Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Fa “Honhom No Nkrante” Di Dwuma Yiye

Fa “Honhom No Nkrante” Di Dwuma Yiye

Fa “Honhom No Nkrante” Di Dwuma Yiye

“Munnye . . . honhom no nkrante a ɛne Onyankopɔn asɛm no.”—EFE. 6:17.

1, 2. Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ wɔ Ahenni adawurubɔfo pii a yehia no ho?

BERE a Yesu hui sɛ nnipadɔm no hia Onyankopɔn asɛm no, ɔka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: “Otwa adwuma no sõ, nanso adwumayɛfo no sua. Enti monsrɛ otwa adwuma Wura no ma ɔmma adwumayɛfo mmra ne twa no mu.” Yesu amma asɛm no anso hɔ ara. Bere a ɔkaa saa asɛm no wiei no, “ɔfrɛɛ n’asuafo dumien no,” na ɔsomaa wɔn sɛ wɔnkɔka asɛm no anaa wɔnkɔyɛ “otwa” adwuma no. (Mat. 9:35-38; 10:1, 5) Akyiri yi, Yesu “paw afoforo aduɔson somaa wɔn baanu baanu” sɛ wɔnkɔyɛ adwuma koro no ara bi.—Luka 10:1, 2.

2 Ɛnnɛ nso yehia Ahenni adawurubɔfo pii. Nnipa a wɔbaa Nkaedi no ase wɔ afe 2009 ɔsom afe no mu dodow yɛ 18,168,323. Nnipa a wɔbɛkaa Yehowa Adansefo ho wɔ Nkaedi no ase boro ɔpepem 10. Nokwarem no, mfuw no ahoa sɛ wotwa. (Yoh. 4:34, 35) Enti, ɛsɛ sɛ yɛbɔ mpae na yɛsrɛ sɛ adwumayɛfo pii mmra otwa adwuma no mu. Nanso yɛbɛyɛ dɛn atumi ayɛ abisade a ɛte saa no ho adwuma? Yebetumi ayɛ saa denam nsi a yɛde bɛka Ahenni no ho asɛm na yɛayɛ asuafoyɛ adwuma no na ama yɛabɛyɛ asɛmpakafo a wotu mpɔn no so.—Mat. 28:19, 20; Mar. 13:10.

3. Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn honhom boa yɛn paa ma yɛbɛyɛ asɛmpakafo a wotu mpɔn yiye?

3 Adesua asɛm a edi kan no kaa sɛnea sɛ Onyankopɔn honhom kyerɛ yɛn kwan a, ɛboa yɛn ma ‘yɛde akokoduru ka Onyankopɔn asɛm no’ ho asɛm. (Aso. 4:31) Saa honhom no betumi aboa yɛn ma yɛabɛyɛ asɛmpakafo a wɔkyerɛkyerɛ yiye nso. Ɔkwan biako a yebetumi afa so akyerɛkyerɛ yiye wɔ asɛnka mu ne sɛ yɛde adwinnade a ɛkyɛn so a Yehowa Nyankopɔn de ama a ɛne n’Asɛm Bible no bedi dwuma yiye. Honhom kronkron na wɔde kyerɛw Bible no. (2 Tim. 3:16) Emu nsɛm no fi Onyankopɔn hɔ. Enti, sɛ yɛde Bible no kyerɛkyerɛ yiye a, na ɛyɛ honhom kronkron na ɛrekyerɛ yɛn kwan. Ansa na yebesusuw ɔkwan a yebetumi afa so akyerɛkyerɛ yiye ho no, momma yensusuw tumi a Onyankopɔn Asɛm no wɔ ho nhwɛ.

‘Onyankopɔn Asɛm wɔ Tumi’

4. Nsakrae bɛn na Onyankopɔn asɛm a ɛwɔ Bible mu no betumi ama onipa bi ayɛ?

4 Onyankopɔn asɛm wɔ tumi ankasa! (Heb. 4:12) Yebetumi aka sɛ Bible mu asɛm ano yɛ nnam sen nkrante biara a nnipa ayɛ, efisɛ etumi paapae nnompe ne emu hon mu wɔ sɛnkyerɛnne kwan so. Kyerɛwnsɛm mu nokware no tumi sian kɔ onipa koma mu tɔnn, na ɛka ne nsusuwii ne ne nkate, na ɛma ohu sɛnea ɔte ankasa. Saa nokware no betumi anya onipa so tumi, na ebetumi ama wayɛ nsakrae ankasa. (Monkenkan Kolosefo 3:10.) Onyankopɔn Asɛm tumi sakra nnipa abrabɔ ampa!

5. Akwan bɛn so na Bible betumi akyerɛ yɛn kwan, na mfaso bɛn na ɛbɛma yɛanya?

5 Bio nso, nyansa a ɛso bi nni wɔ Bible mu. Nsɛm a ɛwom no betumi aboa nkurɔfo ma wɔahu sɛnea wɔbɛbɔ wɔn bra wɔ wiase a emu yɛ den yi mu. Onyankopɔn Asɛm boa yɛn ma yetutu yɛn anammɔn yiye, na ɛsan nso kyerɛ yɛn kwan. (Dw. 119:105) Sɛ yɛredi ɔhaw ahorow bi ho dwuma anaasɛ yɛresisi gyinae wɔ nnamfo a yɛbɛpaw, nneɛma a yɛde begye yɛn ani, adwuma a yɛbɛyɛ, ntade a yɛbɛhyɛ ne nea ɛkeka ho ho a, ɛboa yɛn yiye. (Dw. 37:25; Mmeb. 13:20; Yoh. 15:14; 1 Tim. 2:9) Sɛ yɛde nnyinasosɛm a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu yɛ adwuma a, ɛma yetumi ne afoforo bɔ yiye. (Mat. 7:12; Filip. 2:3, 4) Sɛ yɛma Onyankopɔn Asɛm kyerɛ yɛn kwan a, ɛma yetumi hu sɛnea gyinae a yesisi bɛka yɛn daakye. (1 Tim. 6:9) Kyerɛwnsɛm no san ma yehu nea Onyankopɔn abɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ daakye, na ɛboa yɛn ma yɛbɔ yɛn bra ma ɛne saa atirimpɔw no hyia. (Mat. 6:33; 1 Yoh. 2:17, 18) Hwɛ sɛnea sɛ obi ma Onyankopɔn asɛm kyerɛ no kwan a, n’asetena betumi ayɛ papa afa!

6. Ɔkwan bɛn so na Bible yɛ akode a tumi wom a yɛde di dwuma wɔ yɛne Satan akodi mu?

6 San susuw sɛnea Bible yɛ akode a tumi wom a yɛde di dwuma wɔ yɛne Satan akodi mu no ho hwɛ. Paulo frɛɛ Onyankopɔn Asɛm no “honhom no nkrante.” (Monkenkan Efesofo 6:12, 17.) Sɛ yɛka Bible mu asɛm no yiye kyerɛ nkurɔfo a, ebetumi aboa wɔn ma wɔade wɔn ho afi Satan nkɛntɛnso ase. Ɛyɛ nkrante a yɛde gye nkurɔfo nkwa, na yɛmfa nni awu. So ɛnsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden de di dwuma yiye?

Kura Mu Pɛpɛɛpɛ

7. Dɛn nti na ɛho hia sɛ yesua sɛnea yɛde “honhom no nkrante” bedi dwuma yiye?

7 Sɛ ɔsraani asua sɛnea ɔde n’akode bedi dwuma yiye nkutoo a, ɛnna obetumi de adi ako yiye. Saa ara na dwuma a yɛde “honhom no nkrante” di wɔ yɛne Satan akodi mu nso te. Paulo kyerɛwee sɛ: “Yɛ nea wubetumi biara fa wo ho ma Onyankopɔn sɛ obi a ɔfata, odwumayɛni a ɛnsɛ sɛ ɔfɛre hwee ho, a okura nokwasɛm no mu pɛpɛɛpɛ.”—2 Tim. 2:15.

8, 9. Dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛate nea Bible ka ase? Ma nhwɛso.

8 Dɛn na ɛbɛboa yɛn ma ‘yɛakura nokwasɛm no mu pɛpɛɛpɛ’ wɔ asɛnka mu? Ɛsɛ sɛ yɛn ankasa te Bible no ase yiye ansa na yɛatumi de akyerɛkyerɛ afoforo ma wɔn nso ate ase. Eyi hwehwɛ sɛ yɛde yɛn adwene si nsɛm a ɛfa kyerɛwsɛm bi ho so. Nsɛm a ɛfa kyerɛwsɛm bi ho yɛ nsɛm a wodii kan kae ansa na wɔreka saa kyerɛwsɛm no ne nea wɔkae wɔ ɛno akyi, na ɛboa ma saa kyerɛwsɛm no mu da hɔ.

9 Sɛ yɛbɛte Kyerɛwnsɛm mu asɛm bi ase yiye a, ɛhwehwɛ sɛ yesusuw nsɛm a ɛfa ho no ho. Eyi ho nhwɛso ne Paulo asɛm a ɛwɔ Galatifo 5:13 no. Ɔkyerɛwee sɛ: “Anuanom, munim sɛ wɔafrɛ mo sɛ mummenya ahofadi, nanso mommma ahofadi yi mmmɛyɛ nnyinasode mmma ɔhonam, na mmom momfa ɔdɔ nsonsom mo ho.” Ahofadi bɛn na na Paulo reka ho asɛm wɔ ha? So na ɔreka ahofadi a yebenya afi bɔne ne owu ho, gyidihunu anaa biribi foforo ho? Nsɛm a ɛfa saa kyerɛwsɛm no ho no ma yehu sɛ na Paulo reka ahofadi a yenya fi Mose “Mmara nnome ase” ho asɛm. (Gal. 3:13, 19-24; 4:1-5) Ná ɔreka ahofadi a Kristofo nyae ho asɛm. Wɔn a wɔtee saa ahofadi no ase no fii ɔdɔ mu som wɔn ho wɔn ho. Wɔn a na wonni dɔ no kekaa afoforo ho nsɛmmɔne, na wɔne wɔn ho wɔn ho hamee wɔ nneɛma hunu ho.—Gal. 5:15.

10. Sɛ yɛbɛte Kyerɛwnsɛm no ase yiye a, nsɛm bɛn na ɛsɛ sɛ yesusuw ho, na yɛbɛyɛ dɛn atumi ahu saa nsɛm no?

10 Sɛ yɛbɛte kyerɛwsɛm bi ase yiye a, ɛsɛ sɛ yesusuw nsɛm a ɛfa ho te sɛ onipa a ɔkyerɛw saa Bible mu nhoma no, bere a wɔkyerɛwee, ne sɛnea na nneɛma te saa bere no. Ɛho hia nso sɛ yehu nea ɛma wɔkyerɛw nhoma no, na sɛ ɛbɛyɛ yiye a, yehu sɛnea na asetena, abrabɔ, ne ɔsom a na ɛwɔ hɔ saa bere no nso te. *

11. Sɛ yɛrekyerɛkyerɛ kyerɛw nsɛm bi mu a, ahwɛyiye bɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?

11 ‘Nokwasɛm no a yebekura mu pɛpɛɛpɛ’ no kyerɛ pii sen Kyerɛwnsɛm mu nokware a yɛbɛkyerɛkyerɛ mu pɛpɛɛpɛ ara kwa. Ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye sɛ yɛremfa Bible no nhunahuna nkurɔfo. Ɛwom sɛ yebetumi de Kyerɛwnsɛm no akyerɛkyerɛ nokware no mu sɛnea Yesu yɛe bere a Ɔbonsam sɔɔ no hwɛe no de, nanso ɛnsɛ sɛ yɛde Bible no di dwuma de hyɛ afoforo aniwu. (Deut. 6:16; 8:3; 10:20; Mat. 4:4, 7, 10) Ɛsɛ sɛ yetie ɔsomafo Petro afotu yi. Ɔkae sɛ: “Montew Kristo ho sɛ Awurade wɔ mo komam na monyɛ krado bere biara sɛ mode anoyi bɛma obiara a obebisa anidaso a ɛwɔ mo mu no ho asɛm, nanso monyɛ no odwo ne obu a emu dɔ mu.”—1 Pet. 3:15.

12, 13. “Nneɛma a agye ntini” bɛn na Onyankopɔn Asɛm a ɛyɛ nokware no betumi atutu agu? Ma nhwɛso bi.

12 Sɛ yɛde Onyankopɔn Asɛm a ɛyɛ nokware no di dwuma yiye a, dɛn na ebetumi ayɛ? (Monkenkan 2 Korintofo 10:4, 5.) Onyankopɔn Asɛm no betumi atutu “nneɛma a agye ntini” agu, a nea ɛkyerɛ ne sɛ, ɛbɛma nkurɔfo ahu nkyerɛkyerɛ a ɛyɛ atoro, nneyɛe a edi awu, ne nyansapɛ a ɛma yehu sɛnea nnipa nyansa tɔ sin no. Yebetumi de Bible adi dwuma de ayi nsusuwii ahorow a “wɔama so atia Onyankopɔn nimdeɛ” afi hɔ. Yebetumi de Bible mu nsɛm aboa nkurɔfo ma wɔasakra wɔn adwene ma ɛne nokware no ahyia.

13 Susuw aberewa bi a wadi mfe 93 a ɔte India asɛm no ho hwɛ. Ná wɔakyerɛkyerɛ no fi ne mmofraase ma wagye adi sɛ sɛ obi wu a wɔsan wo no bio. Bere a ofii ase sɛ ɔne ne babarima a ɔwɔ amannɔne bɛfa nkrataakyerɛw so asua Bible no, ogyee Yehowa ne ne bɔhyɛ ahorow ho ade a na ɔresua no toom ntɛm ara. Nanso, na nkyerɛkyerɛ a ɛne sɛ sɛ obi wu a wɔsan wo no bio no adi ne ti araa ma bere a ne ba no kyerɛw no kaa tebea a awufo wom ho asɛm kyerɛɛ no no, wannye antom. Aberewa no kae sɛ: “Minhu nokwasɛm a ɛwɔ nea mo Kyerɛwnsɛm no ka no mu. Ɔsom ahorow nyinaa kyerɛkyerɛ sɛ biribi hyɛ yɛn mu a enwu da. Efi teteete na magye adi sɛ nipadua no wu, na biribi hyɛ nipadua no mu a aniwa nhu a enwu a wɔsan wo no bio bɛyɛ mpɛn 8,400,000 wɔ nipadua foforo mu. Ɛbɛyɛ dɛn na woatumi aka sɛ saa asɛm yi nyɛ nokware? So nea ɔsom dodow no ara ka no nyɛ nokware?” So “honhom no nkrante” betumi atutu gyidi a agye ntini saa agu? Bere a wɔkɔɔ so de Kyerɛwnsɛm no susuw saa asɛm no ho no, adapɛn bi akyi no, aberewa no kyerɛwee sɛ: “Afei mereyɛ ate nokwasɛm ankasa a ɛfa owu ho no ase. Ama m’ani agye paa sɛ mahu sɛ sɛ wonyan awufo a, yebetumi asan ahyia yɛn adɔfo a wɔawuwu no. Me yam a anka Onyankopɔn Ahenni no aba ɛnnɛ yi ara.”

Ka mu Nsɛm ma Ɛntɔ Asom

14. Sɛ́ yɛbɛka asɛm ma atɔ yɛn atiefo asom no kyerɛ dɛn?

14 Bible no a yɛde bedi dwuma yiye wɔ asɛnka mu no nkyerɛ sɛ yɛbɛfa mu asɛm aka kɛkɛ. Paulo kasae ma ‘ɛtɔɔ asom,’ na ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛyɛ saa ara. (Monkenkan Asomafo Nnwuma 19:8, 9; 28:23.) Sɛ́ wobɛka asɛm ma ‘atɔ obi asom’ no kyerɛ sɛ “wubenya no” ma wagye nea woreka no adi. Onipa a asɛm no atɔ n’asom no “gye di araa ma ɔde ne werɛ hyem.” Sɛ yɛka asɛm ma ɛtɔ obi asom ma ogye Bible nkyerɛkyerɛ bi tom a, na yɛrenya no ma ɔde ne werɛ ahyɛ saa nkyerɛkyerɛ no mu. Sɛ yebetumi ayɛ eyi a, ɛho hia sɛ yɛma nea ɔretie yɛn no gye di sɛ nea yɛreka no yɛ nokware. Yebetumi afa akwan a edidi so yi so ayɛ saa.

15. Wobɛyɛ dɛn atumi atwe adwene asi Bible no so wɔ ɔkwan a ɛbɛma nkurɔfo anya obu ama Bible no so?

15 Twe adwene si Onyankopɔn Asɛm no so wɔ ɔkwan a ɛbɛma nkurɔfo anya obu ama Bible no so. Sɛ wotwe adwene si kyerɛwsɛm bi so a, ma onipa no nhu hia a ehia sɛ ohu Onyankopɔn adwene wɔ asɛm no ho. Sɛ wubisa ofiewura no asɛm bi ma ɔma ho mmuae wie a, wubetumi aka asɛm bi te sɛ nea edi hɔ yi, ‘Ma yɛnhwɛ sɛnea yebetumi ahu Onyankopɔn adwene wɔ asɛm no ho.’ Anaasɛ wubetumi abisa sɛ, ‘Dɛn na Onyankopɔn ka wɔ saa asɛm yi ho?’ Sɛ wofa saa kwan yi so twe adwene si kyerɛwsɛm bi so a, esi so dua sɛ Bible no fi Onyankopɔn hɔ, na ɛboa ma otiefo no nya obu kɛse ma Bible no. Bere a ɛho hia paa sɛ yɛyɛ saa ne bere a yɛredi obi a ogye di sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ nanso onnim Bible mu adanse.—Dw. 19:7-10.

16. Dɛn na ɛbɛboa wo ma woakyerɛkyerɛ kyerɛw nsɛm mu yiye?

16 Ɛnsɛ sɛ wokenkan kyerɛw nsɛm no kɛkɛ; kyerɛkyerɛ mu. Ná Paulo taa ‘kyerɛkyerɛ’ nneɛma a na ɔkyerɛkyerɛ no mu “de adanse ahorow” si so. (Aso. 17:3) Mpɛn pii no, ɛnyɛ asɛntitiriw biako pɛ na ɛwɔ kyerɛwsɛm bi mu, na ebia ɛho behia sɛ wotwe adwene si nsɛntitiriw a ɛfa nea moresusuw ho no so. Ɔkwan a wubetumi afa so ayɛ saa ne sɛ wobɛsan atĩ nsɛntitiriw a ɛwom no mu, anaasɛ wubebisa nsɛm bi a ɛbɛboa ofiewura no ma wahu nsɛntitiriw a wopɛ sɛ wusi so dua no. Afei, kyerɛkyerɛ saa kyerɛwsɛm no fã no mu. Sɛ woyɛ saa wie a, boa wo tiefo no ma onhu sɛnea saa kyerɛwsɛm no fa ɔno ankasa ho.

17. Wobɛyɛ dɛn atumi ne afoforo asusuw Kyerɛwnsɛm no ho wɔ ɔkwan a ɛbɛma wɔagye adi so?

17 Wo ne nkurɔfo nsusuw Kyerɛwnsɛm no ho wɔ ɔkwan a ɛbɛma wɔagye adi so. Paulo fi ne komam kaa nsɛm a ntease wom, na ɔne ‘afoforo susuw nsɛm ho fii Kyerɛwnsɛm no mu’ wɔ ɔkwan a ɛbɛma wɔagye adi so. (Aso. 17:2, 4) Ɛsɛ sɛ wobɔ mmɔden ka asɛm no ma ɛka nea ɔretie wo no koma te sɛ nea Paulo yɛe no. Sɛ wubisa nsɛm a ɛma osuani no hu sɛ wudwen ne ho a, ebetumi aboa ma ‘woasaw’ anaa woahu nea ɛwɔ ne komam. (Mmeb. 20:5) Nka wo nsɛm penpen. Ka w’asɛm ma emu nna hɔ na ma ɛntɔ asom. Ɛsɛ sɛ wode adanse a edi mũ foa asɛm a woreka no so. Ɛsɛ sɛ wode asɛm a woka no gyina Onyankopɔn Asɛm so pintinn. Ɛyɛ papa sɛ wobɛkenkan kyerɛwsɛm biako na woakyerɛkyerɛ mu yiye ma asɛm no mu ada hɔ sen sɛ wobɛkenkan kyerɛw nsɛm abien anaa abiɛsa ntɛmntɛm agu no so. Sɛ wode adanse foforo nso ka ho a, ebetumi ama ‘w’anom kasa ayɛ dɛ’ anaa atɔ asom. (Mmeb. 16:23) Ɛtɔ mmere bi a, ebia ɛho behia sɛ woyɛ nhwehwɛmu na ama woanya nsɛm foforo aka ho. Ná ɛho hia sɛ aberewa a wadi mfe 93 a yɛaka ne ho asɛm dedaw no hu nea enti a nnipa pii gye ɔkra (anaa honhom) a enwu da nkyerɛkyerɛ no di. Ná ɛho hia sɛ aberewa no hu baabi a saa nkyerɛkyerɛ no fi ne nea ɛyɛe a ɔsom a ɛwɔ wiase mu dodow no ara begye toom na ama atɔ n’asom, na wagye nea Bible ka wɔ saa asɛm no ho atom. *

Kɔ so Fa Di Dwuma Yiye

18, 19. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛkɔ so de “honhom no nkrante” di dwuma yiye?

18 Bible ka sɛ, “Wiase su resesa.” Abɔnefo rekɔ wɔn anim wɔ bɔneyɛ mu. (1 Kor. 7:31; 2 Tim. 3:13) Enti ɛho hia sɛ yɛkɔ so de “honhom no nkrante a ɛne Onyankopɔn asɛm no” di dwuma de tutu “nneɛma a agye ntini” gu.

19 Hwɛ sɛnea ɛyɛ yɛn anigye sɛ yɛanya Onyankopɔn Asɛm Bible no na yɛde emu nsɛm a tumi wom no tutu atoro nkyerɛkyerɛ ase, na yɛka mu asɛm kyerɛ nnipa komapafo! Biribiara nni hɔ a agye ntini a ɛyɛ den sen saa asɛm no. Enti momma yɛnyere yɛn ho denneennen mfa “honhom no nkrante” nni dwuma yiye wɔ Ahenni no ho asɛnka adwuma a Onyankopɔn de ama yɛn no mu.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 10 Nhoma ahorow a ɛkyɛn so a ɛbɛboa yɛn ma yɛanya nsɛm a ɛfa Bible mu nhoma ahorow ho ne “All Scripture Is Inspired of God and Beneficial,” Insight on the Scriptures nhoma no, ne Ɔwɛn-Aban mu nsɛm te sɛ “Yehowa Asɛm Wɔ Nkwa.”

^ nky. 17 Hwɛ Sɛ Yewu a Dɛn na Ɛba Yɛn So? nhomawa no kratafa 5-16.

Dɛn na Wusuae?

• Tumi bɛn na Onyankopɔn Asɛm wɔ?

• Yɛbɛyɛ dɛn atumi ‘akura nokwasɛm no mu pɛpɛɛpɛ’?

• Dɛn na Bible mu asɛm betumi ayɛ wɔ “nneɛma a agye ntini” ho?

• Wobɛyɛ dɛn atumi aka asɛm no ma atɔ nkurɔfo asom yiye wɔ asɛnka mu?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Adaka/​Mfonini wɔ kratafa 12]

Sɛnea Wode Onyankopɔn Asɛm Bedi Dwuma Ma Atɔ Asom

▪ Ma nkurɔfo nnya obu mma Bible no

▪ Kyerɛkyerɛ Kyerɛwnsɛm no mu

▪ Wo ne nkurɔfo nsusuw nsɛm ho mma ɛnka wɔn koma

[Mfonini wɔ kratafa 11]

Ɛsɛ sɛ wusua sɛ wode “honhom no nkrante” bedi dwuma yiye