Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Honhom No Ne Ayeforo No Kɔ So Ara Ka Sɛ: ‘Bra!’”

“Honhom No Ne Ayeforo No Kɔ So Ara Ka Sɛ: ‘Bra!’”

“Honhom No Ne Ayeforo No Kɔ So Ara Ka Sɛ: ‘Bra!’”

“Honhom no ne ayeforo no kɔ so ara ka sɛ: ‘Bra!’ . . . Ma nea osukɔm de no biara mmra; na ma nea ɔpɛ biara mmegye nkwa nsu kwa.”—ADI. 22:17.

1, 2. Ɛsɛ sɛ yebu nneɛma a ɛfa Ahenni no ho dɛn wɔ yɛn asetena mu, na dɛn ntia?

ƐSƐ sɛ yebu nneɛma a ɛfa Ahenni no ho dɛn wɔ yɛn asetena mu? Yesu hyɛɛ n’akyidifo nkuran sɛ ‘wɔnkɔ so nhwehwɛ Ahenni no kan,’ na ɔmaa wɔn awerɛhyem sɛ sɛ wɔyɛ saa a, Onyankopɔn de nea wohia bɛma wɔn. (Mat. 6:25-33) Ɔde Onyankopɔn Ahenni no totoo ahene a ne bo yɛ den a oguadini kwantufo bi kohui a “ɔkɔtɔn nea ɔwɔ nyinaa kɔtɔe” ho. (Mat. 13:45, 46) So ɛnsɛ sɛ yɛma Ahenni no ho asɛm a yɛka ne asuafoyɛ adwuma no ho hia yɛn sen biribi foforo biara?

2 Sɛnea yehui wɔ adesua nsɛm abien a edi eyi anim mu no, sɛ yɛka asɛm no akokoduru so na yɛde Onyankopɔn Asɛm no di dwuma yiye wɔ asɛnka mu a, ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn honhom rekyerɛ yɛn kwan. Saa honhom no san boa yɛn paa wɔ Ahenni no ho asɛm a yɛka no daa no mu. Momma yɛnhwɛ ɔkwan a ɛfa so yɛ saa.

Wɔato Nsa Afrɛ Nnipa Nyinaa!

3. Nsu bɛn na wɔato nsa afrɛ nnipa nyinaa sɛ ‘wɔmmra’ mmɛnom?

3 Wɔnam honhom kronkron so ato nsa afrɛ nnipa nyinaa. (Monkenkan Adiyisɛm 22:17.) Wɔato nsa afrɛ obiara sɛ ‘ɔmmra’ mmɛnom nsu bi a ɛyɛ soronko koraa mfa nkum ne sukɔm. Ɛnyɛ nsu hunu kɛkɛ. Ɛwom sɛ yehia nsu ankasa ansa na yɛatumi atena asase so de, nanso nsu foforo bi ho asɛm na na ɛwɔ Yesu adwenem bere a ɔka kyerɛɛ Samariani bea bi wɔ abura bi ho sɛ: “Obiara a ɔbɛnom nsu a mede bɛma no no, osukɔm renne no da, na mmom nsu a mede bɛma no no bɛyɛ asuti wɔ ne mu a epuw kɔ daa nkwa mu.” (Yoh. 4:14) Nsu a ɛyɛ soronko a wɔato nsa afrɛ nnipa sɛ wɔmmɛnom bi no ma nnipa nya daa nkwa.

4. Ɛyɛɛ dɛn na nkwa nsu no ho behiae, na saa nsu no gyina hɔ ma dɛn?

4 Nea ɛmaa saa nkwa nsu yi ho behiae ne bere a onipa a odi kan, Adam, kɔkaa ne yere Hawa ho ma wɔyɛɛ Yehowa Nyankopɔn a ɔbɔɔ wɔn no so asoɔden no. (Gen. 2:16, 17; 3:1-6) Wɔpam nnipa baanu a wodi kan no fii wɔn fie fɛfɛ no mu sɛnea “ɛbɛyɛ na [Adam anteɛ] ne nsa ankɔtew nkwa dua no aba no nso bi anni na wantena ase daa.” (Gen. 3:22) Esiane sɛ Adam yɛ nnipa nyinaa agya nti, ɔnam asoɔden a ɔyɛe so de owu baa nnipa nyinaa so. (Rom. 5:12) Nkwa nsu no gyina hɔ ma Onyankopɔn nsiesiei nyinaa a wayɛ a ɔde begye nnipa a wɔyɛ osetie afi bɔne ne owu mu, na wama wɔn nkwa a ɛyɛ pɛ a enni awiei wɔ Paradise asase so. Yesu Kristo agyede afɔre no na ɛmaa saa nsiesiei yi tumi yɛɛ yiye.—Mat. 20:28; Yoh. 3:16; 1 Yoh. 4:9, 10.

5. Hena na ɔma yɛto nsa frɛ nkurɔfo sɛ wɔmmra “mmegye nkwa nsu kwa” no? Kyerɛkyerɛ mu.

5 Hena na ɔma yɛto nsa frɛ nkurɔfo sɛ wɔmmra “mmegye nkwa nsu kwa”? Sɛ adesamma nsa ka nsiesiei a ɛma nkwa a wɔnam Yesu so ayɛ no nyinaa wɔ Kristo Mfirihyia Apem Nniso no mu koraa a, wɔka ho asɛm sɛ “nkwa nsu asubɔnten a ani tew te sɛ ahwehwɛbo.” Wohu saa asubɔnten no sɛ “ɛsen fi Onyankopɔn ne Oguammaa no ahengua no mu.” (Adi. 22:1) Enti, Yehowa a ɔne Nkwamafo no na ɔyɛ nkwa nsu no Ti. (Dw. 36:9) Ɔno ne Onii a ɔnam ‘Oguammaa’ no, Yesu Kristo so de saa nsu no ma. (Yoh. 1:29) Saa sɛnkyerɛnne kwan so asubɔnten yi yɛ ɔkwan a Yehowa bɛfa so ayi ɔhaw a Adam asoɔden no de aba adesamma so no nyinaa afi hɔ. Nokwarem no, Yehowa Nyankopɔn ne Onii a ɔto nsa frɛ sɛ “bra” no.

6. Bere bɛn na “nkwa nsu asubɔnten” no fii ase senee?

6 Ɛwom sɛ “nkwa nsu asubɔnten” no bɛsen koraa wɔ Kristo Mfirihyia Apem Nniso no mu de, nanso efii ase senee wɔ “Awurade da” no a efii ase bere a wɔde ‘Oguammaa’ no sii agua so wɔ soro wɔ afe 1914 mu no. (Adi. 1:10) Enti, yɛn nsa kaa nsiesiei a ɛma nkwa no bi wɔ saa bere no akyi. Saa nsiesiei no fa Onyankopɔn Asɛm Bible no ho, efisɛ wɔfrɛ emu nsɛm no sɛ “nsu.” (Efe. 5:26) Wɔato nsa afrɛ nnipa nyinaa sɛ ‘wommegye nkwa nsu’ no denam Ahenni no ho asɛmpa no a wobetie na wɔagye atom no so. Nanso, henanom na wɔreto nsa afrɛ nkurɔfo ankasa wɔ Awurade da no mu?

“Ayeforo no” Ka sɛ, “Bra!”

7. Henanom na wodii kan too nsa frɛɛ afoforo wɔ “Awurade da no” mu sɛ ‘wɔmmra,’ na wɔtoo nsa frɛɛ henanom?

7 Ayeforo kuw no mufo a wɔne Kristofo a wɔde honhom asra wɔn no na wodii kan too nsa frɛɛ nkurɔfo sɛ ‘wɔmmra.’ Henanom na wɔtoo nsa frɛɛ wɔn? Ayeforo no ankasa rentumi nka nkyerɛ ne ho sɛ “Bra!” Ayeforo no to nsa frɛ wɔn a wɔwɔ anidaso sɛ wobenya daa nkwa wɔ asase so wɔ bere a wɔako “ade nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn da kɛse no mu ko no” awie no.—Monkenkan Adiyisɛm 16:14, 16.

8. Dɛn na ɛkyerɛ sɛ efi afe 1918 mu tɔnn na Kristofo a wɔasra wɔn no aka akyerɛ nkurɔfo sɛ Yehowa reto nsa frɛ wɔn?

8 Efi afe 1918 mu tɔnn na Kristo akyidifo anokwafo no ato nsa afrɛ nkurɔfo. Wɔ saa afe no mu no, baguam ɔkasa a n’asɛmti ne “Ɔpepem Pii a Wɔte Ase Nnɛ no Renwu Da” no maa nnipa pii nyaa anidaso sɛ wobenya nkwa atena paradise asase so wɔ Harmagedon ko no akyi. Ɔkasa bi a wɔmae wɔ ɔmantam nhyiam bi a Bible Asuafo no yɛe wɔ Cedar Point, Ohio, U.S.A., wɔ afe 1922 mu ase no hyɛɛ atiefo no nkuran sɛ ‘wɔmmɔ Ɔhene no ne n’ahenni no ho dawuru.’ Saa asɛm yi boaa ayeforo kuw no ma wɔtoo nsa frɛɛ nnipa pii. Wɔ afe 1929 mu no, wotintim adesua asɛm bi a n’asɛmti ne “Wɔato Nsa Afrɛ Wo Ayamye Mu” a egyina Adiyisɛm 22:17 so wɔ March 15 The Watchtower no mu. Saa asɛm no fã bi kae sɛ: “Nkaefo anokwafo kuw no ne [Ɔsorosoroni no] to nsa frɛ wo ayamye mu sɛ, ‘Bra.’ Ɛsɛ sɛ yɛka asɛm yi kyerɛ nnipa a wɔpɛ trenee ne nokware no. Ɛsɛ sɛ yɛyɛ no seesei ara.” Ɛde besi nnɛ, ayeforo kuw no kɔ so ara to nsa frɛ nkurɔfo sɛ wɔmmra.

“Ma Nea Ɔte Biara Nka sɛ: ‘Bra!’”

9, 10. Ɔkwan bɛn so na wɔn a wɔate nsa a wɔato afrɛ wɔn no agye ɔfrɛ no so na wɔn nso reka sɛ, “Bra!”?

9 Na wɔn a wɔte nsa a wɔto frɛ sɛ “bra” no nso ɛ? Wɔka kyerɛ wɔn sɛ wɔn nso nka nkyerɛ afoforo sɛ, ‘Wɔmmra!’ Sɛ nhwɛso no, August 1, 1932, The Watchtower no kae wɔ kratafa 232 sɛ: “Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔasra wɔn no hyɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wɔka Ahenni no ho asɛmpa no bi nyinaa nkuran ma wɔyɛ saa. Ɛho nhia sɛ wɔyɛ nkurɔfo a Awurade asra wɔn ansa na wɔatumi aka Awurade asɛm no. Ɛyɛ awerɛkyekye kɛse ma Yehowa adansefo sɛ wɔabehu seesei sɛ wɔama wɔn kwan sɛ wɔmfa nkwa nsu no nkɔma nnipakuw bi a wobetumi agye wɔn wɔ Harmagedon, na wɔama wɔn daa nkwa wɔ asase so no.”

10 Bere a August 15, 1934, The Watchtower no retwe adwene asi asɛyɛde a obiara a ɔbɛte bra no nso wɔ sɛ ɔka sɛ “Bra!” so no, ɛkae wɔ kratafa 249 sɛ: “Ɛsɛ sɛ Yonadab kuw no mufo ne wɔn a wogyina hɔ ma Yehu kuw no a wɔne wɔn a wɔasra wɔn no bom ka ahenni no ho asɛm, ɛmfa ho mpo sɛ wɔnyɛ Yehowa adansefo a wɔasra wɔn no.” Wɔ afe 1935 mu no, wohuu wɔn a Adiyisɛm 7:9-17 ka wɔn ho asɛm sɛ wɔne “nnipakuw kɛse” no pefee. Ɛno boa maa nsa a Onyankopɔn aka sɛ yɛnto mfrɛ nkurɔfo no kɔɔ so ntɛmntɛm. Efi saa bere no, nokware asomfo a wɔyɛ nnipakuw kɛse a wɔredɔɔso a seesei wɔboro ɔpepem ason no agye saa ɔfrɛ no so. Bere a wɔtee asɛm no na wɔkyerɛɛ ho anisɔ no, wohyiraa wɔn ho so maa Onyankopɔn, wɔbɔɔ asu, na wɔne ayeforo kuw no abom reto nsa afrɛ nkurɔfo denneennen sɛ ‘wɔmmra mmɛnom nkwa nsu kwa.’

“Honhom no” Ka sɛ, “Bra!”

11. Ɔkwan bɛn so na honhom kronkron boa ma wɔyɛɛ asɛnka adwuma no wɔ afeha a edi kan Y.B. mu?

11 Bere a na Yesu reka asɛm no wɔ hyiadan mu wɔ Nasaret no, obuee Yesaia nhoma mmobɔwee no mu kenkanee sɛ: “Yehowa honhom wɔ me so, efisɛ ɔsraa me sɛ memmɛka asɛmpa nkyerɛ ahiafo, ɔsomaa me sɛ memmɛka ogye ho asɛm nkyerɛ nnommum na memma anifuraefo nhu ade, sɛ memma wɔn a wɔabubu nne wɔn ho, na menka bere a ɛsɔ Yehowa ani nkyerɛ.” Afei Yesu daa no adi sɛ saa asɛm no fa no ho ma enti ɔkae sɛ: “Ɛnnɛ na kyerɛwsɛm a motee no seesei ara yi aba mu.” (Luka 4:17-21) Ansa na Yesu rekɔ soro no, ɔka kyerɛɛ n’asuafo sɛ: “Honhom kronkron no ba mo so a mubenya tumi, na mobɛyɛ m’adansefo . . . de akɔ asase ano nohoa.” (Aso. 1:8) Wɔ afeha a edi kan no mu no, honhom kronkron boae kɛse wɔ asɛnka adwuma no mu.

12. Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn honhom boa wɔ nsa a yɛreto afrɛ nkurɔfo wɔ yɛn bere yi so no mu?

12 Ɔkwan bɛn so na honhom kronkron reboa wɔ nsa a yɛreto afrɛ nnipa wɔ yɛn bere yi so no mu? Yehowa na honhom kronkron yɛ ne dea. Ɔde honhom no bue ayeforo kuw no mufo koma ne wɔn adwene mu ma wɔte n’Asɛm Bible no ase. Honhom no kanyan wɔn ma wɔto nsa frɛ afoforo, na wɔkyerɛkyerɛ Kyerɛwnsɛm no mu ma wɔn a wɔwɔ anidaso sɛ wɔbɛtena ase daa wɔ Paradise asase so no. Na wɔn a wogye ɔfrɛ no so na wɔba bɛyɛ Yesu Kristo asuafo na wɔn nso to nsa frɛ afoforo no nso ɛ? Honhom no boa wɔn nso. Esiane sɛ wɔabɔ wɔn asu wɔ “honhom kronkron din mu” nti, wɔde honhom no akwankyerɛ yɛ adwuma, na wɔde wɔn ho to so ma ɛboa wɔn. (Mat. 28:19) Susuw asɛm no a wɔn a wɔasra wɔn no ne nnipakuw kɛse a wɔredɔɔso no mufo reka no nso ho hwɛ. Asɛm a wɔka no fi Bible a ɛyɛ nhoma a Onyankopɔn honhom na wɔde kyerɛw no tẽẽ no mu. Enti, wɔnam honhom kronkron so na ɛreto nsa frɛ afoforo. Nokwarem no, saa honhom no na ɛrekyerɛ yɛn kwan. Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ yɛma saa asɛm yi ka bere dodow a yɛde to nsa frɛ afoforo no?

‘Wɔkɔ so Ara Ka sɛ: “Bra!”’

13. Asɛm a ɛne “honhom no ne ayeforo no kɔ so ara ka sɛ: ‘Bra!’” no kyerɛ dɛn?

13 Ɛnyɛ pɛnkoro pɛ na “honhom no ne ayeforo no” ka sɛ, “Bra!” Wɔ kasa a wodii kan de kyerɛw Bible mu no, adeyɛ asɛm a wɔde dii dwuma wɔ ha no kyerɛ biribi a wɔyɛ no daa. Ɛno nti na Wiase Foforo Nkyerɛase no ka sɛ: “Honhom no ne ayeforo no kɔ so ara ka sɛ: ‘Bra!’” no. Eyi ma yehu sɛ nsa a Onyankopɔn ka sɛ yɛnto mfrɛ afoforo no yɛ biribi a ɛsɛ sɛ yɛyɛ no daa. Na wɔn a wɔte ɔfrɛ no na wogye so no nso ɛ? Wɔn nso ka sɛ, “Bra!” Wɔka nokware asomfo a wɔyɛ nnipakuw kɛse no ho asɛm sɛ ‘wɔsom Yehowa awia ne anadwo wɔ n’asɔrefie.’ (Adi. 7:9, 15) ‘Som a wɔsom awia ne anadwo’ no kyerɛ dɛn? (Monkenkan Luka 2:36, 37; Asomafo Nnwuma 20:31; 2 Tesalonikafo 3:8.) Nhwɛso a odiyifobea Hana a na wabɔ aberewa no ne ɔsomafo Paulo yɛe no ma yehu sɛ ‘awia ne anadwo a wɔsom’ no kyerɛ sɛ yɛbɛyere yɛn ho ayɛ ɔsom adwuma no daa.

14, 15. Dɛn na Daniel yɛ de kyerɛe sɛ ɛho hia sɛ yɛsom Yehowa daa?

14 Odiyifo Daniel nso ma yehuu hia a ehia sɛ yɛsom Yehowa daa. (Monkenkan Daniel 6:4-10, 16.) Wansesa ɔkwan a na ɔfa so som Yehowa daa no, kyerɛ sɛ, wansesa ɔkwan a na ɔfa so bɔ ne Nyankopɔn mpae “mprɛnsa da koro, . . . sɛnea na ɔyɛ kan no ara” wɔ ɔsram biako mu mpo, ɛmfa ho sɛ na saa a ɔyɛ no bɛma wɔde no ato agyata amoa mu no. Hwɛ sɛnea ade a ɔyɛe no maa nkurɔfo a wohuu no no hui sɛ biribiara nni hɔ a ɛho hia sen sɛ yɛbɛsom Yehowa daa!—Mat. 5:16.

15 Bere a Daniel daa agyata amoa mu ma ade kyee no, ɔhene no ankasa kɔɔ hɔ, na ɔteɛɛm sɛ: “Daniel, Onyankopɔn teasefo no akoa, wo Nyankopɔn a wosom no daa no atumi agye wo afi agyata no nsam anaa?” Ntɛm ara na Daniel kae sɛ: “Ɔhene, nya nkwa daa. Me Nyankopɔn asoma ne bɔfo ma wabemuamua agyata no ano, na wɔanyɛ me hwee, efisɛ wahu me sɛ midi bem n’anim, na wo, ɔhene anim nso, menyɛɛ bɔne bi.” Yehowa hyiraa Daniel wɔ ɔsom a ɔde maa no “daa” no ho.—Dan. 6:19-22.

16. Nsɛm bɛn na ɛsɛ sɛ nhwɛso a Daniel yɛe no kanyan yɛn ma yebisa yɛn ho wɔ sɛnea yɛyɛ asɛnka adwuma no ho?

16 Ná Daniel wɔ ɔpɛ sɛ obewu mmom sen sɛ obegyae ɔsom a ɔde ma Yehowa daa no. Na yɛn nso ɛ? Nneɛma bɛn na yɛde rebɔ afɔre anaa yɛwɔ ɔpɛ sɛ yɛde bɛbɔ afɔre na ama yɛaka Onyankopɔn Ahenni no ho asɛm daa? Ɛnsɛ sɛ yɛma ɔsram biako mpo pa yɛn ti so a yɛrenka Yehowa ho asɛm nkyerɛ afoforo! Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, so ɛnsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden kɔ asɛnka dapɛn biara? Sɛ mpo yenni ahoɔden koraa na simma 15 pɛ na yebetumi de adi adanse ɔsram biara a, ɛsɛ sɛ yebu ho akontaa. Dɛn ntia? Nea enti a ɛte saa ne sɛ, yɛne honhom no ne ayeforo no nyinaa pɛ sɛ yɛkɔ so ara ka sɛ, “Bra!” Nokwarem no, yɛpɛ sɛ yɛyɛ nea yebetumi biara sɛ yɛbɛyɛ Ahenni no ho adawurubɔfo a yɛkɔ asɛnka ɔsram biara.

17. Hokwan ahorow a yebenya de aka akyerɛ nkurɔfo sɛ Yehowa reto nsa afrɛ wɔn bɛn na ɛnsɛ sɛ yɛma etwam kɔ?

17 Ɛsɛ sɛ yɛde hokwan biara a yebenya ka kyerɛ nkurɔfo sɛ Yehowa reto nsa afrɛ wɔn, na ɛnyɛ mmere a yɛahyɛ da ayi asi hɔ a yɛde kɔ asɛnka no nkutoo na ɛsɛ sɛ yɛyɛ saa. Hwɛ hokwan a yɛanya sɛ yɛbɛto nsa afrɛ wɔn a osukɔm de wɔn sɛ ‘wɔmmra mmegye nkwa nsu kwa’ wɔ mmere foforo mu te sɛ bere a yɛredi gua, yɛretu kwan, yɛwɔ baabi regye yɛn ahome, yɛwɔ adwumam, anaa bere a yɛrekɔ sukuu! Sɛ atumfoɔ bara yɛn sɛ ɛnsɛ sɛ yɛka asɛm no mpo a, yɛkɔ so ara ka no anifere kwan so—ebia yɛbɛyɛ afie kakraa bi mu adwuma na yɛafi hɔ akɔ baabi foforo, anaasɛ yɛbɛyɛ bɔnnɔ so adansedi pii.

Kɔ so Ara Ka sɛ, “Bra!”

18, 19. Dɛn na woyɛ de kyerɛ sɛ w’ani sɔ hokwan a woanya abɛyɛ Onyankopɔn yɔnko dwumayɛni no?

18 Honhom no ne ayeforo no de bɛboro mfe aduɔkron aka akyerɛ obiara a nkwa ho sukɔm de no no sɛ, “Bra!” So woate nsa a wɔreto frɛ a ɛyɛ anigye no? Sɛ woate a, ɛnde yɛhyɛ wo nkuran sɛ wo nso to nsa frɛ afoforo.

19 Yennim bere tenten a Yehowa de bɛkɔ so afi ɔdɔ mu ato nsa afrɛ afoforo, nanso sɛ yɛka kyerɛ nkurɔfo sɛ ‘Wɔmmra!’ de gye ɔfrɛ no so a, ɛma yɛbɛyɛ Onyankopɔn mfɛfo adwumayɛfo. (1 Kor. 3:6, 9) Hwɛ sɛnea ɛno yɛ hokwan kɛse a yɛanya! Momma yɛnna no adi sɛ yɛn ani sɔ saa hokwan no, na yɛnka asɛm no daa mfa “mmɔ Onyankopɔn ayeyi afɔre daa.” (Heb. 13:15) Momma yɛn a yɛwɔ anidaso sɛ yɛbɛtena asase so no ne ayeforo kuw no mmom nkɔ so ara nka sɛ, “Bra!” Na ɛmmra sɛ nnipa pii ‘begye nkwa nsu no kwa’!

Dɛn na Wusuae?

• Henanom na wɔto nsa frɛ wɔn sɛ ‘wɔmmra’?

• Dɛn nti na yebetumi aka sɛ Yehowa ankasa na ɔto nsa frɛ sɛ “bra”?

• Dwuma bɛn na honhom kronkron di wɔ nsa a yɛreto afrɛ sɛ “bra” no mu?

• Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho kɔ asɛnka daa?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Nsɛm a wɔahyehyɛ/Mfonini wɔ kratafa 16]

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)

Kɔ so Ara Ka sɛ, “Bra!”

1914

Adawurubɔfo 5,100

1918

Nnipa pii benya nkwa wɔ Paradise asase so

1922

“Mommɔ, mommɔ, mommɔ, Ɔhene no ne n’ahenni no ho dawuru”

1929

Nkaefo anokwafo no ka sɛ, “Bra!”

1932

Ɛnyɛ wɔn a wɔasra wɔn no nkutoo na wɔto nsa frɛ wɔn sɛ, ‘Wɔmmra!’

1934

Wɔato nsa afrɛ Yonadab kuw no sɛ wɔnka asɛm no

1935

Wɔahu wɔn a wɔne “nnipakuw kɛse” no

2009

Adawurubɔfo 7,313,173