Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

‘Ka Onyankopɔn Asɛm No Akokoduru So’

‘Ka Onyankopɔn Asɛm No Akokoduru So’

‘Ka Onyankopɔn Asɛm No Akokoduru So’

“Honhom kronkron hyɛɛ wɔn . . . mãmã na wɔde akokoduru kaa Onyankopɔn asɛm no.”—ASO. 4:31.

1, 2. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho yɛ yɛn asɛnka adwuma no yiye?

AKA nnansa ma Yesu awu no, ɔka kyerɛɛ n’asuafo sɛ: “Wɔbɛka ahenni ho asɛmpa yi wɔ asase so nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse; ɛno ansa na awiei no bɛba.” Ansa na Yesu a na wɔanyan no afi awufo mu rekɔ soro no, ɔmaa n’akyidifo adwuma sɛ ‘wɔnkɔyɛ aman nyinaa n’asuafo, wɔnkyerɛkyerɛ wɔn mma wonni nea wahyɛ wɔn nyinaa so.’ Ɔhyɛɛ wɔn bɔ sɛ ɔbɛka wɔn ho “nna nyinaa de kosi wiase nhyehyɛe no awiei.”—Mat. 24:14; 26:1, 2; 28:19, 20.

2 Yɛn a yɛyɛ Yehowa Adansefo no reyɛ saa adwuma a wofii ase wɔ afeha a edi kan no mu no bi denneennen. Adwuma biara nni hɔ a ɛho hia sen Ahenni no ho asɛm a yɛka ne asuafoyɛ adwuma a egye nnipa nkwa no. Ɛnde, hwɛ sɛnea ɛho hia sɛ yɛyɛ yɛn asɛnka adwuma no yiye! Wɔ saa adesua yi mu no, yebehu sɛnea sɛ honhom kronkron kyerɛ yɛn kwan a, ɛboa yɛn ma yɛkasa akokoduru so wɔ asɛnka mu. Adesua nsɛm abien a edi hɔ no nso bɛma yɛahu sɛnea Yehowa honhom betumi akyerɛ yɛn kwan ma yɛakyerɛkyerɛ yiye na yɛaka asɛm no daa.

Yehia Akokoduru

3. Dɛn nti na ehia sɛ yenya akokoduru na ama yɛatumi aka Ahenni no ho asɛm?

3 Adwuma a Onyankopɔn de ama yɛn sɛ yɛnka Ahenni no ho asɛm no yɛ hokwan a ɛkyɛn so a yɛanya. Nanso ɛtɔ mmere bi a, yehyia nsɛnnennen wom. Bere a ebinom tie Onyankopɔn Ahenni no ho asɛmpa no a wɔmpopo wɔn ti no, nnipa pii nso yɛ wɔn ade te sɛ Noa beresofo no. Yesu kae sɛ, “Wɔanhu kosii sɛ nsuyiri no bae bɛpraa wɔn nyinaa kɔe.” (Mat. 24:38, 39) Ebinom nso wɔ hɔ a, wodi yɛn ho fɛw anaasɛ wɔsɔre tia yɛn. (2 Pet. 3:3) Atumfoɔ, yɛn mfɛfo sukuufo anaa yɛn mfɛfo adwumayɛfo, anaa yɛn abusuafo a wɔbɛn yɛn paa mpo betumi asɔre atia yɛn. Sɛ eyi da nkyɛn a, yɛn ankasa mmerɛwyɛ te sɛ fɛre, ne suro a yesuro sɛ nkurɔfo bɛpo yɛn nso haw yɛn. Nneɛma pii wɔ hɔ a ebetumi ama ayɛ den ama yɛn sɛ yɛde ‘ahotoso bɛkasa’ na yɛaka Onyankopɔn asɛm no “akokoduru” so. (Efe. 6:19, 20) Sɛ yebetumi akɔ so aka Onyankopɔn asɛm no a, ehia sɛ yenya akokoduru. Dɛn na ebetumi aboa yɛn ma yɛanya akokoduru?

4. (a) Dɛn ne akokoduru? (b) Ɛyɛɛ dɛn na ɔsomafo Paulo nyaa akokoduru de kaa asɛm no kyerɛɛ Tesalonikafo?

4 Nea Hela asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase “akokoduru” kyerɛ ne sɛ “obi kasa a onsuro, ɔka nokware turodoo, ɔka n’asɛm pefee.” Adwene a ɛwɔ saa asɛm no akyi ne sɛ, “obi bo yɛ duru, ɔwɔ ahotoso, . . . ɔka asɛm a onsuro.” Sɛ obi wɔ akokoduru a, ɛnkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ ɔka ne nsɛm penpen anaasɛ ɔyɛ aniammɔho. (Kol. 4:6) Ɛwom sɛ ɛsɛ sɛ yenya akokoduru de, nanso ɛsɛ sɛ yɛne nnipa nyinaa tena asomdwoe mu nso. (Rom. 12:18) Bio nso, sɛ yɛreka Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no a, ɛsɛ sɛ yɛkasa akokoduru so na bere koro no ara nso, yɛyɛ anifere na amma yɛanka asɛm bi a ɛbɛhyɛ obi abufuw. Nokwarem no, ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden nya su ahorow bi na ama yɛanya akokoduru a ɛfata. Nanso, yɛrentumi mfa yɛn ho nto yɛn ankasa mmɔdenbɔ anaa yɛn ahoɔden so nnya saa akokoduru no. Bere a “wɔbɔɔ” ɔsomafo Paulo ne nnipa a na ɔne wɔn nam no ‘adapaa wɔ Filipi’ akyi no, ɛyɛɛ dɛn na ‘wonyaa akokoduru’ de kaa asɛm no kyerɛɛ Tesalonikafo? Paulo kyerɛwee sɛ ɛnam “yɛn Nyankopɔn mmoa so.” (Monkenkan 1 Tesalonikafo 2:2.) Yehowa Nyankopɔn betumi ayi ehu afi yɛn mu na wama yɛanya akokoduru a ɛte saa ara.

5. Dɛn na Yehowa yɛ maa Petro, Yohane, ne asuafo a wɔaka no nyaa akokoduru?

5 Bere a “sodifo [a wodi nkurɔfo no so] ne mpanyimfo ne akyerɛwfo no” sɔre tiaa asuafo no, ɔsomafo Petro ne ɔsomafo Yohane kae sɛ: “Sɛ ɛteɛ wɔ Onyankopɔn ani so sɛ yetie mo mmom sen Onyankopɔn a, mo ankasa mummua. Na yɛn mmom de, nea yɛate na yɛahu no, yɛrentumi nnyae ho asɛm ka.” Sɛ́ anka asuafo no bɛbɔ mpae sɛ Onyankopɔn mma ɔtaa no to ntwa no, wɔne wɔn mfɛfo gyidifo srɛe sɛ: “Yehowa, hwɛ wɔn ahunahuna no na ma wo nkoa nkɔ so mfa akokoduru nyinaa nka w’asɛm.” (Aso. 4:5, 19, 20, 29) Dɛn na Yehowa yɛe wɔ wɔn adesrɛ no ho? (Monkenkan Asomafo Nnwuma 4:31.) Yehowa nam ne honhom so boaa wɔn ma wonyaa akokoduru. Onyankopɔn honhom betumi aboa yɛn saa ara. Ɛnde yɛbɛyɛ dɛn atumi anya Onyankopɔn honhom na akyerɛ yɛn kwan wɔ yɛn asɛnka adwuma no mu?

Sɛnea Yebenya Akokoduru

6, 7. Dɛn ne ɔkwan titiriw paa a yɛfa so nya Onyankopɔn honhom kronkron? Ma nhwɛso ahorow.

6 Ɔkwan titiriw paa a yebetumi afa so anya Onyankopɔn honhom kronkron ne sɛ yebebisa. Yesu ka kyerɛɛ wɔn a na wɔretie no no sɛ: “Sɛ mo a moyɛ abɔnefo mpo nim sɛnea mode akyɛde pa ma mo mma a, hwɛ mpɛn dodow ara a Agya a ɔwɔ soro no de honhom kronkron bɛma wɔn a wobisa no!” (Luka 11:13) Nokwarem no, ɛsɛ sɛ yɛbɔ mpae bere nyinaa de hwehwɛ honhom kronkron. Sɛ yesuro sɛ yɛbɛyɛ asɛnka adwuma no afã bi te sɛ mmɔnten so adansedi, bɔnnɔ so adansedi, anaa asasesin a nnwuma wom mu adansedi a, yebetumi abɔ Yehowa mpae asrɛ no sɛ ɔmma yɛn ne honhom na ɔmmoa yɛn mma yennya akokoduru.—1 Tes. 5:17.

7 Saa na Kristoni bea bi a wɔfrɛ no Rosa yɛe. * Da bi a Rosa wɔ adwuma mu no, na ɔkyerɛkyerɛfo bi a ɔne no wɔ sukuu mu rekenkan amanneɛbɔ bi a ɛfa sɛnea wɔyɛ mmofra basabasa wɔ sukuu foforo bi mu ho. Asɛm a ɔkyerɛkyerɛfo no kenkanee no haw no araa ma ɔteɛɛm sɛ, “Dɛn na ɛreba wiase yi?” Rosa amma hokwan a ɛte saa a ɔde bedi adanse no antwam ankɔ. Dɛn na ɔyɛ de nyaa akokoduru a ɔde bɛkasa? Rosa ka sɛ, “Mebɔɔ Yehowa mpae, na mesrɛɛ no sɛ ɔmfa ne honhom mmoa me.” Rosa tumi dii no adanse kama, na ɔyɛɛ nhyehyɛe sɛ ɔbɛsan ne no atoa nkɔmmɔ no so. Susuw abeawa bi a wadi mfe anum a wɔfrɛ no Milane a ɔte New York City asɛm no nso ho hwɛ. Milane ka sɛ: “Me maame ne me bɔ Yehowa mpae bere nyinaa ansa na makɔ sukuu.” Dɛn ho mpae na wɔbɔ? Wɔbɔ mpae sɛ Milane benya akokoduru de agyina Onyankopɔn afa, na waka ne ho asɛm! Milane maame ka sɛ, “Eyi aboa Milane ma otumi kyerɛkyerɛ nea ogye di fa awodadi ne nnapɔnna ho mu, na sɛ wɔredi afahyɛ a ɛte saa a, ɔmfa ne ho nhyɛ mu bi.” So saa nhwɛso ahorow yi nkyerɛ sɛ mpaebɔ tumi boa yɛn ma yenya akokoduru?

8. Dɛn na yebetumi asua afi odiyifo Yeremia hɔ wɔ akokoduru a yebenya ho?

8 Susuw nea ɛboaa odiyifo Yeremia ma onyaa akokoduru no nso ho hwɛ. Bere a Yehowa paw Yeremia sɛ ɔnyɛ odiyifo mma amanaman no, Yeremia kae sɛ: “Hwɛ, minnim kasa, na meyɛ abofra.” (Yer. 1:4-6) Nanso, bere bi akyi no, Yeremia de akokoduru kɔɔ so kaa asɛm no araa ma nnipa pii buu no sɛ mmusu nkutoo ho asɛm na ɔka. (Yer. 38:4) Ɔkaa Yehowa atemmusɛm akokoduru so bɛboro mfe 65. Ná wonim Yeremia yiye wɔ Israel sɛ obi a ɔka asɛm akokoduru so a onsuro ma enti bɛyɛ mfe 600 akyi, bere a Yesu kasae akokoduru so no, na ebinom susuw sɛ ɔyɛ Yeremia a wɔasan awo no. (Mat. 16:13, 14) Ɛyɛɛ dɛn na odiyifo Yeremia a mfiase no na ɔmpɛ sɛ ɔka asɛm no tumi dii ne fɛre so? Ɔkae sɛ: “[Onyankopɔn asɛm no yɛɛ] me komam sɛ ogya a ɛredɛw a wɔato mu me nnompe mu; mebrɛe.” (Yer. 20:9) Nokwarem no, Yehowa asɛm nyaa Yeremia so tumi, na ɛkanyan no ma ɔkasae.

9. Dɛn nti na Onyankopɔn asɛm betumi akanyan yɛn te sɛ nea ɛkanyan Yeremia no?

9 Ɔsomafo Paulo kyerɛwee wɔ krataa a ɔde kɔmaa Hebrifo no mu sɛ: “Onyankopɔn asɛm wɔ nkwa, na tumi wɔ mu, na ano yɛ nnam sen nkrante anofanu biara, na etumi hwirew mu kodu sɛ ɛpaapae ɔkra ne honhom, ne dompe ne emu hon mu, na etumi hu komam adwene ne nsusuwii.” (Heb. 4:12) Onyankopɔn asɛm betumi akanyan yɛn te sɛ nea ɛkanyan Yeremia no. Kae sɛ ɛwom sɛ nnipa na wɔma wɔkyerɛw Bible no de, nanso ɛnyɛ nnipa nyansa na ɛwom, efisɛ Onyankopɔn honhom na ɛkaa wɔn. Yɛkenkan wɔ 2 Petro 1:21 sɛ: “Nkɔmhyɛ mfaa onipa pɛ so mmae da, na mmom nea efi Onyankopɔn hɔ na nnipa kae sɛnea honhom kronkron kaa wɔn no.” Sɛ yɛn ankasa gye bere de sua Bible yiye a, asɛm a wɔnam honhom kronkron so kyerɛwee no bɛhyɛ yɛn adwene mu ma. (Monkenkan 1 Korintofo 2:10.) Saa asɛm no betumi ayɛ te sɛ “ogya a ɛredɛw” wɔ yɛn mu ma enti yɛrentumi nka yɛn ano ntom.

10, 11. (a) Sɛ yɛpɛ sɛ yenya akokoduru de ka asɛm no a, ɔkwan bɛn na ɛsɛ sɛ yɛfa so sua ade? (b) Kyerɛ ɔkwan biako a woayɛ w’adwene sɛ wobɛfa so asua ade ma atu mpɔn.

10 Sɛ Bible a yɛn ankasa sua betumi anya yɛn so tumi a, ɛsɛ sɛ yesua no wɔ ɔkwan bi so a ɛbɛma Bible mu nsɛm no aka yɛn koma, na akanyan yɛn. Sɛ nhwɛso no, wɔ anisoadehu bi a wɔmaa odiyifo Hesekiel nyae mu no, wɔmaa no nhoma mmobɔwee bi a na nkrasɛm a emu yɛ den wom sɛ ɔnkɔka nkyerɛ nkurɔfo a na wɔasen wɔn kɔn no, na wɔka kyerɛɛ no sɛ onni nhoma no. Ná ɛsɛ sɛ Hesekiel sua asɛm no te ase yiye, na ɔma ɛtena ne mu. Sɛ ɔyɛ saa a, na ɛbɛma asɛm no ka ayɛ no dɛ te sɛ ɛwo.—Monkenkan Hesekiel 2:8–3:4, 7-9.

11 Yɛn nso yɛwɔ tebea bi a ɛte sɛ Hesekiel de no mu. Ɛnnɛ, nnipa pii na wɔmpɛ sɛ wotie Bible mu asɛm. Enti, sɛ yebetumi akɔ so aka Onyankopɔn asɛm no a, ɛho hia sɛ yesua Kyerɛwnsɛm no wɔ ɔkwan a ɛbɛma yɛate emu nsɛm ase yiye so. Ɛsɛ sɛ yesua ade daa, na ɛnyɛ da a yebenya ho na ɛsɛ sɛ yesua ade. Ɛsɛ sɛ yenya ɔpɛ te sɛ odwontofo a ɔtoo dwom sɛ: “Ma m’anom nsɛm ne me komam nsusuwii nyɛ wo fɛ, O Yehowa, me Botan ne me Gyefo.” (Dw. 19:14) Hwɛ sɛnea ɛho hia sɛ yegye bere dwinnwen nea yɛkenkan ho na ama Bible mu nokware no asian akɔ yɛn koma mu tɔnn! Akyinnye biara nni ho sɛ ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho ma ɔkwan a yɛfa so sua ade no tu mpɔn. *

12. Dɛn nti na Kristofo nhyiam ahorow boa yɛn ma honhom kronkron kyerɛ yɛn kwan?

12 Ɔkwan foforo a yebetumi afa so anya Yehowa honhom kronkron mmoa ne sɛ ‘yebesusuw yɛn ho yɛn ho ho, akanyan yɛn ho yɛn ho akɔ ɔdɔ ne nnwuma pa mu, a yɛnnkwati sɛ yɛne yɛn ho behyiam.’ (Heb. 10:24, 25) Akwan pa a yɛbɛfa so ama Onyankopɔn honhom akyerɛ yɛn kwan ne sɛ yebemia yɛn ani akɔ Kristofo nhyiam daa, atie asɛm yiye, na yɛde nea yesua no ayɛ adwuma. So ɛnyɛ asafo no so na Yehowa honhom no fa kyerɛ yɛn kwan?—Monkenkan Adiyisɛm 3:6.

Akokoduru a Yebenya so Mfaso

13. Dɛn na yebetumi asua afi nea Kristofo a wɔtenaa ase wɔ afeha a edi kan no mu tumi yɛe wɔ asɛnka adwuma no mu mu?

13 Honhom kronkron ne tumi a ano yɛ den sen biara wɔ amansan yi mu, na ebetumi ahyɛ nnipa den ma wɔayɛ Yehowa apɛde. Honhom kronkron boaa Kristofo a wɔtenaa ase wɔ afeha a edi kan no mu ma wɔyɛɛ asɛnka adwuma no kɔɔ akyiri. Wɔkaa asɛmpa no “wɔ abɔde a ɛwɔ ɔsoro ase nyinaa mu.” (Kol. 1:23) Sɛ yehu sɛ na wɔn mu dodow no ara yɛ “nnipa a wonsuaa nhoma na wɔyɛ mpapahwekwa” a, ɛma ɛda adi pefee sɛ tumi bi a ano yɛ den na ɛkanyan wɔn.—Aso. 4:13.

14. Dɛn na ebetumi aboa yɛn ma yɛayɛ “hyew honhom mu”?

14 Sɛ yɛbɔ yɛn bra wɔ ɔkwan a ɛbɛma honhom kronkron akyerɛ yɛn kwan so a, ɛno nso betumi akanyan yɛn ma yɛayɛ asɛnka adwuma no akokoduru so. Sɛ yɛbɔ mpae daa hwehwɛ honhom no, yɛn ankasa yɛyere yɛn ho sua ade yiye, yɛbɔ mpae dwinnwen nea yɛkenkan no ho, na yɛkɔ Kristofo nhyiam daa a, ebetumi aboa yɛn ma yɛayɛ “hyew honhom mu.” (Rom. 12:11) Bible ka “Yudani bi a wɔfrɛ no Apolo a ofi Aleksandria, ɔbarima a n’ano atew, [a ɔbaa] Efeso” no ho asɛm sɛ: “Esiane sɛ na honhom ahyɛ no mã nti, ɔkaa Yesu ho asɛm kyerɛkyerɛɛ mu pɛpɛɛpɛ.” (Aso. 18:24, 25) Sɛ “Honhom no dɛw wɔ yɛn mu” a, yebetumi anya akokoduru kɛse de ayɛ afie afie asɛnka adwuma no ne bere a yɛredi adanse wɔ bɔnnɔ so.—Rom. 12:11, The Bible—An American Translation.

15. Ɔkwan bɛn so na sɛ yɛde akokoduru kɛse ka asɛm no a, yenya so mfaso?

15 Sɛ yɛde akokoduru kɛse di adanse a, ɛboa yɛn yiye. Ɛma yenya yɛn adwuma no ho adwempa efisɛ yehu sɛnea ɛho hia ne mfaso a ɛwɔ so no yiye. Sɛ yetumi di adanse yiye a, ɛma yetumi keka yɛn ho yiye, efisɛ yenya anigye kɛse. Na nsi a yɛde yɛ adwuma no mu yɛ den efisɛ yehu no yiye paa sɛ asɛnka adwuma no gye ntɛmpɛ.

16. Sɛ nsi a yɛde yɛ asɛnka adwuma no ano abrɛ ase a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?

16 Na sɛ nsi a kan no na yɛde yɛ asɛnka adwuma no ano abrɛ ase nso ɛ? Ɛnde ɛsɛ sɛ yefi yɛn komam hwehwɛ yɛn ho mu. Paulo kyerɛwee sɛ: “Monkɔ so ara nsɔ nhwɛ sɛ mowɔ gyidi no mu anaa, monkɔ so mpɛɛpɛɛ mo mu nhwɛ.” (2 Kor. 13:5) Bisa wo ho sɛ: ‘So meda so ara yɛ hyew honhom mu? So mebɔ Yehowa mpae hwehwɛ ne honhom? So me mpaebɔ da no adi sɛ mede me ho to no so de yɛ n’apɛde? So nsɛm a meka wɔ me mpaebɔ mu kyerɛ sɛ m’ani sɔ asɛnka adwuma a wɔde ahyɛ yɛn nsa no? Ɔkwan bɛn na mefa so sua ade? Bere dodow ahe na migye de dwinnwen nea mekenkan ne nsɛm a mete ho? Sɛ mekɔ asafo nhyiam a, so mede me ho hyɛ mu kɛse?’ Nsɛmmisa a ɛte saa a wubesusuw ho no betumi aboa wo ma woahu baabi a wotɔ sin na woayɛ ho biribi.

Ma Onyankopɔn Honhom Mma Wunnya Akokoduru

17, 18. (a) Ɛhe na yɛayɛ asɛnka adwuma a yɛreyɛ no nnɛ no akodu? (b) Yɛbɛyɛ dɛn atumi de “nnamyɛ kɛse” aka Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no?

17 Yesu a na wɔanyan no afi awufo mu no ka kyerɛɛ n’asuafo sɛ: “Sɛ honhom kronkron no ba mo so a mubenya tumi, na mobɛyɛ m’adansefo wɔ Yerusalem ne Yudea ne Samaria nyinaa de akɔ asase ano nohoa.” (Aso. 1:8) Ɛnnɛ, yɛreyɛ asɛnka adwuma a wɔhyɛɛ ase wɔ afeha a edi kan no mu no kɛse paa sen bere biara. Yehowa Adansefo bɛboro ɔpepem ason na wɔreka Ahenni no ho asɛm wɔ nsase bɛboro 230 so, na wɔde bɛyɛ nnɔnhwerew ɔpepepem 1.5 na ɛyɛ asɛnka adwuma no afe biara. Hwɛ sɛnea ɛyɛ anigye sɛ yɛde nsi bɛyɛ adwuma a wɔrensan nyɛ bio da yi bi!

18 Sɛnea na ɛte wɔ afeha a edi kan no mu no, ɛnnɛ nso Onyankopɔn honhom rekyerɛ asɛnka adwuma a yɛreyɛ wɔ wiase nyinaa no kwan. Sɛ yetie akwankyerɛ a honhom no de ma yɛn no a, ɛbɛma yɛde “nnamyɛ kɛse” ayɛ asɛnka adwuma no. (Aso. 28:31) Ɛnde, momma honhom no nkyerɛ yɛn kwan bere a yɛreka Onyankopɔn Ahenni no ho asɛmpa no!

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 7 Wɔasesa din ahorow no.

^ nky. 11 Sɛ wubenya Bible a wokenkan ne ade a w’ankasa wusua so mfaso paa a, hwɛ Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua So Mfaso nhoma no ti ahorow a ɛne “Bata Akenkan Ho” ne “Adesua So Wɔ Mfaso” a ɛwɔ kratafa 21-32 no.

Dɛn na Wusuae?

• Dɛn nti na yehia akokoduru na ama yɛatumi aka Onyankopɔn asɛm no?

• Dɛn na ɛboaa asuafo a wɔtenaa ase tete no ma wotumi kasae akokoduru so?

• Yɛbɛyɛ dɛn atumi anya akokoduru?

• Sɛ yenya akokoduru a, mfaso bɛn na yenya?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 7]

Dɛn na awofo betumi ayɛ de aboa wɔn mma ma wɔanya akokoduru?

[Mfonini wɔ kratafa 8]

Mpae tiawa a wobɛbɔ betumi aboa wo ma woanya akokoduru wɔ asɛnka mu