Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ko Tia Satan Atosɛm

Ko Tia Satan Atosɛm

Ko Tia Satan Atosɛm

‘MOMMMA wɔnnnaadaa mo. Mo Nyankopɔn no remmoa mo. Sɛ moangow mo ho a, mubehu amane!’ Eyi ne asɛntitiriw a na ɛwɔ asɛm a Asiria hene Sanaherib de somaa Rabsake ma ɔkɔka kyerɛɛ Yerusalemfo no mu. Ná ɔhene no asraafodɔm akɔtow ahyɛ Yuda man no so. Ná adwene a ɛwɔ Rabsake asɛm no akyi ne sɛ ɛbɛma Yerusalemfo no abam abu na wɔabɔ hu ma wɔde wɔn ho ahyɛ wɔn ase.—2 Ahe. 18:28-35.

Ná wonim Asiriafo no sɛ wɔyɛ nnipa a wonni tema na wɔn tirim nso yɛ den. Ná wɔkyerɛkyerɛ sɛnea wɔyɛ nnipa a wɔafa wɔn nnommum ayayade mu huhuuhu de hunahuna wɔn atamfo. Sɛnea abakɔsɛm kyerɛwfo Philip Taylor kyerɛ no, nea na Asiriafo taa yɛ ne sɛ “na wɔbɔ nkurɔfo hu, na na wɔtrɛw atosɛm mu sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn a wɔafa wɔn nnommum bɛbrɛ wɔn ho ase ahyɛ wɔn ase, na na wɔka atirimɔdensɛm a wɔde adi nkurɔfo de hunahuna afoforo a wobetumi abɛyɛ wɔn atamfo.” Atosɛm yɛ ade a etumi yɛ adwuma paa. Taylor ka sɛ, atosɛm atirimpɔw ne sɛ “wɔde bɛsɛe nkurɔfo adwene.”

‘Ɛnyɛ mogya ne honam’ na nokware Kristofo ne wɔn redi asi, ‘na mmom wɔne ahonhommɔne dɔm’—honhom abɔde a wɔatew atua atia Onyankopɔn no—na “anya.” (Efe. 6:12) Nea ɔyɛ yɛn atamfo no mu kɛse paa ne Satan Ɔbonsam. Ɔno nso de ahunahuna ne atosɛm na ɛyɛ adwuma.

Satan kyerɛ sɛ obetumi ama yɛn mu biara agyae ne mũdi mu. Wɔ tete agya Hiob bere so no, Satan ka kyerɛɛ Yehowa Nyankopɔn sɛ: “Nea onipa wɔ nyinaa ɔde bɛma de agye ne kra.” Nea na ɔrepɛ akyerɛ ne sɛ sɛ wɔhyɛ obi so denneennen a, awiei koraa no, obebu Onyankopɔn mmara so. (Hiob 2:4) So asɛm a Satan aka no yɛ nokware? So yɛn mu biara wɔ baabi a sɛ wɔhyɛ no so kodu a obegyae ne mũdi mu de apere ne nkwa? Satan pɛ sɛ yenya adwene a ɛte saa. Enti ɔfa atosɛm so de saa adwene no hyɛ yɛn tirim nkakrankakra. Ma yɛnhwehwɛ akwan a ɔfa so yɛ saa no bi mu, na yensusuw sɛnea yebetumi ako atia no ho nhwɛ.

Wɔn “Fapem Yɛ Dɔte”

Satan faa Hiob nnamfo baasa a wɔkɔsraa no no mu biako a wɔfrɛ no Elifas so kae sɛ nnipa yɛ mmerɛw dodo sɛ wɔbɛko atia Satan. Bere a Elifas reka nnipa ho asɛm sɛ “wɔn a wɔtete dɔtedan mu” no, ɔka kyerɛɛ Hiob sɛ: “Wɔn fapem yɛ dɔte . . . ! Wɔyam wɔn ntɛm sen abubummabaa. Ebefi anɔpa akosi anwummere no, na wɔayam koraa; wɔyera korakora a obiara nnwen ho.”—Hiob 4:19, 20.

Wɔde yɛn toto “anwenne”—nkuku a wɔde dɔte anwene a ɛbobɔ—ho wɔ Kyerɛwnsɛm no fã bi. (2 Kor. 4:7) Esiane bɔne ne sintɔ a wɔde woo yɛn nti, yɛyɛ mmerɛw. (Rom. 5:12) Yɛn ankasa yenni ahoɔden a yɛde bɛko atia Satan. Nanso, yɛn a yɛyɛ Kristofo no betumi anya Yehowa mmoa. Ɛmfa ho sɛ yɛwɔ mmerɛwyɛ no, yɛsom bo wɔ Onyankopɔn ani so. (Yes. 43:4) Bio nso, Yehowa de honhom kronkron ma wɔn a wobisa no. (Luka 11:13) Ne honhom betumi ama yɛanya “tumi a ɛboro onipa de so,” na ama yɛatumi agyina amanehunu biara a Satan de ba yɛn so no ano. (2 Kor. 4:7; Filip. 4:13) Sɛ yɛde ‘gyidi gyina hɔ pintinn’ ne Ɔbonsam di asi a, Onyankopɔn bɛma yɛn ase atim na yɛayɛ den. (1 Pet. 5:8-10) Enti, ɛnsɛ sɛ yesuro Satan Ɔbonsam.

Onipa a “Ɔnom Amumɔyɛ sɛ Nsu”

Elifas bisae sɛ: “Ɔdesani ne hena a ne ho bɛtew, na nea ɔbea awo no ne hena a ɔbɛteɛ?” Afei obuae sɛ: “Hwɛ! [Onyankopɔn akronkronfo] mpo, onni wɔn mu gyidi, na ɔsoro nso, ɛho ntew n’ani so. Na nea ɔyɛ akyide na waporɔw de, obebu no dɛn, onipa a ɔnom amumɔyɛ sɛ nsu!” (Hiob 15:14-16) Nea na Elifas reka akyerɛ Hiob ne sɛ Onyankopɔn mmu onipa biara sɛ ɔteɛ. Ɔbonsam nso ma yenya adwene a ɛnteɛ saa ara. Ɔpɛ sɛ yedwinnwen mfomso a yɛayɛ wɔ bere bi a atwam ho de haw yɛn ho, yebu yɛn ho fɔ dodo, na yenya adwene sɛ wɔrentumi mfa yɛn bɔne nkyɛ yɛn. Ɔpɛ nso sɛ yenya adwene sɛ Yehowa hwehwɛ pii fi yɛn hɔ, na onni ayamhyehye pii a ɛbɛma ɔde yɛn bɔne akyɛ yɛn na waboa yɛn.

Nokwarem no, yɛn nyinaa ayɛ ‘bɔne na yennu Onyankopɔn anuonyam ho.’ Onipa a ɔtɔ sin biara nni hɔ a obetumi ayɛ nea Yehowa hwehwɛ pɛpɛɛpɛ. (Rom. 3:23; 7:21-23) Nanso, ɛno nkyerɛ sɛ yɛnsom bo wɔ n’anim. Yehowa nim sɛ ɛyɛ “ɔwɔ dedaw no, nea wɔfrɛ no Ɔbonsam ne Satan” no na esiane sɛ onim sɛ yɛyɛ abɔnefo nti ɔpɛ sɛ ɔdaadaa yɛn. (Adi. 12:9, 10) Esiane sɛ Onyankopɔn nim sɛ “yɛyɛ mfutuma” nti, odwen yɛn ho, na ‘ɔnhwehwɛ yɛn mfomso.’—Dw. 103:8, 9, 14.

Sɛ yegyae nneɛma bɔne a yɛyɛ, na yenu yɛn ho de koma a abubu kɔ Yehowa anim a, ‘ɔde befiri yɛn ma aboro so.’ (Yes. 55:7; Dw. 51:17) Bible ka sɛ sɛ yɛn bɔne “te sɛ koogyan [mpo] a, ɛbɛyɛ fitaa te sɛ sukyerɛmma.” (Yes. 1:18) Enti, momma yensi yɛn bo sɛ yɛbɛbɔ mmɔden ayɛ Onyankopɔn apɛde a yɛrempa abaw da.

Esiane sɛ yɛyɛ abɔnefo nti, yɛn ankasa mmɔdenbɔ ntumi mma yɛnyɛ treneefo wɔ Onyankopɔn ani so. Adam ne Hawa bɛyɛɛ nnipa a wɔtɔ sin, na daa nkwa ho anidaso bɔɔ wɔn, na ɛnyɛ wɔn nko na mmom yɛn nyinaa nso. (Rom. 6:23) Nanso, esiane ɔdɔ kɛse a Yehowa wɔ ma adesamma nti, ɔyɛɛ nhyehyɛe sɛ sɛ yenya ne Ba Yesu Kristo agyede afɔre no mu gyidi a, ɔde yɛn bɔne befiri yɛn. (Mat. 20:28; Yoh. 3:16) “Adom” a ɛkyɛn so a Onyankopɔn ada no adi akyerɛ yɛn bɛn ara ni! (Tito 2:11) Wobetumi de yɛn bɔne akyɛ yɛn! Sɛ ɛte saa a, dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛma kwan ma Satan ma yenya adwene sɛ wɔrentumi mfa yɛn bɔne nkyɛ yɛn?

“Fa Wo Nsa Ka Ne Dompe ne Ne Honam”

Satan kyerɛe sɛ sɛ yare bɔ Hiob a, obegyae ne mũdi mu. Ɔbonsam ka kyerɛɛ Yehowa sɛ: “Fa wo nsa ka ne dompe ne ne honam, na hwɛ sɛ ɔrennyina w’anim nnome wo anaa.” (Hiob 2:5) Sɛ yɛn mmerɛwyɛ nti Onyankopɔn Tamfo no tumi ma yɛte nka sɛ yɛn so nni mfaso a, akyinnye biara nni ho sɛ n’ani begye.

Nanso, sɛ seesei yentumi nyɛ nneɛma a kan no na yɛyɛ wɔ Yehowa som mu a, ɔrempo yɛn. Ma yɛmfa no sɛ wɔatow ahyɛ yɛn adamfo bi so apira no. So obu a yɛwɔ ma no no so bɛtew esiane sɛ ontumi nyɛ nneɛma pii mma yɛn sɛnea na bere bi ɔyɛ no nti? Dabida! Yɛbɛkɔ so adɔ no na yɛahwɛ no, titiriw, sɛ na ɔreyɛ biribi ama yɛn na wopiraa no a. So Yehowa na ɔrenyɛ mma ɛmmoro so? Bible ka sɛ: “Onyankopɔn nyɛ nea ɔnteɛ sɛ ne werɛ befi mo adwuma ne ɔdɔ a modaa no adi wɔ ne din ho.”—Heb. 6:10.

Kyerɛwnsɛm no ka “okunafo hiani bi” a ɛbɛyɛ sɛ na waboa Onyankopɔn som mfe pii ho asɛm. Bere a Yesu hui sɛ ɔde “nkaprɛ mma abien a ɛnsom bo ahe biara” regu sika adaka a ɛwɔ asɔrefie hɔ mu no, so obuu ɔne ne ntoboa no sɛ ɛnsom bo? Dabi, mmom no, ɔkamfoo no sɛ ɔyɛɛ nea n’ahoɔden betumi nyinaa de boaa nokware som.—Luka 21:1-4.

Sɛ yekura yɛn mũdi mu a, yebetumi anya awerɛhyem sɛ yɛne Yehowa ntam bɛkɔ so ayɛ papa ɛmfa ho sɛnea sintɔ a ɛyɛ onyin anaa yare bɛma yɛagyigya no. Sɛ amanehunu nti Onyankopɔn asomfo anokwafo ntumi nyɛ pii mfa nsom no a, ɔrennyaw wɔn da.—Dw. 71:9, 17, 18.

Gye “Nkwagye Dade Kyɛw” No

Yɛbɛyɛ dɛn atumi abɔ yɛn ho ban afi Satan atosɛm ho? Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Monkɔ so nyɛ den Awurade ne n’ahoɔden kɛseyɛ mu. Monhyɛ Onyankopɔn akode nyinaa, na moatumi agyina pintinn ako atia Ɔbonsam nnɛɛdɛe.” Onyankopɔn akode no fã bi ne “nkwagye dade kyɛw” no. (Efe. 6:10, 11, 17) Ɛsɛ sɛ yegye saa nkwagye dade kyɛw no na yɛkɔ so hyɛ de ko tia Satan atosɛm. Ɔsraani dade kyɛw bɔ ne ti ho ban. Yɛn “nkwagye anidaso”—ahotoso a yɛwɔ sɛ Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow a ɛfa ne wiase foforo a anuonyam wom ho bɛbam no—bɛbɔ yɛn adwene ho ban afi Satan atosɛm ho. (1 Tes. 5:8) Ɛsɛ sɛ yɛn ankasa de nsi sua Kyerɛwnsɛm no na ɛboa yɛn ma yekura saa anidaso no mu denneennen.

Hiob gyinaa sɔhwɛ a emu yɛ den a na ani yɛ nyan a Satan de baa no so no ano. Ná Hiob wɔ owusɔre mu gyidi araa ma na onsuro mpo sɛ obewu. Mmom no, ɔka kyerɛɛ Yehowa sɛ: “Wobɛfrɛ, na me nso megye wo so. Efisɛ w’ani begyina wo nsa ano adwuma.” (Hiob 14:15) Ná Hiob wɔ Onyankopɔn mu ahotoso sɛ sɛ okura ne mũdi mu na owu mpo a, ɔdɔ a Onyankopɔn wɔ ma N’asomfo anokwafo no bɛka No ma wanyan wɔn afi awufo mu.

Momma yennya nokware Nyankopɔn no mu ahotoso a ɛte saa ara. Yehowa betumi asiesie biribiara a Satan ne ne nkurɔfo betumi de aba yɛn so no. Momma yɛnkae nso sɛ Paulo ma yɛn awerɛhyem sɛ: “Onyankopɔn yɛ ɔnokwafo, na ɔremma wɔnsɔ mo nhwɛ ntra nea mubetumi, na mmom ɔbɛma kwan abɛda sɔhwɛ no ho a mode befi mu, na moatumi agyina ano.”—1 Kor. 10:13.

[Mfonini wɔ kratafa 20]

Yehowa ani sɔ nokwaredi a wode som no no

[Mfonini wɔ kratafa 21]

Gye nkwagye dade kyɛw no na kɔ so hyɛ