ne wɔn Bɔfo a ɔwɔ ɔdɔ no ho ma enti, wɔnwo yɛn sɛ Onyankopɔn mma. (Fa toto Deuteronomium 32:5 ho.) Efi saa bere no reba no, adesamma nyinaa nka Yehowa abusua a n’abɔde a wonim nyansa a wodi nokware na wɔwom no ho, wɔatwe wɔn ho afi Onyankopɔn ho.

12. (a) Ɛbɛyɛ dɛn na nnipa a wɔnyɛ pɛ atumi abɛka Onyankopɔn abusua no ho? (b) Anammɔn bɛn na ɛsɛ sɛ yetu ansa na wɔabɔ yɛn asu?

12 Nanso, yɛn mu biara betumi asrɛ Onyankopɔn sɛ onnye yɛn mmra n’abusua a n’asomfo a wagye wɔn atom na wɔwom no mu. * Ɛbɛyɛ dɛn na watumi agye abɔnefo a wɔte sɛ yɛn aba n’abusua no mu? Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Bere a na yɛyɛ atamfo no wɔnam ne Ba no wu so pataa yɛne Onyankopɔn ntam.” (Rom. 5:10) Sɛ wɔrebɔ yɛn asu a, yɛsrɛ Onyankopɔn sɛ ɔmma yɛn ahonim pa sɛnea ɛbɛyɛ a obegye yɛn atom. (1 Pet. 3:21) Nanso, ansa na wɔbɛbɔ yɛn asu no, ɛsɛ sɛ yetu anammɔn bi. Ɛsɛ sɛ yehu Onyankopɔn, yenya ne mu ahotoso, yenu yɛn ho, na yɛsakra yɛn akwan. (Yoh. 17:3; Aso. 3:19; Heb. 11:6) Biribi foforo nso wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ yɛyɛ ansa na wɔatumi agye yɛn aba Onyankopɔn abusua no mu. Ɛyɛ dɛn ade?

13. Dɛn nti na ɛfata sɛ obi ka ntam de hyira ne ho so ma Onyankopɔn ansa na waba abɛka n’asomfo a ogye wɔn tom a wɔwɔ N’abusua mu no ho?

13 Ansa na obi a watwe ne ho afi Onyankopɔn ho betumi abɛka Onyankopɔn abusua a n’asomfo a ogye wɔn tom na wɔwom ho no, ɛsɛ sɛ odi kan ka Yehowa ntam. Sɛ yɛbɛte nea enti a ɛsɛ sɛ ɔyɛ saa no ase a, susuw agya bi a ɔwɔ din pa a ɔkyerɛ aberante bi a ɔyɛ ayisaa ho anigye paa, na ɔpɛ sɛ ogye no ka n’abusua ho no ho hwɛ. Wonim agya no sɛ ɔyɛ onipa pa. Nanso, ansa na agya no begye aberante no sɛ ne ba no, ɔbɛma aberante no ahyɛ no bɔ bi. Enti, agya no bɛka sɛ, “Ansa na megye wo sɛ me ba no, mepɛ sɛ mihu sɛ wobɛdɔ me na woabu me sɛ w’agya.” Sɛ aberante no pene so fi ne komam hyɛ no bɔ nkutoo a, ɛnna agya no begye no aka n’abusua ho. So ntease nni eyi mu? Saa ara na wɔn a wɔpene so sɛ wɔbɛka ntam de ahyira wɔn ho so ama Yehowa no nkutoo na ogye wɔn ba n’abusua no mu. Bible ka sɛ: “Momfa mo ho nyinaa mma no: sɛ afɔrebɔde a ɛte ase a wɔahyira so na ɛfata sɛ ogye tom.”—Rom. 12:1, The New English Bible.

Ahosohyira Kyerɛ sɛ Yɛwɔ Ɔdɔ ne Gyidi

14. Dɛn na ɛkyerɛ sɛ sɛ yehyira yɛn ho so a na yɛwɔ ɔdɔ?

14 Sɛ yɛka ntam de hyira yɛn ho so ma Onyankopɔn a, ɛkyerɛ sɛ yefi yɛn komam dɔ Yehowa. Akwan bi so no, ɛte sɛ ntam a wɔn a wɔrehyia ayeforo ka no. Ayeforokunu a ɔyɛ Kristoni ka n’ayeforo no ntam sɛ, anigye mu oo, awerɛhow mu oo, ɔne no bɛtena daa de kyerɛ sɛ ɔdɔ no. Ɛyɛ onipa na ɔhyɛ no bɔ, na ɔnhyɛ bɔ sɛ ɔbɛyɛ biribi kɛkɛ. Ayeforokunu a ɔyɛ Kristoni nim sɛ sɛ wanka aware ntam no a, ɔrennya ɔbea no ne no ntena. Saa ara na sɛ yɛanka ntam amfa anhyira yɛn ho so amma Onyankopɔn a, yɛrentumi nnya mfaso a Yehowa abusua mufo nya no nyinaa bi. Enti, ɛmfa ho sɛ yɛtɔ sin no, nea enti a yehyira yɛn ho so ma Onyankopɔn ne sɛ, yɛpɛ sɛ yɛyɛ ne dea, na yɛasi yɛn bo sɛ wɔ tebea biara mu no, yɛbɛkɔ so abata no ho.—Mat. 22:37.

15. Dɛn na ɛkyerɛ sɛ sɛ yehyira yɛn ho so a na yɛwɔ gyidi?

15 Sɛ yehyira yɛn ho so ma Onyankopɔn a, ɛkyerɛ sɛ yegye no di. Dɛn nti na ɛte saa? Yehowa mu gyidi a yɛwɔ no ma yenya ahotoso sɛ sɛ yɛbɛn Onyankopɔn a, ɛbɛboa yɛn. (Dw. 73:28) Yenim sɛ ɛrenyɛ mmerɛw mma yɛn bere nyinaa sɛ yɛne Onyankopɔn bɛnantew bere a yɛte “awo ntoatoaso a akɔntɔn na akyea” yi mu no, nanso yɛwɔ ahotoso sɛ Onyankopɔn bɛboa yɛn sɛnea wahyɛ yɛn bɔ no. (Filip. 2:15; 4:13) Yenim sɛ yɛnyɛ pɛ de, nanso yɛwɔ ahotoso sɛ sɛ yedi mfomso mpo a, Yehowa behu yɛn mmɔbɔ. (Monkenkan Dwom 103:13, 14; Romafo 7:21-25.) Yegye di sɛ Yehowa betua yɛn ka wɔ yɛn bo a yɛasi sɛ yebedi no nokware no ho.—Hiob 27:5.

Sɛ Yehyira Yɛn Ho so ma Onyankopɔn a Ɛma Yɛn Ani Gye

16, 17. Dɛn nti na sɛ yehyira yɛn ho so ma Yehowa a, ɛma yɛn ani gye?

16 Sɛ yehyira yɛn ho so ma Yehowa a, ɛma yɛn ani gye, efisɛ ɛma yɛde yɛn ho ma no. Yesu daa nokwasɛm titiriw bi adi. Ɔkae sɛ: “Ɔma mu wɔ anigye pii sen ogye.” (Aso. 20:35) Bere a na Yesu reyɛ ne som adwuma wɔ asase so no, onyaa ɔma mu anigye paa. Nea ɛbɛyɛ na Yesu atumi aboa afoforo ma wɔahu nkwa kwan no, sɛ ɛho behia a, na onnye n’ahome, onnidi, na na onnwudwo ne ho. (Yoh. 4:34) Ná Yesu ani gye ho sɛ ɔbɛma n’Agya koma atɔ ne yam. Yesu kae sɛ: “Meyɛ nea ɛsɔ n’ani daa.”—Yoh. 8:29; Mmeb. 27:11.

17 Enti, Yesu kyerɛɛ n’akyidifo no ade a sɛ wɔyɛ a ɛbɛma wɔanya abotɔyam wɔ wɔn asetena mu. Ɔkae sɛ: “Sɛ obi pɛ sɛ odi m’akyi a, ma ɔmpa ne ho akyi.” (Mat. 16:24) Sɛ yɛyɛ saa a, ɛma yɛbɛn Yehowa kɛse. Yehowa akyi no, so obi foforo wɔ hɔ a obetumi ahwɛ yɛn wɔ ɔdɔ mu paa a yebetumi de yɛn ho ama no?

18. Dɛn nti na sɛ yɛbɔ yɛn bra sɛnea yɛahyira yɛn ho so ama Yehowa sɛ yɛbɛyɛ no a, ɛma yɛn ani gye paa sen sɛ anka yebehyira yɛn ho so ama obi anaa biribi foforo biara?

18 Sɛ yehyira yɛn ho so ma Yehowa na ɛno akyi no yɛyɛ n’apɛde de di saa ahosohyira no so a, ɛma yɛn ani gye paa sen sɛ anka yebehyira yɛn ho so ama obi anaa biribi foforo biara. Sɛ nhwɛso no, nnipa pii de wɔn bere nyinaa hwehwɛ ahonyade, nanso wonnya anigye ne abotɔyam ankasa. Nanso, wɔn a wohyira wɔn ho so ma Yehowa no de, wɔn ani gye bere nyinaa. (Mat. 6:24) Hokwan a wɔanya sɛ wɔyɛ “Onyankopɔn mfɛfo adwumayɛfo” no ma wɔn ani gye, afei nso wonhyira wɔn ho so mma adwuma bi, na mmom, wohyira wɔn ho so ma yɛn Nyankopɔn a ɔkyerɛ anisɔ no. (1 Kor. 3:9) Obiara nni hɔ a obetumi akyerɛ afɔre a yɛbɔ no ho anisɔ kɛse asen Onyankopɔn. Onyankopɔn bɛma n’anokwafo asan ayɛ mmerante ne mmabaa mpo sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi anya nneɛma a ɔbɛyɛ ama wɔn no so mfaso afebɔɔ.—Hiob 33:25; monkenkan Hebrifo 6:10.

19. Hokwan bɛn na wɔn a wɔahyira wɔn ho so ama Yehowa no nya?

19 Sɛ wuhyira wo nkwa so ma Yehowa a, ɛma wobɛn no paa. Bible ka sɛ: “Mommɛn Onyankopɔn na ɔbɛbɛn mo.” (Yak. 4:8; Dw. 25:14) Yebesusuw nea enti a yebetumi anya ahotoso de asi gyinae sɛ yɛbɛyɛ Yehowa dea no ho wɔ adesua asɛm a edi hɔ no mu.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 12 Mfirihyia apem no akyi ansa na Yesu “nguan foforo” no bɛba abɛyɛ Onyankopɔn mma. Nanso, esiane sɛ wɔahyira wɔn ho so ama Onyankopɔn nti, wobetumi afrɛ Onyankopɔn sɛ wɔn “Agya” ma afata, na wobetumi abu wɔn sɛ wɔka Yehowa asomfo a wɔwɔ n’abusua no mu ho ma ayɛ yiye.—Yoh. 10:16; Yes. 64:8; Mat. 6:9; Adi. 20:5.

Wubebua Dɛn?

• Dɛn na obi ho so a ohyira ma Onyankopɔn no kyerɛ?

• Sɛ yehyira yɛn ho so ma Onyankopɔn a, mfaso bɛn na yenya?

• Dɛn nti na ɛsɛ sɛ Kristofo hyira wɔn ho so ma Yehowa?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 6]

Sɛ yɛbɔ yɛn bra sɛnea yɛahyira yɛn ho so sɛ yɛbɛyɛ no a, ɛma yɛn ani gye bere nyinaa